#Article 1: Nkɔkɔɔ (111 words)


Nkawkaw  yε kuro kεseε a ɛwɔ Nkran ne Kumasi ntam. Nipa bɛyɛ mpem aduannan nwɔtwe na ɛwɔ Nkawkaw (48.000) Yɛfrɛ wɔn Kwahufoɔ. Nkɔkɔɔ kyerε kɔɔ, kɔɔ. Nnipa no pii firi Ɔbomen. Nipa bebree a wɔfiri Nkawkaw yɛ adwadifoɔ kesee.Wɔn mu bebree te Nkran. Wɔn wo sika pa ara nti wɔn asisi adan fefeefe wɔ Nkɔkɔɔ ne nkuro a atwa wɔn ho ahyia (nkuro te se Oboo anaa Ɔbomen). Eho yɛ fɛ pa ara.  Afe biara Kwahufo kɔ Nkawkaw ne Kwahu mantam nyinaa kɔdi Yesu Wusɔreɛ (Easter).
Nkawkaw ka Kwahufoo kuropɔn no ho. Sukuu titire baako a ɛwɔ hɔ ne Nkawkaw Mpanimfoo Ntoasoɔ Sukuu (Nkawkaw Senior High School). Ayaresabea nsoso wɔ hɔ. 




#Article 2: Twi (220 words)


Twi yɛ Kasa wɔ Ghana man mu. Nnipa bɛyɛ 				

ɔpepepem nson na ɛka Twi Kasa wɔ Ghana. Ghanafoɔ wɔ kasa ahoroɔ bebree. Twi ka Akan Kasa abusua a yɛfrɛ no Kwa Kasa Abusua no ho. Twi gu mu ahoroɔ pii nanso ne nyinaa yɛ kasa baako a obiara te ase. Yɛwɔ Asante Twi, Bono, Fante, Akuapem Twi, Akyem Twi ɛne nea ɛkeka ho.Ga nso ye kasa a ewɔ Ghana.

Twi a yɛka daadaa no nteaseɛ nyɛ na. Ɛno akyiri no, yɛwɔ abɛbuo ne kasakoa ahoroɔ a ɛwɔ sɛ obi de n'adwene kɔ akyiri ansa na wate aseɛ. Wopɛ sɛ woka obi anim asɛm wɔ mmerɛ a wompɛ sɛ wofom no a, wobu no bɛ. Nti na mpanimfoɔ bu bɛ bi sɛ: ɔba nyansafoɔ, yɛbu no bɛ, na yɛnnka no asɛm.

Kasakoa yɛ asɛm a ne nkyerɛaseɛ nna tee. Ne saa nti no, obi a n'ani mfiriɛ no rente aseɛ. Yɛmfa no sɛ, obi awu, na ne ba ketewa wɔ hɔ na wompɛ sɛ ɔbɛte sɛ n'awofoɔ awu a, woka no sɛ: asemasi adane n'ani ahwɛ dan, anaa sɛ, asemasi aka nkyene agu. Ɛtoaso bio, yɛka kasakoa de anidie ma obi a, odi nim. Ɛno nti, sɛ ɔhene wu a, yɛka sɛ: Nana kɔ ne kra akyi.
Akanfoɔ wɔ gyidie sɛ ɔbi wu a ɔkɔ baabi foforɔ a yɛfrɛ hɔ sɛ




#Article 3: Aku Sika (2201 words)


Ensε sε nseo, Ensε sε sowao :

Tete merε bi na כbofoכ bi ne ne yere te akuraa fεfεεfε bi ase. Na wכn wo biribiara a wכn hia. Nanso na wכn nni ɛba ɛno nti, nna wɔn aningye koraa.

Wɔn mpaeε a wɔnbכ ne sε Nyame bɛma wכn εba baa. Mfie beberee bɛtwaamu na wɔnnya ɛba. Ɛno nti anɔpa, awia, anyumerɛ ne anadwo nyinaa na wɔn mpaeε a ne sε wɔbenya ɛba.

Saa asεm yi haa כbofoכ ne ne yere pii, ɛnkenka כbaa no εfiri sε na εmaa wכn wכ akuraa no ase no sere no di no ho fε sε כyε bonini anaa sε כyɛ bayifoכ.
 
Eduru mmerε bi na sε כrekכ nsuo mpo a na nkwadaa εretoto aboכ bo no, huru no sɛ כyɛ bayifoɔ.
Na n'asεm yɛ ne kunu no mɔbɔ enso na ɔnnim εkwan biara a כbεfa so aboa ne yere no.

Da koro bi deε ɔbaa yi nyinsɛneɛ. Ɔbaa yi ne ne kunu anigyee paa. Ɔbɔfoכ yi hyεε aseε sɛ כreboaboa ne ho apε aduane ne εnam agu hɔ akɔsi sε ne yere no bɛwoכ. Eno nti ɔkככ ɔhayo na ɔnyaa εnam beberee, כtwe, adowa, akranteε ɛne adwene.

Ɔhoo εnam no de guu apata so twenee abכfra no. Ɔsan yεε afuo duaa bɔdeε mankani, mako, nyaadowa εne nnɔbaa a כbaa no bɛhia.

Ankyɛ biara na ne yere no woo כba baa fεfεεfε. Ne tirinwii te sɛ serekye ahoma kכkככ, na ne honam torokaa fεfεεfε te sɛ ahahanmono, na na niwa tumtum fɛfɛɛfɛ. Ɔyε akodaa wohunu sε כbɛhunu nyansa, na ɔde anidasoɔ ne anigyeε bɛbrε na awofoכ.

Ɔbaa payin a ɔgyee ɔbaatan no awoכ no ho dwirii no ɛmmerε a כhunoo abכfra no. Ɛfiri sε na ne ho yεfɛ yie. Enti ɔteaa mu kaasɛ m'agye nkwadaa bɛyɛ sɛ apem awoכ aba wiase na ɛmmom akwadaa a ne ho ɛyεfε sei deε menhunuu bi da.

Ɔbofoכ yi ne ne yere yi anigyee wכn babaa yi ho yie, na כtoo ne din sε Aku. Aku ahoכfε terεε baabiara te ogyatanaa wכ Akuraa no ase.

Nanso awerεhosεm, anni dabiara εna abusua yi anigyeε baa awie. Ɔbatan yi wuu yayaaya gyaa ne ba Aku yi hכ. Ɔbכfoo yi werε hoo yie maa כdii awereho anɔpa ne anadwo.

Ankyɛ na ɔsaa waree ɔbaa foforכ a כno nso wכ babaa sεdeε εbεyε a כbetumi ahwε Aku ama no.

Ne yere foforכ yi na כnyɛ nipa papa. Ɔye nipa bɔnefoכ a כnni כdo ma Aku. Afei na כyɛ ahoכyaa. Na εyɛ no ya sε Aku ho yεfɛ kyεn כno ne babaa no. Ɛno nti Aku hyεε aseε sε ɔreyini no maame yi nso ne babaa no hyεε aseɛ sɛ כretan Aku ani. Ɔhyɛɛ aseɛ teetee Aku yɛɛɔ no aniyadeε.

Wo yεε no sε כdonkɔ wכ fie hכ. Na εwכ sε כsɔre anכpa tutuutu na כnante twa kwan tenteenten fa kwayε bi mu kכ nsuo ma abusua no nyinaa. Ɔkכba na ɔprapra fie hכ כwie a, na wakכpe egya a wɔde benoa aduane amma ne papa yere ne ne ba no. Ɔnoa aduane dɛdɛɛdɛ no wie a na maame no ne ne ba no adi na Aku deε wɔama no bodeε yεde nsuo ne nkyene nkoara anoa a abomuu nka hoo adi.

Aku papa hunu saa na ne werε aho nanso na כsuro ne yere no εfiri sε ne maame yɛ nipa bonefoכ paa.

Dakorobi deε awerεhosεm bi siiɛ. Ɛnam sε na Aku papa de εnam ne aduane pii agu pata soכ no nti nkura hyεε aseε sε wɔreba fie hכ. Ɛno nti εmaa Aku papa summ nkura fidie wכ baabi beberee seneɛ ɛbεyε oabeyi nkura no. Dakoro bi aku kככ εdan a nnuane wכmuu no mu sε כrekosisie hכ na ne nsa kכhyεɛ nkurafidie no baako mu. Ɔhyεε aseε sε כreteatea mu sε obi mmεgye meoo,obi mmεgye me oo. Me nsa akכhyε nkurafidie mu.
  
Ne papa yere ba no ka kyerεε ne maame sε oo maame Aku reteatea mu. Ɛyε me sɛ ɔhia mmoa.

Na maame nipa bɔnefoכ yi kaa sε εnyε m'asɛm. Aku yε kwadwofoכ a כnnpε adwuma yɛ, εno nti na wahyɛda ɛteatea muu. Ɛnam saa obiara ankɔ ankכboa Aku. Na ne papa no ɛreyɛ adwuma wo efie no akyi enti ɛmmerε a כtee sε Aku reteatea muu no, כtuu mirika kככ hכ. Na כkכduruu hכ no na Aku nsa atwa afiri so.

Papa yi werε hoo yie maa כdii awerεhoo sɛ woanhwε Aku so yie ama asεm sei ato noo.
Enam awerehoכ ne adwendwen nti ankyε biara na ɔpanyin yi nso wu gyaa Aku. Afei deε na εkyerε sε nea maame yi ne ne ba no pε biara ɔtumi deyε Aku.

Ɔhyɛɛ anieyaadeε pii, na nso Aku deε wammpa aba. Ɔkככ so yεε akכraa pa yεε adwuma a ewɔsε כyɛ nyinaa. Wכyinom nyinaa akyi Aku nyin yεε ababaawa fεfεεfε. Adeε bεkye a adε besa nyinaa na ne ho yεfε kɛse. Akuraa no ase deε na obiara kamfo Aku sε ne ho εfε paa na obiara kamfoo n'ahoכfε, ne nimdie, obuo a כwכ ma nipa ne n'ahobraseɛ. Onyin beyεε ababaawa no כhene sikanii bi babarima bewaree Aku.

Efiri saa mmerε yi deε ne papa yere no nyaa כtan keseε maa Aku. Sɛ כdwene sɛ Aku anya nipa keseε saa awareε no a na n'ani abere te sε kɔtɔ mogyaa. Na afei ahoɔyaa tumi ma n'anmim yɛ tumtum te sε כpramire. Afei na כrekכda a כntumi nna εfiri sε na opε εkwan a כbɛfaso asei Aku.

Na Aku kunu no wכ yerenom miensa. Aku papa yere no frεε saa maa yi kככ ne fie na ɔhyεε aseε kekaa nsεm bone faa Aku ho kyerεε wכn.

Maame yεε sε nea ne werε aho na ɔka kyerεε wɔn sɛ: Aane εyε nokorε. Emmerε a na כyɛ akכdaa no ne nsa kכhyεε nkurafidie mu maa no twa twenee. Sε monnim sε ɛnsε sɛɔ ohenebabarima ware ɔbaa a w'adi dεm. Ɛno nti na merekamakyerε mo no, sɛ neε εbɛyε a monka nkyerε obiara.

Ɔyere כtכso mienu no nso kaa sε: Eno nti na dabiara na כde ne nsa asie ne ntoma mu yi. Afeideε yahunu nakyiwadeε. Yɛbɛhwɛ nea ebɛsie.

Na ɔyere a כtoso miensa no kaa sɛ Saa asεm yi deε εwכ sɛ yεkakyerε yεn kunu. Aku papa yere no hyεε aseε sɛ ɔrepa wɔn kyεw. Eno nti na na mmempε sε כbiar a teε no. Se Ohne no te saa asεm yi a Aku bεnya asεm keseε. Mepamo kyεwo monnka nnkyerε obiara.
 
Ohnenba yere payin no bo fuu yie na כkaa sɛ wonim sε ɛfiri sɛ yen kunu waree wo ba bayifoɔ yi, כnfa yεn nyε hwee bio.

Wɔfri hכ kככ a pε na ɛmaa yi hyεε aseε sε wookeka Aku ho nsεm kyerε nkrכfoכ. Ankyε biaa na obiara a כwכ akuraa no ase tee sε Aku yε basin. Ohene no nso tee saa asεm yi na εhaa no paa na nso na כnhunu εkwan a כbεfaso ahunu nokorε a ewכ muu. Emmerε biara na Aku afira ne ntoma papabi atutu agoso, εno nti na εyɛ den sε obi bεhunu sε oyε basi. Ɛbɛyɛε כhene no adwendwen, εfiri sε sε eyε ampa sε Aku yε basin a asεm bɔne bεto ohene no ne namanfoכ nyinaa.

Afei deε babiara Aku bεfa biara na nkrכfoכ resere no sε ɔyε basin, oyarefoכ. Ɔhene no yεε n'adwen sε εsε sɛ כfa εkwan a efata soכ de hunu nokorε ɛwɔ mu. Ɛfiri sε Aku yɛ oheneba yere εnti ɔntumi ngu n'animase basaa. Ɛbɛyɛ sɛ naawotwe akyi no ɔhene no nyaa adwen sε, sε Bayerε Afahyε duru so a כbɛma ɔhneba yerenom ɛnan nyinaa awכ bayerefufuo.

Wɔnom bεwo fufuo no wo badwamu ama obiria ahun bi sɛnea ebεyε a yɛbehunu sɛ whan na ɔnim aduane noa paa. Ɛmmerε a Aku tee saa asεm yi no ne ho dwirii no εfiri sε na כnim sε nokorε no bεda adi εda no. Na sɛ nokorε no da adi a εbetumi aba sε yebεku no.

Owuo a כbewuo no mpo deε na ɛnha no sε animguaseε a εka ho. Ɔkɔda anadwo a naɛɔntumi nna.

Wɔbεsu saa kosi sɛ adeεbεkye. Wɔbɛsɔre anɔpa na n'anina fεfεεfε no ayε kכkכkכ te se kɔtɔ mogyaa. Afei כhwε ana anii εden, eno nti כyεε n'adwen sε כnoara bɛku ne ho. Adeε rebekye ama afahyε no aduru soכ no, כsɔree anadwo sɛ כrekɔ nsuo keseɛ a ewכ kuro no nkwantia na w'akɔtכ nsuo no mu awu.

Emmerε a ɔduruu nsuo no ho no כpagyaa nani hwεε soro, na εberε a ɔhunuu nsoroma wɔ wiem mu no, ehuu ne awerehoכ hyεε no so, na ohyεε aseε sε כbo mpaeɛ. Saa mmerε yi ɔnyaa anigyeɛ keseε bi. Ɔhyεε aseɛ sɛ ɔredwen ne maame ne ne papa a wɔn awuo no ho. Afei כde anigye hyee aseε sɛ כresu. Na eyε no dε sε כrekכhyia ne maame ne ne papa. Nso na ne were aho sε כregya ne kunu a ɔpε na sεm no hכ. Ɔte sii nsuo no mu na כkoo n'anim kakrakakra. Mmerε a εnsuo no duruu ne kom mu a כreyε adכ no.

Ɔnini keseε bi firii nsuo no ase baaε. Ɛmmerε a Aku hunuu כnini no ɔboo birim na ne ho dwirii no yie. Na ɔpεε se anka odwane.
Oninin no frεε no,na ɔkaa sɛ, ohenebayere, emɔ hu, ensuro. Ɛdeεn na wohia?
Aku kaa n'asεm nyinaa kyerɛɛ onini no.

Sɛ ɔyε basin, εnɛ afahyɛ εwɔ sɛɔ ɔsi aburoo ma obiara hunu sɛ ɔyε basin anaa sɛ ɔnyɛ basin ɛne neɛ εkeka hoo. Oninin no dwodwoo ne bo, kyekyerεε ne were kakyerɛɛ no sɛ obɛboa no ɛno nti εmma ɔnsuro koraa.

Ɔka kyerεε Aku sε ɔbεbue n'anum, na sε ɔbue n'anum a Aku nfa ne nsasin no εnwura n'anum. Mfitiaseɛ
no Aku bɔɔ hu maa ne ho yεε no nwunu, na akyireɛɔkaa sε owuo biara yε owuo.

Onini no buee n'anum, Aku nyaa akokoduro de ne nsa sin no hyεε n'anum. Onini no kaa nano too mu bεyɛ sima kakra na ɔsan buee n'anum. Aku yii ne nsa firii onini no anum.

Na ne nsa a atwa no ɛnyɛ nsa sin bio. Onini no asa no yadeε. Ɛno akyi no nso na sika nkawa bebree ɛgu ne nsa so. Aku hunuu saa no n'ani gyee pii na ɔdanee n'ani sε ɔreda onini ase. Nanso ɔdanee n'ani no na onini no afiri hɔ kɔ nsuo no mu bio.
Aku anigye borooso. Ɔde ntoma kataa ne nsa no so, εna ɔfirii hɔ kɔɔ fie.

Ɛda a yεredi afofie no duruu soɔ no, yεsiesiee ahenfie ho fεfεεfε. Ɔhene no too nsa frεε nipa titiriw beberee, ahenfo, ahemaa, ahenema ne nipa bebree. Ɔhene babarima yerenom ɛnan no nso siesiee wɔn ho fεfεεfε de sika nkawa guu wɔn nsa so. Na wɔmaa won tenaa ɔhene no anim.

Aku nso siesiee ne ho fεfεεfε na ɔtutuu ne kente ntoma guu so kataa ne nsa no so. Ne koranom nwewennween, εseree Aku wɔ wɔn tirim εfiri sε na Aku te hɔ komm εredwen ne ho.

Ɛmmerε soo sε εmaa no rebesi aburoo no, ɔhenebabarima yere payin na ɔdii kan sii yε. Ɔde ne nsa nifa ne bɛkum sii no dendeenden, fεfεεfε. Na nipa bebree bɔɔ wɔ nsam maa no. Ɔwiee yε no deε ɔtɔ so mienu no nso baayɛ, εna nea ɔtɔsɔ miensa no nso baayɛ. Wɔn nanfonom ne wɔn adɔfoɔ bɔɔ wɔn nsam maa wɔn maa wɔn mmo ne yɔ.

Afei ɛmmerε a εduruu Aku so no ɔsoreε na na n'ahɛɔfε te sε awia. Ɔnante daadaa ne ho te akyem na won a na wonnim sε oye basin no were hoo yie, εmaa ebi mpo suuyε. Aku kɔgyee wɔma no hyεε aseε sii aburoo no. Odii kan de ne nsa bɛkum no nkoara na ɛsii aburoo no.

Na nekora nom ne nipa a wɔnmpε na asεm no hyεε aseε teateaa Aku sɛ wonyε basin fa wonsa mienu no si aburoo no. Ɛhɔ ara na Aku paa ne ntoma no guu yε, na ɔde ne nsa mienu, bɛkum ne nifa sii aburoo no. Nipa a εwɔhɔ nyinaa bɔgyeeso, bɔɔ wɔn nsam maa no. Na εyε obiara nwanwa sε sika kɔkɔɔ nkaawa pii gu ne nsa so.

Ɔhene no hunuu saa no ne ho dwirii no na ɔkaa sε afei na w'ate aseε deɛ εnti a Aku de ne nsa sie ne ntoma mu dabiaa no. Ɔhenebabarima no anigyee yie. Ɔhene ka kyerεε n'abrafoɔ sε wɔnkɔkye Aku nkora nom na wɔnkɔkum wɔn, εfirisε wɔn de asɛm keseε a εnyε nokorε ato Aku so.

Akorafoɔ no nso tee Aku papa yere no to sε ɔno na ɔkaa nsɛm no nyinaa kyerεε won. Enti ɔhene no kaa sɛ wɔnkɔkum Aku papa yere no nso.

Aku tee saa no ɔpaa kyew maa ne koranom ne ne papa yere no. Ɔhene no penee so, nanso ɔpamoo wɔn firii akuraa no ase. Na Aku deε ɔne ne kunu ohenebabarima no tenaa ase fεfεεfε wo anigyeɛ mu.

Ɛnto yɛ nananom kakyerεε yεn se, ɛbirɛ biara sɛ ɛhia wo, anaa sɛ asεm to wo a, εnsε wokum wo ho.

Onyame nnae, na sɛ wusu frɛ no a ɔbεgye wo so, na wobɛyɛyie ama atanfo anim agu ase.

Afei bio won kae sɛ, awofoɔ a mone nkrɔfoɔ mma teε, monyhε wɔn aniyaadeɛ. Mommoa wɔn, εfiri sɛ woyɛ obideε yie a na wonso wodeε yε yie.

Ma anasesɛm a metoo yɛ yi sε εdε o, sɛ enyɛdɛ o, εbi nko na εbi mmera.

This story is told by 




#Article 4: Gaana (186 words)


Ghana, ɛ̀yɛ́ ɔ́man wɔ́ Abibiman mo. Kánè nó na yɛbɛ ɔ́man no Gold Coast a nkiri sɛ Sɔ́wɔ́ Mpoano. N'awenko din de Nkran (Accra). Ghana niba bɛwɛ ɔkpepe adusa ne akyire (over 30 million). Ghana ye ɔ́man á onyáa fadi kánè wɔ́ Abibire nyina Ɔbɛnem da ɛtsɔ so , nso afe ape aha nko adonu nson (Ɔbɛnem 6, 1957). Ɔmanpanin a odi ɔ́man nó anim maa yɛnyé fadi nó nè Osagbefóɔ (Dokta)Okunini Kwàmé Nkrumah

Nkuro akɛse no bi ne Kumasi, Oguaa (Cape Coast), Koforidua, Tema, Tamale, Sekondi (Sekune) Tákoradé. Kumasi yɛ Asàntéfoɔ ahènkúro. Asantehene, Otumfóɔ Osei Tutu a ɔtó so mmienu (II) ɛne ɔ̃hempɔ́n a seesei  ɔ́te Sɔ́kadwa Kòfí (The Golden Stool) sṍ. Na Gaana wɔ́ amantam bɛyɛ di, nanso seesei deɛ ɛye dunsi ɔwɔ.

Ɔmanpanin a odi Ghana so seesei no din de Nana Addo Dankwa Akuffo-Addo. Ghanafoɔ pɛ asomdwoe na wɔ sane sọ yọ nkurofɔ́ á wɔsuro Nyame. Gaana yɛ ɔman a ɛwɔ sɔ́ka, ɛno nnɛma pá à ōnya firi n'asase nó mu. Ghanafɔ̃ɔ̯ ani abue. Seesei Ghana asuapɔn (university), nso adɔso.

Ebi ne KNUST, LEGON, UCC, UEW, UDS, UMAT ɛne nea ɛkeka hɔ̃.




#Article 5: Huang Xianfan (116 words)


Huang Xianfan (黄现璠) (1899–1982) yε Chinese historian.

Wɔwoo Huang Xianfan afe 1934. Ɔsuaa ade wɔ1908 - 1916: Qusi School ;1917 - 1921: Qujiu Middle School ;1922 - 1926: Guangxi Third Normal college（Historical Science）;1926 - 1935: Beijing Normal University （BA Diploma in History）; 1935 - 1937:Tokyo Imperial University（MT Diploma in History）. 

Fi 1937 kɔpem 1938,Huang Xianfan yε teacher wɔ Nanning Middle School;Fi 1938 kɔpem 1940,Huang Xianfan yε associate professor wɔ Guangxi University;Fi 1941 kɔpem 1942,Huang Xianfan yε history professor wɔ Sun Yatsen University;Fi 1943 kɔpem 1953,Huang Xianfan yε history professor wɔ Guangxi University;Fi 1954 kɔpem 1982,Huang Xianfan yε history professor wɔ Guangxi Normal University. 

Ɔtenaa ase kɔpemm Sanda-Kwakwa da ɛtɔ so 18 wɔ afe 1982 wɔ Guilin.




#Article 6: Kumase (481 words)


Kumase: (Oseikrom) yɛ Gaana kuro keseɛ a ɛso sene Ghana nkuro nyinaa gyesɛ Nkran. Nnipa a ɛwɔ Kumasi bɛyɛ ɔpepepem mmuebsa (3,000,000)

Kumase abakɔsɛem firi Asantehene Nana Osei Tutu a ɔdi Kan bere so. Abakɔsem kyerɛsɛ,ɛn  Nana Osei Tutu adamfo bi a woferɛ no Kɔmfo Anokye so na,   Kumaseman yɛɛ kese. Wɔkyere se Kɔmfo Anokye duaa dua mmienu wo baabi a ene yi yɛferɛ no Kumase yi ene baabi a ene wɔfre no Kumawu. Dua no a woduaa no Kumawu no wuui maa ɛkaa Kumase dua no. Ɛno na ɛboa maa Kumase bɛyɛɛ Asanteman kuro keseɛ ne wɔn ahenkuro.

Eye Asantefoɔ kuro keseɛ a ɛhɔ na Asantehene, Otumfuoɔ Oseɛ Tutu a ɔtɔ so mmienu ahenfie wɔ. Ɛwɔ edwa keseɛ adwadifoɔ efiri atifi, anaafoɔ, apueɛ ne atoeɛ nyinaa bɛdi dwa dabiara. Asanteman afahye kese paa be Akwasidae.

Asantehene: Asantehene a, ɔte Sikadwa Kɔkɔɔ so, ebeye mfie edu nie na obedii ne wɔfa, Otumfuoɔ Opoku Ware ɔtɔ so mminenu adee. Asanteman do won ahenfo de ebuo ma won nyinaa sedee ese wo ]Gaanafoɔ ahenfo nyinaa mu.

Adesua:Adesua anaa se nwoma sua mu no, se woyi Nkran firi ho a, kuro biara nni Ghana a ewɔ sukuu pii sen Kumasi. Sukuu pon ahodoo bebree na ewo ho. Emu atitire bi ne Kwame Nkrumah Suapɔn (Kwame Nkrumah University of Science and Technology (KNUST).Edin a nkurofoo taa de fre KNUST no ye Tek. Asukuufoɔ a esua adee wo KNUST beye mpem du num (15,000). Ghanaman man panin a odi kan, Osagyefo Dr. Kwame Nkrumah bere so na wo sii sukuu kesee yi. Saa sukuu pon yi atere ama sukuu nketewaa bebree nso hyehye mu. Ebi ne School of Medical Sciences, School of Engineering ne School of Agriculture.

Sukuu akesee bi nsoso ne sukuu pon a ede University of Education, Kumasi Campus, ene mmiensa bi a ennye aban dea te se KNUST. Ene Christian Service University College (CSUC), Ghana Baptist University ene Garden City University ewo Kumasi nkwantia kuro bi a yefre no Ankaase. Kumasi Polytechnic ene tikyafoo (akyerekyerefoo) sukuu mmienu nso a yefre won Wesley College of Education ene St. Louis College of Education ewo ho. Eyinom akyi no Mpanifoo Nko Animu Sukuu bebree nso so wo ho. Ebi ne Prempeh College, Opoku Ware, Ahmadiya ene Yaa Asantewaa.

Ayaresabea: Kumasi nso wo ayaresabea ahodoɔ a emu kesee no ne Ɔkɔmfo Anokye Ayaresabea. (KATH). Saa ayeresabea yi nso yɛ Kwame Nkrona Suapɔn nkrobata wɔde tete Adɔkotafoɔ Komfo Anokye Ayaresabea akyi no, ayaresabea nketewa bebree nso so wɔ Kumase mpotamu nso so ɛboa hwɛ Ayadep ahodoɔ pii.

Agodie: bɔɔl ne agoro titire a ɛwɔ Kumaei ne ne mpotamu. Agodie ɛkuo baako a agye din yie ne Kumase Asante Kotoko. Wɔn adi kan wo akansie bebree wɔ Gaana ne amanano nyinaa. Wɔn mmrane ne Asante Kotoko, wokum apem a apem bɛba Akansie bɔɔl kuo baako a wɔn taa ne Kotoko hyia mu ene Nkran Haats a wɔn wɔ Nkran.




#Article 7: Osuani Pɔɔl Abɔdiεmunyansapε Suapɔn (250 words)


Osuani Paul sukuu pɔn University for Information Science and Technology y3 oman sukuu pɔn kesie a 3wɔ korow ohrid wɔ Macedonia oman mu.

Masidonia Mmrahy3 b3dwa fie kese abadwemfɔɔ nam oman no mmra a 3fa sukuu ho so na wɔdi bue sukuu yi wɔ afe apem aduonu wɔtwe (2008) mu . Adesuafoɔ a wɔwɔ sukuu pɔn yi mu na wo de wɔn nimdie hyehy3 ad33fo computer kesei a wofr3 no wo eyiresi kasa mu s3 super computer wo Macedonia korow no mu ka ne .

esan sukuu yi mmodin bɔ ne ne kan kɔ nti, adesuafo pii firi oman ahodor b3y3 s3 aduanan so ba sukuu yi bi, na wɔ omanfo a wo firi Macedonia oman no mu ka bom sua adi wo sukuu pɔn yi mu. Mper3nper3n yi mu adesua fo a wɔ wɔ sukuu pɔn yi mu dodow b3 y3 s3 oha aduasa enum (450). Sukuu yi wɔ ad33fo adesua ahodow pii ma wɔn a wɔ p3 degree anaa s3 master degree nimde3 a wɔkyere ni yinara wɔ erisi brɔfo kasa mu. Esan sukuu yi mmodinbo nti, wiase sukuu abaso bɔ di wɔ afe apem mmienu du mmeɛnsa de aba so bo di kese ma sukuu pɔn yi s3, Macedonia sukuu pɔn nyinaa a eb3y3 s3 eduonu no, wɔtɔ so enan wɔ adesua mmodinbo mu .

Sukuu yi kyer3 adesua a edidi so yi

Osuani Paul sukuu pɔn yi ne sukuu ak3se a edidi so yi wɔ nsa woso k3se a eboa ma wɔn adesua kɔ nkan pii;




#Article 8: Kumase Wiemuhyɛn gyinabea (130 words)


Kumase Wiemuhyɛn gyinabea (IATA: KMS, ICAO: DGSI) yɛ wiemuhyɛn gyinabea a ɛwɔ Ghana. Ɛno nkoaa ne wiemuhyɛn gyinabea a ɛwɔ Kumase. KumaseWiemuhyɛn ɛ yɛ kwansin nsia ɛfiri Kumase  .

Wɔtoo   saa wiemuhyɛn gyinabea yi mu wɔ Ɛbɔ bosome mu wɔ afe 2012 mu seneɛ wobɛtumi asiesie kwantenpɔn no mu.
Sesiara ɛwiumhyɛn bɛyɛ,42000 bosome biara.

Wayɛ nsiesie bebree w Kumase Wiemuhyɛn gyinabea Kumase Wiemuhyɛn gyinabea sɛ deɛ ɛbɛyɛ wiemuhyɛn akeseɛ bɛtumi ɛfiri ha akɔ ɔman ahodoɔ so.Wɔ gyidi sɛ afe 2015 nkɔ na awieyɛ na wawie saa dwumadie

Saa dwumadie ne boɔ bɛyɛ Amerika sika $300 ɔpepee, wei bɛma wiemuhyɛn gyinabea yi a yɛ abɛfo afei nso bɛbia ye didi ne dwadie bea nyinaa bɛba abɛka ho.

Sesiara ɛnam saa dwumadie yi nti wiemuhyɛn  tumi tu anqdwo.
Afei nso nfidie ne nkanea a ɛboa wiemuhyɛnkafoɔ wabue ano a  ɛboa wiemuhyɛnkafoɔ  .




#Article 9: Kente (Nwentoma) (270 words)


Nnwentom yɛ din a wɔde frɛ kente wɔ Akanfo nkurow mu. Wonya kente yi fi slikyi ne  asaawafuturu berea  wɔn anwene ntoma no nteatea de abomu ama no ayɛ kɛse mua. Akanfo nkurow ahorow a wɔwɔ Gaana, Abibiman Atɔe no edi kente ho dwuma paa. Saa nkurow no bi ne  Asanteman( Bonwire, Adanwomase, Sakora Wonoo ne  Ntonso. Saa nkuro yi nyinaa wɔ Kwabre wɔ Asanteman ). Nnipa a wɔwɔ Anafo- Apue, Mfinimfini me Atifi mantam nso fura kente. Edin kente no fi asemfua kenten  wɔ Asante kasa  mu. Akanfo frɛ kente nwentoma a ase kyerɛ sɛ ntoma a wɔn anwene . Kan no, na ɛyɛ Akanfo ahenfo ntoma a na ahenfo no fura no dapɔn nna nkotoo afei nso  na wonni ho agoru koraa. Nanso mmerɛ kakra yi de, nnipa pii fura kente a wonni ho agoru koraa de nnidi a ɛsɛ ma ntoma no.

Adweneasa ka kente ntoma ahorow no bi. Ne nnwene no yɛ soronko efirisɛ wɔto wɔn bo hyehyɛ nhoma no yie de hyɛ kwan biara aka ne nwene no mu. Akanfoɔ pɛ kente a, wɔhwehwɛ no fi din a ɛdaso titiriw ansa na wɔnahwɛ sɛ ɛyɛ tumtum, kɔkɔɔ anaa fitaa ansa na sɛnea ne nwene no te. Mpɛn pii no, kente hu mu gyina pattern a ɛda mu wɔ ne tenten nwene no mu nanso ɛyɛ a, nsonsonoe ketewa bi na ɛda kente no din ne ne nwenebea mu. Akwan ahorow a wɔnya din de to kente so no bi fi kasakoa, nneɛma titiriw bi a ɛsi, ahenfo atitiriw, ahenfo maame ne nnua mu. Ne saa nti, ntoma no gyina hɔ ma ade a, ɛdi mu.




#Article 10: Nnwentom (456 words)


Nnwentoma yɛ din a wɔde frɛ kente wɔ Akanfo nkurow mu. Wonya kente yi fi slikyi ne asaawafuturu berea wɔn anwene ntoma no nteatea de abomu ama no ayɛ kɛse mua. Akanfo nkurow ahorow a wɔwɔ Gaana, Abibiman atɔe no edi kente ho dwuma paa. Saa nkurow no bi ne Asanteman( Bonwire, Adanwomase, Sakora Wonoo ne  Ntonso. Saa nkurow yi nyinaa wɔ Asanteman nkurow kɛse baako a ɔde Kwabre. Nnipa a wɔwɔ Anafo- Apue, Mfinimfini me Atifi mantam nso fura kente . Edin kente no fi asemfua kenten wɔ Asante kasa mu. Akanfo frɛ kente nwentoma a ase kyerɛ sɛ ntoma a wɔn anwene . Kan no, na ɛyɛ Akanfo ahenfo ntoma a na ahenfo no fura no dapɔn nna nkotoo afei nso na wonni ho agoru koraa. Nanso mmerɛ kakra yi de, nnipa pii fura kente a wonni ho agoru koraa de nnidi a ɛsɛ ma ntoma no.

Adweneasa ka kente ntoma ahorow no bi. Ne nnwene no yɛ soronko efisɛ w)to wɔnbo hyehyɛ nhoma no yie de hyɛ kwan biara aka ne nwene no mu. Akanfo pɛ kente a, wɔhwehwɛ no fi din a ɛdaso titiriw ansa na w)nahwɛ sɛ ɛyɛ tumtum, kɔkɔɔ anaa fitaa ansa na sɛnea ne nwene no te. Mpɛn pii no, kente hu mu gyina a ɛda mu wɔ ne tenten nwene no mu nanso ɛyɛ a , nsonsoeɛ ketewa bi na ɛda kente no din ne ne nwenebea mu. Akwan ahorow a wɔnya din de to kente so no bi fi kasakoa, nneɛma titiriw bi a ɛsi, ahenfo atitiriw, ahenfo maame ne nnua mu. Ne saa nti, ntoma no gyina hɔ ma ade a, edi mu.

Abibifoɔ a ɔwɔ Abibiman atɔe mu na dii kan nyaa wɔn ntoma nwene kwan mmere pii a atwam. Na wɔnwene fa kwan so. Nanso, Akanfo abakɔsɛm kyerɛ sɛ, wɔn de, wɔhyɛɛ, ase nwene wɔankasa ntoma a obiara anfi baabi ankyerɛ wɔn sɛnea wɔn nwene ntoma. Kente ntoma ahyɛase fi Akan-Asanteman mu wɔ Ghana. Kente ntoma nwene fii ase w Akanfo tete ɔman kɛse Bonoman. Akanfo ahorow a wɔ fii Bonoman no kɔ kyekyee wɔn nkurow nketekete. Ayigbefo a ɛwɔ ɔman Ghana mu gyidi sɛ kente hyɛ ase fii wɔn hɔ na ɛmmom akwan a wɔfa so nwene ade mfitiase de ennfi wɔn hɔ. Ayigbefo yi san kase edin Kente no fi asɛmfua Kente a , asekyerɛ ɔbue ne mia ɛwɔ wɔn kasa mu sɛnea wɔnwene kente wɔ ne dua so no.

Abakɔsmɛkyerɛ sɛ, kente nwene hyɛɛ berea nnamfo mmienu bi kvhuu ananse wɔ wɔn ahayɔ wɔ nnwura mu a na vrenwene ne dan. Nnamfo mmienu yi hwɛɛ na afei nso sua a nea na ananse no reyɛ no nna mmienu. Woduu fie no, wofii ase nwene nea wohuu sɛ ananse no reyɛ no.




#Article 11: Angyela Kyerɛmaten-Dwomɔ (127 words)


Angela Kyerematen-Dwomɔ  yɛ Ghana nii dwadinii kandifoɔ. Ɔno na mprempren mu yi  ɔyɛ IBM adwumayani panin wɔ Gaana. Ɔno ne ɔbaa a odi kan a ɔyɛ ɔman no kwankyerɛfo panin ma IBM  wɔ abibirem ha.

Angyela kura abodin krataa wɔ Dawurobɔ ne Frɛnky kasa mu. Wagye abɔdin nkrataa wɔ akannifoɔ mpuntuo nteteeɛ a brofo kasa mu no yɛfrɛ no Mpanindie ne Mpuntuo wɔ akan suapɔn  Harward Suapɔn  mu.

Wayɛ adwuma paa wɔ sikasem ntotoeɛ mu ne mfididwuma mu mfeɛ dunum wɔ abibiman mu ne abrokyiman mu nti ama wakwadare mu yie  . Wɔ afe mpem mmienu ne du baako mo  nu ɔde ne ho kɔdɔmm IBM nkorabata a ɛwɔ abibirem atoeɛ fam so. Akyire yi no, ɔtu kɔɔ Kenya kuropɔn, Nairobi mu sɛ IBM a ɛwɔ mfimfini, apueeɛ ne atɔeɛ abibirem mantam mu sɛ IBM ntotoeɛ panin.




#Article 12: Kεn Ofori-Atta (153 words)


 Kɛnɛt Nana Yaw Kuntunkununku Ofori-Atta (awoda 1959),yε Ganani a ɔyε Sikaεm Soafoɔ.

Wɔ woo Kεn wɔ Kyεbi a εwɔ Mfinfii Mantam Gana wɔ afe 1959. Kεn fri Ofori Atta Abusakuo no mu. Saa abusuakuo yi mu na of Gana anya atitire bebree wɔ Amanwosεm, Dwadie ne Ahennie.

Kεn kɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ Akyimɔta Ntoasoɔ Sukuu wɔ Akyimɔta wɔ Nkran. ɔfirii hɔ no ɔkɔɔ toaso wɔ Kolombia Suapɔn na ɔkɔɔ Yale Suapɔn a no nso εwɔ Amerika.

Kεn ne Togbe Afede bɔɔmu bue Sikakorabea a yeferε no Databank 1990.

Kεn nso wodeda Badwakuo ne Adwumakuo bebree ano w Gana ne amanɔne.

Kεn anya abodin bebree.Woyii no sε nipa to so minenu a wobu no ɔwɔ Gana.

Wɔ afe 2017 mu no, President Nana Akufo-Addo yii Kεn sε ɔmεyε Sikasεm Saofoɔ. Wɔde ne din kaa Asoafoɔ19 a ɔde wɔn din kɔɔ Gana Mmrahyεbadwafie Kεn ka Asoafoɔ wɔn ne Ɔmanpanin bɔ mu yε nhyehyeε ma Ɔman no.

Kεn ne yere ne Angela Ofori Atta a ɔyε Dokota wɔ Gana Suapɔn.




#Article 13: Akyimɔta Ntoasoɔ Sukuu (279 words)


Akyimɔta Ntoasoɔ Sukuu , yε mmarimaa ne mmayewa Ntoasoɔ Sukuu a εwɔ Nkran brɔnɔɔ Akyimɔta a Nkran Mantam, mu wɔ Gana. Wɔtee Sukuu yi wɔ afe 1924. Owura Frεdrik Gɔden Guggisbεg, Dɔkota. Yakukbu Kwegyir Agri Ɔsɔfo Ales Gaaden Freisa. Wɔbuee Sukuu yi wɔ afe 1927. by Owura Frεdrik Gɔden Guggisbεg, ɔyε Enyiresi Aabkaese w Sikampono colony.Wɔsii Akyimɔta te sε, Ntoasoɔ Sukuu a na εwɔ Enyiresiman mu. Akyimɔta Ntoasoɔ Sukuu ne Ntoasoɔ Sukuu a εdi a εwɔ Sikampono ne mmarimaa ne mmayewa tumu kɔ.

Sukuu yi atete mpaninfoɔ ne adinkanfoɔ bebree a ɔfiri Gana ne akyirikyiri. Ebi Kwame Nkroma, Edwεd Akufo-Addo, Yeri Yohane Rɔlins, ne Yohane Ewans Atta Mills a wɔn nyinaa yε Gana Amanpanin a watwamu. Yohane Dramani Mahama nos firii n'adesua wɔ aha. Gana Manpanin Dokota. Kofi Abrefa Busia nso kyerεε adeε wɔ Akyimɔta. Afei nso Abibiman Ammanpanin mo bi te sε Simbabwe Mmapanin a ɔto do mmineu Rɔbεt Mugabe ne Dawuda Gyawara a na ɔyε Gambia Manpanin a ɔdi kan nso kɔɔ Sukuu wɔ aha. Sam Gyimah,ɔyε Enyiresi Soafoɔ a ɔhwε Suapɔn so nso baa kɔɔ Sukuu wɔ aha. Nkorɔfoɔ a ɔkɔɔ wɔwie wɔn adesua wɔ Akyimɔta Ntoasoɔ Sukuu no wɔferε wɔn Akora.

T.

Wɔkoo Wiase Ntɔkwa εdi kan wieε no a Enyiresi Abankεse a na ɔwɔ Sika Mpoano hunu sε Nwomasua ho hia. Na afei nso na ohia Nwomasua Ntoasoɔ. Sika Mpoano. Guggisbεg, kaa sε εwɔ mu sεε bea a wɔsua adeε baako anaa mmineu bi wɔ hɔ nanso nsosoeε εda Abibifo wɔnyaa wɔn nteteε firi Asukuu a w Enyiresi ne wɔn a wɔnyaa wɔn nteteε firi Abiniman mu no so. Na obiara nyεε ahoboa te sε no sε ɔbεhwε ama saa ntεnkyia wei ano asi seneε εbεyε Abibifoɔ nso bεnya nimdeε a εbεboa ama watu mpɔn. Nti εwɔsε ye kan yεn ho seneε εbεyε a yεbetumi ayi saa nyiyimu wei afiri hɔ ntεm




#Article 14: Gyein Naana Opoku-Agyeman (103 words)


Gyein Naana Opoku Agyeman (awoda Obubuo 22, 1951 Oguaa Gana) yε Gana Nwomasua Soafoɔ a watwamu na ɔyε Soafoɔ wɔ Yohane Dramani Mahama aban no mu. Wodii saa diberε yi kosii Ɔbenεm 2017 berε a na wato aba ama Yohane Dramani Mahama adi nkoguo wo afe 2012 abatoɔ no mu ama Nana Akufo-Addo aban betenaa Gana baanwa no so. Ansa na ɔbεdi saa diberε yi na ɔno na ɔyε Obenfo a ɔda Oguaa Suapɔn ano. Wɔdɔm Amanyɔkuo NDC.

Opoku-Agyeman agye abɔdin pii wɔ akyirikyiri bi firi Suapɔa ahodoɔ wɔ aman bebree so bi te sε from the Indis Apueε Suapɔn ne Winston-Salem Suapɔn.Adiknafo abɔdin firi Flɔrida Anaafo Suapɔn wɔ Tampa.




#Article 15: Adanwomase (177 words)


Adanwomase  yε kuro a εwɔ Kwabre Atɔeε Mansini mu wɔ Asante Mantam mu. Kuro yi yε kwansin bεyε 17 firi Kumase. Adanwomase di akotene se yεreka nkuro a wonwene Kente te sε Bonwire ne Sakora Wonoo. Adanwoamse  yε kwansini mmienu firi Bonwire. Saa Kuro yi so nso na Adanwomase Ntoaso Sukuu wɔ. 

Wɔ afe 1697, the Asantehene paa n'ahenfo no mu baako a na ɔyε Akyεmpenhene sε ɔnyi nipa firi  Adanwomase, Asotwe, Bonwire, ne Wonoo  wɔnkɔ Botuku kuro ketewa bi a εben Abigyan  na wɔnkɔ sua ntomasinii nwene.Wɔn baa wɔn nkyi no womaa wɔn nsaasawa sε wɔnfa nwene paatan bi a  wɔkyerε wɔn no.Saa paatan wei no na ɔferε no  Sesea no wei ne ntoma a εdi kan a  wɔn nwenee maa Asantehene. Saa sesea εbi si nε εda  wɔ Adanwomase.

Fitii berε a wɔn a wɔkɔɔ Bontuku baa no, Adanowmase bεyεε adehye kuro se εba no Kente nwono a. Saa nkurofo fitti  bεnewne kente maa Asantehene. Akyiri no wɔhyεε aseε nwene kente yi wɔ ahasuo ahodoɔ bebree mu  maa  wɔn nnafonom ne wɔn abususfo. Wei na maa kente behyetaa mmea bebree so. 




#Article 16: Asante Mantam (108 words)


Asante Mantam yε Gaana Mantam du-nsia no mu baako a ɛwɔ Gaana anafo. εno ne Mantam a εtɔ so mminesa sε εba  ne keseε mu a. εyε bεyε kwansini 24,389 (9,417 sq mi)  a εyε Gaana asaase no mu ha nkyemu or 10.2. Sε εba no nipa dodoɔ mu a εno ne Mantam a εmu nipa dɔso paa.  ɛmu nipa bεyε  4,780,380 firi 2011 Nipa ne Adan Kan.Sε εba nipa nso a Gaana nipa nyinaa mu ɔha mu nkyεmu bεyε 19.4%.Mantam no di akotene sε ba no kuayε a wɔn dua koko ne nubae bebree  afei nso wotu sika kɔkɔɔ nso wɔ aha wɔn kuropɔn ne ahenkuro ne Kumase.




#Article 17: Koforidua (224 words)


Koforidua, yε kuro bi a  Gaana anofo. Koforidua yε Gaana Atɔe Mantam mu kuropɔn anaa ahenkuro. Wɔtee Koforidua wɔ afe 1875 mu. Nipa a wɔ Koforidua bεyε 127,334.

Koforidua  ne kuropɔn ma Atɔe Mantan ne Dwaben Foforɔ Mansini no. Dwumakuo pii wɔ aha.

Akanfoɔ a  ɔfiri Asanteman mu no bεtee Koforidua wɔ afe 1875. Wɔwiee keteke kwan wɔ afe 1923 Koforidua bεyεε kuro kuropɔn a εdi mu wɔ dwadie mu εfiri sε ne w di kookoo dwa wɔ hɔ . Koforidua ka nkuro a kookoo tɔn di mu wɔ hɔ. Koforidua nso w Yawoada Dwa a nkorofo  firii mmea bebree wɔ Atɔe Mantan mu betɔn anaa ɔbεtɔ ahweneε  Koforidua . 

Sikakorabea ahodo ne nwumakuo bebree wdi siaksεm no wɔ ha.

Kuayε kɔ so w nkuro bebree a atwa Koforidua ho no so.

Koforidua ka nkuro a wɔdi kookoo dwa wɔ so. Nkuro bebree a atwa Koforidua ho ahyia no y nkuroa wɔdua kookoo. Kane no na Koforidua dwadie nyinaa gyina kookoo so nanso kookoo dua kɔɔ nkuro bebree mu wɔ Asante Mantam mu ne Bono Mantam no Koforidua abεyε bea dwadie ahodoɔ bebree kɔ so.

Mmea bebree wɔ Koforidua a wɔbetumi akɔ nsrahw bi ne Boɔ Tabiri. Akosomo Anyinamahoɔden bea no na  da Asuo Firao nso bεn Koforidua.Boti nso nnwa firi Koforidua.

Koforidua y kuro a asukuu bebree w.Ntoaso Sukuu ne Sukuupɔn ahodoɔ wɔ ha.




#Article 18: Golden Stool (115 words)


Sika Dwa Kofi, a potɔfoɔ frɛ no Golden Stool no, ɛyɛ Asantefoɔ ahenie ne wɔn Adehyedie dwa. Na ɛyɛ ahyɛnsodeɛ a ɛkyerɛ tumi a ɛwɔ Asanteman. Okunini Ɔkɔmfo Anokye, na na ɔyɛ Ɔkɔmfo Panyin, na ɔsan ɛka atitire baanu a wɔtee Asanteman Nkabomkuo no. Ɔno na ɔfrɛɛ Sika Dwa no efirii wiem ma no besii Asantehene a ɔdikan, Osei Tutu ɛserɛ so. Saa berɛ no mu no, na ahenwa bi saa ɛdan amammerɛ ahyɛnso soronko a ɛfa ɔhene biara amamuo ho, nanso dodoɔ no ara gyidi sɛ Sika Dwa Kofi ɛyɛ ahyɛnso bi a na  Asantefoɔ - wɔn a wɔte aseɛ, wɔn a wáwu ɛne wɔn a afei na yɛrebɛwo wɔn nyinaa homhom ɛwɔ mu.




#Article 19: Africa Day (276 words)


Abibirem Da  (kanee Abibirem Fahodie Da ɛne Abibifahodie Daɔ ɛyɛ afe adeɛ a yɛyɛ de kae Abibiremkuo Nkabom Ahyaseɛ (a ɛnei yɛfrɛ no Abibirem Nkabomkuoɔ a ɔhyɛ aseɛ wɔ kotonimaa da a ɛtɔ so aduonu-num wɔ Afe Apem aha-nkron aduosia meɛnsa.. yɛ di no afe biara wɔ Aman Aman ahodoɔ a ɛwɔ Abibirem ne ewiase afanan nyinaa.

Yɛ yɛɛ nhyiamudeɛ a ɛdikan aɛ3fa abibirem nkuro a ɔmo de ɔmo ho no wɔ nkran, Gaana wɔ oforosuo da a ɛtɔ so du-num Afe Apem Aha-nkron Aduo-num nwɔtwe. Ghana Manpanin a ɔdi kan Dr. Kwame Nkroma na ɔhyehyeɛ, ɛne anaamusifo) a wɔ mo firi Egypt (ɛne United Arab Republic fa baabiɔ, Ethiopia, Liberia, Libia, Morocco, Sudan, Tunisia, ɛne Union of the Peoples of Cameroon ɛna ɔman a dwumadie no si ne nanso Ghana. Wɔn anto wɔn nsa anfrɛ South Africafoɔ. Nhyiamudie no dan Abibifahodie mpumtuo nkabom ade3 wɔ Abibirem Aman de gyinaa hɔ maa nnwentaasoɔ ɔmo de bɛgye ɔmo ho afiri Aman a ɔmo abɛgye wɔn kuro abɔ so. Pan- African Congress nso ɛyɛɛ adwuma de boaa saa botaeɛ no efiri ɛda a ɔhyɛɛ aseɛ Afe Apem Aha-nkron, Wei ne nhyiamudeɛ a edikan a ɛkɔɔ so wɔ Abibirem asaase so.

Nhyiamudie no kɔtwe Abibirem fahodie da no baeɛ, da baako a,... yɛde bedi Afe biara Abibifahodie nkɔsuo anamontuo, na yɛde ayɛ ahyɛnsodeɛ a ɛgyina hɔ ma nnwentaasoɔ a Abibifoɔ ayɛ de bɛgye wɔ ho afiri Aman a wabɛgye wɔn kuro abɔ so no.

Nhyiamu no bɛgye din maa ebɛ bue kwan maa Abibirem Aman mpaninfoɔ nhyiamu ahodoɔ ne ɔmo aban wɔ Casablanca Group ɛne Monrovia Group berɛ so, kɔsii sɛɛ ɔyɛɛ OAU ɛwɔ Afe Apem Aha-nkron Aduosia meɛnsa.




#Article 20: Sika Dwa Kofi (495 words)


Sika Dwa Kofi, a potɔfoɔ frɛ no Golden Stool no, ɛyɛ Asantefoɔ ahenie ne wɔn Adehyedie dwa. Na ɛyɛ ahyɛnsodeɛ a ɛkyerɛ tumi a ɛwɔ Asanteman. Okunini Ɔkɔmfo Anokye, na na ɔyɛ Ɔkɔmfo Panyin, na ɔsan ɛka atitire baanu a wɔtee Asanteman Nkabomkuo no. Ɔno na ɔfrɛɛ Sika Dwa no efirii wiem ma no besii Asantehene a ɔdikan, Osei Tutu ɛserɛ so. Saa berɛ no mu no, na ahenwa bi saa ɛdan amammerɛ ahyɛnso soronko a ɛfa ɔhene biara amamuo ho, nanso dodoɔ no ara gyidi sɛ Sika Dwa Kofi ɛyɛ ahyɛnso bi a na  Asantefoɔ - wɔn a wɔte aseɛ, wɔn a wáwu ɛne wɔn a afei na yɛrebɛwo wɔn nyinaa homhom ɛwɔ mu.

Dodoɔ nteaseɛ kyerɛ sɛ, ahenwa biara yɛ ne wura kra, na sɛ ɔnte so a, yɛde si ban ho ma akra afoforɔ a wɔretwam tena so ɛgye wɔn ahome. Sika Dwa Kofi yɛ adehyedie ahenwa a enni ho kwan sɛ ɛka fam dabiara da. Ne saa nti, wɔde si adasoɔ so. Sɛ wɔresi hene a, wɔpagya no kɔ soro ɛde no sensɛn Sika Dwa no so, ɛberɛ a wɔmma neho nka. Wɔpagya Sika Dwa no wɔ sumeɛ ɛde kɔkyerɛAsantehene, na ɔno nko na ɔwɔ ho tumi sɛ okura Sika Dwa Kofi no mu. Sɛ yɛbɔ dwa kɛseɛ a, wɔde Sika Dwa Kofi esi Hwedɔm dwa no so, ɛde si Asantehene benkum so; na wɔde Sika Dwa no ani kyerɛ Ɔmanfoɔ no

ɔko bebree na asɔre ɛfa deɛ Saa ahendwa yi yɛ ne dea. Wɔ 1896, wɔ tuu Asantehene Prempeh 1 ɛsan sɛ na wɔ mpɛsɛ wɔbɛ hwere ɔkoo ne adwa no abomu. Wɔ 1900, ɔwura Frederik Hodgson a na ɔyɛ aban mu panin wɔ Gold Coast, hyɛɛ sɛ wɔmfa no ntena Sika dwa no so na ɔhyɛɛ sɛ wɔn nhwehwɛ bɛɛbia Sika dwa no wɔ.   Wei hyɛɛ asradɔm  bi nom  abufuo a wɔfrɛɛ no Sika dwa ko, ɛnam wei so maa wɔsii Asanteman kwan wɔ ngrɛsi abrɔfo ahenie no nanso wɔbɔɔ Sika dwa no ho ban. Wɔ 1921, abibifoɔ bi a wɔyɛ akwan hunuu adwa no na wɔ wiaa Sika kɔkɔɔ a ɛwɔ ho no bi. Ngrɛsi abrɔfo de wɔn kɔsieɛ ansa na wɔbuaa wɔn kumfɔ sɛdeɛ mmra teɛ. Ngrɛsi abrɔfo dii agyenamu maa wɔtware wɔn asuo a wɔankum wɔn. Ngrɛsi abrɔfo hyɛɛ bɔ sɛ wɔ ne adwa no nya twaka biom ɛnti wɔ yi firii asieɛ. Wɔ 1935, wɔde adwa no dii dwuma wɔ afahyɛ bi a wɔde hyɛɛ Osei Tutu Agyeman Prempeh II hene.

Sika dwa tenten yɛ 46 cm, ne tɛterɛtɛ yɛ 61cm na ɛmu dɔ kɔsi 30cm. Wɔde Sika kɔkɔɔ na adwira ho na adɔma sensɛn ho sɛ ɛbɛbɔ ɔhene no kɔkɔ wɔ bɔne bi a ɛrebɛba. Nipa pii nhunuie na ɔhene, ɔhemaa, ɔhene ba barima trodoo ne afutufoɔ a wɔgye wɔn di na ɛnim bɛɛbi a wɔde asie. Wayɛ ne nsɛsoɔ ama ahenfo na wɔ Ayie ase wɔde mmoa mogya yeyɛ ho. Adwa no yɛ agyinasoɔ ma Asanteman ɛnɛ ɛsan sɛ ɛkyerɛ tumi ne nnidisoɔ.




#Article 21: Mary Grant (politician) (233 words)


Mary Grant (6 Ɔsanaa 1928 – 18 Ɛbɔ 2016), na ɔyɛ Ghanani oduruyɛfo ne amanyɔni. Na ɔyɛ Ghana 'Council of State' muni a odi kan ne Wesley Girls High School osuafo a ɔbɛyɛɛ oduruyɛfo a odi kan. Grant ne ɔbea a ɔtɔ so abiesa a yɛgyee no tom sɛ oduruyɛfo wɔ Susan Ofoti-Atta(1947) ne Matilda J. Clerk (1949) akyi. Na ɔyɛ Paa Grant a yɛfrɛɛ no Gold Coast amanyɔsɛm mu agya no busuani..

Mary Grant nyaa ntoaso sukuu ho nimdeɛ wɔ Wesley Girls High School a ɛwɔ Cape Coast na ɔtoa so kɔɔ skuupɔn kɔsua aduruyɛ wɔ amanɔne United Kingdom.

Mary Grant fii amanyɔsɛm ase bere a yɛ paw no sɛ Secretary of Health wɔ 1985. Grant nyaa gyinabea ahorow pii a ebi ne Deputy Minister of Health and Member of the Provisional National Defense Council (PNDC). Akyiri no ɔbɛyɛɛ Minister of Education ne Culture ne afie nso Member of Council of State.

Odii Ghana anamusifo wɔ amanɔne nhyiam ahorow te sɛ World Health Organisation (WHO) General Assemblies wɔ Geneva ne Ɔmantam Nhyiam a ɛwɔ Africa, World Bank Nhyiam a ɛfa Africa Apowmuden ho, Cairo Nhyiam a ɛfa Population and Development ho ne Beijing Nhyiam a ɛfa Women Rights ho.

Grant nyaa abasobɔde bre a wɔyɛɛ Maiden Women's Award. 

Ofii mu a na wadi 88, owia beremu Ɛbɔ da a ɛtɔ so 18 2016 wɔ 37 Military Hospital (Accra). Wɔmaa no ɔman asiei.




#Article 22: Bernice Ofei (148 words)


Bernice Ofei yɛ nnwomtonii kɛseɛ wɔ Ghana.

Bernice Offei wɔ apaawa nsia wɔ ne din mu, deɛ ɛtɔ so nsia ne dea ɔyɛɛ wɔ afe 2007 na edin aa eda su ne Nkwa. Eno na ɔde nyaa abasobɔdeɛ mienu ewɔ MTN Ghana nnwontoɔ aba so bɔ dee adwuma sɛ obaa nnwontonii aa ɔdi kan ene nnwom kyerɛwfo aa ɔdi kan wɔ saa afe nu mu 

Bernice yɛ adwuma wɔ sikakorabea aa ɔde Standard Chartered Bank eyɛ adwuma.

Bernice wiee ntoaso sukuu wɔ Achimota School aa ewɔ nkran , Ghana. Ɔketa MPhil wɔ Nnɔbae adesua mu aa ɔnyaa efiri University of Ghana ene MSc wɔ Kɔmputa mu nimdeɛ efiri United Kingdom. Ade baako aa yɛde shɛ ne nso ne nnwom aa ɛtoo yɛ: So mu ɛne Nkwa yɛ tia .

Ne kunu ne Prof. Samuel Kwame Offei ( University of Ghana panin nu mu baako ). Ɔwɔ nkwadaa mienu.




#Article 23: Gaana Frankaa (291 words)


Afe apem aha nkron aduonum- nson (1957) na ɔyɛɛ ɔman Ghana frankaa na ɔhim no saa kɔsii afe apem aha nkron aduonsia mmienu  (1962), ɛna ɔsan de baa afe apem aha nkron aduonsia nsia (1966).  Pan-African ahosuo, kɔkɔɔ, sika kɔkɔɔ ne ahabanmono na ɔde yɛeɛ,  a nsuroma tuntum da sika kɔkɔɔ no mfimfini.  Ghana frankaa no yɛ frankaa ɛtɔ so mmienu wɔ  Abibiman mu  a ɔhwɛɛ  Ethiopia man frankaa  so de yɛeɛ.  Guinea-Bissau  foɔ hwɛ frankaa no so de yɛɛ wɔn deɛ wɔ afe apem aha nkron aduonson mmiɛnsa (1973). Theodosia Okoh  a ɔtena ase firi afe apem aha aduonummienu kɔsii afe apem aduonu ne dunum (1922–2015) na hyehyɛɛ Ghana frankaa no .

Kɔkɔɔ no gyina hɔ ma mogya a wɔ hwie gu mmerɛ a ɔman no pere  fahodie afiri Great Britain hɔ, sika kɔkɔɔ no gyina hɔ ma ɔman no ahonyadeɛ,  ahabanmono no nso gyina hɔ ma ɔman kwaeɛ ne abɔdeɛ ahonya ɛna nsoroma tuntum no gyina wɔ Abibiman fahodie.  Nsoroma tuntum no firi Black Star Line mu, ɛyɛ suhyɛn kabom kuo bia ɛwɔ  Marcus Garvey  a ɛdi dwuma firi afe apem aha nkron dunkron kɔsi afe apem aha nkron aduonu mmienu.Ɛhɔ na Ghana national football team nyaa wɔn din a obiara nim, Black Stars firii.

Wɔ nhyehyɛ a ɛwɔ section 183 of Ghana's Merchant Shipping Act of 1963,  Temanmufoɔ  frankaa no yɛ frankaa kɔkɔɔ a ɔman no frankaa da mu. Wɔ afe apem  mmienu ne mmiɛnsa mu, ɔhyɛɛ mmara foforɔ mma suhyɛn adwadifoɔ de kyere sɛ, ɔman Ghana frankaa no na yɛ ɔman ahosuo a ɛfata sɛ ɛfam Ghana suhyɛn bia ho.  

W'anka  frankaa ahodoɔ anaa foforɔ biara ho asem.

Pusu  asrafoɔ frankaa no yɛ St. George's Cross kɔkɔɔ a ɛda frankaa fitaa mu, a ɔman frankaa da nykɛn. 




#Article 24: Anna Bossman (196 words)


Anna Bossman yɛ Ghana temgyinafoɔ a ɔhwɛ mbra a ɛbɔ nyimpa ho ban. osua mbra na amanyonsem wɔ university of Ghana (legon) na ogyi abasobodia kɛse efri Ghana skuul a wo hwɛ mbra ho nsem wɔ afi 1980 a na yɛ frɛ no Ghana Bar wo saa afi no mu.

Abra ɔwre ne som a nna ɔyɛ payin a ɔtɔso ebien wɔ Ghana mbra asuayɛ a wɔhwɛ sɛ yedzi obiara n'asem pɛpɛɛpɛr no, Bossman kɔr ankorankor edwumayɛ mu a wɔwɔ enyisuadzehun dɛ, ɛwɔ afi edwenu enum (25) a nna ɔwɔ hɔn enyim no, wɔbɛ yɛ mpontudwuma bi akɔr angwa na gasi edwuma ne mu nna hɔn a wɔhwɛ ahoɔdzin edwuma no so,a nna wɔne amanamanmu edwumakuw be tse dɛ, (Tennesco) wɔ Gabon (babia ɔkɔyɛ basia a nna odzikan a ɔhwɛ Ayankofa a ɔda Gabonfo nyina ntem fa petrol ho, Congo, Cote d'Ivoire, Angola a Ghana so ka ho bi no ,ɛwɔ afi 1996, otsew Bossman nkyirɛkyirɛ asuayɛ, a ɔboa ahoɔdzin edwumayɛ, amanaman asuayɛ na ankorankor edwumayɛ nso ka ho. Wɔ june 2017 mu no, yeeyi no Ghana Temgyina ma France. Na ɔdze ne krataa a ɔkyerɛ nokwardzi ma French omanpayin Emmanuel Macroni wɔ October 13th, 2017.




#Article 25: Consolidated Bank Ghana (204 words)


Consolidated Bank Ghana (CBG) Consolidated yɛ sikakorabea a ɛso tɔso mmienu wɔ ɔman Ghana mu. ɛhyɛɛ aseɛ berɛ a Gana sikakorabea kɛsɛ kaa sikakorabea nnum bɔɔ mu.

Ɛyɛ ɔsanaa bosome a edi kan wɔ nfie mpem mmienu ne edu nwɔtwe no mu no, Gana sikakorabea kɛseɛ no hwetirii sikakorabea ahoro) nnum abodin krataa firii wɔn ns3m berɛ a wɔ'antumi anuru susupɛn foforɔ a wode aba Gana no.Saa sikakorabea yi ne; Construction bank, Beige bank, Royal bank Unibank ne Sovereign bank.Gana aban de ne nsa too wɔn adwapadeɛ ne wɔn nneɛma nyinaa so a Gana aban wɔ sikakorabea yi so tumii ɔha mu abupɛn ɔha. Yei yɛ berɛ a sikakorabea yi buu amanmra ne mmra ahoroɔ a ɛbɔ sikasɛm ho ban na wei nti wɔn ntumi nni dwuma sɛ sikakorabea adwumakuo.

.

Gana aban de Gana sikapuduo ɔpepepe ahannan aduonnum de bɔɔ wɔn dwetire na ɔsan de sika ɔpepepem ahennum ne akyiripɔ aduoson nsia bɔɔ fapem maa sikakorabea yi.

Sikakorabea yi yɛ Gana aban dea prɛkopɛ .

Consolidated bank de nkorabata ɔha aduannan nwɔtwe na ɛhyɛɛ aseɛ wɔ amantam ahoroɔ nkron wɔ ɔman Gana mu. Yei yɛ nkorabata ahoroɔ a na sikakorabea yi nyinaa wɔ a Gana sikakorabea keseɛ de ne too wɔn so no..




#Article 26: Okomfo Anokye (382 words)


Okomfo Anokye ( a ɔsan de Kwame Agyei anaa Kotowbere) no, na ɔyɛ Okomfoɔ wɔ Asanteman mu. Obiaa nim sɛ Asanteman kɛseyɛ a ɛyɛeɛ no, na odimu akotene paa yie.

Nsɛm bebree na waka afa Okomfo Anokye nkyi ho. Ɛwɔ Akuapem amamerɛ mu no, na ɔyɛ Ano ne Manubea ba bɛrema, a na wɔn nyinaa firi Awukugua wɔ Nifa mpɔtamu wɔ Okyere kurom. Ne din no, ɔyi firii asɛm bi mu. Waka sɛ ɔwoo Okomfo Anokye wɔ Awukugua no, na ɔkura nantwie podua fitaa; a na ɔde nensa amia no yie paa a na obiaa ntumi mie mu. Ɔbaa noa ɔgyee ɔmaame awoɔ no yɛɛ sɛ nka ɔbɛ bie nensɛm firi sɛ na ɔdwene sɛ biribi wɔ mu. Ɔfrɛɛ ɔpapa sɛ ɔmɛboa....... Okomfo Anokye bue n'ani na ɔhwɛɛ ɔpapa saa ntɛm paa noaa na ɔbue nensɛm kyerɛɛ ɔpapa na ɔkaa sɛ 'Ano.....kye ( wɔ Guan kasamuɔ a ɛkyerɛ Ano.......hwɛ ɛna ɔde deɛ ɛkura no no maa ɔpapa. Yɛ nyaa nenteɛ bi sɛ na ɛyɛ kawa a tumii wɔ mu. Ɛwɔ saa asɛm wei ho nti no kwame Agyei nyaa ne din Anokye.

Amos Anti,'Akwamu Denkyira, Akuapem ne Asante wɔ Osei Tutu ne ɔkomfo Anokye' abrabɔ mu wɔ (afe apem aha-nkron aduoson baako) 1971mu no. Otumfoɔ Nana Osei Tutu 2nd ɛhunu asɛm no mu nokware wɔ ɛberɛ a ɔkɔɔ Awukugua wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du nan mu. Ɛwɔ Asante amamerɛ mu no, na ɔyɛ bɛrema bi a ne din de Amoa Gyata a ɔfiri Bona- Bom, Adanse- nana bɛrema. Nsɛm bi nso kyerɛ mu  sɛ na ɔyɛ kyei Birie ne Dwirawira-kwa, a na ɔyɛ Asenie nii baa a na ɔfiri Akrokyere ba bɛrema.

Ɛwɔ Anlo-Anwona amamerɛ mu no, na Okomfo Anokye firi Notsie. Na ne din de Tsala, a na Ɔyɛ Tsali ata. Ne din no firi Asante din Notsie a ɛkyerɛ  Okomfo a ɔfiri Notsie, ntumi ne Asantefoɔ edin ahodoɔ mfa. Asante din ahodoɔ a ɛkyereɛ obi nkyi no ne A mfa nkɔsi ne nkyi ahyaseɛ. Nanso Asante din mu no ni,ba, ni ba anaa dehye3 3na 3twa toɔ wɔ nankyi. Ɛkyerɛ sɛ ɛwɔ Asante mu no obi a ɔfiri Notsie no yɛ bɛferɛ no Notsie-ni ( ɔfiri Notsie). Notsie-ba, Notsie-ni ba , anaa Notsie dehye3 nanso yɛnka A Notsie. Yɛnferɛ obi a ɔfiri Nsuta sɛ A-Nsuta wɔ Asante mu .




#Article 27: Nana Akufo-Addo (573 words)


William Addo Dankwa Akufo-Addo a yenim no sɛ ¨ɔkɔdeɛ Ani no, Wɔwoo no wɔ Ɔbɛnim bosome da a Ɛtɔ so Aduonu nkron wɔ Afe Apem Aha-nkron Aduanan nan mu. Ɔyɛ nnei Ghana Manpanin. W'adi mampanin firi Ɔpɛpɔn bosome mfeɛ mpem mmienu ne du-nson. Ɔdii kan somm sɛ Attorney General firi mfeɛ mpem mmienu ne baako kɔsii mfeɛ mpem mmienu ne miɛnsa ɛna ɔsane yɛɛ Ɔman soafoɔ a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so firi mfeɛ mpem mmienu ne miɛnsa kɔsii mfeɛ mmienu ne nson ɛwɔ Kuffor berɛ so.

Nana Addo dii kan kɔperee Ghana manpanin akonwa no wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe ɛne mfeɛ mpem mmienu ne du-mmienu, ne mmienu nyinara sɛ New Patriotic Party (NPP), nanso National Democratic Congress nii a ɔgyinaeɛ maa wɔn no dii ne so nkunim ɛyɛ John Evans Atta Mills wɔ mfeɛ mpem mmienu ne nwɔtwe mu, ɛna John Dramani nso bɛdii so mfeɛ mpem mmienu ne du-mmienu berɛ a John Evans Atta Mills wuieɛ no. Ɔsane yii no sɛ ɔmɛdi NPP kuo no anim sɛ Frankaatufoɔ a ɛtɔso miɛnsa mma NPP wɔ mfeɛ mpem mmienu ne du-nsia abatoɔ berɛno mu,na, bereɛ wei mu deɛ ɔdii John Dramani Mahama no so nkunim wɔ berɛ a ɛdikan no mu (ɔnyaa 53.85% mma), a wei ne berɛ a ɛdikan wɔ Ghana abatoɔ mu a opposition nii no a ɔgyina sii akan no anya mma bebreeɛ a ɛdikan no mu.

Ɔwoo Nana addo Dankwa Akufo Addo wɔ Nkran,Gaana, maa abusua a aheniesɛm ne amanyɔsɛm ɛwɔ mu sɛ Edward ne Adline Akufo-Addo ba. Ne papa Edward Akufo Addo firi Akropɔn-Akuapem ,na ɔyɛ Gaanafoɔ Chief Justice a ɔto so miɛnsa firi mfeɛ apem aha-nkron ne aduosia nsia de kɔsii mfeɛ apem aha-nkron aduoson , na ɔyɛ Ɔtitena nii nso wɔ mfeɛ apem aha-nkron aduosia nson de kɔsii aduosia nwɔtwe ɛna constitutional commission ne  wɔn a wɔnka Gaana manpanin mpaninfoɔ no ho firi mfeɛ apem aha-nkron aduoson de kɔsii mfeɛ apem aha-nkron aduosia mmienu.

Na, Akufo-Addo maame afa no,ne nanabɛrema yɛ Nana Sir Ofori Atta, Akyem Abuakwa hene, na ɔno nso ka mpaninfoɔ a na ɔhwɛ Gold Coast no ho ansaana Ghana ɛbɛ nya ne faahodie. Ɔyɛ Kofi Asante Ofori Atta ne William Ofofr Atta wɔfaase. Ne wɔfa a ɔyɛne nana ne J.B Dankuah,a na ɔno nso ka Nsia Kɛseɛ no ho. Ɔhyɛ ne nkɔdaa birem sukuu wɔ Government Boys Sukuu, Adabraka, nna akyirei ɔkɔɔ Rowe Road Sukuu (a ɛnei ɔfrɛ no kinbu) no nyinaa wɔ Accra Central. Ɔkɔɔ amanone kɔtoa ne sukuu so kɔtwerɛɛ O-level ne A- level nsɔhwɛ wɔ Lancing College, Susseɔ,a Ɔmaa no agorɔdin ¨Billy¨ . Ɔhyɛɛ Filɔsɔfi, Amanyɔsɛm ne ɛkɔnɔmiks nnwoma ase wɔ New College, Osford wɔ mfeɛ apem aha-nkron aduosia mmienu, nanso ankyɛ na ɔgyaeɛ. Ɔsan nakyi baa Ghana wɔ.

Mpeɛ apem Aha-nkron Aduosia mmienu mu ɔbɛkyerɛ adeɛ wɔ Accra Academy, ansaana ɔkɔsua Economics ɛwɔ Legon Suapɔm mu, wɔ mfeɛ ampem aha-nkron aduosia nan, na ɔynan BSc Economics wɔ mfeɛ apem aha-nkron aduosia nson. ɔde ne ho kɔdɔm Inner Temple maa wɔn lete no sɛ asɛmdifoɔ ɛwɔ apprenticeship system a ɔnim no sɛ Inns of Court a wɔn angye asɛmdifoɔ krataa biaa. Ɔferɛ no kɔɔ English Bar(Middle Temple) wɔ kutawonsa bosome wɔ mfeɛ npem aha-nkron aduoson baako. Na ɔferɛ no Ghanaian bar wɔ kutawonsa bosome wɔ mfeɛ apem aha-nkron aduoson num. Akuffo Addo yɛɛ adwuma wɔ Law Firm Brothers a ne Paris office wɔ USA. Wɔ mfeɛ apem aha-nkron aduoson nkron mu no, ɔyɛɛ Law Firm no Prempeh and Co.




#Article 28: Nana Anima Wiafe-Akenten (273 words)


Awuraa Nana Anima wiafe-Akenten yɛ Ghana nsɛntwerɛni a ɔda Akan-Nzema adesuakuo ano wɔ colɛgi kasa nwomasua wɔ University of education suapɔn mu wɔ Ajumako sukuu no asoeɛ . Ɔyɛ obi a ɔdii kan nyaa akunini abɔdin wɔ Twi kasa mu, Akan kasa nkorabata baako.

Awuraa Anima kɔɔ ne ntoasoɔ sukuu wɔ St. Roses  a ɛwɔ akwatia wɔ apueɛ mantam mu de firi afe apem ɔhankron aduokron baako(1991) kɔsi afe apem ɔhankron aduokron mmiɛnsa(1993). Ɔkɔɔ ne Ghana suapɔn sukuu mu nyaa n'abɔdin nkrataa abɛdi kan a ɛyɛ bachelor of arts in linguistics and theatre arts (Theatre for Extension communication) wɔ afe apem ahankron aduokron nnum mu.(1995). Ɔyaa n'akunini abɔdin nkrataa wɔ kitawonsa bosome wɔ afe mpenu ne aduonson (2017) wɔ Ghana suapɔn sukuu mu wɔ Ghana kasa adesua mu(Akan linguistics-Media Discourse). Ne nnwoma  titiru baako a ɔtwerɛ ne sɛ dea wɔde Akan kasa di dwuma ɛnnyɛ berɛ yi wɔ radio ne TV so wɔ Twi kasa mu. Onipa a ɔdii kan yɛeɛ. Ɔkyerɛ mu sɛ, ade a ɛden wɔ sɛ woretwerɛ adesua mu nkrataa wɔ Twi kasa mu ne sɛ wotumi kyerɛ mu fann wɔ abɛɛfo suahunu adesua mu din ne emu nsɛm ntwereɛ firi borɔfo kasa mu. Bio na ɔda Akan kaseɛbɔ dwumadie ano wɔ Top ne universe kasafidie so a ne nyinaa wɔ Nkran.

Awuraa Anima tee kasa dwumadie watch Foundation a na ɔde  resi kasa fin a ɛnenam mframa mu so. Ɔgu so a ɔresi Kasa dwumadie Nananom language and media Centre a ɔde bɛkyerɛ asuafoɔ sɛnea wɔsi twerɛ Twi kasa, sɛnea wɔfa nsɛmfua ahorow, badwam kasa, ne sɛnea wɔde mmɛ ne akyiwadeɛ asɛmfua a ɛwɔ Twi kasa mu bɛdi dwuma.




#Article 29: Gifty Anti (126 words)


Gifty Anti yɛ nsɛmtwerɛnii baa wɔ Ghana.

Ɔyɛ dwamtenanii ma The Standpoint dwumadie  a ɛhwɛ mma asetena mu nsɛm wɔ GTV. 

Gifty firi mfinimfini mantam mu nanso yɛwoo no tetee no wɔ Tema. Ɛnam sikasɛm a na ɛnkɔ yie nti no ɔdeneho hyɛɛ adetɔn ne kapenta adwuma mu sɛ nea ɔbɛnya biribi ato ne ho.

Gifty Akwamu Adumasa manhene Nana Ansah Kwao a ɔtɔ so num yere na ɔm'awo ba baa baako. 

Gifty Anti hyɛɛ ne sukuu ase wɔ Tema community 8 Number 1 a ɛwɔ Tema. Ɔtoa so kɔɔ Mfantsiman Girls Senior High School. Afei nso nso ɔkɔɔ Ghana Institute of Journalism.

Gifty nyaa n'adwuma a ɛdikan wɔ GTV sɛ Floor Manager. Akyire yi, ɔbɛyɛɛ nsɛmtwerɛni, Coach,Gender Advocate, ɛna obi a ɔpre mmaa faahodie ho.




#Article 30: Offinso (319 words)


Offinso, ɛbere bi a na ɛyɛ Offinso Mansin no ahenkro no ye kuro bi a ɛwɔ Offinso Mankese a ɛwɔ Asanti Mantam mu wɔ Ghana - sɛ wokura car a ɛbedi wo sima dunum ansa wo edu kumasi, Asanti Mantam ahenkoro. Esiane sɛ eben kumasi nti, emu nipa bebree etu akotena Kumasi.

Ekuro no mu foɔ ye Asantefoɔ ne saa nti Asanti amamerɛ na edi ntimtimnam ɛwɔ hɔ.

Offinso yɛ borofo kasa a egyina hɔ ma 'ɔfenso'. Yɛ de koro no too Nsutade Ofe a ɛyɛ hyeɛ ma Offinso Anafo Mankeseɛ ne Ahenkro, ekuro bi a ɛwɔ Afigya Sekyere Mansini mu, a ɛno nso wɔ Asante mantam mu.

Affinso Mansini a etwa mu no, yɛkyɛɛ mu yɛɛ no Offinso Anafo Mankeseɛ ne Offinso Anafo Mansinɛ, a baako henekoro ne New Offinso ɛna baako deɛ enso ne Akomadan.

Sɛ yehwe afe 2000 nipa kan a ekɔɔ so wo Ghana no aa, nipa 138,190 te Offinso aa ɔmo mu bebree fi kuro no mu.

bere a na Aboro no di yen so no, Offinso dii ntintiman wɔ ɔko aa ɛkɔɔ so wɔ Engirisi ne Asantefoɔ no ntam, ɔko no twaa mu no, Asantehene a na ɔwɔ hɔ saa bere no maa Offinso Manhene asase yamtaam esaine neho a ɔde hyɛɛ ɔko no mu no. Abakɔsem kyerɛ se Offinso Omanhene no na ɔserɛɛ asase no fii Asantehene no hɔ. Na ɔmpɛ bibiaa sɛ akyɛdie sen asase wɔ nemmoa a ɔyɛɛ wɔ ɔko no mu no.

Ahyiaɛm, kuro bi a ɛwɔ Offinso Atifi mansin mu, ɛyɛ hyeɛ ma Bono-Ahafo mantam a ɛwɔ Ghana.

Deɛ ɛda nso wɔ Akanfo nkuromu no,Offinso wɔ Afahyɛ a yɛfrɛ no Mmoaninkɔ, ɛduru saa bere no a, agokansie bebree kɔ so: afoɔfe akansie, dadepɔnkɔ akansie, bɔll akansie, dame akansie ɔne diɛ ɛkeka ho. Wɔ dadepɔnkɔ akansie mu no, ɛsɛ sɛ akansifoɔ no de woankasa sakre no tu mmirika fi Ahyiaɛm kosi ɔmanhene no ahenefie wɔ Dentin , New Offinso.




#Article 31: Otiko Afisa Djaba (394 words)


Otiko Afisa Djaba a wɔwoo no Ɔpɛpɔn 21, 1963 no yɛ Ghana amanyɔni. Ɔwɔ mma mmiɛnsa, mmaa mmienu na ɔbarima baako. Mmerɛ bi a atwam no na ɔyɛ Mmaa moaboanoni ma, NPP amanyɔkuo no..Na wayɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Mmaa (ne Mmarima), Mmɔfra ne Amansan ahobanbɔ (Gender, Children and Social Protection) pɛn.

Wɔwoo Awuraa Djaba Ɔpɛpɔn 21, 1963 wɔ Koforidua, Apueɛ Mantam ahenkuro no mu. N'awofoɔ ne Owura Henry Kojo Djaba ne Maame Sheita Bawa.Ɔno na ɔtɔ so mmienu wɔ nkwadaa aduonu-baako mu. Ɔwiee Tamale Ntoasoɔ Sukuu no, ɔtoaa so kɔsuaa Nkutahodie ne Adwadie mu nsɛm wɔ UK Aburokyiman mu..

Ɔwieeɛ no anso hɔ ara, Ɔsan nso gyee nteteɛ wɔ suapɔn bi a ɛwɔ UK hɔ a ɛma no yɛ Abɛɛfo Mfidisɛm mu Mpɛnsɛmufoɔ (Computer Analyst).

Wɔ afe 2008 no mu, Awuraa Djaba ne kane Manpanin John Dramani Mahama peree Bole Bamboi mmarahyɛbadwa akonnwa no wɔ NPP din mu, na nso ɔdii nkyo. Ɛno akyiri na ɔbɛyɛɛ Mmaa moaboanoni maa NPP amanyɔkuo no.Ɛdidi mu ara na ɔbɛyɛɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Mmaa (ne Mmarima), Mmɔfra ne Amansan ahobanbɔ (Gender, Children and Social Protection) wɔ afe 2017 mu.Wɔ August, 2018 mu no aban tuu no sɛ ɔnkɔsi n'ananmu wɔ Ital

Wɔ aberɛ a na ɛsɛ sɛ wɔto ne so aba wɔ mmarahyɛbadwa mu no, ɛdɔm kumaa no antena mu bi. Ne nyinaa ne sɛ na wɔsusu sɛ Awuraa Djaba abɔsuo ne suban bi a ɔda no adi no mfata obi a ɔrebɛyɛ ɔsoafoɔ a ɔhwɛ Ghana Mmaa (ne Mmarima), Mmɔfra ne Amansan ahobanbɔ (Gender, Children and Social Protection) so. Wɔkyerɛɛ sɛ, wɔ afe 2016 manpanin abatoɔ no mu no, ɔka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ Gongyafoɔ sɛ wɔ nto ntia John Maha ɛfiri sɛ wadi wɔn hwammɔ, na ɔsan to so sɛ sɛbe Owura no yɛ Owudini, Ɔntwa tau na ne ho abɔ ne ho so. Ɔsii so dua bio sɛ wanka no bɔne nti ɔne obiara nni akyɛwpa biara. Nsɛm foforɔ a ɛdɔm kumaa no gyinaa so de ko tiaa no no bi ne sɛ, ɔbuu Ghana mmara a ɛhyɛ wɔn a wɔawie sukuupɔn ma wɔsom ɔman no afe ansa na wɔayɔ aban adwuma no so, ɛyɛ The Ghana National Service Scheme Act 426 section 7 no.

Etia bio, na wɔse ɔkaa sɛ Maame Charllote Osei de n'adagya na ɛkɔsesaa Abatoɔ Kɔmissa Titenani dibea no firii Ɔmanpanin Mahama nsam a wɔbɔɔ no, bɔɔ no, bɔɔ no nso wantwe ansan.




#Article 32: Joyce Aryee (415 words)


Joyce Rosalind Aryee, a wɔsan frɛ no Auntie Joyce, yɛ kan Ghanani amanyɔsɛmni, ɔsɔfo ne oguadini. Aryee yɛ obi a wonim no sɛ woasom Ghana bɛboro mfe 40 wɔ aban ne nnwuma kuw ahorow mu. Ɔyɛ kan Ghana Chamber of Mines soafo, na na ɔyɛ Afrikani bea a odi kan a onyaa saa hokwan no. Ɔsan nso akura aban mu hokwan ahorow fi PNDC aban bere so. Sesei, ɔyɛ asɔre a ɛne Salt and Light Ministries soafo.

Ne maame yɛ Fanteni, na ne papa nso fi Ga. Mmofra nnan, ɔtɔ so mmienu. Ne mfe a edi kan mu no, Aryee ne n'abusua na na ɛte wɔ Suntreso, Kumasi, baabi a ɔfii ne school ase wɔ Methodist Primary School ne Methodist Middle School. Akyiri yi, ɔkɔɔ Achimota School, na ɔde abodin BA (Hons) wɔ Brofo kasa mu na ewie University of Ghana, Legon. Dr. Charles Wereko-Brobby na na ɔyɛ Aryee kunu.

Efi 1982 besi 1985, na Aryee yɛ Minister of Information ma PNDC. Efi 1985 to 1987, na ɔyɛ Minister of Education, na efi 1987-88, na ɔyɛ Minister of Local Government. Efi 1988 besi 2001, na ɔyɛ Minister of Democracy in the Office of the Prime Minister, na efi 1993 to 2001 nso, na ɔyɛ Member of the National Defence Council. Aryee ne asɔre a ɛne Salt and Light Ministries soafo. Ɔsan nso hwɛ n'adwuma a ɛne Joyce Aryee Consult a ɛyɛ Management and Communication ho nsɛm adwuma Ɔka akuw ahorow ho sɛ adwumakuw no mpanyinfo te sɛ Kinross Chirano Gold Mine, Mentoring Women Ghana, ne Roman Ridge School Academy. Aryee hwɛ nnwonto kuw a ɛwɔ Ghana, a ɛne Harmonious Chorale so.

Aryee nyaa Aban Abasobɔde a Ɛso a Ɛto so Mmienu, nea wɔfrɛ no The Companion of the Order of the Volta wɔ 2006 esiane som a ɔsom Ghana. Chartered Institute of Marketing, Ghana nso ama no abasobɔde a ɛne Marketing Woman of the Year wɔ 2007 mu, na African Leadership on Certr for Economic Development nso ama no African Female Business Leader of the Year Award wɔ 2009 mu. Aryee ka Ghana Institution of Engineers Anuonyamfo Kuw ho, na onyaa ne Honarary Doctorate abasobɔde fii University of Mines and Technology esiane ne mmoa kesɛ paa ma sikakɔkɔɔ a wotu ho nkɔso.

Achimota Sukuu no sukuufo atenae a ɛtɔ so 17 no, wɔtoo no din, 'Rev Joyce R. Aryee House', esiane ne atuhoama som na ne man ne ne mmoa ma ne sukuu a ɔkɔe.

Aryee ne Samuel Koranteng-Pipim na ɛkyerɛw nhoma, The Transformed Mind.




#Article 33: Fathia Nkrumah (337 words)


Helena Ritzk Fathia a na ɔyɛ Misraimnii ɔbaapanin ma Ghana a wanya ne faahodie foforɔ sɛ ɔyere ma ɔmanpanin a ɔdi kan, Osagyefo Kwame Nkrumah ɛsan tetee no wɔ Zeitoun, mansini a ɛwɔ Kairo maa Misraim akristofoɔ abusua bi. Na ɔyɛ ne papa ba baa ɔtɔ so mmiɛnsa nanso ne papa na ɔyɛ aban adwuma firii mu ntɛm a ne wuo akyiri no, Fathia maame nkoaa na ɛtetee no

Yɛwoo Fathia Halim Ritzk wɔ Zeitoun, Kairo wɔ 1932. Ne papa yɛɛ adwuma sɛ klake wɔ Misraim tetefon adwumakuo mu na ɔfiri mu ntɛm gyaa ne maame ma ɔbɛyɛɛ konanii a ɔno nkoaa na ɔhwɛɛ Fathia. ɔno ne panin wɔ nkwadaa nnum a ɛwɔ abusua no mu. ɔwie ne ntoasoɔ sukuu a ɔsuaa Franse kasa no, ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛnii wɔ ne sukuu a ɛwɔ Zeitoun, Notre Dame des Apotre. Adekyerɛ ansɔ.na ni no, ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ sikakrabea. Frederik, Amerika nsɛmtwerɛnii a ɔde ne nnwoma puiɛ wɔ 1967, kaasɛ Nkrumah sumaa n'adamfo, Alhaji Saleh Said Sinare a na ɔka Ghanafoɔ a wɔyɛ nkramofoɔ a wɔdii kan  suaa adeɛ wɔ Misraim sɛ wɔmpɛ yere a ɔyɛ kristonii a ɔfiri Misraim mma no, na Fathia ka mmaa nnum a wɔyii wɔn no ho. Saa berɛ no, Kwame Nkrumah see no pɛ sɛ ɔbɛware no. Na ne maame mpene so sɛ ne ba foforɔ bɛware ɔbi a ɔfiri ɔman foforɔ so na wafiri wɔn  man no mu akɔ ɛsan sɛ na Fathia nua barima ne ne ngrɛsi yere afiri Misraim. Fathia kyerɛɛ mu sɛ Nkrumah yɛ nipa titiri tesɛ Nasser, nanso ne maame ankasa ne ho anaa Mpo w'anhyira awareɛ no so. Nkrumah waree Fathia wɔ kristianborg abankɛseɛ mu, Accra wɔ afe foforɔ no da a ɛdi kan, berɛ a ɔbɛduruu Ghana.

Na Fathia Nkrumah yɛ yere a na ɔnyiniiɛ na wa wo mmiɛnsa, na yɛtuu ne kunu aban guuɛ wɔ Ghana asraa aban a ɛdi kan wɔ ɔgyefoɔ 24, 1966. Ɛɛwɔ berɛ a yɛ kyire ne kunu no, na ɛtwa sɛ ɔde ne mma kɔ Kairo, Misraim kɔ tete wɔn.




#Article 34: Abena Osei Asare (187 words)


Abena Osei- Asare yɛ ghana amanyɔni, na mprempren yi yɛ mmerahyɛ badwani ma Apuei fa a ɛwɔ Atiwa mansin no mu (apuei mantem).

Abena Osei-Asare kɔɔ ne ntoasoc sukuu wɔ Wesley Girls High School a ɛwɔ Cape-Coast (firi 1995-97), wɔtoaso wɔaban sukuupcn, University of Ghana, kɔ suaa adeɛ faa sika ne asase nsem ho. ɔka kuo a wɔfrɛ no ACCA no ho, na ɔwɔ abodin krataa wɔ nkitahodie nsem ho, a efiri ACI (Sikasem Dwadifoc Kuo).

Abena Osei-Asare ayɛ adwuma pɛn sɛ sukuupon panyin boafo ama Sukuupon a ɛwɔ Ghana ha a woato nedin sɛ New York University firi bere (2004 ne 2007) na ɔsanso som sɔ adetɔfo kuo panyin (2007-12) ne nkitahodie nii ma beae a wɔkora sika, a na odi saa dwumadie yi nyinaa ɛwɔ Barclays sika korabea a ɛwɔ Ghana ha. de ne ho dom kuo a ɛwɔ Ghana ha a wɔfrɛ no New Patriotic Party no sɛ kuoba, na ɛnam kuo yi so na ogyinae sɛ mmerahyɛ badwani ma mansini foforo a na woate wɔ Apuei fa a ɔwɔ Atiwa mansin no mu (Eastern Region), w) 2012 mmerahyɛ badwafo abatoɔ no mu.

W'aware w) ba baako.




#Article 35: Mawis Nkansa Boadu (161 words)


Mavis Nkansah Boadu (May 17, 1989). Ɔyɛ Ganani ɔmanyɔfo a ɔdɔm NPP (New Patriotic Party) amanyɔkuw no. Mprɛnprɛn ɔyɛ mmrahyɛ baguani ma Afrigya Sekyere Apuei fam Mansini no.

Yɛwoo Mavis wɔ May 17, 1989 wɔ Wiamoase, wɔ Asante Mantam mu. Ɔkuta Abodin wɔ Amanaman Guadi mu (MBA in International Business) a ɔnya firii Dervy Suapɔn mu wɔ United States ɔsan kura Abodin wɔ Nipa Ntam Nkutahodie ne Nhyehyeɛ ( Human Resource Management studies) wɔ Kansas Suapɔn mu.

Wɔ Febuary 2017, ɔsii so dua sɛ ɛsɛ wode mmra katee si hɔ ma lorry kwan so Ahobammɔ ne ɛkwanso dwodwo na wodi saa mmra no so. Ɔbɔɔ Ɛkwanso dwodwo ne ɛkwanso Ahobammɔ adwumayɛkuo (National Road Safety Commision ) no aba so sɛ ɔmo yɛ adwuma pa, nanso ɛsɛ ɔmo yɛ bi ka ho.

Mavis yɛ Ɔkristoni ɔbea a ɔnwareɛ.

Na Mavis yɛ ananmusini ma sukuufo a wodi ɔman foforɔ so International students wɔ Dervy Suapɔn mu wɔ New York, efi 2015 kosi 2016.




#Article 36: Hanna Kudwo (634 words)


Ian Jones Quartey, Okoh nana, obi a ɔnam abɔɔfo kwan so yɛ nnipa ne mmoa sɛ so wɔ sini mu (animator) ne sini kwankyerɛfoɔ de ɔgofoba Nanefua Pizza wɔ ɔyɛkyerɛ “Steven Universe” a mmoa ne nnipa sɛ so na wɔ de dii dwuma no gyinaa ne so.

Wɔwoo no wɔ Busua, wɔ Atɔeɛ mantam mu wɔ akanee ɔ man a wɔfrɛ no sika mpoano, ɛnnɛ yi Ghana mu wɔ ɔpɛnimaa Bosome no mu wɔ Afe Apem Ahankron ne dunnwɔ twe mu (1918), na Kudjoe yɛ kaakyire wɔ anuanom du mu.

ɔwiee sukuu no ɔbɛgyee din wɔ adepam mu wɔ Tarkwa, ɛhɔ na ɔwaree J.C Kudjoe. Na ɔyɛ ɔhwesofoɔ panin wɔ beaeɛ a wɔ tu sika kɔ kɔɔ a ɛbɛn Tarkwa.

Awareɛ no annyina enti ɔne ne nnuabarima kɔtenaeɛ, E.K Dadson, United Gold Coast Convention (UGCC) Amanyɔ kuo no nnanofoɔ no mu baako a ɔdi mu. ɔnyaa nkuranyɛ bi sɛ ɔde ne ho bɛwura Amanyɔsɛm mu berɛ Kwame Nkrumah bɛtenaa wɔn fie wɔ Ay[wohomummɔ Bosome no mu wɔ Afe Apem Ahankron Aduannan - nson mu na ɔmaa no hunuu mmaa ho hia a ehia wɔ Amanyɔsɛm mu.

ɔ ne Nkrumah nhyiamudie no akyi no, Kudjoe firii aseɛ taa UGCC amanyɔ kuo no akyi. ɔbenim Bosome no mu w] Afe Apem Ahankron Aduannan - Nnwɔtwe mu, berɛ a wɔkyeree akunini nsia a ɔwɔ amany]kuo no mu no too afiase no, ɔboa sika ano de bɔɔ aporɔ sɛ wɔbɛyi wɔn afiria fiase hɔ. Abadwakuo a na ɛrehwɛ ama wɔanya

mmabunu nkabom kuo wɔ UGCC amanyɔkuo no mu no, na wɔdi mu ntintiman, na wɔdii wɔn akyi berɛ wɔtee wɔn ho firii UGCC bɛyɛɛ CPP, ɔno ne ɔbaa korɔ a na ɔ wɔ hɔ berɛ a na wɔresi ntemu no ho gyinaeɛ. Dodoɔ a wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu sɛ wɔrenni deɛ

atubraman no ahyɛ wɔn no a ɛnam so maa ɛde atubraman no amammuo baa awieiɛ a wɔtoo din “Positive Action” no na Kudjoe

di mu akotene yie, Ɛnam saa Akwanya no so twee d]m maa CPP amanyɔkuo no. Ɛnam so maa ɔbɛyɛɛ wɔn a wɔhyehyɛ aporɔ bɔ nsɛm wɔ CPP amanyɔkuo no mu no twerɛfoɔ a na ɔsane boaboa d]m ano a mmaa di mu akotene, sɛ wɔde wɔn ho bɛdɔm CPP amanyɔkuo no.

Berɛ a yɛnyaa faahodie akyiri no, Kudjoe tee Abibirem Aman mmaa nkabom kuo wɔ Afe 1957 mu a akyire yi ɛbɛyɛɛ Ghana mmaa nkabom kuo. ɔsane boa maa wɔtee mm]t]fowa ne mmɔfra mfitiaseɛ sukuu wɔ ɔman no nyinaa mu, sane faa akyerɛkyerɛfoɔ ne adwumayɛfoɔ

ne nneɛma ɛhia ma nhyehyɛeɛ ahodoɔ  no. Kudjoe  dii  anim  boa  maa  wɔko  tiaa  wɔn  a  wɔn  ho  deda  soɔ   wɔ   Ghana  atifi mantam,  ebi  ne  ntaadeɛ  a  ɛfiri  aman  afoforɔ so  a  wɔkyɛ  maa  w]n.  ɔ kyerɛɛ

mmaa ahonnidie su ahodoɔ  bi te sɛ ɔkwan a wɔbɛfa so anoa nsuo de adware wɔn mma.    ɔfirii  ɔno  ankasa  ne  pɛ  mu  n a  ɛdii  saa dwuma  yi  wɔ   berɛ  a  na  aban  no nnim ho hwee, yei maa aban no bo annwo so maa wɔgyee adwuma a w]de hyɛɛ ne nsa no bi firii ne nsam.  Ɛkɔm berɛ mu no, ɔsane boa maa wɔkyɛɛ aduane sane hyɛɛ mmaa no nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ kuayɔ  mu na wɔnnua wɔn ankasa aduane.

Ɛbɛnim Bosome da ɛtɔ  so nkron wɔ  Afe 1986 mu na Hannah Kudjoe wui.  Ne ho nsɛm a ɛbaa krataa mu wɔ Kɔtɔnimaa Bosome da ɛtɔ  so nnw]twe w] Afe 1986 mu no wiei sɛ“ Na ɔyɛ obi a ɔ som bo paa yie a ]dii dwuman son de boa maa Ghana  nyaa  amany]  mu  ahofadie  firii  ahempɔn  ahodoɔ  tumidie ase.  Ɛbɛyɛ  den mpirempiren  yi  sɛ yɛ  bɛtumi  atua  honhom  fam  bonhwa  a  ne  wu  no agya”. Kitawonsa Bosome da a ɛtɔ  so nsia wɔ  Afe 1986 mu wɔ  Nkran Calvary Methodist Asɔrefie na wyɛɛ n’ayie.




#Article 37: Teodosia Okoh (555 words)


Na Theodosia Salome Okoh yɛ oman agyapadeɛ, ɔkyerɛkyerɛni ne ɔnwenefoɔ ɔyɛɛ Ghana frankaa wɔ afe 1957. Wɔwoo no ayɛwohumɔmɔ da ɛtɔ so du-mmiɛnsa, afe apem aha nkron aduonu mmienu ɛna owuiɛ wɔ oforisuo bosome da ɛtɔ so du nkron afe mpem mmienu ne du num no mu. Ɔdii dwuma titire wɔ agorɔ 'hockey' mu ma ɛbaa nyam.

Ne din a wɔde woo no ne theodosia Salome Abena Kumea Asihene wɔ Effiduase. Kane sofo panin a na ɔda baseli asɔre a na ɛwɔ Ghana ne ɔbaapanin Dora Asihene a wɔn baanu firi Asuogyaman mansini a ɛwɔ Ghana Apueɛ mantam mu. Na ɔtɔ so nnan wɔ mmɔfra nnwɔtwe mu. Ɔhyɛɛ mfitiaseɛ sukuu wɔ Asante Efiduasi na ɔtoa so wɔ Basel Mission Middle, ne akyerɛkyerɛfoɔ nteteeɛ sukuu wɔ agogo ne Achimota sukuu a ɔkɔwie mfeɛ mmiɛnsa wɔ ade nwene mu.

Berɛ a Ghana nyaa fawohodie firi aborɔfo no nsam no, wɔbɔɔ dawuro faa frankaa foforɔ ho. Ɔde ne deɛ a na w'nwene no kɔeɛ ma Ghana manpanin a ɔdi kan a ɔfrɛ no Kwame Nkrumah gye to mu wɔ ɔbɛnim da a ɛtɔ so nsia, afe apem aha nkron aduonum nson.

Ɔkyerɛmu wɔ nkitahodie mu sɛ: meyɛɛ m'adwene wɔ ahosuo mmiɛnsa kɔkɔɔ, akokɔ sradeɛ ne abunu ɛnam nnoɔma pa a ɛwɔ Ghana nsaase so a onyame ahyira so. Kɔɔkɔ no gyina hɔ ma wɔn a wɔde wɔn kra to hɔ maa Ghana nyaa ne fawohodie. Nsoroma a ate ne ho gyina hɔ ma pere a na abibiman pere sɛ wɔn bɛdi wɔn so. Theodosia yɛ ɔbaa tetenani a ɔdi kan wɔ Ghana hockey kuo no mu akyire yi ɔbɛyɛɛ kuo no panin bɛboro mfeɛ aduonu. Ne mmerɛ so na Ghana tumi nyaa kwanya kɔɔ ewiase hockey ne Olympic agorɔ kansie mu. Ohene Djan too ne din the Joan of Arc of Ghana hockey ɛfiri sɛ, ɔno na ɔsɔre gyee Ghana hockey sii hɔ berɛ a na mmarima no nyaa ɔpɛ pa sɛ ɔbɛma agorɔ no akɔ n'anim, ne saa nti no, ɔde ne din too hockey agorɔprama no so wɔ mfeɛ mpem mmienu no mu. Ɔyɛɛ panin wɔ Ghana agodie atwerɛfoɔ mfdi kan a ɔfrɛ no Kwame Nkrumah gye to mu wɔ ɔbɛnim da a ɛtɔ so nsia, afe apem aha nkron aduonum nson.

Na theodosia Salome Okoh yɛ oman agyapadeɛ, ɔkyerɛkyerɛni ne ɔnwenefoɔ ɔyɛɛ Ghana frankaa wɔ afe 1957. Wɔwoo no ayɛwohumɔmɔ da ɛtɔ so du-mmiɛnsa, afe apem aha nkron aduonu mmienu ɛna owuiɛ wɔ oforisuo bosome da ɛtɔ so du nkron afe mpem mmienu ne du num no mu. Ɔdii dwuma titire wɔ agorɔ 'hockey' mu ma ɛbaa nyam

Mfeɛ edi kan ne nwoma sua

Ne din a wɔde woo no ne theodosia Salome Abena Kumea Asihene wɔ Effiduase. Kane sofo panin a na ɔda baseli asɔre a na ɛwɔ Ghana ne ɔbaapanin Dora Asihene a wɔn baanu firi Asuogyaman mansini a ɛwɔ Ghana Apueɛ mantam mu. Na ɔtɔ so nnan wɔ mmɔfra nnwɔtwe mu. Ɔhyɛɛ mfitiaseɛ sukuu wɔ Asante Efiduasi na ɔtoa so wɔ Basel Mission Middle, ne akyerɛkyerɛfoɔ nteteeɛ sukuu wɔ agogo ne Achimota sukuu a ɔkɔwie mfeɛ mmiɛnsa wɔ ade nwene mu.

Enoch Kwabena okoh a na ɔyɛ panin wɔ amanyɔ adwuma kɛseɛ wɔ kwame Nkrumah amamuo pɛn so wɔ afe apem aha nkron aduosia na ɔware no. Wɔn woo mmɔfra baasa: E. Kwasi Okoh, Stanley Kwame Okoh ne Theodosia Amma Jones- Quartey.




#Article 38: Yaa Asantewaa (536 words)


Wɔwoo Yaa Asantewaa wɔ Ahinime bosome da a ɛtɔ so du nson wɔ afe apem ahanwɔtwe aduanan na ɔwuu Ahinime bosome da a ɛtɔ so du nson wɔ afe apem ahankron aduonu baako. Na ɔyɛ Ejisuhemaa wɔ Asanteman mu a ɛka Ghana ho nnɛ da yi. Ne nua barima Nana Akwesi Afrane Opese a ɔyɛ Ejisuhene na ɔpaw no. ɔdii Asantefoɔ ko a yɛfrɛ no sikadwa ko na yɛsan frɛ no Yaa Asantewaa ko a atia Abrɔfo a wɔdi yɛn so.

Wɔwoo no wɔ Besease wɔ afe apem ahanwɔtwe wɔ Ghana atɔeɛ fa mu, na wɔyɛ mmɔfra mmienu na Yaa Asantewaa yɛ ba panin. Ne nua barima Afrane Panin bɛyɛɛ Ejisuhene kuro a ɛbɛn wɔn. Yaa Asantewaa nyinii3 no ɔduaa nnɔbae3 wɔ asase a ɛbɛn Boankra. ɔkɔtɔɔ awareɛ so na ɔnyaa ba baa.

Berɛ a ne nua no di hene no, Yaa Asantewaa hunuu sɛ Asanteman nni daakye biara ɛnam nnoɔma bi ɛrekɔso a ɔmo ankasa ho ntɔkwa di mu akotene firi afe apem ɔhannwɔtwe aduowɔtwe mmi3nsa de kɔsi aduowɔtwe nwɔtwe so . Berɛ a ne nua no wuii wɔ afe apem ɔhanwɔtwe adukron nan so no ɔde ne tumi s3 ɔhemaa paw ne nana sɛ Ejisuhene. Berɛ a abrɔfo no de no ne Asantehene Prempeh a ɔdi kan ne Asanteman mu mpanimfoɔ kɔtoo Sychelles no Yaa Asantewaa b3dii mu wɔ Ejisu-Juaben mansini mu. Wɔbɔɔ Prempeh a ɔdi kan no baeɛ no, buroni a ɔdi ɔman Gold Coast so no Frederick Hodgson kaa sɛ ɔhia sika dwa no Asanteman ahyɛnso. Saa adesr3deɛ yi maa Asanteman mu mpanimfoɔ waka no kɔhyia sieɛ  dwenee ɔkwan a wɔbɛfa so abɔ wɔn hene ho ban berɛ a ɔreba no. Na nteaseɛ nni wɔn a wahyia ntam fa ɔkwan a wɔbɛfa so. Yaa Asantewaa a saa berɛ no na ɔwɔ hɔ sɔree de nsɛm wei too mpanimfoɔ a wahyia hɔ no ;

 Now I have seen that some of you fear to go forward to fight for our king. If it were the brave days of Osei Tutu, Okomfo Anokye and Opuku Ware I, chiefs would not sit down to see their king taken without firing a shot. No white man could have dared to speak to the Chief of Asante in the way the governor spoke to you chiefs this morning. Is it true that the bravery of Asante is no more? I cannot believe it. It cannot be! I must say this: if you, the men of Asante, will not go forward, then we will. I shall call upon my fellow women. We will fight the white men. We will fight till the last of us falls on the battlefield.

nansa yi mahunu sɛ mo mu bi suro s3 wɔbɛgyina ako agye wɔn hene. Sɛ nka ɛyɛ )sei Tutu, ɔkɔmfo AnɔKye be Opoku Ware mo akokuoduru pɛn so a nka ahemfo ntena hɔ nhwɛ sɛ yɛbɛfa wɔn hene a atuo biara nto. Nka buroni biara nni hɔ a ɔbɛtumi akasa sɛdeɛ ɔman panin kasa kyerɛɛ ahemfo anɔpa yi. Nti ɛyɛ ampa sɛ Asante akukuoduru  no nni hɔ bio? ɛwɔ sɛ meka wei ; sɛ mo mmarima a mo wɔ Asante anni kan a ɛnneɛ yɛbɛdi kan. Mɛfrɛ me fɛfoɔ mmaa, yɛbɛko  akɔ si sɛ yɛbɛku deɛ ɔbɛka wɔ ɔkono.




#Article 39: Betty Crosby Mensah (243 words)


Betty Krosbi Nana Efua Mensah, a ɔde Betty Crosby Mensah, (yɛwoo no August 29, 1980)  yɛ Ghana amanyɔni ne mmrahyɛbadwani a ɔgyina hɔ ma Afram Plains atifi mpesoa so wɔ Ghana Apueɛ mantam mu. Ɔyɛ National Democratic Congress (NDC) amanyɔkuo no ba.

Yɛ woo Mensah Ɔsanaa bosome da a ɛtɔ so aduonu-nkron wɔ afe 1980 wɔ Dɔnkɔkrom, kro bi a ɛwɔ Ghana Apueɛ mantam mu. Okura abodin krataa wɔ dwadie mu nsɛm mu a ɔnyaa saa krataa yi wɔ Zenith University College. Ɔsan nso kura Higher National Diploma (HND) wɔ akontabuo mu a ɔnyaa wɔ Koforidua Technical University.

Ɛwɔ Ghana's 2016 mmrahyɛbadwa abatoɔ ma Afram Plains atifi mpɛsoa so no, Ewura Mensah ɛnyaa aba 18121 a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduoson-wɔtwe ne akyire firi aba dodoɔ 23606 a ɔde dii n'afɛfoɔ Isaac Ofori-Koree a ɔgyinaa maa NPP amanyakuo no, Cornelius Agbeko a ɔno nso gyinaa ma NDC amanyɔkuo no ɛna afei Michael Ampontia a ɔgyinaa hɔ maa CPP amanyɔkuo no so nkunim wɔ Ghana mmrahyɛ badwa a ɛtɔ so nson no mu

Ansaa na ɔbɛyɛ mmrahyɛbadwanii no, na Ewuraa Mensah yɛ panyin a ɔda BestPat Ghana Limited ano firi afe 2013 kɔsi afe 2016. Ɔsan nso soom sɛɛ Deputy Coordinator a ɔtɔ so mmienu maa National Youth Employment firi 2009 kɔpim 2013. Ewura Mensah saan nso yɛɛ Gender ne mpuntuo panyin maa Ghana Cooperative Cedit Union firi afe 2003 to 2005.

Ewura Mensah yɛ kristoni. W'agyae awareɛ afei nso ɔwɔ ba baako.




#Article 40: Nana Akua Owusu Afriyie (137 words)


Yɛwoo  Nana Owusu Afriyie wɔ September,1969. Ɔyɛ Ghana ɔmanyɔfo a ɔdom NPP ( New Patriotic Party) amanyɔkuw no. Mprɛnprɛn ɔyɛ mmarahyɛ baguani ma Ablekuma Atifi Fam mansini no mu. Ɔsan som sɛ ɔsoafo abediakyire a ɔhwɛ amaneɛ bɔ nsɛm so.

Yewoo Owusu Afriyie wɔ 1969 September, 3, wɔ Saltpond a wɔwɔ mmfinfini Mantam mu.

Wɔ, 2015, ogyinae sɛ NPP frankaatuni wɔ Ablekuma Atifi Fam Mansini mu a ɛwɔ Nkran Mantam mu. Wɔ 2016 nso, odi nkonim wɔ Gaana Abatow titiriw no na onyaa Ablekuma Atifi Fam mmarahyɛ bagua a na Sally Amaki Darko a ɔtu Frankaa ma NDC (National Democratic Congress) ne Akwasi Asiama Addae a ɔyɛ Frankaa tufo ma CPP (Convention People's Party) amanyɔkuw no. Owusu Afriyie nyaa abatow no mma 54,698 efiri 82,091 a wɔtow yɛ mu, a agyina hɔ ma aba no mu 66.84%.




#Article 41: Mildred Christina Akosiwor Fugar (256 words)


Na Mildred Christiana Akosiwor Fugar a ɔsanso de Mildred Ankrah (12 June 1938 – 9 June 2005) yɛ Ghana Omanpanyin dedaw Joseph Arthur Ankrah yere. Na wɔn atete no wɔ Belgian Congo ne Gold Coast, na ne wura bɛyɛɛ omanpanyin no, ɔyɛɛ adwuma faa asetena nu ntawantawade ne ɔsom mu ade.

Wɔwoo no da a 3tɔ so du abien wɔ Ayɛwohmumɔ bosome afe dunkron aduosa awotwe wɔ Luluabourg, Belgian Congo (a afei ɛyɛ Kananga, Democratic Republic of Congo) maa Owura Benoni Kwaku Fugar, Ghanani, ne Owurayere Pauline Isombe Edembe Fugar, a ɔfiri Congo. Wɔ mmofra nson mu no na ɔtɔ so anan. Fugar hyɛɛ sukuu ase wɔ Keta Roman Catholic Convent wɔ Gold Coast (a afei ɛyɛ Ghana), wiee ntoaso sukuu wɔ afe dunkron aduonum nson na ɔtoaaso kɔɔ Universal Commercial College, Somenya. Mildred wiee n’adesua wɔ Universal Commercial College no,ɔhyɛɛ adwuma ase wɔ Central Revenue Service, a afei ɛyɛ Ghana Internal Revenue Service. Odiikan hyiaa General Joseph Arthur afe dunkron aduosia abien bere a ne nua bea Florence kɔɔBurma Camp kɔ kaa Ghana asraafo ho. Florence huu asraafo mpanyinfo abien bisaa wɔn beae a ɔbehu asraafo no panyin paa senea ɔbetumi de ne krataa bɛma no. Florence ho yɛɛ Ankrah anika ara ma ogyaw ne kwan kɔɔ ne fi kɛ huu n’abusua na 3hɔ na ohyiaa Fugar. Ankrah bɔ kɔkɔɔkɔ wɔ afe dunkron aduosia anum na ɛyɛɛ kakraa no wɔwaree. Aban sesae a Ankrah bɛyɛɛ Ghana Omanpanyin no, Fugar nso bɛyɛɛ Ghana manpanyin yere. ɔyɛɛ adwuma titiriw wɔ asetena nu ntawantawade mu ne ɔsom mu.




#Article 42: Cynthia Mamle Morrison (176 words)


Cynthia Mamle Morrison a ɔwoo no wɔ ɔpepon bosome da a etɔ so du-nson, wɔ afe apem aha_nkron aduosia nan yɛ amanyɔ nii a ɔfiri Ghana ena ɔsane ka New Patriotic Party amanyɔkuo no ho. Mprenpren ɔyɛ mmerahyɛ badwanii a ɔhwɛ Agona West mpɛsuaso. Wɔ ɔsanaa bosome da a etɔ so nkron mfeɛ mpem mmienu ne du-nnwɔtwe mu no, ɔtoo wɔn nsa ferɛ no sɛ ɔmɛ yɛ ɔmansaofoɔ a ɔhwɛ mmaa ne mmerema, nkɔdaa ne ahobanbɔ so a ɛyɛ ɔmanpanin Nana  Akuffo Addo na ɔferɛ no.

ɔwoo Cynthia wɔ ɔpɛpɔn bosome da etɔ so du-nson wɔ afe apem aha-nkron aduosia na wɔ Elmina mfimfini mant3m. ɔgyee tikya 'training' abɔdini krataa wɔ Maria Montessori training suapɔn no mu wɔ afe apem aha_nkron aduokrom mmienu, ɔsane nso wɔ aduane noa mu abodini krataa.

ɔware Herbert Morrisson a ɔne no wɔ nkɔdaa nson. ɔyɛ Kristo nii. 

Mrs. Cynthia Morrison dii mfeɛ aduonum mmienu no, ɔyɛɛ adeɛ de noɔma bi te sɛ nkɔnwa a ayarefoɔ tena mu, adeɛ a ɛboa anifrafoɔ ne krɔɔkye kɔ kɔkyɛɛɛ se ɛka n'awodadie no ho.




#Article 43: Yvonne Nduom (122 words)


Yvonne Nduom, wɔ woo no Kitawonsa  bosome da ɛtoso 9 afe 1953,Yvonne yɛ nipa titiriw wɔ Ghana. Okunu ne Opayin  a ɔda Progressive People's Party. ano. Seisia, Yvonne ne payin paa a ɔda Coconut Grove Hotels. ano.

Yvonne hyɛɛ ne mmofra adesua ase wɔ Ola Girls Catholic  School wɔ  Elmina ne Archbishop Porter Girls Secondary School wɔTakoradi.. Ɔsan so tua ne sixth form adesua so wɔ St. Louis Secondary School.Okura  Abodin nkrataa wɔ Brɔfo Kasa mu  ne Abodin krataa ɛtoso mmienu wɔ Adesua mu wɔ Administration ne Supervision wɔ University of Cape coast ne    University of Cape Coast and the University of Wisconsin.

Ghana Tourism Authority maa no Life Time Award wɔ Dwuma die a w'adi wɔ Hospitality Investment mu, afe 2012.




#Article 44: Hanna Tetteh (217 words)


Hannah Serwaa Tetteh a ɔwoo no wɔ Kotonimaa bosome da a ɛtɔ so aduasa-baako wɔ afe apem aha-nkron aduosia-nson (31 Kotonimaa, 1967) yɛ Ghananii a ɔyɛ mmranimfoɔ ne ɔmanyɔnii. Ɔsom Ghanaman sɛ Ɔmansuafoɔ a ɔhwɛ Dwadie ne Nnwuma so firi afe Mpem mmienu ne nkron de kɔ sii afe Mpem mmienu ne du-mmiɛnsa (2009-2013). Na ɔka amansuafoɔ mpaninfoɔ a Ghana manpanyin apaa wɔn sɛ Kabinet saa mmrɛ no mu. Ɔsan dii dwuma sɛ Ɔmansuafoɔ a ɔhwɛ Amanɔne Nsɛm so firi afe Mpem mmienu ne du-mmiɛnsa kɔsii afe Mpem mmienu ne du-nson (2013-2017). Na ɔsan yɛ mmrahyɛbadwamnii ma Awutu-Senya Atɔeɛ mpɛsuaso.

Ɔwoo Hannah Tetteh wɔ kuro a wɔfrɛ no Szeged wɔ ɔman Hungary mu. N'agya yɛ Ghananii na ne nna nso firi ɔman Hungary mu. Ɔnyaa ne ntoasoɔ sukuu nteteɛ wɔ Wesley Girls High School wɔ Oguaa (Cape Coast) a ɛwɔ Mfinfini Mantɛm, Ghanaman mu ɛfiri afe Apem aha-nkron aduoson nnwɔtwe (1978) de kɔsi afe Apem aha-nkron aduowɔtwe-num (1985).

Ɛwɔ afe Apem aha-nkron aduowɔtwe-nsia (1986) ne afe Apem aha-nkron aduowɔtwe-nkron (1989) ntɛm no, ɔkɔ suaa mmara wɔ Ghana Suopɔn mu (University of Ghana) maa no nyaa Abɔdin krataa wɔ Mmara mu (Bachelor of Law, LL.B). Afei nso ɔsan kɔɔ Ghana sukuu a ɔma mmara nteteɛ (Ghana School of Law) ɛna ɔbɛyɛɛ Mmaranimnii wɔ afe Apem aha-nkron aduokron mmienu.




#Article 45: Nana Ama McBrown (523 words)


Felicity Ama Agyeman (wɔwoo no ɔsanaa bosome a ɛt)so du-num, apem baako ,aha nkron aduason-nson) a dodow naa nim no sɛ Nana Ama Mcbrown yɛ Ghana sine twafo, nwom kyerefo ne kasafoni dwumayɛni. ɔsore dakoro bi bɛyɛ nipa titiriw a ɛyɛ ne dibea a odi no sine a wɔfrɛ no “Tentacles” so. Akyeri no na ɔkwadere ne dibea no nu yiye na odii akyeri wɔ Abibifo yɛn kasa sine a wɔfrɛ no Asoreba.

Wɔwoo Nana Ama wɔ Kumasi (Asante man mu) Ghana, ɛyɛ ɔsanaa bosome a ɛtɔso du-num, apem baako ,aha nkron aduason-nson). Ne maame Cecilia Agyenim Boateng, ne ne papa Kwabena Nkrumah,gyae awareɛ abere a na Nana Ama yɛ abofra. Ne papa ka ‘nkyene gue’ na nniɛma mu yɛ den maa ne maame a na ontumi mmoa ɔno ne ne nua nsia n’a aka no Ɔbarima bi a wɔfr3 no Kofi McBrown ne ne Sewaa, madam Betty Obiri Yeboah bɛfaa no ne ne nuanom nsia no kɔ tenaa nenkyɛn. Ɛnam saa no nti Nana Ama se sɛ ne mmofra bere mu yɛɛ den maa no.

Nana Ama ne ne nuanom nsia no nyinin wɔ Kwadaso, Asanteman mu (Kumasi), wɔn ne wɔn Sewaa ne wɔn Papa a ɔfa wɔn tenaa ne nkyen no. De bɛsi nnɛ, ɔfrɛ ne Sewaa no sɛ ne maame ankasa, na w’aka ne nnaase akyerɛ ne sewaa no sɛ w’ama wɔn baabi pa atena (anaasɛ) asetena pa Sukuu a Nana Ama kɔe yɛ “St. Peter’s International Residential school, na ɔkɔɔsoa kɔɔ Minnesota International ne Central International. Ɔtoaso kɔɔ Kwadaso L.A. J.S.S, ɛno mu na wantumi atoaso ankyerew ‘Basic Education Certificate Exams no bi.

McBrown de ne ho kɔ bɔɔ sine twa ho. Odi dwumapa bi wɔ kasafidie so bere a ‘Miracle Film’ ɛfrɛ so ma wɔde no bɛbataa wɔn sɛ ɔno na ɔbɛsiesie wɔn a wɔrekɔtwa sine no hoansa. Mmom wɔ sine twa mu no, ɔbɔɔ ne ho mmɔden maa ne panyin, Samuel Nyamekye hu sɛ ɔyɛ adeɛ ne dibea mu. Afe mpem mienu ne baako mu no, ne sine a edi kan no yɛ ‘That Day’, ɛno na ɛmaa n’anisoadehunu pue.

N’akansie wɔ ‘That Day’ no mu bue apono ahorow ne dibea pii maa ede no kɔsi sine ‘Tentacles’ so.

Wɔ afe mpem mienu ne nson mu no, ɛyɛ sine, Asoreba a Agya Koo ne Mercy Aseidu wo mu no dane edin Nana Ama bɛyɛ edin obiara nim. Efiri hɔ no, ne mmɔdenbɔ ne ntɔkɔsoɔ no ama dodow naa agye ne sine ato mu.

Wɔ kaa Nana Ama ne Omar Sheriff Captain , Abrantie a ɔne no atwa sine dodow naa mmom no na dodow naa keka sɛ ɔne ne hyehyɛ hɔ nso Nana Ama se ɛni mu sa.

Nana Ama Mcbrown ne Ghana nwom to ni Okyeame Kwame pue, ɛyɛ afe mpem mienu ne nan mu. ɛyɛ saa afe no mu, nnipa dodow naa hunu wɔn mienu sɛ wotutu akwan pii wɔ Ghana wiase afanaa mu nyinaa enam Okyeame Kwame nwom a na ɔda n’adi akyerew nti.

Da a ɛtɔ so du num, kitawonsa bosome mu ne afe mpem mienu ne nson, wɔsii Nana Ama Hemaa wɔ Assin-Basiako a ɛbɛn Assin-Fosu a ɛwɔ Assin apue man so, a ewɔ mfinimfini mantɛm, Ghana.




#Article 46: Susanna Al-Hassan (318 words)


Susanna Al-Hassan anaasɛ Susan Alhassan (Ayɛwohomumo da a ɛtɔso aduonu nson mfie apem ɔha aduonu nson mu - ɔpɛpɔn da a ɛtɔso du nson mfie apem ɔha aduokron nson mu) na ɔyɛ Ghana nii ne amanyɔni, a mfie apem ɔha aduosia baako no mu no ɔbɛyɛɛ Ghana nii baa odikan a wɔpaw no sɛ ɔsuafoɔ. Ono ne obaa a odikan a okuraa mu dibere na ɔsanso bɛyɛɛ mmerahyɛ badwani ma atifi mantem abato) mpesua so wɔ mfie apem ɔha aduosia mu ne mfie apem ɔha aduosia nsia ntɛm no mu. ɔsanso twerɛ nkwadaa nnwoma pii.

Al-Hassan wɔwoo no wɔ Tamale na ɔkɔɔ sukuu wɔ sukuu a woato ne din sɛ Aɔhimota Sɔhool. Firi mfie apem ɔha aduonum num kosi mfie apem ɔha aduosia no mu no, n'ɔyɛ okyerɛkyerɛfo panyin wɔ Bolgatanga mmaayewa ntoasoɔ sukuu no.

Na ɔyɛ obia na onya mfaso wɔ anamsifoɔ kuo ma nnipadɔm(titiriw mmaa) mmra a wohyɛɛ no mfie apem ɔha aduosia mu no, Al-Hassan, wɔ mfie apem ɔha aduosia mu no, wosan de no sii sɛ mmerahyɛ badwani, aa obia ne no mpreho, ɛmaa atifi mantem. Ofaa osuani dibere beberee, na binom yɛ bere tiawa berɛ a na binom nso wɔn de bɔɔ mu anaasɛ wɔterɛ mu.

Efiri mfie apem ɔha aduosia baako kosi mfie apem ɔha aduosia miensa no, na ɔyɛ osuafoɔ a ɔhwɛ adesua nsem so boafoɔ wɔ Nkrumah amamuo mu. Efiri mfie apem ɔha aduosia miensa kosi mfie apem ɔha aduosia nsia, ne biom mfie apem ɔha aduosia nson, a ɔyɛ osuafoɔ ma social affairs. Wɔ mfie apem aduosia num ntem mu no, Nkrumah yii no sɛ ɔmmra mmɛhwɛ Asetenam yiyedie ne mpɔtam mpɔtam mpuntuo. Wɔ ɔko a etia tuutuu bɔ no wɔ atifi mantem mu mfie apem ɔha aduosia mu no, CPP amanyɔkuo no de wɔnho gyee dodow nkyerɛkyerɛ mass dawuro a na esi ayonkofa ɛda tuutuu bɔ ne asetena bɔne, ɔtanfo, ne akodi wɔ mpanyinfoɔ ne wɔn a wɔnnim nwoma nnipa dodow no mu.




#Article 47: Sofaya Akuffo (224 words)


Sofaya Boafo Abena Akuffo (a yɛ wo no ɔpɛnima da a ɛtɔ so aduonu afe 1949), yɛ Ghana ɔtemmufo Panin a woayɛ ɔtemmufoɔ wɔ Ghana Atemmubea Kunini ɛfiri afe 1995.

Akuffo ɛsua ɔmmranimfo adwuma wɔ Nana Akufo-Addo ase. Ɔwɔ Harvard Sukuupɔn Suapɔn mu abodin krataa ɛwɔ ɛmmra mu.

Akuffo ɛka ekuo a wɔfrɛ wɔn ‘Governing Committee of the Commonwealth Judicial Education Insttute’ ɛna ɔsan ɛyɛ oguatenani ɛma ‘Alternative Dispute Resolution Task Force’. Ɛwɔ afe 2006 bosome ɔpɛpɔn no mu, abatoɔ bi ɔyi no sɛ ɔnyɛ ɔtemmuafoɔ ɛwɔ 'African Court on Human and Peoples' Rights'. Na ɔyɛ ɔtemmufo) baako a ɛdikan. Abatoɔ no ɛma no ɛho kwan sɛ ɔnyɛ adwuma no afe mmienu na nso ,wɔsan ɛto aba ma no sɛ ɔnyɛ ɔtemmuafo ɛnkɔ pem afe 2014. Sa ɛbrɛ yi na ɔyɛ atemmubea no panin abɛdiakyire ɛsan bɛ yɛ wɔn panin.

Akuffo atwerɛ nwoma a wɔfrɛ no ‘The Application of Information  Communication Technology in the Judicial Process – the Ghanaian Experience, a presentation to the African Judicial Network Ghana’.

Ɔmanpanin Nana Akufo-Addo ɛtu Akuffo sɛ ɔnyɛ ɔman no ɔtemmufoɔ panin bosome Kotonima ɛda a ɛtɔ so dubaako afe 2017 ,nso na ɛwɔ sɛ mmarahyɛbadwa fie ɛfoa so/pene so.

Akuffo ɛka ntam sɛ ɔbɛyɛ Ghana ɔtemmufoɔ panin ɛwɔ bosome Ayɛwohumomɔ da a ɛtɔ so dunkron afe 2017. Akuffo yɛ Ghana ɔtemmufoɔ panin a ɔtɔ so dummieɛnsa.




#Article 48: Comfort Doyoe Cudjoe-Ghansah (351 words)


Comfort Doyoe Cudjoe-Ghansah (ɔwoo no Obubuo 3, 1967) yɛ Ghana amanyɔni ne mmarahyɛ badwani ma Ada mansini mu. Ɔsan nso yɛ ɔman soafoɔ a ɔda Social and Allied Institutions ano.

Wɔwoo Comfort Doyoe Cudjoe-Ghansah wɔ Ada kɛseɛ wɔ Nkran mantam wɔ Obubuo 3, 1967.

Comfort nyaa adansidi krataa firi akyerɛwfoɔ mu wɔ Royal Academy of Accounting, Nkran ɛwɔ 1983. Wagye abodin krataa wɔ kasafidie ne  TV ɔyɛkyerɛ so afiri Ghana Institute of Journalism wɔ 2011.

Cudjoe-Ghansah yɛ mmarahyɛ badwani ma Ada mansion. Na ɔtena boayikuo ma bɔbeasu ne mmɔfra ne amanaman nkitahodie. Ɔno na ɔyɛ ɔsoafoɔ payin ma  Ghana abaatan wɔ Social and Allied Institutions, ɔgye saa asodie yi wɔ ɔpɛpɔn 2013. Ghana man payin John Dramani Mahama. ɔdii nkyim wɔ so boɔ a wɔde bɔɔ no wɔ 2014 sɛ watua adanmude ama  assembly  memberfoɔ sɛ wɔn mpou District Chief Executive a ɔman payin yii no. Ɔtumi san ne ti wɔ nhyiamu a ɛho hia para wɔ mantam no mu.

Ɔhyiaa China ananmusinii wɔ Ghana saa afe naa mu  dii nkɔmɔ faa nkabom adwumayɛ a ɛfa mmɔfra apɔmuden ne ahofama ho.

Wɔ 2016, ɔde computers a ɛfiri aban mu maa payin a ɔda Ghana Civil Service ne nkonya a ɛboro 500 maa sukuu a ɛwɔ ne mpasua so.

Wɔ kaa sɛ adesua ho hia pa ara ma Ghana adehyeɛ wɔ nhyiamu ketewa bi ase.

Cudjoe-Ghansah gyinaeɛ  na wɔdii nkunim maa  National Democratic Congress  mmarahyɛ badwa akonya wɔ Ada mmansini mu wɔ Nkran mantam .

Ɔnyaa saa akonya yi berɛ a ɔreto 2016 abatoɔ keseɛ no.

Akansifoɔ mmiɛnsa a wɔde Kanor Saakey wɔ New Patriotic Party, Asupah Manasseh wɔ  National Democratic Congress , ɛna Daniel Katey Ossah wɔ  Conventions People's Party nso gyinae wɔ 2016 amansini abatoɔ wɔ Ada mansini mu wɔ 2016.

Cudjoe-Ghansah dii nkonim wɔ abatoɔ ni mu berɛ a ɔnyaa abatoɔ 18,954 firi 23,570 aa wɔtoo yɛ, 3gyina hɔ ma 80.42 nkyekyɛmu wɔ abatoɔ pa no nyinaa mu.

Ɔyɛ okristoni a w'aware awo mmɔfra nsia. W'akasa wɔ ndwumadie ase a ɛde ɛsom nkabom aba saa baeɛ, kanfo asomdwoeɛ a ɛwɔ Ghana mu.

Ɔyɛ ɔkristoni na aware wɔ mmɔfra mmiɛnsa.




#Article 49: Grace Bediako (226 words)


Grace Afua Bediako yɛ Ghanani a wabene wɔ nkontabuo mu yie. Mmerɛ bi a atwa mu no, ɔbaa yi dii dwuma sono sɛ ɔpanin kɛseɛ a ɔda ɔman yi atenaeɛ a ɛhwɛ akontabuo nsɛm so (Ghana Statistical Service) ano. Mprenpren yi, Ɔbaapanin yi ka abadwakuo a wɔapa wɔn sɛ wɔnwenenwene ɔman yi mpuntuo ho no ho (National Development Planning Commission). Ɔsane nso ka apamfo a wɔda SADA anoɔ no ho. Wɔ amansan mu nso no, ɔbaapanin yi ka abadwafoɔ a wɔato aba ayi wɔn sɛ wɔnna amansan atenaeɛ a ɛhwɛ nkontabuo ho nsɛm no ho (International Statistical Institute)

Deɛ ɛdi kan no, Bediako twerɛɛ afe-ano afe-ano anodisɛm ahoroɔ bebree wɔ mmerɛ a na ɔredi dwuma sɛ ɔpanin a ɔda ɔman yi akontabuo nsɛm ano no. Saa anodisɛm yi bi ne nea na ɛfa mmaa ne mmarima akontabuo nsɛm ho; ɔkwan a wɔbɛfa so akenkan adan ne nnipa, ne titire, sɛnea wɔbɛhu wɔn sikasɛm ne asetenam gyinaberɛ ne nea ɛkeka ho.

As a government statistician, she led numerous surveys, including the Ghana Living Standards Survey, 2005/06; Crime Victimization Survey, 2009; and National Population and Housing Census, 2010. She also formulated the five-year Ghana Statistics Development Plan, which sought to strengthen the institutional and human resource capacity of the different ministries, departments and agencies with linkages as well as sources of data for the compilation of national statistics.




#Article 50: Gifti Afenyi-Daasi (304 words)


Yɛwoo Gifty Afe yi Dadzie wɔ June da a etɔ so 7 afe 1957( June 7, 1957). Ná ɔyɛ Nsɛmkyerɛwni ne oguadinni. Ɔbɛyɛɛ Ghana nsɛnkyerɛwfo nkabom kuw (Ghana institute of Journalism. GJA) no titrani. Ɔne titrani a ɔtenaa so kyɛɛ paa.

Yɛwoo Afe yi Dadzie wɔ afe 1957 wɔ, Nkran Ghana.

Afenyi Dadzie nyaa ne mfiase nhomasua wɔ Winneba afi afe 1970 kosi 1975 wɔ mfinfini mantɔw mu wɔ Ghana. Ɔkura n'abodin wɔ amamuo ne akandi mu ( Masters Degree in Governance and Leadership) wɔ Ghana institute of Professional Studies.

Gifty Afenyi Dadzie yɛ nsɛnkyerɛwni. Ná Gifty yɛ Opayin wɔ 1st African Group a ɛyɛ aguadi adwumayɛkuo baatan a ɛwɔ ndwuma ahorow mmiensa wɔ Ghana Club 100 mu. 

Afenyi Dadzie nyaa dibea titiriw ahorow wɔ Ghana ne ndwuma ahorow a ebi ne Tender Board, Asoɔyɛ a ɛhwɛ Amanɔne nsɛm so fotufuo kuw (Ministry of Foreign Affairs Advisory committee), Ghana nsɛnkyerɛwkuw Baatan (Ghana institute of Journalism) Akuw a ɛhwɛ nsɛnkyerɛwkuw adwuma so ( National Media Commission), Ekumfiman Sikakorabea ne CDH nsakyibea (CDH insurance). Ɔyɛ adwuma nso wɔ mmrahyɛ kuw adwuma Kulendi wɔ Accra, Ghana. 

Wɔ afe 1993 mu no, ɔbɛyɛɛ adwuma wɔ akuw bi a ɔmo hwɛ mmea ahofadi wɔ nsɛmkyerɛw adwuma mu. ( Women's institute for Freedom of the Press). Saa kuw yi yɛ America adwumakuw a ɔmo mmpɛ mfasoɔ, na ɔmo botae ne sɛ ɔmo beboa na mmea nsɛnkyerɛw adwuma adu bagua mu.

Ɔne ɔbea a odi kan bɛyɛɛ titrani abedi akyirie na ɔsan bɛyɛɛ titrani ma Ghana nsɛnkyerɛw baatan. Ɔno nso na ɔtraa so kyerɛ, na ɔde mfe nson na ɛyɛɛ saa efi afe (1996 - 2003).

Yepaw no sɛ ɔmmra ɔmbɛyɛ kuw mu no mma ɔmanpanin afutuofo kuw (Council of State) na ɔne kuw muni a na ne mfe sua koraa.

Ɔyɛ titrani ma mmea som fekuw ( Women's Aglow Ministry)




#Article 51: Akua Donkor (693 words)


Akua Donkor yɛ Ghanani ɔmanyɛni a ɔno ne kɔfabaeɛ ma amanyɛkuo a wɔfrɛ no Ghana Faahodie Kuo (Ghana Freedom Party, GFP). Wɔwoo Akua Donkor wɔ afe apem ahankron aduonum mmienu mu (1952).

Wɔwoo Akua Donkor wɔ ɔgyefoɔ bosome no, ne da a ɛtɔ so aduonu-nkron wɔ afe apem ahankron aduonum mmienu mu (29/02/1952) wɔ Afigya Kwabere Mansini a was Asante Mantam mu. Akua Donkor yɛ Okuani a kokoo ho dwuma na ɔdi no titire. Ɔnyɛ obi a wahyɛda anya sukuu mu adesua anaa nteteɛ biara

Akua Donkor daeɛso kɛseɛ ne sɛ daakye bi no, ɔbɛba ɛbɛyɛ Ghana omanpanin. Ne saa nti no, ɔgyinaaeɛ maa wɔtoo ne so aba sɛ ananmusini  ma amanfoɔ a wɔwɔ Heman abatoɔ bea wɔ Afigya Kwabere Mansini Badwa no mu. Ɔdaa n'anisoadehunu sɛ ɔbɛyɛ Ɔmanpanin yi adi wɔ mfie mpem mmienu ne dummienu no mu wɔ mmerɛ a ɔde ne nkrataa kɔeɛ sɛ ɔpɛsɛ ɔpere ɔmanpanin adwa no sɛ ɔkɔntenkorɔ. Nanso Fofie anto Atta na wadue Abam maa Abatoɔ Kɔmmisa no yii no sii nkyɛn a, wantumi ampere aba no bi. Saa gyinaeɛ yi yɛ adeɛ Akua Donkor bo anwo so koraa. Akua kyerɛ mu a, na ɔsɛ fata sɛ wɔma no abɔdin Her Excellency a ɛkyerɛ Ɔbaa Nimuonyamfoɔ, ɛmfa ho sɛ wantumi annyina no.

Akua Donkor amanyɛkuo a ɛde Ghana Faahofie Kuo yi, n'atenaeɛ kɛseɛ paa no wɔ beaɛ a ɛde Kabu wɔ apueɛ mantam no mu. Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ ɔbɛpɔn da a ɛtɔ so aduonu-mmienu wɔ mfie mpem mmienu ne dunsia mu no, ogya branee bi kɔtɔɔ atenaeɛ kɛseɛ yi mu a ɛhyee no dwerebee. 

Atoyerɛnkyem yi antumi ansi n'anisoadehunu sɛ ɔbɔyɛ Ghana ɔmanpanin no kwan.

Ɔdwenee ho hunuu sɛ, sɛ  obi bɛtumi abɛyɛ ɔmanpanin a na, ɛho bɛhia kɛseɛ sɛ onie no bɛte amanyɛkuo. Ɛnam wei so nti na ɛmaa ɔtee amanyɛkuo a wɔfrɛ no GFP no. Mprenpren yi no, Maame Akua Donkor gu ahoboa so a ɔpɛsɛ ɔbueɛ ne nkorabata wɔ Ghana amantam du-nsia no nyinaa mu.

Wɔ mmerɛ a Akua Donkor rebɔ ntoa no, asɛm baako a na ɛda n'ano paa ne sɛ sɛ ɔbɛyɛ Ghana Ɔmanpanin a, ɔbɛma sukuu korɔ ayɛ famekwa firi n'ahyeaseɛ de kɔ si ne ntoasoɔ.

Ɛno akyire no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛtete toɔ a ɛda nneɛma a wɔkra ba ɔman yi mu sɛnea ɛbɛboa ama amanfoɔ a wɔkra nneɛma ba ɔman yi mu no komm bɛhenhan wɔn.

Ɛfa toɔ ho nsɛmsɛm yi ho no, Akua Donkor san hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛte beaɛ bi wɔ Tɛma suhyɛn gyinabea hɔ a, ɛbɛma adwadifoɔ bi nom a wɔfiri amanɔne de nneɛma ba ɔman yi mu no abɛtɔn a wɔntua sempoa anaa kaprɛ. Ne saa nti ne sɛ, wei bɛboa ama Ghana ayɛ akɔnnɔ ama wɔn a wɔrepɛ baabi Aguero nnwuma wɔ abibirem ha.

Akua Donkor toaa so kyerɛɛ mu sɛ, sɛ wei nyinaa bɛtumi aba mu a, na ɛgyina ɔkwan pa a yɛde yɛn ɔbɔadeɛ akyɛdeɛ ne fam agudeɛ bi te sɛ kokoo, sika-kɔkɔɔ, nkuto ne nkyene ne nea aka no bɛfa so.

Akua Donkor kyerɛ mu a, ɔnte aseɛ wɔ nea nti a ɛsɛ sɛ Ghanafoɔ tɔ fangoo aboɔden wɔ mmerɛ ko a wɔtu fangoo wɔ ɔman yi mu.

wɔ n'amanyɔsɛm mu no, onipa a Akua Donkor hwɛ no sua noɔ ne Libya Manpanin dada a wanya ne baabi korɔ, Col. Muammar al-Ghaddafi. 

Ɔsusu sɛ, ɛsɛ sɛ Ghana tumi sua Libya wɔ kwan a ɔtu fango ne sɛnea wɔtɔn no.

Wɔ ne ntoabɔ mu no, Akua Donkor srɛɛ Ghanafoɔ sɛ mmerɛ aso sɛ Ghanafoɔ to aba ma ɔbaa ma ɔbɛyɛ ɔmanpanin. Ɔkyerɛ mu a, mmaa nkutoo na wɔbɛtumi de Ghana akɔduru bɔhyɛ asaase no so.

Wɔ ahinime da a ɛtɔ so du wɔ mfie mpem mmienu ne dunsia mu no, Ghana Abatoɔ Kɔmmisa no de bɛtoo dwa sɛ wɔayi Maame Akua Donkor ne afoforɔ bi a wɔn dodoɔ yɛ dummienu asi nkyɛn a wɔntumi nnyina mpere ɔmanpanin adwa no bi wɔ abatoɔ a na ɛbɛba so wɔ Ɔpɛnimaa bosome no, ne da a ɛtɔ so nson wɔ mfie mpem mmienu ne dunsia no mu.

Wei akyire no, Akua Donkor bɛgye too mu sɛ na mfomsoɔ bebree wɔ krataa a ɔde kɔmaa Abatoɔ Kɔmmisa no sɛ wɔnhwɛ so ma ɔnnyina no.




#Article 52: Hanna Louisa Bissiw (175 words)


Wɔ woo Hanna Louisa Bisiw Kitawonsa bosome no da 3tɔso 23 afe 1972 mu. Hanna yɛ ɛnkane Ɔmansoafoɔ abɛdiakyire ma soayɛ a ɔhwɛ Nduane ne Kuayɔ dwuma so, ɔsan yɛ ɛnkane Mmrahyeɛ bɛdwani ma Tano South, Brong Ahafo Region Ghana. Wa ka sɛ seɛ ne preman bra a hyeɛ Hanna ma.

Wɔ woo Hanna Bissiw wɔ Techimantia wɔ Brong Ahafo Region Ghana. Hanna kɔɔ sukuu wɔ Kumasi Girls Secondary School, na ɔnyaa scholarship kɔ toa n'adesua so wɔ Cuba, na owie sukuu bɛ yɛɛ Veterinary Doctor (1999).

Hanna wie n'adesua wɔ Cuba no, ɔyɛɛ adwuma wɔ Veterinary Ayaresabea ɔhwɛ mmoa na ɔsanso hwɛ dwumadie a ɛda Ghana ne Cuba ntem. Afe 2008 mu no na Hanna hyeɛ Politics ase. Na Hanna ka NDC Manifesto Committee fuor no ho. Na ɔyii no sɛ ɔbɛyɛ ɔmansoafoa bɛdiakyire a ɔhwɛ nsuo, ndwuma ne adansie afe 2009, Ɔmansoafoa abɛdiakyire ma soayɛ a ɔhwɛ Nduane ne kuayɔ ndwuma so ne Mmrahyeɛ bɛdwani ma Tano South (2012 – 2017).

Hanna aware Owura Francis Kpormega a ɔyɛ Dokitani wɔ kura mmofra mienu.




#Article 53: Vladimir Gelfand (143 words)


Vladimir Gelfand Yɛwoo Vladimir Gelfand wɔ Ukraine akura bi a wɔfrɛ no Novoarkhangelsk, Kirovohradskyi Raion wɔ March 1 afe 1923. Gelfand wui November da ɛtɔ so 25 afe 1983 wɔ Ukraine kuro Dnipropetrovsk. Nã ɔyɛ ɔkyerɛwfoɔ ne Soviet ɔsraani mu biako wɔ wiase yi nyinaa kõ a ɛtɔ so mmienu.

Gelfand gyee din paa ara esiane ne ho nsɛm ne nneɛma a esisiɛ wɔ wiase yi nyinaa kõ a ɛtɔ so mmienu ne mu a ɔkyerɛwee wɔ 1941 kosi 1946, bere a nã ɔkã Soviet Asafodɔm Kɔkɔɔ ne ho. Wotintim ne nnwoma no bebree wɔ Russiafoɔ kasa mu. Afei wɔkyerɛɛ ne nnwoma no mu kɔɔ Germanfoɔ ne Swedenfoɔ akasa mu. Yei ne nnwoma a edi kan ne nnwoma biako pɛ a Soviet Asafodɔm Kɔkɔɔ muni akyerɛw afa ne ho ne wiase yi nyinaa kõ a ɛtɔ so mmienu a w'atintim wɔ Germanfoɔ kasa mu.




#Article 54: Kwaisey Pee (244 words)


Kwasi Poku Addae, yɛ Ghana nnwontofo a wonim no wɔ nnwomto mu sɛ Kwaisey Pee.Wonim no sɛ obi a ɔbɔ Highlife nnwom a ne nne nso yɛ dɛ, afei nso ɔwɔ apaawa bɛyɛ anum. Wɔ afe 2007 mu no Ghana Music Awards bɔɔ n'abaso sɛ nnwomtofo a ne nne ne ne dɛ paa na kwan a ɔfa so to nnwom kanyan anigye.

Wɔwoo Kwaisey Pee too abusua a wɔto nnwom mu, ne papa ne Agyaaku a ɔka Yamoah ne Sunsum nnwomtofoɔ kuo ho. Ne papa nua ba ne  na ne nua ankasa nso ne . Ɔkɔɔ sukuu wɔ Datus School Complex wɔ Tema, ankyɛ na ogyae kɔfaa nnwomtoɔ too ne ho so .

Ofii ne nnwomto ase bere a ɔkɔkaa ne papa nnwomtofoɔ kuo ho na afei ogyae kɔkaa Nana Tuffour nnwomtofoɔ kuo a wɔfrɛ wɔn sɛ Sikadwa no ho wɔ 1994 mu. Akyiri yi ɔkɔkaa nnwomtofoɔ kuo foforo bi ho a wɔfrɛ wɔn sɛ Jewel Ackah and the Beautiful Six ho. Awiei koraa no ɔne ne papa kɔɔ London kɔdaa apaawa foforo a wɔato no din sɛ Nyame yɛ Ɔdɔ adi wɔ 1998 mu.Ɔwɔ apaawa anum a wɔato din sɛ Krokro Me, Akono Yaa, and Nyane Me, apaawa a nnwom 13 wom a nnwomtofoɔ te sɛ Tic Tac, Kontihene, K K Fosu, Ofori Amponsah ne ne papa, Agyeiku nso ka ho.

Ogyae nnwomtoɔ kakraa na akyiri yi ɔsan bae bɛdaa nnwom fofora a ɔne Yaa Yaa yɛe, Mabre,  adi  wɔ Ɔpɛnimma 2018 mu.




#Article 55: Juliana Dogbadzi (220 words)


 
JJuliana Dogbadzi yɛ  Ghana nii ba a ɔyɛ nnipa ahobanbɔ adwuma, afei nso w'asom wɔ abosomfie pɛn ɛnam abusuanii bi bɔnee a w'ayɛ nti, wɔ brɔfo kasa mu no yɛferɛ no Trokosi, ɛnɛei ɔbɔ dawuro tia saa ayakayakade3 wei a yɛ hyɛ mmaayewa nketewa a wɔn yɛ mmaabunu ketee sɛ  wɔn nkɔ yɛ adwuma dene ntua abusuanii bɔne ka.. W'ate ankorankorɛ adwumakuo ne International needs Ghana a ɔmo yɛ adwuma dene sɛ ɔbɛyi mmaayewa yi afiri saa ɔsom yi mu.

Wɔ afe apem aha- nkron aduokron nkrom (1999) mu no, ɔgyee abasobɔdeɛ a yɛferɛ no Reebok Human Rights Awards.

Ɔnyaa mfeɛ nson no, n'awofoɔ de no kɔɔ abosomfie sɛ ɔnkɔ som ntua ne nana bɛrema bone a w'ayɛ no ka , ɛwɔ Trojan amamerɛ mu. Wɔn maa no gyidii sɛɛ, sɛ ɔkɔsom wɔ abosomfie hɔ a ɛbɛboa ama ayi  ɔhaw ne amaneɛ biaa afiri n'abusuafoɔ so.

Ɔsom se abaawa mfie du-nson wɔ abosomfie hɔ wɔ ɛkɔm mu, adwuma dene mu, ɛborɔ mu na afei nso wɔn aamma no ankɔ sukuu, ɔdii mfie du-mmienu no ɔkɔmfo panin a w'adi mfie aduokron too no mɔnaa maa ɔnyinsɛn ne ba a ɛdi kan.

Ɔdii mfie aduonu-num no ɔdwane kɔ hyɛɛ dawubɔ a ɛko tia saa ayakayakadeɛ amamerɛ wei a afei abɛyɛ asɛm a ɛda ɛpono so a yɛɛpɛnsɛnpɛnsɛn mu wɔ Ghana man mu.




#Article 56: Ellen Boakye (171 words)


 
Ellen Boakye yɛ Ghana nii dɔkota panin a ɔyɛ nkɔdaa akoma ho adwuma. Yɛ nim no sɛ w'agye  abasobɔdeɛ dunnwɔtwe ɛnam sɛ w'ate ne ho sɛ ɔbɛyɛ  saa adwuma wei nti.

Kokofu a ɛwɔ Asanteman mu na yɛ woo Boakye. ƆKɔɔ ne nkɔdaa (primary) ne ne mpanin (secondary) sukuu wɔ Petra International wɔ Breman Road ɛna ɔtoaa so wɔ Yaa Asantewaa Secondary sukuu wɔ  Kumasi. Afei, ɔkɔ toaa so wɔ University of Ghana Medical sukuu suapɔn mu. ɔwiee ne   'Bachelor of Science degree graduation no, abasobɔdeɛ nkron a yɛde maa wɔn no, ɔnyaa ɛmu nnwɔtwe. Wɔ mfie mpem mmienu ne du nson (2017) mu no, Ɔgyee abasobɔdeɛ du wɔ Vice - Chancellors Academic Award Ceremony a ɔyɛɛ no wɔ University of Ghana dan kɛseɛ no  mu. Yɛ nim no sɛ ɔno na ɔgyee abasobɔdeɛ dodo paa wɔ saa afe no mu, ɛnam sɛ, ɔgyee abasobɔde3 du ɛfirii ɔha ne aduonum nsia mu.

Mprenpren yi , ɔyɛ dɔkota a ɔyɛ nkɔdaa akoma ho adwuma wɔ Ghana.

W'agye abasob)de3 bebree a 3bi ne:




#Article 57: Tukɔtena wɔ Germany (2948 words)


Germany ammamuo mmra mu no, ɔtutenani a ɔwɔ ɔman no mu wɔ ho kwan sɛ, Germany ɔman no ma no tumi a ɛbɛma no atena ɔman no mu sɛ tukɔtenani, sɛ ɔman a ɔfiri mu no basabasayɛ ɛwɔ mu a. Tukɔtena tumi kyerɛkyerɛ ma yɛte aseɛ sɛ otutenani atutenafo agyinatu kuw a ɛwɔ 1951(afe apem ahankron adunun baako) bɔ saa foɔ yi ho ban wɔ mmra mu afei nso ɛbɔ wɔn ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a aban no mmɔ wɔn nkɔ wɔn mman mu.

Mpɛn pii no, saa ahobanbɔ yi nyinaa ka atutena anamɔn a adwumakuw a yɛfrɛ wɔn 'Federal Office for Migration and refugees'(Bundesamt für Migration and Fluchtlinge BAMF) hwehwemu hunu mu nokorɛ abrɛ a krataa twerɛ sɛm biara mma mu.

Ɛwɔ afe 1993(apem ahankron ne aduokron abiesa) ne 2015 (afe mpem aduonu ne dunum) mu no, yɛ sesaa nhyehyeeɛ a na ɛda hɔ ma otutenani faahodi pii wo kwan so a ema no baa fom. bio, ɛnsan atutena ho nsɛm a esiiɛ ekɔ 2015(afe mpem aduonu ne dunum) nkyɛmu mmienu no, mpanyimfo de nhyehyeeɛ foforɔ bi baa sɛ anka yɛnfa nsesaaɛ mbra krata a na ɛkyerɛkyerɛ (ne nkyekyɛmu- section 16a GG) otutenani faahodie soɔ, seneɛ ɛbɛyɛ a ɔman biaa bɛtumi akyerɛ otutenafoɔ dodoɔ a ɔbɛtumi agye ahwɛ wɔn so wɔ kwan a ɛfata soɔ.

Germany asetena ho mmara (Aufenthaltsgesetz) etɔ sini wɔ senea ɛkyerɛ nipa titiriw a ɔye otutenafo. Wɔn asetena ho mmara ne wɔn mmara a ɛfa atutenafo (Asylgesetz) ɛnhyɛda nkyerɛ atutena ase. Weyi yɛ nsonsansoɔ a ɛfiri Federal Constitutional Court atɛmbuo ɛfa Section 16a GG a ɛwɔ German Basic Law no muɔ. Ɛwɔ krataa no fa Section 16a (1) GG no mu no, nipa a sɛbe yɛ atia ne faahodie so yɛ obi a ɔman bi anaa ɔdasanii bi anamɔntuo a ɔman bi taa akyire sɛ wɔde no ɛkɔ fiase ɛsan nipa krɔ nyamesom a wafa, ne amanekuo a otae ɛkyire anaa ade foforɔ bi pɔtee bi a ɛma nipa krɔ da nso dwa mu. Yei sɛe ɔnua krɔ faahodie, tew ne nipaban ne n'anounyam so ma ɛyi no fi ɔman no ahobanbo ne asomdwoe mu ma ɛde ahoyeraw ne anibre ba.

Apɛn pii no wɔn a amanyosɛm nti wɔn nnya asomdwei no 1951 refugee convention wɔ german aman mmra mu no ma wɔn ahoban bɔ. Refugee Convetion no wɔ hɔ fi Ɔpɛnimaa da a ɛtɔ so aduonu anan afe apem aha nkron ne aduonu abiesa (24th December 1953) na nso mmra hyɛdenhyɛ fo kuw no mma ho kwan sɛ wɔn nyina saa mmra no so nfa ngye wɔn ntum.na mmon ɛma wɔn nyinaso sɛ wɔn nhwehwɛ wɔn nsɛm mu na w'atumi agye wɔn atum sɛ atukɔtena fo. kwan a wɔ nam so hwɛ sɛ obi fa ta sɛ wɔ ma no tukɔtena ho fahodi (2011/95/EU) ne mmra a wɔ hwɛ kaa ho wɔ afe mpem aduonu ne ason Ɔsanaa bosome mu. Nnɛ section 3(1) ne (4) asylum procedure act na ɛma ho kwan sɛ wɔn gye obi ntum sɛ tukɔtena ni. Nnɛ otukɔtenani a amanyɔsɛm mu nsɛm nti ɔpɛ guankɔbea no neɛmɛ bi hɔ kwan esan fahoodie a teman mu fo nya no bi. Ɛbio wɔn a wɔ pre guankɔbea no nnya amane sɛ wɔ de toto tukɔtenafo ho. faahodie a ɛwɔ ho ma teman mu fo no ɛfɛ sɛ wɔ pɛ adwuma ne sɛ wɔn nya akwantu ho nnkrataa no. Sɛ wo pɛ nhumu pii a, hwɛ german article yi Flüchtlingseigenschaft

Tukɔtena mmra no mw ho kwan sɛ obi biara ɔre pre sɔ mmra bɛma no ho kwan sɛ otukɔtena ni no nya fahodi sɛ obi a mmra ama ne kwan sɛ otutenani no. saa bre no mmra ma ho kwan sɛ ɔntena ɔman no mu.

Akwanmisa akwan

Sɛ obi bɛpɛ guankɔbea tukɔtena a, ɛsɛ oniiko no ankasa kɔkyerew ne din wɔ Gɛɛman beae a wogye ahɔho (Section 22 AsylVfG). Aha no, wɔyɛ oniiko no ɔman a ɔfiri mu, nnipa dodoɔ, ne bɔbeasu, ne n'abusuabɔ kyerɛwtohɔ ɛdenam 'EASY' nhyehyɛe (Erstverteilung von Asylbewerbern, Initial Distribution of Asylum-seeker ). Wei na ɛkyerɛ ahohɔ beae koro a wɔbɛhwɛ aguanfo no. Ɛsɛ sɛ aguanfo biara nya ahohɔ beae na sɛ wogye wɔn tom wie a, wɔn ankasa san kɔpɛ guankɔbea tukɔtena akwanmisa wɔ nnwumakuw a wɔayɛ nkabom beae ntɛm ara.
Nnwumakuo a wɔayɛ nkabom a wohwɛ akwantuo ne aguanfoɔ tukɔtena na wodi Gɛɛman guankɔbea akwantuo akwanmisa ho dwuma.
AsylVfG Ɔfa 13 kyerɛkyerɛ guankɔbea akwantuo akwanmisa mu sɛ:

Ɔfa 14 AsylVfG kyerɛkyerɛ akwanmisa akwan mu. Akwanmisa akyi biara no, guankɔbea akwantuo hwehwɛfo no nya berɛ tiaa mu tena hokwan wɔ akwanmisa berɛ no mu.
Ɔfa 16 AsylVfG ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ oniiko no ho biribiara kyerɛwtohɔ. Mmofra a wonnii mfeɛ 14 na mmra yi nka wɔn.
Wɔn a wokura bere tia mu tena tumi krataa no nni ho kwan sɛ wɔyɛ adwuma abosome mmiɛnsa a edi a kan fi berɛ a wonyaa hokwan no. Ɛfi saa mmere yi rekɔ no, wɔwɔ hokwan sɛ wɔhwehwɛ adwuma tumi krataa, a nnwumakuw a woayɛ Nkabom no dema no. Ne nyinaa mu no, berɛ tia mu tenafo no nsa ka kwan foforo so a wɔde kɔ adwa man so.
Sɛnea ɛne Ɔfa 14a AsylVfG hyia no, akwan no betumi ada nso sɛ ɛhyɛ nea wɔfrɛ no 'wiemhyɛn gyinabea kwan' (Flughafenverfahren), nsakraeɛ a wɔyɛɛ wɔ baabi a aguanfo no wiemhyɛn no nam rekɔ Gɛɛman ne wɔrepɛ guankɔbea akwantuo tumi ansa na woakɔ Gɛɛman hyeɛ mu. Ne tiawa mu no, ebedi bɛyɛ nna mmiensa ntam, na ama woatumi akɔ fie ntɛm sɔ apolisifoɔ no betumi akyerɛ sɛ aguanfo no hyɛɛ wɔn akwantuo no ase wɔ ɔman a Gɛɛmani aban no gyentom sɛ beae ɛyɛ. Wɔde nhyehyɛe yi baa sɛnea ɛbɛyɛ a aguanfo no nka wiemhyɛnbea bere tenten a ebetumi de ɔhaw aba berɛ a aguanfoɔ no retwɛn sɛ wɔbɛyɛ wɔn nkrataasɛm awie.

Guankɔbea akwantuo ho dwuma

Nnwumakuo a wɔayɛ nkabom a wohwɛ akwantuo ne aguanfoɔ (Federal Office for Migration and Refugees) wɔdi guankɔbea akwantuo akwanmisa ho dwuma.
Sɛnea Guankɔbea akwantuo hwehwɛ mmra Ɔfa 10 (AsyIG anaa AsylVfG), guankɔbea akwantuo hwehwɛfo no wɔda nsakraeɛ biiara a woayɛ wɔ wɔn adrɛs a woadikan de ama akwantuo kuw (BAMF) ntɛm ara saa berɛ no mu nyinaa wɔ Gɛɛman; saa ara nso no na nsakraeɛ biara a akwantuo kuo no ankasa ayɛ no.
Ɔfa a ɛho hia ankasa no wɔ guankɔbea akwantuo nhyehyɛe a obi nsa betumi aka ne sɛ wɔde no bɛhyia wɔ akwantuo beae (ofis).
Wɔ afe 2016 ahohuo berɛ mu no, na guankɔbea akwantuo hwehwɛ no di abosome 5.4, sɛnea akwantuo beae(ofis) BAMF. Ne nyinaa mu no, animdefoɔ bɔ amaneɛ sɛ ɛho akontabuo no kɔ soro afe biara mu. Nsonsonoeɛ a ɛwɔ saa akontabuo no mu yɛ adeɛ a ɛba esiane sɛ BAMF de mmerɛ dodow bi to berɛ a wɔbɛfi ase edi ho gyina fi berɛ a ɔde ne nkrataasɛm de kɔ maa akwantuo ofis; wei betumi adi abosome bebree akyi. Wɔn a wɔhwɛ akwantuo no so, di kan di wɔn a ɛbɛyɛ mmerew sɛ wɔbɛsi wɔnho gyinae ntɛm, na wɔde wɔn di afoforo bɛyɛ 254,000 anim.

Akwanmisa a wonnye tom

Guankɔbea akwantuo mmra Ɔfa 29 kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wogye obi akwanmisa tom sɛ wobetumi de onipa no akɔ ɔman foforɔ a oniiko no nyinaa ɔtaa biara wɔ so.
Akwanmisa a ɛda adi sɛ enni nyinasoɔ biara
AsylVfG Ɔfa 29 na ɛkyerɛ nea wode bɛyɛ guankɔbea akwantuo hwehwɛfo a ofi ɔman a asomdwoe wɔ mu: wɔn nnye ne akwanmisa no ntom koraa esiane sɛ enni nyinasoɔ biara, gye sɛ ɔde nyinasoɔ ne adanseɛ a ɛtɔ asom ma na wɔagye adi sɛ ɔrehyia amammui ɔtaa wɔ ɔman a ɔman a ofi mu ɛmfa ho sɛ tebea no nyinaa nte saa.
AsylVfG Ɔfa 30 kyerɛ mu sɛ wɔnnye akwanmisa a ɛda adi sɛ enni nyinasoɔ biara na Ɔfa 36 kyerɛ ɔkwan a wɔdi nsɛm bi te sei ho dwuma.
Akwanmisa a wɔnnye antom esiane sɛ enni nyinasoɔ biara no wɔ ɔsiakwan bi ɛde nam bere tenten a AsylVfG Ɔfa 30 (3.1-6), ne nea Ɔfa 10 (3) Tukɔtena mmra (AufenthG) ansa na wɔrefiri ɔman no asasesin, wɔmma tukɔtena tumi krataa biara. Gye sɛ guankɔbea akwantuo hwehwɛfo a wonnye no antom na onya tukɔtena tumi krataa. Ɛho nhwɛsoɔ ne sɛ guankɔbea kwantuni kɔka Gɛɛman abusuafoɔ bi mu (Ɔfa 28 (1) AufenthG).
Gɛɛman mmra ho nimdefo kuw pɛ sɛ wɔyi Ɔfa 10 (3) AufenthG fi hɔ, esiane osiakwan a ɛwɔ ho a ɛsi aguanfoɔ no ho kwan sɛ wobenya hokwan atena afebɔɔ, na ɛno na ama akwantuo ahwɛfoɔ no de berɛ tia tumi krataa ma mpɛn dodow pii. Ade foforɔ nso ne sɛ, ɛne Europa ne amanaman akwantuo mmra bɔ abira.

Atosɛm anaa nsɛm a ɛnyɛ nokware

Atosɛm anaa nsɛm a ɛnyɛ nokware a guankɔbea akwantuo hwehwɛfo de bɛhyɛ ne akwanmisa nkraa ne atorɔ foforɔ biara betumi ɔhaw kɛseɛ aba onii no do sɛnea Ɔfa 30 AsyIG. Ne titiriw ne sɛ obi ne sɛ obi obi foforo ho nsɛm a ebetumi ama awareɛ, abawoɔ, anaa sɛ sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ ɔman foforɔ so ni no ho nhyehyɛe yɛ den anaa sɛ ɛnyɛ yiyɛ koraa gye sɛ woyɛ nsakraeɛ a ɛfata. Sɛ Ɔhohoɔ no tumi de adanseɛ a ɛfata ba a, Federal Office for Migration and Refugees no twa mmara a guankɔbea hwehwɛfo no annyina nsɛm a ɛnyɛ nokware na ɛkɔ pɛe no mu. Sɛ ɛho behia a, mpaninfoɔ no tumi si gyinaeɛ, sɛ ɛho behia a, wɔtumi bu wɔn ani gu atorodi no so. Nanso, nhwehwɛmu mu betumi ama wɔbɔ oniiko akɔ ɔman a ɔfiri mu no anaa wobetwa no asu. Wɔ Gɛɛman nkurow ahodoɔ bi mu no, atosɛm anaa nsɛm a ɛnyɛ nokware betumi ama Hardship Commission no nhu onii no mmɔbɔ.
Sɛ anyɛ saa nso a, atosɛm anaa nsɛm a ɛnyɛ nokware no betumi ama woatwa anaa womma onii no hokwan a ɔwɔ sɛ oguanfo.

Mmaransɛm Asotwe

Sɛ guankɔbea akwantuo hwehwɛfo wura ɔman bi a wonni nkrataa a ɛfata a, worentumi mfa wɔn nyina mmara kwan so sɛnea Mmara no Ɔfa 31 a ɛfa aguanfoɔ ho kyerɛ no, sɛ wode wɔn ho kyerɛɛ atumfoɔ no ntɛm a, na wɔde nkyerɛkyerɛmu a ɛtɔ asom ma wɔ deɛ enti a wɔnam kwan bɔne so wuraa ɔman no mu. Mmara kwan so adwene kyerɛ foforɔ nso ne sɛ wɔn a wɔtwaa atorɔ wɔ wɔn nsɛm mu no nkyerɛ sɛ kwan biara so no wɔbuu mmara so. Gye sɛ wonnya nnyinasoɔ a ɛfata. Atosɛm anaa nsɛm a ɛnyɛ nokware wɔ akwanmisa no ho dwumadie no nyɛ ne wogyina so bu atɛn nnianim ara. Nea ɛka ho no, tukɔtena mmara nnyɛ adwuma no wɔ guankɔbea hwehwɛ akwanmisa no mmfitiaseɛ no. Ɛno nti asotwe a Tukɔtena mmara Ɔfa 95 (1.5) ne Ɔfa (2) no nnyɛ adwuma. Gɛɛman mmarahyɛbedwam no nso ahyɛ da na wɔnyɛɛ asotwe biara ho mma guankɔbea hwehwɛ mmara. Tebea ahodoɔ yi na obi betumi anya asotwe: sɛ oniiko no de passporto a ɛnyɛ papa sɛnea Ɔfa 267 StGB ma kwan no a, wɔtumi de no gyina mmara kwan so; afei nso sɛ wɔdii atoro wɔ wɔn ankasa ho asɛm wɔ wɔdee guu nkrataa so no a. Ne nyinaa mu no, guankɔbea hwehwɛ mmara no mma kwan ma wɔbu saa bɔne yi sɛ ɛyɛ nsɛmmɔnedi. Nsɛmmɔnedi bɔne ahodoɔ a ɛwɔ Tukɔtena Mmara no mu yɛ adwuma berɛ a wɔde atosɛm a oniiko no twae no aka nsɛm ne adanseɛ a wode kɔbɔ ɔhohoɔ no kwadu. North-Rhine Westphalia aban asoeɛ a ɛhwɛ ɔman no mu afisɛm ne atɛntenenee kyerɛ mu sɛ atosɛm anaa nsɛm a ɛnyɛ nokware a obi de gu ne akwanmisa nkrataa no ne ɔman no yiyedeɛ bɔ abira ɛfirisɛ sɛ ɛma ɔman no bɔ ka na ɛsan de ahɔhoɔ basabasayɛ ba ne nsɛmmɔnedi akuo ahodoɔ. Yei maa wɔtoo Tukɔtena Mmara no Ɔfa 55 no guu. Afei nso, ɛfi Obubuo da edi kan no, 2007, Ɔfa 96 (2.2) no bira sɛ obi bedi atoro wɔ ne nkrataasɛm mu na amma wɔsan de no ankɔ ne man mu. Kyerɛ sɛ oniiko no betumi ada afiase beyɛ afe baako (Ɔfa 95 (1) ) anaa mfeɛ mmiɛnsa (Ɔfa 95 (2) ) sɛnea ɛwɔ Tukɔtena Mmara no mu no. Ɔfa 84 ne 84a nso ma ɛda adi sɛ obi reboa obi ama woatwa atoro wɔ ne akwanmisa no mu nso yɛ bɔne a ɛho asotwe wɔ hɔ.

Mmara a wɔtwaa mu no

Ɛdi besi Ɔsanaa 1, 2015, Federal Office for Migration and Refugees na wɔhwɛ si gyinae sɛ ne krataa gu so yɛ papa bɛyɛ mfeɛ mmiɛnsa akyi a, wɔde gyinasi no too gua. Nea ɛbɛma wɔsan ahwehwɛ obi nsɛm mu de no ato afiase mfeɛ mmiɛnsa ne sɛ wɔbehu sɛ ɔyɛ nsɛmmɔnedifo anaa woayɛ nea ɛnfata.
Sɛ wɔhu sɛ biribi nkɔ yie a, Foreigner's Registration Office no hwehwɛ n'kwanmisa no mu bio. Tebea bi ahodoɔ mu no, wɔtwa n'kwanmisa no mu berɛ a wohu sɛ woadi nsɛmmɔne bi no.
Sɛ Federal Office for Migration and Refugees no antwa no n'kwanmisa no mu a, wɔpene oniiko m ɔtena ɔman no so afebɔɔ. Nnipa bɛyɛ 95% na woanya saa hokwan no.
Wɔsan yɛ Guankɔbea Hwehwɛ Mmara mu nsakraeɛ (Gesetz sur Neubestimmung des Bleiberechts und der Aufenthaltsbestimmung), a efi ase yɛɛ adwuma no Ɔsanaa 1, 2015 na ɛboa Federal Office of Migration and Refugees na wɔhwehwɛ akwanmisa nkrataa no mu. Foreigner's Registration Office no wɔ hokwan sɛ ɔma obi tena ɔman no mu mfe mmiɛnsa, gye sɛ nsɛm tebea foforɔ bi.
Ankorankorɛ Guankɔbea Akwantuo Hwehwɛ akwanmisa nkrataa nhwehwɛmu a wɔyɛ kɔ akyiri yɛ nea Conference of Ministers of the Interior in Koblenz gye toom wɔ Ɔpenimaa 3, 2015 sɛ ɛka nhyehyɛe no ho fi Ɔpɛpɔn 1, 2016: Akwanmisa Nkrataa a ɛfi Asyria, Iraq, Afghanistan ne Eritrea nyinaa fa kwan yi so esiane ahobammɔ nti.

Nnaadaasɛm a etu abasa

Wɔbɔɔ Gɛɛman mpaninfoɔ no, ne titiriw BAMF atenaeɛ a ɛwɔ Bremen no soboɔ sɛ wɔgye adamudeɛ anaa sɛ wɔnni tukɔtena mmara kwan no so yiye mfa ma ɛno enti afe 2013 ne 2016 ntam. Nhwehwɛmu daa no adi sɛ nnipa dodoɔ bɛyɛ 1,200 a wogyee wɔn toom no nkrataasɛm nyɛ deɛ ɛyɛ papa, na 18000 nso deɛ no, mpaninfoɔ san hwehwɛ mu bio. Wɔgyee Bremen asoeɛ atenaeɛ no tumi a wɔde di akwanmisa nkrataa ho dwuma no fii wɔn nsa na adwumayɛfoɔ mpaninfoɔ no nso 13: na wɔreyɛ wɔn mu nhwehwɛmu esiane katasohyɛ nti.
Guankɔbea Hwehwɛ Akwantuo Akwanmisa nkoanim ne ne dodow a ɛtumi yɛ yiye

Guankɔbea hwehwɛ akwantuo akwanmisa

Ansa 2015 reba no, na akwanmisa no dodow no nkoanim no sii wɔ afe 1992 mu, berɛ a akwanmisa nkoaa 400,000 na ɛkɔɔ Gɛɛmani. Saa berɛ no, na akwansrɛfo no fi tete kuro Yugolasvia mu. Nanso, efi 1993 akyi no, (Gɛɛmani Aslyum Compromise' (Asylkompromiss)), akwanmisa dodow no so ate kraa. Wɔ 2005 mu no, akwanmisa dodow 29,000 na wɔn nsa kaeɛ. Akwansrɛ no dodow kɔɔ so baa fam afe 2007 mu nyinaa, na akwanmisa nkrataa 19,164 na Gɛɛman nsa kaeɛ, berɛ a akwanmisa 19,164 pɛ ɛkɔɔeɛ, wei beyɛɛ nea asua koraa efi afe 1977. Efi afe 2008 reba no, akwanmisa no dodow no asan apagya kɔ soro. Wɔ afe 2014 mu, akwanmisa dodow no kɔ soro sene biara fi te 1993. Nea ɛka ho ama akontabuo no kɔ soro no ne Serbia ne Makedonia aguanfo a wɔnhia visa ho nhyehyɛe biara wɔde bɛkɔ Gɛɛmani wɔ Ɔpenimaa 2009 mu. Wɔ 2013 afe no nkyɛmu a edi kan no, akontabuo no kɔɔ so bɛyɛ 90% sɛ wode toto n'afe a etwaam no ho. Na wɔn mu dodoɔ no ara fi Russia, na Asyria ne Afghanistan na ɛtoa so. Federal Office of Migration and Refugees de wɔn ani buu sɛ bɛyɛ akwansrɛ 450,000 na wɔrehwɛ anim wɔ 2015, sɛ wɔhwɛ dodow a wɔn nsa kaa wɔ no ɔfa a ɛdi kan. Akyiri yi, wɔde akontabuo foforo sɛ na dodow no yɛ 800,000. Gɛɛman Federal Office for Migration and Refugees (BAMF) de akontabuo wɔ Ɔpɛpɔn 2016 mu sɛ Gɛɛmani nsaa kaa akwanmisa dodow 476,649 ma wɔn nsa kaeɛ wɔ 2015, dodow no yɛ Asiriafoɔ (162,510), Albaniafoɔ (54,762), Kosovofoɔ (37,902), Iraqfoɔ (31,379), Serbiafoɔ (26,945), Makedoniafoɔ (14,131), Eritreafoɔ (10,990) ne Pakistanfoɔ (8,472).

Akwanmisa a wɔgye tom

Wɔ afe 2014 mu no, akwanmisa bisa dodow 202,834 na Gɛɛmani nsa kaeɛ. 128,911 na wɔsii gyinae wɔ ho. 1.8% na wɔmaa wɔn aguanfo tukɔtena tumi senea Ɔfa 16a GG ka no, 24.1% were wɔbuu wɔn sɛ aguanfoɔ sɛnea Ɔfa 3(1) AsyIG ma hokwan no, 4% nso ma wɔnyaa ahobammɔ soronko, 1.6 nso ma wɔampene ama wɔanpam wɔn ankɔ wɔn nkyi. 31.5 na wɔgyee toom. 33.4% nso na wɔnnye antom. Sɛ wɔde akwanmisa a mmara penee so no ka ho a, wɔgyee beboro akwanmisa dodow no nyinaa fa na ɛtoo mu. Wɔ 2015 mu no, Gɛɛmani yɛ nsakraeɛ wɔ guankɔbea hwehwɛ akwantuo mmara no mu, na ebeduru 49.8% (140,915 na wɔgyee toom na wɔnyaa ahobammɔ). Ɔman a wɔn nkorufoɔ ti yɛ yiye paa ne Asyria (101,419 a ɛyɛ 96%) Eritreafoɔ (9,300 agyina ho ma 92.1%) ne Iraqfoɔ (14,880 a ɛyɛ 88.6%). Nnipa dodoɔ 200,000 a na ɛsɛ sɛ wɔfri ɔman no mu no esiane sɛ wɔannye wɔn akwanmisa no antom, wɔn mu 20,914 na wɔpamee wɔn. Esiane sɛ na wɔn man no ne Gɛɛman no nkitahodie a ankɔ yiye nti na ɛmaa ɛba saa. Ogyefuo 2017 mu no, Gɛɛmani aban de wɔn abufusɛm maa aman 17 a woantumi anni wɔn asɛyɛde so. Saa aman no ne : India, Pakistan, Bangladesh ne Lebanon wɔ Asia. Afrika nso no: Algeria, Egypt, Morocco, Mali, Nigeria, Niger, Ethiopia, Tunesia, Ghana, Burkina Faso, Benin ne Guinea- Bissau. Nnipa titiriw bi a wɔn nsa bɛkaa aguanfo tukɔtena hokwan. Wɔ Mayɛ 2018 mu no, Ray Wong ne Li Tung-sing, amammui fam anoɔdenfo a ɔpri maa Hong Kong man no nyaa faahodie, nyaa aguanfo tukɔtena hokwan, berɛ a wɔantumi ansan akɔ ne man Hong Kong man no mu bio berɛ a na Hong Kong apolisifoɔ rehwehwɛ no no wɔ November 2017 mu.




#Article 58: Germany Amammerɛ (363 words)


Germanfoɔ ammamerɛ ate atese wɔ mmeaɛ a wɔka German kasa wɔ wiase afaanan nyinaa. Efiri ahyeaseɛ no, Germanfoɔ nam kwan ahodoɔ ne nimdeɛ so na wɔn asiesie wɔn nnoɔma Ingresi Aburokyiman mu, ɛfa honhom ne wiase nyinaa mu. Ɛfiri tete nyinaa no, w'aferɛ Germany Das Land der Dichter und Denker (ɔman a anwensɛm twerɛfoɔ ne badwenmma wɔ mu).Afoofida bebree na ɛwɔ German man no mu. Ɛkoro a ɔman no di mu akotene paa ɛwɔ mu ne deɛ wɔfrɛ no Oktoberfest a wɔdi no wɔ Munich ne wɔn buronya ammamerɛ a ɛyɛ Weihnachten.  Ahinime 3 ayɛ Germany man no da efiri 1990, a wɔn di no sɛ German Nkabom Da (Tag der Deutschen Einheit). Amansan kuo baatan UNESCO a twerɛ nnoɔma 38 wɔ Germany a ɔwɔ wiase agyapadeɛ nhyehyɛe so. Nanka Gemany yɛ ɔman a ɛtɔ so mmienu wɔ aman aduonum a wɔde ebuo soronko ma no wɔ afe 2013.

Kasa a wɔde di dwuma wɔ German, na wɔka no dodoɔ no de German. Ɛyɛ kasa baako a Amansankubaatan European Union agye ato mu ɛka kasa aduonu mmiensa (23) no ho, na ɛsan nso ka kasa mmiensa (3) a wɔde di dwuma wɔ European Commission, ɛka brɔfokasa ne Francefoɔ kasa French no ho. Kasa nkumaa a w'agye ato mu bi ne Denmark kasa Danish,Sobian (Germanfoɔ a ɔwɔ apueɛ no kasa), North Frisian (kasa kumaa a wɔn a ɔwɔ German atɔeɛfam no ka no dodoɔ), ɛne Saterland Frisian (Germanfoɔ a ɔwɔ atififam no kasa dodoɔ. ECRML na ɔbɔ kasa yi ho ban.

German atukɔtenafoɔ a wɔka no dodoɔ yɛ Turkish (Turkey foɔ kasa), Kurdish (Kurds anaasɛ Kurdistanfoɔ kasa), Polish (wɔn a ɔwɔ Poland man mu no kasa), Balkan kasa (wɔn a ɔwɔ Europe anaafoɔ-atifi fam), ɛna Russian (Russiafoɔ kasa).

'Standard German' yɛ German atɔeɛfoɔ kasa na ɛne brɔfokasa, Dutch (Netherlands foɔ kasa), ɛne Germanfoɔ a ɔwɔ Frisia kasa no di nsɛ. Ebio nso no, ɛne kasa a wɔka no wɔ German apueɛ ne atifi fam no nso sesɛ. Germanfoɔ kasatwerɛ pii no, wɔnya firii Ingresi ne Ingresi ne India abusua kasa no mu. Kakra bi a wɔn hia pii no na wɔn nya firii Latin, Greek, ɛna kumaa bi nso firii France kasa French ne.




#Article 59: Kwatikwan so fa (300 words)


Kwatikwan so fa yɛ ɔkwan a aman ahodoɔ so adehye a wɔreba anaa wɔretwa kwan aba ɔman foforɔ bi mu fa a etia saa oman no akwantuo mmara so.

Kwati kwan so fa yɛ adeɛ baako a, mmra mma ho kwan. Eyi ne sɛ ɔhɔhoɔ bɛba kuro bi mu anaasɛ Ɔbɛtera ɛhyeɛ aba Ɔman foforɔ so a, ɛnnam mmra kwan so.

Dwumadie a, mmra mma ho kwan nso ne sɛ onipa bi bɛma Ɔhɔhoɔ bi a,onni nkrataa bɛba anaa sɛ Ɔbɛma no atra hyeɛ aba Ɔman foforɔ bi mu abɛ di dwa. Mpɛn pii no ɛyɛ a, ɛyɛ nipa akuokuo.

Dwumadie bɔne yi danso deɛ nanso mpɛn pii no ɛyɛ a, ɛne nipa ho dwadie na ɛnam. Obi a, odi dwa bɔne taa fa kwan bɔne sowura kuro foforɔ anaa sɛ ɔman foforɔ mu. Sɛ mpɛn pii no ɔbɛ duru beaɛ a, ɔpɛ sɛ ɔba no a, nipa a, ɔde no baa yɛ no, anaa deɛ odii n'anim no yi nensa firi deɛ ɔbɛ di dwuma no so Sɛ deɛ Ɛbɛ yɛ a, ne ho mma asɛm. Dwadie bɔne ne sɛ onipa bi de n'ahoɔden, naadaa kwan so de ahɔhoɔ wura kuro bi mu abrɛ a, Ɛnam mmra kwan so de wɔn bɛ yɛ adwuma anaa sɛ ɔma wɔn bɛ bɔ adwaman wɔ saa beaɛ hɔ.

Nnipa bɛboro mpem aduonu- nwotwe (28,000) na wɔfaa asaase so kɔɔ German na mpem du ne ahasa (10,000) fri Austria nso na ɛkɔe. Nnipa bɛyɛ mpem nkron, ahanu ne aduoson (9,270) nso faa kwati kwan na wiemhyɛnbea na nnipa bɛboro apem baako ne ahanu (1,120) nso nam po so na ɛkɔɔ German. Atukɔfoɔ fo dodow no fri Afghanistan, Nigeria, Iraq, Asyria ne Turkey. Wei maa kwati kwan akwantufoɔ a German Aban Polisifo kyeree wɔn no dodow no dodow kɔɔ soro bɛduru mpem aduasa nwɔtwe (38,000).




#Article 60: Ghanafoɔ aa ɛwɔ Germany (447 words)


Ghana foɔ a wonom wɔ Germany ɛyɛ Ghana akwantufoɔ ɛnɛ wonom asefoɔ a ɛti Germany ɛyɛ Adwuma

Ghanafo dodow a wɔwɔ Germany no te Bremen, Berlin ne Frankfurt. Wɔnmmu dodow no te Hamburg na ebi nso te North Rhine-Westphalia ɛna nkae no nso te Berlin ne Hesse. Ayɛ amamerɛ amma Ghanafo a wotukwan kɔ Hamburg sɛ, wɔn a wɔtukwan kɔ hɔ no wɔ din a wɔde frɛ wɔn sɛ, Bɔga.

Wɔ afe apem mienu mu ne anan no Ghanafo tee akuo bi a wɔfrɛ no Union of Ghana Associations(UGAG). Wɔtee saa kuo yi maa Ghanafo a wɔwɔ German no. Nsɔre bi te sɛ Catholic Mission Hamburg, Bethel Church-Stuttgart ne Presbyterian Church Of Cologne. Nsɔremma na wɔdii saa akuo no mu akoten.

Ghanafo a wɔte Germani ka adikanfo a wɔwɔ wiase afanan a, wɔtaa tua toɔ na wɔsan mane sika kɔma wɔn mmusuafo fo wɔ wɔ Ghana no, ebi tumi mane sika ma ɛdane wɔn kaw.

Efiri afe apem aha du-nkron ne aduɔson kɔ afe apem aha du-awotwe mu no, Ghanafo tee nnwom bi a na wɔfrɛ no Bɔga Highlife, Ɛyɛ nnwom a ekura ɔbra ne nnwom mu annigyie.

Abakɔasɛm.

Ansana Ghana benya ne faahodie no wɔ afe apem ahankron ne aduonum nson no, na ayɔkofa soroko bi da Ghana ne Germani ntam. Na frawmantam a ɛwɔ Ghana ka Nkurow a Germani dii wɔnso ka Togo fo ho ansana wiase ntɔkwa a edikan bae no.

Wɔ afe apem ahankron ne aduonum ason mu no, mmara bi a ɛbɛboa Ghanafo asukuufo wɔ Germany boa timtim asukuufo aduanan-anan wɔ Germany suapɔn mu.

Wɔ afe apem ahankron ne aduosia ne aduoson mu, Nnipa dodow a wotuu kwan kɔɔ Germani no, na dodow no ara yɛ asukuufo. Wɔtee kuo bi a na wɔfrɛ no Union of Ghanaian Students in Germany (UGSG).

Wɔ afe apem mienu ne akron no,. Deutsche Gesellchaft fie Technishe Zusammenarbeit (GTZ), kae sɛ, Ghanafo bɛyɛ mpem mpem aduanan na atuukwan kɔɔ Germani, na saa nnipa yi ne wɔn mma ne wɔn nnena na wɔayɛ Germanfo sesei.

Mmofra bɛyɛ apem nkron,aha-nson ne aduonu nkron na wɔn awofo yɛ Germanifo ne Ghanafo a wɔn aware wɔ afe apem ahankron ne aduosia-num ne afe apem mienu ne nsia ntam. 

Wɔ afe mpem mienu ne ason mu no, Ghanafo mpem mpem aduonu, ɔha miensa ne aduonu nkron nam mmara kwan so bɛyɛɛ Germanfo, mpem awotwe, aha nkron ne anan (8,194) nso bɛyɛɛ Germanfo wɔ afe apem nkron ne aduawotwe(1980) ne afe apem mienu ne nson(2007) ntam.

Nansan yi de, Ghana gusu kura ayɔnkofa a ɛda wɔn ne Germany ntam a Ghanafo wɔ kurow a ɛwɔ Germany, dodow no ara kɔ hɔ kɔ sua ade ma ebi nso kɔ hɔ  kɔsra wɔn mmusuafo nkyɛn.




#Article 61: Abibifoɔ akwantuo kɔ Europa (1400 words)


Afrika akwantufoɔ a wɔwɔ Europa yɛ wɔn a wɔte Europa mprempren nanso wɔwoo wɔn wɔ Afrika.

Wɔwoo Roma Ɔhempɔn Septimius Severus wɔ Afrika Atifi, kurow a sesei ɛde Libia. Wɔ Roman tumidie bere so no, Afrika atififoɔ no tuu kɔɔ kwan kɔ Britania.Wohunu Britania mmranteɛ nsia bi a na wokura din a yɛntaa mfa to a na wɔyɛ Y-Chromosome haplogroup a na wɔn nkyi fi Afrika Sahara Anafo fam wɔ bɛyɛ afeha 16 anaa akyi.

Ɛfi afe 1960 no, Morocco, Algeria, ne Tunisia na na ɛyɛ aman a akwantufoɔ fa so tu kwan firi Afrika kɔ Europa, na afeha 20 awieeɛ no, na atukɔtenafoɔ pii na na wɔn nkyi firi saa aman yi so. Wɔ 1973 Fangoo ho nsɛnnennen a ɛbaeɛ no, akwantuo nhyehyɛe ho asɛm yɛɛ den wɔ Europa aman no mu. 

Na ɛnyɛ n'atirimpɔw a na ɛtaa n'akyi ne sɛ Afrika Atifi akwantuo bɛbrɛase na mmom, ɛbɛhyɛ atukɔtenafoɔ no nkuran na na woayɛ nhyehyɛe na akwantufoɔ ne wɔn mmusua atena hɔ afebɔɔ. Akwantufoɔ dodow no ara firi Magreb tu kwan kɔ France, Netherlands, Belgium ne Gyaaman. Spain ne Italy bɛkaa Europa aman a na Magreb akwantufoɔ no taa kɔ hɔ paa denam adwumayɛfoɔ dodow a na wohia wɔ saa aman yi mu wɔ afe 1980 no fa a ɛtwa toɔ no mu.

Spain ne Italy de mmara ne akwantufoɔ ho nhyehyɛe ne nkrataasɛm ma Maghreb akwantufoɔ no wɔ afe 1990 mfiase no, denam akwantufoɔ a wɔfa kwati kwan so tu kwan a na ɛredɔɔso wɔ Mediteranea Po no so. Ɛfi afe 2000, kwati kwan so akwantuo trɛw kɔɔ Afrika Sahara Anafo aman no.

Wɔ 2000-2005 ntam no, nnipa dodow bɛyɛ 440,000 na wofiri Afrika tuu kwan, dodow no ara kɔɔ Europa. Kwankyerɛfo ma International Migration Institute wɔ Oxford Sukuupɔn, Hein de Haas ma baguam ɔkasa bi a na ɛfa Abibifoɔ akwantuo kɔ Europa de kyerɛkyerɛ mu sɛ, ɛyɛ akwantuo a, atukɔfo no dodow no fa kwati kwan so tu kwan esiane ohiaa anaa basabasayɛ nti. ɔtoaa so sɛ, kwati kwan akwantufoɔ no mu pii yɛ nea wosua nhoma, na afei wobɛsan atumi atua wɔn Europa akwantuo no nyinaa a. ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ nea ama akwantuo fi afrikaa kɔ Europa no akɔ soro no yɛ atukɔfo adwumayɛfo a wohia wɔn ma woayɛ nwuma nketekete mu anaa nwuma a ɛba fam. 

Akwantufoɔ no dodow no ara wɔ wɔn botae nti wɔde retu akwan. ɔde kaa ho sɛ, Daworobɔkuo ne nipa dodow no ara bu obi a ofa po so tu kwan, wɔn a wɔkura nsrahwɛ akwantuo krataa, woakyinkyim wɔn nkrataasɛm ahodow anaa anaa wɔfaa Spain nkurow Ceuta ne Melilla. ɔde kaa ho bio sɛ, atukɔfo dodow no ara fa kwan pa so tu akwan de nanso wotena Europa boro bere anaa mfe dodow a wode ama wɔn no. Saa ara na akwantuo ho nimdefo Stephen Castles nso kaa sɛ ɛmfa ho ne dawurobɔkuo no ani a ayɛ krakra wɔ Abibifoɔ akwantuo kɔ Europa no, nipa dodow no ankasa sua- ɛmfa ho sɛ Europa akwantuo ho akontaabu ankasa biara nni hɔ.

Organization for Economic Co-Operation and Development (OECD), de too gua sɛ, atukɔfo a wofi Afrika kɔ aman a wodi yiye no sua sen akwantu kɔ wiase afanaa nyinaa. BBC bɔɔ amaneɛ wɔ afe 2007 sɛ, International Organization for Migration bu akonta sɛ bibifoɔ bɛyɛ mpempem 4.6 na wɔte Europa nanso Migration Policy Institute bu akonta sɛ nnipa bɛyɛ mpempem 7 - mpempem 8 ntam na wɔde kwati kwan te Europa a wɔyɛ Abibifoɔ.

Kwati kwan a Abibifoɔ fa so kɔ Europa no kyɛre biribi. Nnipa a wɔfiri Afrika aman a wonyaa nkɔsoɔ no de wɔn nkwa to asiane mu fa kwati kwan biara so tu kwan sɛ worekɔ Europa akɔpɛ yiedie. Wɔ Afrika aman ahorow bi mu no, titiriw ne Morocco, Mauritania ne Libia no, nnipa a wɔde wɔn fa sum ase kɔ Europa aman mu no yɛ nea sika pii wom sen nnubɔne ho gua a wɔdi no sum ase. Amaneɛbɔ de ba sɛ ahyɛmma anaa ɔkorow na kwati kwan so akwantufoɔ no taa de te Mediteranea Po no kɔ Europa, ebinom no nso fa Spain nsaase Ceuta ne Melilla. Kwati kwan so atukɔfo yi de wɔn nkwa to asiane kɛse mu, ebinom pira na afoforo mpo wu, bere a wɔrefa kwan bɔne so retu kwan akɔ Europa, wɔn nso a wɔn nsa aka guankɔbea a wɔkɔ srɛ no nso no, wɔsan de wɔn ba Afrika. Libia ne beaeɛ pɔtee pa ara a, kwati kwan so akwantufoɔ no taa fa hɔ kɔ Europa.

Wɔ Ahinime (October) 2013 ne Ahinime 2014 ntam no, Italy aban no de nhyehyɛe bi a wɔtoo din Operahyɛn Mate Nostrum, wim ne po so nhyehyɛe ne dwumadie a na wɔde bɛbrɛ kwati kwan so akwantuo kɔ Europa aman mu, na wɔde gye akwantufoɔ a wɔhyia hyɛman anaa po so asiane anaa akwanhyia wɔ Lampedusa Mpoano. Na ɛho abɛhia sɛ Italy po so asraafo fo no dodow na wɔde wɔn di saa dwuma yi nti, Italy aban no twaa nhyehyɛe no mu. Nhyehyɛe foforo, Operahyɛn Titron, a ɛhyɛ Europa Nkabomkuo (EU) asoeɛ a wɔhwɛ ɔhyeɛ so, Frontex, nsa na wɔde sii anam mu. Europa aman binom te sɛ Britania agye saa nhyehyɛe no antom esiane sɛ na wɔsusuw sɛ saa nhyehyɛe te sɛ Mare Nostrum ne Triton na ɛbɛhyɛ kwati kwan ho akwantuo nkuran.

Wɔ afe 2014 mu no, kwati kwan atukɔfo 170,000 na wɔfaa po so kɔɔ Italy (na ɛboro nnipa 42,925 a wɔkɔɔ afe 2013 mu), atukɔfo 141,484 na wɔfaa Libia tu kwan no. Na wɔn mu dodow no firi Asiria, Afrika Atifi Apueɛ ne Afrika atɔeɛ.

Asɛm yi san bɛgyee ntini wɔ wiase afanan nyinaa bere a akwantufoɔ po so nhyɛn no guu nsuo no mu, na bɛkaa ɔhaw a ɛrekɔso so wɔ Mediteranea Po so akwantuo ho amaneɛbɔ wɔ afe 2015 mu. Wiase nyinaa kuw a wɔhwɛ Akwantusɛm (International Organization for Migration) akontabuo kyerɛ sɛ afe 2015 mfiase ne Oforisuo (April) mfimfini ntam no, akwantufoɔ 21,000 na wɔkɔ duu Italy mpoano, akwantufoɔ 900 nso na wɔ wuwuiɛ wɔ Mediteranea Po no so. Wɔn a wɔkasa tia Europa Kwati Kwan Akwantuo nhyehyɛe no kyerɛ sɛ, Operahyɛn Mare Nostrum a wɔtwaa mu no ammu akwantufoɔ no abam, na Titron a wɔde siw anam no na aboa de po so akwanhyia ne owuo no dodow no akɔ soro.

Europa Nkabomkuo (EU) no nni akwantuo ho nhyehyɛe baako a wɔn nyinaa de redi dwuma a ɛwɔ hɔ ma atukɔfo a wofiri aman a wonyaa nkɔsoɔ no. Aman bi te sɛ Spain ne Mɔlta de ato EU no anim sɛ wɔnhwɛ nkabom na wɔnyɛ biribi mfa akwan a akwantufoɔ fa so ba Europa no. Spain nso ayɛ mmra kwan so akwantuo ho nhyehyɛe ne akwan Abibifoɔ betumi ato hɔ ama Abibifoɔ, na wɔfa adwumayɛfoɔ fii aman binom te sɛ Senegal. Europa aman binom te France, wɔ ɔmanpanyin Nicolas Sarkozy, tumidie bere so no, de nhyehyɛe a wɔde bɛbrɛ no ase, na mpo wɔsan hyɛɛ Abibifoɔ atukɔfo fo sɛ wɔnsan nkɔ Afrika. al.

Woreda ayamyɛ adi akyɛn France no, Spain nso, Baguakuw a wɔhwɛ aman ntam nkitaho ne abusuabɔ (Council on Foreign Relations) ne Abibiman yɛɛ apam na wɔmmoa wɔn na wɔmma atukɔtenafoɔ no nsane mmra Afrika.

De Haas ka sɛ, akwantuo ho nhyehyɛe a emu yɛ den biara antumi nni tebea no ho dwuma efisɛ ɛnyɛ hwee mfa hia a Europa aman no hia adwumayɛfoɔ dodow no ho asɛm biara. Dirk Kohnert ka sɛ, EU akwantuo ho nhyehyɛe de ani kɔɔ ahobanbɔ ne wɔn ahyeɛ a woretotom no. 

Ɔgye di sɛ, EU boa ma sikasɛm mu mpuntuo kɔ soro wɔ Afrika atɔeɛ fam no bɛbrɛ kwati kwan akwantuo no ase. Stephen Castles ka sɛ, ɛsono akwantuo ho nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ ma nkurow a wɔdi yie na ɛyɛ sen akwantuo ho nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ ma Abibifoɔ. Nteaseɛ nhyɛda nni nsusueɛ a wokura sɛ, sɛ wɔboa sikasɛm mu mpuntuo wɔ wiase no Anafo fam a , ɛno na ɛbɛbrɛ akwantuo yi no ase a wɔfa Atifi kɔ no ase. Julien Brachet ka sɛ ɛmfa sɛ akwantufo wɔfiri Afrika Sahara Anafo fam no sua no, Europa akwantuo ho nhyehyɛe a wɔde asi hɔ wɔ Afrika Atifi ne Afrika Atɔeɛ no mu biara nni hɔ a, ɛtumi abrɛ akwantuo kɔ Europa no ase, na mmom no ɛboa akwantufoɔ no fa sum se kɔ Europa..

Aman pɔtee a wɔwoo Afrika Sahara Atifi atukɔtenafoɔ wɔ Europa Nkabomkuo, Norway ne Switzerland wɔ afe 2017 mu, wɔ apem mu. Source: Pew Research Center.




#Article 62: Adinkra Ahyɛnsodeɛ (648 words)


Adinkra yɛ ahyɛnsodeɛ a egyina hɔ ma nimdeɛ anaa nsɛmfua bi. Mpɛn pii no, ntoma ne nneɛma a yɛde dɔteɛ ayɛ bi ti sɛ, ayowa, kukuo ne nea ɛkeka ho na, Adinkra ahyɛnsodeɛ yi di dwuma paa wɔ mu. Nnipa a na kane no wɔde adinkra de dwuma yiye paa yɛ Asantefoɔ ne Baoulefoɔ a, wotu firi Gaana kɔ bɔɔ adwaa wɔ bɛɛbi foforo. Afei nso, Adinkra ahyɛnsodeɛ yi bɛdii tintinman wɔ wɔn adansie nnwuma nyinaa mu.

Sɛ woba Akan man mu a, yɛde Adinkra toto ahenefo nkonya ho ɛne nneɛma a yɛde sika kɔkɔɔ ayɛ. Afei nso nkonya a yɛde di dwuma wɔfie ne nea nananom ahenefo de di dwuma wɔ wɔn nsɔneɛso no, wobehu adinkra ahyensodeɛ wɔ ho. Nsrahwe ama ɛneɛ adinkra dwuma a na kane no ɛdi no asesa koraa. Seisei, wobehu adinkra ahyɛnsodeɛ wɔ yɛn konmuade ho, nneɛma a yede toto y3nsa, yɛn ntaade mu,yɛn sine twa mu ɛne yɛn nnwuma bebree mu. Adinkra a yedi dwuma beberee no mpenpii no ɛkasa kyerɛ yɛn. Akanfoɔ bu bɛ bi sɛ Oba nyansafoɔ, yɛbu no bɛ na yɛnka no asɛm. Ne saa nti, yɛbetumi aka sɛ Adinkra ahyɛnsodeɛ no yɛ nyansa kasa bi a yɛn nananom fa so di dii nkɔmo na nne nyinaa, saa nimdeɛ tetefoɔ no di baeɛ no guso wɔ nfasodeɛ bebree.

Wɔdi ahyɛnsodeɛ yi yɛ nseisei nnwuma beberee nanso ɛyɛ adeɛ a ɛsan gyina hɔ ma wɔn nimdeɛ, wɔn gyideɛ ɛne ɔkwan a wɔfa so hunu ɛwiase. Adinkra ahyɛnsodeɛ no gu mu ahodoɔ beberee na ɛmu biara nso wɔ ne kyerɛ aseɛ a mpɛnpii no ɛyɛ abɛbuo. Owura Kwame Anthony Appiah, a ɔwɔ nimdeɛ wɔ Adinkra adesua mu kyerɛmu sɛ, adinkra yɛ kwan baako a Akanfoɔ faso de wɔn gyidie ne nsunsueɛ to dwa.

Wɔ Asante abakɔsɛm mu no, Gyaamanfoɔ a wɔwɔ ɛnɛ Gaana man mu ha na wɔhyɛ ase de adinkra dii dwuma. Obroni a ɔfiri Ohemaa Kurom, owura Thomas Edward Bowdiɔh na ne nsa dii kan sɔɔ Adinkra ntoma mu wɔ afe 1817. Wei kyerɛ sɛ wɔ afe 1817 ne mu nyinaa no, na adinkra wɔhɔ. Owura Bowdich nsa kaa ntoma yi wɔ Asante Mantam kuropong, Kumase. Saa ntoma yi, na adinkra ahyensodeɛ ahodoɔ beyɛ du-num na ɛwɔmu. Ahyensodeɛ ne bi ne nsroma, dono ntoasoɔ, ene diamonds. Nneɛ sɛ yɛkɔ Ohemaa kurom a, yɛbɛhunu saa ntoma yi wɔ wɔn abakɔsɛm fie.

Adinkra ntoma a ɛtɔ so mmienu a akyɛre yiye paa no, yɛhuu nu no afe 1825. Saa ntoma yi wɔfa firi Elmina ɔastle de kɔ Hague abrokyireman. Dutɔhfoɔ asrani panyin F. Last,n'ɔyɛ saa nhyehyɛyɛ yi. Abakɔsɛm kyerɛ a, wɔyɛɛ saa ntoma yi maa William I a ɔfri Netherlands abrokyireman mu. ɛnoti sɛ yɛhwe saa ntoma yi a, yɛbɛhunu Netherlands man no ahyensodeɛ sɛ ɛda mfifini. Adinkra bɛyɛɛ ade sronko bi maa wɔn a wɔbedii Goldɔast man no so. Ne saa ɛnti se wotu kwan kɔ saa aman yi so a wobehunu adinkra ntoma wɔ wɔn abakɔsem fie.

Ahenfo, adehyeɛ ne ɛtumfoɔ na wɔfura Adinkra ntoma kɔ eyie ne dwabɔ akeseɛ a ɛsombo ase. Kane no na wɔde wɔn nsa na nwene adinkra to ntoma kɔkɔɔ anaa tumtum so. Ahyensodeɛ a wɔde to so no kyere onipa diberɛ ɛne baabia wobetumi ahyɛ ntoma no akɔ. Enam sɛ ɛwiase akɔ nanim no nti, ɛne yi y3de Adinkra yi to ntoma biara so.

Enɛ yi Ntɔnso a ɛwɔ Kumase kwan so na ɛyɛ baeɛ a wɔyɛ adinkra ntoma yi. Adinkra aduro tumtum a wɔde hyɛ ntoma no, wɔde ɛdua badie no hyɛ nsuom na wanoa ne nhini no ɛne ne nakyi no afra. Sɛ nsuo no dane tumtum a wɔsɔne so na wa san de asi gya so nnɔhwere beberee kɔsi sɛ ɛmu bɛ pi. Sɛ wɔwie a wɔsusu anammɔn bɛyɛ num ɛne nwɔtwe ansana wɔde agu ntoma no so.

Owura Robert Rattray twereɛ adinkra ahyɛnsodeɛ aduanum-mmiensa ɛne wɔn kyerease wɔ ne nhoma, Religion and Art wɔ Asante Kasa mu. (Oxford 1927)




#Article 63: Akwantuo fri Gaana kɔ Germany (1435 words)


Ghanafo tu kɔtena Gɛɛmani hyɛɛ aseɛ wɔ afe apem nkron aduonum (1950) berɛ a Gɛɛmani atɔeɛ afa mu de nhyehyɛe baa sɛ asukuufoɔ awɔn wɔ Abibirim ha sɛ wɔbɛtumi akɔ Gɛɛmani akɔtoa wɔn adesua so. Saa nhyehyɛe wei maa asukuufoɔ no nimdeɛ a ɛho bɛhia ɔman a ofiri wɔ berɛ wobɛsan akɔ wɔn kurom.

Wɔ afe apem mmienu ne nkron (2009) mu no, na Ghanafoɔ bɛyɛ mpem aduanan (40,000) na wɔn wɔ tu kɔtena wɔ Gɛɛmani asetena mu. Ghanafoɔ a, wɔn wɔ tu kɔtena Gɛɛmani asetena mu ne wɔn a, ofiri Ghana na ɔnam mmra kwan so adane Gɛɛmanfoɔ, awoɔ ntoa ntoasoɔ a, ɛtɔ so mmienu ne mmiensa nso danee Gɛɛmanfoɔ. Mmɔfra a wɔfiri aman ahodoɔ mmienu so no de ɛnnyɛ wɔn pɛ sɛ wɔ yɛ tu kɔtena no bi Sɛ deɛ Deutsche Gasellschaft fur Techniscle Zusammensrbit (GTZ) kyerɛ no. GTZ ma yɛ t’ase sɛ, amanfrafoɔ a, mmra mma wɔn ho kwan sɛ ɔtena anaa sɛ mpo ɔba ɔman no mu adɔɔso para. Wɔn nso a wɔ wɔ nkrataa a,mmra ma ho no nso no wɔmma wɔn baabi ntena wo berɛ a wɔn mmrɛ atwam.

Sikasɛm mu haw, ntɔkwako, mente me ho ase a, ɛwɔ abusuakuo mu, ne abrabɔ mu amanehunu abɛyɛ botaeɛ nti a, nnipa pii firi wɔn man mu . Ahɔhoyɛ gyinabea ayɛ hu paa wɔ wiase afaana nyinaa. Afe biara mu nso ɛkɔ soro afe biara mu .

Sikasɛm, ohia, ne sɛ deɛ nnipakuo adɔɔso wɔ faako no nso ka botaeɛ nti a, dodoɔ naa firi wɔn fie anaa wɔn ɔman mu. 

Tu kɔtena mu ahorow mmiɛnsa na yɛ bɛtumi anya afiri abakɔsɛm a ɛwɔ Ghanafoɔ tu kɔtena Gɛɛmani mu. Eyinom bi ne Adesua mu Tu kɔtena, Ahobanbɔ mu tu kɔtena, ne Tu kɔtena a, ɔde ka abusua saa bomm. Ghanafoɔ wɔn wɔ tu kɔtena mu ntaa nya  adwumayɛ mu akwanya.

Adesua mu tu kɔtenafo pii naa tu kɔ ɔman a ɛtɔso mmiɛnsa wɔ aberɛ a wɔn awie wɔn adesua no wɔ Gɛɛmani.

Tu kɔtenafo a onya saa akwannya yi wie akyire bɛ yɛ Gɛɛmanfoɔ adehye afebɔɔ. Efiri mfeɛ apem,aha nkron aduoson (1970) mu sikasɛm mu haw ne amanwɔsɛm mu mente me ho ase trɛw dodoɔ a, ofiri Ghana sɛ ɔrekɔpɛ ahobammɔ no mu wɔ amanone ne aman foforɔ a, ɛwɔ yɛn abibirem mu ha.

Nnipa dodo mmra gye wɔn tum sɛ otumi firi Ghana ba Gɛɛmani no nnuru ɔha nkyekyem baako mpo. Sɛ deɛ mpanyinfo bu tu kɔtenafo a, ofiri Ghana sɛ ɔyɛ sikasɛm mu ahohoɔ no. Nnipa ɔha ne du mmienu (112) pɛ na mmra gyee wɔn tuu mu sɛ ahohoɔ wɔ afe apem aha nkron aduowɔtwe mmiɛnsa (1983) ne afe mpem mmienu ne nson (2007) ntɛm.

Saa atukɔfoɔ yi taa wie aseɛ sɛ wɔn a wonya hokwan tena German afebɔɔ ɛnnɛ. Gaanafoɔ bɛboro nkyem anan mu baako na wɔnam abusua nkabom akwantuo so kɔ German.

Amanaman ntam Nkabomkuo a wohwɛ Akwantuo (IOM) so kyerɛ kwan pa so akwantuo no sɛ ɛyɛ nea agyina ɔman a kwantufoɔ no fi, ɔman a ɔbɛfiri ne ɔman ɔrekɔ mu no akwantuo mmra no hyia. IOM san kyerɛ Kwati kwan so ɛyɛ akwantuo a ɛne atukɔ, amanaman ntam mmra ne nhyehyɛe a ɛbata akwantuo fi ɔman a ofiri mu, ne ɔman a ɔrekɔ mu no bɔ abira.

Akwan wɔ hɔ ma akwantufoɔ sɛ wobɛfa kwan pa and kwati kwan so akɔ.

German Aban Asoeɛ kyerɛ kwan pa a obi betumi afa so atu kwan gyina atirimpɔw nti a ɔrekɔ no.Kwan Pa so fa no kyerɛ sɛ wobenya akwantuo no tumi krataa.

Berɛ Tia Akwantuo Tumi Krataa

German aban ananmusifo adwumayɛbea kyerɛ ɔkwan a obi nsa bɛka berɛ tia Europa Schengen aman akwantuo tumi krataa (nnafua 90 wɔ nnafua 180) ntam wɔ German (ne Europa aman a ɛwɔ Schengen nsaase so sɛ ɔrekɔ nsrahwɛ, rekɔyɛ adwuma. Akwammisa nkrataa wɔhɔ a ɛsɛ sɛ onii no hyehyɛ., wo ne no ayɛ nhyehyɛe sɛ wobehyia . German aban ananmusi asoeɛ a ɛwɔ Nkran (Accra) de nkrataa a ɛhia anaa wobisa fi obi a ɔrekɔpɛ akwantuo tumi krataa .

Berɛ Tenten Akwantuo Tumi Krataa

Aban ananmusi asoeɛ kyerɛkyerɛ berɛ tenten akwantuo tumi krataa mu ma asukuufo, abusua nkabom, adwumayɛ akwantuo tumi krataa ne nea ekeka ho, ne emu biara ahwehwɛde, abusua nkabom .

Ɛsɛ sɛ wɔn a wobebisa hokwan no wɔ akwantuo nkrataa (passport) Ɛbeboro nna dodow a obedi wɔ German no bɛyɛ abosome mmiensa ansa na awu. Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ kratafa mmienu na hwee nni so akwantuo nkrataa (passport) na afei ɛyɛ nea ne nsa kaa no mfe 10 ntam. Ɛsɛ sɛ wɔn a wobebisa hokwan no nso hia n’awoda ho adanse krataa  ne mfoni ketewa a akyi fitaa a ɔtwaa nkyɛe. EuroHealth ayaresa nsiakyibaa a ɛbɛbɔ ne ho ban nna dodow a ɔbetena na ɛyɛ nea Schengen aman no nyinaa gye tom. Nea etwatoɔ no, sikasɛm adanseɛ a  ɛkyerɛ sɛ ebetumi aso no nna dodow a ɔbedi no nso wobehwɛ ansa.  Nea a wɔrekɔbisa hokwan no de wɔn nsa hyɛ German Atutena Nhyehyeɛ ɔfa 54 nkyekyem 2 nea ɛtɔ so 8 krataa no ase. Akwantuo tumi krataa nhyehy3e no ho ka yɛ Euro 60.00 (GH₵ 382). 

Akwantuo no atirimpɔw na ɛbɛkyerɛ ahwehwɛde foforo a ɛbeka ho

Sɛ nsrahwɛ tumi krataa nso a, onii no abusuabɔ ho adanseɛ ho hia. Nea ɔsrafo no reba ne nkyɛn no de ne nsa hyɛ nsatoɔ krataa no ase na ɔde ne akwantuo nkrataa (passport) ne tumi krataa a ɛma no hokwan a ɔde te ɔman no mu bi ma nea a ɔrekɔbisa hokwan .

Sɛ ayaresa nti a, ɛsɛ sɛ nea a ɔrekɔbisa hokwan no de n'ayaresa sikasɛm ho adanseɛ a  ɛkyerɛ sɛ ne ɛhɔ tena ka ne lɛtɛ a dɔkota a ɔhwɛɛ no nso kyerɛ. Nea a ɔrekɔbisa hokwan san hia krataa a efi German asopiti anaa dɔkota a woagye apene sɛ ɔbehwɛ ɔyarefoɔ no.

Sɛ adwuma nso a, wɔn a wobebisa hokwan no hia nsatoɔ krataa fi adwumakuw a ɛwɔ German no ne krataa a adwumakuw a ɔte mu no na wɔkyerɛw botae pɔtee nti ɔretukwan no. ɛsɛ sɛ, German dwumakuw no din wɔ ɔman no aguadi nhoma mu. .

Sɛ nteteɛ anaa kasa foforo adesua nso a, ɛsɛ sɛ wɔn a wobebisa hokwan no nya krataa fi German ahyehyɛde a ɛkyerɛ sɛ woagye no berɛ a ne nkrataasɛm nyinaa yɛ papa no.

Sɛ amamerɛ, agudie, sinitwafoɔ, anaa nyamesom atirimpɔw nso a, ɛsɛ sɛ wɔn a wobebisa hokwan no nya krataa fi mpanyinfoɔ a wɔn a wɔne wɔn bedi dwuma nyinaa ne nea wɔbɛyɛ nyinaa wɔ so.

Kwati kwan akwantuo fi Afrika kɔ Europa yɛ asɛm a ɛho hia. Atukɔfo no dodow a wɔfa saa kwan bɔne so yi fi Afrika wɔ aman a wonnyaa nkɔso mu na wɔfa saa kwan yi so rekɔpɛ yiyedie. Atukɔfoɔ fa Afrika Atififam, titiriw Libya, na beaeɛ pɔtee a wɔnam kwan bɔne so fa hɔ kɔ Europa. Wɔde  hyɛmma twa Mediteranea Po no. Ebinom nso fa Spania nsaase Ceuta ne Melilla, de wɔn nkwa to asiane mu. Wɔn a wɔdaadaa nipa de wɔn kɔ Europa nso afa so de ayɛ wɔn gua.   

Ayɛwohomumɔ (June) 2019 mu no, Amanaman ntam Nkabomkuo a wohwɛ Akwantuo (IOM) buu akontaa sɛ bɛyɛ nnipa dodow 555  a wɔfa  Mediteranea Po akwan mmiɛnsa so kɔ Italy, Malta ne Cyprus na wɔhwerew wɔn nkwa. Ebeduu Ɔpɛnimma (Decmber) 2019  mu no, nnipa dodow bɛyɛ 738  na nsuo faa wɔn, wɔyɛɛ wɔn ayayade, nna mu ayayade, ɛkɔm, yareɛ, ne ayaresa a woannya ne wɔn mu nsu a ayow nti wowuwui.  

Ɛmfa ho sɛ, asomdwoe wɔ ɔman yi mu no, Gaanafoɔ na amaneɛbɔ kyerɛ sɛ wodi mu atentenman wɔ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Europa no. Gaanafoɔ bɛyɛ 5,636 na wɔnam po so kɔɔ Italy afe 2016 mu. Wɔ 2017 mu no, Brong Ahafo mantam a mprenpren woakyɛm amantam mmiensa, Ahafo, Brong ne Bono Apueɛ, na na wɔn dodow dɔɔso paa. Gaanafoɔ 4,092 a wofii Libya bae no, nnipa dodow 1,562, a wɔyɛ ɔha nkyekyɛm 38.17 na na wofi Brong Ahafo. Asante mantam nyaa 601, a wɔyɛ ɔha nkyekyɛm 13.63.

Wɔbɔ nnipa dodow no ara a wɔpɛ sɛ wɔtena Germany no ba esiane guankɔbea a wɔkɔ hwehwɛ, ne abusua nkabom hokwan a wɔkɔ pɛ a anyɛ yiye nti. Guankɔbea ahwehwɛfoɔ a wɔn nsa ka ahobanmmɔ anan no mu baako no nyaa hokwan tena. Mpɛn pii no ahwehwɛfoɔ a wɔn nsa nka no ntumi ma nyinasoɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔtaa wɔn anaa basabasayɛ rekɔ so wɔn aman mu. Nnipa a sikasɛm mu tebea nti wɔtu kɔ German no nyɛ aguanfoɔ. Afei nso, sɛ obi firi Europa Nkabomkuo ɔman baako mu rekɔ ɔfoforo mu a, ɔrentumi  nhwehwɛ guankɔbea biom.   .

German nso boaa atukɔtenafo a wopɛ sɛ wɔkɔ wɔn nkyi bi nom.




#Article 64: Akanfoɔ (635 words)


Akanfoɔ yɛ abusuakuo kɛse bi a wɔka Tano kasahorow no. Mpenpii no, wobehunu Akanfuo wɔ oman Gaana anaafoɔ. Abakɔsem kyerɛ a, Akanfoɔ a wɔnkyi firi Gaana man mu no, wɔn mu pii nso wɔ Ivory Coast man no mu. Akan kasa no, (ɛyɛ Twi/Fante/Akyem/Akuapem) yɛ kasahorow bi a ɛwɔ Potou-Tano abusuakuo ketewa mu na wɔn nyinaa firi Niger-Kongo abusua kɛse no mu.

Akan abusua nkyekyɛmu.

ɛnam sɛ abrofo bɛdii Gaanafoɔ so na wɔde wɔn yɛɛ nkoa nti no, ɛne yi, yɛbehunu Akan abusuakuo yi bi wɔ Amerika abrokyireman no mu. Abakɔsem kyere a, nkoa yɛde wɔn firi Gold Coast kɔ abrokyireman mu no, emu nkyekyɛmu bɛyɛ oha mubupɛn du (10%) na ɛye akanfoɔ. Ade baako a ɛma Akanfoɔ de mu na ɛma yɛfrɛ wɔn sikafoɔ ene sɛ, Akanfoɔ wɔ sikakɔkɔɔ (gold) bebree. ɛnam ntɔkwa pii a esii Asantefoɔ ne fantefoɔ ntam nti no, ɛmaa abrofo no akwanya ma wɔ kyekye Akanfoɔ beberee de wɔn yɛɛ nkoa. Koromantee asrafoɔ ene Akanfoɔ a wabɛyɛ nkoaa no de pem so yiye paa esan sɛ na akanfoɔ no pɛ wɔn fahodeɛ. Akanfoɔ yɛ abusuakuo bi a na wɔn ani ɛdin yiye paa enti sɛ enɛ yi, wokɔ Amerika man no mu, na wohunu Maroons abusuakuo no a, wobehunu sɛ ampa wɔn ase firi akanman mu.

ɛfiri 15th century de kosi 19th century no, ɛdwuma a na Akanfoɔ yɛ no sɛ, wotu fɛm agudie na wɔsan so de dwa kɛse paa wɔn oman no mu. Na efiri 17th century hɔ kɔ no dierr, na akanfoɔ abɛyɛ abusakuo a wɔwɔ tumi kɛse paa wɔ Abibiman nyinaa mu.

Owura Peter Bakewell kyerɛ a, baeɛ a na akanfoɔ di wɔn sikakɔkɔɔ ho adwuma no gyina Komoe ne esuo Frao ntam. Baeɛ akɛseɛ mmiɛnsa a na wɔde sikakɔkɔɔ ho adwuma no yɛ Akanfoɔ, Bambukfoɔ ɛne Bure sikakɔkɔɔ baeɛ.

Sikakɔkɔɔ a na ɛwɔ Gold Coast man no mu na ɛdi abrofo ɛdwadifoɔ baa oman no mu. Abrofo a wɔdii kan bae no yɛ Portuguesefoɔ, eno akyi no na Dutɔhfoɔ ene Britishfoɔ bae esan sikakɔkɔɔ a na ebu wɔn Akanman no. ɛsan tumi a na akanfoɔ wɔ no nti, wɔni nkuro a na wɔbɛn wɔn no dii ako na wɔde wɔn so nkunim a na wa tɔn wɔn ama abrofo no (Portuguese) sɛ nkoa. Na abrofo no ɛsan sikakɔkɔɔ nti no, wɔde atuo ka saa nkoa yi ho san de ma Akanfoɔ yi. Na Akanfoɔ yi hiaa nkoa no de wɔn adɔ kwaeɛ a na etwa Asante kuro no ahyea.  Akanfoɔ no hyɛase tɔn nkoa maa abrofo no na saa nkoa yi na abrofo no di wɔn kɔɔ wɔn kurom a ebɛdene nea yefrɛ no trans-atlantic slave trade. Wɔ afe 2006, Gaana man de gyaatoa maa nipa bi a ɛnam gaanafoɔ naa bi so wɔde wɔn asefoɔ yɛɛ nkoa kɔ abrokyireman mu.

Akanfoɔ ɛnkaka Asantefoɔ ɛne abrofo no adii ako na mpɛn pii no Akanfoɔ no dii abrofo no so nkunim de kyere wɔn tumi. Saa ako yi bi yɛ Anglo- Asante ɛne ɔko a na ɛfa sika dwa Kofi (golden stool) no ho.

Wɔ afe 1900s, na Gaanaman hyɛ Britain man no ase, na saa mmere no mu no, na Ivory Coast nso hyɛ France kuro no ase. Wɔ Oforisuo bosome ne da a ɛtɔ so nsia no (6 March), mmere a Gaanaman no nyaa wɔn fahodeɛ firi abrofo no nsa, Omanpanyin Kwame Nkrumah de British Togoland, Atifi Mantam, Atifi-apueɛ Mantam ene Atifi-atɔeɛ Mantam a ɛwɔ Gold Coast bomu ma no bɛyɛ enɛ Gaanaman. Ivory coast nya wɔn fahode, ɔsanaa bosome ne da ɛtɔ so nson. (7th August, 1960).

Akan abusuakuo no nkyekyɛmu no ne: Asante (abusuakuo kɛse paa). Abinghi, Abbe, Abidɛi, Aboure, Adwuku, Ahafo, Ahanta, Akuapem, Akwamu, Akyem, Alladian, Anyi, Aowin, Assin, Attie, Baoule, Abron, ɔhokosi, Denkyira, Ehotile, Fante (abusuakuo kɛse a ɛtɔ so mmienu), Kwahu, Nzema, Sefwi, Teɔhiman, Twifu ene Wassa Gywira Pepesa.




#Article 65: German Nhomasua (120 words)


Nhomasua wɔ German nkurow ahorow asɛyɛde (Länder), na German aban nso di dwuma kakra nso de boa. Kindagaten  (mmɔfra mfiase sukuu) nhomasua a wopɛ a na wokɔ wɔ hɔ ma abɔfra biara a woadi mfeɛ baako ne nsia ntam, efi hɔ a, sukuu kɔ yɛ nhyɛ. Nhyehyɛe no da nso wɔ German efisɛ ɛsono German kurow (asaase) biara ne ne nhomasua nhyehyɛe. Mmofra no pii kɔ Grundschule (fapem anaa mfiase sukuu) mfeɛ nnan fi mfe nsia kɔsi mfeɛ nkron.

German ntoasoɔ sukuu gu ɛfa ahorow mmienu,  ntoasoɔ ketewa ne ntoasoɔ kɛseɛ. German ketewa anaa mfiase ntoasoɔ sukuu ma mfiase sukuu nimdeɛ na ɛboa siesie wɔn ma soro ntoasoɔ sukuu. Ntoasoɔ sukuu akɛseɛ no ma nsaano nnwuma ho nteteeɛ ne nimdeɛ.




#Article 66: Migration from Ghana to Germany (929 words)


Gaana foɔ fii aseɛ tu kwan kɔ Germany wɔ afe 1950 mfiase no mu. Saa brɛ no mu no na Germany atoyɛ nhyihyeɛ ɛmaa ɛbibrɛ mu adesua foɔ kwan sɛ wonom betumi atu kwan akɔ Germany akɔ toa wonom adesua so. Saa nhyihyeɛ yi boa maa adesua foɔ no nya nnideɛ ɛbɛboa ama wonom nkuro ahodoɔ no atu mpon.

Ɛbɛsi afe 2009, na Gaanafoɔ bɛyɛ 40,00 na woatu kwan ama German pɛn, kyerɛ sɛ Gaanafoɔ a woatu kwan pɛn no betumi ayɛ Gaanafoɔ a wɔnam nkrataa so abɛyɛ Germanfoɔ ne wɔn awo ntoatoaso a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa ne wɔn nkyirimma a wofiri aman mmienu yi mu a wɔn de wɔn ankasa tuu kwan, sɛnea Deutsche Gesellschaft fur Technische Zusammenarbeir (GTZ).

GTZ kyerɛ sɛ, atukɔfo a wɔdɔɔso kakra a wɔnni nkrataa , dodow wɔ akwantuo nkrataa de nanso wɔtenaa hɔ a na wɔnni tumi krataa a wɔde bɛtena hɔ emfa ho sɛ na berɛ a wɔde ama wɔn no awu no.

Sikasɛm mu ahokyerɛ, ɔko, ntɔkwa ne asetenam nsɛnnennen na ama nnipa dodow no ara atu afi aman a wofi ankasa. Wiase no aguanfo gyinabea dodow yɛ nea ɛyɛ hu paa na ɛkɔ soro afe biara. Sikasɛm mu ahokyerɛ, ohia a ɛrekɔ anim ne nnipa dodow awoɔ a ɛrekɔ soro ka ne ɛnti a nnipa tu fi wɔn fie anaa aman a wofirim.

Akwantuo ahorow mmiensa na Gaanafoɔ fa so tu kwan kɔ German. Ɛno ne adesua akwantuo, guankɔbea hwehwɛ akwantuo, ne  abusua nkabom akwantuo. Gaana akwantufoɔ no ntaa nya adwuma nkrataa.

Adesua akwantufoɔ no dodow no tu kɔ aman a wɔanya nkɔanim bere a woawie wɔn adesua wɔ German.

Atukɔfo a wɔnam saa kwan wei so no nya hokwan tena German afebɔɔ ɛnnɛ.

Efi mfeɛ 19700 mu no, sikasɛm mu ahokyerɛ ne ammamuo mu basabasayɛ wɔ asraafo nnisoɔ wɔ Gaana no maa aguanfo a wɔpɛ guankɔbea wɔ Europa ne Afrika aman mu no trɛw kɔɔ anim. 

Nnipa dodow a wɔgye wɔn guankɔbea hwehwɛ abisae no tom no nnu ɔha nkyekyɛm baako mpo, mpanyinfoɔ no ne atumfoɔ no mu Gaana atukɔfoɔ no sɛ wɔyɛ sikafam aguanfoɔ. Nnipa 112 pɛ na wogyee wɔn tom sɛ wɔyɛ ammamuisɛm aguanfoɔ wɔ afe 1983 ne 2007 ntam.

Saa atukɔfoɔ yi taa wie aseɛ sɛ wɔn a wonya hokwan tena German afebɔɔ ɛnnɛ. Gaanafoɔ bɛboro nkyem anan mu baako na wɔnam abusua nkabom akwantuo so kɔ German.

Amanaman ntam Nkabomkuo a wohwɛ Akwantuo (IOM) so kyerɛ kwan pa so akwantuo no sɛ ɛyɛ nea agyina ɔman a kwantufoɔ no fi, ɔman a ɔbɛfiri ne ɔman ɔrekɔ mu no akwantuo mmra no hyia. IOM san kyerɛ Kwati kwan so ɛyɛ akwantuo a ɛne atukɔ, amanaman ntam mmra ne nhyehyɛe a ɛbata akwantuo fi ɔman a ofiri mu, ne ɔman a ɔrekɔ mu no bɔ abira.

Akwan wɔ hɔ ma akwantufoɔ sɛ wobɛfa kwan pa and kwati kwan so akɔ.

German Aban Asoe3 kyer3 kwan pa a obi betumi afa so atu kwan gyina atirimp)w nti a )derek).Kwan Pa so fa no kyerɛ sɛ wobenya akwantuo no tumi krataa.

Berɛ Tia Akwantuo Tumi Krataa

German aban ananmusifo adwumayɛbea kyer3 )kwan a obi nsa b3ka ber3 tia Europa Schengen aman akwantuo tumi krataa (nnafua 90 w) nnafua 180] ntam w) German (ne Europa aman a w)w) Schengen nsaase so] s3 )rek) nsrahw3, rekɔyɛ adwuma. Akwammisa nkrataa w)h) a 3s3s3 onii no hyehy3., wo ne no ayɛ nhyehyɛe sɛ wobehyia . German aban ananmusi asoeɛ a ɛwɔ Nkran (Accra) de nkrataa a ɛhia anaa wobisa fi obi a ɔrekɔpɛ akwantuo tumi krataa .

Berɛ Tenten Akwantuo Tumi Krataa

Aban ananmusi asoeɛ kyer3kyer3 ber3 tenten akwantuo tumi krataa mu ma asukuufo, abusua nkabom, adwumay3 akwantuo tumi krataa ne nea ekeka ho, ne emu biara ahwehw3de, abusua nkabom .

Ɛsɛ sɛ wɔn a wobebisa hokwan no w) akwantuo nkrataa (passport) 3beboro nna dodow a obedi w) German no b3y3 abosome mmiensa ansa na awu. Any3 yiye koraa no ,3sɛ sɛ kratafa mmienu na hwee nni so akwantuo nkrataa (passport) na afei 3y3 nea ne nsa kaa no mfe3 10 ntam. Ɛsɛ sɛ wɔn a wobebisa hokwan no nso hia n’awoda ho adanse krataa  ne mfoni ketewa a akyi fitaa a )twaa nky3e. EuroHealth ayaresa nsiakyibaa a 3b3b) ne ho ban nna dodow a obetena na 3y3 nea Schengen aman no nyinaa gye tom. Nea etwa to) no, sikas3m adanse3 a  3kyer3 s3 ebetumi aso no nna dodow a )bedi no nso wobehw3 ansa.  Nea a )rek)bisa hokwan no de wɔn nsa hy German Atutena Nhyehye3 )fa 5 nkyekyem 2 nea 3t) so 8 krataa no ase. Akwantuo tumi krataa nhyehy3e no ho ka y3 Euro 60.00 (C382). 

Akwantuo no atirimp)w na 3b3kyer3 ahwehw3de foforo a 3beka ho.

S3 nsrahw3 tumi krataa nso a, onii no abusuab) ho adanse3 ho hia. Nea )srafo no reba ne nky3n no de ne nsa hyɛ nsato) krataa no ase na )de ne akwantuo nkrataa (passport) ne tumi krataa a 3ma no hokwan a )de te )man no mu bi ma nea a )rek)bisa hokwan .

S3 ayaresa nti a, 3s3 s3 nea a )rek)bisa hokwan no de n'ayaresa sikas3m ho adanse3 a  3kyer3 s3 ne 3h) tena ka ne l3t3 a d)kota a )hw33 no nso kyer3. Nea a )rek)bisa hokwan san hia krataa a efi German asopiti anaa d)kota a woagye apene s3 )behw3 )yarefo) no.

S3 adwuma nso a, wɔn a wobebisa hokwan no hia nsato) krataa fi adwumakuw a 3w) German no ne krataa a adwumakuw a )te mu no na w)kyer3w botae p)tee nti )retukwan no. 3s3 s3, German dwumakuw no din w) )man no aguadi nhoma mu. .




#Article 67: Akwantuo fi Gaana rekɔ German (1357 words)


Gaana foɔ fii aseɛ tu kwan kɔ Germany wɔ afe 1950 mfiase no mu. Saa brɛ no mu no na Germany atoyɛ nhyihyeɛ ɛmaa ɛbibrɛ mu adesua foɔ kwan sɛ wonom betumi atu kwan akɔ Germany akɔ toa wonom adesua so. Saa nhyihyeɛ yi boa maa adesua foɔ no nya nnideɛ ɛbɛboa ama wonom nkuro ahodoɔ no atu mpon.

Ɛbɛsi afe 2009, na Gaanafoɔ bɛyɛ 40,00 na woatu kwan ama German pɛn, kyerɛ sɛ Gaanafoɔ a woatu kwan pɛn no betumi ayɛ Gaanafoɔ a wɔnam nkrataa so abɛyɛ Germanfoɔ ne wɔn awo ntoatoaso a ɛtɔ so mmienu ne mmiɛnsa ne wɔn nkyirimma a wofiri aman mmienu yi mu a wɔn de wɔn ankasa tuu kwan, sɛnea Deutsche Gesellschaft fur Technische Zusammenarbeir (GTZ).

GTZ kyerɛ sɛ, atukɔfo a wɔdɔɔso kakra a wɔnni nkrataa , dodow wɔ akwantuo nkrataa de nanso wɔtenaa hɔ a na wɔnni tumi krataa a wɔde bɛtena hɔ emfa ho sɛ na berɛ a wɔde ama wɔn no awu no.

Sikasɛm mu ahokyerɛ, ɔko, ntɔkwa ne asetenam nsɛnnennen na ama nnipa dodow no ara atu afi aman a wofi ankasa. Wiase no aguanfo gyinabea dodow yɛ nea ɛyɛ hu paa na ɛkɔ soro afe biara. Sikasɛm mu ahokyerɛ, ohia a ɛrekɔ anim ne nnipa dodow awoɔ a ɛrekɔ soro ka ne ɛnti a nnipa tu fi wɔn fie anaa aman a wofirim.

Akwantuo ahorow mmiensa na Gaanafoɔ fa so tu kwan kɔ German. Ɛno ne adesua akwantuo, guankɔbea hwehwɛ akwantuo, ne  abusua nkabom akwantuo. Gaana akwantufoɔ no ntaa nya adwuma nkrataa.

Adesua akwantufoɔ no dodow no tu kɔ aman a wɔanya nkɔanim bere a woawie wɔn adesua wɔ German.

Atukɔfo a wɔnam saa kwan wei so no nya hokwan tena German afebɔɔ ɛnnɛ.

Efi mfeɛ 19700 mu no, sikasɛm mu ahokyerɛ ne ammamuo mu basabasayɛ wɔ asraafo nnisoɔ wɔ Gaana no maa aguanfo a wɔpɛ guankɔbea wɔ Europa ne Afrika aman mu no trɛw kɔɔ anim. 

Nnipa dodow a wɔgye wɔn guankɔbea hwehwɛ abisae no tom no nnu ɔha nkyekyɛm baako mpo, mpanyinfoɔ no ne atumfoɔ no mu Gaana atukɔfoɔ no sɛ wɔyɛ sikafam aguanfoɔ. Nnipa 112 pɛ na wogyee wɔn tom sɛ wɔyɛ ammamuisɛm aguanfoɔ wɔ afe 1983 ne 2007 ntam.

Saa atukɔfoɔ yi taa wie aseɛ sɛ wɔn a wonya hokwan tena German afebɔɔ ɛnnɛ. Gaanafoɔ bɛboro nkyem anan mu baako na wɔnam abusua nkabom akwantuo so kɔ German.

Amanaman ntam Nkabomkuo a wohwɛ Akwantuo (IOM) so kyerɛ kwan pa so akwantuo no sɛ ɛyɛ nea agyina ɔman a kwantufoɔ no fi, ɔman a ɔbɛfiri ne ɔman ɔrekɔ mu no akwantuo mmra no hyia. IOM san kyerɛ Kwati kwan so ɛyɛ akwantuo a ɛne atukɔ, amanaman ntam mmra ne nhyehyɛe a ɛbata akwantuo fi ɔman a ofiri mu, ne ɔman a ɔrekɔ mu no bɔ abira.

Akwan wɔ hɔ ma akwantufoɔ sɛ wobɛfa kwan pa and kwati kwan so akɔ.

German Aban Asoeɛ kyerɛ kwan pa a obi betumi afa so atu kwan gyina atirimpɔw nti a ɔrekɔ no.Kwan Pa so fa no kyerɛ sɛ wobenya akwantuo no tumi krataa.

Berɛ Tia Akwantuo Tumi Krataa

German aban ananmusifo adwumayɛbea kyerɛ ɔkwan a obi nsa bɛka berɛ tia Europa Schengen aman akwantuo tumi krataa (nnafua 90 wɔ nnafua 180) ntam wɔ German (ne Europa aman a ɛwɔ Schengen nsaase so sɛ ɔrekɔ nsrahwɛ, rekɔyɛ adwuma. Akwammisa nkrataa wɔhɔ a ɛsɛ sɛ onii no hyehyɛ., wo ne no ayɛ nhyehyɛe sɛ wobehyia . German aban ananmusi asoeɛ a ɛwɔ Nkran (Accra) de nkrataa a ɛhia anaa wobisa fi obi a ɔrekɔpɛ akwantuo tumi krataa .

Berɛ Tenten Akwantuo Tumi Krataa

Aban ananmusi asoeɛ kyerɛkyerɛ berɛ tenten akwantuo tumi krataa mu ma asukuufo, abusua nkabom, adwumayɛ akwantuo tumi krataa ne nea ekeka ho, ne emu biara ahwehwɛde, abusua nkabom .

Ɛsɛ sɛ wɔn a wobebisa hokwan no wɔ akwantuo nkrataa (passport) Ɛbeboro nna dodow a obedi wɔ German no bɛyɛ abosome mmiensa ansa na awu. Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ kratafa mmienu na hwee nni so akwantuo nkrataa (passport) na afei ɛyɛ nea ne nsa kaa no mfe 10 ntam. Ɛsɛ sɛ wɔn a wobebisa hokwan no nso hia n’awoda ho adanse krataa  ne mfoni ketewa a akyi fitaa a ɔtwaa nkyɛe. EuroHealth ayaresa nsiakyibaa a ɛbɛbɔ ne ho ban nna dodow a ɔbetena na ɛyɛ nea Schengen aman no nyinaa gye tom. Nea etwatoɔ no, sikasɛm adanseɛ a  ɛkyerɛ sɛ ebetumi aso no nna dodow a ɔbedi no nso wobehwɛ ansa.  Nea a wɔrekɔbisa hokwan no de wɔn nsa hyɛ German Atutena Nhyehyeɛ ɔfa 54 nkyekyem 2 nea ɛtɔ so 8 krataa no ase. Akwantuo tumi krataa nhyehy3e no ho ka yɛ Euro 60.00 (GH₵ 382). 

Akwantuo no atirimpɔw na ɛbɛkyerɛ ahwehwɛde foforo a ɛbeka ho.

Sɛ nsrahwɛ tumi krataa nso a, onii no abusuabɔ ho adanseɛ ho hia. Nea ɔsrafo no reba ne nkyɛn no de ne nsa hyɛ nsatoɔ krataa no ase na ɔde ne akwantuo nkrataa (passport) ne tumi krataa a ɛma no hokwan a ɔde te ɔman no mu bi ma nea a ɔrekɔbisa hokwan .

Sɛ ayaresa nti a, ɛsɛ sɛ nea a ɔrekɔbisa hokwan no de n'ayaresa sikasɛm ho adanseɛ a  ɛkyerɛ sɛ ne ɛhɔ tena ka ne lɛtɛ a dɔkota a ɔhwɛɛ no nso kyerɛ. Nea a ɔrekɔbisa hokwan san hia krataa a efi German asopiti anaa dɔkota a woagye apene sɛ ɔbehwɛ ɔyarefoɔ no.

Sɛ adwuma nso a, wɔn a wobebisa hokwan no hia nsatoɔ krataa fi adwumakuw a ɛwɔ German no ne krataa a adwumakuw a ɔte mu no na wɔkyerɛw botae pɔtee nti ɔretukwan no. ɛsɛ sɛ, German dwumakuw no din wɔ ɔman no aguadi nhoma mu. .

Sɛ nteteɛ anaa kasa foforo adesua nso a, ɛsɛ sɛ wɔn a wobebisa hokwan no nya krataa fi German ahyehyɛde a ɛkyerɛ sɛ woagye no berɛ a ne nkrataasɛm nyinaa yɛ papa no.

Sɛ amamerɛ, agudie, sinitwafoɔ, anaa nyamesom atirimpɔw nso a, ɛsɛ sɛ wɔn a wobebisa hokwan no nya krataa fi mpanyinfoɔ a wɔn a wɔne wɔn bedi dwuma nyinaa ne nea wɔbɛyɛ nyinaa wɔ so. 

Kwati kwan akwantuo fi Afrika kɔ Europa yɛ asɛm a ɛho hia. Atukɔfo no dodow a wɔfa saa kwan bɔne so yi fi Afrika wɔ aman a wonnyaa nkɔso mu na wɔfa saa kwan yi so rekɔpɛ yiyedie. Atukɔfoɔ fa Afrika Atififam, titiriw Libya, na beaeɛ pɔtee a wɔnam kwan bɔne so fa hɔ kɔ Europa. Wɔde  hyɛmma twa Mediteranea Po no. Ebinom nso fa Spania nsaase Ceuta ne Melilla, de wɔn nkwa to asiane mu. Wɔn a wɔdaadaa nipa de wɔn kɔ Europa nso afa so de ayɛ wɔn gua.   

Ayɛwohomumɔ (June) 2019 mu no, Amanaman ntam Nkabomkuo a wohwɛ Akwantuo (IOM) buu akontaa sɛ bɛyɛ nnipa dodow 555  a wɔfa  Mediteranea Po akwan mmiɛnsa so kɔ Italy, Malta ne Cyprus na wɔhwerew wɔn nkwa. Ebeduu Ɔpɛnimma (Decmber) 2019  mu no, nnipa dodow bɛyɛ 738  na nsuo faa wɔn, wɔyɛɛ wɔn ayayade, nna mu ayayade, ɛkɔm, yareɛ, ne ayaresa a woannya ne wɔn mu nsu a ayow nti wowuwui.  

Ɛmfa ho sɛ, asomdwoe wɔ ɔman yi mu no, Gaanafoɔ na amaneɛbɔ kyerɛ sɛ wodi mu atentenman wɔ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔkɔ Europa no. Gaanafoɔ bɛyɛ 5,636 na wɔnam po so kɔɔ Italy afe 2016 mu. Wɔ 2017 mu no, Brong Ahafo mantam a mprenpren woakyɛm amantam mmiensa, Ahafo, Brong ne Bono Apueɛ, na na wɔn dodow dɔɔso paa. Gaanafoɔ 4,092 a wofii Libya bae no, nnipa dodow 1,562, a wɔyɛ ɔha nkyekyɛm 38.17 na na wofi Brong Ahafo. Asante mantam nyaa 601, a wɔyɛ ɔha nkyekyɛm 13.63.

Wɔbɔ nnipa dodow no ara a wɔpɛ sɛ wɔtena Germany no ba esiane guankɔbea a wɔkɔ hwehwɛ, ne abusua nkabom hokwan a wɔkɔ pɛ a anyɛ yiye nti. Guankɔbea ahwehwɛfoɔ a wɔn nsa ka ahobanmmɔ anan no mu baako no nyaa hokwan tena. Mpɛn pii no ahwehwɛfoɔ a wɔn nsa nka no ntumi ma nyinasoɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔtaa wɔn anaa basabasayɛ rekɔ so wɔn aman mu. Nnipa a sikasɛm mu tebea nti wɔtu kɔ German no nyɛ aguanfoɔ. Afei nso, sɛ obi firi Europa Nkabomkuo ɔman baako mu rekɔ ɔfoforo mu a, ɔrentumi  nhwehwɛ guankɔbea biom.   .

German nso boaa atukɔtenafo a wopɛ sɛ wɔkɔ wɔn nkyi bi nom.




#Article 68: Yareɛ a yɛ frɛ no Coronavirus (559 words)


Yareɛ a yɛ frɛ no korona mmoawa nkitinkiti yareɛ (COVID-19) yɛ yare wa bi ɛsae nnipa. Nnipa ne nnipa ho nkitahodie  ne kwan baako a ɛfa so sae. Kwan foforo bi nso ne sɛ wo de wo nsa a mmoawa nkitinkiti no wo ho bɛ ko w’ani, wo nhweni mu ne w’anum.

Kwan titriw a mmoawa nkitinkiti yi fa so trɛ ne sɛ obi a ɔwɔ yareɛ yi bɔ wa anaa sɛ ɔbɛ hwensi. Sɛ ɛkwan a ɛda  saa onipa yi ɛne afofro ntɛm nnu kwansin mmienu a, nnnipa biara a ɔben no no bɛ tumi aya bi. 

Kwan fofro bi nso ne sɛ wo de wo nsa bɛ ka bea a korona mmoawa no bi wo na wo de akɔ w’ani, w’anum ne wo hweni mu a wo nhohoro wo nsa.

Yareɛ no da ne ho adi kane wo Obenim bosome da ɛtɔ so du-baako wo afe 2020 wɔ Wuhan, kuro keseɛ ɛwɔ China Hubei mmantɛm. Fri saa mmrɛ no, adwuma ɛhwɛ wiase apomuden so (WHO) aka sɛ korona yareɛ yi tumi sae nnipa bebree wo wiase yi mu ha nyinaa. Aman a yareɛ no adan ne ho adi keseɛ paa aya nsusuano bɔne te sɛ owuo bebree ɛne ayare sabea a wɔn ahuoden kɔ fam.  Ne saa nti, ewiase mu apomuden adwuma mu panyin keseɛ a yɛfrɛ no Tedros Adnahom Ghebreyesus aba abonten aka sɛ nnipa nyinaa nka won ho mmom na yɛn ko yareɛ yi. 

Mprempren yi, nipa b3y3 apem oha aduowotwe aduanan nnum  (1845) na w’aya corona virus yareɛ yi wo South Africa. Nnipa du-wotwe (18) na afiri mu ɛna nnipa aduanan-nnum (45) na won ho atɔ won koraa. Dwuma kuo a wohwɛ apomuden mu nsɛm wo South Africa susu sɛ nnipa bɛyɛ ɔha nkyɛmu aduosia na wo bɛ tumi aya yareɛ no bi wo mmrɛ bi mu. okwan a oman no fa so de asi yareɛ no kwan ne sɛ obiara bɛhyɛ fie na amansan nkitahodie nyinaa nso w’abra. Wo fi saa nhyehyɛe yi asa obenim bosome da a ɛto so aduasa, afe 2020 mu.  Bio nso, oman no aboa apomuden adwuma yɛ foɔ bɛyɛ ope du (10,000) sɛ wonkɔ afie afie mu and wonso nnipa no nhwɛ sɛ wo wɔ mmoawa no bia. 

Yareɛ no da ne ho adi wo ɛwa, ahuohyɛe, obrɛ, home a ɛsisi so yie. Yareɛ no ho ahyɛn so deɛ no nso bi ne honam yaw, amaman bebree, yam tuo, menemu kro, wonte adeɛ ho panpai ɛne ayaase yaw. Saa nhyɛn so die yi da he ho adi wo nna mmienu (2) kosi nna du-nnan (14) ntɛm. Na ɛmom, nnipa pii da yareɛ no ho adi fi day nnum (5) ɛkɔ. Nnipa pii da nhyɛn so deɛ a ano nyɛ den. Sɛ ano yɛ den pii a nnipa no tumi ya pneumonia. Nnipa dua ni mu nneɛma no ho bi tumi tɔ kyima. Sɛ ɛduru saa ɛmerɛ no a ɛho ko hia sɛ yɛ de saa nnipa no bɛ kɔ ayare hwɛ ntɛm pa ara.

Dokota foɔ de drobɛn bi hyɛ nnipa hwene mu na wo de afa nfidie mu ahwɛ sɛ onipa no wɔ yareɛ no bi anaa sɛ onni bi. Sɛ onipa no wo bi a wogye no tena ayare sa bea hɔ. ɛwu mu sɛ aduro biara nni hɔ ma saa yareɛ yi nanso, sɛ dokota foɔ no hwɛ won a, wo tumi ya ayare sa.




#Article 69: Anim akatasoɔ wo COVID19 mmere mu (387 words)


Nnwuma ne aban bebree de adwen toatoa aba ɛfa anim nkatasoɔ. Adwen nnya nkɔɔ bɛnkro wo kwan a amanfuo nfa so nhyɛ anim akatasoɔ yi.

Adwen nsusuyɛ a China apomuden mpanyinfoɔ de abɛto dwa fa hia a ehia sɛ nnipa nyinaa bɛhyɛ anim akatasoɔ na edidi so yi.

Opanyin bi a w’akwadare wo mmoawa adesua mu wo Leeds suapon a wofrɛ no Stephen Griffin kyerɛ mu sɛ, anim akatasoɔ no tumi bo nnipa ho ban ma won nfa won nsa nka won anim. Saa kwan yi na kwan titiriw a yareɛ mmoawa no fa so kɔ nnipa dua no mu.

Anim akatasoɔ bi wo ho a wode ntoma wode asaawa ayɛ na awen. Saa anim akatasoɔ yi nti sɛ nea apomuden adwumayɛ foɔ hyɛ anaa respirators a ehia sɛ wo de bɛfa afidie mu hu sɛ ɛyɛ ma nnipa. Mprenpren yi, wonnyɛ nhwehwɛ mu nkɔɔ akyire nko huu kwan a etumi fa so bo nnipa ho ban fi yareɛ a ɛsae fa nframa mu.

Apomuden adwumayɛ foɔ wo anim akatasoɔ a wo to twene abere biara won ahyɛ awie. Saa won akatasoɔ yi bo won ano ne won hwene ban fi ade fii biara ho. Akatasoɔ yi boa bo won ho ban fi nsuo a yareɛ mmoawa wo mu. Akatasoɔ no boa ma ne ɛhyɛ no no kasa a, ntesuo biara mma abonten. Na emom, saa akatasoɔ yi ntumi nsone mmoawa a wo nam ewa ne hwensie mu ba. Akatasoɔ yi a apomuden dwumayɛ foɔ hyɛ no ntumi mma nnipa banbo ɛse.

N95 akatasoɔ na US National Institute for Occupational Safety and Health kamfo sɛ etumi sone nframa so na ɛtwe nneɛma a ɛwo mu bɛ yɛ oha nkyekyemu aduokron-num. Wo de abɛɛfo kwan soronko bi na ɛyɛ saa anim akatasoɔ yi. Ne yɔnko wo Europe aburokyi man mu ne FFP2

Apomuden adwuma ahodow kamfo sɛ nnipa nkata won ano ne won hwene abre biara a wo bɛ bow anaa wo bɛ hwensi. Wonhwɛ sɛ wo bɛ to tissue biara a wode kataa won ano ne won hwene atwene wo kwan pa so. 

Wo kamfo apomuden adwumayɛ foɔ anim akatasoɔ. Wei tumi bo nnipa ho ban fi ntesuo a efi nnipa anum bere a ɔkasa, ɔbɔ wa, anaa ɔhwensi.

Afutuo a wiase dwuma kuo keseɛ a ɛhwɛ apomuden soɔ de ma amanfuo wo anim akatasoɔ ne sɛ:




#Article 70: Yareɛ a ɛfa mframa mu ɛsai (522 words)


Yareɛ a ɛfa mframa mu ɛsai no mpen pii no nam mmoawa a wɔte mframa mu. Saa yareɛ yi a ɛfa mframa mu ɛsai no ho hia nnipa ne mmoa apomu den mu adesua. Mmoawa nkitinkiti yi mu gu ahorow na wo tumi fa homee, kasa, ɛwa ahwensie, mfutro ɛne ɛkwan ahorow a ɛte saa.

Mpen pii no, saa mmoawa yi ma ɛkuro anaa yaw bi ba wo hwene mu, mene mu ɛne ahrawa mu. Saa ɛkuro yi ma nnipa bɔ wa ne nsunsuano ahorow a ɛka nipa dua no.

Nframa mu yareɛ no bi ne corona virus, ntobro (measles), chicken pox, nsaman wa (tuberculosis) ɛne yareɛ ahorow a ɛkeka ho. Nnipa a wonya saa yareɛ yi bi no hia afidie a ɛbɛ boa won ama won ahome.

Yareɛ ɛfa mframa mu sai no nam mmoawa nkitinkiti bi a wɔ wɔ saa mframa no mu. Mmoawa nkitinkiti a wɔde yareɛ ba firi nnipa anaa mmoa akɛseɛ a nsu bɔne bi firi wɔn mu, ɛsane yareɛ bi ɛne sumina so nneɛma a ɛreprɔ. Mmoawa nkitinkiti yi wɔde yareɛ ba yi tumi fa nsuo, mfutro ɛne ntutuo mu na wotumi tena mframa mu kosi mpen dodow bi anaa kwansin dodow bi. S3 onipa bi hwensi a, ntutuo no tumi fa lorry kɛseɛ mu nyinaa.

Sɛ nnipa home saa mmoawa nkitinkiti yi kɔ won mu a, ɛtumi sei onipa no akwaa a ɛboa ma yɛ de home. ɛnyɛ abere bia na yareɛ ɛnam mframa mu sai ɛfiri mframa a mmoa nkitinkiti yi wo mu. Na mmom, mframa a aseɛ nso tumi de yareɛ ti sɛ ntihyiiwa brɛ nnipa.

Yareɛ ɛfa mframa mu trɛ nso tumi sai mmoa. Yareɛ te sɛ Newcastle mmoa yareɛ fa mframa mu na ɛsai nkokɔ ne ntakra mmoa a aka.

Nframa bɔne ma nnipa a wɔn apomuden gyina yiye tumi nya yareɛ bi. ɛnyɛ sɛ nnipa a wote apɔ ne nnipa a wɔn aya yareɛ ɛtumi fa nframa mu sai tena dan baako mu di anim ne anim nkitahodie.

Nneɛma a ɛboa ma yareɛ trɛ no bi gyina sɛ nea ɛwie mu yɛ hyi fa wɔ dan mu ne petee mu. Nneɛma no bi ne nframa, nsuo ɛne nnipa suban ne sɛ nea ɔdi ne ho ni fa.

Kwan a yɛ fa so bɔ yɛn ho ban firi nframa mu yareɛ no bi ne paniɛ anaa sɛ aduro a yɛ de so anum, ano ne hwene akatasoɔ ana sɛ yɛ bɛ ma kwan ada yɛn ne wɔn a w’anya yareɛ no bi ntɛm. Mpo sɛ yɛ ne obi a w’anya yareɛ no nya nkitahodie a, ɛnkyerɛ sɛ wo betumi aya bi. Onipa no ahuoden tebea ɛne yareɛ mmoawa no ahuoden na ɛkyerɛ sɛ obi be nya yareɛ no bi anaa sɛ onya bi.

Yɛ tumi de antibiotics asa yareɛ mmoawa nkitinkiti yi de ba.

Apomuden mu animdefoɔ tu fo sɛ yɛnni yɛn ho ni afei nso yɛn mma kwan nna yɛn ne afofro ntɛm sɛ akwan a yɛ bɛfa so de abrɛ yareɛ no ase.

Yɛn ntumi nsi yareɛ ɛfa nframa mu ano kwan na mmom, yɛ betumi abrɛ no ase. Kwan a yɛ betumi de abrɛ n’ase no bi ne:




#Article 71: Yɛ ma kwan ada yɛn ne afoforo ntɛm (283 words)


Mfie ɔha yi atwa mu yi ahu yareɛ akeseɛ pii etumi trɛ fa wiase afaneɛ pii wo kwan hare so.

[ii] Centers for Disease Control. Keep your distance to slow the spread. Available at:
	

[iii] Pearce Katir. What is social distancing and how can it dliw the spread of COVID-19? 13 March 2020. The Hub. Johns Hopkins University. Accessed on 12 April 2020

[iv] Graphic accessed at: Accessed on 10 April 2020.

[v] Wiles S. The three phases of Covid-19 and how we can make it manageable. TheSpinoff. Available at:
 Accessed on 10 April 2020
[vi] See: 

[vii] Image accessed at on 11 April 2020

[viii] Republic of South Africa. Disaster Management Act 57 of 2002. Available at: 

[ix] Republic of South Africa. Government Gazette No. 11062. 25 March 2020. Available at:

[x] Hollington M and Bennet M. South Africa's world-class fight against COVID-19:The data tells the story. Coronavirus Op-Ed. Daily Maverick. Available at :

[xi] National Department of Health. Press release, 15 April 2020. Available st:
 	Accessed on 16 April 2020
[xii] South African Government. President Cyril Ramaphosa: Extension of Coronavirus COVID-19 lockdown to the end of April. Available at:
Accessed on 16 April 2020

[xiii] Professor S. Karim. South Africa's Covid-19 epidemic: Trends and next steps. Presentation by the Chairperson of the Ministerial Advisory Group on Covid-19 prepared for the Minister of Health , Dr. Zweli Mkhize. Available at: Accessed on 15 April 2020.

[xiv] Wang Jian-Wei, Cao Bin and Wang Chen. Science in the fight against the novel coronavirus disease. China Medical Journal: 2019 novel coronavirus disease (COVID-19) collection. Available at: Accessed on 11 April 2020.

[xv] Centers for Disease Control. Keep your distance to slow the spread. Available at:




#Article 72: Pandemic (1272 words)


Sɛ yɛ ka sɛ yareɛ bi yɛ pandemic a n’ase kyerɛ ne sɛ, yareɛ no atrɛ kɔ amanaman pii so na yareɛ no nso aka nnipa bebree. Epidemic nso kyerɛ yareɛ a aka nnipa bebree wo mmere tia bi mu wo mantɛm anaa kuro baako mu. Endemic ne pandemic edi nsɛ kakra wo kwan a ɛfa so trɛ. Nanso endemic ɛntrɛ nkɔ nnipa bebree so. Nfato ho ne influenza a ɛtumi pagya ne ho so wo aman bebree mu nanso ɛntrɛ nfa wiase nyinaa mu.

Pandemic ano yɛ den na ɛtwa aman ahyeɛ so kɔ amanaman. Na mmom ɛwose yɛ hyɛ no nso sɛ, pandemic nso yɛ yareɛ a ɛsae. Kokoram yareɛ aku nnipa bebree nanso ɛnyɛ pandemic efisɛ, ɛnsae afoforo.

Yareɛ mu animdefoɔ ahu pandemic suban wo mmere biara mu. Nfoni a ɛda fam no da no adi.

Wɔ gyinapɛn a edi kan no, yareɛ no fi ase daa ne ho adi nan nipa kakra bi pɛ na anya bi.

Wɔ gyinapɛn a ɛtɔ so mmienu no, yareɛ no fi ase sɛ ɛtrɛ wo nnipa kuo bi mu. Wɔ saa mmere yi mu no, yareɛ no ahuoden ma ne mu so wo nnipa no mu. 

Wɔ gyinapɛn a ɛtɔ so mmiensa no, yareɛ no ano ba fam koraa na yareɛ no ntrɛ nkɔ nnipa foforo so biom.

Akwan bebree wo ho a aman betumi afa to de akurakura yareɛ yi mu. Wo afe 2005 no, wiase dwuma kuo a ɛhwɛ apomuden so gyee mmra nkrataa a ɛkyerɛ kwan a wonfa so de mmo nnipa ho ban fi yareɛ mu too mu.  Mprenpren yi, kwan a yɛ de ko Covid-19 yareɛ no firi saa nhoma yi mu. 

Nkomo bebree akɔso afa kwan a aman bɛ fa so de asɔ amanfuo ahwɛ, asa amanfuo yareɛ na afei kwan wode won ani bedi amanfuo akyi. Saa kwan yi bɛ boa ama won atumi ate nnipa a woyare na aboa ama won aya ayare hwɛ. Saa kwan pa yi na South Korea ne Singapore faa so. ɛwo mu sɛ na won ayɛ ahoboa esan SARS yareɛ a ɛba won so nfie bi a atwa mu.

Yɛɛ ma kwan ada yɛn ne afoforo ntɛm yɛ amansan apomuden nsɛm mu nhyehyɛe a ɛboa ma yɛ de te yareɛ no amirika so. ɛboa ma yɛ te nnipa a wo yare fi nnipa a wonni yareɛ no bi.

Mpanyinfoɔ no mu baako a ɔwɔ dwuma kuo a ɛhwɛ wiase apomuden a wofrɛ no Dr Michael J Ryan wo nsɛm kyerɛfoɔ nkitahodie so a oyɛɛ no wɔ obenim bosome afe 2019, kaa sɛ yɛɛ ma kwan ada yɛn ne afoforo ntɛm yɛ mmere tiaa kwan a yɛ betumi de abrɛ yareɛ no amirika ase na yɛn nfa ohaw bebree nto yen ayaresabea so. Saa afe no mu ara, nnipa bɛ yɛ 770,000 na ɛfirii mu wo yareɛ yi ho. Mprenpren yi, yareɛ yi ate atese paa wo abibiman krom sen kuro biaa so. Na wo su su sɛ nnipa foforo a onya yareɛ yi bi yɛ oha nkyekyɛ mu aduosia baako.

Corona yareɛ mmoawa yɛ mmoawa abusua kuo kakraka a wode yareɛ pii ɛba. Pɛpun ne yareɛ nom bi te sɛ Middle East Respiratory Syndrome (MERS-CoV) and Severe Acute  Respiratory Syndrome (SARS-CoV) yɛ yareɛ saa mmoawa yi tumi de ba. Mmoawa no bi na ɛde coronavirus ɛba. Saa mmoawa yi tumi fi mmoa mu ba nnipa mu. Nhwehwɛ mu kyerɛ sɛ, SARS-CoV fi mmoa bi a wone  okra anaa agyinamoa bɔ abusua na ɛtrɛ baa nnipa mu. MERS-CoV nso fi afunumu na ɛtrɛ baa nnipa mu. Corona mmoawa yi bebree wo mmoa mu a ɛnya ntrɛ mmaa nnipa mu.

Corona mmoawa foforo koraa da ne ho adi wo Wuhan, a eyɛ kuro wɔ China man mu wɔ ɔpenimaa bosome mu afe 2019. Wɔn a won aya yareɛ no bi ya ɔhaw wɔ won ahwrawa ne won homee mu. John Hopkins suapon da no adi sɛ aman bɛyɛ oha mmienu (200) na corona mmoawa yareɛ no ada ne ho adi wo ho. Aman a yareɛ no ano yɛ den wo ho no bi ne United States, China, Europe ne Iran.  Wo obenim bosome da a ɛtɔ so du-baako afe 2020 mu no, dwuma kuo a ɛhwɛ wiase apomuden ho daa no adi sɛ yareɛ yi tumi sae nnipa bebree. Wo Oforisuo da a ɛtɔ so aduonu-mmiensa, afe 2020 mu no na nnipa bɛ yɛ 2.63 million na aya yareɛ wo wiase nyinaa mu. Won a wonfiri mu bɛyɛ 184,249 na won a won ho atɔ won no nso bɛyɛ 722,055.

Atiridii yareɛ tumi te atese wo abibi man, America ne Asia man mu. Afe biara mu no, nnipa bɛyɛ 350 million kosi 500 million na etumi nya yareɛ no. ɔhaw a ɛwɔ atiridii ho ne sɛ eduru mmere bi a, ɛho aduro no ntumi nko atiridii mmoawa no. Artemisinins nkoa na etumi ku atiridii mmoawa no. 

Kane no, na atiridii adore aburokyi man mu nanso nne mmere yi mu n’ase atu koraa wo saa man no mu. Abakosem kyerɛ sɛ, atiridii ka ho na Roman aman buo baa awieyɛ. Atiridii mmoawa no anni no yiye koraa wɔ mmrofo a woba abibiman mu tete mmere mu no.

Nnipa bɛyɛ 500 million na Spanish flu nyaa won. Yareɛ no kum nnipa firi 20million kosi 100 million. Yareɛ no kuu mmofra ne mpanyinfoɔ paa sene mmeranteɛ ne mmabaawa. Yareɛ yi kuu nnipa pii wo wiase nyiina ntɔkwa keseɛ edi kan no. Na esan nso kuu nnipa pii wo nnaawotwe aduonu-nnum ntɛm sen senea HIV yareɛ kuu nnipa wo afe aduonu-nnum ntɛm.  Tebea a na ɛwɔ oko ano no te sɛ ɔbrɛ, ɛkom ne nneɛma a ɛkeka ho no maa yareɛ no tu atese ntɛm. Akwantufoɔ ne asraafoɔ akoneaba die maa yareɛ no trɛɛ yɛ kɔɔ aman pii so.

Yareɛ mmoawa bi wɔ ho a, wotumi sore tia n’ano aduro. Saa mmoawa a ɛte saa yi ma yareɛ bi tumi san ma ne mu ho so wo nnipa mu. Nfatoho ne a nsaman-wa a etumi sore tia nnuro bi. Saa tebea yi yɛ asɛm hia ma apomuden mu adwumayɛfoɔ. Afe biara mu no nsaman-wa a aduro ntumi no ma ne mu so wo wiase mu. Wiase apomuden dwuma kuo kyerɛ sɛ nnipa bɛyɛ 50 million na enya nsaman wa yi a aduro ntumi no. Nsaman wa yi a ne suban te saa no da ne ho adi wo abibiman mu wo afe 2006 na eno akyi no, edaa ne ho adi wo aman aduonan-nkron mu. USA ka saa aman no ho. 

Bɛ yɛ mfie a aduonu a atwa mu yi, yareɛ mmoawa bi te sɛ Staphylococcus aureus, Serratia marcescens ne Enterococcus anya ahuoden a etumi ma won sore tia nnuro bi te sɛ vancomycin, aminoglycosides ne cephalosporins.

Viral hemorrhagic fevers yɛ yareɛ a ɛyɛ hu. Yareɛ a ɛwɔ saa abusua kuo yi mu bi ne Ebola virus disease, Lassa fever, Rift Valley fever, Marburg virus disease ne Bolivian hemorrhagic fever. Saa yareɛ yi bɛ tumi asae nnipa bebree na atrɛ akɔ aman pii so. Nnipa a wonya yareɛ yi bi wu ntɛm. ɛsane sɛɛ mmere a ɛda mmere a onipa bi be nya bi ne mmere a odi bɛ firi mu no sua nti won a woyɛ adwuma wo ayaresabea no tumi te saa yarefoɔ yi fi nnipa a wonyare ne ho. Wei boa ma yareɛ mmoawa no nterɛ nko nnipa foforo so.

Zika virus da ne ho adi wo afe 2015 mu. Na afe 2016 mu no, ɛmaa ne mu so paa. Eyi maa nnipa bɛ yɛ 1.5million nyaa yareɛ yi bi wo America. Wiase apomuden dwuma kuo tu fo sɛ Zika virus yi ho yɛ hu na ɛbetumi atrɛ afa wiase nyinaa mu.




#Article 73: Ɛnsa Hohorow (305 words)


Covid- 19 yare no ahyeta wo aman pii so ama aman no sikasem aba fɔm na omanfoɔ dodoɔ awu. Mmɔden bɔ paa akɔ so sɛ nnipa pii renya yare no bi. Wo mmere a ayaresafoɔ de abodie mu nyasa ho nimdie de hwɛ ayarefo na wɔn apɛ nsoano no, yen nyinaa wo asede sɛ yɛ bɛbɔ yen ho ban. Yareɛ no nsɔano  gyina yen ankasa yɛn suban sesae so, a ɛbɛ nam so abɔ yen ankasa ne  yen abusua ho ban afiri yare no ho. Yebɛ hwɛ kwan ko a nsa hohorow ne kwan a aho ni di  betumi aboa wɔ yareɛ yi ko mu.

Nkyerɛkyerɛ pii ama ye hu sɛ, kwan baako a yebetumi ako na yɛ si yareɛ bi te sɛɛ Covid-19 kwan, ne daa nsa hohorow wɔ nsuo a ɛretene ase ne samena. Na daa nsa hohorow no ne den? Apomuden ne yaresa nimdifoɔ kyerɛ se, nsa hohorow ho hia wɔ;

Sɛ nsuo a ɛtene nni hɔ a, asubonten ne tadeɛ a wɔn asie sie betumi adi saa dwuma no. Kwan ahodoɔ a wɔfa de sie sie nsu no ne;

Wɔ nam abɛɛfo kwan so ayɛ saa kwan ahodoɔ a wɔfa so te nsuo ho, a y’abobɔ so. Wo betumi ahu wo abɛɛfo ntentan keseɛ so: resources. cawst.org/package/biosand-filter-instruction-manual-en. Peter Morgan a na ɔwɔ Zimbabwe nso akyerɛ kwan fofoofo a wo betumi atew nsu ho. Wobɛ nya wo 

Kwan a wo betumi afa  ahohoro wo nsa a wore nmɔka ne se, wo de nsuo ne samena anaa ansoo bɛ  hohorow wo nsa. Saa kwan yi bɔ, yɛn ho ban fi Covid-19 yareɛ no ho. Sɛ yareɛ a ɛbɔ hu te sa Covid-19 ba yɛn asetena mu a, etwa sɛ nsesae ba yɛn ade yɔ mu, te se- nnipa ntɛm te te, anim ne hwene kata wo mmere biara a nhyiemu bi bɛkɔ so.




#Article 74: Coronavirus ho nsunsuansoɔ wo abodeɛ so (839 words)


Corona virus yi anya nsunsuansoɔ bebree wo abodeɛ ne nneɛma bebree so. Esan sɛ nnipa ate won akwantuo so no nti, ama nframa a ɛwɔ nkuro bebree mu ati. Nhyɛ a wode too amanfuo so sɛ ma wonpue no wo China man mu ama nframa bɔne so ate bɛyɛ ɔha nkyekyɛ mu aduonu-nnum. Animdefoɔ a wo sua asaase ne mu nsɛm kyerɛ sɛ nnipa bɛyɛ 77,000 na wonkwa so aware wo bosome mmienu mu. Yareɛ yi nso ama won atwe nhyiamu a ɛfa asaase ho yie die akɔ akyire. Nhyiemu no bi ne 2020 United Nations Climate Change Conference. 3san sɛ saa nhyiamu yi antumi ama so yi nti, nnipa no bi susu sɛ akadeɛ a abɛɛfo dwuma die bi te sɛ green energy bɛ hia no renka won nsa.

Ntutuo a efi nfidi nnwuma akeseɛ mu ama wie mu ayɛ hyi. Eyi ama nsuo ɛtrɛ wo ne hyia so. Nnipa dwuma die bi ama asaase no ɛsei. Animdefoɔ huu sɛ covid 19 yareɛ yi bɛ ma nnipa dwuma die so ate. Na ɛno bɛ boa ama asaase, nsuo ne nframa no akɔ ne dadaa mu biom.

Esan sɛ corona virus yareɛ ama akwantuo ne ndwuma so ate nti, nframa a ɛwɔ nkuro bebree mu ati. Sɛ nframa no mu ti a, ɛboa ma wie mu sakra wo kwan pa so. Esan nso boa ma kwan a covid 19 fa so trɛ no so ti. Dwuma kuo a ɛhwɛ ahuoden nsɛm ne nframa a ɛmu teɛ ho kyerɛ sɛ, akwan a yɛ faa so de sɔɔ coronavirus no mu te sɛ yɛ braa akwantuo no maa nframa bɔne so tii yɛ oha mu nkyekyɛ mu aduonu-nnum wo China. Wo brɛ a wo kaa obiara guu dam mu wo china no, nframa bɔne a efiri nnipa nnwumadie  te sɛ ntutuo a efiri lorry mu so tee yɛ ko du bɛ yɛ 200 million metric tons sen saa brɛ noa mu afe 2019 mu. Animdefoɔ a wo sua asaase ne mu nsɛm kyerɛ sɛ nnipa bɛyɛ 77,000 na won ato wɔn nkwa so. Sarah Ladislaw a oyɛ adwuma wo Center for Strategic  International Studies di adwen foforo baa yɛ sɛ ma amanfuo ani ngye sɛ nframa  no mu ate efisɛ sɛ nnwuma mu pagya wo China a, nframa no mu bɛ san aseɛ. NASA ne ESA de wɔn ani ɛɛdi kwan a nitrogen nframa so ate paa wo mmere a COVID-19 ma ne mu so kane wo China. ɛsan sɛ nnwuma so ate no nti, ama nframa bɔne so ati bɛ yɛ oha mu nkyekyɛ mu aduonu-nnum no Wuhan a ɛwɔ China. NASA de afidie bi a wofrɛ no Ozone monitoring instrument  de hwehwɛ awia akatasoɔ ne nneɛma bi a ɛseɛ awia mu akatasoɔ. 

Nnipa dodoɔ a wɔn ani gye nsuo mu nam ho so ati ama nsuo mu nam boɔ akɔ fam paa esan covid yareɛ yi. Apo foɔ pii de won nfidie agu ho. Rainer Froese aka sɛ mpataa dodoɔ a ɛwɔ nsuo mu bɛ kɔ soro esan sɛ nnipa ngu won asaw biom. Nsuo mu nam te sɛ amane dodoɔ a ɛwɔ nsuo mu bɛ bɔ ho mmohoo mmienu. Wonyɛ nhwehwɛ mu biara ɛkyerɛ sɛ nsuo ne mu nneɛma ɛresi ne dadaa mu.

ɛwom sɛ nframa bɔne a ɛwo wie mu so ate deɛ nanso International Energy Agency de afutuo baa sɛ esan sikasɛm a ayɛ basaa nti, nnwuma kuo a wode sika hyɛ green energy mu bɛ twe twe won nan ase.  Esan se wo twee nhyɛ a wode too so sɛ ma obiara mpue no nti, nnipa pii firi aseɛ yɛɛ won adwuma firi fie. Kwan a wo bɛ fa so de aseɛ anim akatasoɔ nso de efii ho da dwene foforo aba. European Centre for Medium-Range Weather Forecasts (ECMWF) aka sɛ esan wie mu hyen a ɛnni akɔniaba esan covid 19 yareɛ no nti, ebetumi ama kyima aba kwan a wofa yɛ nhwehwɛ mu fa wie mu tebea. Ne farebae ne sɛ, wie mu hyɛn yi di afidie soronko bi na ɛdi dwuma. Na esan sɛ wie mu hyɛn dwuma die so ate nti, saa afidie no so nfasoɔ bɛ te wo ɔha nkyekyɛ mu aduosia-num.

Wiase ku baatan nhyia mu a woyɛ de fa senea wia mu asesa a anka ɛsesɛ ɛba so afe 2020 mu no, won atwi de dɔ afe 2021 mu esan sɛ wode nhyiamu dan no ayɛ ayaresabea esan covid 19 yareɛ no. Anka saa nhyiamu yi ho hia paa efisɛ aman de won trimu pɔ a ɛfa wie mu nseseayɛ bɛ to dwa. Nsɛm kyerɛfo dwuma a wofrɛ no Time magazine kyerɛ sɛ, kwan a aman pɛ sɛ wofri won nnwuma ase no bɛ ma nframa bɔne a ɛfiri lorry ne nnwuma akɛseɛ mu bɛyɛ kɛse paa. International Energy Agency foɔ aka sɛɛ esan fangoo boɔ a akɔ fam no nti, wo be nya kwan de aprapra fangoo no ase a ɛnyɛ no. 

Nnwuma akɛseɛ, lorry ne wie mu hyɛn a wo behyɛ won nnwuma ase no bɛ ma nframa bɔne a ɛwɔ wie mu no bɛ kɔ soro.




#Article 75: Yareɛ mu nhwehw3 mu (425 words)


ɛwɔ nnipa apomuden mu adesua mu no, yareɛ nhwehw3 mu y3 kwan a wofa so de hunu nnipa mu yareɛ ne kwan a ɛfa so da ne ho adi. Apomuden mu adwuma y3 foɔ bisa nea oyare no nsɛm bi ɛfa ne nnipadua ne n’asetena mu. Wo san nso hwehw3 ne nnipadua mu de boa boa suahunu a ɛboa won ama wɔn ahu yareɛ no suban ne ne tebea. Mpen bi nso no, wo de nnipa amu de sua yareɛ bi suban. Yareɛ mu npensenpensen mu ny3 adwuma kumaa koraa. ɛsane sɛ kwan a nne3ma bi da ne ho adi wo nnipadua no mu no tumi kyerɛ yareɛ bebree. Yɛnfa no sɛ, honam no baabi ayɛ kɔkɔɔ. Saa tebea yi tumi kyer3 yareɛ bebree a ɛwɔ nnipadua no mu. kwan a y3fa so de hwehwɛ yareɛ no mu nneɛma a ɛda nso wo kwan ahorow a yɛfa so hwehwɛ yareɛ mu no bi ne:

Akwan ahorow pii wo hɔ a wotumi fa so de y3 npensenpensen mu fa yareɛ bi ho. Wotumi de abɛɛfo nfidie hwehwɛ yareɛ mu mpo.

Wotumi de nhwehwɛ mu kwan a  broni frɛ no reverse transcription polymerase chain reaction (rRT-PCR) anaa CT imaging de hwɛ sɛ mmoawa a wɔde Covid nframa mu yareɛ no ba no wo onipa bi mu. Nsohwɛ bi a won ay3 fa PCR ne CT no wɔ Wuhan kyerɛ sɛ, CT no ano yɛ den sen PCR nanso ɛtumi hu yareɛ ahorow ka covid 19 no ho. Ne saa nti no, sukuu pɔn bi a ɛwɔ America tu fo sɛ, ma won nfa CT no nhwehwɛ covid 19 mmoawa no.

WHO a ɛyɛ wiase nyinaa dwuma die kɛseɛ a ɛhwɛ nnipa apomuden nsɛm mu de nkrataa bebree aba ɛfa kwan a wo kanfo ma amansan sɛ wonfa so nhwehwɛ covid mmoawa no mu. Nea edi kan no baa Opɛpɔn da ɛtɔ so du-nson. Wode PCR afidie no yɛ nhwehwɛ mu no. Wo tumi twe mogya anaa nneɛma a ɛfi ahwerawa mu. Nhwehwɛ mu yi ho nsunsuasoɔ da ne ho adi wɔ dɔnhwere baako akyi. Wode drɔben bi fa onipa mmene mu de twe amaman kakra. Bɛyɛ Oforisuo da ɛtɔ so nsia, afe 2020 mu no, na nhwehwɛ mu bea ne nnwuma bebree reyɛ nfidie nketewa bi a wobetumi de ahwehwɛ nipadua ne mu ahuoden mmoa a woko tia yareɛ ahorow. Nanso won mu biara nyaa krataa a ɛbetumi ama wɔn de asɔ nnipa bebree ahwɛ. Wɔ America man mu no, dwuma kuo bia wofrɛ no Cellex anya tumi krataa a wobetumi de ay3 nhwehwɛ mu wɔ mpofrimu.




#Article 76: Yareɜ a ɜtumi sae (675 words)


Mmoawa a ɜde yareɜ ba no yɜ nkitinikiti a nnipa ntumi nfa won ani nhu. Mmoawa yi bi ne virus ne bacteria. Yareɜ a virus ne bacteria tumi de ba no te sɜ COVID-19 yɜ yareɜ a ɜtumi sae afoforo.

Broni kasa infection kyerɜ tebea a yareɜ mmoawa bi aba nnipadua mu. Apomuden mu dwuma yɜ foɔ de brofo kasa colonization de kyerɜ tebea a yareɜ mmoawa aba nnipadua no mu nanso yareɜ biara nna ne ho adi. Sɜ mmoawa ba nnipadua no mu na sɜ wonna yareɜ biara adi a, wofrɜ no subclinical. Broni kasa foforo latent infection kyerɜ bere a yareɜ mmoawa aba nnipadua no mu nanso wontumi nkayan won ho. Nsaman-wa ne herpes tumi da ne ho adi wo kwan wei so. 

Mmoawa biara de yareɛ soronko na ɛba na won nyinaa nso nam kwan soronko so na wode trɛ fi nnipa baako kɔ foforo mu. Ansa na apomuden mu animdefoɔ betumi ati kwan a yareɛ fa so ba ne kwan a wo bɛtumi afa so de abɔ nnipa ho ban afi yareɛ ho no, ɛwo sɛ wo hu kwan a yareɛ mmoawa fa so trɛ fi nnipa baako kɔ nipa foforo mu. Yareɛ mmoawa akwantuo yi sisi wo gyinapɛn bebree so. Nea edidi so yi yɛ nneɛma a ɛfa yareɛ mmoawa dwumadie

Yareɛ mmoawa yi tumi fa akwan bebree so de nya kwan kɔ nnipa dua no mu. Mmoawa yi bi fa aduane mu anaa nsuo a yɛ nom mu, ebi nso nya kwan wo bere a onipa bi de ne ho aka ne yɔnko nipa. Mmoawa yi bi nso fa nframa mu. Yɛn botae wo akyerɛ yi mu ne mmoawa a wofa nframa mu.

Yareɛ kakraa bi pɛ na ɛtumi kɔ nnipa a won apom mu yɛ den. Yareɛ su ne n’ahuoden gyina nnipadua no ahuoden ne yareɛ mmoawa no nso ahuoden sɛ ɛbetumi abubu nnipadua no ahuoden. ɛtɔ mmere bia nnipadua no ahuoden tumi yɛ den ma no tumi fi aseɛ sɛ onoara nnipa dua no. Apomuden adwuma yɛ foɔ kyekyɛ yareɛ mmoawa kɔ afa mmienu. Baako ne primary ana baako nso ne opportunistic

Opportunistic pathogens tumi de yareɛ ma nnipa dua no wo abere a n’ahuoden aba fam ɛsan yareɛ bi anaa tebea bi a ɛmaa ayaresafoɔ de sekan twitwaa ne nnipa dua no mu akwaa bi anaa asae bi nti. 

Ahyeseɛ yareɛ yɛ yareɛ a ɛde apomuden mu haw ba nnipadua bi mu. Ntoasoɔ yareɛ gyina ɔhaw a ahyeseɛ yareɛ de ba so na ɛyɛ n’adwuma.

Nsae yareɛ nam nnipa ho nsuo anaa nnipa ho atwitwiri atwiri so na ɛtrɛ. (Nhwesoɔ ne nfluenza). Nsae yareɛ no bi nso wo kwan pɔtee a wo fa so de kɔ nnipa foforo mu te sɛ nna mu. Saa yareɛ yi nhia sɛ yɛ bɛte wɔn a woanya bi ho afi nnipa foforo ho. Nsae yareɛ fa nnipa ne nnipa ho atwitwiri atwiri, ne nsuo nkitinkiti a ɛfiri ɛwa mu na ɛtrɛ. Ɛtumi nso fa nframa mu, aduane ne nsuo a aseɛ, nipa ne mmoa nkitahodie ɛne ntumoa a woka nipa.

Nsae yareɛ biara da ne ho adi wo kwan soronko so. Ebi da ne ho adi wo nnipadua no ho nyinaa wo kwan bi te sɛ ahuoyaa, anum a ato, kwan a obi so bɛte afa, ahuohyeɛ, hwene a ɛsone ne ɛwa. ɛto biribi mpo a, nsae yareɛ nna ahyensodeɛ biara adi.  

Bacteria ne virus yareɛ tumi da ne ho adi wo kwan a ɛse mu. Wei ma no yɛ den sɛ wo bɛhu nsonsonyɛ ne nea yareɛ no farebae. Sɛ yɛ bɛhu nsonsonyɛ a ɛda won ntɛm no hia paa efiri sɛ aduro a wofrɛ no antibiotics a wode sa yareɛ bacteria de ba no entumi nsa yareɛ virus de ba.

Sɛ yareɛ bi ka nnipadua no a, aduro bi wo ho a ɛtumi hyɛ mmoawa no so senea ɛmma won ntrɛ. Saa aduro yi gu ahodow bebree. Aduro a wofrɛ no antibiotics ko tia bacteria nkoaa na ɛntumi nko ntia virus. Antibiotics dwumadie ne sɛ, ɛbɛma kum bacteria no anaa sɛ nnɔre bebree wo nnipa du no mu




#Article 77: Vaccine (985 words)


Vaccine yɛ aduro bi a yareɛ mmoawa a won ahuoden ayɛ mere anaa sɛ won awu wo mu. Sɛ saa aduro yi a kɔ nnipa mu a, ekayan nnipa dua ne mu ahuoden mmoa ma wo sɔre tia yareɛ mmoawa biara daakye biara no ɛbeba nnipa dua no mu. Wotumi de aduro no so anum anaa sɛ wo de fa panie mu wɔ nnipa no. Saa kwan yi boa ma wotumi si yareɛ bebree ano. Yareɛ no bi ne small pox, polio, ntobro (measles) ɛne tetanus. Aduro a ahuoden wo mu na aboa ama yareɛ bi abrɛ se ne influenza aduro, HPV aduro and chicken pox aduro.

Vaccines yɛ ma nnipadua no na n’ahuoden tumi ko tia nsaa yareɛ bebree. Na mmom, wo kwan bi so no, won ahuoden no tumi brɛ ase. Vaccines ahuoden gyina ɛneɛma a edidi so yi so:

Sɛ nnipa a w’asɔ no vaccine yi san ya yareɛ a, saa yareɛ no ahuoden ba fam sen nea yen sɔɔ no vaccine no bi. Nea edidi so yi yɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛ hyɛ no nso sɛ yɛ pɛ sɛ vaccine a yɛde sɔ nnipa bɛ kɔ yiye.

Ɛnam vaccine so nti, yareɛ a yɛfrɛ no smallpox yetumi tu n’ase. Saa yareɛ smallpox yi yɛ owuo ne nsae yareɛ a ɛka nnipa. Yareɛ bi te sɛ rubella, polio, ntobro, mumps, chickenpox ne typhoid ayɛ nna sene nfie beyɛ oha a atwa mu yi esane sɛ wo de vaccine sɔɔ nnipa bebree ano.

Sɛ yɛde yareɛ bi ho vaccine so nnipa bebree ano a, ɛbedu mmerɛ bi no, ɛbɛyɛ den sɛ saa yareɛ no bɛsan aba saa nnipa kuo no mu. Vaccines nso tumi boa ma nnipadua no ko tia mmoawa a ɛsore tia nnuro bi a ɛsan sɛ wone saa nnuro no anya nkitahodie bebree wo mmre bi a atwa mu no nti. Bio nso, vaccine aboa ama yareɛ bi a na penicillin ahuoden ayɛ mmerɛ wo so no wo ko tia. Mpo sɛ yɛ hwɛ ntobro yareɛ a, aduro a yɛ de sɔ anoo no abɔ nnipa bebree ho ban afi owuo mu afe biara mu.

Aduro a yɛde sɔ nnipa wo mmerɛ a ɔyɛ abofra no mpen pii no ɛyɛ a nsunsuanso bɔne biara nni akyiri. Mpo sɛ biribi wo ho saa, ɛyɛ na ano nyɛ den. Nea ɛtaa esi no bi ne ahuohyeɛ, yaw wo faako a yɛde panie no wɔɔ yɛ, ɛne honam yaw. Yɛ wo nnipa bi a won nnipadua no ne ahuoden duro a ɛwɔ vaccine no mu nhyia. Nanso nsunsuanso a ano yɛ den no ntaa nsi.

Aduro yɛde so yareɛ ano anaa vaccine yi gu ahohoro. Ebi yɛ yareɛ mmoawa a won awu anaa sɛ wontumi nkayan won ho. Ebi so yɛ akyi ade a ɛho te krogyeen.

Aduro a yɛde sɔ yareɛ ano bi wo hɔ a, wode yareɛ mmoawa a won awu esan sɛ wode aduro anaa ohyew aka won na ayɛ.

Aduro a yɛde sɔ yareɛ ano bi wo hɔ a, wode yareɛ mmoawa a wo te ase na mmom wontumi nkanyan won ho na ayɛ. Saa aduro yi tumi kanyan nnipadua no ahobanbo nanso won a won nnipadua no ayɛ mmere deɛ, ɛnnyɛ mma won. 

Vaccines no bi nso wo ho a, wonfa, yareɛ mmoawa a won ano ayɛ mmerɛ na ɛyɛ, na ɛmom, wode adu bɔne a ɛtumi de yareɛ ba na ɛyɛ.

Wotumi pone mmoawa ho bi de kanyan nnipadua no ahobanbo fuo. Wofrɛ no subunit vaccine

Wo nam abɛɛfo kwan so de vaccines afoforo a wonfa mmoawa na ɛyɛ. Wode won nyansa ne won nsa na ɛyɛ saa vaccine no.

Woyɛ vaccine no bi wɔ kwan bi so a, ɛmma no ko tia yareɛ mmoawa baako pɛ. Vaccines no nso bi wo hɔ a ahuoden a ɛwɔ mu nti, etumi ko tia yareɛ mmoawa bebree a wɔbɔ abusua baako.

Vaccines no bi wo hɔ a wode mmoawa bi a wonya fi mmoa mu na ɛyɛ. Saa mmoawa yi nfa yareɛ biara mma nnipadua no mu anaase nsunsuansoɔ bɔne bi

Nnipadua no ahobanbofuo a wɔ ko tia yareɛ no hu vaccine sɛ ahohodeɛ a aba nnipadua no mu. Ne saa nti no, wosei no na afei nso wo hyɛ no nso. Saa yareɛ mmoawa a wo de yaa saa vaccine no bi san ba nnipadua no mu a, ahobanbofuo no hu no a, wosi no kwan sɛ nea ɛmma wɔn asi ntrɛ wo nnipadua no mu.

Mmoawa bi wo vaccine mu a ɛboa ma wotumi kayan won ho ma wotumi bɔ nnipa ho ban. Wo san nso de aduro bi hyɛ vaccine no mu se nea ɛmma no nsei ntɛm.

Sɛ nea yɛ bɛ nya banbo a edi mu nti, ɛyɛ sɛ yɛ de vaccine no so mmofra ntɛm pa ara na won ntwen kosi sɛ wobɛ nyin. Mmerɛ ne mmerɛ rekɔ no, ɛho bɛ hia sɛ wo bɛ san ama no aduro a ɛbɛhyɛ vaccine no mu kina. Vaccines bebree wo ho a w’ahyehyɛ no wɔ kwan bi so a, mmere ne mmere mu no, wode ma nnipa anaa sɛ onipa no di nfie bi a ansaa na wo betumi ama no saa vaccine no. Nfatohoo ne ntobro, tetanus, influenza ne pneumonia vaccines

Akwansideɛ titiriw a ɛwɔ vaccine yɛ mu no ne nkrataasɛm. Wiase apomuden dwuma keseɛ nhwehwɛ mu kyerɛ sɛ akwansideɛ no bi ne sika sɛm ne nnipa a wo wɔ adwuma no ho sua hunu.

Mpuntuo aba wo kwan ne nhyehyeɛ a wode vaccine fa so ma nnipa. Mpuntuo a ɛda nso ne nea yetumi de so nnipa anum. Mfatoho ne polio vaccine a sɛ onipa a onni ntete yɛ mpo tumi de ma. Wo gu su de mmoa ɛyɛ nhwehwɛ mu fa vaccine a wonfa ngu panie mu nwo. Wo nam abɛɛfo nimdeɛ kwan so ɛyɛ adeɛ bi a nsoe a aduro wo ano a ani ntumi nhu na wotumi de tare nipa honam ho. 

Mpuntuo bebree na aba wo vaccine yɛ mu




#Article 78: From Global Open Initiative to Everyone: 11:21 AM Wikimedia Foundation ten 2030 Strategy Recommendations Translated text in Twi (232 words)


Yɛyɛ nnipa a ekuo yi gyina yɛn so na atintim yie

Worehwɛ sɛdeɛ wɔde yɛn nnoɔma di dwuma ne sɛdeɛ wɔbɛnya bi ne sɛdeɛ yɛbɛtumi apagya yɛn mmɔdemmɔ mu berɛ ano berɛ ano

Bambɔ ne sɛdeɛ obi bɛba abɛka ho

Yɛrekyekyɛ obiara dwuma a ɔbɛdie ɛne ɛho akontabuo ɛwɔ agyinasie ɛne akadeɛ kyekyɛ mu

Yɛrebie kwan ama nkitahodie a ɛdi mu ɛne ayɔnkofa a, ɛnam anamɔntuo so na yɛne wɔn a wɔwɔ adwuma yi mu kyɛfa, wɔn a wɔwɔ mfidisɛm mu nimdeɛ kyɛfa ɛne wɔn a aman mpuntuo da wɔn akoma so.

Sɛ yɛbɛyi mfidisɛm mu nimdeɛ ɛne nhunumuu a ɛwɔ ankorankorɛ ɛne nnwumakuo mu apue

anisoadehunu aba mu.

Sɛ yɛbɛkyɛ nimdeɛ a ɛwɔ yɛn mu a, ɛyɛ ayɔnkofa a ɛyɛ papa na yɛde yɛn ho bɛhyɛ mu.

Sɛ yɛbɛte aseɛ sɛ yɛn dwumadie mu nsɛm bɛnya nsunsuansoɔ papa ɛwɔ nnipa so ɛne sɛdeɛ yɛbɛtumi de adi dwuma (anaa ne dwumadie no bɛtra so ɛwɔ ɛwiase)

Sɛ yɛbɛhunu na yɛatrɛ nimdeɛ a biribiara nsi ɛho kwan no ho dwumadie, na ɛmu nsɛm no bɛma yɛn dwumadie asi pi, na yɛbɛfa akwaniasa so atu mpɔn, na yɛbɛhwɛ sɛ yɛn hinhim ɛwɔ yɛn anisoadehunu mu ɛne nhyehyɛeɛ a ɛnam akwankyerɛ so.

Sɛ wobɛma w'ani aba wo ho so ɛwɔ adwumakuo no mu na wobɛma w'ani aku w'adwuma no ho, ahwɛ ayɛ nhyehyɛeɛ mapa de ama ‘Movement Strategy' ɛwɔ mfeɛ mpem mmienu ne aduasa mu(2030)




#Article 79: Universal code of conduct (957 words)


Nnianim.

Wiase amansan mmara ne suban pa ho nhyehyɛeɛ Yi kyerɛ suban ahodoɔ a

ɛsɛ sɛ yɛ gye tum anaa sɛ yɛ ngye ntum. Wei kɔ ma obibiara a ɔdi Wikipedia nkitahodie anaa ɔyɛ biribi

de boa aborɔfo ahoma ntentan dwumadie.

Wei kɔ ma afoforɔ ne adadafoɔ a wɔn wɔ saa dwumadie yi mu nimdeɛ aboafoɔ, dwumadiefoɔ a wɔn wɔ

dwumadie no mu, wɔn a ɔdi akansie no ho dwuma anaa ɔhyehyɛ akansie no, ɛne wɔn a ɔka akansie no ho

anaa ɔsi akan no bi no, adwumay3foɔ ɛne wɔn a wɔn de wɔn ho abata mpaninfoɔ a ɔda kuo no ano ɛne

Wikipedia nyinasoɔ kuo, ne sodifoɔ kuo mma.

ɛkɔ ma nnipa kuo nyinaa ɛne aboafoɔ kwantinpɔn tiehwɛ dwumadie (virtual event), wɔn a wɔn wɔ

mfidinnwuma nimdeɛ soronko ɛne Wikipedia ne Wiki's dwumadie nyinaa ho.

Neɛ ɛka ho bi nso ne petee badwam ne badwa a nni petee mu (public and semi public) nkitahodie

(interactions), w) akyinyigyeɛ ho nkɔmɔdie ne nkasaeɛ wɔ pintinyɛ ɛtwam de kɔ mpɔtam mpɔtam nsɛm

nsɛm wɔ  mfididwuma nimdeɛ soronko mpuntuo mu n'afa a ɛwɔ neɛ ɛwɔ mmoa nsɛm nsɛm mu a ɛgyina

hɔ ma amanaman a wɔn de wɔn ho abata anaa abɔ mu ne wɔn a wɔn wɔ akyire aboafoɔ wɔ ɛwiem anaa

nframa mu badwa nsawɔsoɔ ne dwumadie nsɛm twerɛfoɔ nhyiamu ɛne ɛtitire adwumayɛfoɔ frɛ

nhyiamu.

UCoC  ma nhwɛsoɔ nneyɛɛ ma wɔn a wɔn yɛ adwuma bɔ mu wɔ Wikipedia dwumadie a ɛwɔ wiase  afanaa

nyinaa no mu . Amanaman ahodo) no nso bɛtumi de mpuntuo nhyehyɛeɛ no bi nso aka neɛ ɛwɔ wɔn

ankorankorɛ amammerɛ mu no bi aka deɛ ɛwɔ ho no ho sɛ neɛ ɛbɛ ma wɔn bɛtumi akɔ so akora nhwɛsoɔ

kumaa bi anaa ketewaa bi a w'atwerɛtwerɛ ato hɔ ama yɛn sɛ pɛpɛɛpɛ nhwɛsoɔ susudua.

Yɛgye di sɛ, yɛboa nnipa dodoɔ a yɛbɛtumi biara na wɔde ahokeka de wɔn ho hyɛ Wikimedia

nnwumadie mu a, yɛbɛtumi adu yɛn botae a ɛno ne sɛ wiase no bɛyɛ bea bi a yɛn

nyinaa bɛtumi anya nnipa nimdeɛ nyinaa  mu kyɛfa. Yɛ gyedi sɛ yɛn akyereɛfoɔ a wɔn wɔ amaaman

mu bɛyɛ nnipa ahodoɔ baako, na yɛbɛtumi anya wɔn abrebiara

Yɛpɛ sɛ yɛn amaaman kuo yi hyɛ nkuran, yɛ Papa na ɛsan yɛ tebea a ɛyɛ  Papa ma obiara ɔde ne ho bɛ

hyɛmu. Afei nso ɛyɛ y'apɛdeɛ sɛ yɛ bɛbɔ yɛn nnwumadie ho ban afiri wɔn a wɔsɛe anaasɛ wɔkyimkyim

ɛmu nsɛm ho.

UCoC mmara yi kɔ ma Wikimedia kuo no nyinaa, sɛ wo yɛ biribi tia saa mmara yi a ɛkuo no mpanyinfoɔ a

ɔwɔ mantam biaa no wɔ wɔn nhyehyɛeɛ ne wɔn nnwuma de asotwe biaa bɛma nnipa korɔ no sɛ nea

mpɔtam hɔ kuo  boa ma y'ahyehyɛ wiase a Obiara bɛtumi anya nimdeɛ nyinaa mu kyɛfa.

Fa wo ho hyɛ wiase nyinaa kuo a ɛbɛ kwati nyiyimu ne afoforɔ ho adwenbɔnee a nni nyinasoɔ, na pere

ma w'adwuma nyinaa nyɛ nokware na ɛnsan yɛ nea yɛbɛtumi afoa so.

Wikimedia nnipa biara, sɛ wɔyɛ afoforɔ wɔ mu anaa s3 w'akwadere wɔ mu, anaa wɔ ka ɛkuo bi ho anaa sɛ

ɔde ne ho abata ɛkuo bi anaa  ɔka WMF mpaninfoɛ ho, anaa ɔyɛ adwumayɛnii biaa wɔ asodie ma ɔno

ankasa ne suban a wɔ dan no adi.

ɛwɔ Wikimedia dwumadie ne wɔn nhyiamudie  biara no, suban biara dan adi wɔ obuo mu. ɛmfa ho ne

nnipa no mfie, n'adwene ne honam tebea a ɛwɔ mu, ɛsom a ɔsom kuo anaa abusua bi a )firi mu

w'amamerɛ abɔseɛ, dibea anaa awoɔ ntoatoasoɛ bɔberɛ, ne kasa a w'akwadere mu, sɛ ɔyɛ ɔbaa anaa

bɛrema ne n'adwuma a ɔyɛ.

Bio, ɛwɔ sɛ yɛhwɛ dwuma no ho hia a ɛhia, mmoa anaa suahunu no ho boa a ɛbɛboa wɔ saa beaɛ no

dwumadie mu.

Obuo ne sɛ wode anidie rema afoforɔ.

ɛwɔ afoforɔ nkɔmɔdie mu, sɛ ɛwɔ abɛɛfo ntentan so, anaa nni abɛɛfo ntentan so wɔ Wikimedia nnwuma

mu. Yɛ de obuo ne anidie a ɛyɛ pɛ bɛ ma yɛn ho yɛn ho sɛ nea yɛ pɛ sɛ afoforɔ de anidie ma yɛn no.

Nya nteaseɛ na ɛne afoforɔ nkyɛ wɔn atenka.

Tie na bɔ mmɔdene sɛ wo bɛ nya nteaseɛ ama deɛ Wikimedia nii biara bɛka akyerɛ wo.

Sɛ wo yɛ Wikimedia nii yi,  yɛ ahoboa sɛ wo bɛ nya w'ankasa wo nteaseɛ, noɔma a worehwehwɛ ɛne

woaa wo suban. Abrebiara nya gyedie pa, na fa wo ho hyɛ mu sɛ wo bɛ yɛ adwuma pa. Fa obuo

awerɛhyɛmu pa yi nsɛm ano. Sɛ wo bɛ nwunu obi anaa wo bɛ ka asɛm bi a nnyɛ afa obi ho koraa a ka

no ɔkwan pa so na afei kyerɛ no ɔkwan pa a ɔfa so a ɛbɛ boa no ama no atu mpɔn.

Fa obuo ma wɔn a ɔka atwerɛ kuo no ho no, kwan a ɔsi dan wɔn ho adi. Nkorɔfoɔ de edin soronko bi bɛ to

wɔn ho de adan wɔn ho adi. Sɛ ɛbɛ kyerɛ obuo nti, mo nfa edin soronko no ne wɔn nkasa anaa sɛ mo

rekasa afa wɔn ho a mo nfa edin soronko no nkasa nfa wɔn ho.

Nhw3so) no bi ne (Examples include):

Abusua kuo bi a ɛbɔ ntɔn baako bɛtumi de edin bi ato wɔn ho sene sɛ ɔde tete din bi a na yɛde ferɛ wɔn

b3 to wɔn ho so. Nkorɔfoɔ bɛtumi de edin a n'atwerɛ no yɛ soronko wɔ wɔn kasa mu na ɔsane yɔ foforɔ

ato wɔn ho so.

Nkorɔfoɔ gyina wɔn bɔberɛ so de din soronko to wɔn ho so.

Nkorɔfoɔ a sɛbe w'adi dɛm nso de din soronko to wɔn ho so, sɛ wo hyia wɔn a, yɛ bɛbɔ yɛn ho mmɔdene

sɛ yɛ bɛgye obibiara ato mu na yɛde obuo ama obibiara ho asɛm, ne nyansa, n'amammerɛ ne nea

ɛkeka ho.




#Total Article count: 79
#Total Word count: 35208