#Article 1: Ephraim Amu (674 words)


Ephraim Kɔku Amu (13 Ebɔ, 1899 - 1995)

Wɔwwoo Ephraim Amu wɔ Ebɔ 13 1899 wɔ Peki-Avetile. Na n'agya yε traditional ɔkyerεma kosi mmere a ɔdanee Kristoni. Na Ephraim Amu fi wɔ ne mmofrase yε baabi a nnwomto abu. Eyi nti, na nnwom ne εho nkyerεkyerεmu da n'akoma so bere a ɔkɔɔ sukuu wɔ Peki. Εkεε akyerεkyerεfo sukuu εsan nso kɔɔ Presbyterian Seminary wɔ Peki a εhɔ na osuaa sεnea wɔbɔ hamoniɔm efi Ɔkyerεkyerεfo Theodore Ntem hɔ.

Afe nsia fi 1920 hɔ no, Ephraim Amu kyerεε sukuufo ade wɔ Peki-Blengo Middle School. Saa mmere yi no, ɔkyerεw nnwom maa sukuufo a ɔkyerε wɔn. Mmere a onni adwuma no, ɔyεε nnwom ho adesua fii Reverend J. E. Allotey-Pappoe nhoma a ɔkyerεwee mu.

Afe 1926 mu no, na Ephraim Amu yε Ɔkyerεkyerεfo wɔ Presbyterian Training College wɔ Akropong. Saa mmere yi, na ɔkyerεwee ne nwom pii a εnnε yεdekae no. Na ɔdaso te Akropong na ɔgyee din se Ghanaman nnwomkyerεwfo a odi kan.

Esan sε na Ephraim Amu pε sε ɔbεtene ne nyansa wɔ Europe nnwom mu no, osuaa amanɔne nnwom tebea wɔ Royal College of Music a εwɔ London bere a na ɔkyerε sukuufo wɔ Achimota School. Wɔ danee ne nnwom sukuu kyerεε  Kwame Nkrumah University of Science and Technology (KNUST), a sae mmere no wɔfrε no College of Science and Technology.

Mmere a ɔwɔ Kumasi no, Ephraim Amu de ne ho bɔɔ Asanteman Abakɔsεm fie a yεfrε no Ashanti Cultural Centre. Osuaa sanea wɔbɔ Seperewa, εsan nyaa kwan sε ɔbεtenee ne nimdeε wɔ other court music and instruments te sε odurugya.

Asuae a εhwε adesua so εsan sesaa Ephraim Amu Music School εkɔɔ Winneba. Eyi ekyi no, Ephraim Amu kɔɔ so yεε abakɔnnwom ho nhwehwεmu wɔ KNUST afe abien. Rockefeller Foundation ne kuro a wɔmaa no sika ne ahoboae a ɔde yεε adwuma yi. Afei, University of Ghana nso tow nsa frεε no sε ɔnkyerε ade wɔ Institute of African Studies a εwɔ sukuupɔn no School of Music. 

Ephraim Amu nnwomkyerεw besii gyinabea abien a wɔyε Abibinnwom ne Amanɔne nnwom na mmom ɔpenee sε ɔbεkyerεw Ghana Akan kasa ne Ayigbekasa. N'adwen a okura mu no sε εyε sε obiara besua nnwom εwɔ kasa a yεkyerεwee nnwom no mu.

Nnwomtow ne akyerεkyerεw nkutoo annyε Ephraim Amu afamdeε. Na ɔyε obi a ɔdɔ ebibiman ne εho amanmrε. Ne bibini bɔbea maa no anyigye pii na ɔyεε nea obetumi nyina ara sε ɔbεhwε ama abibiman ne abibimamrε atumpɔn paa ara. Eyi nti ɔpenee sε ɔbεbɔ atεntεbεn ber a na amanɔne flute wɔ hɔ.

Bere a Ephraim Amu yε asɔrepanyin wɔ Presby asɔre mu no, ɔkɔɔso ara de n'abibiman nnimdeε yεε adwuma esan sε aborɔfo a na wɔnso wɔwɔ asɔre hɔ no, kɔɔso yεε nea wɔn amamrε kyerε. Eyi nti asɔre mpanyimfo no yii no di a wogyaa no asɔrepanyin. Ofi Presby asɔre hɔ kɔɔ Achimota School a saa bere no wɔfrεno Achimota College.

Ephraim Amu kyerεwee ne nnwom dodoo no wɔ Akan kasa mu. Eyi fi sε ɔtenaa Akan man mu mpεn pii wɔ n'abrabɔ mu. Ɔsan kyerεwee nnwom a aka no wɔ Ayigbe kasa a εyε kasa a wɔde tetew no.

Ne nnwom a edikan no, wɔ pɔblehyee wɔ afe 1933 mu εwɔ UK a adwumakuw a wɔhwεε so yε Sheldon Press. Sukuufo a ɔkyerεε wɔn wɔ Kumasi ne Presbyterian Training College na wɔtenee Ephraim Amu adekyerε mu wɔ Ghana. Ankyε biara na wiase afanan nyinaa gyee Ephraim Amu too mu sε odikanni wɔ Abibiman nnwom ne εho nkyerεkyerεmu.

Nnwom kyerεwfo a wodii Ephraim Amu ekyi suaa n'adekyerε na wɔkyerεε nnwom a edii Abibiman amamrε ho adanse. Nnipa pii nso gyee abibinnwom too mu wɔ asɔre nhyehyεe mu. Ne nnwom no nkyerεwee no bi nso bεboaa Ghanaman bere a ɔhεε ase kɔɔ fahodie ho.

Ghana Aban, University of Ghana, Arts Council of Ghana ne International Music Council, UNESCO yε kuw ahorow a wɔbɔɔ Ephraim Amu aba so wɔ adwuma a ɔyε de boaa Ghana ne Abibiman nyinaa nnwomto. Afe biara no, Arts Council yε afahyε a wɔfrε no Amu Choral Festival de kae Dr Ephraim Amu.




#Article 2: Kwame Nkrumah (1535 words)


Kwame Nkrumah yɛ Gaanani a ɔyɛɛ amansɛm.

Nna ne maame yɛ Elizabeth Nyanibah a nna ɔfi Anɔna Ebusua mu. Ne papa so nna ɔyɛ Kofi Ngonloma a nna ɔfi Asona Ebusua mu.
Ɔwarre Helena Ritz Fathia Nkrumah Mumu-Ɔpɛnimba 31 afe 1958 mu.
Ne mba yɛ ebiasa-- Francis Gokeh; Sarmiah Yarba na Sekou Ritz.

Nea Kwame Nkrumah yɛɛ a ɛma ne din terɛw ne sɛ ɔgyee fahodi firi Ngyiresi man maa Sika Mpoano, na ɔsesa ne din frɛɛ no Gaana. Abere no, na ɔyɛ Gaana ɔmanpanin a ɔdi kan.

Kwame Nkrumah yε Ghanafo omanpanyin a odi kan. Ɔno na obuu yεn man no maa no yε keseε sεnea ete εnnε yi (Independence fawohodie wɔ 06.03.1957)

Wɔwoo Kwame Nkrumah wɔ Nkrɔful wɔ ɛbɔ 21, 1909. Edin a wɔtoo no ne Francis Nwia-Kofi Ngonloma. ɔkɔɔ Achimota School, Roman Catholic Seminary wɔ Amisano, a ɔsan kyerɛɛ ade wɔ Catholic School wɔ Aɔim. ɔkɔɔ Amɛrika a, ɛhɔ na ɔkɔɔ Lincoln University ne University of Pennsylvania. Abibisuafo kuo a ɛwɔ Amɛrika ne Kanada sii no Prɛsidɛnt ɛwɔ wɔn kuw ne so.

ɔkɔɔ London, na Ohyiaa George Padmore a ɛhɔ na ɔhyɛɛ Abibiman faahodie ho nhyehyɛe. Sukuupɔn ahorow pii bɔɔ n'aba so wɔ dwuma pa a ɔhyɛɛ ase no.

Kwame Nkrumah san baa Ghana afe 1947 bɛboaa United Gold Coast Convention kuw a na Joseph Boakye Danɛuah di anim. Ghana faahodie nsɛm ho na wɔbɔɔ mmɔden. Afe 1948 mu no, polisfo to kɔtoo abibi eɔ-servicemen bi so tuo a na wɔrenantew retia aban no wɔ asetena a ɛyɛɛ den no. Aban no faa basabasayɛ no sɛ UGCC to nsanodwuma na wɔkyeree wɔn mpanyinfo dodow no hyɛɛ fie ase. Eyi de amande ne adesɛe sanee Kumasi, Accra ne nkurow ahorow pii. Aban no huu ssa no, woyii UGCC mpanyinfo a Kwame Nkrumah ka ho, efii fie ase hɔ. Eyi de anuonyam pii baa Nkrumah ne mpanyinfo a wɔkyeree wɔn so. Afei na amanfoɔ nyinaa ani da UGCC ahoɔden ne Ghana faahodie a obenya so.

Nkrumah kɔɔ nkurase ne mpɔtam pii twee amansan adwen baa Ghana faahodie ho. Kokoo kuafo ne nnwuma kuw pii wɔn ani nnye ɔman no ne wɔn asetena mu no, taa Nkrumah akyi a afe 1949 mu no, ɔtee ammaneɛkuw foforo a ɔfrɛɛ no “The Convention People's Party (CPP)”.

Ahodwan nti, Britain man a na odi Ghana so saa bere no, penee sɛ ɔman no bɛkyerɛw mmra foforo. Nkrumah frɛɛ nnipa ne nnwumakuw pɔtee, ahemfo, akuafo ne ɔman no mpanyinfo na wɔkyerɛwee mmra foforo maa ɔman Ghana. Mmra no mu no, wobisaa sɛ abibifo benya tumi wɔ ɔman no nhyehyɛe mu. Eyi ekyi no, wobisaa faahodie maa ɔman Ghana.

Mmra foforo yi annkɔ yie wɔ aborɔfo no hɔ, na wɔampene sɛ emu mmisae no bɛba mu. Eyi hyɛɛ Nkrumah abufuw na ɔtoo nsa frɛɛ nnwumakuw ne Ghanafo nyinaa sɛ wɔnfa asoɔden nhyia Britain mmra ne nhyehyɛe a wɔakyerɛw sɛ ɔman no nni so. Saa nti wɔsan kyeree Nkrumah kɔtoo fie ase mfe mmiɛnsa. Eyi hyɛɛ Ghanaman mma dodow ahoɔyaw na wɛkekaa wɔho kɔboaa CPP kuw noo tiaa Britain mmra a wɔahyehyɛw no. Na Nkrumah ne mpanyimfo dodow no wɔ fiease nso afei na nnipa pii ani abere kwan a aborɔfo no de ɔman no refa.

Ahometew ne amannehu maa Britain fo no faa adwen sɛɛ wɔbefi Ghana asaase so. Afe 1951 mu no, wɔhyehyɛɛ abatoɔ a edi kan wɔ abibiman Afrika mu. Nkrumah dii nkunim na wɔtoo nsa eyii no fii fie ase de no sii Aban Nhyehyɛe Bedwani anaa “Leader of Government Business”. Woyii no Ogyefuo 12, 1951 na n'amaneɛkuw CPP nyaa mmrahyɛbedwa nkongua 34 efi 38 mu bere a ɔdaso wɔ fiease Britain aban ntamgyinani a wɔfrɛ no Charles Arden-Clarke ka kyerɛɛ Nkrumah se ɔnhyehyɛ aban foforo a asɛm a etwa to no ne sɛ, eyi nyinaa ekyi no, ɔman Ghana benya ne faahodie. Asɛm yi bedii so bere a Britain aban no yii ntamgyinani Arden-Clarke na ɔman Ghana nso tow aba foforo afe 1960 mu esii Nkrumah Ghana ɔmanpanyin.

ɔmanpanyin Nkrumah yɛɛ nneɛma pii a ɛboaa Ghana nkɔsoɔ paa ara. Odii kan de Ghana nkyekyɛmu anan no nyinaa bɛyɛɛ biako na ɔsan hwɛɛ so yɛɛ ɔmanpanyin adwuma a wɔde ama no. Wosii sukuu, lɔrekwan, ayaresabea ne agyananbea dodow a ɛboaa sɛ Ghana mma asetena mu bɛyɛ mmerɛ. Saa mmere yi no, na amansan no ara frɛɛ Nkrumah sɛ ɔsagyefo, wɔ nea ɔbɔɔ mmɔden yɛ maa ɔman no ne emu nnipa nyinaa.

Ghana faahodie bae no, Nkrumah bɔɔ mmɔden boaa abibiman faahodie adwuma no efisɛ na wadi kan ehyia abibifo mmadwemma te sɛ Marcus Garvey, William E.B. Dubois, Martin Luther King ne George Padmore, akenkan wɔn ankyerɛwee pii. ɔde ne nnimdeɛ ne nyansa boaa faahodie ahoboa wɔ abibiman nkurow pii so. Ade baako a ɔyɛe a nnɛ yɛdekae no ne Abibimann Nkabomkuw anaa “Organisation of African Unity” a ɔboaa ma wɔtewee.

Kwame Nkrumah baa Gaana no, ɔbaa sɛ ɔrebɛboa UGCC amanyɛ kuw no. Mber kakra ba mu no, ɔhunu no sɛ na UGCC mpanimfo no nne no nyɛ adwene sɛ Sika Mpoano bɛtumi agye ne fahodi ntɛmtɛm ara. 

Dɛm nti, ɔteww ne ho kɔhyiaa amanyɛ kuw foforo a wɔfrɛ no CPP.

Nkrumah hwehwɛɛ kwan a ɔbɛfa so ahyehyɛ Ghana mpontu. N'adwen yɛɛ no sɛ, ansa Ghana betumi adi ne ho ni sɛ ɔman a wanya ne faahodie no, ɛwɔ sɛ otumi yɛ nea ehia no nyinaa a amanɔne mmoa biara nka ho. Eyi nti sika a saa mmere no kokoo dodow a ɔman no tɔn yɛ no debaa yɛ no, ɔde hwɛɛ nnuma foforo a wɔbɔɔ ɔman no ka yiye. Nnuma no pii annkɔ awiei pa na ɛkɔbaa sɛ sika pii a ɔde hyɛɛ nnwuma no mu no annfa papa biara amma. Amanɔne mmuae na anka apɛ sɛ oyi Ghana fi mu nso bɛyɛɛ ade a Ghana bɛhwehwɛɛ paa ara. Eyi nti Ghana a anka ɛyɛ asikaman titiriw wɔ abibman mu no, bɛdanee ɔman aserɛfo a odi ohia yie.

Afe 1954 mu no, nneɛma pii sii wɔ ɔman no mu a wɔdanee Ghana ne Nkrumah asetena mu. Saa afe no, Nkrumah san dii nkunim wɔ aba a wɔtooe no mu. Afei kokoo bo nso kɔɔ so pa ara yiye. Sika a efii kokoo dwa no mu bae no, ankɔ akuafo no hɔ na mmom, Nkrumah hyehyɛ sɛ wɔde sika no bɛyɛ mpontunnwuma a eyi annyɛ akuafo no anigye koraa. ɔsan hyehyɛɛ mmra abien bi a wɔfrɛ wɔn “Trade Union Act” ne “Preventive Detection Act” a wɔde akasakasa ne nwiinwi hyɛɛ amanfo ano. “Trade Union Act” no kyerɛɛ sɛ ɛnsɛ sɛ obiara de n'adwumayɛde bɛto hɔ sɛ n'asetena mu ayɛ den ntti anaa ɔpɛ biribi efi aban hɔ. “Preventive Detention Act” no nso kyerɛɛ sɛ obiara a ɔyɛɛ nea ɛkyerɛɛ sɛ ɔmpɛ aban no nhyehyɛe anaa onyaae anka Nkrumah nnyɛ ɔmanpanyin bio no, wɔkye no de non hyɛɛ fie ase a nsɛmmisa biara nka ho koraa. Nkrumah hwehwɛɛ mpontuhare kwan a ɔde Ghana bɛfa na saa kwan no so no, na ɛwɔ sɛ obiara a nya mpontu no bi a nnyɛ wɔn a wɔyeɛɛ adwuma no nko. Eyi maa Nkrumah ne n'aban ho nsɛm yɛɛ amanfo pii abufuw. N'aban no mu nnipa nom bi nso de tumi a wɔwɔ no gyee adwuma fii adwumayɛfo no hɔ sɛnea wɔn nso wobenya sika. Wɔn a na ɛwɔ sɛ wɔka aban no asɛesɛm kyerɛ ɔmanpanyin no nso gyaee efisɛ na wosuro sɛ wɔka a, Nkrumah beyi wɔn adi. Eyi nti na ɛyɛ nnipa pii sɛ wɔnho nhia aban no ne Nkrumah bio. Nkrumah nso hunuu sɛ nnipa dodow no mpɛ n'asɛm bio no, ɔde asurooow etwaa amanneɛkuw foforo a wɔwɔ ɔman no mu koraa na osii ne ho ɔmanpanyin kosi ne wu bere. ɔhyehyɛɛ saa mmra yi wɔ afe 1964 mu. 

Nkrumah adwen da mpontu ho no nti no, ɔpene maa Amɛrikafo besii Akosombo Dam no sɛ ɛmma anyinam ahoɔden a ehia sɛ ɔman no de betu mpon. ɔman no de sika a wɔasrɛ na esii efidie no nti ɔbɔɔ ka yiye. Esan sɛ ɛwɔ dɛ ɔman no atua sika no nti no, ɔbɔɔ kokoo kuafo no ka yiye. Eyi de ahoɔyaw hyɛɛ akuafo ne Ghanafo pii ho tiaa Nkrumah. Afei na nnipa pii abrɛ Nkrumah na ne mmere nso aso. N'anuonyam kɔɔ so wɔ aman foforo hɔ nso na onnim sɛ ne mmere aso sɛ obefi ɔmanpanyin gua no so. Wɔ Ogyefuo 1966 mu no, bere a Nkrumah kɔɔ Beijing, wɔ China no, wotuu no ade so.
Kwame Nkrumah wui wɔ obi ne kurowmu. Nkrumah annsan amma Ghana. ɔtenaa Guinea na ɛhɔ na ɔkɔɔ so hwɛɛ sɛ abibiman bɛka abom ayɛ baako. Guinea ɔmanpanyin Sekou Toure hwɛɛ ne so nso na Nkrumah suro sɛ aborɔfo a wɔhwɛe ma wotuu no ade so no bɛtaa no akum no owɔ Guinea hɔ a ɔwɔ no. Eyi nti na osuro yiye. N'aduannuafo wui no, na afei ɔde aduan sie wɔ ne dan mu efisɛ na osuro sɛ obi bɛhyɛ no aduro akum no kwa. ɔbra yi mu na ɔsagyefo Kwame Nkrumah yaree. Wɔde no kɔɔ Romania kɔhwɛɛ n'ayaresa na ɛhɔ na owui wɔ ɛbɔ, 1972 mu. Wosiee no wɔ Nkrɔful a ɛyɛ baabi a wɔwoo no nso ekyiri no, wɔsan de no baa Nkran a ɛhɔ na wosii mɛmoreal tumb a nnɛ yɛdekae abibimanba panyin baako ɔyɛɛ pii boaa ne man ne abibifo nyinaa.




#Article 3: Yaa Asantewaa (105 words)


Wɔwoo Yaa Asantewaa afe 1840. Na ɔyɛ ɔhemaa wɔ Edweso kuro a εwɔ Asanteman mu. Ne nua Nana Akwasi Afrane Okpese a na ɔyε Edwesohene na εyi no sε ɔnyε hemaa. Dea Yaa Asantewaa yɛ a ɛma ne din terɛw ne sɛ ɔko tiaa Ngyiresi Aborɔfo no wɔ afe 1900 mu. 

Wɔwoo Yaa Asantewa afe 1840 mu w Edweso Besease w Asantemantan mu.Ne nua barima Afrane Panin bɛyɛɛ Ohene wɔ Edweso ɛkuro bi a ɛbɛn Edweso na ɔyɛ okuani a odua nnɔbae wɔ n'afua a ɛbɛn Boankra.

Yaa Asantewaa kɔtɔɔ aware so mienu ne barima bi a na ofiri Kumsai. Ɔne no wo ɔba baako.




#Article 4: Hilla Limann (703 words)


Hilla Limann (wɔ woo no Ɔpɛnimba 12 afe 1934, Owui wɔ ɔpepon da a ɛtɔ so 23, afe 1998) yɛ kane Ghana manpanyin firi September da a ɛtɔ 24, afe 1979 kosii December da afe 1981 mu. ɔbɛyɛɛ aban ananmusini a ɔwɔ Switzerland.  Wɔ woo Liman a n’abusua din de Babini no wɔ Atifi fam wɔ Kane Gold Coast no kuro a ede Gwollu, a ɛwɔ Wassa Mansin no mu wɔ Atifi Atɔe Fam. Emfa ho sɛ na n’awofo nni bi no, ɔbɔɔ ne ho mmɔden de ne ho hyɛɛ Nhomasua mu kɔɔ akyiri.

Owie n’ahyɛase sukuu wɔ aban sukuu a na ɛwɔ Tamale no wɔ afe 1949 mu. Firi afe 1957 kosi afe 1960 mo no, osuaa amanyɔsɛm ho ade wɔ Suapɔn a ɛde Londo School of Commerce. Okosua French Kasa wɔ afe Supon a ɛde Sorbonne University a ɛwɔ France. ɔde n’adesua no kopue Suapɔn a ɛde University of London mu ma no nyaa abodin krataa a ɛde BA (Hon) wɔ abakɔsɛm nsɛm mu wo na afe, onyaa abodin krataa a ɛde PhD wo amnyosɛm ne amanmmara mmarasɛm mu firi suapɔn a ɛde University of Paris.

Dr. Limann ye adwuma sɛ ɔkwankyerɛfo, amanɔne pon, wɔ asoe a ɛhwɛ amanɔne nsɛm so wɔ Ghana firi afe 1965 kosii afe 1968. Wɔ 1967 afe no mu no, na ɔka amanmara baguakuo a ɛhwɛ ma wɔhyehyɛɛ Ghanaman mmara wɔ afe 1969 mu. Wɔ afe 1968 mu no, wɔpaw no sɛ ɔman ananmusini a ɔda Ghana ananmusini tenabea wɔ Lomea ɛwɔ Togo. Wɔpaw no sɛ ɔfotuto wɔ Ghana ananmusini tenabea a ɛwo Geneva, Switzerland wɔ afe 1971.  Ɔsan nso beyee adwuma sa titenani a ɔhwe Europe, America, Asia Atɔe –Apuei so wɔ Ghana Asoe a ɛhwɛ Amanɔne nsɛm so wɔ afe 1975 mu

Wɔ 1979 abnatugo a ɛnam Jerry Rawlings so bae no, Emfa ho sɛ na wonnim Limann yiye wɔ Ghana no, wɔpaw no sɛ manpanyin wo amanyɔkuo Peoples National Party din mu, na onyaa akyitaafo a wɔn mu dodoɔ no ara yɛ kane manpanyin Kwame Nkrumah Akyitaafo. Ɔkɔperee wɔ abatoɔ no mu bere a aban a ɛwɔ saa bre no, Supreme Milliatry Council sii Imoru Egala kwan wɔ abatoɔ no mu no, onyaa mma no mu ɔha mu nkyekyɛmu 62 de dii nkonim wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so ne pmrɛnu soɔ no.

Dr. Limann hyɛɛ adwumase sɛ manpanyin wɔ September da ɛtɔ so 24, afe 1979. Na ɔyɛ obi ne ntotoe fa sikasem no yɛ nea ɛyɛ kakra na na ɔgye kabi ma menka bi amambuo ne nhyehyei a ɛfa Abibiman ho no tom. Rawlings de abantuguo tuu no wɔ December da ɛtɔ so 31, afe 1981 mu. Eyi ma no bɛyɛɛ manpanyin koro wo adehyeman a ɛtɔ so miɛnsa no mu.

Wɔ afe 1992 bre a na PND saraafo aban no baa n’awie no, Dr. Liman san de no ho hyɛɛ amnyɔsɛm mu ma no kogyinaa wɔ amnyɔkuo People’s National Conventions din mu wɔ manpanyin abatoɔ no mu. Ɔtɔɔ so miɛnsa bre a onyaa mma no mu ɔha mu nkyekyɛmu 6.7. Ɔkɔɔ so de ne ho hyɛɛ amnyɔsem na na ɔda so wɔ Nkrumah Nyehyei mu gyedie.

Dr. Limann nyaa yare koankorɔ na owui akyire. Ogyaa ne yere a ɔde owurayere Fluera Liman ne mmɔfra nsɔn; Lariba Montia (née Limann), Baba Limann, Sibi Andan (née Limann), Lida Limann, Daani Limann, Zilla Limann ne Salma Limann

Bre a wode dwuamdie a ɛde nneɛma hyɛ afoforo nsa no baa awie wɔ afe 1979 mu no, na asraafoko no mu fo bibi kekea sɛ kane AFRC mu fo no pe sɛ wotu aban gu. Dr. Liman koo so sii so dua sɛ, mmara mma ho kwan se woda so koraa wɔn so wɔ afiase wɔ kabi ma me nka bi amambuo mu.  Saa nsɛm yi kaa n’anisoadehunu a ɛne manpanyin agua no, na afei animguase a ɔfaa mu wɔ Rawlings aban ase.

Hilla Liman adɔyekuo no yɛ ayamyɛ kuo a wɔhehyɛ no wɔ afe 2019 de kae mfe 40 bre a wɔpaw no sɛ manpanyin no. kuo no boate ne sɛ ɛbɛboa ma w’atu bu a wobu nnipa fahodie so no ase denam nhomsua so, na wɔboa wɔn a wonnibi mpontuo ne yiyedie, na afei ɛboa ma wɔhyɛ kabi ma menka bi amambuo mu kena




#Article 5: Theresa Kufuor (391 words)


Theresah Kuffour (wɔ woo no Ahineme bosome da a ɛtɔ so 25, afe 1935 mu) yɛ Jonh Agyekum Kuffuor a ɔyɛ kane manpanyi a ɔtɔ so mienu wɔ Ghana adeyeman a ɛtɔ so nnan mu no hokafo, ne kane manpanyin yere wɔ Ghana. ɔyɛ nɛɛse a ɔkɔ ahomegye mu.

Theresa Kuffour hyɛɛ ne sukuu ase wɔ Catholic Convent, OLA, a ɛwɔ Keta wɔ frao Mantam no mu wɔ Ghana. Akyire otuu kwan kɔɔ London kosuaa nhoma faa ayarehwedwuma mu boafo ho nnema wɔ beae a ɛne Southern Hospital Group of Nersing, Edinburgh a ɛwɔ Scotlnd.  B.

re ɔtoa n’adesua so wie wɔ suapɔn a ɛne Radcliffe Infirmary wɔ Oxford ne Paddington General Hospital a ɛwɔ London wie no, onya adansedie kraa firi oman no ho se nɛɛseni

Theresa Kuffour ne John Kuffour a ɔyɛ Ghana kane manpnyin no wɔ mmɔfra nnum a wɔn din de; J. Addo Kuffour, Nana Ama Gyamfi, Saa Kuffour, Agyeku Kuffour ne Owusu Afriyie Kuffour.  ɔwɔ mma nananom nwotwe. ɔyɛ Roman Caothlic ne koregeen.

Emfa ho sɛ na ɔyɛ manpanin yere firi afe 2001 kosii 2009 mu no, ɔyɛ obi w’anfa ne ho anhyɛ amnyɔsɛm mu kuraa. Wɔ afe 2007 mu no, ɔboa maa wɔde nsakrae baa aban nyehyɛe a ɛfa mmɔfra nkumaa nhomasua ho, na nhyehyɛe yɛ no din de UNESCO’s Free Complusory Universal Education nhyehyɛe a ɛbɛma mmɔfra nkumaa akɔ sukuu a wontua hwee.

W’ate kuo be a ene Mother and Child Community Development Foundation (MCCDF), adɔye kuo a ɛnhyɛ aban ase, na wodi wɔn dwumadi wɔ Ghana ne Canada. Wɔboa ma wɔbɔ mmɔfra ho ban firi wɔn awofo nnyarewa a wobetumi anya afiri awoɔ mu no.

Wɔ nsɛmsɛm bi a ɛfa Panama nhoma ho wɔ afe 2016 mu no, wobɔɔ Theresa din sɛ onim bribi fa Panamaniafo sika korabea ho nsɛm a ɛfa ne ba a odikan John Kuffour ho, na sika a wɔka ho asɛm no yɛ $75,000.

Wɔ October da a ɛtɔ so 25 mu no, Pope Benedict XVI de abasobɔ a w’ato din the Papa award of Knight Commander of St. Gregory the Great maa ne kunu a ɔne manpanyin John Kufour wɔ mmoa a wɔde aboa amansan ne Catholic Asɔre no. Wobɔɔ Theresa Kufour nso abaso a edin a ɛda so ne Papa Award Dame of St. Groregory the Great wɔ mmoa ahorɔw a ɔde mmɔfra ne wɔn awofo no.




#Article 6: Nana Konadu Agyemang-Rawlings (1397 words)


Nana Konanadu Agyeman-Rawlings (Wɔ woo no 17 November 1948) Yɛ ɔman panyin yere a odi wɔ Ghana man mu firi  4 June 1979 kosi 24 September 1979 ne 31 December afe 1981 kosi 7 January afe 2001 a na ne kunu ne ɔman Panyin Jerry John Rawlings. Wɔ afe 2016 mu no, ɔbɛyɛɛ obaa a odii kan kɔ pree Gana manpanyin agua.

Wɔ 7 November, afe 1948 mu no, J. O . T Agyeman ne ne yere woo Nana Konadu. ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Ghana International School. ɔtoaa so kɔɔ Achimota School, beae a ohyiaa Jerry John Rawlings. ɔtoaa so kɔ gyee ntete wɔ suapɔn University of Science and Technology na na ɔne Asukuufo no kandifo wɔ Africa Hall. Wɔ afe 1795 mu no,ɔtoaa so kosua senea wosiesie ɔdan mu ma no nyaa abodin Krataa Diploma firii London College of Arts

Nana Konadu ne Rawlings waree wɔ  afe 1977 mu. wɔ  woo wɔn ba a odikan Zenator wɔ  afe 1978. Na Rawlings yɛ srani. Mmaa mienu ne obarima baako toaa so bae a wɔn din ne Yaa Asantewaa, Amina ne Kimathi. Otoaa n'adesua no so mfie pii akyi ma no konyaa abɔdin krataa Diploma wɔ  ahosiesie ho firii suapɔn bi a wɔfre o Ghana's Management Development and Productivity Institute wɔ  afe 1979. Wɔ  afe 1991 mu no, onyaa abodin kraa firii suapɔn Ghana Institute of Management and Public Administration

Nana Konadu Agyeman Rawlings bɛyɛɛ Ghana manpanin yere a odi kan bere a ne kunu beyee ɔman panyin wɔ bre tia bi mu wɔ afe 1979. ɔsan nyaa tumi wɔ afe 1981 mu ma no dii ade kosii afe 2001. Nana Konadu ne otitenani ma kuo bi a wɔfrɛ no 31st December Women's Movement. Wɔ afe 1982 mu no, wɔ too aba yii no sɛ otitenani abediakyire a odikan wɔ n'amanyuɔkuo  mu bre a National Democratic Congress (NDC) redi adee ne mprenu soɔ wɔ ɔman paynini John Atta Mills bre so. Wɔ afe 2011 mu no, odii nkuguo wɔ bre a ɔne Atta Mills kɔpree amanyɔkuo no kandifoo agua no

Kwame Nkrumah University of Science and Technology, Kumasi, Ghana.  Johns Hopkins University, Institute for Policy Studies, Baltimore

Wɔ nsɛm bi a Americafo Asoeɛ a ɛwɔ Ghana de too dwa mu no, kane manpanyin yere Nana Konadu Agyeman Rawlings kae sɛ ɛyɛ me botae sɛ mehu  sɛ mma ade wɔn ho wɔ bebiara mu na w'atumi aboa ɔman no mpontuo, na afei nso w'anya kyɛfa wɔ sikasɛm ne amnyosɛm mu wɔ ɔman no mu...Mmaa yɛ ade a wɔboa ma asomdwoe ba mmusua mu , aman mu ne wiase afanaa nyinaa na ɛyɛ ade a ɛsɛ yɛ  gye tom. Sɛ eyi betumi ayɛ yie a, ɛho behia sɛ wopagya mmaa wɔ amanyɔsɛm mu na wonya ntete wɔ senea wobetumi ahu na w'aboa mpontunwuma wo ɔman no mu.

Eyi ne botae esi 31 December Women's Movement aniso, a Nana Konadu Agyeman Rawlings da ano no. Okyerɛkyerɛ mu sɛ, ɛyɛ ekuo a ɛnhye aban ase a  n'anisoadehu ne sɛ ebenya saa nkoanim yi denam mmaa anoboaboa so.Eyi da nkyɛn a , ne kuo bi wɔfrɛ no -Two million stron- yɛ ade a w'ate mfitiase sukuu bebro 870 wɔ  ɔman Ghana mu, na w'aboa ama mmɔfra mpotuo ne mmusua nhyehyei anya nkoanim bebree.

Ghana kane manpnyin yere kae sɛ ɔbɛkɔso aboa mmaakuo ɛnfa ho sɛ ne kunu nyɛ ɔman panyin biom no. Ne kunu dii abantuguo asrafo anim wɔ afe 1981 mu ma wonyaa tumi, nanso w'amfano ansi so sɛ ɔman panyin kopim sɛ afe a edi hɔ no.ɔman no nyaa nkoanim tee ne ho fii asrafo aban ho maa afe 1992 mu no, abatoɔ kɔɔ so. Nipakuo bi a wɔfrɛ wɔon  the Baltimore Afro-American frɛɛ manpanyin yere  mpontuwnwuma mu kunini . Wɔ kae sɛ Ghana adwumyɛfo dodoɔ no ara yɛ mma na ɛyɛ  ade wɔpɛ sɛ wonyaa kyefa wɔ mpotuo a na erekɔ so no mu. Ansa na December 31, 1981 no, na mma nni nsonsuansoɔ biara wɔ amanyosem mu-mpo wɔ mmara a ɛfa mma ho. ɛde ne nkakra nkakra , maa mma tontɔn wɔn nsaase, wɔn ntama ne wɔn agude na ama w'anya sika.

Wɔ  afe 1980 mfiase no, mmaa kakra bi twe bɛn no a na wɔpɛ sɛ wɔte mmakuo nanso, wɔ  nhyiamu kakra bi akyi no, hwee ankɔ  so. ɔkae sɛ bre a obisaa wɔn nea wɔ pɛ sɛ wɔde saa kuo no yɛ no, ɛbɛdaa adi sɛ nea Yehia  mmom ne sɛ yɛ hyɛ ase yɛ nneɛma a ebetuim de sika abre wɔn na aboa ama w'atumi aboa wɔn manfo wɔ  mpontunwuma mu. Na mmaa no pii hia nneɛma bi te sɛ nsuo. Ekuo no kyerɛkyerɛ Ghana mmaa no senea wɔ  yɛ nwuma nya sika, sie sika no bi na wɔde bi nso boa mpontunwuma. ɛhyɛɛ wɔn nkuran sɛ ɛsɛ wotumi ma wɔn ano du beguam wɔ  wɔn nkura ase na wɔ  kyerɛkyerɛ apɔwmden ne adesua ho nhyehyei mu kyerɛ wɔn. ɛyɛɛ nhyehye maa wonyaa mpanyinfoɔ  sukuu mu kyɛfa ma ɛboa wɔn ma wosuaa akenkan ne akyerɛw - na wɔn mu pii yɛ ade wɔn ntumi nkenkan kampesɛ w'akyerɛw. Mmofra aware a na ɛrekɛso no yɛ ade a wɔkasa tiae na nhyehye ahorrɔw a ɛbɛboa ama nnuanepa ne apɔwmoden kɔɔ so. Wɔ  afe 1991 mu no, denam Nana Konadu mmoa so no, Ghana beyɛɛ ɔman a edikan gyee Aman nkabom kuo nhyehyei a wɔfrɛ no United Nations Convention on the Right of the Child no too mu.

Denam n’anamontuo no so no, Owura yere Rawlings boae ma wɔgyee mmara bi a wɔfrɛ no  ‘’Intestate Sucession Law’’ a mmara no botae ne sɛ ebedi aboa wɔn a wɔn abuasuafoɔ awu wɔ bre a w’anyɛ nhyehyɛ biara anto hɔ de fa agyapadeɛ ho. Wɔ amamere mu no, Ghana mmaa nni agyapadeɛ biara mu kyɛfa wɔ wɔn kununom wuo akyi. Mmara foforo yi de nsakrae   mae wɔ sɛnea wɔkyɛ agyapadeɛ.

Owura yere Rawlings  Anamontuo no nso akyerɛkyerɛ nkurasefoɔ mmaa no sɛnea wobnya kyɛfa wɔ abatoɔ nsemnsem mu. ‘’ Ye de fuafua wɔn kosii sɛ wobehuu sɛ, hey, yɛmpɛ sɛ obi a onni yɛn motam ha begyina sɛ yɛnto ne so aba’’. ɔka kyerɛɛ Afrikan Report. ‘’ Mmaa no mu pii yɛ ade a wɔka akuo akuo ho wɔ wɔn nkurase ne mpesua ahorɔw so, wɔn mu binom di akuokuo no anim ma wɔyɛ nneɛma…metumi aka sɛ, y’anya wɔn so nsunsuanso na metumi hu sɛ, afei deɛ y’atumi afa ɔhaw kɛse no mu.’’ Wɔ afe 1992 mu no, mmaa 19 yɛ ade a wonyaa ho kwan kɔɔ mmaranhyɛ bugua mu sɛ mmarahyɛ baguafoo..

ɔkyerɛkyerɛ mu sɛnea sikasɛm ho nsɛm yɛ ade a ɛhaw wɔn no, Owura yere Rawlings de too Africa Report anim sɛ, ‘’ Na amanoni aman anamusifoɔ tenabea ahowrɔw ka sɛ yɛn kuo no yɛ amanyɔsɛm kuo ma enti, w’anto wɔn bo ase antie yɛn. ɛgyee bere pii ansa nnipa hyɛɛ ase tee yɛn nsɛm no ase…Mpɛn dodoɔ a mmaa de wɔn ho hyɛ amanyɔsɛm mu no, wiase no yiyie na ɛbɛyɛ esiane sɛ yɛnnwene ɔko ho, na hena na ɔrekɔ akɔyɛ atuo, na hena na ɔrekɔ akɔkum ne yɔnko.  Yɛpɛ sɛ yenya akwanya ahorɔw na yama wiase no ayɛ beae ɛyɛ anigye.’’ ɔyɛ ɔbaa  a ne ho akokwaw na afei nso afoforo pɛ n’asɛm paa.

Wɔ afe 1995 mu no, Ghana manpanyin yere ne ne kunu tuu akwan  kɔɔ nkurow akseɛ mu a ebi ne  New York, Chicago, Atlanta, Washinto, D.c, Houston,   Detroit, Lincoln, Pennsylvania ne Los Angeles a wɔn botae ne sɛ wɔbɛtwe afoforo ama wɔne Ghana abedi nsawɔsoɔ. Ne kunu ne ɔman panyin a odikan nyaa nsrahwɛ ho akwantuo wɔ United States nkuro nyinaa mu.

Ghana manpanyin yere kɔɔ nsrahwɛ wɔ United States nawɔtwe nnum konyaa kyɛfe wɔ nkyerɛkyerɛ bi a ɛkɔɔ so fa aboafoɔ ne nwumakuo ɛnhyɛ aban ase ho, ɛkɔɔ so wɔ sukuupon a wɔfrɛ no Johns Hopkins University a ɛwɔ Baltimore. Onyaa adansidie krataa  wɔ Akwan a  wɔfa so  gyegye sika, toɔ  ho nhyehyɛi ne mpɔtam anoboaboa wɔ bre a owie no. Wɔ afe 1995 mu no, suapɔn a wɔfrɛ no Lincoln University a ɛwɔ Pennsylvania no bɔɔ ɔne ne kunu aba so

Wɔ afe 2016 mu no,  ɔbɛyɛɛ obaa a odikan gyinaa sɛ wɔnto ne so aba nnyi no sɛ ɔman panyin wɔ Ghana man mu.  Wɔka faa ne ho sɛ ɔyɛ ‘’Hillary Clinton sɛsoɔ wɔ Afrika.  Sɛ nka otumi de n’amonyɔkuo foforo no dii nkonim wɔ afe 2016 mu a, na anka ɔbɛyɛ ɔbaa a odikan bɛyɛɛ manpanyin wɔ Ghana.




#Article 7: Nea enti a ananse tare odanpan mu (422 words)


NEA ENTI A ANANSE TARE ƆDANPAN MU.
Mmere bi, Ananse ne ne yere Ákɔnɔre Yaa yɛɛ afuw.  afuw no ye mu no, Ananse yɛɛ ne ho se obi a ɔyare, nti se wɔkɔ afuw no mu a na ɔdeda hɔ a ɔnnye hwee.  Eduu mmere bi no ne yere sree no sɛ sɛ woba  afuw mu a ɔntew nani na wonye na atumi aboa wone won mma no.  Ananse de aniwu yeyaw ne yere se 'Ah wo obea akoko nini, tumi ben na wowo a wode bekyere me nea menye?'

Eyi akyi no Ananse bɔɔ mmoden de ne ho gyee mu kakra boaa ne yere ma woyee afuw no.  Nnobae no nyinn, a emu bayere, bankye, mankani ne ade abobo akeseakese, na atosode nyina nso asosow kosoo no, Kwaku ananse ani bree afuw no.  Eyi nti adwene a ofae ne se, ononkoa bebo mmoden adi nnobae no nyina agya ne yere ne ne mma no. Opatu yaree na oka kyeree ne yere se, 'Okonore, yare a me yare yi de magyanom nsamanfo se owu ara na mewu, enti se mewu a da no ara monsie me. Esiane se eye nananom nsamanfo na woretow nsa afre me nti, wose, se mewu a mommfa nnadewa mmobo madaka no mu na mmom momfa owaduru, woma, nkyensee, nkyene, mankyese ne sekanma nhye madaka no mu na momfa nsie me wo afuw no mu.'

Okonore de oyaw ne su ka kyeree ne kunu se orenwu nti onnyae nea oreye no nanso wantie.  Nansa pe na Kwaku Ananse gyaee mu.  Okonore boo moden yee senea ne kunu kae ansa na orewu no nyinaa pepeepe. Ode awerehow betenaa ne fi bedii kuna na ne mma no nso bedann nyisia.  

Esiane se na okonore ye okunafo nti, na ontumi nko afum na mmom ne mma no na woko. Da biara a wobeko ho no, na obi abetutu afuw no mu nneema no atwitwa borode a anyinyin no nyinaa. Afei nso atosode ne neema a aka no nyina nso wobeko no na obi abewiewia de ko.  Se eba no saa na mmofra no kobo won maame amanee a na adan ayiye foforo koraa wo fie ho.  Otumi su bo abubuo pii se se ne kunu te ase a anka owifo ko no rentumi nye sa.  Adebone yi koo so ara kosii se dakoro de Okonore Yaa ankasa de ahometew koo afuw no mu kohuu senea onii no adi won awu afa.  Ode eho amanee koboo Omanhene ma one ne mpanimfo yee adwene se wobeye biribi a ebetumi akyere owifo ko no.




#Article 8: Nyansa nni obiakofo ti mu (161 words)


Mmere bi, Kwaku Ananse faa nyansa se ope se odi obiara so na watumi asisi won agye won nneema afi won nsam a wonnhu ho hwee. Eyi nti ode mmrada ne nnaadaa gyigyee nnipa ne mmoa nyinaa nyansa na ode hyee kuku bi mu kyekyeree ano dendeenden senea ebeye a ebi rentumi mmpue.

Afei, oyee n'adwene ne se ode kuku a nyansa wo mu no beforo akosi dua nkon mu baabi a obiara rentumi nhu nkofa.  Ode kuku no kyekyeree ne kon mu fii ase de foroo dua tenten bi.  Oboo mmoden foroo kakra duu baabi, na afei aye den ama no a onhu nea onye.

Otare dua no ho rebre saa no, otee nne bi fi nwura no mu se Papa, se wode kuku no sen w'akyi a anka wobetumi aforo dua no ntem.  Ananse tee no ode ahoohare dan n'ani hwee nea orekasa no.  Ommehwe a ne ba Ntikuma!  Eyi maa Ananse huu see wantumi annye nyansa no nyinaa.




#Article 9: Kofi Annan (1132 words)


Wɔwoo Kofi Annan (1938-2018) wɔ Kumasi a ɛwɔ Ghana. N'awofo de Victoria ne Reginald Henry Annan. Wɔwoo no ataa na ne nuabea Efua Atta wuu 1991. Ne din Kofi kyerɛ sɛ wɔwoo no Fida.

Adehyefie na wɔwoo Kofi Annan esan sɛ na ne wɔfa ne ne nanammarima mmienu no nyinaa yɛ ahenfo. N'agya Owura Henry Annan, a ɔyɛ Asanteni ne Fanteni ba, waree Victoria a ɔyɛ Fanteni. Ɔyɛɛ n'edwuma wɔ Lever Brothers Cocoa Comapany a na ɔyɛ Export Manager. Kofi Annan wɔ mma abien a ɔne Nigeriani Titi Alakija woe ansa wɔntam tetew mfe pii a etwam. Afei ɔne Nane Mania Annan a ofi Sweden na wɔaware a Nane nso wɔ ɛba baako wɔ aware dada bi mu.

Fi afe 1954 kosi 1957 no, Kofi Annan kɔɔ Mfantsipim Skuul a ɛwɔ Cape Coast na ɛhɔ na osuaaa tema ne ahobrɛase. Wɔ 1957 a Annan wiee Mfantsipim Skuul no, ɔman Ghana nyaa faahodie a na ɔyɛ abibimana a edi kan. Wɔ 1958 mu no, Kofi Annan toaa adesua so wɔ Kumasi College of Science and Technology a afei wɔato no Kwame Nkrumah University of Science and Technology. Ɔfaa Ford Foundation nhyehyɛe so kɔɔ Macalester College wɔ St. Paul, Minnesota wɔ 1961 mu. Ɔkɔɔ adesua no so wɔ Graduate Institute of Information Studies wɔ Geneva, Switzerland fi 1961 kosi 1962. Fi 1971 kosi 1972 no ɔbɔɔ no ho mmɔden nyaa Master of Science abasobɔ fii MIT Sloan School of Manaagement hɔ.

Afe 1962 mu no, Kofi Annan hyɛɛ edwumayɛ ase wɔ World Health Organisation sɛ Budget Officer. 1974 ne 1976 ntam no, na ɔhwɛ Ghana nsrahwɛ nsɛm so. Ɔsan kɔɔ United Nations (UN) na hɔ na ɔtenae kosi 2006 .

Bere a Kofi Annan wɔ UN no, na ɔhwɛ asomdwee mpontu wɔ wiase nyinaa. Saa mmere yi no basabasayɛ ne ɛko de owu pii brɛɛ Rwandaman. Na edwuma no yɛ den yiye nso Kofi Annan bɔɔ mmɔden yɛɛ nea ɛsɛ kosi mmere a asomdwee sanee Rwandafo.

Wɔ December 13 1996 mu no UN mpanyinfo hyiaae no, wɔpaw Kofi Annan sɛ onni kuw no nhyehyɛe so. Amansan nyinaa tow aba de gyee no. Ankyɛ ara na wosuae Kofi Annan na da a edi kan wɔ afe 1997 mu no na ɔhyɛɛ edwumayɛ ase. Na Kofi Annan bedii n'anan mu a yɛfrɛ no Boutros Boutros-Ghali no, na ofi Egypt man mu enti Kofi Annan ne obibini a odii kan bɛtenaa U.N. ahengua no so. Kofi Annan mmɔdenbɔ nti no, mmere bae sɛ ɛwɔ sɛ ofi gua no so no, amansan nyinaa san toow aba de gyee no afe nnum. Eyi yɛ nwowa yiye esan sɛ na ɛwɔ sɛ abiban tena UN edwumakuw no ano mfe du pɛ nso wɔsaan toow n'aba nti no, abibiman dii mfe dunum a ebi nsii da.

Wɔ April, afe 2001 mu no, Kofi Annan tow nsa frɛɛ aman nyinaa sɛ wɔmmɔ dwetiriw a ɛbɛba ama aman a hɔn nni sika no, debɛhwɛ wɔn nnipa a wɔyɛ HIV/AIDS ayarefo.

Wɔ December 2001 mu no, Kofi Annan ne edwumakuw UN nyaa abasobɔ a ɛyɛ Nobel Asomdwee Abasobɔ wɔ edwuma a na wɔreyɛ sɛ asomdwee ne nkabom bɛba wiase afanan nyinaa.

Wɔ Amɛrika ne Britain aman ɛko a wɔreko wɔ Irak no, Kofi Annan buaa mmisae bi ano sɛ ɛko no tia UN mmra ne nhyehyɛe. Bere a aman abien yi reyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ ako nno, Kofi Annan dii kan ka kyerɛɛ wɔn sɛ mma wɔn nkɔ ako wɔ bere a UN mpenee so. Wɔantie no enti eyi de mansotwe kakraa hyɛɛ Amɛrika ne UN ntam bere a na Kofi Annan rehwɛ kuw no so.

Wɔ Sudan nso a ɛko resi nno, Kofi Annan kɔɔ so hwehwɛɛ akwan a wɔbɛfa so de UN asogyafo akɔ ɔman no mu sɛnea basabasayɛ no so betwa. Ɔsan nso ne nkramokuw ne aman pii bɔɔ nkɔmmɔ ɛfa sɛnea wɔde faahodie bɛma mmaa ama wɔnn nso etumi abɔ bra a ɛbɛma wɔakoma atɔ wɔn yɛm sɛnea mmarima nya no no.

Nsɛm bi bɛttɔɔ dwa bere a Kofi Annan hwɛɛ UN kuw no so. Nea edi kan no ne sɛ, UN edwuma mu panyin a ɔhwɛ atukɔfo (refugees) so Ruud Lubbers benyaa asɛm bi. Ɛne sɛ atukɔfo yi a na ɛwɔ sɛ ɔhwɛ wɔn so no, nsɛm piee sɛ ɔde mmonaatow ne ne tumi a ɔwɔ no, de tiaa wɔn faahodie. Nsɛm no piee saa no, Kofi Annan kae sɛ nsɛm no nnyɛ nokware. Wɔyɛɛ nhwehwɛmu wiei no, ɛbaa sɛ Ruud Lubbers yɛɛ nea wɔkae nno ampa na nsɛm yi ammoa sɛnea amansan dwenee Kofi Annan yieyɛ ho.

Asɛm foforo a ɛbɛtɔɔ dwa no ne sɛ, wɔ afe 2004 mu no, nsɛm piee sɛ edwumayɛkuw a ɛwɔ Switzerland a wɔfrɛ no Cotecua Inspection SA kotuaa Kofi Annan ba barima a yɛfrɛ no Kodwo sika bi. Na edwumayɛkuw yi adi kan anya apaw sɛ wɔnhwɛ UN nhyehyɛe bi so. Edwuma no ne sɛ wɔde aduan bɛgye fangoo (oil) efi Irak fo hɔ wɔ mmere a wohia aduann yiye. Sika a Kodwo Annan gyee no nti no, amanfo pii dwenee sɛ Kofi Annan faa kwan yi so bɔɔ nyansakorɔno. Mmom Kofi Annan hyehyɛɛ kuw sɛ wɔnhwɛ asɛm yi mu. Ɛkɔpiee sɛ Kofi Annan annyɛ nea ɛnsɛ naaso kuw a wɔhwɛɛ nsɛm yi mu no kaa sɛ tumi a anka ɔwɔ sɛ ɔdebɛhwɛ nsɛm a ɛfa sika ne nsɛm foforo bi so no, wɔnnye na wɔnfa mma obi foforo a ɛbɛyɛ n'edwuma pɔtee a ɔbɛyɛ. Eyi nso ammoa Kofi Annan nnwumayɛ sɛnea ɛsɛ.

Amɛrika ne UN mansotwe nnso tiaa Kofi Annan nneyɛe pii. Kofi Annan abɛdiekyire Mark Malloch Brown kaa nsɛm tiaa Amɛrika no, Kofi Annan antia no na eyi hyɛɛ Amɛrika mpanyinfo pii abufuw. Eyi ne Irak ɛko a Amɛrika kɔe no de nsɛnsɛm hyɛɛ wɔnn ne UN ntam.

Wɔ Ɛbɔw 2005 mu no, Kofi Annan ka kyerɛɛ kuw no sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ wɔbɛsesa sɛnea kuw no yɛ n'edwuma ne sɛnea wɔahyehyew no. Ɔdetoo dwa sɛ ɔbɛpɛ sɛ nhyehyɛe no de tumi bɛma aman a wonni sika ɛne nea aman nnwaso nsɛm tia wɔn sɛnea amansan nyinaa betie amann nyinaa nsɛm de afa adwen wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ nnipa tena fa.

Wɔ September 19 2006 mu no, Kofi Annan kaa wɔ amanpanyin nhyiemu wɔ New York sɛ, nsɛm a ɛda n'akoma so sɛ amanpanyin ne aman nkabomkuw no bɛhwɛ ɛne basabasayɛ ne mmra ntiae a ebu so wɔ wiase nyinaa. Ɔsan kaa sɛ ɛbɛyɛ n'anigye pii sɛ Abibiman begyae ɛko pii a wɔsɛe mpontunnwuma. Nso no, Israel ne Palestine fo nso nnyae ɛko a wɔako mfe pii ni.

Wɔ Mumu 11 2006 so no, Kofi Annan kaa ne nsɛm a etwa toɔ koraa na ɔttoo nsa frɛɛ aman a wɔwɔ tumi, nimdeɛ ne sika sɛ mma wɔnn nfa nea wɔwɔ no ntia aman a wonni bi na mmom wɔmmoa wɔn sɛnea aman nyinaa ne nnipa nyinaa bɛtena asomdwee mu.




#Article 10: Koo Nimo (345 words)


Koo Nimo  yɛ abakɔnnwom mu nimdeɛni titiriw a ofi Ghana. Ɔsan nso bɔ nnwom a ɛde abibimaneɛ ne amanɔne nneyɛe ɛfra. Koo Nimo (a wɔsan frɛ no Daniel Amponsah, wɔ mmere a ɔwɔ Britain man mu no) yɛ ɔdehye esan sɛ ne nuabea waree ɔhene. Ahenfie na osuaa sɛnea wɔbɔ kete nnonnoo. Ansa odii mfe du-nkron nsan sɛ ne nuabea waree ɔhene. Ahenfie na osuaa sɛnea wɔbɔ kete nnonnoo. Ansa odii mfe du-na kosnnwom tew  ne ho fi abibiman tebea ho. Ɔyɛ  Ghanani a odii kan bɔɔ nnwom wɔ  CD so  a na yɛakyerɛw so 'Ɔsabarima'. Wɔ Ghana no, wagye abasobɔde a yɛfrɛ no “Grand Medal for Lifetime Service to Ghana”  a ɛkyerɛ  mmɔdsanku de abibmammrɛ, Americammamrɛ ne Spain  nneyɛe fra. Eyi nti ɔyɛ obi  a abibiman nyinaa  hyɛ no nso  a wɔsan  bu no yiye.  Eyi yɛ hu pii  esan sɛ ne nnwom tew  ne ho fi abibiman tebea ho. Ɔyɛ  Ghan mu. Mmere yi nyinaa no, na ɔdaso bɔ nnwom, ɛsan sua nnwom ho ade pii. Eyi nti no, na  ɔda Ghana nnwomtokuw no ano. 

Wɔ 1957 mu no, ɔtew nnwomto ne sankubɔkuw a wɔfrɛ no Adadam Agofomma a wɔn din kɔɔ kan yiye. Kete nnonnobɔ akyire no, ɔsan suaa Mɛfra. Koo Nimo (a wɔsan frɛ no Daniel Amponsah, wɔ mmere a ɔwɔ Britain man mu no) yɛ ɔdehye esan sɛ ne nuabea waree ɔhene. Ahenfie na osuaa sɛnea wɔbɔ kete nnonnoo. Ansa odii mfe du-nkron no, na ɔkyerɛ sankubɔ, banbɔ, GUITAR ne braas band nnwom wɔ ne ekurase a yɛfrɛ hɔ Foase. Bere a ɔkɔɔ London wɔ adesua nti no, ɔkɔɔ MISSING ho sukuu. Ɔsan baa Ghana no, ɔbɛyɛɛ adwuma sɛ Chief Laboratory Technician wɔ Chemistry Department wɔ Kwame Nkrumah Suapɔn a ɛwɔ Kumasi.  Ɔyɛɛ  adwuma kosii afe 1998 suaa MISSING a  wɔde nsatea abien bɔ.  Eyi na yɛde  kae  no  pa ara. Ko ɛde ɔman no din akɔ  kan. Ɔde ne nneyɛe akyin Europe, Abibiman ne Amerika (Lincoln Center wɔ afe  1988 mu). Mmere bi a etwa mu kɔ no, na ɔyɛ  dwontoni kyerɛkyerɛni  a ɔte   Washington Suapɔn a ɛwɔ Amɛrika.




#Article 11: J.B. Danquah (485 words)


Joseph Kwame Kyeretwie Boakye Danquah yɛ Ghana panyin baako a wɔampene Kwame Nkrumah aban wɔ bere a Ghana nyaa faahodie ekyi no. Na ne mfɛfo frɛ no Nana Kwame Kyeretwie. 

Wɔwoo Danquah wɔ Bempong wɔ Akanman mu. Na ɔyɛ ɔdehye a ofi Ofori Panyin fie a saa bere no wɔyɛ ɔman Ghana ameneɛkuw nhyehyɛe nnipa titiriw. Danquah kɔɔ London suapɔn na hɔ na osuaa abakɔsɛm ne felɔsɔfi. Ɔyɛ obibini a odi kan a suapɔn no maa no DOCTRATE a wɔ abakɔsɛm mu. 

Ɔsan baa Ghana (saa bere no na wɔfrɛ no Gold Coast) wɔ afe 1927 mu. Ne tema a ɔwɔ ma Ghana kɔɔ soro yiye na ɔne Ghana panyin baako saa bere no a yɛfrɛ no Owura J.E. Casely Hayford faa ayɔnkoɔ. Casely Hayford na ɔteee kuw a wɔfrɛ no National Congress of British West Africa. Afe 1930 mu no, Casely Hayford yaree na ansa obewu no, ɔfrɛɛ Danquah na ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnhwɛ abibiman nyinaa faahodie so. Mmom na Danquah mfa abibiman a wɔka borɔfo kasa wɔ West Africa nkabom adwen a na Casely Hayford wɔ. Nso no, na ɔmpɛ sɛ ɔde ne ho bata aman a wɔnka borɔfo no ho eefisɛ na Danquah gye di sɛ wɔde wɔadwen ne wɔn nneyɛe fa aborɔfo no kwan a wɔnnyɛ nneɛma te sɛ nea abibifo yɛ no. Eyi nti Danquah faa adwen sɛ ɔbɛhwɛ Ghana faahodie nnwuma so. 

Danquah dahuruubɔ krataa a ɔfrɛɛ no The Times of West Africa fi 1930 kosi 1935 mu. Krataa yi ne dahurubɔ krataa a eedi kan wɔ Ghana. Ɔde ne ho hyehyɛɛ nnwuma pii a wɔfa amanyɛsɛm ho wɔ afe 1930 ne ekyi. Eyi de no kɔɔ Britainman mu wɔ 1934. Fi 1934 kosi 1937 no, na ɔyɛ Nsɛnkyerɛwni-Panin wɔ Gold Coast Youth Conference.

Danquah bɛyɛɛ mmrahyɛbedwani wɔ 1946 mu na ɔhwehwɛɛ kwan a wɔbɛhyehyɛ mmra ɛbɛboa ama Ghana enya faahodie. Ɔboaa sɛ wɔbɛtew kuw United Gold Coast Convention. Bere a Kwame Nkrumah fii amanɔne bae no, ɔdanee kuw no yɛɛ amanyɔkuw. Wɔ 1946 mu no, tumi ho mansotwe kakraa tuu UGCC ase na Nkrumah tew ne ho kɔtew Convention People's Party (CPP). Wɔde Danquah ne Nkrumah kɔɔ fie ase wɔ 1948 mu, na eyi maa amanfo nyinaa de obuo maa wɔn. Wɔsan tow aba paw Danquah kɔɔ mmrahyɛbedwa nkyekyɛmu abien a wɔbɛyɛ House of Representatives ne House of Elders. Eyi amma so saa no, Danquah annonyam nyinaa brɛɛ ase. Abatoɔ a ɛbaa so wɔ 1954 ne 1956 mu nyina ankɔ yiye amma no.

Ghana nyaa faahodie wɔ 1957 mu. Danquah san kɔɔ ɔmanpanyin abatoɔ a ɔne Nkrumah na wogyinae wɔ afe 1960 mu. Nkrumah dii nkunin na 1958 mu no wɔde Danquah san kɔɔ fie ase. Afe baako ekyi no, woyii no. Ɔbɛyɛɛ Ghana Bar Association ne dwumapanyin na wɔsan de no hyɛɛ fie ase wɔ 1964 mu. J.B. Danquah hwere ne nkwa wɔ fie ase na aban  no annyɛ nhyehyɛe biara antew n'anim sɛ ɔmanba titiriw.




#Article 12: Se eka ani a na aka hwene (376 words)


Ohenkese bi tenaa ase a na owo mmoa ne agyapade ne nkoa pii nanso na owo babea biako pe. Ne saa nti na onni ne ho agoru koraa. Da biara a ohene nkoa ne ne mmoa no bedidi amee no na ato anigye ne ahurusidi wo ahenfi ho. Da biara anwumire a wobedidi awie no, afurum ba bi de anigye mmoroso huruwhuruw de ne ho yanam fam, tutu ne nan ko wim de ne nensa bobo nneema mu. Se eba no saa a na agyinamoa bi a owo ho no afre no atu no fo se onnyae nea oreye no na dabi ode asem beba. Otu no fo saa a na ode serew ne oyaw aka akyere no se, oye okuraseni nti onnim anigye. Ayinamoa kae, kae a wammua no no, oboo oguanten, abirekyi, nantwi, oponko, nkoko ne nkoa a won aka no nyinaa amanee se wontu afurum ba no fo na daakye ode asem beba. Won nyinaa nsem a na woka ne se Agyinamoa nwene ne ho, na woredwene won ho, enti se afurumba kofa asem biara ba a ono nko ara na obenya asem. Nanso nea na Agyinamoa tae ka ne se 'obi asem fa obi ho' afei nso esiane se won nyinaa bo abusua koro nti se won mu biara ho ka a obiara nso ho beka efise, 'se eka ani a na aka hwene'. Se oka saa a na obiara da no fam twee, na woreserew no. Se eba no saa a na Agyinamoa de n'asem akobutuw baabi dinn rehwe won.
Da koro anwumire a won adidi amee na obiara regye nani no, Afurum yi san soo n'agorubone yi mu bio. Ode ahuruwhuruw ne ne nan tutu ara, se na Ohene babea koro yi retwa mu, Afurum tuu ne nan biako na ohenebabea yi ayaase surudu. Mmogya na erepram ohene babea a orewu yi. Nkoa no de mmirika koboo ohene amanee. Omaa wokofaa oponko de no tenaa ne so koo ayaresabea. Woduu ho no na won apon nti womaa oponko tuu mmirika tente bi a ontuu bi da de ohene babea yi koo odunsini bi ho. Wodui no na ohene babea aye onyame dea. Na ese se oponko san turu no ba fie, na obedui no na ote nka se wabre ankasa.




#Article 13: Twi (113 words)


Ghanafoɔ wɔ kasa ahoroɔ pii. Twi yε kasa ahoroɔ no mu baako. Nokware ni, Twi ka Akan kasa abusua a efiri 'Kwa' kasa abusuakuo no ho. Twi gu mu ahoroɔ pii, nanso ne nyinaa yε kasa baako a wɔn a wɔka no, obiara te ɔfoforɔ ase. Saa Twi ahoroɔ yi bi ne Asante-Twi, Akuapem-Twi, Akyem, Fante, Bono, Wasa, εne nea εkeka ho. Nnipa bɛyε ɔpepepem nson na ɛka Twi kasa wɔ Ghana. Twi (anaa Akan) yɛ kasa a wɔka no paa wɔ Ghana. Yei kyerɛ sɛ, nnipa pii no ara na wɔtumi ka Twi kasa no, na dodoɔ no ara no, Twi yɛ wɔn kasakan, mpo ɛwɔ wɔn a wɔnyɛ Akanfoɔ mu mpo.




#Article 14: Huang Xianfan (245 words)


Huang Xianfan (1899 - 1982) yɛ Chinese historian ne ethnologist.

Wɔwoo Huang Xianfan wɔ Fusui a ɛwɔ China. N'awofo de Gan Lan ne Huang Kechang. Afe nsia fi 1908 hɔ no, Huang Xianfan kyerεε sukuufo ade wɔ Qusi School ne wɔ 1916 a Huang wiee Qusi School no. Fi afe 1917 kosi 1921 no, Huang Xianfan kɔɔ Qujiu Middle School a ɛwɔ Fusui na ɛhɔ na osuaaa tema ne ahobrɛase ne wɔ 1921 a Huang wiee Qujiu Middle School no,a ɔsan kyerɛɛ ade wɔ Qusi School wɔ Fusui. Fi afe 1922 kosi 1926 no, Huang Xianfan kɔɔ Guangxi Third Normal college a ɛwɔ Nanning. Fi afe 1926 kosi 1935 no, Huang Xianfan kɔɔ Beijing Normal University a ɛwɔ Beijing（Beijing yε China ahenkuro）.Wɔ 1935 mu no,ɔkɔɔ Japan a, Huang Xianfan toaa adesua so wɔ Tokyo Imperial University（Tokyo yε Japan ahenkuro）.Fi 1935 kosi 1937 no, ɔbɔɔ no ho mmɔden nyaa Master of History abasobɔ fii Tokyo Imperial University hɔ.

Fi afe 1937 kosi 1938 no, Huang Xianfan yɛ Teacher wɔ Nanning Middle School a ɛwɔ Guangxi. Fi afe 1938 kosi 1940 no, Huang Xianfan yɛ lecturer ne associate professor wɔ Guangxi University a ɛwɔ Guilin. Fi afe 1941 kosi 1942 no, Huang Xianfan yɛ history professor wɔ Sun Yatsen University a ɛwɔ guangdong.Fi afe 1943 kosi 1953 no, Huang Xianfan yɛ history professor wɔ Guangxi University a ɛwɔ Guilin. Fi afe 1954 kosi 1982 no, Huang Xianfan yɛ history professor wɔ Guangxi Normal University a ɛwɔ Guilin.




#Article 15: Ghana (173 words)


Ghana anaa Gaana yɛ ɔman bi a ɛwɔ  Africa atɔeɛ mantam hɔ. Aman a atwa ne ho ahyia no bi ne Côte d’Ivoire (ɛno wɔ atɔe fam), Burkina Faso (ɛno wɔ atifi fam), Togo (ɛno wɔ apue fam) ɛna Gulf of Guinea no wɔ anaafoɔ. Edin Ghana no kyerɛ “Ɔko mu Hene” na wɔnyaa saa din no fii tete Ghana empire no mu.

Kane no, na ahenfo ahodoɔ na woagye Ghana asase no afa paa yie, te sɛ Asanti Ahenni, Akwamufoɔ, Bonomanfoɔ, Denkyirafoɔ, Fantefoɔ, ne afoforo a wɔka ho. Ebinom deɛ, na wɔnyɛ Akanfoɔ, te sɛ Nkranfoɔ ne Dagombafoɔ. Wɔne Aborofo ntam dwadiɛ fii ase bere a wɔne Pɔtgɔkyifoɔ yɛɛ ntease apam wɔ mfe 1500 mu hɔ. Ɛno akyi no, Britainfo maa nea wɔfrɛ no Sika mpoano Ahenni no fii asɛ wɔ afe 1874 mu wɔ Ghana mmeae bi pɛ.

Gold Coast  nyaa ne faahodie wɔ afe 1957 mu fii wɔn sodifoɔ a na wɔne United Kingdom no. Ɛno ma Ghana bɛyɛɛ ɔman a edin nkan nyaa ne fahondie wɔ abibirim mantam ha.




#Article 16: John Atta Mills (148 words)


John Evans Atta Mills yɛ Gaanani barimba amanyɔsɛmnyi. Wɔ wooee no Ayɛwoho da 21 wɔ afe 1944 mu. Wɔ wooee no Fida. Ɔ wuee Ayɛwoho da 24 wɔ afe 2012 mu.

Na  ɔwɔ din pii. Adin no bi yɛ Prof, Uncle Atta ne Asomdwoehene.

Ɔkɔee Achimota Ntoaso Sukuu a ɛwɔ Nkran, Ghana. Ɔwiee wɔ afe 1963. Ɔkɔee Ghana Sukuupɔn a wɔfrɛ no Legon. Ɔwiee wɔ afe 1967.  Ɔkɔee School of Oriental and African Studies. Ɔwiee wɔ afe .

Na ɔyɛ kyerɛkyerɛnyi wɔ Ghana Sukuupɔn a wɔfrɛ no Legon fi afe  kɔ si afe .

Ɔde ne ho dɔmee National Democratic Congress (NDC). Na ɔyɛ Ɔmampanyin ne abadiakyiri wɔ Ghana fi afe 1997 kɔ si afe 2000.

Na ɔyɛ Ɔmampanyin wɔ Ghana fi afe 2000 kɔ si afe 2012. John Dramani Mahama na ɔdii nade ne akyiri.

Ne hokafo nye Ernestina Naadu Botchway. Samuel Kofi Mills yɛ ne ba.




#Article 17: Facebook (104 words)


Facebook yɛ chat program a obiara de yɛ dwuma a wotumi ne obi kasa abraa onipa koro no mpo wo Amɛrika na wowɔ Gaana.
Nnipa beye 1,000,000,000 a eko 2,000,000,000 na ewo Facebook yi. Wotumi de foto to so na obi atwerɛ ho deɛ ope.

Facebook so amanneɛ nso wo ho paa.
Ebi ne se obi ne wobekasa a wonnim no. Na oye obarima na one obaa bekasa a onnim no.
Yei nti, no obi frɛɛ nnipa a wowo facebook bebree a ɔnnim wɔn maa wɔbaa Haren,Hɔlan.
Wɔbaa hɔ no,Wɔwiaa nnoɔma firii setɔɔ bi a wɔfre no Albert Heijn. Koti antumi ankye yeinom biom.




#Article 18: Peel ɔmansin Sukuu Kuw (244 words)


Peel ɔmantam Sukuu Kuw (tete din: Engiresi Kasa Aban ɔmantam Sukuu Kuw a ɛtɔ so 19 yɛ ɔmantam sukuu a ɛhwɛ nnipa a wɔn dodow bɛyɛ 155,000 fi KG kosi JHS fo so wɔ bɛboro 230 sukuu ahorow mu wɔ Region of Peel wɔ Ontario, Canada (Amansin a ɛwɔ Caledon Brampton ne Mississauga)

Mprenpren, kuw no afa adwumayɛfo bɛboro 15,000 a wɔyɛ adwuman na eyi yɛ nea ɛso sen biara w) Peel Mantam hɔ. ɛyɛ nea ɛso a ɛto so abien wɔ Canada ɔman no nyinaa mu

Wɔ afe 1969 mu no, nnipa 10 ka bom sɛ Peel Mpɔtam Kuw ma Nhomasua Wɔ afe 1969 mu no, saa kuw yi mufo boaa kurom hɔfo bɛboro ɔpepem 250 - ɔha mu nkyem 20, sɛ wode toto nnɛ hɔfo dodow ho a. Saa bere no mu kuw a wɔtew no nyaa sukuufo bɛboro 50,000 wɔ sukuu ahorow bɛyɛ 114 a na sika a ɛso wɔn asen yɛ dollar $41 (Sɛnea 2009 afe nkontaabu kyerɛ no)

Wɔ afe 1973 mu no, edin no sesae na wɔbefrɛɛ no Peel Kuw ma Nhomasua. Efi 1998 reba no mu no, na wɔfaa na wɔpenee edin a ɛne Peel ɔmantam Sukuu Kuw.

Wɔ September da edi kan, 2006 mu no, sukuu kuw bɔɔ amaneɛ sɛ, efi September da ɛto so 6, 2006 mu no, wɔbɛyɛ internet so dwumadi wɔ kasa 25 mu, a ne nyinaa wɔka wɔ Peel Mantam, na ɛyi bɛboa a wɔka kasa foforo de ka Engiresi kasa no.




#Article 19: Cristiano Ronaldo (153 words)


Cristiano  bɔɔlɔ pleya. ɔy3 bɔɔlbɔ ni a wágye akrade3 bebree mmer3 a na wɔsi akan de ma Manchester United ne Real Madrid bɔɔlbɔ kuo nom no.Wɔsane so si akan de ma Portugal man no a bebree nim no s3 Celesao.

Wɔwoo no ogyefuo bosome a 3tɔ so num,afe aha nkron ne adonwɔtwe num na ne din nyinaa ankasa de Christiana Ronaldo dos Santos Aveiro.Wɔ afe aha mmienu ne mmiensa no,na wádi mfe3 du nsia na bɔɔlbɔ kua a wɔfer3 no Manchester United tua 3ka a 3b3 boro 14 million dollars s3 wɔb3fa no akɔ na wáb3si akan am wɔn

Afe a na 3y3 2004 mu no ,akansie a wɔfre no FA cup final no,Ronaldo h33 mmiensa na 3boa wɔn ma wɔgyee kruwaa no.Ansa na 3duri 2008 mu no ,na wábɔ bɔɔlo ama no atɔ atena mu bebree ansa na 3kuo a wɔfr3 no Real Madrid tua 3ka 131millin ansa na wɔb3fa no akɔ

           

 




#Article 20: Ebola yare (496 words)


Ebola yare-(EVD) anaa Ebola Atiridii (EHF) a εma mogya fi obi mu yε yare bi a Ebola mmoawa na εde ba. Ɛho nsεnkyerεne fi ase nnanu kosi adapεn abiesa bere a obi anya mmoawa no akyi, nea εka ho ne atiridii, mene ase kuru, honam yaw, ne tipae. Mpεn pii, pԑ a obi pε sε ͻfe, εfe, ne ayamtu. Nea ԑka ho ne adwumayε a εba fam wͻ berεbͻ ne asaabo. Saa bere yi ebinom fi ase nya mogyatu ho haw.

Obi betumi anya mmoawa no bere a ne ho aka mogya anaa nipadua ho nsu, aboa a wanya bi anaa ampan a odi nnuaba). Wonya nnyεε mframa mu a wͻfa so nya ho kyerεwtohͻ biara wͻ baabi a wͻte no. Wogye di sε mpan a wodi nnuaba na wͻma yare yi a ebi nnka wͻn. Bere a onipa anya yare yi no, yare no betumi aka afoforo nso. Mmarima a wͻanya yare yi bi betumi de ama afoforo denam wͻn awode mu nsu bεyε asram abien. Ansa na wͻbεhwε sε εyε yare yi no, mpεn pii wͻyε yare afoforo a εwͻ nsεnkyerεnne koro no ara te se atiridiinini, ayamtu ne afoforo a εma mogya tu obi ho nhwehwεmu ansa. Nea ԑbԑma wͻahu sԑ ԑyԑ yare yi no wͻsͻ mogya hwε de hwε mmoawa a wͻbͻ nipadua ho ban, RNA mmoawa, anaa yare no ho mmoawa ankasa.

Nea εka εho bammͻ ho ne sε yεbεhwε yεn ho yiye wͻ adoee ne mpraku ho. Wobetumi ayε eyi denam mmoa yi a wͻbεhwε sε wͻanya mmoawa yi bi a, na wͻakum wͻn ato wͻn akyene wͻ ͻkwan pa so. Nnam a wͻbεnoa no yiye ne ntade a wͻbεhyε bere a wͻrekura nnam nso betumi aboa, ne ntade pa a wͻhyε ne nsa a wͻhohoro bere a wͻbεn obi a ͻwͻ yare no bi no. Nnipa a wͻanya mmoawa no bi ho nsu ne wͻn nipadua ho biribi yε nea εsε sε wͻhwε yiye wͻ ho.

Yare no nni ͻkwan pͻtee a wͻfa so sa no; ͻkwan a wobetumi aboa nnipa a wͻanya bi no bi ne sε wͻbεma wͻn nsu a wͻde ma ayarefo (nsu a asikyire ne nkyene wom) anaa nsu biara a wͻde ma fa ntini mu. Yare no wͻ tumi a εde kum nnipa: Mpεn pii no, ekum nnipa a wͻanya mmoawa no ͻha mu nkyekyem aduonum kosi aduokrͻn. Wodi kan huu EVD yare yi wͻ Sudan ne Democratic Republic of the Congo. Mpεn pii no, yare yi taa ba prεko pε wͻ Africa mantam anhwea pradadaa no anafo fam. Efi afe 1976 (bere a wodi kan huu yare no) kosi afe 2013 no, yare no anya nnipa a wonnu apem afe biara. Yare no mmae a εsen biara ne nea aba nnansa yi Afe 2014 Abibirim Atͻe Ebola mmae, a aka Guinea, Sierra Leone, Liberia ne Nigeria. Ɛde bedu ͻsram August, afe 2014 no, nnipa apem ahansia na wͻanya bi. Wͻrebͻ mmͻden sε wͻbεyε aduru a εbεbͻ nnipa ho ban; nanso wͻnyεε bi ε.




#Article 21: Rabies (141 words)


This article should be merged with Kraman a ͻwͻ ne yare no a anya nkͻanim

Rabies yɛ yare bi a ɛma obi adwene yɛ kɛse wɔ nnipa anaa mmoa afoforo mu.  Ne mfitiase no, ɛba te sɛ ne obi anya atiridii. Eyi ba saa akyi a, eyinom betumi adi akyi aba: nkekaho basabasa, anigye mmoroso, nsu ho suro, ne afei nnipadua no afa horow a obi ntumi nfa nyɛ adwuma,  Ɛbere a eyi nyinaa asi no, mpɛn pii no, onii a ɔte saa taa wu. Efi bere a obi benya saa yare no, de kosi bere a ɛho nsunsuanso bɛda adi no tumi di bɛyɛ bosome mmiɛnsa, nanso, saa bere no tumi sesa: etumi yɛ nnawotwe baak, anaa mpo afe biako. Ɛbere dodow a edi no gyina bere tenten a ebedi ansa na yare no atumi akodu obi akyi nnompe mu.




#Article 22: Atiridii (980 words)


Atiridii yɛ yare bi a ɛfa ntomtom so na ɛba, na etumi kyere nnipa ne mmoa afoforo a nea ɛde ba ne mmoa nketenkete bi a wɔfrɛ wɔn protozoans.[1] Atiridii kyere obi a, onii no ho yɛ hyew, ɔte nka sɛ w'abrɛ, ɔfefe, anaa onya tipae. Sɛ ɛmu yɛ den a, ɛbetumi ama nea wɔfrɛ no Jaundice, twitwahwe, ne owu mpo.[2] Yare no name ntomtom ka so na ɛba, na efi ase fi bɛyɛ nna du kosi nna dunnum. Sɛ obi nya Atiridii na woansa ne ho yare yiye a, ebetumi asan aba biom bere kɔ so no[1] Sɛ obi nyaa bi na ɛnkyɛe a, sɛ Atiridii no kye no a, ano renyɛ den te sɛ kan no. Sɛ obi nyaa Atiridii no akyɛ de a, sɛ ebi kye no a, emu betumi ayɛ den paa.[2]

Nea ɛbɛboa na obi ntumi nya saa yare yi ɛne sɛ ɔbɛda ntontom adan mu, ɔde nku a ɛpam ntontom bɛsra, ne akwan ahorow so te sɛ, ntontom aduru a wɔde bɛpete wɔn dan mu na woato nsunsu a ɛtataa mmeae a ɛbenbɛn.[2] Nnuru pii wɔhɔ a ɛboa ma obi nya atiridii wɔ mmeae a abu so mpo. Nnuru bi te sɛ sulfadoxine/pyrimethamine yɛ ma mmofra nkumaa ne afei apenfo a wonyinsɛn nkyɛe pii. Ɛnfa ho mmɔden biara no, wontumi nyaa atiridii ano aduro koro pɛ a ɛbɛma obi ntumi nya saa yare no. [1] Ɔkwan a ɛfata paa a obi bɛfa so asa ne ho yare ne sɛ ɔbɛnom atiridii-kotia nnuru a ebi ne artemisinin.[1][2] Aduru a ɛtɔ so mmienu bi ne mefloɛuine, lumefantrine, anaa sulfaxoxine/pyrimethamine.[3] Quinine nso sɛ wode ka doɔycycline ho a, wobetumi de asi artemisinin anan mu.[3] Ɛho hia paa sɛ, wɔ mmeae a atiridii tumi nya nkurɔfo paa no, wobɛbɔ mmɔden sɛ wobɛhwɛ sɛ ɛyɛ ampa sɛ atiridii na akye onipa bi, ansa na woama no nnuru, efisɛ, atiridii mmoawa no aso ayɛ den na mpo, ebi wɔ hɔ a, aduru biara kɛkɛ ntumi wɔn. Mmeae bi te sɛ Southeast Asia no, atiridii aduru te sɛ artemisinin mpo nyɛ adwuma sɛ mpo obi nom a.[1]

Neɛ ɛma obi hu sɛ woanya atiridii no tumi fi ase bɛyɛ nna 8-25 ntam;[4] nanso, ebetumi ayi ne ho adi akyiri wɔ wɔn a wɔtaa fa nnuru a wode si atiridii ano kwan no.[5] Sɛ ɛrefi ase a, ɛda ne ho adi te sɛ obi a woanya ti yare na ne hwene mu fi nsu;,[6] na mpo ebetumi asɛ yare ahorow te sɛ septicemia, gastroenteritis, and viral diseases.[5] Emu bi ne, tipae, ahowosow, apɔwsoapɔwso yaw, afefe, mogya so tew, ne how yɛ hyew, ne ade tɔ obi so[7]

Ade biako a wɔde hyɛ no nsow sɛ obi anya atiridii ne sɛ ne ho yɛ hyew prɛko pɛ, a ahopopo di akyiri. Afei ɔte nka sɛ ahuhuro de no. Eyi betumi asi, sɛ onii no atiridii mu yɛ den paa a, ebia nna kakra akyi

Atiridii ho nsunsuanso nyɛ koraa. Neɛ ɛka ho bi ne obi home a ɛho ba asɛm. Eyi tumi si wɔ mpanyinfo bɛyɛ ɔha mu nkyem 25, ne wɔ mmofra mu no, ɔha mu nkyem 40.

Atiridii wɔ abaatan mu ka ho bi na apenfo tumi pɔn wɔn mma wɔ awo mu, anaa mmofra no wu wɔ wɔn wo akyi pɛɛ, anaa mpo nyinsɛn a ɛsɛe, anaa mmofra a wɔbɛwo wɔn na wosua.

Akwan ahorow a wobetumi afa so akwati atiridii ne aduru a wobɛnom so, na woatwe wo ho afi ntontom a wɔbɛka wo so. Wɔnni aduru biara a wonom a ɛremma wonya atiridii. Sɛ nnipa bebree te baabi a, etumi ma ntontom dɔɔso, na ɛno tumi ma atiridii tumi nya nkɔanim. Sɛ obi wɔ yare yi bi a, na ntontom ka no a, na woagye atiridii no afi onii no hɔ de akɔma obi foforo. Sɛ wotumi kwati saa nneɛma yi a, ɛbɛma kakrakakra, atiridii ase atu afi America atifi fam, Europa, ne Apue Mfimfini mmeae bi. Nanso agye sɛ wotu atiridii mmoawa no fi wiase nyinaa, ɛnte saa, ɛbere kɔ so no, ɛbɛsan aba biom. Wɔ mmea bi a nnipa akyere so no, ɛbɛyɛ den sɛ wobetu atiridii ase efisɛ wɔ bere a nnipa redɔɔso wɔ baabi no, na ɛrema atiridii ase tu ayɛ den.

Sɛ obi bɔ ne ho ban fi atiridii ho a, saa yɛ sen sɛ obi bɛko atia atiridii no wɔ bere a woanya bi. Nea ehia kɛse no bi ne sɛ wɔbɛtrɛw mu adu akyiri wɔ mmeae a ohia abu so wɔ hɔ. There is a wide difference in the costs of control (i.e. maintenance of low endemicity) and elimination programs between countries. 

Wɔ mmeae a atiridii wɔ no, mmofra a wonnuu mfe anum mogya so taa tew, asiane atiridii yare no nti. Sɛ wɔma mmofra a wɔwɔ mmeae a ɛte saa no nnuru a ɛboa ma wonya mogya a, ɛnkyɛ na wɔn ho ayɛ den, na ɛboa ma ɛho renhia sɛ wode oyarefo no bɛkɔ ayeresabea mpo.

Ade biako a wɔde tew atiridii yare no so ne sɛ wosi kwan ma ntomtom no bɛkɔ so ayɛ bebree. Obi pɛ sɛ ɔbɔ ne ho ban a, wotum ne aduru bi a wɔfrɛ no DEET anaa picaridin di dwuma. Ntoma a wɔda mu na ɛbɔ obi ho ban wɔ atiridii ho ne ɔkwan biako na wɔkyerɛ sɛ ɛbɔ adwuma paa. Obi nya atiridii pɛ, na wohu sɛ woanya bi a, aduru a wɔfrɛ no artemisinin-based combination therapies (ACTs) tumi boa nso.

Ntomtom net boa pam ntomtom fi nnipa ho, bere a wɔada no. Wɔtaa hyɛ saa net yi aduru, sɛnea sɛ ntomtom no ho ka pɛ a, na akum no. Nea wɔahyɛ no aduro no, wɔkyerɛ sɛ ɛso wɔ mfaso mpɛn abien sen nea enni bi no. Wɔ afe 2000 kosi 2008 mfe mu no, wɔkyerɛ sɛ ntomtom ntama a woahyɛ no aduru no gyee mmofra bɛboro 250,000 wɔ Africa Atɔe fam nkoaa.  Mfie ɔha mu nkyem dummiensa biara wɔ ntomtom ntama a woahyɛ no aduru no bi wɔ Africa Atɔe fam, sɛ wɔbɛka a. 




#Article 23: Theodosia Okoh (676 words)


Theodosia Salome Okoh  (13 June 1922-19 April 2015)  Yɛ Ghanani baa onuoyamfo , ɔkyerɛkyerɛni a ɔne Ghana Frankaa farebae. ɔnwenee Ghana Frankaa no wɔ afe 1957.  Theodosia ka akukudam a wɔhwe maa Hockey nyaa nkoanim wɔ ɔman Ghana mu.

Edin a wɔde too no ankasaa ne Theodosia Salome Abena Kumea Asihene wɔ Effiduase. N'awofo ne Rev. Emmanuel Victor Ashene a ɔyɛ kan Presbytherian church of Ghana no ti tenani wɔ Ghana man mu. Ne maame din de Awura Dora Asihene. Wofiri  Anum a ɛwo Asuogyman abatoɔ mpesuaso wɔ Apueifam, a ɛwɔ ɔman Ghana mu. Theodosia tɔ so nnan wɔ ne nuanom nwɔtwe mu.

Ohyɛɛ mfiase sukuu ase wɔ Ashanti Efiduase Primary na ɔtoa so kɔɔ Basel Mission Middle a ɛyɛ ntoaso sukuu. Awura Theodosia toa ne sukuu no so biom kɔɔ akyerɛkyerɛfo ntete sukuu a ɛne Basel Mission Middle a ne nyinaa wɔ Agogo. Eno akyi no, ɔkɔ gyee ntete wɔ Achimota school

Bre a nhyeyɛi gu akwan sɛ Ghana benya fahodie afiiri Bretain ho no, ɛho behiae sɛ Ghana nya ne frankaa. Wɔ de sa amaneɛbo to dwa no, Theodesia de ne nkrataa ne nfonini a wayɛ fa frankaa ho no ko dan wɔn, maa wɔ da a ɛtɔ  so 6 wɔ bosome a ɛtɔ so miensa, afe 1957 Ghana manpanyin a odi kan; Kwame Nkrumah gye too mu sɛ ɛfata. . Bre a wɔre bisabisa no nsɛm no, ɔkae sɛ ‘’Me yɛɛ m'adwen sɛ, mɛfa ahosu miensa a ɛne Kɔkɔɔ, sika kɔkɔɔ, ne  ahaban mono esiane Ghana sibea. Ghana yɛ ɔman a esi beae a kwae wɔ hɔ pii na nsuo nso tɔ paa. Ahosu sika kokoo no gyina hɔ ma ɛfɔm agodeɛ a abu so wo asase no so, na ahosu kɔkɔɔ no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔde wɔn mogya ko gyee fahodie maa ɔman no. Nsroma  ɛwɔ afa nnum no nso gyina hɔ ma Afrika nkabom a wɔde ko gyee wɔn ho fii Abrɔfo nhyɛso ase’’

Theodosia Okoh yɛ ɔbaa a odikan a  wɔfaa no sɛ guamutenani ma Ghana Hockey kuo no , na akyiri yi, obedii ade sɛ  Ghana Hockey kuo no titenani. Odii ade sɛ otitenani bɛbro mfrihyia 20 na n'abrɛ so na Ghana dii kan kɔɔ  amanaman mu Hockey Akansie a wɔfrɛ no  Hockey World Cup and the Olympics game. Ɔhene Djan de abodin ‘’the Joan of Arc of Ghana hockey’’ too Theodosia esiane sɛ ɔno na ɔsore gyinaa hɔ maa Ghana hockey tumi gyinaa ne nan so bre a mmarima de wɔn ti pempem a wonhu wɔn ho ano no. Eyi nso ka ho bi nti na wɔde ne din too  Hockey Agorɔprama wɔ Ghana no. Na oka kuo bi a wofrɛ no  Sports Writer Association of Ghana ho.

Theodosia okoh waree Enoch Kwabena Okoh a ɔyɛ titenani wɔ aban adwuma mu wɔ Kwame Nkrumah bre so  wɔ afe 1960, na ɔne no woo mmofra miensa; E. Kwasi Okoh,  Stanley Kwame Okoh ne Theodosia Amma Jones-Quartey. 

Wɔ bosome a ɛtɔ so nnan no da ɛtɔ so 19, afe 2015 mu no, Theodsia wui bre a ɔregye ayaresa  wɔ ayaresabea Narh-Bita Hospital a ɛwɔ Tema no. Na w'adi mfihyia 92. Ɔmanpanyin John Dramani Mahama de akwnakyerɛ mae sɛ wɔmma Ghana frankaa nyinaa nsane mmara fɔm nna miensa mmfa nhye no anuonyam, efi da a ɔtɔ so 21 baako wɔ bosome a ɛtɔ so nnan no mu. Kan soafo a ɔhwɛ amaneɛbɔ nsɛm so de too dwa sɛ ‘’ Aban no ani so no, mmoa a owura yere Theodosia okoh de maa ɔman Ghana no yɛ ade a ɛsombo paa.

Theodosia Okoh nyaa abasobɔde a w'ato din Grand Medal (GM) fii Ɔman Ghana ne abasobodee pii fii nnwumakuo pii hɔ wɔ ɔman no mu. Onyaa Abasobɔde fii Ghana Broadcasting Corporation ne abasobɔ a efi Asoeɛ ɛhwɛ agodie  abasobɔ so wɔ afe 2014. Onyaa abasobɔ fii Agodie Akyerɛwfokuo a ɛwɔ Ghana ne TV Africa dwumadie a w’ato din Obaa Mbo.

Ansa na Theodosia rebewu no, odi aboboo wɔ sesa a na nnpikuo bi pe se wɔ sesa ne din fri Hockey Agorɔprama no kɔ (John Evans Atta Mills Agorɔprama) 




#Article 24: Ayamtuo (323 words)


Aymtuo, eye yadee a ema onipa gya eboro mpre mminesa da baako a a gyanan no ye nsuo. Ebetumi atena ho wo nna kakra efiri se nipa ne ho nsuo sa.Se nipa ne ho nsuo sa ne honanm no ntumi nto so se dee ete dehydration due to fluid loss. afei nso ema nipa yi suban bi edi. Wei nso ma ne dwonso ko fom, afei nso ne honam ahyensode sesa, akoma nso bo ntemtem, afei nso nipa no ahokeka ko fam wo ebere emu ye den.Nkwadaa a omo nufo a  ogya won anan a emu ye nsuo. betumi aye se enye ayamtuo

. A number of non-infectious causes may also result in diarrhea, including hyperthyroidism, lactose intolerance, inflammatory bowel disease, a number of medications, and irritable bowel syndrome. In most cases, stool cultures are not required to confirm the exact cause.

Sɛ wopɛ sɛ wobɔ wo ho ban firi ayamtuo ho a ɛɛs sɔ wodi wo ni.Afei nso ɛsɛ wo nom nsuo a ɛyɛ krɔgyee.Ɛwɔ sɛ wo de samina nso hohoro wo nsa abrɛ biara. a ho  which is clean water with modest amounts of salts and sugar, is the treatment of choice. Zinc tablets are also recommended. These treatments have been estimated to have saved 50 million children in the past 25 years. When people have diarrhea it is recommended that they continue to eat healthy food and babies continue to be breastfed. If commercial ORS are not available, homemade solutions may be used. In those with severe dehydration, intravenous fluids may be required. Most cases; however, can be managed well with fluids by mouth. Antibiotics, while rarely used, may be recommended in a few cases such as those who have bloody diarrhea and a high fever, those with severe diarrhea following travelling, and those who grow specific bacteria or parasites in their stool. Loperamide may help decrease the number of bowel movement but is not recommended in those with severe disease.




#Article 25: Zika atiridii (385 words)


Zika atiridii (a wͻsan frε no Zika mmoawa yare yε yare a nea εde ba ne Zika mmoawa.Wͻn a wonya yare yi dodow no ara ntaa nnya εho nsεnkyerεnne, nanso mpεn pii no εda ne ho adi bͻkͻͻ na ebetumi asε ntontom atiridii.Nsεnkyerεnne no bi ne ahoͻhyew, ani a ayε kͻkͻͻ, dompe mu yaw, tipae, ne nsawansawa.Mpεn pii no, εho nsεnkyerεnne ntaa nni nnansͻnWͻ yare no mfiase mu no, εmmaa obi nhweree ne nkwa ε.Wͻde yare yi abata Guillain–Barré yare(GBS) ho.

Nea εde Zika atiridii ba titiriw ne ntontom a  εyε Aedes de a waka obi no.Ebetumi nso atrεw denam nna mu yare a εnam nna mu trεw fi barima ho de ma wͻn a ͻne wͻn da na ebetumi atrεw nso denam mogya a wͻde ma mu. Wͻn a wͻanyinsεn a wͻanya bi betumi de ama wͻn mma na wͻde abata nyinsεn a εsεe ho ne ti a εyε ketewaa. Wͻyε yare yi mu nhwehwεmu denam mogya, dwensͻ, anaa ntasu mu a wͻhwehwε sε wobehu Zika mmoawa no anaa RNAbere a nipa no yare.

Wosiw ano denam ntontom a εde ba a wokunkum wͻn wͻ mmeae a yare no wͻ ne kͻndͻm a wͻde di dwuma wͻ nna mu so. Mmͻden a wͻbͻ de siw ntontom yi kwan ne nnuru a εpam ntummoa, ntade a wͻhyε, ntama a εpam ntontom, ne nsu a εtaataa hͻ a woyi fi hͻ. Wonni nsu a εko tia yare ma eyi. Akwanhosan ho adwumayεfo hyε nyansa sε mmea a wͻwͻ mmeae a yare Zika mmoawa a aba (afe 2015 de ba) kosi 2016 Zika a aba besusuw ho sε wͻbεtwe nyinsεn akͻ akyiri na wͻn a wͻanyinsεn nso nnkͻ mmeae yi. Bere a wonni ayaresa pͻtee no, paracetamol(acetaminophen) betumi aboa adwudwo ano. Mpεn pii no, εho nhia sε obi da ayaresabea.

Wodii kan huu mmoawa a εde yare yi ba wͻ afe 1947 mu. Yare yi a edii kan bae a wͻayε ho kyerεwtohͻ sii wͻ afe 2007 wͻ Micronesia aman mu. Ebedu Ɔpεpͻn afe 2016 mu no,  na yare no wͻ amantam aduonu wͻ Amεrika amanmu. Wonim sε asi wͻ Afrika, Asia, ne Pacific amantam nso mu. Esiane sε yare no bae wͻ Brazil wͻ afe 2015 mu nti, Wiase Akwanhosan Ahyehyεde akyerε sε εyεAman nyinaa Akwanhosan  ho asεm a egye Ntεmpε wͻ Ogyefo afe 2016 mu.




#Article 26: Nsu mu nwaw atiridii (376 words)


Nsu mu nwaw atiridii, a wͻsan frε no schistosomiasis, yε yare bi a nsonsono bi a wͻte nipadua mu a wͻye nsonsono tratraa a a wͻfrε noschistosome de ba. Dwensͻtwaa no anaa obi nsono ho betumi aba asεm. Nsεnkyerεnne no bi ne ayaase yaw , ayamtu , mogya a εwͻ agyanan mu , anaa mogya a εwͻ dwensͻ mu . Wͻn a wͻanya yare yi bere tenten betumi anya berεbo mu haw , asaabo mu haw , awo a εmma , anaa dwensͻ kotoku mu kokoram  Wͻ mmofra mu no, ebetumi ama wͻrennyin papa ne adesua mu haw .

Yare no trεw denam nsu a εwͻ mmoawa no a εka obi. Mmoawa yi fi nsu mu nwaw a wͻwͻ mmoawa yi mu. Yare yi abu so wͻ mmofra a wͻwͻ aman a ehia wͻn mu esiane sε mmofra yi taa di agoru wͻ nsu a mmoawa yi wom mu. Afoforo a wotumi nya bi ne akuafo, apofofo, ne afoforo a wͻde nsu yi di dwuma.Yare yi wͻ yare a nsonsono de ba .Wͻnam nsonsono yi nkesua a wͻhwehwε wͻ obi dwensͻ anaa agyanan mu na εyε yare yi mu nhwehwεmu. Wobetumi nso ahu denam nipaduam nnuru a εko yare mu a wͻhwehwε wͻ mogya mu.

Akwan a wͻfa so siw yare yi kwan bi ne nsu a emu tew a wͻde di dwuma ne nsu mu nwaw a wokum wͻn. Wͻ mmeae a yare yi abu so no, aduru praziquantel yε nea wobetumi de ama nnipakuw no. Wͻyε eyi de tew nipa a wͻanya yare yi dodow so, na εnam so asiw yare no trεw ano. Praziquantel ne aduru a Wiase Akwanhosan Ahyehyεde (WHO) akamfo de akyerε.

Nipa bεyε ͻpepem ahanu ne du na wonyaa nsu mu nwaw atiridii(schistosomiasis) wͻ wiase nyinaa wͻ afe 2012 mu.  Nipa bεyε mpem dumien kosi mpem ahanu na wͻfa mu wu afe biara. Yare yi abu so wͻ Afrika, Asia ne Amεrika Anafo. Nipa bεyε ͻpepem ahansͻn wͻ aman bεboro aduosͻn na wͻtete mmeae a yare yi abu so mu. Wͻ aman a ͻhyew wom no, nsu mu nwaw atiridii na edi atiridii(ntontom de) akyi wͻ nyarewa a εtete saa mu a εde sikasεm haw ba. Wͻakyerε sε nsu mu nwaw atiridii(schistosomiasis) yε yare a wͻabu ani agu so .




#Article 27: Kraman a ͻwͻ ne yare no a anya nkͻanim (883 words)


Kraman yare yε Yare Mmoawa a εde encephalitis, kyerε sε adwene no a baabi ahono wͻ nipa ne mmoa afoforo mu. Mfiase nsεnkyerεnne bi ne ahoͻhyew ne obi ho a εyε no dε boro so. Nsεnkyerεnne binom a edi eyi akyi ne: ahokeka, anigye mmoroso, nsu a obi suro , nipadua akwaa a entumi nkeka ne ho, adwenemhaw, ne nim a onnim nea εrekͻ so . Bere a nsεnkyerεnne no ada adi awie no, mpεn pii no kraman yare taa kowie owu mu. Mpεn pii no εtaa di asram biako kosi abiεsa fi bere a obi nya yare no kosi bere a nsεnkyerεnne no da adi no. Nanso, bere yi betumi ayε nea ennu nnawͻtwe biako kosi nea εboro afe biako. Bere dodow a ebedi no gyina bere a mmoawa no de bedu adwene no ne akyi dompe no mu. 

Nipa taa nya kraman yare fi mmoa afoforo ho. Wotumi de kraman yare ma bere a aboa a ͻwͻ bi tiw anaa ͻka aboa foforo anaa nipa no.  Ntasu a efi aboa a wanya bi a εka aboa anaa nipa foforo nso betumi ama wanya yare yi bi. Mpεn pii no, nipa a wonya yare yi taa nya fi kraman a waka wͻn no. Wͻ aman a nkraman a wͻwͻ yare yi bi dͻͻso wom no, nipa a wonya yare yi bi no ͻha mu nkyekyem aduokrͻn akrͻn na wonya fi kraman a waka wͻn no. Wͻ Amεrika aman mu no , ampan a waka obi na εtaa de yare yi ma nipa, na nipa a wonya bi a wonnu ͻha mu nkyekyem anum na wonya fi kraman a waka wͻn mu.  Ɛyε den sε nkura ne mmoa a wotete saa no benya yare yi. Nea εne mmoawa a wͻde kraman yare ba no nam so kͻ adwene no mu . Bere a nsεnkyerεnne no afi ase nkutoo na wobetumi ahwehwε yare yi mu ahu.

Wͻnam mmoa a wͻhyε wͻn so ne nsu a wͻde siw yare kwan nhyehyεe ahorow so brε yare yi ase wͻ aman pii mu. Wͻhyε nkuran sε wͻde nsu a wͻde siw yare kwan no bεwͻ wͻn a wobetumi anya bi no paane. Nipa a wobetumi anya bi ne wͻn a wͻwͻ mmeae a mpan wͻ anaa wodi mmere pii wͻ mmeae a yare yi abu so. Ɛdefa nipa a wobetumi anya yare yi no, nsu a wͻde siw kraman yare ano ne εtͻ mmere bi a nipaduam akode taa siw yare yi kwan sε onipa no nya eyi ansa na nsεnkyerεnne no afi ase a. Beae a aboa no aka anaa watiw no a wͻde nsu ne samina bεhohoro simma dunum, povidone iodine , betumi aboa asiw yare yi kwan. Nnipa kakraa bi a wͻanya yare no ho nsεnkyerεnne no na watena ase. Eyinom yε wͻn a wͻanya ayaresa a εkͻ akyiri a wͻfrε no Milwaukee protocol no.

Wͻde nsu a wͻde siw kraman yare kwan na esiw kraman yare . Yεwͻ eyinom ahorow wͻ hͻ a edi dwuma yiye. Wobetumi de asiw kraman yare kwan ansa na aboa no aka obi anaa wͻ εno akyi bere dodow bi. Bammͻ a obi nya wͻ yare yi ho no taa kyε bere a wͻde nsu no ama mpεn abiεsa no. Mpεn pii no wͻtaa de nsu no wͻ obi paane wͻ ne honam mu. Wͻtaa de nsu a wͻde siw yare kwan no ne nnuru afoforo ka ho . Wͻhyε nyansa sε wͻn a wobetumi anya bi no begye paane yi bi ansa na wͻakͻ beae hͻ. Nsu a wͻde siw yare kwan no yε adwuma yiye wͻ nipa ne mmoa afoforo mu. Nkraman a wͻbεwͻ wͻn paane boa ma asiw yare yi a wͻde ma nipa kwan.

Nipa ͻpepem pii na wͻawͻ wͻn paane yi, na wͻka sε eyi asiw yare yi kwan wͻ nipa bεboro mpem ahanu aduonum afe biara mu. Wobetumi de adi dwuma wͻ nipa a εsono wͻn mfe a wͻadi. Wͻn a wͻwͻ wͻn paane no bεyε ͻha mu nkyekyem aduasa anum kosi aduanan anum taa nya yaw kakra wͻ beae a wͻwͻͻ wͻn paane no. Nipa bεyε ͻha mu nkyekyem anum kosi dunum betumi anya ahoͻhyew ,atipae , anaa te a obi te nka sε ͻbεfe . Biribiara nsiw obi kwan sε wͻbεma no eyi bere a wanya yare no. Nsu a wͻde siw yare no kwan no pii nni thimerosal . Aman binom de nsu a wͻde siw yare kwan a wonya fi nipaduam ntini mu di dwuma, titiriw wͻ Asia ne Latin Amεrika, nanso εnyε adwuma yiye na asiane kakra wom. Eyi nti Wiase Akwanhosan Ahyehyεde nhyε ho nkuran. 

Ayaresa yi bo yε US Dͻla aduanan anan kosi aduosͻn awotwe wͻ afe 2014 mu. Wͻ United States no, nsu a wͻde siw kraman yare ano no bo boro Dͻla ahansͻn aduonum.

Kraman yare kunkum nipa bεyε mpem aduonu asia kosi mpem aduonum anum afe biara wͻ wiase nyinaa. Owu yi ͻha mu nkyekyem bεboro aduokrͻn anum si wͻ Asia ne Afrika . Kraman yare wͻ aman bεboro ͻha aduonum wͻ amantam nyinaa gye Antarctica nkutoo. Nipa bεboro ͻpepepem abiεsa na wͻtete mmeae a kraman yare wͻ wͻ wiase nyinaa. Wͻ Europa ne Australia mu no, mpan nkutoo mu na yare yi wͻ. Aman nketewa a nsu atwa wͻn ho ahyia pii wͻ hͻ a kraman yare yi bi nni hͻ.




#Article 28: Onchocerciasis (428 words)


Onchocerciasis, a wͻsan frε no nsu mu anifurae ne Robles yare yε yare a nsonsono a εtena mmoawa afoforo mu Onchocerca volvulusde ba. Ne nsεnkyerεnne bi ne ahokeka a emu yε den, honam ani a εsoasoa, ne anifurae. Ɛno ne yare a εtͻ so abien a εma anifurae, na edi trachoma akyi.

Nsonsono a εde yare no ba no nam ntuboa tumtum no a waka obi a ofi Simulium abusuakuw mu. Mpεn pii no, εsε sε ntuboa no ka obi mpεn dodow ansa na wanya yare no. Ntummoa yi taa tena nsuten ho, εno nti na yare no kura ne din no. Bere a wͻwͻ nipadua no mu no, nsonsono no wo mma(larvae) na mma yi pue fa honam no mu. Eyi mu no, onipa no betumi de yare no ama ntuboa a edi hͻ a ͻbεka nipa no. Yεwo akwan ahorow a wͻfa so yε yare yi mu nhwehwεmu a ebi ne nipadua mu akwaa anaa nsu mu nhwehwεmu a wͻyε wͻ honam no mu wͻ nkyene nsu mu na wͻhwε kwan sε mmoawa no beyi ne ho adi, aniwa mu a wͻhwehwε, anaa nsonsono a wͻhwehwε wͻ mmeae a asoasoa wͻ honam no mu.

Nea εyε nsu a wͻde ko yare nni hͻ ma yare yi. Kwan a wͻfa so siw yare yi ne sε woremma ntummoa no nka wo. Wubetumi ayε eyi denam aduru a εpam ntummoa a wode sra ne atade pa a wohyε so. Afoforo ne mmͻden a wͻbͻ de nnuru gu mmeae a ntummoa no wͻ de kumkum wͻn. Nnwuma ahorow rekͻ so de ayi yare no afi hͻ denam nnipakuw ahorow a wͻsa wͻn yare mpεn abien afe biara wͻ aman bi so. Wͻnam aduru ivermectin so na εsa wͻn a yare yi aka wͻn no yare asram asia kosi dumien biara. Ayaresa yi kum mma no na εnyε nsonsono no. Aduru a εne doxycycline, a ekum mmoawa a wotumi tena afoforo mu Wolbachia, yε nea etumi kum nsonsono no ma enti ebinom kamfo kyerε. Wobetumi nso ayi mmeae a asoasoa wͻ honam no ani no.

Nipa bεyε ͻpepem dunsͻn kosi aduonu anum na wͻanya yare yi bi, a wͻn mu bεyε mpem ahawͻtwe afa mu anya anifurae. Yare no mu dodow kͻ so wͻ Afrika Sahara anafo fam, na ebi nso wͻ Yemen ne mmeae a ate ne ho wͻ Amεrika Mfinimfini ne Amεrika Anafo. Wͻ afe 1915 mu no, oduruyεfo Rudolfo Robles dii kan de nsonsono no bataa ani yare yi ho. Kuw a εne Wiase Akwanhosan Ahyehyεde de yare yi aka nyarewa a wͻabu ani agu so ho.




#Article 29: Kwata (534 words)


'Kwata, a wͻsan frε no Hansen yareHD, yε yare a emu yε den a mmoawa Mycobacterium lepraene Mycobacterium lepromatosis de ba. Mfiase no, yare yi nna ne ho adi na ebetumi ayε saa mfe anum kosi aduonu. Yare yi nsεnkyerεnne no bi ne ntini a εsoasoa wͻ akwaa ahorow a εne adwene yε adwuma a adwene no ne akyi dompe nka ho, beae a mframa fa wura nipaduam san fi mu, honam no ani, ne ani. Nea etumi fi mu ba ne εyaw a obi nte a εma ͻhwere akwaa ahorow esiane pira a εtoatoaso anaa ekuru a wonhu. Mmerεwyε ne ani a enhu ade yiye nso betumi aba.

Kwata trεw wͻ nipa mu. Wogye di sε eyi si denam εwaw anaa obi a ͻwͻ yare yi hwenem nsu a εka afoforo. Mpεn pii no, kwata taa yε wͻn a ehia wͻn na wogye di sε εtrεw denam obi hwenem nsu so. Nea εne nipa pii gyidi bͻ abira no, εnyε nea etumi trεw ntεmntεm. Yare ahorow abien no gyina mmoawa ahorow a εwͻ nipadua no mu: paucibacillary ne multibacillary. Nea εma nsonsonoe ba abien no ntam ne kͻla papa, honam ani mmeaemmeae bi a awu, a paucibacillary yε anum anaa nea ennu saa na multibacillary yε nea εboro anum. Wͻyε emu nhwehwεmu denam mmoawa a wotumi de acid de hu wͻn wͻ honam no mu nhwehwεmu a wͻyε anaa DNA no a wohu denam nhwehwεmu a εno ara toatoa so so.

Wotumi sa kwata denam ayaresa a wͻde nnuru ahorow di dwuma so (MDT). Wͻsa paucibacillary kwata denam aduru a wͻfrε no dapsonenerifampicin a wͻde di dwuma asram asia. Wͻsa multibacillary kwata denam rifampicin, dapsone, ne clofazimineasram dumien. Ayaresa ahorow yi kͻso a wontua hwee wͻ asoεe a εne Wiase  Akwanhosan Ahyehyεde. Wotumi de nnuru a ekum mmoawa binom nso di dwuma. Wiase nyinaa wͻ afe 2012 mu no, nipa a wonyaa kwata a emu yε den dodow bεyε mpem ͻha aduowͻtwe akrͻn, na eyi aba fam fi mfe 1980 mu a na εyε ͻpepem ahanum ne mpem ahanu. Nipa afoforo a wonyaa bi yε mpem ahanu aduasa. Nipa afoforo a wonya no fi aman dunsia mu, a emu bεboro fa fi India. Wͻ mfe aduonu a atwam no, nipa a wonyaa bi ͻpepem dunsia wͻ wiase nyinaa na woasa wͻn yare. Afe biara no, bεyε nipa ahanu na wonya bi wͻ United States.

Kwata ahaw adesamma mfe mpempem pii ni. Yare no nyaa ne din fii Latin kasamu asεmfua lepra, a εkyerε 'honam a ewu', bere a Hansen yare no fi oduruyεfo Gerhard Armauer Hansen. Nipa a wͻanya bi a wͻde wͻn to wͻn ho da so kͻ so wͻ mmeae te sε IndiaChina ne Afrika. Nanso, wͻagyae nhyehyεe yi esiane sε wͻahu sε kwata nyε nea εtrεw ntεmntεm. Akwatafo a wobu wͻn animtiaa yε nea abata kwata ho wͻ abakͻsεm mu, na eyi kͻ so ara ma εyε den sε obi a wanya bi bεka ho asεm na wanya ayaresa ntεm. Ebinom te nka sε asεmfua kwatani/kwatafo mfata, na wͻbεpε kasasin nipa a kwata ahaw wͻn mmom. Wiase Da a wͻde kae Kwata yε nea wͻhyεε ase afe 1954 mu de atwe adwene aba wͻn a kwata ahaw wͻn no so.




#Article 30: Leishmaniasis (257 words)


Leishmaniasis, a wͻsan kyerεw no leishmaniosis yε yare a mmoawa bi a wͻte afoforo mu a wͻwͻ abusuakuw leishmania mu a wonya denam dͻte ntuboaso Yare no nam kwan abiεsa so da ne ho adi:honam yare, εhorow ne honam ani, anaa nipaduam leishmaniasis Honam ani de no da adi denam honam kuru ahorow so, bere a εhorow ne honam de da adi denam kuru wͻ honam ani, obi anum, ne ne hwenem, na nipaduam de da adi denam honam kuru ne afei atiridii, mogya a akͻ fam ne berεbo a ayε kεse so.

Wobetumi asiw Leishmaniasis kwan denam ntama a wͻde aduru ahyε no a wͻdam. Akwan afoforo yε nnuru a wͻde kum ntummoa no ne nipa a woanya a wͻsa wͻn yare ntεm so. Ayaresa a wͻde ma gyina baabi a wonyaa yare no, Leishmania ko, ne yare ko. Nnuru a wͻde sa nipaduam yare no bi ne liposomal amphotericin B Nnuru yi nso - nnuru a n'hoͻden bͻ ho anum ne paromomycin,ne miltefosine.Ɛdefa honam ani de ho no, paromomycin, fluconazole, anaa pentamidine betumi ayε adwuma.

Mprempren, nipa bεyε ͻpepem dumien na wͻanya yare yiwͻ aman aduokrͻn awotwe so. Bεyε nipa ͻpepem abien na wonya yare yi foforo ne bεyε aduonu kosi aduonum na wͻhwere wͻn nkwa afe biara. Nipa bεyε ͻpepem ahanu wͻ Asia, Afrika, Amεrika Anaafo ne Mfinimfini ne Europa Anaafo na wͻtete mmeae a yare yi abu so. Wiase Akwanhosan Ahyehyεde(WHO) anya nteso wͻ nnuru a wͻde sa yare no bo ho. Yare yi betumi anya mmoa afoforo, ebi ne nkraman ne nkura.




#Article 31: Flora Nwapa (520 words)


Florence Nwanzuruahu Nkiru Nwapa (abodin: /ˈflɔːrə/ /ŋˈwoʊpɑː/) (13  Ɔpɛpɔn 1931 – 16 Ahinime 1993) a na wɔtae frɛ no Flora Nwapa, na ɔyɛ Alata ni baa wɔ hu no ɔkandifo sɛ ɛba no nwoma atwerɛAfrican literature. Wɔyɛ ɔbaa ɔdi kan sɛ ɛba no Enyiresi Brɔfo nwoma twerɛ  na ɔnyaa abɔdin  wɔ ɛho , ne nwoma a  ɛdi kan Efuru baa afe 1966 Heinemann Educational Books na otimtim. Na wonhu ne ho sɛ  obi a na ɔreko ma mmaa mputuo nso  ɔgyee ne din wɔ san kwan yi so aberɛ  ɔresesa kwan a Ibo mmaa hunu nneɛma .

Nwapa nso ka wɔn a ɔmo boa ma osisie Alata ɛberɛ a Biafra ntɔkwa no twaa. Wɔne nnyanka ɛne nkurofoɔ ntɔkwa no nti wɔn ni baabi te na ɛyɛɛ adwuma.  Afei nso ɔtwerɛ nnwoma bebree a ɛboa Abibre mmaa mputuo . Na ɔyɛ obaa ɔdi kan aberɛ a wobue Tana Press   wɔ afe 1970s.

Wɔwoo Nwapa wɔ  Oguta, ,ɛwɔ  Alata  anafoɔ-apue na ɔye piese ma   Owura Krisofa  Igyeoma  ( ɔdwumani wɔ United Africa Company) ne Mata Nwapa,  ɔkyerɛkyerɛni a ɔkyerɛ yikyerɛ wɔn mma nsia no mu  . Flora Nwapa kɔɔ sukuu wɔ Oguta, Port Harcourt ne Lagos. Flora nyaa na abodin  BA degree wɔ Ibadan Suapɔn mu, wɔ afe1957. Afei ɔkɔɔ  Skotland  kɔɔ sukuu wɔ Endibra Suapɔn mu na ɔnyaa abɔdin  Diploma in Education from wɔ afe 1958.

Nwapa nwoma a ɛdi , Efuru, baa afe 1966 na wohu saa nwoma sɛ ɛyɛ adikanfo sɛ brofo nwoma a Abibire mu ɔbaa twerɛ. Saa nwoma yi  ɔde Alata ni barima a na ɔno nso ɔtwerɛnwoma a na wagye ne din a wɔfrɛ no Chinua Akyebɛ  wɔ afe1962.  Akyebɛ nso di anigyeɛ twerɛɛ de sika mpo mane no sɛ wonfa nkɔ ma wɔn adumakuo  Heinemann wɔtimtim krataa wɔ brɔfo mu . 

Wei akyiri no ɔtwerɛɛ Idu (1970), Never Again (1975), One is Enough (1981), and Women Are Different Wɔtwerɛɛ (1986) nwoma mmienu a na ɛwɔ anansesɛm bebree   This Is Lagos (1971) and Wives at War (1980) and the volume of poems Cassava Song and Rice Song (1986).  Watwerɛ mmofra anasesem bebree.

Afe 1974 wɔtee Tana  Press wɔ 1977 wɔtee Nwapa Company, a  detwerɛ mmofra anasesem bebree a na  ɛyɛ ɔnoa na atwerɛ ne nea amanfoɔ  atwerɛ . Botae a na ɛsi n'ani so ne sɔ  ɔbekyerɛ mmaa ne wɔn aɔko ma mmaa yidie.  (both with capital F and mall f) about the role of women in Nigeria, their economic independence, their relationship with their husbands and children, their traditional beliefs and their status in the community as a whole. Tana has been described as the first press run by a woman and targeted at a largely female audience. A project far beyond its time at a period when no one saw African women as constituting a community of readers or a book-buying demographic.

Nwapa adekyerɛ adwuman no toa so aberɛ a ɔkokyerɛ wɔ kɔ  kyerɛ adeɛ wɔ Suapɔn bebree mu ɛbi ne  New York University, Trinity College, the University of Minnesota, the University of Michigan and the University of Ilorin. 

Flora Nwapa wuie wɔ  Ahimime bosome da 1 6 wɔ afe  1993 wɔ  Enugu Ayaresabea,wɔ Alata  na wadi mfie 62 Awɔ yareɛ na ɛkum no .

Woayɛ, ɛmade by Onyeka Nwelue, that premiered in August 2016.




#Article 32: Nassima Saifi (386 words)


Nassima Saifi  (awoda 29 Osanaa 1988) yɛ obaa osi akan akansie , Saifi ɛnya sika kɔkɔɔ abodin   mmiemnu wɔ afei nso wadi kan mprɛ mmiensa wɔ wiase akansiemu.

Wɔwoo Saifi wɔ  Mila a kuro a ɛwɛ  Algeria wɔ afe 1988. Yɛwoo no no na oni dɛm na kaa bɔɔ no maa wɔ twaa nan. Ne papa hunuu sɛ ɔbɛtumi ayɛ biribi aberɛ a wonyɛ hwee, nti wohyɛɛ ne nkuran maa ne kɔfaa akansie sɛ dwumadie a ɔdie.Saifi kɔ kaa Mila Akansiekuo ho na ɛhɔ na ɔsuaa akansie  

Saafi nyaa ɛkwan sii akan wɔ  wiase amanaman akansie mu wɔ afe 2006, Saifi akwanyan a na ɛdi kan a ɔsii akan maa ne man no na ɔ   IPC Athletics World Championships wɔ Assen.Wɔsii akan wɔ diska ne put titia mu nan so ɔtɔɔ num wɔ ne mmienu mu. Saifi kɔɔ Summer Paralympics berɛ a na ɛdi kan  wɔ afe  2008 Games wɔ  Beijing.Wɔsii akan wɔ diska ne put titia mu nan so ɔtɔɔ nan ne  wɔ akansie mmienu wei mu .

Saifi's nkunim itire baa wɔ 2011 IPC Athletics World Championships wɔ  Christchurch,wɔ sii akan wɔ diskuss ne atotoɔ mu. Wani kan na ɛnso ɔtoo  put tiatia no ma ɛkɔɔ . abasa 40.99. Wɔ  nyaa sika  kɔkɔɔ  abodin  wɔ Beijing na wei boro nkunim a ɔdii so abasa 6 .  Afe a wɔdi hɔ no nso wɔ   2012 Paralympics wɔ London wɔ sii akan wɔ diskas mu ma no nyaa sika  kɔkɔɔ  abodin.Wei maa no yɛɛ obi a na okura wiase abodin mmienu

Afei wɔ afe  2013 IPC World Championships wɔ Lyon Saifi  kuraa n'abodin wɔ diskas mu ,  ɔsane nso nyaa abodnin wɔ put titia mu, na wei yɛ ɛmerɛ a ɛdi kan a wanya abodin wɔ waise akansie mu wɔ agorɔ wei mu. Diskas akansie  no na ɛbɛnnanso   Saifi de  wɔ abasa 42.05 na ɛtwaa nipa a na ɔsi kan ama Ireland's Orla Barry. Mfie mmienu akyi no Saifi gyee ne  wiase abodin a  ɛtɔ so mmiensa wɔ diskas mu.

Wo boa bao ne ho akɔsi akan no Hocine Saadoun ne obia a ɔboa no na a biara ɔde dɔnhwere mmiensa na ɛtenetene n'apɔmu   .
Saifi hyɛɛ  n'abodin mu kena berɛ wɔ Paralympic berɛ a ɔsii akan wɔ 2016 Summer Paralympics  wɔ Rio.Wei ma no yɛɛ obi a na obiara ntwaa no da wɔ saa akansie mu.Saifa ɛnya abodin nketewa bi nso akansie bi mu.




#Article 33: Awo akyi nyarewa (527 words)


Awo akyi nyarewa, a wɔsan frɛ no awo bere mu nyarewa, awo ho atiridii anaa awo bere mu atiridii yɛ yare biara a mmoawa de ] baɔbea awode mu wɔ awo akyi anaa nyinsɛn a asɛe akyi. Eyi ho nsɛnkyerɛnne no bi yɛ atiridii a ɛkyɛn 38.0C, awɔ, ayaase yaw, ne ebia ɔbea ase nsu a ɛbɔn. Mpɛn pii no ɛba nnɔnhwerew aduonu anan akyi wɔ nna du mu fi bere a ɔbea no awo akyi.

Yare a abu so sen biara ne nea ɛka awotwaa no ne ntini a ɛbemmɛn a wɔfrɛ no awo akyi sepsis anaa awo akyi awotwaa mu a ahyehyɛ. Nea etumi de eyi ba no bi ne oprehyen(Caesarean section), mmoawa bi a ɛwɔ hɔ te sɛ group B streptococcus wɔ ɔbea ase,ntini a apae ntɛm,ne bere tenten awo ne afoforo. Mmoawa ahorow na ɛde nyarewa yi dodow no ara ba. Hu a wobehu eyi ntaa mfi mmoawa a wɔma wɔwo wɔ ɔbea ase anaa mogya mu. Wɔ wɔn a ɛnyɛ adwuma mma wɔn no, ebia ɛho behia sɛ wɔyɛ mfonintwa nhwehwɛmu ma no. Nneɛma afoforo a ɛde awo akyi atiridii ba no bi ne:nufu a ahyɛ mogya, dwensɔ durubɛn yare ayaase yare bi anaa ɔbea ase a wɔbae mu, ne ahurututu no a agye agu.

Esiane asiane ahorow a ɛtaa ba wɔ C-section akyi nti wɔhyɛ nyansa sɛ mmea bɛbɔ wɔn ho ban denam nnuru a ɛko tia mmoawa te sɛ ampicillin a wɔde bedi dwuma bere a wɔrebɛyɛ oprehyen no. Wɔde nnuru a ɛko tia mmoawa na ɛsa nyarewa yi na ɛyɛ adwuma wɔ nnanu anaa nnansa mu wɔ nnipa pii fam. Wɔ wɔn a wɔn de ano nnyɛ den no, wobetumi afa nnuru yi a wɔnom anaasɛ nea wɔde fa ntini mu. Nnuru a ɛko tia mmoawa a wɔtaa de di dwuma no bi ne ampicillin ne gentamicin wɔ awo akyi anaa clindamycin ne gentamicin de ma wɔn a wɔyɛɛ wɔn C-section no. Wɔ wɔn a aduru no nnyɛ adwuma biara mma wɔn no, wobetumi ahwɛ yare afoforo te sɛ abscess nso ahwɛ.

Wɔ aman a wɔanya wɔn ho mu no, nnipa bɛyɛ ɔha mu nkyekyem biako kosi abien nya nyarewa wɔ wɔn awode mu wɔ awo akyi. Eyi kɔ soro kodu ɔha mu nkyekyem anum kosi dumiɛnsa wɔ wɔn a wɔbrɛe wɔ awo mu, na ɛkɔ kodu ɔha mu nkyekyem aduonum wɔ wɔn a wɔyɛɛ wɔn C-section no bere a wɔmfaa nnuru ɛ no. Wɔ afe 2013 mu no, nyarewa yi maa nnipa mpem aduonu anan hweree wɔn nkwa, nea ennu afe 1990 de a ɛyɛ mpem aduasa anan no. Yare yi ho nkyerɛkyerɛmu a wodii kan de mae no yɛ bɛyɛ afeha a ɛto so anum A.Y.B.(B.C.E.) wɔ Hippocrates nkyerɛwee mu. Nyarewa yi maa nnipa pii hweree wɔn nkwa wɔ awo bere mu fi bɛyɛ afeha a ɛto so dunwɔtwe mu de besi 1930 mfe no mu bere a wofii ase de nnuru a ɛko tia mmoawa di dwuma no. Wɔ afe 1847, wɔ Austria no Ignaz Semmelweiss bere a na ɔyɛ nsa hohoro a ɔde chlorine di dwuma no, ɔtee owu a na efi yare yi mu ba fi bɛyɛ ɔha mu nkyekyem aduonu kosi abien pɛ.




#Article 34: Awo ano a wosiw (680 words)


Awo ano a wosiw, a wɔsan frɛ no contraception ne awo ho anohyeto, yɛ akwan anaa nnwinnade a wɔde siw nyinsɛn kwan. Awo anosiw a wɔyɛ ho nhyehyɛe, wɔma ɛwɔ hɔ na wɔde di dwuma yɛ nea wɔfrɛ no abusua kɛse ho nhyehyɛe. Wɔde akwan a wɔfa so siw awo ano adi dwuma fi tete, nanso akwan a wɔfa so yɛ no kwan pa so bae wɔ afeha a ɛto so aduonu mu. Aman binom de anohyeto ma anaa wɔnnhyɛ awo anosiw ho nkuran esiane sɛ wɔte nka sɛ enye wɔ abrabɔ, ɔsom anaa amammui mu nti.

Akwan a etu mpɔn a wɔfa so siw awo ano ne abawo tumi a wɔsɛe denam oprehyen wɔ mmarima mu ne awotwaa no fa bi a wɔkyekyere wɔ mmea mu,adwinnade a wɔde hyɛ awotwaa mu IUD, ne adwinnade a wɔde hyɛ nipaduam siw awo ano. Nea wɔyɛ wɔ eyi akyi yɛ akwan a wɔde nipaduam nnuru di dwuma a ebi ne topae a wɔnom, akwan, ɔbea ase kawa, ne mpaane. Akwan a entu mpɔn pii bi ne awode mu nsu a wosiw ano te sɛ kɔndɔm, diaphragm ahorow ne sapɔw ahorow a wɔde siw awo ano ne abawo ho nkyerɛkyerɛ. Akwan a entu mpɔn koraa bi ne aduru a ekum barima ho nsu ne awode a woyi fi ɔfoforo de mua barima no yɛ ansa nane ho aba. Ɛwom sɛ awo tumi a wɔsɛe tu mpɔn de nanso sɛ obi yɛ a, ɔrentumi nsan nkɔ dedaw mu bio; wɔ akwan ahorow a aka mu no, obi betumi asan akɔ ne dedaw mu ntɛm ara. Nna mu bammɔ, te sɛ nea wɔde barima anaa mmea kɔndɔm di dwuma nso betumi asiw nna mu yare ano. Awo a wosiw ano wɔ nna akyi betumi asiw awo ano nnafua kakra wɔ nna akyi. Ebinom bu nna mu ayɔnkofa a wonnya sɛ ɔkwan a wɔde siw awo ano, nanso ɛno nkutoo ho nkyerɛkyerɛ betumi ama mperewa nyinsɛn akɔ soro bere a wɔkyerɛkyerɛ ɛno nkutoo a wɔmfa awo anosiw nnuru biara nnka ho no.

Wɔ mmabun a wonnii mfe aduonu mu no, wɔn nyinsɛn nta mmfa nsunsuanso papa mma. Nna ho nkyerɛkyerɛ a ɛkɔ akyiri ne awo anosiw ho nnuru a wɔde ma brɛ nyinsɛn a wɔmpɛ ase wɔ mmabun yi mu. Ɛwom sɛ mmabun tumi de awo anosiw kwan biara adi dwuma de nansonea ɛbɛyɛ adwuma akyɛ a obi betumi asan akɔ dedaw mu te sɛ nea wɔde hyɛ nipaduam, IUD, anaa ɔbea ase kawa yɛ nea edi dwuma yiye de te mperewanyinsɛn so. Bere a ɔbea awo akyi no, sɛ ɛnyɛ nufusu nkutoo na ɔde ma akokoaa no a, obetumi asan anyinsɛn wɔ nnawɔtwe anan kosi asia ntam. Awo anosiw akwan bi wɔ hɔ a wobetumi afi ase wɔ awo akyi pɛɛ, bere a afoforo de ebehia sɛ wɔtwentwɛn so kakra bɛyɛ bosome asia akyi. Wɔ mmea a wɔma nufusu fam no, progestin nkutoo akwan yɛ nea wɔpɛ sen atopae a wɔnom de siw awo ano. Wɔ mmea a wɔadu bra twa mu no, wɔhyɛ nyansa sɛ wɔbɛkɔ so asiw awo ano afe biako bere a wɔatwa bra no akyi.

Mmea bɛyɛ ɔpepem ahanu aduonu abien a wɔmpɛ sɛ wɔfa afuru a wɔwɔ aman a wonni bi yɛ nea wɔmfa akwan a aba so nsiw awo ano. Awo anosiw wɔ aman a wonni bi mu abrɛ nkwa a wɔhwere wɔ awo mu anaa awo akyi bɛyɛ ɔha mu nkyekyem aduanan(bɛyɛ nnipa mpem ahanu aduosɔn a anka wɔbɛhwere wɔn nkwa) na ebesiw ano ɔha mu nkyekyem aduosɔn sɛ wotumi de awo anosiw akwan no ma sɛnea ɛsɛ a. Denam awo ntam a wɔma emu twe no, awo anosiw betumi ama mmea awo ayɛ nea ɔhaw nnim na ɛma wɔn mma nso tena nkwa mu. Wɔ aman a wonni bi mu no, mmea akatua agyapade,wɔn mu duru, ne wɔn mma sukuukɔ ne wɔn akwanhosan nyinaa yɛ nea anya nkɔanim esiane awo anosiw a wɔyɛ nti. Awo anosiw ma nkɔso wɔ sikasɛm mu esiane sɛ wonni mma pii a wɔbɛhwɛ wɔn na mmea pii tumi de wɔn ho hyɛ nnwuma mu, na wɔde nneɛma di dwuma kwan pa so.




#Article 35: Abawo (490 words)


Abawo, a wɔsan frɛ no awokyem ne awo, yɛ awiei a wɔde ba nyinsɛn mu a nkokoaa biako anaa nea ɛboro saa fi awotwaa mu. Wɔ afe 2015 mu no, wɔwoo nkokoaa ɔpepem ɔha aduasa anum wiase nyinaa. Wɔwoo bɛyɛ ɔpepem dunum ansa na nnawɔtwe aduasa asɔn soe,na efi ɔha mu nkyekyem abiɛsa kosi dumien nso na wɔwoo wɔn wɔ nnawɔtwe aduanan abien akyi. Wɔ aman a wɔanya wɔn ho mu no, wogye awo dodow no ara wɔ ayaresabeabere a wɔ aman a wonni bi mu no, wogye awo dodow no ara wɔ fie wɔ awo mu aboafo hwɛ ase.

Ɔkwan a ebu so a wɔfa so wo mma ne awo a ɛfa ɔbea ase no. Tebea ahorow abiesa na ɛwɔ eyi mu:ɛyɛ tiaa ne ase a emu bue, akokoaa no san, afei na wɔawo ba no na akyiri yiawo akyi ahoma nso apue aba. Tebea a edi kan no gye nnɔnhwerew dumien kosi dunkrɔn, nea edi hɔ gye simma aduonu kosi nnɔnhwerew abien, na nea etwa to no nso gye simma anum kosi aduasa. Ɔfa a edi kan no taa de ɛyaw ba ɔbea no ase anaa n’akyi a egye anibu aduasa na ɛba simma du kosi aduasa biara. Bere rekɔ so no, ɛyaw no mu yɛ den na ɛba ntɛmntɛm nso. Wɔ ɔfa a ɛto so abien no mu no, n’ase betumi amia. Wɔ nea ɛto so abiesa mu no ahoma a ɛso akokoaa no mu a wɔbɛkyekyere yɛ nea wɔhyɛ ho nkuran mpɛn pii. Akwan ahorow wɔ hɔ a ɛbɛboa ama ɛyaw abrɛ ase te sɛ da a ɔbɛda hɔ nnuru, ne nea wɔde to n’akyi.

Mpɛn pii no, nkokoaa no ti na edi kan ba; nanso wɔ bɛyɛ ɔha mu nkyekyem anan mu no, wɔn nan anaa wɔn to di kan ba, a wɔfrɛ no awodan. Mpɛn pii wɔ awo mu no, ɔbea no tumi didi na otumi di akɔneaba, wɔnhyɛ nkuran sɛ obepia wɔ ɔfa a edi kan no mu anaa bere a akokoaa no ti apue no, na wɔnhyɛ sa a wɔsa ho nkuran. Ɛwom sɛ twa a wotwaɔbea ase, a wɔfrɛ no episiotomy, abu so de, nanso ɛho nhia mpɛn pii Wɔ afe 2012 mu no, wɔnam oprehyen so gyee nkokoaa ɔpepem aduonu abiesa, a wɔfrɛ eyi Caesarean section. Wobetumi ahyɛ Caesarean section ho nkuran ama ntaafo, sɛ wohu sɛ akokoaa no ahaw, anaa awo a ɛredan. Wɔ ɔkwan yi mu no, ebetumi agye bere tenten ansa na obi ho atɔ no.

Afe biara no, nyinsɛn ne awo mu haw ahorow de mmaatan a wɔhwere wɔn nkwa, mpem ahanum ba, wɔn mu ɔpepem asɔn nya ɔhaw ahorow a egye bere tenten, na ɔpepem aduonum nso nya akwahosan ho haw wɔ awo akyi. Eyinom dodow no ara sisi wɔ aman a wonni bimu. Awo akyi ɔhaw no bi ne awo a biribi si no kwan,awo akyi mogyatu,asehwe, ne awo akyi nyarewa. Ɔhaw a etumi ba akokoaa no so bi ne ɔhome papa a wonnya.

 




#Article 36: Nyinsɛn a wɔhyɛ da yi (557 words)


Nyinsɛntogu yɛ nea wɔhyɛ da yi nyinsɛn denam yi a wɔhyɛ da yi mogyatɔw anaa akokoaa fi awotwaa mu  a ɔrenyin ansa na watumi ɛno ara betumi atena ase. Nyinsɛn ankasa nso tumi sɛe, na mpɛn pii no wɔka eyi ho asɛm sɛ nyinsɛn a asɛe. Wobetumi nso ahyɛ da ayi agu, na wɔfrɛ eyi nyinsɛntogu. Asɛmfua nyinsɛntogu mpɛn pii no kyerɛ nyinsɛn a wɔhyɛ da yi gu wɔ nnipa mu. Biribi a ɛte saa a wɔyɛ bere a mogyatɔw no ankasa betumi anyin ayɛ nnipa no, wɔfrɛ no wɔ aduruyɛ mu nyinsɛn a wɔayi no akyiri.

Wɔ nnansa yi aduruyɛ mu no, wɔde nnuru a wɔfa anaa oprehyen so na eyi nyinsɛn gu. Nnuru abien yi-mifepristonene prostaglandinyɛ adwuma yiye wɔ eyi mu te sɛ oprehyen a wɔyɛ wɔ bosome abiesa a edi kan no mu. Ɛwom sɛ wobetumi de nnuru adi dwuma wɔbosome abiesa a ɛtɔ so abien mu de,nanso ɛte sɛ nea oprehyen mmom ntaa mmfa asɛm mma. Aduru a wɔde siw awo ano, a nea ɛka ho ne aduru a ɛyɛ topae ne adwinnade a wɔde hyɛ awotwaa muyɛ nea wobetumi afi ase ntɛm pa ara wɔ nyinsɛntogu no akyi. Nyinsɛntogu wɔ aman a wɔanya wɔn ho mu yɛ nea abakɔsɛm kyerɛ sɛ ka aduruyɛ mu nnwuma a bammɔ wom ho bere a wɔma ho kwan wɔ mmara a ɛwɔ ɔman no mu. Nyinsɛn a woyi no kwan pa so ntaa mmfa adwenemyare anaa nipaduam haw biara mma. Wiase Akwanhosan Ahyehyɛdehyɛ nyansa sɛ ɛsɛ sɛ mmea a wɔwɔ wiase nyinaa nya hokwan koro ara yi a bammɔ wom na mmara ma kwan. Nyinsɛn a wonnyi no kwan pa soma mmea bɛyɛ mpem aduanan nsɔn mmaatan a wɔhwere wɔn nkwana ɛma wɔde mmea ɔpepem anum nso kɔ ayaresabea afe biara.

Nyinsɛn ahorow bɛyɛ ɔpepem aduanan anan na woyi gu wɔ wiase nyinaa afe biara, a bɛyɛ emu fa na wɔnnyɛ no kwan pa so. Nyinsɛntogu ahorow a akɔ so nsesae ahe biara fi afe 2003 kosi afe 2008 mu, bere a akɔ fam wɔ mfe dudu mu bere a ntetee a ɛfa sɛnea wɔte abusua dodow sone awo a wosiw anoanya nkɔanim no wiase nyinaa mmea ɔha mu nkyekyem aduanan nyaa hokwan yii nyinsɛn gui a wɔansiw wɔn kwan. Nanso yɛwɔ anohyeto fa bosome dodow a nyinsɛn bi bedi ansa na wobetumi ayi agu.

Nyinsɛn a wɔhyɛ da yi gu kura abakɔsɛm. Wɔafa akwan ahorow so ayɛ eyi, a nea ɛka ho ne ahabannuru, nnwinnade a wɔde twitwa ade, nyinsɛn no a wɔde nsa keka, ne afoforompɔtam hɔ akwan ahorow fi tete. nyinsɛntogu ho mmara, mpɛn dodow a wɔyɛ no ne amammere ne ɔsom a ɛbata ho gu ahorow wɔ wiase afa ahorow. Wɔ akwan bi so no, mmara ma nyinsɛntogu ho kwan bere a nneɛma bi asisi te sɛ abusuafo ntam nna, mmonaato, ɔhaw bi a ɛwɔ mogyatɔw no ho, sikasɛm anaa maame no akwanhosan. Wɔ wiase afa horow mu no ɔmanfo mu akasakasa de fa ɔbrapa, wɔma kwan, ne sɛ ebia mmara ma nyinsɛntogu ho kwan anaa. Wɔn a wɔsɔre tia nyinsɛntogu kyerɛ sɛ mogyatɔw a ɛwɔ awotwaa mu yɛ nnipa a ɔwɔ hokwan sɛ ɔtena asena yebetumi de nyinsɛntogu atoto awudiho. Wɔn a wɔtaa nyinsɛntogu akyi nyinsɛntogu hokwan si so dua hokwan a ɔbea wɔ sɛ osi gyinae fa n'ankasa nipadua hoa wɔsan si so dua sɛ hokwan a nnipa wɔmpɛn pii.




#Article 37: Nyinsɛn (542 words)


Nyinsɛn, a wɔsan frɛ nogravidityanaagestation, yɛ bere ammabiako anaa nea ɛboro saa nyin wɔɔbeamu. Nea ɛwɔnyinsɛn dodowmu ne mma a wɔboro biako, te sɛntaafode no. Nyinsɛn betumi afiɔbarima ne ɔbea nnamu anaanyinsɛn a wɔnam mfiridwuma so yɛ mu. Mpɛn pii no egye bɛyɛ nnawɔtwe aduanan bosomedu fi da a etwa to wɔ brayɛ mu(LMP) na ɛkowieawomu. Eyi yɛ bɛyɛ nnawɔtwe aduasa awotwe fi bere anyinsɛn fi aseno mu.
Wɔtaa kyɛ nyinsɛn mu abiɛsa, a ɔfa biara yɛ bosome abiɛsa. bosome abiɛsa a edi kanno fi nnawɔtwe a edi kan kosi nea ɛto so dumien na bere a afi ase ka ho. Wɔ nyinsɛn mfiase no mu nonkesua a barima nkwammoa awura mutwa kwan fafallopian durubɛnno mu na ɛde ne ho kɔfamawotwaano mu, beae a enyin yɛ mogyatɔw nefurumano. Bosome abiɛsa a edi kan no mu na mpɛn pii no wohu sɛmogyatɔw no asɛe(mogyatɔw no awu). Bosome abiɛsa a ɛto so abien no fi nnawɔtwe a ɛto so dumiɛnsa kosi aduonu awotwe. Wɔ bosome abiɛsa a ɛto so abien no mfinimfini mu no, ebia wɔbɛte akokoaa no nka. Wɔ nnawɔtwe aduonu awotwe mu no, nkokoaa no mu bɛboro ɔha mu nkyekyem aduokrɔntumi tena nkwa mu a wonni awotwaa musɛ wɔhwɛ wɔn so yiye a. Bosome abiɛsa a ɛto so abiɛsa no fi nnawɔtwe aduonu akrɔn kori aduanan.

Nyinsɛn mu ayarehwɛboa ma nyinsɛn no kɔ yiye. Nea ɛtaa ka eyi ho ne sɛ wɔbɛfafolic acid, agyae nnubɔnenom ne nsanom, atenetene apɔw mu, mogya mu hwehwɛ, ne nipadua mu nhwehwɛmua wɔbɛyɛ bere nyinaa. Nyinsɛn mu hawno bi nenyinsɛn mu mogya mmoroso,nyinsɛn mu asikyereyare,mogya a akɔ fam, neɛfe ne nea ɛte saa a ano yɛ denne afoforo. Nyinsɛn bere yɛ nnawɔtwe aduasa asɔn kosi aduanan biako, nea ɛba ntɛm yɛ nnawɔtwe aduasa asɔn kosi aduasa awotwe, nea ɛyɛ ne bere mu yɛ nnawɔtwe aduasa akrɔn kosi aduanan, na nea ɛmma ntɛm yɛ nnawɔtwe aduanan biako. Wɔ nnawɔtwe aduanan biako akyi, wɔfrɛ no nyinsɛn a akyɛ. Wɔfrɛ nkokoaa a wɔwo wɔn ansa na nnawɔtwe aduasa asɔn adu nonea ne bere nsoena wobetumi anya yare ahorow bi te sɛcerebral palsy. Wɔnnhyɛ nyansa sɛ wobefiawo gyease denamawo ankasaanaacaesarean sectionso ansa na nnawɔtwe aduasa akrɔn adu gye sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ esiane biribi nti.

Wɔ afe 2012 mu no, nyinsɛn ahorow ɔpepem ahanu ne dumiɛnsa na esii a na emu ɔpepem ɔha aduokrɔn sii wɔaman a wonni bimu na ɔpepem aduonu abiɛsa nso sii wɔ aman a wɔanya wɔn ho mu. Eyi yɛ bɛyɛ nyinsɛn ahorow ɔha aduasa abiɛsa wɔ mmea apem biara mu a wɔn mfe yɛ dunum kosi aduanan anan. Nyinsɛn a wonim bɛyɛ ɔha mu nkyekyem du kosi dunum na ɛsɛe. Wɔ afe 2013 mu no, nyinsɛn mu haw maa nnipa mpem ahanu aduokrɔn abiɛsa hweree wɔn nkwa, na eyi aba fam fi mpem ahasa aduosɔn asɔn wɔ afe 1990 mu. Nea ɛtaa de ba no bi nemogyatu wɔ mmaatan mu, ɔhaw a efinyinsɛntogu, nyinsɛn mu mogyammorosontini mu a ahyɛ nsu, neawo a ne kwan asi. Wɔ wiase nyinaa no, nyinsɛn ahorow ɔha mu nkyekyem aduanan na ɛyɛwɔnhyehyɛ. Nyinsɛn a wɔnnhwɛ kwan mu fa nayi gu. Ɛdefa nyinsɛn a wɔnhwɛ kwan wɔ United States mu no, mmea no mu ɔha mu nkyekyem aduosia nawosiw awo kwanwɔ ɔkwan bi so wɔ bosome a nyinsɛn no bae no mu.




#Article 38: Ɔbea awode sɛe (479 words)


'Ɔbea awode sɛe 'FGM, a wɔsan frɛ no ɔbea awode twitwa ne ɔbea twetiatwa, sɛnea Wiase Akwanhosan Ahyehyɛde (WHO) kyerɛ “akwan ahorow nyinaa a wɔfa so yi ɔbea awode anim fa bi anaa anim nyinaa anaa biribi foforo a ɛte saa a wɔyɛ ɔbea awode bere a ɛnyɛ aduruyɛ anaa ayaresa nti na wɔreyɛ saa.” Wɔyɛ FGM sɛ amammere ade wɔmmusuakuw wɔ aman aduonu asɔn mu Sahara anafo ne Afrika Atifi apuei, ne Asia, Apuei Mfinimfini ne atukɔfo mu wɔ mmeae afoforo.  Mfe a obi bedi ansa na wɔayɛ no eyi gu ahorow, fi nna kakra wɔ awo akyi kosi bere a wafi bra ase; wɔ aman a wɔbɔ ho amaneɛ no, emu fa kyere sɛ emu dodow no ara na wɔde yɛ mmea a wonnii mfe anum.

Ɔkwan a wɔfa so yɛ eyi no gu ahorow, na egyina abusuakuw no so. Nea ɛka eyi ho ne yi a woyi(fa bi anaa ne nyinaa ɔbea awode ano ne awode ano nkataso awode no ano nyinaa anaa ne fa bi ne awode no anim; na nea ɛkɔ akyiri mu no infibulation ne nyinaa anaa ne fa bi ne awode anim ne n’ase a wɔkata ani. Wɔ ɔkwan a etwa to yi mu, a WHO frɛ no Type III FGM, wogya tokuru ketewa na ama ɔbea no atumi adwensɔ na wayɛ bra, na wobue n’ase tokuru no mu na ama ɔne barima atumi ahyia na wawo nso. Akwanhosan ho nsunsuanso gyina ɔkwan a wɔfaa so yɛe no so ebi ne nyarewa a ɛba bere ne bere mu, ɛyaw a ano yɛ den, kotoku a ahyɛ nsu, nyinsɛn a ɛmma, awo mu ɔhaw ahorow ne mogyatu.

Adeyɛ yi ase fi bɔbeasu ho nhwehwɛanim, mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛhyɛ mmea so, ne nsusuwii a ɛfa krɔnnyɛ, ahobrɛase ne hwɛbea. Mpɛn pii no mmea na wɔtaa yɛ, na wobu no sɛ ɛma nidi, na wosuro sɛ sɛ wɔamma wɔn mmabea ne wɔn nananom anyɛ a, ɛbɛma mmea no ahyia ankonamyɛ wɔ mpɔtam hɔ. Mmea bɛboro ɔpepem ɔha aduasa na wɔayɛ wɔn FGM yi bi wɔ aman aduonu akrɔn a ɛrekɔ so wom no mu. Nnipa bɛboro ɔpepem awotwe na wɔatwa wɔn twetia yi, na wohu eyi titiriw wɔ Djibouti, Eritrea, Somalia ne Sudan.

Wɔabara anaasɛ wɔde anohyeto ato FGM so wɔ aman a ɛrekɔ so wom pii mu, nanso mmara ahorow no nnyɛ adwuma. Amanaman abɔ mmɔden fi 1970 mfe no mu sɛ wɔbɛma nkurɔfo agyae adeyɛ yi, na wɔ afe 2012 mu no Amanaman Nkabom Nhyiam Kɛse, sii gyinae sɛ FGM yɛ obi fahodi a wɔsɔre tia. Ebinom kasa tia sɔre a wɔsɔre tia adeyɛ yi, ne titiriw nnipa abakɔsɛm animdefo.Eric Silverman kyerɛw sɛ FGM abɛyɛ asɛm titiriw a nnipa abakɔsɛm nhwehwɛmufo de wɔn adwene asi so, na ɛma nsɛntitiriw binom sɔre faamammere a egu ahorow, afoforo nneyɛe a wɔma ho kwan ne nnipa fahodi ho mmara a wɔma ɛfa obiara ho no.




#Article 39: Mary Grant (politician) (208 words)


Mary Grant (6 Ɔsanaa 1928 – 18 Ɛbɔ 2016), na ɔyɛ Ghanani oduruyɛfo ne amanyɔni. Na ɔyɛ Ghana 'Council of State' muni a odi kan ne Wesley Girls High School osuafo a ɔbɛyɛɛ oduruyɛfo a odi kan. Grant ne ɔbea a ɔtɔ so abiesa a yɛgyee no tom sɛ oduruyɛfo wɔ Susan Ofoti-Atta(1947) ne Matilda J. Clerk (1949) akyi. Na ɔyɛ Paa Grant a yɛfrɛɛ no Gold Coast amanyɔsɛm mu agya no busuani.. 

Mary Grant nyaa ntoaso sukuu ho nimdeɛ wɔ Wesley Girls High School a ɛwɔ  Cape Coast na ɔtoa so kɔɔ skuupɔn kɔsua aduruyɛ wɔ amanɔne United Kingdom.

Mary Grant fii amanyɔsɛm ase bere a yɛ paw no sɛ Secretary of Health wɔ 1985. Grant nyaa gyinabea ahorow pii a ebi ne Deputy Minister of Health and Member of the Provisional National Defense Council (PNDC). Akyiri no ɔbɛyɛɛ Minister of Education ne Culture ne afie nso Member of Council of State.  

Odii Ghana anamusifo wɔ amanɔne nhyiam ahorow te sɛ World Health Organisation(WHO) General Assemblies wɔ Geneva ne Ɔmantam Nhyiam a ɛwɔ Africa, World Bank Nhyiam a ɛfa Africa Apowmuden ho, Cairo Nhyiam a ɛfa  Population and Development ho ne Beijing Nhyiam a ɛfa Women Rights ho.

Grant nyaa abasobɔde bre a wɔyɛɛ Maiden Women's Award. 




#Article 40: Margaret Sarfo (241 words)


Margaret Sarfo (a yɛ frɛ no Peggy Oppong, née Odame; 26 Ɔpɛpɔn 1957 – 8 Kotonimma 2014) yɛ Ghana ni nwoma twerɛfo ne Nsɛmtwerɛfo. Ɔyɛ adwuma wɔ Graphic Communications Group Limited ɛsɔre  bɛyɛ koowaa krataa mu samufo ɛma The Mirror.

Opanyin Daniel Odame ne ne yere wo Margaret Sarfo  afe 1957, ɛwɔ Mpraeso, Kwahu, a ɛwɔ Ghana anaafo mu. Magaret Sarfo ɛkɔ sukuu wɔ   Adabraka, Accra, ɔwie yɛ no ɔtoa ne sukuu so wɔ  Okuapeman Secondary School, Akropong, ɛhɔ na onya  ne General Certificate of Education (GCE), Ordinary ne Advanced levels.
Ɔsan nso toa ne  sukuu so wɔ  University of Ghana ɛwɔ afe 1979,ɔwie sukuu no gye na bordin krataa wɔ BA (Hons) wɔ brɔfo kasaa ne Russia kasaa mu. Ɔde afe baako sua ade wɔ Russia no, ɔsan nso ba University of Ghana ɛbɛ wie sukuu no gye na bordin krataa wɔ ne Diploma ne MPhil degrees wɔ nipa ho nkitahodie adesua.

Ɔware  Mr. Kojo Safo akyire a ɔhyia no wɔ mmerɛ ana ɔkɔ sukuu wɔ University of Ghana na ɔtoa ne kunu no so wɔ Alataman mu wɔ afe 1982; ɛhɔ na ɔhyɛ ase sɛ ɔrekyerɛ brofo kasa no ase ɛwɔ Methodist Comprehensive High School a ewɔ Ekiti State. Ɔmo san nso ba ɔman Ghana mu  afe mmiɛnsa.

Safo ɛwu wɔ 37 Military Hospital ɛda a ɛtoso Kotonimma 8, 2014. Wɔn ɛdeda no wɔ Osu Cemetery ɛda Memeneda, Ayɛwohomumɔ 28. Ɔde n'akyi ɛgya ne kunu ne ne mma  ɛnan.




#Article 41: Kwaisey Pee (238 words)


Kwasi Poku Addae, yɛ Ghana nnwontofo a wonim no wɔ nnwomto mu sɛ Kwaisey Pee.Wonim no sɛ obi a ɔbɔ Highlife nwom a ne nne nso yɛ dɛ, afei nso ɔwɔ apaawa bɛyɛ sɛ anum. Wɔ afe 2007 mu no Ghana Music Awards bɔɔ n'abaso sɛ nnwomtofo a ne nne ne ne nnwomto yɛ dɛ paa.

Wɔwoo Kwaisey Pee to abusua a wɔto nnwom mu, ne papa ne Agyaaku a ɔka Yamoah ne Sunsum nnwomtofo kuw ho. Ne papa nua ba ne  na ne nua ankasa nso ne . Ɔkɔɔ sukuu wɔ Datus School Complex wɔ Tema, ankyɛ na ogyae kɔfaa nnwomto too ne ho so .

Ofii ne nnwomto ase bere a ɔkɔkaa ne papa nnwomtofo kuw ho na afei ogyae kɔkaa Nana Tuffour nnwomtofo kuw a wɔfrɛ wɔn sɛ Sikadwa no ho wɔ 1994 mu. Akyiri yi ɔkɔkaa nnwomtofo kuw foforo bi ho a wɔfrɛ wɔn sɛ Jewel Ackah and the Beautiful Six ho. Awiei koraa no ɔne ne papa kɔɔ London kɔdaa apaawa foforo a wɔato no din sɛ Nyame yɛ Ɔdɔ adi wɔ 1998 mu.Ɔwɔ apaawa anum a wɔato din sɛ Krokro Me, Akono Yaa, and Nyane Me, apaawa a nnwom 13 wom a nnwomtofo te sɛ Tic Tac, Kontihene, K K Fosu, Ofori Amponsah ne ne papa, Agyeiku nso ka ho.

Ogyae nnwomto kakraa na akyiri yi ɔsan bae bɛdaa nnwom fofora a ɔne Yaa Yaa yɛe, Mabre,  adi  wɔ Ɔpɛnimma 2018 mu.




#Article 42: Gifty Anti (323 words)


Gifty Anti, yɛ Ghanani nsɛmkyerɛfo ne TV so dwumadifo. Wɔ woo Gifty wɔ ɔpepon da ɛtɔ so 23, afe 1970. Gifty ne obi a ɔda TV so dwumadie bi ano a w’ato din Stand point a ɛpɛnspɛnsɛm nsɛm a ehia mma wɔ Ghana Telvision so.

Gifty ase fi Cape Coast a ɛwɔ mfinifin mantam mu a wɔ Ghana nanso, wɔ woo no tetee no wɔ Tema a ɛwɔ Nkran mantam mu. Esiane sɛ na efie nni bi nti, ɔde ne ho hyɛɛ nwuma bodwabodwa mu ma no kɔ baa sɛ ɔde ne ho kɔhyɛɛ dua dwofo adwuma mu sɛnea ne nsa bekɔ n’ano.

Gifty ye ɔbaa warefo a ne kunu din ne Nana Ansah Kwao IV a ɔyɛ Akwamu Adumasa hene. Gifty ne ne kunu woo ne ba a odi kan wɔ da a ɛtɔ so 11 wɔ bosome a ɛtɔ so nwɔtwe, afe 2017. Wɔn ba no din ne Nyame Anuonyam. Nani gyee paa sɛ Onyankopon ayɛ no adɔe ama no ba nwanwafo, esiane sɛ na ne mfe akɔ anim.

Gifty agye abasobode pii ne abodin ahorow. Suapɔn bi a wɔfrɛ no Accra Business School de abodin maa Gifty a wato din The Fellowship of the Boardroom Institute (FBI). Ne din foforo ne Oheneyere FBI Dr. Gifty Antie.

Gifty Antie hyɛɛ n’adesua ase wɔ sukuu bi wɔfrɛ no Number 1, a ɛwɔ Tema community 8. ɔtoaa so kɔɔ ntoaso sukuu wɔ Mfantsiman Girls secondary school. ɔde n’adesua no baa awieɛ wɔ nsɛmkyerɛwfo ntete sukuu a wɔfrɛ no Ghana institute of Journalism.

Adwuma a Gifty dii kan nyae ne sɛ, adwumakuo GTV faa no sɛ obi a ɔhwɛ fɔm so. Adwuma a ɛfa sini twa ne TV so dwumadie ho. Akyiri yi, ɔbɛyɛɛ TV so dwumadifo, obi ɔtete afoforo ne obi a ɔhwɛ mma yiyedie ho. Mprenpren deɛ, Gifty ne otitenani ma adwumakuo bi a wɔfrɛ no GDA concept a wɔn adwuma ne sɛ wɔyɛ TV so dwumadie a wɔfrɛ no Stand Point.




#Article 43: Otiko Afisa Djaba (496 words)


Otiko Afisa Djaba (n’awoda January 1962) yɛ amanyɔni a ofiri Ghana. ɔwɔ mmofra miensa a wɔn mu baako yɛ ɔbarima, na mienu a aka no yɛ mmea. ɔyɛ kan mmaa anoboaboafo ma amanyɔkuo New Patrotic Party. Na oyɛ ɔsoafo a ɔhwɛ mmea, mmɔfra ne ahobammɔ so.

Wɔ woo Djaba wɔ ɔpepɔn da a ɛtɔ so 21, afe 1962 wɔ koforidua, a ɛwɔ apuei fam wɔ Ghana. N’awofo din de Henry Kojo Djaba ne Rosalinda Sheita Bawa. Djaba tɔ so mienu wɔ mmɔfra 21 ntam.

Djaba kɔɔ ntoaso sukuu wɔ Tamale (wɔ frɛ no Tamale Senior High). Bre a owie Suapɔn sukuu wɔ amanoni United Kingdom no, onyaa abodin krataa a ene Diploma. Djaba wɔ nimbdee fa komputa ho nneama, osua fii United Kingdom ntoaso sukuu.

Wɔ afe 2008 mu no, Djaba kɔ gyinaa wɔ NPP Amanyɔkuo ananmu sɛ wɔnto ne so aba na w'atumi abɛyɛ mmarahyɛ beguani nanso, odii nkuguo maa John Dramani Mahama dii nkunim wɔ Bole Bamboi abatuɔ mpesuaso. Nkuguo no akyi no, Djaba bɛyɛɛ mmea anoboaboafo maa Amanyɔkuo New Patriotic Party. Wɔ faa no sɛ ɔsoafo a ɔhwe a mmea, mmɔfra ne ahobammɔ so wɔ 2017. Wɔ August 2018 mu no, wɔyii ne se ɔmanpanyin ananmusifo wɔ Italy, Nanso w’angye penee.

Mmarahyɛ beguakuo dɔm kumaa tew atua fi mmarahyɛ begua no mu bre a ɛbae sɛ wɔbɛgye Djaba atom sɛ ɔsoafo a ɔhwɛ mmea ne mmofra ahobammɔ so. Na mmarahyɛ beguakuo dɔm kumaa no asɛm ne sɛ, wonnyenni sɛ Djaba betumi ahwɛ Ghana mmɔfra ne mmea so yiyie ɛsiane ne suban, nneyɛ ne nsɛm bi ɔkeka no nti. Ansa abatoɔ bɛba so wɔ Ghana man mu wɔ afe 2016 no, Djaba frɛɛ ne kurom Gonja manfoɔ sɛ, wɔnto aba ntia John Mahama esiane ne sɛ,ɔgye di sɛ John Mahama anyɛ hwɛɛ amma Konjafoɔ, na afei ɔyɛ obi a ne tirim yɛ den.

ɔde ne nan si fɔm sɛ ɔne obibira nni kyewpa ho nhyehyei, ma no kɔɔ so kekaa saa nsɛm no faa kan mampanyin John Dramni Mahama ho. Mmarahyɛ beguakuo dɔm kumaa de soboɔ mienu bɔɔ Djaba biom. Nea edi kan ne sɛ w’ato Ghana mmara ɛyɛ The Ghana National Service Scheme Act 426 section 7. Saa mmara no ka sɛ, ɛsɛ sɛ osuani biara a w’awie suapɔn sukuu som ɔman no afe baako ansa na w’atumi asom sɛ ɔsoafo. Nea ɛto so mienu ne sɛ, Djaba de soboɔ bɔɔ kan Abatoɔ so hwɔfo kuo ti tenani Charlotte Osei so sɛ one John Dramani Mahama nyaa nna mu nkitodi, ɛno nti na wɔyɛɛ no ‘Electra komisan’ ti tenani.

ɛmfa ho sɛ Mmarahyɛ beguakuo dɔm kumaa te atua no, wɔ too aba wɔ mmarahyɛ begua mu maa Djaba nyaa mma no mu 152, a egyina hɔ ma 50% ne nea eboro saa ma no bɛyɛɛ ɔsoafo.

ɛmfa ho sɛ Mmarahyɛ beguakuo dɔm kumaa te atua no, wɔ too aba wɔ mmarahye begua mu maa Djaba nyaa mma no mu 152, a egyina hɔ ma 50% ne nea eboro saa ma no beyee ɔsoafo




#Article 44: Kojo Oppong Nkrumah (461 words)


Kojo Oppong Nkrumah ( Nawoda ne Oforisuo da etɔ  so 5, afe 1982) yɛ Ghanani amanyɔni  ne mmaranimfoɔ . ɔyɛ  mmarahyɛ beguani a ogyina hɔ  ma Ofoase-Ayirebi abatoɔ  mpesua so

Wɔ woo Kojo oppong Nkrumah wɔ koforidua a ɛwɔ apuei fam wɔ Ghana. Nawofo ne Kwame Oppong Nkrumah ne Felicia Oppong Nkrumah. Na ne maame yɛ ɔkyerɛkyerɛfo na   na ne papa nso kyerɛ ade nanso, akyire ogyae ade kyerɛ kɔyɛɛ adwuma wɔ sika korabea. 

Kojo hyɛɛ ne sukuu ase wɔ St. Brrnadette Soubirous a ɛwɔ Dansoma na ɔtoa so koo ntoaso sukuu wɔ Pope John Senior High  School and Minor Seminary a ɛwɔ Koforidua. Kojo toa n'adesua no so kɔɔ sukuupɔn  wɔ Cape Suapɔn no mu ma no gyee abodin krataa.

Wɔ afe 2012 mu no, Kojo wie Suapɔn a ɛwɔ Nkran mantan mu; University of Ghana ma no nyaa abodin krataa wɔ edwadie ho nsem mu.

Wɔ afe 2014 mu no,  Kojo san nyaa abodin krataa a ɛfa mmaranim ho, a ɛyɛ (LLB) fi suapon a ne din Gimpa hɔ. Mfie mienu na ɔde suaa ade de gyee saa abodin krataa no.

Wɔ mfie 2016 mu, asemdibea kunini a ɛwɔ ɔman Ghana mu de abodin krataa maa Kojo se Ghana  mmaranimfo

Kojo hyɛɛ n’adwumayɛ ase wɔ  adwumakuo bi a ne din de British American Tobaco wɔ  afe 2006 mu. Na saa adwumakuo yɛ tawa ho nnwuma. Ofii hɔ  kɔɔ  Joy Fm, kɔyɛɛ adwuma sɛ nsɛm kyerɔ wfo ma wɔ  faa no sɛ otitenani ma wɔn  anɔpa dwumadie, bere a nea na  odi saa dwumdie  a ne din de Komla Dumor afiri hɔ  no. wɔ  afe 2014 mu no, Kojo de ne dwumadie no too hɔ  na obue ɔnoa nadwumakuo a wɔ  frɔ  no West Brown Stone Capital.

Wɔ  afe 2016 mu no, na wahyɛ ase yɛ adwuma sɛ mmaranimfoɔ  wɔ   mmarahye adwumakuo a wɔ  fre no Kulendi, Attefuah and Amponsah.

Wɔ afe 2015 mu no, Kojo Oppong Nkruma kogyinae wɔ NPP din mu sɛ wɔnto ne so aba, na watumi abɛyɛ mmarahyɛ beguafo a ogyina hɔ ma Ofoase-Ayirebi abatoɔ mpesua so wɔ Ghana . Odii nkunim wɔ 2016 abatuoɔ no mu . Sesei, ɔresom sɛ ɔsoafo a ɔhwɛ amaniebɔ so wɔ Ghana. ɔyɛ kasamafo ma aban no wɔ sikasem ho amaneɛbɔ  ho. ɔka ekuo bi a ɛwɔ mmarahye begua mu a wɔhwɛ sikasɛm ho ntotoe ho. 

Wɔ afe 2015 mu no, Kojo Oppong Nkruma kɔgyinae wɔ NPP din mu sɛ wɔnto ne so aba, na watumi abɛyɛ mmarahyɛ beguafo a ogina hɔ ma Ofoase-Ayirebi abatoɔ mpesua so wɔ Ghana . Odii nkunim wɔ 2016 abatoɔ no mu . Sesei, ɔresom sɛ ɔsoafo a ɔhwɛ amaniebɔ so wo Ghana.ɔyɛ kasamafo ma aban no wɔ sikasem ho amaneɛbɔ ho. ɔka ekuo bi a ɛwɔ mmarahyɛ begua mu a wɔhwɛ sikasem  ntotoe ho.  




#Article 45: Akua Donkor (512 words)


Aku Donko (Nawoda yɛ 1952) yɛ Ghana amanyoni a ɔye Ghana Fredom Party (GFP) no hyehyɛfo.

Wɔ woo Donkor wɔ bosome a ɛtɔ mienu no mu wɔ afe 1952 mu. Ofirir Afigya Kwabre abatoɔ mpesuaso a ɛwɔ Asante mantam wɔ Ghana. Akua Donkor yɛ Okuafo. Wonim Donkor sɛ obi a onni nimdeɛ wɔ sukuu ko mu.

Wɔ too aba yii Awura Donkor sɛ Herman no assembly no ananmusifo. Eyi yɛ anamɔn a edi kan a ɛbeboa no ama no atumi adu boatae a esi n’ani so sɛ ɔbɛyɛ Ghana manpanyin daakye. Ɔhyɛɛ n’anisoade no mu kina wɔ afe 2012 mu, bere a ɔde nkrataa kogyaa abatoɔ so hwɛfo sɛ ɔpɛ sɛ ogyina kwantenkorɔ ma wɔ to aba yi no sɛ Ghana manpanyin. Abatoɔ so hwɛfo no ampene ne nkrata no so. Nanso Akua Donko ne wɔn annyɛ adwen wɔ saa nsɛm no ho. Amanyɔkuo Ghana Freedom Party (GFP) a ne hyehyɛfo ne Akua Donkor no ti wɔ Kabu a ewɔ apuei mantam mu wɔ Ghana. Da ɛtɔ so 22 wɔ bosome a edikan no mu, mfe 2016 no, Ogya tɔɔ Akua amanyɔkuo no ti a ɛwɔ Kabu no mu, nanso eyi ammu n’abam wɔ botae a ɔde asi n’ani so no.

Sesei, Akua Donkor de nhyehyɛi regu akwan mu na ama watumi abuei amanyɔkuo no ti wɔ amantan 2016 a ɛwɔ Ghana no nyinaa mu.

Sɛ wɔ to aba ma ɔbeye ɔmanpanyin a, Akua Donkor hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛma adesua firi mmɔfrase kɔ si ntoaso sukuu nyinaa ayɛ kwa a sika tua biara mma mu. Akua Donkor san nso hyɛɛ bɔ sɛ, ɛyɛ ade a ɔbɛma toɔ a wotua wɔ nneɛma a wɔkra firi amanɔni no akɔ suro yiyie paa. Sɛ otumi bɛyɛ ɔmanpanyin a, ɔbɛbɔ ne ho mmɔden ayɛ nhyehɛi ama nnwumakuo a wontua toɔ bebree aba Tema mpɔtam. Okae sɛ, saa bɔhyɛ yi nyinaa betumi aba mu eisane sɛ ɔman Ghana wɔ agodeɛ pii te sɛ sika kɔkɔɔ, kokoo, nkuto ne nkyene. Fangoo a yɛkra firi amanɔne no yɛ ade a ntease nnim esiane sɛ Ghana yɛ ɔman a ɔtɔn fangoo wo amanɔne. Muammar Gaddifi a ɔyɛ amanyɔni a Akua suasua kaa sɛ, Ghana ne Lybia betumi de asi wɔ fangoo nnwuma mu.

Akua Donkor de adesrɛde too Ghanafo nyinaa anim sɛ, wɔmmɔ mmɔden nyi ɔbaa sɛ ɔmanpyin efisɛ mmaa wɔ nimdeɛ ne nyansa a ebutumi aboa ɔman no wɔ ne mpontunwuma ho.

Wo da a ɛto so du wo bosome a ɛto so du, 2016 mu no, Abotuo so hwɛkuo a ɛwo Ghana de too dwa sɛ, Akua Donkor ne afoforo 12 a wo pɛ sɛ wogyina ma wo to aba ma yi won sɛ omanpyin no yɛ ade a won nkrataasem nko yiyie, ne saa nti ɛnyɛ ade a wɔn betumi agyina wɔ abatoɔ a na ɛreba no mu. Ɔgye too mu sɛ ɛyɛ nokware sɛ ne nkrataa a ɔhyehyɛɛ no yɛ ade a ankɔ yiyie. Ɔhyɛɛ n'akyidifo nkuran sɛ wɔnka wɔn koma nto wɔn yem esiane sɛ ɛyɛ ade a ɔde ntotoe reto akwan mu sɛnea bebiara bɛkɔ yiyie wɔ afe 2020 abatoɔ no mu ama won.




#Article 46: Mubarak Mohammed Muntaka (210 words)


Alhaji Mohammed Muntaka  yɛ mmarahyɛ beguani a ogyina hɔ ma Asawasefo wɔ Asante Mantam wɔ Ghana. ɔyɛ Kane soafo a ɔhwɛ Mmabun ne Agodie asoeɛ so wɔ  Ghana aban mu.

Wɔwoo Muntaka wɔ Akuse  a ɛwɔ Apuei Mantan mu wɔ Ghana. Nawofo fi Kumbungu, kurow bi a ɛwɔ Atifi mantam mu wɔ Ghana. oyɛ kane ɔkyerɛkyerɛfo. 

Muntaka dii kan wuraa Ghana Mmarahyɛ begua mu wɔ amanyɔkuo  din mu wɔ afe 2005 bre a odii nkonim wɔ abatoo a wɔto di yii owufo okunini Gibrine ananmusifo  wɔ  Asawase. Muntaka nyaa mma no mu 11,142, na nea obedii n'adeɛ a ɔno nso gyinaa wɔ amanyokuo NDC din mo no  de mma no mu 4,474 na edii nkonim wɔ afe 2004. Adwumakuo bi a wɔhwɛ abatoɔ so a wɔn din de The Ghana Center for Democratic Development de too dwa sɛ, abatoɔ no yɛ ade a emu da hɔ fan nanso, na ehu wɔ mu. Odii nkonim wɔ a aba wɔtoo no bosome a etwa toɔ, afe 2008 mu ma no bɛyɛɛ mmarahyɛ beguani. ɔsan nso dii nkonim wɔ afe 2012 abatoo no mu.  Alhaji Mubarak bɛyɛɛ mmarahyɛ bagua no mu mpanyinfo no mu baako wɔ  amanbuo no mu. ɔyɛ Kane soafo a ɔhwɛ Mmabun ne Agodie asoeɛ so wɔ  Ghana aban mu




#Article 47: Nkran Mantam mu (1034 words)


Nkran Mantam mu ne mantam a n'asase sua koraa wɔ Ghana mantam 16 no mu, ne tɛtrɛtɛ yɛ kilomita 3,245.ɛyi gyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 1.4 wɔ Ghana asase mu. ɛno ne Mantam a ɛto so meinu a emu nnipa dɔɔso yiyie a edi Asante mantam  akyi. Nnipa akenkan a ɛkɔɔ so wɔ afe 2010 mu no kyerɛ sɛ, emu nnipa dodoɔ yɛ 4,010,054  a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyemu 16.3.

Nkran mantam no yɛ mantam a nkurow, adan ne nwuma akɛse wo mu paa na nnipa no mu ɔha mu nkyekyɛmu 87.4 na ɛtete mmeae a ɛte saa. Nkran mantam no Ahenkrow no ne Nkran na, ɛno nso ne ɔman Ghana Ahenkurow. 

Wɔ  afe 1960 mu no, na  wɔfrɛ Nkran mantam no Nkran mpesua, na na asase no ka Apuei mantam nsase ho. Wɔ  bosome a ɛtɔ  so nson no da a ɛtɔ  so 23, afe 1982 no, ɔsoafo no de mmara a ɛne (PNDCL 26) tee Nkran Mantam fii Apuei Mantam ho.

Wo atifi fam no, Nkran mantam no Apuei Mantam na ɛbɔ hyeɛ, wɔ apuei fam nso, ɛne Frao mantam na ɛbɔ hyeɛ. Sɛ ɛba atɔe fam nso a , nkran mantam ne  ɛpo kɛse  na ɛbɔ hyeɛ na wɔ anafo fam nso, ɛne mfinini mantam na ɛbɔ hyeɛ. Nkran mantam ne asase a esua koraa wɔ mantam 16 no mu.

Nkranfo di afayɛ bi a wato din  a ase kyerɛ ne sɛ ɔkɔm huro. Saa afahye yi fii ase mfi pii a atwam. Wɔhyɛ saa fa yi de kae ɛkɔm kɛse bi esii wɔ nkranfo mu mfe bebree bi. Afahyɛ no yɛ aduane afahyɛ a wɔde hyɛ fa ma nkrafo kɔm abokosem no.  Wodi saa afahyɛ yi wɔ Ɔsanaa bosome no mu na Nkran abusuakuo nyinaa hyɛ saa fa yi.

Adangbefo yɛ wɔn a wofi Ada na wɔn afahyɛ a wodi ne   afahyɛ a wɔnsan nso frɛ no 'Asafotufiam'. ɛyɛ afahyɛ a wodi de  kae akofo ne nkunim a wodii wɔ wɔ ako ahorow mu. Wɔhyɛ saa fa yi ase wɔ yawada wɔ Kitawonsa bosome no mu kosi nawotwe a edi kan wɔ Ɔsanaa bosome no mu.

sɛnea wɔbekae nnema nti, sɛ  edu afahye yi a, akofo no hyɛ won ako ntade ahorow na wɔde agorɔ asi anni. Saa bere yi nso yɛ bre wɔde ntetee ma mmabun wɔ ɔko ho. Saa afahyɛ yi ne otwa afahyɛ no hyia ma nti wɔyɛ amaneɛ ahorɔw a ahotew amammerɛ ka ho. Afahyɛ no du ne mpɔnpɔn so bre a ahenfo fura wɔn tam ahorɔw tenatena wɔn apankan mu,na wɔn manfoɔ de twenebɔ,  osebɔ , nnwom ne asaw di wɔn akyi . Ahenfo no de nkyea ma wɔn ho wɔn ho, gu nsa na wɔhye wɔn ho wɔn ho den.

Asoe a ehw3 nnipa akekan so wo Nkran mantam no mu.  Nkran mantam no wo mpesua a edidi so yi; La Nkwantanang Madina Mantam mu, Ashaiman Mantam mu Ledzokuku-krowor Mantam muAdenta Mantam ,Ga apuei Mantam .

Nnipa akenkan a ɛkɔɔ so wɔ afe 2010 mu no kyerɛ sɛ, emu nnipa dodoɔ yɛ 4,010,054 ,ɛma no bɛyɛɛ mantam a ɛto so mienu a wɔn mu nnipa dɔɔso yi paa. Asante mantam na edikan ma Nkramantam to so mienu. Nea nti a ɛte saa ne sɛ nkrufo di mu atukotena paa.

Ga-Dangmefo no yɛ Nkranfo kuo a wɔdɔɔso paa wɔ Nkran mmuasukuo no nyinaa mu. wɔn dodoɔ yɛ ɔha mu nkyekyɛm 18.9. Nkranfo nhenkurow  no gu ahorɔw nsia; Ga Mashie, Osu , La, Tshie Nungua ne Tema. Wɔn mu biara wɔ ahengua a woyi so apayɛ. La kurow no wɔ Sika korabea a ɛsom La manfoɔ no.  Nkran bɛyɛɛ titriw wɔ Ga-Dangme nkuro no mu ma nnɛ, abɛyɛ Ghana Ahenkurow. Na Nkranfo no adwuma ne kuayɛ nanso nnɛ, apopo dwuma ne adetɔn ne nwuma a agye nkran man no afa. Mmaa no pii yɛ dwadifoɔ na wɔn kununom nni wɔn yerenom sika so tumi. Nkranfo di ɛnade nti mmaa pii yɛ adedifo. Mmarima no yɛ ade a wodi agya ade ma nti wɔtena wɔn agyanom fie, Nanso sɛ mmea no ware mpo a, wɔn ne wɔn maamenon ne wɔn mma tena wɔn na fie.

Ofie biara mu wɔ nkranfo fie wɔ won abosom a wɔyɛ nyankomade ma wɔn na afahyɛ pii nso na ɛwɔ hɔ. Adangmefo no yɛ wɔn a wɔte bɛn Ghana mpoano efi Kpone kosi Ada, nsuo Frao  ne Gulf of Guinea. Adangmefo no ne Ada, Kpone, Krobo, Ningo, Osuduku, Prampram ne Shai, won nyinaa ka Adangme a ne fibea ne Kwa,a ɛwɔ Congo mmusua mu. Adangmefo ne wɔn a wɔ dɔɔso wɔ nkranfo mu na nkran nsase ɔha mu nkyekyemu 70 yɛ wɔn dea.

Nnipa  a wɔte Nkran mantam no mu ɔha mu nkyekyɛm  1.3 yɛ won a watu afri Ghana nkro afoforo so abetena.

Nnipa dodoɔ a wɔte nkran no mu dodoɔ  no yɛ Akanfo na wogyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm 39.8. Nea edi hɔ ne Ga-Dangme a wɔn dodoɔ yɛ ɔha mu nkyekyɛm 30.7. ɛno akyi no, ɔha mu nkyekyɛm 18 yea . 

Wɔ afe 1960 mu no, na nkrofo dodoɔ a na wɔ wɔ Nkra Mantam no yɛ 491817. Nnipa dodoɔ a na wɔ wɔ hɔ wɔ afe 2000 mu no yɛ 2,905,76. Nnipa akenkan a ɛkɔɔ so wɔ afe 2010 no kyerɛ sɛ nnipa 4,10,054 na ɛwo nkran mantam.

ɔsom ahorow a ɛwɔ nkran mantam no ne 

Nkran man mu na ɔman no wiemhyɛnbea kɛse a wɔfrɛ no  in  no. Wiemhyɛnbea som Ghanafoɔ Afrika ne aman afoforo.

Akwan aitriw nnan na ɛwɔ ho - N1, N2, N4 ne N6- N1 no nam Nkran mantam kɔ fa Ada de besi N2 no mu wɔ Tema, akwan afoforo, Tetteh Quarshie ne N6 wo Achimota. ɛfa Kokrobite kɔpem Weija, ɛtoa so kɔpem Mfinifini Mantam mu kosi Elubo wɔ Atoe mantam mu. N2 no nam Apeui Mantam mu de si Asikuma, de kɔ  Atifi Mantam mu kofa Atifi-Atɔe de kowie wɔ Kulungugu. N4 no nam Tetteh Quarshie  na N6 fi ase fri Achimota. Saa akwan yi fa Atifi kopue Kumasi wo asante mantam mu.

Keteke Akwan nso nam  Nkran kosi Tema

Nkran mantam mu wɔ aban suapɔn ahorɔw miensa a ɛne  wɔ  nkran  ne  a ɛwɔ East Legon. ɛno akyi no, ankorɛnkorɛ suapɔn pii nso wɔ mantam no mu




#Article 48: Asante Mantam (325 words)


Asante Mantam wɔ Ghana atɔe fam, na eno ne Mantam etɔ so miensa a eso paa wɔ mantam 16 no mu. Ne tɛtrɛtɛ yɛ 24,389 km (9,417 sq mi) wɔ Ghana nsase mu. Sɛ ɛba nnipa dodoɔ a ɛwɔ mantam ahorɔw no mu a, Asante Mantam na edikan. Nmipa akekan a ɛkɔɔ so wɔ afe 2010 no mu kyerɛ sɛ nnipa dodoɔ 4,780,380 a egyina hɔ ma ɔha mu nkyenkyem 19.4 na ɛwɔ Asante mantam no mu. Wonim Asante Mantam no sɛ ɛyɛ beae a sika kɔkɔɔ ne kookoo wɔ paa. Asante mantam ahenkurow ne .

Asante Mantam si Ghana mfinfin pɛɛ . Mantam no ne mantam nsia na ɛbɔ hyeɛ a ɛne Bono, Bono Atoe, Ahafo Mantam, Apuei mantam  Mfinfin mantam ne Atɔe mantam . Asante mantam no wɔ mpesua 27 na emu bira wɔ Aban mu ananmusifo wɔ hɔ.

Afahyɛ ahorɔw pii na wodi wɔ  Asante Mantam mu, emu atitiriw ne Akwasidae ne Adae Kɛse. Eyinom yɛ afahyɛ a wodi no wɔ  akan man mu. Wodi saa afahyɛ ahorɔw yi de kae tete kandifo ne  adɔmmarima. ɛmfa ho sɛ saa foɔ  yi awuwu no, wogyidi sɛ wɔn akra da so te wɔn mu , na wɔn ani di ateasefo nneɛma a wɔyɛ no akyi ma nti, wɔ kɔ  wɔn nkyɛn abisa wɔ  Adae afahyɛ bre.

Asante mantam wo oman sukuu pon baako ane din  ne Polytechnic baako a ne nyinaa wo Kumasi. Ankoreankore suapon ahorow pii nso wo mantam no mu.

Kwadaso SDA HAyaresabeal

Komfo Anokye TAyaresabea

First care Ayaresabea

Tafo Aban Ayaresabea

Suntreso Government Hospital

The political administration of the region is through the local government system. Under this administration system, the region is divided into 30 districts made up of 1 Metropolitan, 7 Municipal and 22 Ordinary districts. Each District, Municipal or Metropolitan Area, is administered by a Chief Executive, representing the central government but deriving authority from an Assembly headed by a presiding member elected from among the members themselves.




#Article 49: Apuei Mantam (Ghana) (264 words)


Apeui Mantam wɔ  anafoɔ fam na ɛka Mantam dunsia (Tete na ɛyɛ du) a ɛwɔ Ghana no ho. Apuei Mantan ne  bɔ hyeɛ wɔ apeui fam,  ne Asante mantam wɔ atifi fam,Asante Mantam wɔ atɔe fam. ɛne Mfinfin mantam ne Nkran Mantam bɔ hyeɛ wɔ atɔe fam. Akanfoɔ ne nnipa dodoɔ a wɔ wɔ Apuei Mantam no mu  na kasa ahorɔw a wɔka wɔ mantam no mu ne , , krobo ne Brɔfo kasa. Apuei Mantam Ahenkurow ne  .Apeui Mantam yɛ beaɛ a   no wɔ na ɛhɔ na anyinam Ahoɔden a yenya no fa kese no fi. Apuei Mantam asase no kɛse yɛ kilomita no 19,323 a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyem 8.1 wɔ Ghana nsase mu.

Mfirinwuma a ɛma Anyinam ahoɔden wo akosombo no mu gu ahorɔw miensah; ,  ne . Akosombo mfirinwuma no nam   de ko gu 

Wɔtee Achiase mansin no fii Birim Atifi mansin nhowɔ ɔgyefo da a ɛtɔ so 22, afe 2019 mu. Afram Plains mansin no mu akyɛ mienu a wɔn de foforo ne Kwaku Afram Plains Atifi mansin a ne kuropɔn ne Donkorkrom. Kwahu Afram Plains Atifi mansin no kuropɔn ne Tease. Akuapim anafo mansin , Akim Apueɛ mansin, Kwahu atɔe mansin ne Brim mfinfin mansin a ɛyɛ foforɔ kora yɛ ade a wapegya  wɔn mu ayɛ wɔn amansin akɛse. Amansin afoforo ne Akyemansa mansin ne Kwahu apuei mansin. Manya Krobo mansin yɛ ade a w'akyɛm mienu ayɛ no Lower manya Krobo mansin ne Upper Manya krobo mansin

Amansin dodoɔ a ɛwɔ Apuei mantam yɛ ade a wɔn dodoɔ mu akɔ soro fri 21 akɔ du 26.




#Article 50: Atifi Mantam (Ghana) (329 words)


Atifi Mantam no yɛ Mantam 2016 a ɛwɔ Ghana no mu baako. Atifi Mantam no da  Atifi fam wɔ Ghana na  na Mantam no ne Mantam a ɛso paa wɔ amantam 16 no mu, na ne kɛse yɛ 70,384 kilomita anaa ɔha mu nkyekyɛmu 31 wɔ Ghana nsase mu. Wɔ Bomsome a ɛtwa toɔ no da ɛtɔ so 2018 mu, wɔtee  ne Atifi Apuei Mantam fii Atifi Mantam no ho.Mantam no kura amansin 14 na n'ahenkuro ne Tamale

Atifi Mantam no ne  bɔ hyeɛ wɔ atifi fam, wɔ apeui fam nso, ɛnɛ Ghana-Togo hyeɛ so na ebɔ hyeɛ. wɔ anafoo fam no nso, ɛne Oti Mantam na ɛbɔ hyeɛ. Atifi mantam ne  bɔ hyeɛ wɔ atɔe fam. Atifi fam kura amansin 14.

Atifi Mantam no yɛ Mantam a ɛyɛ wosee sen Ghana anafo fam esiane bɛn a ɛbɛn  ne . Atifi mantam nsase no dodoɔ no ara yɛ ɛsrɛ so ne titiriw savanna, na nnua a etumi gyina ɔpɛ ano te sɛ  anaa  wɔso pii. ɔpɛ bre no hyɛ ase fi ɔgyefo kosi ɔbenima. Osutɔ bre no hyɛ ase fi Kitawonsa bosome kosi ɔpenimma bosome no mu. Ewiem yɛ hye paa wɔ ɔpɛ bre awie na ewiem dwo fɔm wɔ osutɔbre. Mframa a ano yɛ hye bɔ fi sahara fam wɔ Ɔpɛnimma awie ne ɔgyefo ahyease.

Ɔha mu nkyekyɛmu 75 a wɔ Mantam no mu yɛ  Akuafo. Nea enti a nnipa nnɔso wɔ mantam no mu ne sɛ, nnipa pii di atukɔtena esiane ewiem tebea a ɛwɔ hɔ no nti.

Atifi Mantam yɛ mantam a esua wɔka Brɔfo kasa ne kasa ahorɔw. ɔha mu nkyekyemu 52 ka kasa a efiri  mmusua kuo a efiri . Kasa no bi ne ,  anaa . Dagbon Ahenie a ɛyɛ Dagonbafoo  no wɔ mantam no mu.

Nnipa miensa biara wɔ nnipa nnum mu yɛ wɔn a wɔ dɔm nkramo som (60.0%).

Atifi Mantam a ɛwɔ Ghana no kura amansin 16. Emu 11 yɛ amansin nketewaa na 5 a aka no yɛ amansin akɛse




#Article 51: Bono ne Ahafo Mantam (400 words)


Na Bono ne Ahafo Mantam no wɔ Ghana atifi fam. Na Bono ne Ahafo Mantam ne  bɔ hyeɛ wɔ anafoo fam, atɔe fam nso, ɛne  na na ɛbɔ hyeɛ. Asante mantam, Apuei mantam ne Atɔe mantam nso ne Bono ne Ahafo mantam bɔ hyeɛ wɔ anafo fam. Bono ne Ahafo mantam no ahenkuro ne . Wɔtee Bono ne Ahafo Mantam no fii Ashanti Atɔe ho wɔ  Oforisuo da a ɛtɔ so 14, afe 1959 na wɔde too Amanifo a na wɔn wɔ hɔ, Akanfo, Bono  ne ahafo. Wɔ afe 2019 mu no, esiane amantam afoforo a wɔbɛte nte, wɔ kyɛɛ Mantam no mu miensa a wɔn din ne , Bono apuei ne Ahafo amantam. Eyi maa Bono ne Ahafo mantam no twaa mu.

Bono Ahafo mantam no yɛ beae a wonnim sɛ wɔye Cocoa ne kuayɛ ho mfirinwuma. Bono-Ahafo kura Akanfo amammere pii ne kwae brentuo pii nanso nsrawhɛfo nkɔ hɔ pii te sɛ Asanti ne mfinin Mantam.Beae ahorɔw a ɛyɛ ani ka wɔ Bono ahafo mantam ne ,(Kintapo aboo mu nsuten), ne abɔde akorae,   beae a  nnoe wɔ.(akwansi tiawa firi sunyani); agodibea ahorɔw, Bui agodibea ne Digya agodibea.

  ne Ghana Permaculture Institute farebae. Ghana Permaculture Institute yɛ adwumakuo a wonhwehwɛ mfaso a ɛwɔ  (Bono Ahafo Mantam, Ghana) Adwumakuo no botae ne sɛ ɛbɛ tete mpɔtam hɔ fo no ma w'atumi anya nimdeɛ wɔ senea wosi na wɔbɔ nnuane ahorow ho ban, bɔ nsuwa ho ban na afei nso, wonya apɔw mu den wɔ nkurase

Suapɔn ahorɔw a ɛwɔ Mantam no ne ,  ,  ne 

Mantam no din ahyeta wɔ agokansiefo pii a efi hɔ no nti. ,  ne  ne nnipa kakra a w'agye din wɔ agokansie mu a wofi Mantam no mu. Sesei, Mantam no kura bɔɔlbɔ kuo miensa a ɛka bɔɔlbɔ kuo 16 a wosi akan wɔ Ghana bɔɔlbɔ akansie mu.  ne bɔɔlbɔ kuo a ɛyɛ Aduana man deɛ na ɛwɔ . Wɔ pia wɔn baa Ghana bɔɔlbɔ akansie no mu nea edikan wɔ afe 2009 maa wodii nkonim wɔ saa afe no mu.  a wɔn wɔ  dii nkunim wɔ Ghana  bɔɔlbɔ akansie no mu wɔ afe 2010. Aduana Stars nso dii nkunim wɔ Ghana bɔɔlbɔ akansie no mu wɔ afe 2017.  ne  bɔɔlbɔ kuo a etɔ miensa a efi Bono ne Ahafo mantam mu.

Wɔ tee Bono ne Ahafo Mantam no wɔ Oforisuo bosome no mu, afe 1959. Ekura amansin 27 a emu 8 ye amansin akɛse




#Article 52: Kathleen Addy (162 words)


Kathleen Addy yɛ ghanani a ɔwɔ anigyeɛ soronko wɔ abansem ne nnipa nfahodie ho  . WɔyƐ abadiekyire wɔ Commissan wɔ frɛ no  National Commission for Civic Education (NCCE), Dibrɛ a w'akuta fiti ɔbɛnim bomose wɔ mfie mpem mmienu ne du nson.Wɔne aban ne ankoranko ɛkuo a ɛwɔ ɔman Ghana boa pagya nkitahodie nsawɔsoɔ sane pagya nkitahodie. 

Addy wie a n'awɔ kuta abasobodie krataa wɔ Psychology firi Sukuu pon University of Ghana.Wɔnya abodin wɔ nkitahodie nsawɔsoɔ firi natahodie adesua.

Ɛwɔ mfeɛ mpem mpem mmienu ne du nson, Addy bɛyɛ abandiejyire atenankonya a na wɔda sika nkonta a na wɔ da NCCE kuo ano Ɛma yɛn mampanin Nana Akuffo Addo ɛwɔ Ghana mu. Addy ne nkuo kuo a Ɛwɔ Ghana ne kabi ma menka bi mpagya Ɛhɔ na wɔyƐ AFobarometer nsawɔsoɔ panin a ɔda Abibiman aman nson.Addy sane yɛɛ adwuma wɔ Center for Policy Analysis (CEPA).  wɔ ɔman Ghana sɛ nhwehwɛmu ne nsawɔsoɔ panin.Na náni san wɔ Women's Economic Empowerment and Economic Partnership agreements. 




#Article 53: Mabel Agyemang (431 words)


Onuonyamfo Owura yere Otemmufo Mabel Maame Agyemang , née Banful (ne din foforo ne Yamoa) yɛ Otemmufo a ɔsoom Ghana , Gambia ne Swaziland aban. ɔno ne ɔbaa otemmufo Kandifo a odi kan wɔ Zambia man no mu.

Otemmufo Agyeman nyaa ɔfrɛ wɔ Ghana mmaranim adwumakuo no mu wɔ afe 1987.  Sɛ mmaranimfo no, ɔsoom sɛ otemufo dii nsɛm ahorɔw pii wɔ mmea ahorɔw te sɛ Nkran, Cape Coast, Koforidua, Kumasi ne Tema. ɔsan nso som sɛ Ghana Atemmufo kuo no abediakyire firi afe 1996 kosi afe 2000. Onyaa abasobɔ kɔɔ asɛndibea kɛse wɔ afe 2020 mu.

ɔhyɛɛ ase yɛɛ adwuma wɔ beae bi wɔfrɛ no Common Wealth Secretariat sɛ obi wakwadare wɔ attemuo nnwuma mu wɔ afe 2004, a nea edi kan no wɔde no kɔɔ Gambia man no mu ma no kɔ soom sɛ Otemmufo wɔ won asendibea kɛse. Wɔ mfie nnan a odii wɔ Gambia man no mu no, Otemmufo Agyeman soom mmeae a ene  nsase nsɛm ho, nsɛm a efa kuromma ho, dwadie ne amumuyɔ asoeɛ ma no tumi wie nkrata nnaka 365. Wɔ afe 2008 mu no, wɔde no kɔɔ Swazeland ma no kɔsoom  mfie mienu wɔ dibea koro no ara mu. Nsɛm a odii no wɔ Swaziland no bi yɛ ankorɛankorɛ ne badwam mmaransɛm a ebi ne edinsɛe, ɔkyere a ɛmfa mmara kwanso, atirimodensɛm a apolisifo di ne abatuɔ mu nsɛmsɛm. Atemmuo baako a wɔde kae no wɔ Swaziland ne nea ɛfa hokwan a ɛfa nhoma sua ho.

Otemufuo Agyemang san baa Gambia man no mu  wɔ afe 2010 bre a a ɔda so ne adwumakuo Common Wealth Secretariat ye adwuma sɛ obi wakwadare wɔ attemuo nnwuma mu. ɔbɛyɛɛ Otemufo Kandifo wɔ August bosome , afe 2013 maa Gambia man no.Wohuu no sɛ dibea a wɔde ama no yɛ ade a ɛfata esiane sɛ na ne nwuma da adi wɔ amanaman no mu sɛ ɔyɛ obi a n’atemmuo ho nni asɛm. ɔsoom wɔ Gambia man no mu  kosii sɛ woyii no ade wɔ afe 2014. Gambia man no amfa nea enti a wogyee ne dibia no firii ne nsam no anto dwa. Amanman mu fo no pii adwen ne sɛ na ɛfa nnipa fahodie nsɛmnsɛm bi a odii ne si a ɔkɔɔ so sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ Atemmuo nnwuma wɔ Gambia no nya wɔn fahodie fi aban no ase. Sesei, ɔsom sɛ Otemmufo wɔ Dwane toa asɛndibea wɔ ɔman Ghana mu. Wɔ afe 2015 mu bre a Ghana manpanyin John Dramani rebue Asendibea a ɛwɔ Nkran ano no, ɔbɔɔ ne din sɛ ɔka Atemmufo a wobu wɔn paa wɔ Ghana no ho bi.




#Article 54: Joyce Bamford-Addo (309 words)


Joyce Adeline Bamford-Addo, JSC (wɔ woo no Marach da ɛtɔ so 26, afe 1937) yɛ kane Ghana mmarahyɛ baguakuo no kasamafo firi afe 2009 kosi 2013. Mmrahyɛ bugua kasamafo adwuma no yɛ adwuma a ɛtɔ  so miensa a edi mu wɔ   Ghana.  Odikan soom sɛ Otemmufo wɔ  Ghana Asɛndibea kunini. ɔno ne ɔbaa a odi kan wɔ Afrika Atɔe aman mu a woyii no sɛ Mmarahyɛ baguakuo kasamafo. Na ɔyɛ obi a ɔko maa mma nkoanim maa ne nwumaa daa adi wɔ mmeae pii.

Ne Papa a ofiri abrokyire ne ne maame a ɔyɛ Ghanani  a ofiri Aburi no woo no wɔ afe 1937 mu. Joyce Bamford-Addo ne ne nua Cynthia  kɔɔ sukku wɔ St. Mary’s Boarding school ne OLA Boarding school a ɛwɔ cape coast. Saa sukuu yi nyinaa yɛ sukuu a wɔda hɔ na ɛhɔ ɔhyɛɛ mitiase sukuu. ɔtoa so kɔɔ ntoaso sukku a ne din de Holy Child School a ɛno nso wɔ Cape Coast. ɔtoa so kɔɔ United Kingdom, ɛhɔ na onyaa mmrasɛm ho ntete. ɔde ne ho kɔdɔɔm Inner Temple ma no bɛyɛɛ osuafo wɔ nhyehyɛɛ  bi a wɔfrɛ no Inns of Court . Wɔfrɛɛ no kaa Abrofo mmaranimfokuo a wɔfrɛ no English Bar no wɔ afe 1961.

Bamford-Addo san n’akyi baa Ghana bre a ɔyɛɛ adwuma afe baako wɔ UK no. Wɔfrɛɛ no kaa Ghana mmaranimfokuo no mu wɔ afe 1962. ɔyɛɛ adwuma sɛ lɔyani maa Ghana man firi 1963 maa no nya nkoanim kosi sɛ ɔbɛyɛɛ lɔyani panyin maa oman Ghana wo afe 1973. Woyii no sɛ Okwankyerɛfo ma badwam kwaadubofo wɔ 1976, dibea a odii no mfie 10. Jerry John Rawlings nso paw no sɛ asɛndibea kunini temufoo wɔ afe 1991. ɔkɔɔ ahomegyeɛ mu wɔ asendibea kunini no mu wɔ October, afe 2004 mu bre a wɔpaa ne ho koyii George Kingsley Acquah, a ne dibea sua koraa se Otemufo kandifoo




#Article 55: Amanda Akuokor Clinton (336 words)


Amanda Akuokor Clinton yɛ adwumakuo bi a wɔfrɛ no Clinton Consultancy no hyehyɛfo na ɔsan nso yɛ amanaman mu mmaranifo a ɔyɛ adwuma wɔ Afrika aman mu. Ne nimdee no fa nnwumakuo mmaranim ne sɛnea wosiesie tebea a emu yɛ den mu. Wonim no sɛ mmaranimfo a ogyinaa hɔ ma amanman mu foɔ a wɔde wɔn sika kɔhyɛɛ  Menzgold, TCL Ghann Limted ne Gold Coast Securities Limted mu no.   ɔsan nso gyinaa Ghana Bɔɔl bɔ nkabom kuo a wɔfrɛ no Ghana football association anan mu de anoyie a ɛfata maa Ghana aban ne FIFA. ɔyɛ ɔbaa a odikan gyinaa hɔ sɛ wɔnto ne so aba ma w’atumi abɛyɛ Ghana Bɔɔl bɔ nkabom kuo no dikanfo. ɔyɛ Ghana ne British amanba a wɔwoo no wɔ Seirra-Leone na ɔte United Kingdom ne Ghana nyinaa.

Wɔ afe 2002 ne 2003 ntam no, onyaa nimdee nkrata a ɛkɔ anim firi sukuupɔn bi a wɔfrɛ no University of London, bre a owie adesua a ɛfa Afrika Amanyɔsem ho.

Amanda Akuokor Clinton yɛ obi a ɔwɔ nimbea wɔ senea wotumi wura dwadie foforo mu ne senea  wosiesie tebea a emu yɛ den mu wɔ Afrika aman mu. Wɔfrɛɛ no kaa Abrokyiri mmaranimfo nkabomkuo a ɛde The English Bar no wɔ afe 2006 ne Ghana mmaranimfo nkabomkuo wɔ afe 2009 mu. ɔyɛɛ adwuma wɔ Ghanaman alɔyafo adwumabea bosome 42. Wɔ saa bre no mu no, nsɛm a ɔboa ma wɔyɛɛ ho adwuma no bi ne asɛm a ɛfa Kosmos Fangoo adwumakuo nsɛm a ɛbae wɔ afe 2010. ɔno ne Clinton Consultancy hyeyɛfo a ne nkorabata wɔ Ghana, Sierra-Leone ne Egypt

Wɔ afe 2018 mu no, nnipa bi bɔɔ no paa sɛ ɔmmoa wɔn wɔ asɛndibea ma wɔn nsa ntumi  nka wɔn sika bi a akɔka adwumakuo bi a agu, a ne din de Menzgold ho. Ansana ɛno besi no, na w’adikan agyina Ghana Bɔɔl bɔ nkabom kuo a wɔfrɔ no Ghana football association anan mu de anoyie a ɛfata ama Ghana aban ne FIFA sɔnea ebɛyɛ  a wɛn ho nka adwaa mu.




#Article 56: Sandra Opoku (256 words)


Sandra Opoku yɛ Ghanani mmaranimfo. Wɔ afe 2019 bre a Nanan Addo Dankwa Akuffo-Addo  paw no sɛ n’adwumayeni no, ɔbɛyɛɛ ɔbaa a odikan a wɔfaa no sɛ Tema Po so hyɛn gyinabea no kandifo. Kane na ɔyɛ ɔhwɛfo ma Tema Po so hyɛn gyinabea mmaranimfo kuo no.

Opoku kɔɔ ntoaso sukuu a ne din St. Roses Senior High a ɛwɔ Akwatia wɔ Apuei Mantam mu, maa no nyaa abodn kraa a ɛne O Level wɔ afe 1992 na afei, A Level wɔ afe 1994 mu. Bre a na ɔwɔ sukuu mu no, na ɔnɔ na ɔhwɛ nhyehyɛe ne aduane so. Owie St. Roses no, onyaa akwanya kosuaa mmaranim wɔ Ghana Suapon a wɔfrɛ no University of Ghana. ɔtoa so kɔɔ Ghana mmranimfo sukuu a wɔfrɛ no Ghana School of Law ma wɔtoo nsa frɛ no ma no kɔkaa Ghana mmaranimfo nkabom kuo a wɔfrɛ no Ghana Bar association no ho wɔ afe 2001.  Wɔ afe 2004 mu no, onyaa akwanya kɔɔ Sukuupon a wɔfrɛ no International Maritime Law institute a ɛwɔ Malta, ma no nyaa nimdeɛ wɔ ɛpo so dwadie mmra ho.

Opoku hyɛɛ n’adwuma ase wɔ adwumakuo a wɔfrɛ no Ghana Ports and Harbours Authority wɔ afe 2003 mu. Efiri hɔ no,  w’ayɛ adwuma ama wɔn sɛ lɔyani, ɔhwɛfo a ɔda mmara ntotoe ano ne ɔkyerɛwfo ama Ghana Ports and Harbours Authority. Sesei, ɔno na Nana Addo Dankwa Akuffo-Addo apaw no  sɛ kandifo a ɔda Tema Po so hyɛn gyinabea wɔ march bosome no mu, afe 2019 bre a Edward Kofi Osei afiri hɔ no.




#Article 57: Dayan Kodua (659 words)


Dayan Kodua (wɔ woo no September da a ɛtɔ so 7, afe 1980) yɛ Ghana ne German baa ɔyekyerɛni, nhwɛsode ne nwoma kyerɛwfo. Wɔ afe 2001 mu no, ɔbɛyɛɛ obibini baa koro pɛ a otumi dii nkonim wɔ Geramany ahoɔfɛ akansie mu. ɔyɛ obi a w’ayi sisni ahorɔw wɔ America ne Germany na wɔ bɔɔ n’abaso ma no bɛyɛɛ ananmusifo wɔ Afrika aman ne Germany wɔ afe 2005.

Bre a kodua dii mfie du pɛ  n’abusua tu firii Ghana kɔtenaa Germany. ɔyɛ Asanteni (ɔkofo) . German kasa bɛyɛɛ  kasa a ɔka de kaa Akan kasa a ɛne Twi no ho, mmere bi akyi no, osuaa Brofo ne French Kasa kaa ho. Sɛ obabun no, ɔtoo dwom na odii asa maa Chris de Burgh, Sasha, Lou Bega, Right Said Fred ne ne afoforo.

Wɔ suapon a wɔfrɛ no Kiel University of Applied Science, Kodua nyaa adansidie krataa a ɛfa sika ho ntotoe. ɔtoaa so kosuaa  nea eda n’akoma so a  ɛne sinitwa ho nsɛm wɔ suapɔn a wɔfrɛ no  Coaching Company wɔ Berlin. ɔtoa n’adesua no so kɔɔ suapɔn foforo a ne din de Theatre of Arts and Howard Fine Acting Studio a ewɔ Los Angelis.

Ankyɛ  koraa na  ɔbɛyɛɛ obi a ogyina hɔ sɛ nhwɛsodie wɔ ntaade hyɛ mu, na afei ɔbɛyɛɛ obibini baa koro pɛ a okura abɔdin a ɛne Miss Schleswig-Holstein wɔ afe 2001 mu. Adepamfo a w'agye din  a wɔn ne Theirry Mugler, Escada ne Versace faa no ne no yɛɛ adwuma. ɔhyɛɛ ase sua ade wɔ beae a wɔfrɛ no Coaching Company a ɛwɔ Berlin. Na onyaa ntete firi Howard Fine, Theatre of Art ne Tasha Smith Studio a ewɔ Los Angelis.

Bre a ɔwɔ America no, Kodua ne sinitwa nwumakuo atitiriw yɛɛ nwuma a wɔn mu bi ne Boston Legal, Passions, na  otwaa sisni bi a w’ato din Crank ne Lords of the Underworld.

Wo Germany nso, ɔde ne ho hyɛɛ sinitwa mu ne TV so dwumadie ahorɔw a ebi ne Hai-Alarm auf Mallorca, Balko. Wolffs River ne Auf Herz und Neiren. Wɔ afe 2011 mu no, obenya kyɛfa wɔ Video agodie bi w’ato din ‘’AJABU-The legacy of the ancestors.’’

ɔyɛ owofo a ne ba yɛ abrantewaa kumaa a ne mfie miensa.

Kodua ayɛ afoforo pii adɔe a ebi ne sɛ; ɔne Michael Jordan Adoekuo no yɛɛ adoe wɔ House Blues, Los Angelis, ɔne Angie Stone ne Snoop Dogg nso yɛɛ saa wɔ afe 2006. ɔhyehyɛɛ  Boayikuo a wɔfrɛ  Dayan International , saa kuo yɛ ade a ɛboa wɔ ne man Ghana mu. Sɛ okyimdɔmmɔfo ma kuo bi a wɔfrɛ no GhanaHelp no, n’ani ku Hamburg kuo IMIC ev, a nea wɔyɛ ne ɔsatuo a ɛfa atukotenafo adesua nhyehyɛe ho.

Dayan abɛyɛ nhwɛsode ama abibifo a wɔn wɔ Abrokyire man mu. ɔyɛ okandifo ma atukɔtena mmabun abibifo a  wɔyɛ akukudurofo na afei wɔn nsam nso wɔ bi. ɔno ne obi a African Heritage a ɛwɔ Abrokyire di kan de ne mofini duraa wɔn nhoma a edikan ho.

Dayan yɛ obi a w’ahyɛ no anuonyam wɔ afe 2005 mu sɛ Abibiman ammamerɛ ananmisfo wɔ Germany, ɔnyɛ obi a osuro ade. Nti ɔde adesrɛde too mmabun a wɔwoo wɔn wɔ abrokyire, ne titriw Germany sɛ, Bɔ wo ho mmɔden, nkame wo nkyi, nanso mfa adesua biara nto wo nipadua so.’’

Wɔ afe 2014 mu no, ɔkyerɛw nhoma bi a w’ato din My Black Skin; Black. Sucessful. German. In My Black Skin. Gareman abibfo 25 a wɔde wɔn honam kyerɛ. Adɔmmarima  wɔ amanyɔsem ne nnwuma mu, agodie  ne amammere mu, abɔde mu nyansapɛ ne agoro ada nea wotumi faa mu  adi. Wɔ yɛ nhwesodie a wɔkyerɛ sɛ, ɛmfa ho obi nipa hwebea ne nea ofiri no,  obetumi adu babiara sɛ wonya gyedie wɔ wɔn mu a. ɔsan nso kyerɛw mmɔfra nhoma a w’ato din Odo wɔ afe 2010 mu.

Woɔ afe 2014 mu no, wɔpaw no wɔ abasobɔde dwumadie bi a w’ato din ‘’Emotion Award na odii nkunim wɔ Nana Yaa Asantewaa Abasobɔde wɔ dawurubo dwuma fam.




#Article 58: Sika Osei (256 words)


Sassy Sika Osei(wɔ woo no 1985) ye Ghanani yɛkyerɛni, sini yɛfo ne TV so dwumayɛfo a wanya nsonsuanso pii wɔ nnwumakuo pii  a ebi ne L’Oreal Paris ne Woodin. Sesei, ɔyɛ ɔboafo wɔ   TV so dwumadie  ahorɔw a ebi ne  DSTV’s Studio 53 extra, NdaniTV’s Fashion Insider, 2019 VGMA red carpet experience, Channel O News Live in Accra ne Glitz Fashion Week for Star Gist wo DSTV so.

Wɔ woo  Osei wɔ Ghana nanso esiane adwuma a ne  maame yɛ nti, aban ananmusifo wɔ amanman nkobomko (UN), ɔtenaa aman  ahorɔw so a ebi ne South Africa, USA ne India. Bre a ɔsan n’akyi baa Ghana no, ɔkɔɔ sukuu wɔ SOS ma onyaa adansidie krataa fii suapɔn University of Ghana. ɔtoa so kosuaa mmara ho nsem wɔ suapɔn a ɛne Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA).

Osei nnwuma ahorɔw no ara fa sini yi, Sini yɛ ni TV so dwumadie ahorɔw. ɔyɛ ɔbaa a odikan yɛɛ   ɛ kasafo maa TV so dwumadie  a w’ato din Phamous TV, dwumadie agye din a ɛkyerɛkyerɛ  ɔkwan wɔfa so siesie wɔn ho ne anigyedi ahorow. Wɔ afe 2017 mu no, adwumakuo a wɔfrɛ  no Grando Cosmetics Limited paw no sɛ  ɔnyɛ  wɔn anamusifo. Wɔ afe 2016 mu no, ɔyɛɛ   ahohoyɛfo boafo ma dwumadie a  ɛne African Fashion and Design Week wo Nigeria. Wɔ afe 2019 mu no, ɔyɛɛ  ahohoyɛfo boafo a ɔne Giovani Caleb wɔ dwumadie a ɛne VGMA. Sesei, ɔyɛ  TV so dwumadie ahorow a ebi ne DSTv’S Studio 53 extra Fashion Insider by NdaniTV.

Sini a w'ayɛ




#Article 59: Akua Kuenyehia (247 words)


Akua Kuenyehia (Wɔ woo no 1947) yɛ Ghanani mmaranimfoɔ ne otemmufo a ɔsoom sɛ otemmefo wɔ amanman mu asɛndibea kunini a ɛne (ICC) firi afe 2003 kosi 2015. ɔsan nso soom sɛ Odikanfo abediakyire a odiakn maa saa asendibea no. Ɔka Afrikafo mmaa atemmufo miensa pɛ a wɔsoom wɔ ICC.

Kuenyehia gyinaa Ghana anan mu wɔ dwumadie bi a wɔfrɛ no the United Nations Convention on Elimination of All Forms of Discrimination Against Women (CEDAW) WO AFE 2003 na ɔbɔɔ ne ho mmoden kyerɛ ne bɔbrɛ.

Kuenyahia nyaa nsamerane firii suapɔn a wɔfrɛ no Somerville College.

Kuenyehia kɔɔ sukuu wɔ suapɔn a ɛde University of Ghana ne Somerville College a ɛwɔ Oxford. Ɔde nadwuma bre pii kyerɛɛ ade wo University of Ghana, ne akwansra ɔkyerekyerefo wɔ suapɔn pii mu a ebi ne Leiden University ne Temple University. ɔyɛ Otitenani ma suapɔn a wɔfrɛ no Mountcrest University College wɔ Ghana. Edan a ɛwɔ University of Ghana, Legon, a wɔkyerɛ mmara wo mu no yɛ ade wɔde ato ɔman panyin John Atta Mills ne Kuenyehia.

Wɔ March 2009 mu no, atemmufo paw Kuenyehia ne Anita Usacka kɔɔ dwane toa dibea. Wɔ bosome miensa akyi no, won mienu de won dibea no too hɔ wɔ asem bi a ɛfa Germain Katanga a ofiri Democratic Republic of Congo no. Asɛm no fa mmaranto a ɛfa ɔko ho ne amumoyɛ a ɔyɛɛ de tia nnipa. Nea ɛma wɔde wɔn dibea no too hɔ  ne sɛ na w’adikan de nkrata aba abɔnten sɛ wɔnkyere no.




#Article 60: Tina Gifty Naa Ayele Mensah (177 words)


Tina Gifty Naa Ayele Mensah (wɔ woo no 23 January 1964) yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ baguani ma Weija-Gbaewe mpesua so. Ɔyɛ amanyɔkuo a ɛne New Partrotic Parrty (NPP) no mu nii na Nana Addo paw no wɔ March da a ɛtɔso 15, afe 2017 sɛ asoeɛ a ɛhwɛ apɔwmuden no mu soafo abediakyire.

Wɔ woo Mensah wɔ  January da a ɛtɔ so 23, afe 1964 wɔ James Town, British Accra a ɛwɔ Nkran Mantam no mu. Okura Suapɔn abodin nkrataa wɔ bre a osuaa Public Administration ne international Relation wɔ suapɔn a wɔfrɛ no Ghana Institute of Management and Public Administration (GIMPA)

Mensah nyaa mma 34216 fri mma dodoɔ 59,926 wɔ mmarahyɛ bagua abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 2016. Obuobia Darko ne Jessica Adwoa Mannuel ne no na esii Akan no.

Na ɔyɛ ɔkwankyerɛfo ma adwumakuo bi ne din de Gemens Company LTD a ewɔ Mamprobi

WɔAugust da ɛtɔ so 4, afe 2017 mu no, ekuo bi wɔn din ne Ghana-Nigeria Youth Organisation de abasobode maa no wɔ ne mmɔden bɔ a ɔbɔe  sɛ ɔkwankyerɛfo.




#Article 61: Sophia Karen Edem Ackuaku (288 words)


Sophia Karen Edem Ackuaku yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ baguani wɔ Ghana mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so nnan no mu, na  ɔyɛ onimusini ma Domeabra-Obom mpesua so a ɛwɔ Nkran Mantam no mu. ɔyɛ amanyɔkuo National Democratic Party (NDC) no mu ni.

Wɔ woo Ackuaku wɔ October da a ɛtɔ so 7, afe 1972. Ofiri kuro a wɔfrɛ no Anyako a ɛwɔ Frao Mantam mu wɔ Ghana. Ackuaku anya ntete ahorɔw pii ma ɔnam saa yɛ so anya abodin krataa wɔ nnipa mu nktahodie, nneama ho dawurobɔ ne adetɔn ho  firii suapɔn a ne din de Ghana Institute of Journalism. ɔsan nso kura abodin krataa firi Suapɔn a wɔfrɛ no School of Social Works a ɛwɔ Osu-Nkran mantam mu ne abodin krataa a ɛkyerɛ sɛ w’asua Dutch kasa wɔ suapɔn a ɛne Zadkine College a ɛwɔ Rotterdam, Holland. Ackuaku san nso kura abodin krataa a ɛkyerɛ sɛ w’anya asuade wɔ Adikansɛm, nnipa fahodie ne HIV/AIDS firi ekuo bi wɔfrɛ no Ark Foundation a ɛwo Ghana.

Sophia Karen Edem Ackuaku yɛ  ɔwarefo a ɔwɔ mmofra nnum. ɔyɛ  Kristoni.

Sophia ko sii Akan ma no dii nkonim wɔ mmarahyɛ  bagua abatoɔ ma Domeabra-Obom mpesua so wɔ afe 2016. ɔne nnipa nnan na esii akan no a wɔn ne Darison Barba Mohammed a ogyinaa wɔ New Patriotic Party din mu, Ekow Jones Mensah a ogyinaa wɔ amanyɔkuo Conventions Peoples Party din mu, Gideon Dudu a ogyinaa wɔ Progressive Peoples Party din mu ne Pius Kwame Fiakuna a ogyinaa kwantenkorɔ. ɔde aba no mu 14301 a egyina hɔ ɔha mu nkyekyɛmu 68.3 dii nkunim a na aba no dodoɔ ne 21506. Sesei, ɔsom wɔ mmarahyɛ  bagua kuo bi a ne din Fodd, Agriculture and Cocoa Affairs Committee ne Poverty Reduction Strategy Committee




#Article 62: Nana Akua Owusu Afriyie (222 words)


Nana Akua Owusu Afriyi (wɔ woo no September da ɛtɔ so 3, afe 1969) yɛ Ghanani amanyɔni ne amanyokuo New Patriotic Party mu ni.  ɔye mmarahyɛ baguani ma Ablekuma Atifi mpesuaso.  Sesei, ɔyɛ ɔsoafo abediakyire ma asoe a ɛwhɛ amaneɛbɔ so. Nana Akua Owusu Afriyie ka kasa ahorɔw nnum, na eyi ama no akwanya pii wɔ amanyɔsɛm mu.

Wɔ woo Owusu Afriyie wɔ September da a ɛtɔ so 3 afe 1969 mu wɔ Saltpond a ɛwɔ mfinifini mantam mu. Okura Adansidie krata a onyaa fifirii suapɔn a wɔfrɛ no University of Cape Coast.

Wɔ afe 2015 mu no, osii akan ma no dii nkonim wɔ New Patriotic Party Amanyokuo abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Ablekuma Atifi mpesuaso wɔ Nkran mantam no mu. Odii nkunim wɔ abatoɔa ekɔɔ so wɔ afe 2016 no mu ma no nyaa mmarahyɛ bagua akongua no. Afoforo miensa a ɔne wɔn sii akan no ne Sally Amaki Darko a ogyinaa wɔ National Democratic Party din mu, ne Akwasi Asiama Adade a ogyinaa wɔ Conventions People Party din mu; ɔsan nso gyinaa wɔ nkogya-abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ December da a ɛtɔ so 7, afe 2016 wɔ ablekuma Atifi mepsua so. Owusu Afriyie nyaa mma a ne dodoɔ ye 82,091 mo mu 54698 a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 66.8 de dii nkunim wɔ nkogya abatoɔ no mu




#Article 63: Linda Obenewaa Akweley Ocloo (137 words)


Linda Obenewaa Akwelet Ocloo yɛ Ghanani Amanyɔni ne mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Shai-Osudoku mpesua so a ɛwɔ Nkran manatam mu wɔ Ghana mmarahyɛ bagua a ɛtɔ so ansɔn no mu. Osii abatoɔ akansie no wɔ amanyɔkuo National Democratic Congress din mu. 

Linda Obenewaa Akwele Ocloo wɔ nimdeɛ fa ɛkonɔmese, Sika korabea nnwuma ne nsiakyibaa ho.

Wɔ afe 2000 mu no, Linda nyaa adansidie krataa a wɔ sikakora mu firii suapɔn a ne din de Cambridge a ɛwɔ Nkran na afei, adansidie krataa wɔ nwuma adaniadane mu firii suapɔn university of Cape Coast, Ghana hɔ. Bre a owie adesua wɔ afe 2004 mu no, onyaa adansidie krataa foforo a ɛfa nsiakybaa nwuma ho fririi suapɔn a ɛne National Insurance College a ɛwɔ Nkran wiehyen gyinabea

Ɔyɛ  Kristoni a n’asɔre ne Mission of God a ɛwɔ  Dodowa.




#Article 64: Alima Mahama (248 words)


Hajia Alima Mahama (wɔ woo no November da a ɛtɔ 7, afe 1957 wɔ Walewale, Atifi-Apuei manatam mu) yɛ mmaranimfo na na ɔyɛ ɔsafo a ɔhwɛ mmaa ne mmɔfra yiyiedie asoeɛ so fifri janauray afe 2005 kosi January afe 2009 wɔ Ghana bre a John Kuffour yɛ ɔman panyin no. Sesei, ɔyɛ ɔsoafo a ɔhwɛ mpesua ne nkurase amanbuo so. Ghana manpayin Nana Akuffo-Addo na ɔpaw no wɔ January ada a ɛtɔ so 10, afe 2017. Ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Nalerigu/Gambaga mpesua so na ɔyɛ amanyɔkuo New Patriotic Party mu ni.

Alima Mahama nyaa ne ntoasoɔ sukuu adesua wɔ Wesly Girls Senior High School a ɛwɔ Cape Coast. ɔtoa n’adesua no so kɔɔ suapɔn a ɛne University of Ghana ma no nyaa abodin krataa wɔ mmaranim mu. Wɔ suapɔn a ɛne Rutgers University ne University of Ottawa no, ɔsan nso nyaa abodin krataa a ɛkyerɛ sɛ w’anya nimdeɛ wɔ amansan ne mpontuo nhyehyɛe mu. ɔsan nso nyaa adansidie krataa fofro firi suapɔn a wɔfrɛ no Institute of Social Studies a ɛwo Netherlands.

Ɔsoom wɔ ɔman Panyin John Agyekum Kuffour amammuo sɛ nea edi kan, ɔsoafo a ɔhwɛ mmaa ne mmɔfra yiyiedie, ɔsoafo abadiakyire a ɔhwɛ adwadie na afei ɔsoafo abediakyire a ɔhwɛ mpesua ne nkurase amanbuo so wɔ afe 2001 ne 2008 ntam. Alima Mahama gyinaa amanyɔkuo New Partioitic Party (NPP) amanyɔkuo no din mu Sii akan wɔ afe 2016 abtaoɔ mu ma no de ɔha mu nkyekyɛmu 53 dii nkonim wɔ Nalerigu/Gambaga mpesua so.




#Article 65: Irene Naa Torshie Addo (144 words)


Irene Naa Torshie Addo (wɔ woo no September da ɛtɔ so 30, afe 1970) yɛ Ghanani amanyɔni ne mmaranimfo, kane Amanɔni asoeɛ soafo abediakyire ne mmarahyɛ baguani ma Tema atɔe mpesua so.

Wɔ  woo Naa Torshie Addo wɔ  Osu a ɛwɔ  Nkran mantam no wɔ  September da ɛtɔ  so 30, afe 1970.

N’adwuma a ɔyɛ ne lɔya na onyaa n’abodin nkrataa a ɛne LLM (Nipasu ne mpuntuo ho asuade) firii suapɔn a ɛne University of Warwick wo afe 1999.

Sɛ amanyɔkuo New Patriotic Party no mu nii no, ɔbɛyɛɛ Ghana mmarahyɛ bagua no mu nii ma Tema mpɛsua so wɔ afe 2008 abatoɔ no mu ma no hyɛɛ adwuma ase wɔ January da ɛtɔ so 7, afe 2009 kosi January da a ɛtɔ so 6, afe 2017 bre a Carlos Ahenkora dii ne so nkunim wɔ New Patriotic Party abatoɔ mu wɔ afe 2015.




#Article 66: Ama Pomaa Boateng (301 words)


Ama Pomaa Boateng (wɔ oo no wɔ August da etɔ so 19, 1975) ye Ghanani amanyɔni. Ɔyɛ New Patriotic Party amanyɔkuo no mu ni ne mmarahyɛ baguani a ogyin hɔ ma Juaben mpɛsuaso a ɛwɔ Asante mantam mu.

Wɔ woo ama pomaa wɔ August da a ɛtɔ so 19, afe 1975 mu wɔ Juaben a ɛwɔ Asante mantam mu. Ɔkɔɔ ntoaso sukuu wɔ Holy Trinity School a ɛwɔ Cape Coast ma no nyaa Abodin krataa firii suapɔn a ne din de Anglia Ruskin. Okura abɔdin krataa a ɛkyerɛ sɛ wanya nimdeɛ wɔ kɔmputa dwumadie mu firii suapɔn Westminster University a ɛwɔ London, UK. Wɔ afe 2012 mu no, onyaa abɔdin kraa wɔ sɛnea wɔnam abɛɛfro mfidie so de nneɛma a asɛi di dwuma firi amanaman nkabom kuo suapɔn a wɔfrɛ no E-waste academy. Ɔsan nso kura abodin krataa firi suapɔn Penn Foster, Wild PCS, Harvard University ne House of Democracy Partnership/NDI.

Ama yɛ ofotufoɔ wɔ abɛɛfro nwumadie mu na ɔyɛ ɔkwankyerɛfo ma Ghana adwumakuo a wɔfrɛ no High-tech Women  wɔ Nkran, adwumkuo a ɛnhyɛ aban ase a wɔn dwumadie ne sɛ wɔ kyerɛkyerɛ mmaa sɛnea wɔyɛ abɛɛfro dwumadie

Ama pomaa sii Akan ma no dii nkunim wɔ mmarahyɛ bagua akongua abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 2016 mu wɔ Juaben mpɛsua so. Afoforo miɛnsa a ɔne wɔn sii akan no ne Nana Prempeh Amankwaah a ogyinaa wɔ  amanyɔkuo National Democratic Party din mu ne Gallo Stephen Ayitey a ogyinaa wɔ amanyokuo Conventions Peoples Party din mu. Ɔno koro no ara sii akan wɔ 2016-nkogya abaotoɔ a ɛkɔɔ so wɔ  December da a ɛtɔ so 7, afe 2016 wɔ Juaben no. Pomaa de mma a ne dodoɔ yɛ 29,606 no mu 22,323 a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 75.40 na edii nkunim

Ama Pomaa yɛ owarefo a ɔwɔ baako. Ɔyɛ Kristoni.




#Article 67: Francisca Oteng-Mensah (294 words)


Francisca Oten-Mensah (wɔ woo no February da ɛtɔ so 14, afe 1993). Yɛ amanyɔkuo New Patriotic Party no mu ni ne mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Kwabre Apuei mpɛsua so, ɔno ne mmarahyɛ baguani a osua koraa wɔ mmarahyɛ baguakuo a ɛtɔ so nnan no mu wɔ afe 2016.

Wɔ woo Francisca wɔ Aboaso Ayaresabea wɔ Mampnteng a ɛwɔ Asante Mantam mu, wɔ February da ɛtɔ so 14, afe 1993. N’awofo ne Owuar yere Joyce Oteng ne Dr. oteng a ɔyɛ ɔyaresafo ne dwadini, a ɔsan so yɛ ɔkwankyerɛfo ma adwumkuo a ne din de Angel Group of Companies.

Francisca kɔɔ mfiase sukuu ahorɔw miensa. Ɔkɔɔ sukuu a ne din de Manponteng Roman Catholic Sukuu, afei ɔkɔɔ Revival Preparatory sukuu a ɛwɔ Breman. Owie ne mfiase sukuu no wɔ savior international School. Owie ne J H S wɔ Angel Education Complex. Ɔtoa so kɔɔ St, Rpses Senior High Shool, faako a owie ne ntoasioɔ sukuu.

Ne boatae a ɛne sɛ obesua ade akɔ akyi no boa no ma no toaa so kɔɔ suapɔn a ɛne Kwame Nkruma University (KNUST) mano kosuaa mmaranim. Francisca sii abatoɔ akansie no wɔ afe 2016 mu bre a na ɔwɔ ne mfie mienu soɔ wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology.

owo ne mfie mienu soo wo Kwame Nkrumah University of Science and Technology.

Ansa na ɔbɛyɛ mmarahyɛ baguani no, na ɔyɛ ɔkyerɛwfo ma adwumakuo a ɛne Angel Group of Companies a ɛwɔ Kumasi. Wɔ December afe 2017 mu no, wɔpaw no sɛ otitenani ma adwumakuo a ɛne National Youth Authority.

Odii nkunim wɔ kwabre apuei a ewɔ asante mantam mu se mmarahye baguani wo abatoɔ a ekɔɔ so wɔ afe 2016. Sesei, ɔne mmarahyɛ baguani a osuaa koraa wɔ mmarahyɛ bagua no a w'adi mfehyia 23.




#Article 68: Patricia Appiagyei (143 words)


Partricai Appiagyei (Wɔ woo no November da ɛtɔ so 28, afe 1956) yɛ Ghanani amanyɔni, kane soafo abadiakyire ma Asante mantam mu na afei, ɔbaa a odikan beyɛ aban anamusifo wo Kumasi asembli no mu.

Wɔ woo Appiagye wɔ November da ɛtɔ 28, afe 14956 wɔ Kumasi na ne kurom ne Konongo/Asawase-Kumasi a ɛwɔ Asante mantam no mu.

Ɔkɔɔ ntoaso sukuu wɔ St. Louis Senior secondary a ɛwɔ Kumasi na ɔtoaa so kɔɔ suapɔn a ɛne Kwame Nkrumah University of Science and Technology ma no kosuaa sikasɛm ho ntotoe a ɛne economese..

Appiagyei yɛ obaa warefo a ne hokafo ne Dr. K. K Sarpong, kane kwankyerɛfo ma Kotoko FC ne Ghana National Petroleum Coarporation, na okura mmɔfra miensa. Ɔyɛ Kristoni.

Appiagyei dikan ne adwumakuo a ne din de City Investment Limited sɛ ɔkwankyerɛfo a ɔwhɛ adetɔn so firi afe 1995 kosi afe 2010




#Article 69: Barbara Asher Ayisi (144 words)


Barbara Asher Ayisi yɛ Ghanani amnyɔni ne mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Cape Coast Atifi mpɛseua so a ɛwɔ Mfinfini mantam mu wɔ Ghana. Ɔyɛ amanyɔkuo New Partriotic Party  no mu ni ne nhomasua so soafo abediakyire wɔ Ghana.

Wɔwoo Ayisi wɔ February da ɛtɔ 12, afe 1976 wɔ Efutu a ɛwɔ mfinfini mantam mu. Ɔkɔɔ sukuu wɔ Our Lady of Apostels (OLA) akyerekyerefo suapɔn ne suapɔn a ɛne University of Education, Winneba. Ɔkuraa abodin krataa wɔ brofo kasa mu a onyaa fifirii suapɔn a ɛne University of Cape Coast

Ɔyɛ Kristoni a ɔsom wɔ Victory Bible Church International. Ɔyɛ owarefo a okura mmɔfra mienu.

Ansana ɔbɛyɛɛ mmarahyɛ baguani no, ɔne adwumakuo Ghana Education yɛɛ adwuma fiiri afe 2003 kosi afe 2006. Ɔsan nso yɛɛ kyerɛkyerɛfo a ɔhwɛ asukuufo so firi afe 2010 kosi afe 2016 wɔ Wesely Girls ntoaso sukuu no mu.




#Article 70: Cynthia Mamle Morrison (149 words)


Cynthia Mamle Morrison (wɔ woo no January da a ɛtɔ so 17, afe 1964) yɛ Ghanani amanyɔni ne amnyɔkuo New Partriotic Party mu ni. Ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ogyina Agona Atɔe mpɛsua so. Wɔ August da ɛtɔ so 9, afe 2018 mu no, ɔman panyin Nana Akuffo-Addo paw no sɛ Suafo a ɔda bobeasu, mmɔfra ne yiyedie asoe so.

Wɔ woo Cynthia Morrson wɔ August da ɛtɔ so 17, afe 1964 mu wɔ Elmina a ɛwɔ Mfinfin Mantam mu. Onyaa adekyerɛ abodin krataa firii sukuu a ɛne Maria Montessori Training school wɔ afe 1992. Ɔsan nso kuraa abodin krataa wɔ nnuane yɛ ho.

Ɔyɛ ɔbaa warefo a ne ho kafo ne Herbert Morrison, na okura mmɔfra nsɔn. Ɔye Kristoni

Bre a na ɔredi ne mfihyia 52 awoda no, Cynthia Morrison kɔ kyekyɛɛ abuboafo hyɛn, anifuraefo nnua a ɛboa ma wotumi hunu kwan  ne nnadeɛ a abuboafo tumi de nantew.




#Article 71: Mavis Hawa Koomson (233 words)


Mavis Hawa Koomson (wɔ woo no February da ɛtɔ so13, afe 1966) yɛ Ghanani ne nhomasua kwankyerɛfo. Ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Awutu Senya Apuei mpesua so. Wɔ January da a ɛtɔ so 10, afe 2017 mu no, Ghana man panyin Nanan Akuffo-addo paw no soafo a ɔhwɛ Mpontunnuma titiriw so.

Wɔ woo Koomson wɔ Salaga a ɛwɔ Atifi mantam no mu wɔ February da ɛtɔ so 13, afe 1966. Okura adekyerɛ abɔdin nkrataa mienu a onyaa firii suapɔn a ɛne University of Education, Winneba. Osan nso kura abɔdin nkrataa miensa a ɛkɔ anim na onyaa ɛno friri suapɔn a ɛne Ghana Insititute of Public Administration (GIMPA).

Koomson yɛ kane ɔkyerɛkyerɛni a okuraa dibea ahorɔw pii a ebi ne akyerɛkyerɛfo panyin, ɔkwankyerɛfo abadiakyire ne ɔkwankyerɛfo. Na ɔyɛ ɔkandifo ma akyerɛkyerɛfo kuo bi a ne din Ghana National Association of teachers Ladies Asoociation (GNATLAS), Sekondi nkorabata sikasohwɛfo ma GNATLAS wo Atɔe manatam ne ɔkyerɛwfo ma GNATLAS ma takoradi nkorabata.

Wɔ May, afe 2017 mu no, ɔman panyin Nana Akuffo-Addo paw Hawa Koomson kaa nnipa a wɔn dodoɔ yɛ 19 sɛ kuo a wobetu n’aban no fo. Wɔde nnipa 19 no din kɔmaa Ghana mmarahyɛ baguakuo ma mmarahyɛ baguakuo no Kandifo, Rt. Hon. Prof. Mike Ocquaye di too dwa.  Sɛ abanfotufoɔ no, Mavis Hawa Koomson ye obi a ɔyɛ ɔman panyin no tsotsomutso a ɔboa ma wosisi gyinae ahorɔw a ɛboa ɔman no.




#Article 72: Joycelyn Tetteh (141 words)


Joycelyne Tetteh (wɔ woo no January da ɛtɔ so 10, afe 1988) yɛ mmarahyɛ baguani a ɔyɛ amaunyɔkuo National Democratic Party din my wo Dayi Anafoɔ mpesua so. ɔka mmea 36 a wɔn wɔ Ghana mmarahyɛ bagua kuo a ɛtɔ nsɔn no mu. Joycelyne ne ananmusifo ma nnipa a wɔnam esum ase dwadie so de wɔn akɔ mmea ahorɔw wɔ Ghana.

Wɔ woo wo Tetteh wɔ Tsyome-Sabu a ɛwɔ Frao Mantam mu. Osuaa mmaranim ne adekyerɛ wɔ suapɔn a ne din de University of Cape Coast.

Wɔ afe 2016 mu no, osii abato akan wo amnyɔkuo National Democratic Congress Din mu ma no dii nkunim sɛ mmarahyebaguani a ogyina hɔ ma Dayi Anafo.

Wɔ August bosome mu afe 2019 no, ahenfo ne nnipa a wɔn wɔ Dayi Anafo no hyɛɛ no animuonya ma wɔ maa no abodin a ɛne Mama Edzeame.




#Article 73: Helen Ntoso (174 words)


Helen Adjoa Ntoso (Wɔ woo no February 1958) Yɛ Ghanani amonyɔni ne mmarahyɛ baguani wɔ Ghanan mmarahyɛ baguamu a ogyina hɔ ma Krachi Atɔe mpɛsua so, wɔ Frao Mantam mu wɔ Ghana. ɔyɛ amanyɔkuo National Democratic Congress no mu ni. ɔyɛ kane soafo a ɔhwɛ Frao Mantam no so.

Notoso fri Kete Krachi a ɛwɔ kane Frao mantam nanso sesei Oti mantam mu. Okɔɔ akayerɛkyerɛfo ntetee suapɔn a ɛne St. Francis Tranining College. Okura abɔdin krataa wɔ adesua mu fri suapɔn a ɛne Lambeth College wɔ London. Okura abodin krataa a ɛfa ntawantadie ne ahobammo ho fri suapon a ɛne Kofi Annan International Peacekeeping Training Centre.

ɔyɛ kane panyin a ɔwhɛ mmɔfra so wɔ adwumakuo a ɛne Elizabeth Hamwod Nursery School fri afe 2005 kosi 2007. Na ɔyɛ asempatrɛwfo ma asɔre a ɛne Bright Church Army firi afe 2003 kosi 2005. Oyɛ Kane kwankyerɛfo ma adwumakuo ɛne NADMO firi 2009 kosi 2012

Na ɔyɛ Mantam mu soafo firi afe 2013 kosi 2016 (ɔmanpanyin asoɛe). ɔyɛ kane Frao Mantam no mu soafo wo afe 2015.




#Article 74: Angela Alorwu-Tay (151 words)


Angela Oforiwa Alorwu-Tay yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ bguani wɔ Ghana mmarahyɛ baguakuo a ɛtɔ so nsɔn no mu, na ogyina hɔ ma Afadjato Anafo mpɛsua so wɔ Frao Mantam mu wɔ amanyɔkuo National Democratic Congress din mu. ɔka mma dodoɔ nnum a wodii nkunim wɔ mmaa nkrɔn a wogyinae wɔ frao manatam no mu wɔ afe 2016 abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu.

Okura abɔdin krataa a onyaa firii suapɔn a ɛne University of Ghana ne suapɔn a ɛne West Africa Computer Science Institute. ɔkɔɔ ntoaso sukuu wɔ Nkonya Secondary School ma onyaa abɔdin krataa a ɛne GCE O'level.  Okura abɔdin krataa a ɛkyerɛ sɛ ɔwɔ nimdeɛ  wɔ ka bi ma me nka bi, amanbuo ne mpontuo ho, onyaa firii suapɔn a ɛne University of Cape Coast ho.

ɔyɛ Kristoni

Wɔ woo Angela Alorwu Tay wɔ April da a ɛtɔ so 16, afe 1971. ɔye okunafo a okura mmɔfra mienu




#Article 75: Bernice Heloo (202 words)


Bernice Adiku Heloo (Wɔ woo no September da a ɛtɔ so 24, afe 1954) yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Hohoe mpɛsua so.

Wɔwoo Heloo wo Hohoe a ɛwɔ Frao Mantam mu. N’awofo ne E. T. Adiku ne Comfort Adiku.

Heloo kɔɔ ntoaso sukuu wɔ Mawuli ne OLA Secondary School. Okura abɔdin nkrataa mienu firi suapɔn a ɛne University of Ghana. ɔsan nso nyaa abɔdin krata wɔ mpanyifoɔ sukuu firi suapɔn a ɛne University of Manchester. Onyaa abɔdin krataa a ɛne doctorate no firi suapɔn a ɛne Swiss Management Center University wo amanyosem mu.

ɔyɛ kane kwankyerɛfo ma adwumakuo bi a ɛnhyɛ aban ase a wɔn din the Prolink; wɔn botae ne sɛ wɔhwɛ mmaa a w’anya AIDS. ɔne mmarahyɛ baguani a ogyina ho ma Hohe mpɛsua so.

Na Heloo ka mmerahyɛ bugua dɔm kumaa no ho wɔ mmarahyɛ baguakuo ɛtɔ so nsia no mu. ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Hohoe mpɛsua so firi afe 2013 de besi nnɛ na eyi ne mprenu so. Sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ Hohoe mpɛsua so no, ɔbɔɔ man panyin Nana Addo Dankwa akuffo-Addo soboɔ sɛ wanyɛ hwee amfa mmeawa miensa bi wɔyerae wɔ Tokradi wɔ afe 2019 mu.




#Article 76: Nana Aba Anamoah (112 words)


Nana Aba Anamoah (wɔ woo no June da a ɛtɔ so 19, afe 1978) yɛ Ghanani TV so dwumayɛfo a w’anya abasobɔdeɛ pii. Ɔyɛ obi a na ɔyɛ TV so dwumadie a agye din wɔ TV3 so, a ebi ne Diva dwumadie. Na ɔne nea  ɔde amaneɛbɔ ma wɔ TV3 so kosi sɛ woyii no ade na ɔde n’adwuma too hɔ. Sesei, ɔyɛ TV so dwumadie a w’ato din State of Affairs wɔ GHOne TV so. Ɔsan nso ka ekuo a ɛhwɛ mmaa bɔɔl bɔ so wɔ Ghana

Anamoah kosuaa ade wɔ suapɔn a ɛne Ghana Institute of Management and Public Administration ma no nyaa abɔdin krataa wɔ sika korabea nwuma mu.




#Article 77: Akumaa Mama Zimbi (344 words)


Akumaa Mama Zimbi, ne didn foforo ne Dr. Joyce Akumaa Dongotey-Padi, yɛ Ghanani TV so ne Akasafidie so dwumayɛfo, mmaa yiyedie ntamgyinafo, nsɛmkyerɛwfo, aware mu afotumafo ne sinitwafo wɔ Ghana. Wonim Akumaa sɛ obi ɔgyegye ɔbaa ne ɔbarima nna nsɛm ho wɔ ɔkwan a ɛyɛ akɔnnɔ so, sɛnea ɔka Medaase. Sɛnea ɔbɔ ne duku wɔ ɔkwan sononko so nso ma no da nso. Wɔnhyɛda nnim pii mfa Akumaa mmɔfrase ho nsɛm, n’abusua ne nhomasua ho nsɛm. Nanso, wonim Akumaa sɛ na ne papa yɛ Polisini, na ne kunu a ɔne no aware bɛyɛ mfi 24 no yɛ dwadini.

Akumaa bɛyɛɛ sinitwani a w’agye din wɔ afe 1990 mu bre a na ɔyɛ abawa wɔ TV so dwumadie a ɛne Cantanta mu no. Na woyi saa dwumadie no wɔ Ghana Television so. Ɔpɛ a onyae sɛ ɔbɛyɛ akasafidie so dwuma no hyɛɛ ase wɔ afe 2000 mu. Wɔ nkomɔbɔ a ɛkɔɔ so wɔ ɔne Deloris Frimpong Manso ntam no, Akumaa de too dwa sɛ, Rosemary a ɔyɛ n’adamfo  na otuu ne fo sɛ ɔnko kasifidiebea a ɛnɛ JoyFm nkorabata a na ɛwɔ Tema no, na ɔne wɔn nkɔkasa sɛ n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ kasafidie so kasafo. Emfa ho sɛ na Akumaa nni osuahunu biara wɔ kasafidie so nnwuma mu no, edin a na w’agye sɛ sinitwafo no ne sɛnea otumi kasa yiyie no maa no nyaa akwanya wɔ JoyFm sɛ odwumayefo ne adesuani. Ɔde n’ani too kasafidie ne TV so dwumayɛfo a wɔn mu bi ne Father Bosco so, na adwumaden, ahosodie ne ahombrase boa no ma no tumi tenaa n’adwuma no mu mfie 18 nie. Sesei, ɔyɛ TV so dwumdie a ne din ne ɔdɔ Ahomaso Show, a nea ɔyɛ ne sɛ ɔma afutuo fa mpenatwe ne awareɛ ho wɔ Adom TV a ewo Ghana so.

Sɛ edin ‘’Akumaa’’ anaa ‘’Mama Zimbi’’ ahyeta wɔ Ghana a, na egyina kane Cantanta sini a Dr. Dangotey-Padi yɛe ne ne mmoa a ɔde ma afoforo wɔ wɔn awaresɛm mu. Sɛ ofutufo wɔ awereɛ ne mpenatwe mu no, wonim Akumaa sɛ ‘’menennahodokita, menepapanodaa ne Mpenatwe ho Oduruyɛfo.




#Article 78: Ernestina Abambila (224 words)


Ernestina Abambila (Wɔ woo no December da a ɛtɔ so 30, afe 1998) Yɛ Ghanaiani baa a n’adwuma ne bɔɔl bɔ, ɔyɛ obi a ɔbɔ mfinfini na osi akan ma bɔɔl bɔ kuo a ɛne Club de Huela a ɛwɔ abrokyiman Spain Primera Division. Abambila ne Ghanani baa a odikan too atena wɔ  mmaa bɔɔl bɔ akansie a ɛne UEFA Women’s Champuions League. Odii kan sii akan maa ɔman Ghana wɔ afe 2017 bre a na w’adi mfie 18, na Ghana ne France na esii Akan no.

Wɔ afe 2016 mu no, Abambila de ne nsa hyehyɛɛ nkrataa ase maa bɔɔl bɔ kuo a ɛne Youngstown State. Abambila hyɛɛ bɔɔl bɔ adwuma ase bre a owie suapɔn. Ɔde ne nsa hyehyɛɛ nkrataa ase maa bɔɔl bɔ kuo a ɛne FC Minsk wɔ Belarusian mmaa bɔɔl akansie no. Ɔbɛyɛ Ghanani baa a odikan too atena wo mmaa bɔɔl bɔ akansie a ɛne UEFA Women’s Champuions League bre a FC Minsk dii nkonim wɔ Ljbljana so wɔ mmaa akansie a ɛne UEFA Women’s Champuions League koo so wɔ afe 2017 mu no.

Abambila akansie a odikan sii wɔ FIFA no yɛ 2014 FIFA mmaa a wonni mfie 2017 akansie a ɛkɔɔ so wɔ Costa Rica.  Akansie a odii kan sii no yɛ nea Ghana ne North Korea sii  ma Ghana dii nkuguo 2-0 no.

FC Minsk




#Article 79: Mukarama Abdulai (122 words)


Mukarama Abdulai (wɔ woo no October da a ɛtɔ so 16, afe 2002) yɛ Ghanani bɔɔl bɔfo a osi Akan ma bɔɔl bɔ kuo a ɛne Black Maidens ne Ghana  mmaa bɔɔl bɔ kuo.

Ɔno ne ɔsahene ma Ghana bɔɔl bɔ kuo a esii akan wɔ 2012 FIFA U-17, mma a wonnii mfie 2017 amanaman bɔɔl bɔ akansie ɛkɔɔ so wɔ Uruguay, ma no nyaa abasobɔ a ɛne Golden boot, bre a ɔtoo atena prɛn nsɔn wɔ akansie no mu.  Ɔtoo atena mprɛnsa wɔ akansie a edi kan no mu a ɔne ɔman a na akansie no si wɔn nan so no sii. Ɔsan nso nyaa abasobo a ɛne Bronze Ball.

FIFA mmaa a wonni mfie 17 akansie Golden shoe afe 2018




#Article 80: Ɔfa:Society (108 words)


Ɔfa:Society
Asafo bra asasetam
Asafo ne amana

Ayɛsɛm asafo
Nneyɛɛ bɔne
Obi adwuma
Deɛ ɛfa kuromma ho asafo
Ekuo bra asafo
Nkɔmmɔ
Deɛ ɛfa nnwumakuo ho ekuo

Amammerɛ
ɛdɛm

Asafo abasɛm

Feminism ne society
Society in fiction
ɔmamfoɔ
apɔmuden 
Asafo abakɔsɛm

ɔnyɛpɛpɛɛpɛyɔ
Asafo hyɛ to hɔ
Asafo nhyehyɛeɛ
Asafo-related lists

ɔyɔnkoɔ nhyehyɛeɛ

Aduro bra asafo
ɔko
Society museums

nyansapɛ bra asafo

Postindustrial asafo
deɛ ɛwɔ ankorɛankorɛ mmara
nnipaban bra asafo
ɔsom bra asafo
Akuraase asafo
Abɔdeɛ mu nyansapɛ ne asafo
Sexuality bra asafo
Social change
Asafo dawurubɔ dwuma
Asafo asodie
Asafo abɔdeɛ mu nyansapɛ
Social work

Tɛknɔlɔgyi bra asafo
Nsuo bra asafo
Wikipedia nwoma ho asafo
Asafo portals




#Article 81: Vaccine (1235 words)


Vaccine yɛ aduro bi a yareɛ mmoawa a won ahuoden ayɛ mere anaa sɛ won awu wo mu. Sɛ saa aduro yi a kɔ nnipa mu a, ekayan nnipa dua ne mu ahuoden mmoa ma wo sɔre tia yareɛ mmoawa biara daakye biara no ɛbeba nnipa dua no mu. Wotumi de aduro no so anum anaa sɛ wo de fa panie mu wɔ nnipa no. Saa kwan yi boa ma wotumi si yareɛ bebree ano.[1] Yareɛ no bi ne small pox, polio, ntobro (measles) ɛne tetanus. Aduro a ahuoden wo mu na aboa ama yareɛ bi abrɛ se ne influenza aduro,[2] HPV aduro and chicken pox aduro.[3][4]

Vaccines yɛ ma nnipadua no na n’ahuoden tumi ko tia nsaa yareɛ bebree.[5][6][7][8] Na mmom, wo kwan bi so no, won ahuoden no tumi brɛ ase. Vaccines ahuoden gyina ɛneɛma a edidi so yi so:[9]

Yareɛ tebea (vaccines tumi ko tia yareɛ bi sen yareɛ foforo. Yareɛ mmoawa no suban (vaccines ko tia mmoawa potee bi. Sɛ mmoawa no suban dane a, vaccine no ahuoden tumi ba fam) [10] Sɛ wo redi nhyehyɛe a ɛfa vaccine ne nom anaa ne wo ho. Onipa biara da nso wo kwan a vaccine no yɛ n’adwuma. Vaccine no tumi yɛ adwuma yie wɔ nnipa bi mu sen afoforo. Nipa nfie a w’adi, ne nnipa su bi tumi kyerɛ kwan a vaccine no ahuoden bɛyɛ. Sɛ nnipa a w’asɔ no vaccine yi san ya yareɛ a, saa yareɛ no ahuoden ba fam sen nea yen sɔɔ no vaccine no bi. Nea edidi so yi yɛ nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛ hyɛ no nso sɛ yɛ pɛ sɛ vaccine a yɛde sɔ nnipa bɛ kɔ yiye.[11][12]

Yɛn nyɛ ahwɛ yiye sɛ vaccine a yɛ de ɛso nnipa no nfa ɔhaw foforo bi mma daakye bi. Yɛn nkɔso nhwehwɛ yareɛ foforo bi a ebetumi ada ne ho adi. Yɛn nkɔso nso nnipa ano wo yareɛ no ho mpo sɛ yareɛ no yera fi saa nnipa kuo no mu. Ɛnam vaccine so nti, yareɛ a yɛfrɛ no smallpox yetumi tu n’ase. Saa yareɛ smallpox yi yɛ owuo ne nsae yareɛ a ɛka nnipa. Yareɛ bi te sɛ rubella, polio, ntobro, mumps, chickenpox ne typhoid ayɛ nna sene nfie beyɛ oha a atwa mu yi esane sɛ wo de vaccine sɔɔ nnipa bebree ano.[13]

Sɛ yɛde yareɛ bi ho vaccine so nnipa bebree ano a, ɛbedu mmerɛ bi no, ɛbɛyɛ den sɛ saa yareɛ no bɛsan aba saa nnipa kuo no mu. Vaccines nso tumi boa ma nnipadua no ko tia mmoawa a ɛsore tia nnuro bi a ɛsan sɛ wone saa nnuro no anya nkitahodie bebree wo mmre bi a atwa mu no nti. Bio nso, vaccine aboa ama yareɛ bi a na penicillin ahuoden ayɛ mmerɛ wo so no wo ko tia.[14] Mpo sɛ yɛ hwɛ ntobro yareɛ a, aduro a yɛ de sɔ anoo no abɔ nnipa bebree ho ban afi owuo mu afe biara mu.[15]

Aduro a yɛde sɔ nnipa wo mmerɛ a ɔyɛ abofra no mpen pii no ɛyɛ a nsunsuanso bɔne biara nni akyiri. Mpo sɛ biribi wo ho saa, ɛyɛ na ano nyɛ den.[16][17] Nea ɛtaa esi no bi ne ahuohyeɛ, yaw wo faako a yɛde panie no wɔɔ yɛ, ɛne honam yaw.[18] Yɛ wo nnipa bi a won nnipadua no ne ahuoden duro a ɛwɔ vaccine no mu nhyia. Nanso nsunsuanso a ano yɛ den no ntaa nsi.[16][19]

Aduro anaa vaccine no ahodoɔ Aduro yɛde so yareɛ ano anaa vaccine yi gu ahohoro. Ebi yɛ yareɛ mmoawa a won awu anaa sɛ wontumi nkayan won ho. Ebi so yɛ akyi ade a ɛho te krogyeen.[20][21]

Nea ɛmu mmoawa awu Aduro a yɛde sɔ yareɛ ano bi wo hɔ a, wode yareɛ mmoawa a won awu esan sɛ wode aduro anaa ohyew aka won na ayɛ.

Nea ɛmu mmoawa ayɛ mmerɛ Aduro a yɛde sɔ yareɛ ano bi wo hɔ a, wode yareɛ mmoawa a wo te ase na mmom wontumi nkanyan won ho na ayɛ. Saa aduro yi tumi kanyan nnipadua no ahobanbo nanso won a won nnipadua no ayɛ mmere deɛ, ɛnnyɛ mma won.

Aduro bɔne Vaccines no bi nso wo ho a, wonfa, yareɛ mmoawa a won ano ayɛ mmerɛ na ɛyɛ, na ɛmom, wode adu bɔne a ɛtumi de yareɛ ba na ɛyɛ.[22]

Nea won apone mmoawa no ho bi de ayɛ Wotumi pone mmoawa ho bi de kanyan nnipadua no ahobanbo fuo. Wofrɛ no subunit vaccine

Nea mmoawa biara nni mu Wo nam abɛɛfo kwan so de vaccines afoforo a wonfa mmoawa na ɛyɛ. Wode won nyansa ne won nsa na ɛyɛ saa vaccine no.

Valence Woyɛ vaccine no bi wɔ kwan bi so a, ɛmma no ko tia yareɛ mmoawa baako pɛ.[23] Vaccines no nso bi wo hɔ a ahuoden a ɛwɔ mu nti, etumi ko tia yareɛ mmoawa bebree a wɔbɔ abusua baako.[24]

Heterotypic Vaccines no bi wo hɔ a wode mmoawa bi a wonya fi mmoa mu na ɛyɛ. Saa mmoawa yi nfa yareɛ biara mma nnipadua no mu anaase nsunsuansoɔ bɔne bi

Nnipadua no ahobanbofuo a wɔ ko tia yareɛ no hu vaccine sɛ ahohodeɛ a aba nnipadua no mu. Ne saa nti no, wosei no na afei nso wo hyɛ no nso. Saa yareɛ mmoawa a wo de yaa saa vaccine no bi san ba nnipadua no mu a, ahobanbofuo no hu no a, wosi no kwan sɛ nea ɛmma wɔn asi ntrɛ wo nnipadua no mu.

Mmoawa bi wo vaccine mu a ɛboa ma wotumi kayan won ho ma wotumi bɔ nnipa ho ban. Wo san nso de aduro bi hyɛ vaccine no mu se nea ɛmma no nsei ntɛm.

Sɛ nea yɛ bɛ nya banbo a edi mu nti, ɛyɛ sɛ yɛ de vaccine no so mmofra ntɛm pa ara na won ntwen kosi sɛ wobɛ nyin. Mmerɛ ne mmerɛ rekɔ no, ɛho bɛ hia sɛ wo bɛ san ama no aduro a ɛbɛhyɛ vaccine no mu kina. Vaccines bebree wo ho a w’ahyehyɛ no wɔ kwan bi so a, mmere ne mmere mu no, wode ma nnipa anaa sɛ onipa no di nfie bi a ansaa na wo betumi ama no saa vaccine no. Nfatohoo ne ntobro, tetanus, influenza ne pneumonia vaccines

Akwansideɛ titiriw a ɛwɔ vaccine yɛ mu no ne nkrataasɛm. Wiase apomuden dwuma keseɛ nhwehwɛ mu kyerɛ sɛ akwansideɛ no bi ne sika sɛm ne nnipa a wo wɔ adwuma no ho sua hunu.

Mpuntuo aba wo kwan ne nhyehyeɛ a wode vaccine fa so ma nnipa. Mpuntuo a ɛda nso ne nea yetumi de so nnipa anum. Mfatoho ne polio vaccine a sɛ onipa a onni ntete yɛ mpo tumi de ma. Wo gu su de mmoa ɛyɛ nhwehwɛ mu fa vaccine a wonfa ngu panie mu nwo. Wo nam abɛɛfo nimdeɛ kwan so ɛyɛ adeɛ bi a nsoe a aduro wo ano a ani ntumi nhu na wotumi de tare nipa honam ho.

Mpuntuo bebree na aba wo vaccine yɛ mu[25][26]

Kanee no, woyɛɛ vaccines de ma mmofra nkoa nanso, w’afise ɛyɛ bi ama mpayinfoɔ nso.[25] Vaccine ahorow a wotumi ka bo mu.[25] W’afi ase ɛyɛ vaccine ama yareɛ ɛyɛ koankro. Wo gu so ɛyɛ vaccine a etumi yɛ n’adwuma te sɛ nnipa dua no ahobanbo foɔ[25] Wo gu ɛyɛ vaccine a ebɛtumi abɔ nnipa ho ban fi nnipa bɔne a wo yɛ aduro bɔne ma nnipa.[25] Wo gu so ɛdane dane vaccine anim sɛ nea ɛbetumi ako atia yareɛ mmoawa bebree




#Article 82: Faustina Ampah (313 words)


Faustina Ampah (Wɔ woo no November da ɛtɔ so 30, afe 1996) yɛ Ghanani bɔɔl bɔfo a osi akan sɛ okyidɔmfo ma bɔɔl bɔ kuo Belarus side, FC Minsk. Ampah ka Ghanafoɔ mienu a wosii akan wɔ akansie a w’ato din UEFA Women’s ChampionS League wɔ bosome a ɛtɔ so du, afe 2017 mu.

Apampa hyɛɛ ne bɔɔl bɔ adwuma ase wɔ Ghana, a na ɔne bɔɔl bɔ kuo Blessed Ladies a ɛwɔ Kasoa  dii nsawɔsoɔ mfie nsɔn. ɔde ne ho kɔdɔɔm bɔɔl bɔ kuo foforo a ɛne Lokomotiva Brno Horni a ɛwɔ Czech Republic. Faustina Ampah  ka FC Minsk kuo a esii akan wɔ mmaa bɔɔl bɔ akansie a w’ato din 2017-2018 UEFA Women’s Champions League ma bɔɔl bɔ kuo a ɛne Slavia Prague dii wɔn so nkunim wɔ ɛfa a ɛtɔ so 32 na eyi ma no beyɛɛ Ghanani a odii kan sii akan wɔ UEFA Women’s Champions League fa a ɛtɔ so 32.

Faustina Ampah sii FIFA akansie edikan wɔ 2012 FIFA U-20 Women’s World Cup a na Esi Japan nan so wɔ afe 2012. N’akansie a edikan no yɛ nea wɔne United States hyiae maa United States hyɛɛ wɔn 4;0. Faustina Ampah ka kuo a esii akan wɔ 2014 FIFA U-20 Women’s World Cup ne 2014 FIFA U-20 Women’s World Cup na eyi ma no bɛyɛɛ Ghanani koro a w’asi akan mprɛnsa wɔ akansie a w’ato din FIFA U-20 Women’s World Cup.

Ampah akansie a odii kan si maa Ghana mmaa bɔɔl bɔ kuo no ne akansie a ne din ne 2018 WAFU Women’s Cup. Osii kan wɔ akansie nnum a ɛkɔɔ so no nyinaa mu maa no boa Black Queens ma wodii kan wɔ akansie no mu. ɔtoo atena tia  Nigeria mmaa bɔɔl bɔ kuo no wɔ akansie fa ɛtɔ so nna no mu. Onyaa abasobɔ wɔ saa akansie no mu.

FC Minsk

Ghana mma bɔɔl bɔ kuo




#Article 83: Aprapransa (403 words)


Aprapransa yɛ Akanfoɔ aduane (sɛdeɛ ne din mpo kyerɛ no) a Eastern, Ashanti, Brong-Ahafo amantam ne Greater Accra fa bi a.ɛwɔ Ghana ha na wɔtaa yɛ saa aduane yi. Deɛ wɔde yɔ aprpransa titire no ne kyekyire (a wɔtaa frɛ no 'tom brown') ne abɛnkwan ne adua nsɛwa ana frɔɛ biara a ɛbɛhyɛ nkwan no anan mu nnɛ berɛ yi anaasɛ wɔde resa mu, ɛna atɔsodeɛ biara ɛma nkwan ne frɔ yɛ dɛ. Wɔyɛ di no berɛ titire bi na wcntaa nyɔ nti ɛreyɛ atwam mpo.

Aprapransa as a complete meal is not a food that is commonly found on the streets of Ghana or is prepared every day in the house. It is usually served by the Akan tribe on special occasions such as marriage ceremonies, naming ceremonies, birthday celebrations, family cookouts, etc. Its name derived from the fact that it is a complete meal with its soup/stew integrated that one only needs to wipe their hand (prapra wo nsa) to eat. 

Nnoɔma titire a ɛhia de ayɔ aduane yi yɛ kyekyire, (tom brown) ne abɛnkwan ana nwo. Ɛna adua, atosodeɛ biara wopɛ, te sɛ ntoosi, mako, akekaduro, gyeene, ne ade. Ɛnam nso taa yɛ nsuomunam te sɛ ɛmane, koobi, ɔkɔtɔ ne ade.

Nkwanyɔ no na ɛfiri ne yɔ ase. Noa abɛ no wɔ na sɔne nya abensuo no. Fa ntoosi gyeene nkyene mako no kye nam a woabubu no nketekete no ho bɛyɛ sima du wɔ kwansɛn no mu na woahwie abɛnsuo no agu so ma no anoa bɛyɛ sima aduasa.

When the soup is well-cooked, some of the palm oil is scooped and some meat taken out for garnishing. A mixing spoon is washed and ready as the fried-corn flour is gradually added to the soup while it is stirred continuously to prevent it from lumping. Water is added if the texture is too thick. 

Bɛyɛ sima aduonu akyi no na wode adua no agu mu aka afra bɛyɛ sima du bi pɛ na aprapransa no abene a wobɛtete ama yɛadie. 

Sɛ nso frɔɛ mmom na wode bɛyɛ a na wode kyekyire no afra frɔɛ no aka sɛdeɛ wode nkwan na ɛreyɔ no ara kɔsi sɛ ɛbɛbene na watete no berɛ ɛyɛ hye no ara. Sɛ aprapransa no mu yɛ den paa ma ɛbɛyɛ sɛ dɔkono a wɔtumi frɛ no 'Obuweɛ'.

Kyekyire (tom brown) no nso, wɔtɔn bi dwamu. Sɛ wobɛyɛ wodeɛ nso de a na woakye aburo no akɔyam




#Article 84: King Bruce (533 words)


King Bruce (3 June 1922- 12 September 1997) yɛ Ghanani  nnwom kyerɛwfo, agofomma dikanfoɔne nwomtoni.

Nwom kyerɛwfo, ɔhyɛhyɛfo, agofomma dikanfoɔ ne nsakuo dodoɔ ho nimdeɛ ma no nyaa nkoanim wo Ghana amamerɛ nwomtoɔ mu wɔ akwan pii so. Wɔ woo no wɔ James Town, Accra, Gold Coast (a ɛne nnɛ GhanaN

Bre a na owo ntoaso sukuu mu no, King suae ma no nyaa nimdeɛ faa nhyehyɛe a ɛfa amanɔnefo nwomtoɔ ho na afei nso, onya nimdeɛ faa Ghana mmusuakuo ahorɔw ho ne titriw Twi ne Ewe. Nanson  n’awofo anna anso ho dae sɛ ɔbɛyɛ nwomtoɔ ho nwuma ma nti wɔ de no kɔɔ London mfie mienu a wɔn botae ne sɛ obesua ade abɛyɛ  aban krakyeni. Bre a ɔwɔ ho no, King suaa sɛnea wɔbɔ Trobɛnto. Bre a ɔsan n’akyi baa Ghana wɔ afe 1951 mu no, ɔde ne ho kɔhyɛɛ highlife nnwomtoɔ mu ma no benyaa akwanya ne Teacher Lamptey’s Orchestra dii nsawosuoɔ.

Wɔ afe a edi hɔ no mu no, King ne afoforo hyehyɛɛ kuo a wa’to din; the Black Beats a sɛ ɛnyɛ king na ɛka ekuo no ho a, anka edin no amba. Edin no yɛ ade a ɛkyerɛ aniso a ɔwɔ ma Afrika Nnygyei wɔ saa bre no abrɔfo amnmui ase. Nanso, na nnygyei a ɛne ‘’swing’’ a efi United states no yɛ ade ɛno nso yɛ Afrika nnyegyei na saa ‘’Swing’’ yi bɛyɛɛ ade edii akotene wɔ ‘’Black Beats’’ nnyegyei mu, ma wɔ de nnwom ahorɔw pii baa abɔnten. Wɔ afe 1961 mu no, Blak Beats mu foɔ dudoɔ nkorɔn na ɛtee wɔn ho kɔtee ekuo foforo a ɛne Remblers, na ɛemaa King Bruce hwehwɛɛ nnipa foforo a wɔbɛka ne kuo no ho. Na wɔn a w’ate wɔn ho no nyinaa yɛ mmabun na otitriw  a ɔka wɔn ho ne Trobɛnto hyɛnfo Anthony Foley a na ofiri Mr. Hammond Brass Band mu. ɔbɛyɛɛ Trobɛnto hyɛnfo dikanfo nasno, ogyae too hɔ kɔɔ amanɔne. eKuo no mu afoforo ne Bengo Blay Sax, Stanley Lokko Sax, Jimi Sax, Jerry Bampo guitar. George Ofori ne Quracoo deɛ, na wɔ to nnwom. Mfie nsia akyi no, ɛho behiae sɛ ɔde nnwuma no mu baako to hɔ; sɛ ɔdwɔmtofo anaa aban dwumayɛfo. Ne bɔtɔ mu sii gyinae no maa no, ma ɔde nwom no ho panyindie no hyɛɛ ofoforo nsa

Wɔ 1970 mfie no mu no, King boa maa wɔ boaboa nwomtofoɔ ano yɛ wɔn kuo baako. Na odi akotene wɔ miensa mu wɔ ne bre so, a wɔn mu baako ne Ghana adwomtofoɔ nkabomkuo (MUSIGA) , ɛhyɛɛ ase 1974 na ɛda so gyina ne nan so nnɛ. Wɔ afe 1977, okoo ahomegyeɛ mu firii aban adwuma mu na ɔsan de ne ho kɔ hyɛɛ nwomto mu, nanso saa bre yi deɛ, nea ɔde ne ho hyɛɛ mu titriw ne adekyerɛ a ɔde maa adwomtofo afoforo. King fie a ɛwɔ James Town no bɛyɛɛ beae a agofomma 7 dii nsawosoɔ, a won nyinaa nyaa ne suahunu ne n’akwankyerɛ ho mfaso. Bre a owui wɔ afe 1997 no, na afoforo pii yɛ wɔn a w’anya ne suahunu ho mfasoɔ, na ne nwuma yɛ nea ɛbɛ kɔ so ada adi wɔ Ghana afebɔɔ. John Collins ne Banining Eyre kyerɛw n’abakɔsɛm wɔ brofo kasa mu..




#Article 85: Prisca Abah (194 words)


Prisca Abah yɛ Ghanani a ɔyɛ adwuma sɛ nhwɛsode. Wɔ afe 2018 mu no, onyaa abasobɔde sɛ afe 2018 mu mmaa nhwɛsode a odi kan wɔ abasobɔ dwumadie w’ato din (GOWA). Wɔ saa afe koro no ara mu no, wɔ san nso bɔɔ n’abaso se nhwesode a a ɔwɔ nkoanim wɔ abasobɔde dumadie foforo a eye nea edikan kora, w’ato din Ghana Modelling Industry and Heroes Awards, a ne hyehyɛfo  ne Models Union of Ghana (MODUGA). Abah yɛ ɔkwankyerɛfo  ma amanman mu nkabomkuo mmaabun wɔ Ghana. Sɛ amanmanmu nkabokuo mmabun ntamgyinafoɔ a ɛne SDG 12 no, ogyinaa Ghana anan mu  wɔ dwumadie bi w’ato din ‘’the 2nd Global sustainable Rice Conference and Exhibition a ɛkɔɔ so wɔ Thailand wɔ afe yi mu.

Abah ada ne ho ade wɔ dwumadie ahorɔw wɔda adepamfo adi wɔ Ghana ne mmeae ahorɔw a ebi ne ‘’Lagos Fashion  and Design Week, Lagos Awards, Ghana Fashion awards, Fashion GH weekends, Passion for Fasion, Radford Graduation fashion show ne Mercedes Benz African Festival. ɔne adepamfo akukudam adi nsawɔsoɔ a wɔn mu bi ne Ejiro Amos Tafiri, Charlotte Prive, Melanie Crane, Bello Edu, Nicolinegh, Quofi Akotua, Adeiwavade, Larry J ne Nallem Clothin.




#Article 86: Mpraeso (151 words)


Mpraeso yɛ kuro ne kurpɔn a ɛwɔ Kwahu anafo mpɛsoa so, mpesoa a ɛwɔ Apue Mantam mu wɔ Ghana, ɛda beae a ɛne latitude 367m wɔ kwahu Plateau a ɛne Lake Volta bɔ hyeɛ. Mpraeso wɔ nkoro nketewaa 2013 na nnipa dodoɔ a ɛwɔ hɔ no yɛ 11,190..

Amanyɔsɛm

Mpraeso wo mpraeso mpɛsoaso, na ne mmarahyɛ beguani din ne Hon. Seth Kwame Acheampong a oyɛ amanyokuo New Patriotic Party no mu ni.

Nsuo a ne din River Pra no atifi bɛn mpraeso

Ntoaso sukuu a ɛwɔ ho ne din ne Mpareso Secondary school (MPASS)

Wɔ afe 1924 mu no, wɔ huu sɛ ɛfɔm agudie a ɛne Bauxiten wo mpraeso asase so, eyi maa wobuee adwumakuo a ɛyɛ Bauxite ho adwuma a ɛbɛn nsuo a ɛne River Volta.

Wonim mpraeso sɛ beae wɔde dɔteɛ nwene nneɛma , ne titriw ne ayowa, nkyɛnsen ne nkukuo a wɔde aduane a wo de dɔteɛ anwene.




#Article 87: Osei Kofi (162 words)


Osei Kofi   yɛ Ghanani bɔɔl bɔfo a w’akɔ ahomegyemu. Osii akan maa bɔɔl bɔ kuo a wɔfrɛ no Asante Kotoko S.C ne Ghana man bɔɔl bɔ kuo black stars. ɔka wɔn a wonyaa atena tofoɔ a wodi kan abasobɔ wɔ afe 1965 Akansie a w’ato din African Cup of Nations a ɛkɔɔ so wɔ Tunis a ɛwɔ Tunisia, bre a Ghana dii nkunim nea ɛtɔ so mprenu no . ɔka wɔn a wonyaa atena tofoɔ a wodi kan abasobɔ wɔ afe 1965 Akansie no mu na otoo so miensa wo African Cup of Nations akansie a ɛkoo so wo 1968. Wɔ too Osei kofi din a ene ‘’Ntweɛ mu bayiefoɔ’’ esiane ne sɛ w’akadre wɔ senea wɔtwe nti

Osei Kofi poo sika a wɔ de maa no wɔ ne mmerante bre mu,na eyi yɛ akwanya a anka ɔde bɛko amanɔne akɔ si akan nanso, w’angye wɔ afe 1969 mu. Akyiri, ɔbɛyɛ ɔsɔfo.

ɔyɛɛ adwuma sɛ ohwɛfo maa oman no agodie

Asante Kotoko




#Article 88: Kwamena Ahwoi (320 words)


Kwamena Ahwoi (wɔ woo no October da ɛtɔ so 13, afe 1951) yɛ Ghanani amanyɔni a ɔsom sɛ ɔsoafo a ɔda asoe a ɛhwɛ nkurow nketewa amambuo ne mpontuo so firi afe 1990 kosi afe 2001 wɔ amanyɔkuo National Democratic Congress (NDC) amanbuo ase, bre a Jerry John Rawlings yɛ ɔmanpanyin no. ɔde mmere tia bi san nso soom sɛ ɔsoafo a ɔhwɛ Amanɔne nsɛm so wɔ afe 1997, na afe 1990 mu nso, na ɔyɛ ɔsoafo ananmusifo wɔ saa asoe no. Wɔ afe 2015 mu no, ɔde dwumadie a odi sɛ ɔkandifo a ɔda NDC nhwehwɛmu asoɛ no too hɔ.

Kwamena ahwoi  de abasobɔ  bi a wɔfrɛ no Rhodes Scholarship suaa mmeranim wɔ suapɔn a ɛne Oxford University . Ne dwumadie a odii no NDC aban mu no ama no  akwanya ne dibea ahorɔw pii. Wɔ mfie 1980 mfinifini mu no, ɔsoom sɛ ɔkwankyerɛfo a ɔda adwumakuo a ɛhwɛ ɔman no toɔ gyegye so a ɛne Office of Revenue Commission, na afei nso, ɔsoom sɛ ɔkyerɛwfo maa asoɛ a ɛhwɛ amanɔne nsɛm so. Wɔ afe 1990 mu no, na ɔsom  sɛ ɔkyerɛwfo ma asoɛ ɛhwɛ nkurow nketewa amambuo ne mpontuo so. Wɔ ne bre so no, otuu anamɔn sɛ nka ɔreka amanyɔkuo NDC ne National Reform party abom wɔ afe 1999, na ɔsomaa Ghana banbɔfo kɔɔ boa Nigeriafo kuo a w’ato din ECOMOG a na wɔreboa asi ɔko a na erekɔ so wɔ Sierra Leone Civil War ano wɔ afe 1997, bre wotuu aban a na ɛte so gui no. Bre a NDC  aban no dii nkuguo wɔ afe 2001 abatoɔ no mu, Ahwoi de na ni sii New Patriotic Party aban so wɔ nneama a ogye di sɛ wɔnnyɛ no yiyie nti, na ɔyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛsɔ mpaepae mu a na aba NDC mu no ano.

Saa bre yi deɛ, ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Suapɔn a ne din de Ghana Institute of Public Administration a ewɔ Ghana




#Article 89: Joseph Aidoo (243 words)


Joseph Aidoo  yɛ Ghanani amanyɔni a ɔsoom sɛ mmarahyɛ baguani ma amanyɔkuo New Patriotic Party Party wɔ Amenfi abatoɔ mpɛsoa so , a ɛwɔ Atoe Mantam .

Wɔ woo no wɔ August da a ɛtɔ so 4 afe 1958 wɔ Sefwi Ewiase wɔ Atɔe manatam mu a ɛwɔ Ghana. Owie akyerɛkyerɛfo ntetee sukuu wɔ afe 1981 na ɔtoaa so kowie wɔ Suapɔn a ɛne a Ghana Institute of Public Administration.

ɔyɛ nhomasua mu Okunini.  Na ɔyɛ ɔmanpanyin ananmusifo wɔ Sefwi Ewaise a ɛwɔ Atɔe Mantam mu wɔ Ghana firi afe 1990 kosi afe 2000. Na ɔyɛ ɔkwankyerɛfo abediakyire wɔ adwumakuo a ɛne Ghana education Srevice. Wɔ afe 2020 mu no, ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkwankyerɛfo maa adwumakuo a ɛne Ghana Cocoa Board.

ɔyɛ New Patriotic Patriotic Party amanyɔkuo no mu ni. Na ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Amenfi East abatoɔ mpɛsoa so wɔ mmarahyɛ beguakuo a ɛne 5th Parliament of the 4th Republic of Ghana. Mma dodoɔ a wɔtoo no yɛ 35,832 na ɔde 18,576 na edii nkunim wɔ New Partriotic Party din mu.Wɔn a odii nkunim wɔ wɔn so no din ne Akwasi Oppong Fosu a ogyinaa wɔ National Democratic Congress din me, ne Smauel Yaw Obeng-Damoah a ogyinaa wɔ amanyɔkuo Conventions People Party din mu. Wɔn mienu no nyaa mma no mu ɔhamu nkyekyɛmu 45.33% ne 2.83%. Woyii no sɛ ɔsoafo a ɔhwɛ Atɔe Mantam no so

ɔyɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra nnum, ɔyɛ Kristoni  a ɔsom sɛ Catholic ni.




#Article 90: John Gyetuah (270 words)


John Gyetuah yɛ Ghanani amanyɔni a ɔsoom sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Amenfi West mpɛsoa so a ɛwɔ Atɔe Mantam mu wɔ Ghana.

Wɔ woo John wɔ October da a edi kan afe, 1959 wɔ Asankra Breman a ɛwɔ Atɔe Mantam mu wɔ Ghana. Owie suapɔn wɔ University of Cape coast wɔ afe 2004 mu. ɔtoa so kɔɔ suapɔn a ɛne GIMPA na ɔde n’adesua baa awie wɔ afe 2008.

Na ɔyɛ nhomasua mu kunini.  na ɔyɛ ɔhwɛfo ma adwumakuo Ghana education service.

Na ɔyɛ amanyɔkuo National Democratic Congress no mu ni . Na ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Amenfi West mpɛsoa so wɔ mmarahyɛ beguakuo a ɛne 5th Parliament of the 4th Republic of Ghana. Wɔ too aba yii no wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 2008 mu ,na onyaa mma a ne dodoɔ yɛ 31,858 no mu 18,838 a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 57.75 de dii nkunim. Wɔn a odii wɔn so nkunim no din ne Agnes Sonful a ogyinaa wɔ New Partriotic party din mu, onyaa mma no mu 41.035, na afei Anthony Kwame Annimil a ogyinaa wɔ Conventions People Party din mu no nso nyaa mma no mu 1.27%. Wɔ afe 2010, ɔmanpanyin John Evans Atta Mills paw no sɛ ɔman soafo wɔ n’aban mu.

Na ɔyɛ ɔwarefo a okuraa mmɔfra nsɔn. Na ɔyɛ Kristoni a na ɔsom wɔ Methodist asɔre.

Owui wɔ October da a ɛtɔ so 13, afe 2015 bre a na ɔda so y ɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Amenfi West wɔ mmarahyɛ beguakuo a ɛne 6th Parliament of the 4th Republic of Ghana




#Article 91: Faustina Acheampong (145 words)


Faustina Acheampong (/əˈtʃæmˈpɒŋ/ ə-CHAM-PONG-G) yɛ Ghana manpanyin yere a odi kan wɔ Ghana abakɔsɛm mu firi 1972 kosi 1978.  Na ne kunu ne ɔmanpanyin General Ignatious Kutu Acheampong  a na ɔda kuo a w’ato din National Redemtion council ne Supreme Military council, a na ɔyɛ Ghana manpanyin firi 1972 kosi 1798

ɔhweree ne dibea no de maa Emily Akuffo, bre a General Fred W.K Akuffo tuu General Ignatious Kutu Acheampong  aban gui na ohyehyɛɛ aban foforo a w’ato din Supreme Military Council (SMC II) aban. Saa nhyehyɛe a ne botae ne sɛ ɛde Ghana besi amanbui nhyehyɛe a ɛnam abatoɔ so ba no, ekuo a ɛne Armed Forces Revolutionary Council, a nea odi anim ne Jerry Rawlings tuu gui

Ansa na ɔbɛyɛ ɔmanpanyin yere no, na ɔte UK abrokyire man mu a na ɔne nnwumakuo ahorɔw aka abɔ mu wɔ Ghana a wɔ yɛ adɔe.




#Article 92: Mercy Tagoe (297 words)


Mercy Tagoe (Tagoe-Quarcoo, bre a ɔwaree, wɔ woo no February da a ɛtɔ so 5, 1974) ye Ghanani a oda bɔɔl kuo ano ne kane bɔɔl bɔ ni a osii akan se banbɔfo ma Ghana mmaa bɔɔl bɔ kuo. ɔka bɔɔl bɔ kuo a wosii akan wɔ 1999 FIFA Women’s World Cup wɔ United States. Osii akan maa bɔɔl bɔ kuo a ne din de Bluna Ladies wo Ghana.

Wɔ February afe 2018 mu no, ɔde bɔɔl bɔ kuo a ene Black Queens kodii nkonim nea edikan wɔ akansie a ne din de West Africa Football Union (WAFU) wɔ Abidjan, Cote d’ivoire bre a ɔyɛ  ɔda bɔɔl bɔ kuo no ano.

Ansa na wɔbefa no sɛ ɔb3da bɔɔl bɔ kuo ano no, na Mercy Tago yɛ adwuma se ɔsɛntwamfoo wɔ Ghana bɔɔl bɔ akansie a ɛne Ghana Premier League.

ɔhyɛɛ ɔsɛntwam adwuma no ase wɔ afe 1995.  ɔyɛɛ abakɔsɛm sɛ Ghanani baa a odikan kɔ yɛɛ adwuma sɛ ɔsɛntwamfo wɔ mmaa bɔɔl bɔ akansie a ɛne FIFA Women’s World Cup wɔ afe 2007 a ɛkɔɔ so wɔ China. Wɔ afe 2012 mu no, ɔde ɔsɛntwamfo adwuma no too hɔ esiane atutuasem a ɛwɔ akansie no mu nti.

Wɔ afe 2016 mu no, wɔfaa no sɛ ɔhwɛfo maa bɔɔl bɔ kuo a ɛne Amidaus Professionals, na ɔne a ɔbaa a odikan a w’anya saa akwanya no. ɔde mmere kakra bi yɛɛ adwuma sɛ nea ɔda Ghana mmaa bɔɔl bɔ kuo ano bre a Didi Dramani mmere baa awie no. Ne nsa kaa adwuma no se nea ɔda kuo no wɔ afe 2019.

ɔyɛ adwuma sɛ nea ɔda bɔɔl bɔ kuo a ɛne Halifax Ladies wɔ super League nanso , ɔde too hɔ wɔ afe 2020 na ama no atumi de n’ani asi oman bool bo kuo no so.




#Article 93: Teshie (392 words)


Teshie yɛ kurow a ɛben ɛpo wɔ Ledzokuku Mpɛsoa do a ɛwɔ Mkran Mantam no mu, wɔ Ghana Anafoɔ fam. Teshie to so nkrɔn wɔ nkurow a nnipa wɔ so dodo wɔ Ghana nan nipa dodoɔ a ɛwɔ Kurow no mu yɛ 171,875

Teshie wɔ Ledzokuku Mpesoa na mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ din ne Onuonyamfo Dr. Bernard Okoe Boye, a ɔyɛ amanyokuo New Patriotic Party ni nan a onyaa ade die no firii Onuonyamfo Benita Sena Okiyi-Dua a ɔyɛ amanyɔkuo National Democratic Congress no mu ni.

Teshie yɛ nkurow a ɛwɔ fahodie wɔ nkran man no mu baako, wɔ bosome a ɛtɔ so nwontwe no afe biara, kurow no di afahye a ɛne Homowo. Wɔ wɔ gyedie sɛ, nnipa a wɔ te teshie no firi kuro bi ɛde La, a ɛda Teshie anafoɔ.

Abankɛse a ɛne Fort Augustaborg, a nnipa wɔne Danes sii no wɔ afe 1787 no wɔ Teshie na na abrɔfo a wɔne British na etenaa mu firi 1850 kosi 1957. Atetesem kyere se , Teshie dii mfie 300 wɔ afe 2011.

Teshie yɛ kuro a kasa ahorɔw pii wɔ so esiane Kabi-ma-me nka bi amambuo ne mpontuo nnwuma ahorɔw a ɛko so wɔ ho no

Teshie mu twe firi Kpeshie Baka kosi Teshi-Nungua estate (beaeɛ a ɛne First Junction) de kosi Atifi kosi Anafoɔ fam wo Teshie kwan no so. Teshie kuro no anyin ayɛ keseɛ ma nnɛ, ɛka nkuro akɛseɛ a ɛwɔ Ghana no ho.

Wonim Teshie sɛ ɛyɛ kuro a wɔ yɛ efununnaka, a Seth Kane Kwei hyɛɛ ase wɔ afe 1950 mu na ɛda so wɔ hɔ nnɛ sɛ Kane Kwei Carpentry Workshop (nea ɔhwɛ so ne Eric Adjetey Anang) ne afoforo a wɔ kura nsano nnwuma pii

Labadi Mpoano anaa edin foforo a wɔ de fre no ne La anigye mpoano yɛ nea ɛbɛn Teshie.  Saa mpaono no nea adagyeɛ nni hɔ anaa sɛ enni ne ho twaberɛ wɔ Ghana. ɛka mpoano kakra a ɛwɔ Nkran mantam no mu na wɔn a wɔ hwɛ so no yɛ adwumayɛfoɔ a wɔn wɔ ahohoɔgyebea.

Ankorɛankorɛ sukuu ahorɔw pii wɔ Teshie a wɔn mu bi ne Godsway Preparatory school, Teshie St. Johns, Sunrise Preparatory  JHS, Nana Mission Academy, Ford School Ltd

Wɔtrɛw ɔkwan no ma no yɛɛ kwantenpɔn mienu firi OTU Barracks kosi First Junction wɔ afe 1970.

Teshie wɔ keteke gyinabea a ɛwɔ kuro no atifi.




#Article 94: Ablekuma (112 words)


Ablekuma yɛ kuropɔn a ɛda Ga mfinifini Mpɛsoa so wɔNkran mantam mu

Ablekuma da Awoshi-Pokuase kwantepɔn no so.  Kwan teneten a ɛda ɛne ewimhyɛn gyinabea a ɛne Kotoka international Airport no bɛyɛ kilometa 13.4 (8.3 mi).  Osiwiee a ɛwɔ kuro ne yɛ 05 31 12N, 00 28 48W.

Ablekuma pagyamu bɛyɛ meta 45

Ablekuma  wɔ Anyaa-Sowutuom mpesoa so an ne mmarahyɛ baguani ne Shirley Ayorkor Botwe a oyɛ amanyokuo New Patriotic Party din mu. ɔhenepɔn a ɔwɔ Ablekuma din ne Nii Larbi Mensah IV.

Wonim Ablekuma sɛ ɛyɛ beae a wokuum apolisifoɔ mienu; Owusu sekyere (alias Kweku Ninja) ne Jerry Wornu (alias Taller) wo November da a ɛto so 24, afe 1998.




#Article 95: Abokobi (107 words)


Abokobi yɛ kuro ketewa ne kuropon ma mpɛsoa a ɛne Ga East a ɛwɔ Nkran Mantam mu.

Asɛmpatrewfoo a woka ‘’Baseler Missionsgesellsschaf’’ (Basre Asempatrewfo) na ɛhyehyɛɛ kurow no wo afe 1854. Wɔ hyehyɛɛ hɔ sɛ guankobea maa Akristofo a waguane afiri Osu (Kane Danish-Ankran a ɛbɛn Christianborg) bre a British Aban a ɔwɔ so saa bre no de atuo ne atopaee to hyɛɛ Osu so firi po no so esiane sɛ na kuromanfoo no ayɛ wɔn adwene sɛ wonntua toɔ foforo a aban no de aba no..

Kurow no hyɛ mpɛsoa a ɛne Ga East Mpesoa no ase na ɛwɔ Abokobi-Madina abatoɔ mpesoa so wɔ mmarahye badwafie.




#Article 96: Achimota (127 words)


Achimota yɛ Kuro a a ɛwɔ Accra ahenkuro a ɛne Accra Metropolitan District wo Nkran Mantam no mu wɔ Ghana. Achimota asekyerɛ ne ‘’Mmo edin biara”, ɛyɛ Nkran kasa. Ansa na Ghana benya fahodie no, na ɛho yɛ Kwae brentuo a w’abra hɔ kɔ, na ɛhɔ yɛ koom ma nti nkoa a w’aguane afiri wɔn wuranom hɔ de hɔo yɛɛ guankɔbea

Wonim Achimota yɛ faako a Achimota Sukuu a agye din no ne St.John's Grammar Sukuu no. Achimota wɔ kwantenpɔn a kɛse a ɛwɔ Nkran a ɛbɛn Tesano. Achimota wɔ adan a w'asisi no wɔ ɔkwan pa so, nsanombea ne beaɛ a anadwosetena yɛ anika.

Achimota Ayaresabea no bɛn beae Achimota Gulf Agodibea no wɔ na ɛno ne beae wɔ gye ayaresa wo.

Achimota wo keteke gyinabea




#Article 97: Kojo Botsio (408 words)


Kojo Botsio (Wɔ woo no February da ɛtɔ so 21, afe 1916, Owui February da ɛtɔ so 6, afe 2001) Na ɔyɛ Ghanani amanmanmu ananmusifo ne amanyɔni. Osuaa ade wɔ Bretain, na ɔbeyee sika so hwefo maa kuo bi a wɔfrɛ no West African National Secretariat na ɔde mmere kakra yɛ dwumadie so hwɛfo maa Abibiman sukuufoɔ kuo a ne din de West African Student Union. ɔsoom se ne man mu nhomasua ne abrabɔ mu yiedie soafo wɔ afe 1951, Na ɔsoom sɛ amanɔne so soafo mprenu wɔ Kwame Nkrumah a ɔyɛ amanyɔkuo Conventions Peoples Party (CPP) no animdifo no mu baako aban no mu

Kojo Botsio kɔɔ sukuu a ne din de Adisadel College a ɛwɔ Cape Coast ne Achimota College a ɛwɔ Nkran. ɔtoaa so kɔɔ Suapɔn a ɛwɔ Sierra Leone a ne din de Fourah Bay University, a na ɛno ne Suapɔn koro pɛ a ɛwɔ abibirem atɔeɛ. ɔkɔɔ abrokyire man a ɛne United Kingdom wɔ afe 1945 kɔ toa n’adesua so wɔ Suapon a ɛne Brasenose College, Oxford University ma no nyaa abodin wɔ asase ho nimdeɛ

Botsio yɛ kane ɔkyerɛkyerɛni wɔ sukuu a ɛne St. Augustine’s College ne London City Coucil secondary school a ɛwɔ United Kingdom. Na ɔyɛ ɔkandifo ma Abuakwa State College a ɛwo Kibi a ɛwɔ Ghan. Na ne sukuufoɔ no bi ne Kofi Baako ne P. K. Quaidoo a na wɔn nyinaa ye soafo wɔ Nkrumah aban ase

Botsio hyiaa Nkrumah nea edikan wɔ afe 1945 bre a ɔwɔ London no. ɔboa ma wɔtee CPP. Onyaa akwanya kɔɔ mmarahyɛ kuo a w’ato din Legislative Assembly wɔ winebafo anan my bre a odii nkunim wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu wɔ afe 1951, na Nkruma ne ɔkandifoɔ ma aban no nwuma ho nsɛm. ɔkɔɔ so tena mmarahyɛ kuo no mu kosii afe 1957, bre a ɔbɛyɛɛ Mmarahyɛ baguani. ɔtoa so yɛɛ mmarahyɛ baguani kosii afe 1966 bre a kuo a ɛde National Liberation Council twee Ghana mmarahyɛ bugua sensɛn, na wotuu CPP aban a Kwame N   kruman da ano no.  Na ɔwɔ Nkrumah hɔ bre a owui wɔ afe 1972.  ɔsoom sɛ soafo a ɔhwɛ Nwuma ne mfirinnwuma so wɔ CPP aban mu. Bre bi a atwam na ɔsom sɛ soafo a ɔhwɛ Amanɔne, yiyiedie, Akwantuo, kuayɔ ne mpontuo so.

Na Kojo Botsio ye ɔwarefoɔ a ne yere din de Ruth Whittaker. Wɔ woo mmɔfra mienu a wɔn de Kojo ne Merene; na wɔn mienu no ye mmaranimfoɔn




#Article 98: Stephen Allen Dzirasa (391 words)


Stephen Allen Dzirasa kane Ghana nhomsua mu okunini, ɔsɔfo ne amanyoni. Na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo ansa na ɔbɛyɛɛ Methodist ɔsofo. Na ɔyɛ ɔman suafo wo Kwasafoman a edikan no mu. ɔsoom sɛ Ghana soafoa a ɔwɔ Gunea na afei nso, na ɔyɛ soafo a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so abediakyire. Na ɔyɛ mmarahyɛ baguani a na ogyina hɔ ma Upper Tongu abatoɔ mpɛsoa so.

Wɔ woo Dzirasa wɔ July da ɛtɔ so 23, afe 1918 wɔ Tongu mpɛsoa so a ɛwɔ Frao Mantam no mu , na n’awofo din de Doefe ne Andrews Torgbemu Dzirasa. Ne mmɔfrase pɛɛ na n’awofoɔ ntam tetee ma no dii ne maame akyi kɔtenaa ne nana barima a ne de Awittor hɔ wɔ kuro a ɛne Kpong. Ne papa nyaa akwanya kɔfaa no baa ne nkyɛn bre a na w’adi mfie nwotwe, ɛhɔ na ɔhyɛɛ ne nhomasua ase. Wɔ afe 1926 mu no, ɔkɔɔ Aveyime Salem; Metodisefo sukuu a na ɛwɔ akuara no ase saa bre no. ɔtoa n’adesua no so kɔɔ sukuu a ne din de Presbyterian Boarding School a na ɛwɔ Ada Foa, osan nso kɔɔ sukuu a ene Trinity College a ɛwɔ Kumasi..

Dzirasa yɛ adwuma sɛ nmmoakuo so hwɛfo wɔ ne papa afu mu bre a na ɔyɛ abrantewaa no, na ɔde ne papa anantwie kɔ adidie bre nyinaa. ɔsan nso suaa apopodwuma, kuayɔ ne ade tɔn firii ne papa ne ne wɔfa ho. Owie sukuu no, Dzirasa nyaa adwuma wɔ adwumkuo a ne din de U.T.C sɛ sotoo so hwɛfo abediakyire. ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛni mmere kakra bi akyi no, wɔpaw no sɛ Metodisfo sɔfo. Wɔ afe 1951 mu. Wɔpaw no sɛ asɔfo nhyiamu so ɔkyerɛwfo a ɔtɔ so mienu firi afe 1952 kosi 1954

Na ɔyɛ otitenani ma Lower Tongu mansin no mmarahyɛkuo na wɔ afe 1953 mu no, wɔpaw no Van Lare Commission kuo no mu ni. Wɔ too aba yi no sɛ upper Tongu no mansin no mmarahyɛ kuo mu ni wɔ afe 1954. Wɔ July afe 1960 mu no, wɔpaw no sɛ Guinea so soafo na wɔ December 1960mu no, wɔ yɛɛ no Soafo a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so no abediakyire (soafo kyerewfo).  ɔsoom sɛ soafo kosii sɛ wotuu Nkrumah wo February, afe 1966.

Na Dzirasa ne ɔba a ɔtwa toɔ wɔ ne maame mma nnan ntam, na na ɔyɛ ɔbakofo a ne maame woo no maa ne papa




#Article 99: Krobo Edusei (273 words)


Krobo Edusei (Wɔ woo no December da ɛtɔ so 26, afe 1914, Owui February da ɛtɔ so 13, afe 1984) Na ɔye Ghanani amanyɔni ne Kwame Nkruma aban no atitriw no mu baako. Na ɔye obi a w’agye din, obi ɔka n’adwen ne Asanteni kunini ɔkandifoɔ a ɔpere pe nkankoro ma Ghana fawohodie dwumadie, na ɔboaboa asantefoo anɔ ma Nkrumah fahodie dwumadie ahorɔw. ɔsoom se soafo a onni asoe3, soafo a ɔhwe akwantuo ne nkithodie so na afei, soafoa ɔhwe afisem.

Wotuu Nkrumah aban gui no, wɔ de Edusei too afiase, nonso wɔgyaee no akyire. ɔkɔɔ so de no ho hyɛɛ amanyɔsɛm mu na onyaa nsunsuanso wɔ atitiriw a na wodi amanyɔkuo People National Party (P N P) anim no so, amanyɔkuo a efirii Nkruma amanyɔkuo CPP mu bae, na bere a PNP dii nkunim wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Nkruma akyi nea ɛtɔ so mienu no (Dr. Kofi Abrefa Busia na odii ne edikan no mu nkunim) Edusei bɛyɛɛ obi a ɔwɔ tumi wɔ Liman aban no mu. Bre a wotuu Liman aban no gui wɔ afe 1981 mu no, wɔ de Edusei too afiase biom, wɔ yi no afe 1983 na owui nna kakra bi akyi esiane asikyire yareɛ a onyae no..

Krobo Edusei waree mprensa ma no wɔ mma bebree ma wɔn mu pii yɛ nnwuma ahorɔw wɔ Ghana. Ne mma no mu nea wonim wɔn ne ɔdefo Ghanani dwumayɛfo a ɔwɔ hyensibea, Yaw Krobo Edusei, Lucy Edusei a na ɔyɛ adwumakuo SNIIT mmara kwankyerefo ne kane Coca cola adwumakuo no mu mpanyinfoɔ no mu baako, Comfort Emden ne Catherine Krobo Edusei a ɔyɛ adwumakuo Eden Tree no wura.




#Article 100: Ashford Emmanuel Inkumsah (414 words)


Ashford Emmanuel Inkumsah, na ɔyɛ oduro yɛfo ne amanyoni. ɔsoom sɛ soafo wɔ asoeɛ ahorɔw pii wɔ adehyeman a edikan no mu. ɔSoom sɛ mmarahyɛ bedwa no gua mu tenani abediakyire a odi kan firi afe 1965 kosi afe 1966.

Wɔ woo Inkumasah wɔ afe 1900 wɔ Sekondi a ɛwɔ atɔe fam wo Gold Coast (Enne Ghana).  Na ne papa yɛ ɔkomfoɔ wɔ ahanta, nanso ɔsakrae bɛyɛɛ Metodiseni. ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ seondi Methodist School na ɔtoaa so kɔɔ Mfantsipim School, a ɛwɔ Cape Coast ma no wiee wɔ afe 1921.

Wɔ January afe 1922 nnwumakuo a wɔn de Miller Brothers Limited a ɛwɔ Kumasi no fa noo adwum mu. Wɔ June, afe 1922 mu no, ɔde no ho kɔ dɔɔm nnwumakuo a ne din de F  A. Swanzy Transport bosome nsia a na ɔyɛ adwuma sɛ otintimfo.  Woyii no akyiri kɔɔ adwumakuo a ne din de Swanzy Company Limited ma no yɛɛ adwuma sɛ otintimfo kosii afe 1927 a ɔsan n’akyi kɔɔ Sekondi. ɔne adwumakuo a ɛne Pickering  bethods yɛ adwuma mfie mienu ne fa wɔ Sekondi. Wɔ tetee Inkumasa sɛ nnuro mu nimdeɛfo firi afe 1931 kosi 1934 na wɔ December, afe 1934 mu no, obuee ono anakasa n’adwuma a ɛne Asfordinks DruG Store wo Sekondi.

Bre a ɔwɔSekondi no, ɔde ne ho kɔ dɔɔm Senkondi afotumakuo a ɛne ‘’Town Council” no mfie du. Wɔ afe 1949 mu no, ɔde ne ho kɔ dɔɔm Nkruma Conventions Peoples Party (CPP) wɔ bre a na wɔrehyehyɛ no. Wɔ mfie mienu akyi no, wɔ too aba yi no sɛ mmarahyɛ badwani a ogyina hɔ ma Ahantaman mpɛsoa so wɔ amanyɔkuo CPP din mu. Wɔ kɔɔ so too aba yii no sɛ mmarahyɛ bawdani wɔ abatoɔ ahorɔw a ɛkɔɔ so no mu mpɛn pii kosii sɛ wotuu Nkruma aban no gui. Wɔ paw no sɛ soafo a ɔhwɛ Nnwuma so wɔ afe 1951 na wo afe 1959 mu no, wɔ paw no soafo a ɔhwɛ adansie so. Mfie bi akyiri no, wopaw no soafo a ɔhwɛ afiesɛm so. Wɔ afe 1961 mu no, wɔ paw no sɛ soafo a ɔhwɛ apɔwmuden so na wɔ afe 1963 mu no, wɔpaw no sɛ soafo a ɔhwɛ nktahodie so.  ɔsoom wɔ saa asoeɛ no kosi sɛ 1965 a wɔpaw no sɛ soafo a ɔhwɛ afiesɛm so ne mmarahye bedwa no gua mu tenani abediakyire a odi kan, na eyi kɔɔ so kosii February 1966

Inkumasah waree Florence Inkumasah a w’anya ne baabi ko. Atuoto ne anigyeɛ dwumadie a ɔpɛ.




#Article 101: Kofi Asante Ofori-Atta (298 words)


Aaron Eugene Kofi Asante Ofori-Atta (Wɔ woo no December da a ɛtɔ so 12, afe 1912 – July 1978) na ɔyɛ amnyoni ne Ghana mmarahyɛ bagua mu titenani.

Wɔ woo no December da a ɛtɔ so 12 afe 1912 wɔ Kyebi, Akyem Abuakwa nan a ɔyɛ Ofori attah dehyeɛ abusuakuo no mu. Owie mfitiase sukuu no, ɔkɔɔ Mfatsipim School wɔ 1925 na ofiriii ho kɔɔ Achimota school wo afe 1928, beae a owiee ntoaso sukuu wɔ afe 1933. Onya dibea ahorow wo Abuakwa State College na wo yɛɛ no se otitenani abediakyire na wɔ afe mfie 1944 kosi 1947 mu no, wopaw no sɛ otitenani. Mmere bi akyi wo afe 1947 mu no, otuu kwan kɔɔ Ireland, na ɔde ne ho hyɛɛ Suapɔn a ɛne Trinity College Dublin ma no nya abodin wo mmaranim ne amansan nkitahodie mu.

Wɔ paw Ofori-Atta se mmarahyɛ badwani a ogyina hɔ ma Abuakwa Central ne Begoro mpɛsoa so. ɔkɔɔ mmarahyɛ badwa mu nea edi kan wɔ afe 1954 na wɔpaw no soafo a ɔhwɛ nkatihodie so firi afe 1954 kosi 1956. Odii nkunim wɔ n’abusua ne J.B Dankwa a ɔyɛ amanyɔkuo Ghana Congress Party ne United Gold Convention no hyehyɛfo no de gye abuakwa Central Agua no. osoom sɛ soafo a ohwɛ amansin ammmuo so wɔ Conventions Peoples Party (CPP) aban a na Kwame Nkrumah a ɔyɛ Ghana manpanyin no da ano.

Akyiri, wɔpaw no sɛ mmarahye badwa no titenani wɔ June da a ɛtɔ so 10, afe 1965 mu wɔ Ghana adeyeman a edikan no mu. Odii saa dibea no kosii se mmarahyɛ bedwa no baa n’awieɛ bre a kuo a ɛne National Liberation Council tuu aban a na ete so no gui.  Owuu wo ayaresabea a ene Accra Military Hospital wo afe 1978. Ofori-Atta yɛ Ghana manpanyin Nana –Addo wofa.




#Article 102: John Bogolo Erzuah (295 words)


John Bogolo Erzuah yɛ Kane ɔkyerɛkyerɛfo ne amnyoni. ɔsoom sɛ ɔman soafo wɔ afe 1956, na ogyina Ghana anan mu wɔ amanɔne dwumdie ahorɔw pii mu firi afe 1957 kosi afe 1966.

Wɔ woo John wɔ afe 1914 wɔ Tarkwa ɛwɔ Atɔe mantam mu wɔ Ghana. Wɔ tetee no so ɔkyerɛkyerɛni wɔ St. Augustine’s College a ɛwo Cape Coast ma no wieɛ.

ɔkɔ kaa St. Augustine’s College adwumayefoɔ hɔ bre owiee akyerɛkyerɛfo ntetee sukuu no na ɔbɛyɛɛ sukuu so hwɛfo wɔ Ghana College, esiama a ɛwɔ atɔɛ mantam mu.

Wɔ afe 1951 mu no, wɔ paw no sɛ mansin no mmarahyɛkuo no mu ni wɔ Ankobra. Wɔ saa afe no mu no, wɔpaw no sɛ Soafo kyerɛwfo ma asoe a ɛhwɛ nhoma sua so. Na ɔyɛ otitenani ma kuo a ɛne Erzuah a ne boate ne sɛ wɔ hwɛ na wɔ toto akyerɛkyerɛfo a wɔnhyɛ aban ase sikasɛm ne wɔn yiyie die. Wɔ afe 1952 mu no, na ɔka kuo a wosii Ghana anan mu wɔ nyiamu a w’ato din African Education Conference a ɛkɔɔ so wɔ Cambridge. Wɔ san paw no sɛ mmarahyɛkuo no mu biom wɔ afe 1956 na wɔ saa afe no ara mu no, wɔ pagyaa ne dibea mu yɛɛ no Soafo a ɔhwɛ nhomasua so.  Wɔ juyl afe 1956 mu noa, wɔ maa no soafo dibea a onni asoe.

Wɔ paw no wɔ afe 1957 sɛ Ghana ananmusini a ɔwɔ India ma no soom wɔ saa dibea no mfie mienu.  Wɔ afe 1959 mu no, wɔpaw no se Ghana ananmusini a ɔwɔ Egypt. ɔsoom wɔ saa dibea no kosii 1960. Wɔ afe 1962 ɔsoom se Ghana ananmusini a ɔwɔ France na wɔ afe 1964 mu no, ɔbɛyɛɛ Ghana ananmusini a ɔwɔ Ivory Coast kosii se NLC tuu Nkruma aban gui.




#Article 103: Francis Yao Asare (297 words)


Francis Yao Asare yɛ kane Ghanani nnuro mu nimdifoɔ ne amanyɔni. ɔsoom sɛ soafo wo asoe ahorɔw pii wɔ Ghana adehyeman a edikan no mu. ɔSoom sɛ mmarahyɛ bedwani ma Buem mpɛsoa so.

Wɔ woo Francis wo Boroda a ewɔ southern Togoland. ɔkɔɔ sukuu wɔ Presbifoɔ sukuu a ɛwɔ anum na afei, ɔtoaa so kɔɔ Mfantsipim School a ɛwɔ Cape Coast.

Wɔ tetee no sɛ nnuro ho nimdefoɔ wɔ ayarasabea a ɛne Korlebu Teaching Hospital na ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔyarehwɛfo wɔ temanmufo adwumabea a ɛne Ghana Civil Service firi 1940 kosi afe 1947.  ɔsoom wɔ Buem Krachi mansin ne Southern Togoland mansin akuo no mu, ma wɔ too aba yii no sɛ ananmusifo maa Buem wɔ afe 1951. Wɔ saa afe no mu no, wɔ paw no sɛ Soafo kyerɛwfo (abediakyire) ma asoe a ɛhwɛ Afiesie so. Akyiri yi, wɔ paw no sɛ soafo a ɔhwɛ nnwuma so , nnipa yiyiedie, na  ode mmere kakra bi gyinaa osoafo ananmu wɔ Nkitahodie asoe. Wɔ afe 1957 mu no, wɔ paw no sɛ soafo a ɔhwɛ nnuane ne kuayo so . ɔyɛɛ saa adwuma no kosii June , afe 1960. Wo July da edikan afe 1960, wo paw no sɛ Frao Mantam so soafo kosii afe 1961. Akyiri obeyɛɛ otitenani maa adwumkuo a ɛne National Food and Nutrition Board. Wɔ san too aba yi no sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina ho ma Buem mpesoa so mmere bi akyi kosii afe 1965, bre a onyaa atemuo sɛ w’ayɛ aban no bukata agye sika 1 opepem. Bre a wotuu Nkruma aban gui no, Francis de ne ho hye apopodwuma mu ma wɛ paw no titenani ma Posohyenfo kuo.

Francis wui wɔ January da a ɛtɔ so 7, afe 2004 bre a w’adi mfie 88. Wosiee no wɛ ne kuro mu, Buem




#Article 104: Emmanuel Humphrey Tettey Korboe (170 words)


Emmanuel Humphrey Tettey Korboe ye Kane Ghanani amnyɔni. ɔsoom see apuei mantam ne Mfinifin mantam mu soafo. ɔsan nso soom semmarahye baguani maa Yilo-Krobo mpesoa so na afe, somanya mpesoa so.

Wɔ woo korbe wɔ afe 1912. ɔhyee ne sukuu ase wɔ Accra Royal School na ɔtoaa no kɔɔ O’Reilly Educational institute

Korbe hyɛɛ adwuma sɛ nhoma so korafo wɔ adwumakuo a ne din de Abdala Transport Company wɔ afe 1932. Akyiri ɔbeyɛɛ okuafo ne koko dwadini. Na ɔyɛ Tineni ma Yilo Krobo mansin mmarahyɛ kuo no, titenani ma Conventions Peoples Party nkorabata a ewɔ somanya na fei, titenani ma kuo a ene ‘’Volta River District CPP Constituency Council”. Wɔ afe 1954 mu no, wɔ too aba yi no sɛ Yilo Krobo ananmusifo wo ɔman no mmarahyɛ kuo. Wɔ paw no so Apuei Mantam no so soafo wɔ afe 1757.  Odii saa dibea no firir 1957 kosii 1965. Wɔ afe 1965 mu no, wɔ paw no Mfinfin mantam Soafo. ɔsoom wɔ sa dibea yi kosii sɛ wotu Nkruma aban gui.




#Article 105: Gina Blay (152 words)


Gina Blay (Wɔ woo no October da a ɛtɔ so 9, afe 1956) yɛ Ghanani nsɛmkyerɛwfo ne ɔman ananmusifo ne amanyɔkuo New Partriotic Party no mu ni. ɔsom sɛ Ghana ananmusini a ɔwɔ Germany.

Gina Blay kɔɔ suapɔn a ne din de University of Ghana..

Gina Blay ne opanyin a ɔda adwumakuo a ne din de Western Publication Limeted a ɛyɛ atesɛm tintimbea. Atesɛm nkrataa a wotintim wɔ ho no din ne Daily Guide

Ayaresafo huu wɔ ne ho sɛ w’anya nufoɔ mu kokoram yareɛ no bi wɔ afe 2008 mu ma wɔ saa no yareɛ

Wɔ July afe 2017 mu no, ɔmanpanyin Nana Akuffo-Addo paw Gina Blay se Ghana ananmusifo wo Germany. Na ɔka nnipa a wɔn dodoɔ yɛ aduonu mienu a wɔpaw wɔn sɛ wonkɔ som sɛ Ghana ananmusifo wɔ aman ahorɔw so

Gina Blay yɛ ɔwarefo a ne Kunu din de Freddie Blay, amanyɔkuo New Partriotic party no titenani.




#Article 106: Ghanaian pound (144 words)


Ghana Pound yɛ kane sika a na Ghana de di dwuma firi 1958 kosi 1965. Wɔ kyekɛɛ mu gu sillings 20 a emu baako biara yɛ 12 pens. Na Ghana de sika a ɛne British West Africa pounds na edii dwuma kosi sɛ wonyaa wɔn ankasaa sika wɔ afe 1958. Wɔ afe 1965 mu no, Ghana daa wɔn sika a edikan no adi a ɛnɛ cedi no adi, na pound baako biara gyina ho ma cedi no 2.4 . Kyerɛ sɛ; 1 cedi=100 pence.

Wɔ afe 1958 mu no, Dwetɛ sika a egyina hɔ ma peny fa ne penny baako  a cupro-nickle 3 ne 6 pence , shilling 1 ne 2. Na 3 pence no ye nea wahyehɛ no krukurwaa.

Wɔ afe 1958 mu no, Sika krataa a ɛwɔ 10 shillings, Pond 1 ne 2. Wɔ kɔɔ so twa saa sika yi kosii 1963.




#Article 107: Lucy Anin (167 words)


Lucy Anin (Ɔwoo no Kɔtɔnimaa 13, 1939) yɛ Ghananin ɔmanyɔnin. Ɔyɛɛ marahyɛnin maa Brong-Ahafo Region firi 1960 kɔsii 1965, ɛna marahyɛni maa Bechem mpasuaso firi 1965 kɔsii 1966.

Anin ka mmaa a wɔdikan yii wɔn kɔɔ marahyɛ badwamu 1960 mu wɔ nhyehyɛeɛ a na wɔfrɛ no 'Representation of the people (women members) Act'. Ɛnti na ɔka ankoantia mmaa 10 a wɔyii wɔn Kitawonsa 27, 1960 maa Convention People's Party no ho. 

Ɛno ma ɔyɛɛ marahyɛnin a na onnyiniɛ koraa wɔ marahyɛ badwamu saa berɛ no a na wadi mfeɛ 21. 1965 mu no ɔbɛyɛɛ marahyɛnin maa Bechem mpasuaso. Berɛ a wɔtuu Nkrumah aban no wɔkyeree no too afiase bosome nnwɔtwe berɛ a na ɔnyem. Ɛnnɛ ɔyɛ Convention People's Party no mpaninbadwa ho, na ɔyɛ mmaa du a na ɔka Ghana marahyɛ badwa a edikan no ho, a ɔda so te ase.

Ne nuanom ne Patrick Dankwa Anin a na ɔyɛ Supreme Court atɛnbuanin, amanbuo nkontabunin ɛna na ɔda Ghana Commercial Bank ano; ɛna T. E. Anin nso.




#Article 108: Cape Coast Sugar Babies (120 words)


Cape Coast Sugar Babies yɛ kane halife nsakubɔfo a ɛwɔ Cape Coast. Na edin foforo a wɔde frɛ wɔn ne Light Ochestra. Wɔn nnwom a wɔ bɔ no de West African Highlife nnwom.

Wɔ 1930 mfie no mu no, Cape Coast Babies no de mmɛnten ne nsankuo too nnwom ahorɔw pii a ɛne asaw ahorɔw ko. Na afoforo nsno wɔ hɔ a nea wɔyɛ no ne wɔn deɛ no di nsɛ; wɔn mu bi ne Winneba Ochestra, Asante nkramo Band, Sekonde Nanshamang ne professor Grave’s Orchestra. 

Ade a wɔde kae wɔn ne akwantuo a wotuu kɔɔ Nigeria wɔ afe 1937.   E.T Mensah ne Cape Coast Sugar Babies na wɔ de Halife nnwom firii Ghana kɔɔ Nigera Wɔ afe 1950 mu.




#Article 109: Wenchi Tomato adwumayebea (237 words)


Wenchi Tomato Factory iyɛ adwumakuo a wɔyɛ tomantose ho adwuma de go ntotorowa mu

Adwumako ne da kilometa 2 wɔ Wench de kɔ Ofum kwan no so a ɛwɔ Bono ne Ahafo mantam mu.

Wɔ mfie pii a atwam no, nnipa firi Ghana mmeae ahorɔw aba wenchi a wonim sɛ ɛyɛ beae a Tomantose nnyɛ na, wɔn botae ne sɛ wobɛtɔ tomantose. Naso sɛ tomantose no bre no so, ne boɔ no yɛ ade a ɛba fɔm koraa ma nti akuafoɔ ntumi ntɔn wɔn nnɔbae no, na eyi ma tomantose no fa dodoɔ no ara sɛi kwa. Wɔhyehyɛɛ Wenchi dwumadibea no wɔ afe 1960 mu sɛnea ebetumi aboa akauafo no na w’atumi abɔ wɔn nnobae ho no ban. Wɔhyɛɛ adwumkuo no mu kena bere a adwumakuo bi a ne din de Ghana Industrial Holding Corporation too firii aban no ho wo afe 1997.Wogyaa adwumakuo no too ho mmere bi , na wɔ san nso bue ano wɔ 2002 kosi 2007 ma wɔhyɛɛ ase danedane tomantose no de guu ntotonturowa mu, a edin a ɛda so ne ‘’Wench Fresh””. Wɔ afe 2007 mu no, wotuu adwumakuo no mu biom esiane sɛ na wonnya Tomantose a ɛyɛ akadeɛ no mfa nni adwuma. Nea nti a ɛte saa ne sɛ na akuafoɔ no de wɔn nnɔbae no kɔ edwa so kɔtɔn ma dwadifoɔ esiane sɛ wonya mfasoɔ wɔ saa kwan no so sen sɛ wɔde bɛkɔ adwumakuo no mu akɔtɔn.




#Article 110: Akosombo Textile Limited (352 words)


Akosombom Ntama tintimbea (ATL) Yɛ ntama tintimbea a ewɔ Ghana a dwuma wodi ne sɛ wɔ de asaawa krogen tintim abirim ntama a ɛyɛ anika. ɛne Akosombo nsu mu ban adwumayebea na ɛwɔ faako wɔ Apuei mantam mu. ɛwɔ asoe a wɔ nwene ntama, asaawatowbea ne faako a wɔde bibiara ba awie. ɛwɔ ntama ahorɔw nnan a wotintim a w’ato wɔn din sɛ; ABC, ATL, Treasure ne Inspiration. Adwumakuo no so hwɛfo no din ne Ing.Kenneth Asare.

Wɔ afeha a ɛtɔ so19 no mfinfin no mu, adwumakuo a wotintim ntama wɔ Javanese nyaa ntee faa Afrika Atɔe fam ho. Na ntama a wotintin no fa Javanesefo ho. Afrika asraafo a wɔde wɔn dwumadie aba awie wɔ Indonesia no yɛ nea wɔ de ntama a ani da hɔ no bi kɔ wɔn fibea ahorɔw. Eyi maa wɔhyɛɛ ase buebue nnwumakuo nketewaa a wotintim bi, na ɛyɛ nea ɛkɔ so nyaa esiane sɛ na wonni mfidie a wɔde di dwuma.

Akosombo Ntama Tintimbea hyee ase wɔ afe 1967. Asoe a wotintim ntama a ne din de ABC (  A. Brunschweiler  Company) no hyɛɛ ase tintiim ntama a ɛyɛ papa a ɛfa ɔman Ghana adwadifoɔ ho. Mfie 100 a atwam no, ABC abɛyɛ wɔn wontintim ntoma a ɛyɛ papa wɔ Abibrem ne Europe abrokyi man mu.

Wɔ December afe 2005 mu no, wɔ daa ABC ntama tintimbea asoeɛ foforo adi wɔ Akosombo Ntama tintimbea adwumakuo no mu . ABC ntama gyinapen no yɛ nea ATL atintim firi afe 2006 mu a ɛyɛ nkabom a ABC, UK ne ATL ayɛ. Nea nti a wɔde ABC ntama gyinapen no baa Ghana ne sɛ na wɔpe sɛ wotumi som Afrika adetɔfo no.

Esiane Ntama papa a wɔhyɛɛ ase tintim wɔ Ghana wo afe 2006 ne 2007 mu no nti, wɔsesaa ABC ho nneɛma a ebine Superwax, Handblock ne premium baa Ghana na eyi maa Adwumakuon no nkorabata a ewɔ Manchester no gui wɔ afe 2007.

Ntama dwinni a wotintim no fa nnipa amammere, gyedie ne abakɔsɛm ho. Adinkra ahyɛnsode no yɛ nea w’ayɛ na wo de bata afahyɛ ahorɔw ho. Wotintim ntama a ɛfa nnwumakuo nkabom nso ho.




#Article 111: Akosombo Ntama tintimbea (352 words)


Akosombom Ntama tintimbea (ATL) Yɛ ntama tintimbea a ewɔ Ghana a dwuma wodi ne sɛ wɔ de asaawa krogen tintim abirim ntama a ɛyɛ anika. ɛne Akosombo nsu mu ban adwumayebea na ɛwɔ faako wɔ Apuei mantam mu. ɛwɔ asoe a wɔ nwene ntama, asaawatowbea ne faako a wɔde bibiara ba awie. ɛwɔ ntama ahorɔw nnan a wotintim a w’ato wɔn din sɛ; ABC, ATL, Treasure ne Inspiration. Adwumakuo no so hwɛfo no din ne Ing.Kenneth Asare.

Wɔ afeha a ɛtɔ so19 no mfinfin no mu, adwumakuo a wotintim ntama wɔ Javanese nyaa ntee faa Afrika Atɔe fam ho. Na ntama a wotintin no fa Javanesefo ho. Afrika asraafo a wɔde wɔn dwumadie aba awie wɔ Indonesia no yɛ nea wɔ de ntama a ani da hɔ no bi kɔ wɔn fibea ahorɔw. Eyi maa wɔhyɛɛ ase buebue nnwumakuo nketewaa a wotintim bi, na ɛyɛ nea ɛkɔ so nyaa esiane sɛ na wonni mfidie a wɔde di dwuma.

Akosombo Ntama Tintimbea hyee ase wɔ afe 1967. Asoe a wotintim ntama a ne din de ABC (  A. Brunschweiler  Company) no hyɛɛ ase tintiim ntama a ɛyɛ papa a ɛfa ɔman Ghana adwadifoɔ ho. Mfie 100 a atwam no, ABC abɛyɛ wɔn wontintim ntoma a ɛyɛ papa wɔ Abibrem ne Europe abrokyi man mu.

Wɔ December afe 2005 mu no, wɔ daa ABC ntama tintimbea asoeɛ foforo adi wɔ Akosombo Ntama tintimbea adwumakuo no mu . ABC ntama gyinapen no yɛ nea ATL atintim firi afe 2006 mu a ɛyɛ nkabom a ABC, UK ne ATL ayɛ. Nea nti a wɔde ABC ntama gyinapen no baa Ghana ne sɛ na wɔpe sɛ wotumi som Afrika adetɔfo no.

Esiane Ntama papa a wɔhyɛɛ ase tintim wɔ Ghana wo afe 2006 ne 2007 mu no nti, wɔsesaa ABC ho nneɛma a ebine Superwax, Handblock ne premium baa Ghana na eyi maa Adwumakuon no nkorabata a ewɔ Manchester no gui wɔ afe 2007.

Ntama dwinni a wotintim no fa nnipa amammere, gyedie ne abakɔsɛm ho. Adinkra ahyɛnsode no yɛ nea w’ayɛ na wo de bata afahyɛ ahorɔw ho. Wotintim ntama a ɛfa nnwumakuo nkabom nso ho.




#Article 112: John Arthur (Ghanani amanyoni) (421 words)


John Arthur yɛ kane Ghanani amanyɔni. ɔsoom sɛ ɔman soafo ne mmarahyɛ badwanie wɔ Ghana adehyeman a edikan no mu. Na ɔyɛ Atɔe mantam mu soafo ne mmarahyɛ badwani a ogyina hɔ ma Sekondi mpɛsoa so.

Wɔ woo Arthur wɔ February da ɛtɔ so 4, afe 1915 wɔ Anomabo ɛwɔ Mfinfin Mantam mu wɔ Ghana (kane Gold Coast). ɔkɔɔ sukuu wo anomabo Wesleyan School ma no nyaa standard 7 abɔdin krataa.

Arthur hyɛɛ adwuma ase sɛ nkrataa so hwɛfo wɔ adwumakuo bi a ne din de Union Trading Company wo afe 1934. ɔyɛɛ adwuma wo ho mfie kakara na ofirii ho ko adwumakuo foforo a ne din Central Wasaw Gold Mines. Oyɛɛ adwuma wo ho sɛ nkrataa sohwɛfo wɔ ho nso. Wo afe 1937 mu no, ofirii ho koo adwumakuo foforo a ne din de Gold Coast Machinery and Trading Company a ɛwɔ Sekondi. ɔyɛɛ adwuma ho kosii afe 1944 na woyii no de no kɔɔ adwumakuo foforo a ne din de United Sfrica Company Limited. Wɔ afe 1950 mu no, ɔde ne ho hyɛɛ atuatew a ɛkɔɔ so no mu denden, eyi maa woyi no ade wo afe 1950 mu.

ɔde ne ho kɔyhɛɛ ankorɛankorɛ dwumadie mu na ɔkɔgyee abopaebea ne nnuapae nnwuma firii ɔhene a ɔwɔ Essipong. Wɔ paw Arthur sɛ mmarahyɛ badwani wɔJune da ɛtɔ so 15 afe 1954 mu. Bre a onyaa akwanya kɔɔ mmarahyɛ badwa mu no, ɔde ne nnwuma no maa ne wɔfaasenom; nnuapae adwumabea no kodii ne wɔfaase a ne din W.B Haford a w’anya ne baabi kɔ na, abopaebea no nso kodii ne wɔfaase a ne din de owura Isaac Hayford. ɔsɔɔm sɛ mmarahyɛ badwani a ɔgyina hɔ ma Sekondi abatoɔ mpɛsoa so kosii june afe 1956 bre a saa mmarahyɛ baguakuo no baa awie.

Wɔ san nso too aba yi no maa no kɔɔ mmarahyɛ badwa mu wɔ afe 1956 abatoɔ no mu. ɔkɔɔ so yɛ mmarahyɛ badwani a ogyina hɔ ma Sekondi mpɛsoa so kosii February afe 1966 bre a wotuu Nkruma aban no gui. Wɔ afe 1956 mu no, wɔpaw no sɛ ɔkyerɛwfo (Soafo abediakyire) na ɛmaa no yɛɛ nnwuma wɔ asoe ahorɔw pii kosii 1960 na wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ Atɔe Mantam. ɔsɔɔm wɔ saa dibea yi firi 1960 kosii afe 1965, bre a woyii no kɔɔ adwumakuo a ɛne Coco Products Cotporation sɛ adwumakuo no so kandifoo.

Arthur waree Owurayere Ekua Mensimah wɔ afe 1936. ɔne no wo mmofra miensa. Arthur waree ɔbaa a ɔtɔ so mienu; Grace Moses maa ɔne no nso wo mofra miɛnsa




#Article 113: John Arthur (Ghanani amanyɔni) (421 words)


John Arthur yɛ kane Ghanani amanyɔni. ɔsoom sɛ ɔman soafo ne mmarahyɛ badwanie wɔ Ghana adehyeman a edikan no mu. Na ɔyɛ Atɔe mantam mu soafo ne mmarahyɛ badwani a ogyina hɔ ma Sekondi mpɛsoa so.

Wɔ woo Arthur wɔ February da ɛtɔ so 4, afe 1915 wɔ Anomabo ɛwɔ Mfinfin Mantam mu wɔ Ghana (kane Gold Coast). ɔkɔɔ sukuu wo anomabo Wesleyan School ma no nyaa standard 7 abɔdin krataa.

Arthur hyɛɛ adwuma ase sɛ nkrataa so hwɛfo wɔ adwumakuo bi a ne din de Union Trading Company wo afe 1934. ɔyɛɛ adwuma wo ho mfie kakara na ofirii ho ko adwumakuo foforo a ne din Central Wasaw Gold Mines. Oyɛɛ adwuma wo ho sɛ nkrataa sohwɛfo wɔ ho nso. Wo afe 1937 mu no, ofirii ho koo adwumakuo foforo a ne din de Gold Coast Machinery and Trading Company a ɛwɔ Sekondi. ɔyɛɛ adwuma ho kosii afe 1944 na woyii no de no kɔɔ adwumakuo foforo a ne din de United Sfrica Company Limited. Wɔ afe 1950 mu no, ɔde ne ho hyɛɛ atuatew a ɛkɔɔ so no mu denden, eyi maa woyi no ade wo afe 1950 mu.

ɔde ne ho kɔyhɛɛ ankorɛankorɛ dwumadie mu na ɔkɔgyee abopaebea ne nnuapae nnwuma firii ɔhene a ɔwɔ Essipong. Wɔ paw Arthur sɛ mmarahyɛ badwani wɔJune da ɛtɔ so 15 afe 1954 mu. Bre a onyaa akwanya kɔɔ mmarahyɛ badwa mu no, ɔde ne nnwuma no maa ne wɔfaasenom; nnuapae adwumabea no kodii ne wɔfaase a ne din W.B Haford a w’anya ne baabi kɔ na, abopaebea no nso kodii ne wɔfaase a ne din de owura Isaac Hayford. ɔsɔɔm sɛ mmarahyɛ badwani a ɔgyina hɔ ma Sekondi abatoɔ mpɛsoa so kosii june afe 1956 bre a saa mmarahyɛ baguakuo no baa awie.

Wɔ san nso too aba yi no maa no kɔɔ mmarahyɛ badwa mu wɔ afe 1956 abatoɔ no mu. ɔkɔɔ so yɛ mmarahyɛ badwani a ogyina hɔ ma Sekondi mpɛsoa so kosii February afe 1966 bre a wotuu Nkruma aban no gui. Wɔ afe 1956 mu no, wɔpaw no sɛ ɔkyerɛwfo (Soafo abediakyire) na ɛmaa no yɛɛ nnwuma wɔ asoe ahorɔw pii kosii 1960 na wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ Atɔe Mantam. ɔsɔɔm wɔ saa dibea yi firi 1960 kosii afe 1965, bre a woyii no kɔɔ adwumakuo a ɛne Coco Products Cotporation sɛ adwumakuo no so kandifoo.

Arthur waree Owurayere Ekua Mensimah wɔ afe 1936. ɔne no wo mmofra miensa. Arthur waree ɔbaa a ɔtɔ so mienu; Grace Moses maa ɔne no nso wo mofra miɛnsa




#Article 114: Ayeebo Asumda (471 words)


Ayeebo Asumda yɛ kane Ghanani nhomasua mu kunini ne amanyɔni. ɔsɔɔm sɛ ɔman soafo wɔ adeyeman a edikan no. ɔyɛ soafo a odikan wɔ  Atifii Mantam mu. Saa Mantam no na ɛnnɛ wakyɛ mu ayɛ no Apuei –atɔe mantam no. ɔsɔɔm sɛ mmarahyɛ badwani a ogyina hɔ ma kusase atɔe fam abatoɔ mpɛsoa so na akyiri, Kusanaba abatoɔ mpɛsoa so. ɔsan so sɔɔm sɛ ɔman afotufo wɔ Ghana adeyeman a ɛtɔ so 4 no mu.

Abuure Kusasi (ne Papa) ne Abana Kusasi (ne maame) woo Asumdu wɔ January da a ɛtɔ so 24, afe 1924. Ne din Ayeebo no yɛ nea onyaa fifrii ne maame nuabarima a ne din Atia Ayeebo Kusanaba. Ne wɔfa na ɔtetee no na ɔde kɔɔ sukuu. Asumba hyɛɛ ne sukuu ase wɔ Gambaga Primary School wɔ afe 1931. Woyii no akyiri kɔɔ sukuu foforo a ne din de Tamale Government Boys School wɔ afe 1939 na ɔtoaa so kɔɔ ɔkyerɛkyerɛfo ntete sukuu a ɛne Tamale Training College (ɛnnɛ wɔfrɛ no Bagabaga Collge of education) wɔ afe 1945.Onyaa ade kyere abɔdin krataa a ene ‘’certificate B”” mfie no akyi.

Ansa na ɔbɛkɔ akyerɛkyerɛfo ntete sukuu a ɛne Tamale Teachwer Traning College wɔ afe 1954 mo no, Asumda yɛ adwuma sɛ mmɔfra adekyerɛfo mfie mienu. Wɔ afe 1946 mo no, Asumda hyɛɛ ade kyerɛ ase wɔ Zibila na ɔkyerɛɛ ade kosii 1951 ansa na ɔde ne ho hyɛɛ amanyɔsɛm mu. Wɔ afe 1951 mu no, wɔpaw Asumda sɛ mmarahyɛ baguani ogyina hɔ ma Kusasi abotoɔ mpɛsoa so. Ogyinae ma wɔ too aba yii no wɔ afe 1954 ne 1956.  ɔyɛ mmarahyɛ badwani kosii 1966 bre a wotuu Nkrumah aban gui.  Wɔ n’abre so sɛ Smmarahyɛ baguani no, Asumda sɔɔm sɛ Soafo a kyerɛwfo (Soafo abadiakyire) wɔ Atifi mantam mu, wɔ afe 1960 mu no, na eyi maa no yɛɛ nnwuma wɔ asoe ahorɔw pii a ebi ne asoe a ɛhwɛ nnwuma so, asoe a ɛhwɛ atɛntrenee so, asoe a ɛwhɛ Mfiridwuma so ne asoe a ɛhwɛ akwahosan so ne yiyiedie so. Asumda kɔɔ so yɛɛ Soafo ɔhwɛ Atifi mantam so firi July 1960 kosii February afe 1966.

Na Asumda wo nuammarima mienu; Anyagre Azampaka ne Anyigibila Azampaka ne nuabea baako a ɔne Aryapoka Azampaka. Wɔ afe 1946 mu no, ɔwaree mmea mienu a wɔne Ateedpagira ne Ayineem. ɔne Ayineem awareɛ no gui wɔ afe 1951. Wɔ afe 1953 mu no, ɔwaree Atesikongi na wɔ afe 1954 mu no, ɔwaree Ayelsabliga Batuure.

Asumda wuu wɔ afe 2002 na wosie no wɔ Kusanaba a ɛyɛ ne kuro mu a ɛwɔ Bawku Atɔe mpɛsoa so wɔ Atifi Atɔe Mantam mu. Wɔ afe 2006 mu no, Kane manpanyin abediakyire Alhaji Aliu Mahama bue nhomasua adɔyɛkuo bi ano wɔ Asumda din mu. Kuo no boate ne sɛ ɛbɛ boa ma amammere, nhomasua ne agodie akɔ anim wɔ Atifi, ne atoe mantam no mu.




#Article 115: Theresa Amerley Tagoe (215 words)


Theresa Amereley Tagoe (Wɔ woo no December da a ɛtɔ so 13, afe 1943 na owui wɔ November da ɛto 25, afe 2010) ye Kane Ghanani baa amanyoni ne amanyɔkuo New Patriotic Party animdifoo no mu baako, ne mmarahye baguani a ogyina hɔ ma Ablekuma atoe mpesoa so.

Tagoe ye Nkran a wɔ woo no wɔ December da etɔ so 13, afe 1943

Tagoe kɔɔ ntoaso sukuu wɔ Aburi girls Senior High na na ɔye maa adikanfo. ɔtoaa  konyaa abɔdin krataa wɔ French kasa mu firii suapɔn a ene University Ghana.

Tagoe wɔ sukuu a w’ayɛ ama mma a nea wɔ yɛ ne sɛ wɔ kyerɛkyerɛ mma sɛnea wɔ yɛ akyerɛwfo na ɔde French kasa kaa nea wɔ kyere wɔ sukuu no mu ho, na ɔhyɛɛ adɔe nnwuma ase a ebi ne sɛ ɔbɛboa agyanka ne mmaa a wɔnenam mmɔnten so ama w’asua nsano nnwuma, afei ɔbɔɔ mma dwadifo a wɔ tontɔn nnam no bosea wɔ nkran.

TheresaTagoe sɔɔm sɛ Soafo abaediakyire ma Nkran Mantam mu ne Soafo abediakyire wɔ asoe a ɛhwɛ nsase, Kwae ne agiodietuo wɔ Kane John Kufuo aban ase.

Na Tagoe ye Mmaa ano boaboafo ma Amanyɔkuo New Partriotic Party.

Tagoe sɔɔm sɛ omanfutufo ne kuo a ɛnɛ Council of Women World Leaders mu ni.

Theresa Tagoe wɔ mma mmarima mienu.




#Article 116: Felicia Abban (266 words)


Felicia Abban (ɔwoo no 1935 a ne fiedin de Ansah) yɛ kane Ghanabaa mfonitwafoɔ a odi kan. Ɔyɛɛ adwuma sɛ mfonitwafoɔ maa Ɔmanpanin a odi kan, Kwame Nkrumah wɔ n’aban mu wɔ afe 1960.

Bre a ɔwaree wɔ mfie 18 akyi no, otu firii Takoradi kɔtenaa Nkran, ɛhɔ na osii mfoni twabea.

Ne mfonitwa adwuma a edii mfie 50 no hyɛɛ ase bre a osuaa mfonitwa adwuma no firii ne papa hɔ, na eyi ma no bɛyɛɛ adwumayɛ boafo koro wɔ saa bre no. Abban bue mfoni twabea wɔ Nkran wɔ afe 1955 mu na offaa mmaa pii sɛ adwumayɛ boafo. Wobehuu no sɛ ɔka Ghanafo mmaa a wɔbɔɔ wɔn ho mmɔden de Ghana man kyerɛɛ amansan denam nfonitwa mu. TN’amansan mfoni a wɔdaa no adi kɔɔ so wɔ baabi a wɔfrɛ no ‘ANO’ mfonibea wɔ March, afe 2017 na mfonibea no yɛɛ wɔn adwen sɛ wɔ bedane ne mfonitwabea no ayɛ no akorabea de ahyɛ no anuonyam. Sɛ wowiee akorae no a, ɛbɛboa ama w’atumi akora ne nnwuma so na afei, ɛbɛboa mfonitwafo a wobedi n’akyi aba no. Mfoni a ɛfa ɔno ankasa ho yɛ mfoni ahorɔw a otwae bre a ɔbɛkɔ afehyɛ bi ase. ɔkɔɔ ahomegyemu esiane ɔkwaha onyae na emu kɔɔ so yɛ den no nti.

Na Felicia ye ɔwarefo a ne kunu din de Robbert Abban, ɔno na otintiim ntama a na Kwame Nkruma nfoni ne nhwiren, ne Ghana Frankaa wɔ mu no, ɛno na wɔde dii Ghana fahodie afahyɛ no wɔ afe 1957 mu. Owuara Aban yɛ kane ɔkanidifo ma Ghana adwumakuo a wotintim ntama, na adwumakuo no din de GTMC.




#Article 117: Yaa Asantewa Akorae (171 words)


Yaa Asantewa Akorae yɛ akorae a ɛwɔ Atwima Mponua mpɛsoa so wɔ Ghana.Wosii sɛ wɔde bɛbɔ Asantefoɔ kandifo Yaa Asantewaa, a na ɔyɛ ɔhemmaa wɔ Ejisu no aba so.

Wosii akorae no wɔ afe 2000 mu sɛ wɔ de bedi mfeha a Asante ko no adi no. Ne boate ne sɛ wɔde besi Asante ahenfie sɛnea ɛte pɛpɛɛpɛ wɔ afe ca.1900 mu.

Wɔ afe 2004 mu no, ogya tɔɔ akorae no mu na nneɛma ahorɔw a ɛwɔ mu no hyee koraa ma ayɔwa ne nhinna kakra bi na wotumi fae. Eisane a ogya a ɛhyee nneɛma na wotuu akorae no mu nti, akwansrafo a wɔkɔ hɔ no so ate koraa.

Wɔ October afe 2009 mu no, mpanyinfoɔ a wɔn wɔ kuro no mu de wɔn tii bɔɔ mu kae sɛ wɔpɛ sɛ wɔn ankasa siesie akorae no, na wɔ afe 2016 mu no, adwumakuo a ne din de UNICEF gyee pene sɛ ɔde sika 100 Million bɛboa wɔn. Akorae fofro no bɛkɔ so wɔ asase a ne kɛseɛ yɛ ɛka 14.




#Article 118: Benhazin Joseph Dahah (177 words)


Benhazin Joseph Dahah (wɔ woo no February da ɛtɔ so 8, afe 1969) yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ baguani wɔ mmarahyɛ bagua a ɛtɔ 7 wɔ Ghana adeyeman a ɛtɔ so nnan no mu, a ogyna hɔ ma Asutifi Atifi abatoɔ mpɛsoa so, a ɛwɔ Bono ne Ahafo Mantam mu. Ogyinae wɔ amanyɔkuo New Partriotic Party(NPP) din mu

Wɔ woo no February da ɛtɔ so 8, afe 1969 wɔ kuro a ne din Ntotroso wɔ Bono ne Ahafo Mantam mu wɔ Ghana. ɔkɔɔ suapɔn a ne din University of Development Studies ma nyaa abɔdin krataa wɔ Mpuntuo mu. Ansa na ɔbɛyɛ mmarahye baguani no, na ɔyɛ adwuma sɛ ɔkyerekyere ni wɔ adwumakuo a ɛne Ghana Education Service.

Dahah dikan nyaa akwanya kɔɔ mmarahyɛ bagua mu wɔ January da ɛtɔ 7, afe 2013 bre a odii nkonim wɔ Ghana abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 2012 mu no. Wɔ too aba yii no nea ɛtɔ so mienu bre a ogyinae wɔ afe 2016 abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu. Onyaa mma no mu ɔha mu nkyekyɛ mu 54.98




#Article 119: Francis Manu-Adabor (218 words)


Francis Manu-Adabor (wɔ woo no September da ɛtɔ so 24, afe 1960) yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ baguani wɔ mmarahyɛ bagua a ɛtɔ 7 wɔ Ghana adeyeman a ɛtɔ so nnan no mu, a ogyna hɔ ma Ahafo ano Atɔe fam abatoɔ mpɛsoa so, a ɛwɔ Asante Mantam mu . Ogyina wɔ amanyɔkuo New Partriotic Party(NPP) din mu

Wɔ woo Man-Asdabor wɔ September da ɛtɔ so 24, afe 1960 wɔ kuro a ɛne Biemso a ɛwɔ Asante Mantam mu.

Manu-adabor yɛ Kristoni a ɔsɔɔm Roman asɔre. ɔyɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra nnum.

ɔyɛɛ ɔkandifo wɔ sukuu a ɛyɛ nhwehwɛmu wɔ nsase ho no firi afe 1988 kosii afe 2007. ɔsan nso yɛɛ adwuma wɔ adwumakuo a ɛne Cocoa Board firi afe 2007 kosii afe 2012

Manu-adabor kura abɔdin nkrataa ahorɔw mienu firii suapɔn a ɛyɛ Kwame Nkruma University of Science and Technology ne Obafemi University. ɔsan nso kura abɔdin krataa a onyaa firii suapɔn a ɛne United College, London (UCL). Okura adansidie krataa a ɛma no kwan ma no yɛ asase mu nhwehwɛmu

Manu-Adabor ka dɔm kɛseɛ no ho wɔ mmarahyɛ bagua a ɛtɔ 6 wɔ Ghana adeyeman a ɛtɔ so nnan no mu. Wɔpaw no sɛ Otitenani maa kuo ɛhwɛ nsase ne kwae so, aban agyinamude kuo ne kuo a ɛhwɛ mmarasɛm ne mmarahyɛ baguakuo nsɛm so.




#Article 120: Nii Amugi II (184 words)


Nii Amugi II yɛ Akongua din a wɔde too Simon Nii Yarboi Yartey (wɔ woo June afe 1940 na owui December da a ɛtɔ so du, afe 2004) a na ɔyɛ Ga Mantse a ɛkeyerɛ Nkranfo Tumfoɔ, na odii ade mfie 39.

Na amugi to so nsia wɔ ne papa a wɔfrɛ no Samuel Nii Ofoli Yartey mma mu, na ɔyɛ ɔba a ɔtɔ so mienu wɔ ne maame a wɔfrɛ no Elizabeth Naa Afi Torgbor wɔn firi Amugi We ne Sakumono Tsoshishi.  ɔkɔɔ sukuu a ne din de Methodist Primary School wɔ afe 1946 mu wɔ Kojokrom, a ɛwɔ Atɔe Mantam mu wɔ Ghana, na ɔtoaa so kɔɔ Nsawam ECm. ɔne ne yere Josephine woo mmɔfra 8.

Nii bɛyaree paa ma no fa saa yareɛ no so wui. Nnipa atitriw ahorɔw baa n’ayie ase a wɔn mu bi ne kane Ghana manpayin Jerry John Rawlings, ne Professor Johns Atta mills a na saa bre no ɔrepere Ghana manpanyi agua no wɔ afe 2008, Owura Doe Adjaho a na na ɔye dɔm kumaa mu kandifo a odiakyire wɔ mmarahyɛ bagua mu, Dr. Mary Grant.




#Article 121: Feyiase O (141 words)


Feyiase osa yɛ gyinae si ɔko ɛmaa Asante Ahenman bɛgyee Akanfoo tumidi firii Denkyirafoɔ nsam. 

Ansana ɔko no besi so no, na Denkyrira hene Ntim Gyakari adwen yɛɛ no sɛ ne nan si gyinae pa wɔ ɔko no mu, esiane sɛ na w’ati Asantefo no so firi Adunkun, Abuontem ne Aputuogya. Nanso sɛ na eyi yɛ nnɛdɛɛ a na Osei Tutu nam so pɛ sɛ ɔde to hyɛ Denkyirafo asrafo no so wɔ Feyiase.Na ɔko no yɛ nea asi wɔ Asantefo ne Denkyirafo natam.

Asantefo asraafo ahuodenfoɔ no to hyɛɛ Denkyirafo asraafoɔ no wɔ Feyiase kunkum wɔn pasaa. Nnipa a wofiri Dunku a wɔyɛ asantefoɔ Kuu Ntim Gyakari wɔ Feyiase na eyi maa tumi a na Denkyirafo no wɔ no ano baa awie wɔ Feyiase Akoyem. Sesei Feyiase Bosomtwe mansin a eda Aputuogya ne Esereso, faako a ɔko no baa awie.




#Article 122: Ntim Gyakari (164 words)


Nim Gyakari (owui wo afe1701) ye ɔhene a otwa toɔ wɔ Denkyirafoɔ abakɔsem mu a ne tumidie no wɔ fahodie wɔ tete a ɛnnɛ ɛyɛ Ghana.

Wohu no wɔ Denkyirafoɔ abakɔsɛm mu si ɔnɔ ne ɔhene a w’antumi ansi gyinae papa.. 

Nneama a ɔyɛɛ no mu bi a edikan ne sɛ ɔkɔɔ so hyɛɛ atifi fam foɔ w’atwa ne ho ahyia no sɛ wɔn behye n’ahenfie ase. Saa nkorɔfoɔ yi yɛ ade na Osei Tutu a ofiri Kumasi na ɔyɛ kane nnaduani wɔ Denkyira ne Komfo Anokye di wɔn anaim. Saa tumi yi na ɛsɔre tiaa n’amambuo no.

Wokuu ntim Gyakari wɔ ɔko a esii wɔ Feuiase no afe 1701. Eyi sii bre a ɔde Osei Tutu bɔne kyee no na oyii no afiase. ɔdwen ho akyire sɛ ɔpɛ sɛ ɔsan di Asantefo no so nkunim ma nti odii n’asrafo anim kɔe. Wɔ abakɔsɛm no, afoforo ka sɛ ɔyɛ ɔhene a ɔde ne nsase akye n’atamfoɔ esiane nneɛma ho a w’andwen ankɔ akyiri nti.




#Article 123: Johnson Kwaku Adu (193 words)


Johnson Kwaku Adu (Wɔ woo no August da ɛtɔ so 10, afe 1969) yɛ Ghanani amanyoni ne mmarahyɛ baguani wɔ mmarahyɛ bagua a ɛtɔ 7 wɔ Ghana adeyeman a ɛtɔ so nnan no mu, a ogyina hɔ ma Ahafo Anafo-Atɔe abatoɔ mpɛsoa so, a ɛwɔ Asante Mantam mu. Ogyina wɔ amanyɔkuo New Partriotic Party(NPP) din mu.

Adu was born on 10 August 1969 in Akrokerri in the Ashanti Region.

. Okura abɔdin krataa a ɛne BEd a onyaa firii suapɔn a ɛne University of Education, winneba wɔ afe 2011 mu.

Adu yɛ Kristoni a ɔsɔm wɔ Pentecost Asɔre. ɔyɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra mienu.

Adu yɛ Kane adwumakuo NADMO kwankyerefo wɔ Asafo Ano Atɔe mansin no mu firi afe 2002 kosii afe 2009, na ɔyɛ GES kwankyerefo firi afe 20110 kosii afe 2012 wɔ Ahafo Ano Atɔe. ɔyɛ nhomasua mu kunini.

Na ka dɔm kesei no ho wɔ mmarahye bagua a ɛtɔ 6 wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu. Na ɔyɛ guamutena ma Ahafo ano Mansin no bagua, Mankroso firi April afe 2009 kosii January afe 2011, ɔye mmarahye baguani firi January 2013 de besi nne; Ne mprenu so ni.




#Article 124: Abeiku Nyame Quansah (128 words)


Abeiku Nyame Quansah a wɔ san nso frɛ no Jagger Pee yɛ Ghanani siniyifoɔ. Wɔ afe 1984 mu no, ɔhyɛɛ n’adwuma ase wɔ Tv so dwumadie bi so. Sesei, ɔyɛ dwumadie a w’ato din ’’ Obra’’ wo tv so.

ɔkɔɔ ntoaso sukuu a ne din de Apam secondary school nanso, wanya akwanya biara wɔ siniyi mu bre a ɔwɔ hɔ no.

Bre a owie ntoaso sukuu no, ɔde ne ho kɔdɔɔm Kwesum Agroma afe baako, na ofirii hɔ de ne ho kɔ dɔɔm ekuo foforo a ɛde Get Involved Group. Jagger ne edin ɔde yɛɛ sini bi ɛbɛyɛɛ tv so dwumadie wɔ afe 1985, ɛno na ama saa din no aka ne so. Sini no kyerɛwfo din ne Sackey Sowah a ɔyɛ nea one no kɔɔ sukuu baako.




#Article 125: Kulungugu TupaeƐ no (267 words)


Ɔsaana bosomi a Ɛdikan wƆ afe 1962 ,Kwame Nkrumah ,Gana man panin gyinaa wƆ Kulungugu,a ɛyɛ euro wƆ  Pusiga mpotaƐ,Bawku..TopaƐ bi tu yɛ a na ƐhwƐ oman panin no.

Na woferi nhyia a Ɔne Burkina manpanin Maurice Yameogo wƆ Tenkudud a na wƆfrƐ no Upper Volta.Na nhyiamu yi yƐ nkrataa a wosensan wƆ nyinamon kania wƆ volta

ƐbrƐ a na wosan n'akye aba Gana no,Nsuo kƐseƐ bo tƆ yƐ ma ne shen no yƐƐ biribiawɔhƆ Ɛnam kwan basa basa no.Ɛshen no nyina ginaeƐ wƆ Baku sƐ Omanpanin bƐ kyia kyia sukuu nkwaada a na wƆ re twen no.Sukuu abofra a na wo de Elizabeth Asantewaa, de flora's kɔ maa no a na topaeƐ kom..Oman panin banbƆnee a wo de  Captain Samuel Buckman kataaa oman panin so abrɛ a wɔ hunuu sƐ topaɛ no re bɛ tu.Oman panin ne ne banbɔnee no ɛmpra kƐse.Na Ɛmom nipa no bi praa yƐ .

Abrofo dokuta na woyi dadieƐ firi ne nkyenmu ne n'akye.

Nkrumah de kwɛdu bɔƆ Tawiah Adamafio,gyinaeɛ ne a wɔ hwƐ nsem so and Omanpanin ho nsɛm,Ako Adjei,gyinaeɛ ne a wɔ hwƐ amanone ho nsɛm nsɛm ne Huh Horatio Cofie-Crabbe,twerƐtwerƐfuo ma CPP sƐ wɔnim ho bi.Wode wɔn tuu afie ase  

GyniashɛdeƐ bi wɔ kuro num a wɔfrɛ nu Kulungugu Bomb Site.

Wɔn mmiensa dee bim abrƐ a na Chief Justice Arku Korash yƐ tena nee a wodi nsem.Nkrumah pam no firi so de afofro ba ma won de nipa mimens bɛtuu afeise sɛ wonyinaa bɛ wu.Afei wɔ tee so sɛ won kɔ da afiese fie aduno.ɛbrɛ a Nkrumah abam,National Liberation Council(NLC) guaeƐ no wo yi won firi afiese. 




#Article 126: Ferdinand Koblavi Dra Goka (368 words)


Ferdinand Koblavi Dra Goka yɛ kane  Ghanani ɔkyerɛkyerɛfo ne amanyɔni. ɔyɛ kane Frao Mantam mu, ne Soafo a ɔhwɛ sikasɛm so a ɔtɔ so mienu wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so mienu. ɔno na ɔboa maa wosesa kane Trans Volta Togoland yɛɛ no Frao Mantam 

Wɔ woo Goka wɔ November da ɛtɔ so 7 afe 1919 mu a n’awofo din de F.D Goka wɔ Mafi Anfoe a ɛwɔ Frao Mantam mu. ɔkɔɔ sukuu wɔ Evengelical Middle School a ɛwɔ Hohoe ma no nyaa abodin krataa a ɛne Cambridge School Certifcate wɔ afe 1941 mu. ɔtoaa n’adesua no so wɔ akyerɛkyerɛfo sukuu a ɛne Akropong Presbyterian Traning College firi 1943 kosii afe 1944. ɔtoaa so kɔɔ nyamesem ho ntete sukuu a ɛne Ewe Presbyterian Theological Seminary a ɛwɔ Ho.

Owie n’adesua no, Goka nyaa adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ afe 1634 wɔ Mafi Anfoe a ɛyɛ ne kuro mu wɔ Frao Mantam mu. Bre a onyaa Abodin krataa a ɛne Certificate A Grade I no, onya adwuma sɛ ɔkyerekyereni wɔ Keta Presbyterian Middle School wɔ January 1946. Ogyae adekyerɛ wɔ June afe 1948 na ɔhyɛ adwuma foforo ase sɛ ɔkwankyerɛfo abediakyire ma Anlo-Tongu mansin nhomasua kuo.

Goka de ne ho kɔhyɛɛ amanyɔsɛm mu akyire na wɔ afe 1954 mu no, wɔpaw no mmarahyɛ baguani, na saa afe ara mu no, wɔpaw no sɛ Soafo abediakyire wɔ asoe a ɛhwɛ Akwahosan so.  Wɔpaw no sɛ soafo a ɔhwɛ Frao Mantam no so wɔ June afe 1959 mu na Wɔ October da edi kan , afe 1960 mu no, ɔbeyee Soafo a ɔhwe dwadie so. Wɔ May da a ɛtɔ so 8 afe 1961 mu no, wɔpaw no sɛ Soafoa ɔhwɛ sikasɛm so, na saa afe no ara mu no, wɔkaa asoe a ɛhwɛ dwadie ne asoe a ɛhwɛ Sikasɛm so no bom yɛɛ noo asoe baako.Wɔ October da a edikan afe 1961 mu no , obɛyɛɛ Soafo a ohwɛ asoe a ɛhwɛ dwadie ne skiasɛm so. Okuraa saa dibea yi kosii afe 1964 bre a wo yii no de Kwesi Amoako Atta sii n’anan mu.

Owui wɔ afe 2007 mu.  Togbe Kwasinyi Agyeman IV, ɔhene a ɔwɔ Adidome kaa ne ho asem ‘’ ɔyɛ ɔbarima okokoroko a ofiri Mafi Asase so”.




#Article 127: Kofi Baako (410 words)


Kofi Baako yɛ kane Ghanani agodifo, ɔkyerɛkyerɛni ne amanyɔni. ɔsoom sɛ soafo a ɔhwɛ ahobanbɔ so wɔ Nkruma aban ase wɔ Ghana adehyeman a edikan no ase kosii afe 1966 bre a wotuu aban no gui. ɔsoom sɛ soafo wɔ asoe pii wɔ bre a na Conventions Peoples Party aban wɔ so no.

Na kofi Baako papa yɛ ɔkyerɛkyerɛfo. ɔmaa Kofi hyɛɛ sukuu ase bre a na w’adi mfie nsia . Owie mfitiase sukuu a ɛne Roman Catholic school wɔ ne kuro mu a ɛyɛ Saltpond no, ɔtoaa so kɔɔ ntoaso sukuu a ɛde St.Augustine’s College, Cape Coast.

Baako bɛyɛɛ  okyerɛkyerɛni na akyiri, ɔbɛyɛɛ aban krakye. Kwame Nkrumah kasa ahorɔw a ɔkeka fa Ghana fahodie ho no kanyaa no. Eyi maa no kyerɛw ɔkasa ‘’ ɔtan a me wɔ ma nhyɛsoɔ aban” na eyi maa woyii no adi wɔ n’adwuma mu. Ohyiaa Nkrumah akyire na ɔyɛɛ no koowaa krataa mu samufoɔ wɔ adwumkuo a ɛne Daily Mail a ɛwɔ Cape Coast no bre a na w’adi mfie 20. ɔkasa foforo ɔkyerɛw bre a ɔwɔ Daily Mail no ne ‘’ Yehia Fahodie”. Eyi maa aborɔfo aban a ɛwɔ so saa bere no de no too afiase. Nkrumah ne akandifo a wodi Convention Peoples Party no anim nso yɛ nea a wɔkyeree wɔn guu afiase kaa ne ho. Nnipa a wɔde wɔn guu afiase no mu binom bɛyɛɛ asaofo wɔ Nkruma aban mu. 

Wɔpw Kofi Baako sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Saltpond a ɛwɔ Mfinfin Mantam mu wɔ Ghana. Kwame Nkrumah paw no sɛ ɔman Soafo wɔ n’aban mu ansa wonyaa fahodie. ɔtoa n’adwuma so wɔ asoe ahorɔw pii wɔ nkruma aban no. Wɔ aban no ahyɛase no, wodikan paw no sɛ soafo a onni asoe ansa na wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ amaneɛbo  ne dawurobɔ so wɔ August afe 1957, na eyi maa no bɛyɛɛ soafo a osua koraa Ghana ne aman a ɛyɛ Commonwealth of Nations no mu nyinaa. Wɔpaw no bere a na w’adi mfie 29.

Baako soom sɛ soafo a ɔhwɛ Ahobanbɔ so firi September afe 1961 kosii afe 1966 mu

Wɔhyɛɛ no anuonyam esiane sɛ na ɔyɛ ɔbi a ɔbɔ ne ho mmɔden agodie mu na ɔyɛ ɔbi a odi akotene wɔ Bɔɔlbɔ ne Cricket mu, na ɔyɛ ɔman no nkunimdifo wɔ agodie a ɛne Table Tenis

Baako woo mmɔfra miensah. Wɔn mu baako ne Kwaku Baako Jnr a ɔyɛ nsɛmkyerɛwni ne koowaa krataa mu samufoɔ wɔ koowaa krataaa ɛne Daily Crusading Guide Newspaper




#Article 128: Lawrence Rosario Abavana (568 words)


Lawrence Rosario Abavana (1920 kosii May da ɛtɔ so 29, afe 2004) Wɔ woo Lawrence wɔ Navrongo. ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Roman Catholic School a ɛwɔ Navorongo. ɔtoaa so kɔɔ Achimota College konyaa ntetee sɛ ɔkyerɛkyerɛni.

Wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Kassena-Kananka Atɔe wɔ afe 1951 mu wɔ amanyɔkuo Conventions Peoples (CPP) Party din mu, wɔpaw no soafo abediakyire a ɔhwɛ nkitahodie ne nnwuma so wɔ saa afe no ara mu. Wɔ afe 1954 mu no, odii nkunim wɔ J .E Seyire a ogyinae wɔ amanyɔkuo Northen Peoples Party din mu no so  kuraa ne tumi no 

Wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Kassena-Kananka Atɔe wɔ afe 1951 mu wɔ amanyɔkuo Conventions Peoples (CPP) Party din mu, wɔpaw no soafo abediakyire a ɔhwɛ nkitahodie ne nnwuma so wɔ saa afe no ara mu. Wɔ afe 1954 mu no, odii nkunim wɔ J .E Seyire a ogyinae wɔ amanyɔkuo Northen Peoples Party din mu no so  kuraa ne tumi no mu bre a  onyaa mma no 5,795 na n’akansifoo no nyaa 3,344. ɔbɛyɛɛ Soafo abediakyire a ɔhwɛ kuayɔ so wɔ saa afe no ara mu. Wɔ afe 1956 mu no, wɔpaw no sɛ soafo a onni asoe. Wɔ afe akyi no, womaa no asoe-Kuayo. Sɛ soafo a ɔhwɛ kuayɔ so no, odii Ghana ananmusifo anim kɔɔ kookoo a Nyiamu a ɛekɔɔ so wɔ September afe 1957. Wɔ November da a ɛtɔ so 4, afe 1957 mu no, wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ Ghana Atifi. (Na Atifi fam mantam mu, atifi –atɔe ne Atifi-apue nyinaa ka ho) na wɔ July afe 1960 mu no, wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ akwahosan so.  Wɔ afe 1 mu no, wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwe dwadie so, na se soafo a ɔhwɛ dwadie so no, odii Ghana ananmusifo ani kɔɔ Dahomey wɔ August, afe 1961.  Wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ kwayɔ so ne mprenu soɔ wɔ October, saa afe no mu, na wɔ September afe 1962 mu no, wɔpaw no sɛ soafo a ɔhwɛ nkitahodie so. Sɛ, soafo a ɔhwɛ nkitahodie so no, odii Ghana ananmusifo anim kɔɔ nyiamu a Commonwealth Nations nktihodie asoafo yee wɔ London, afe 1963. ɔsoom sɛ soafo a ɔhwɛ nkitahodie so ne mprenu soɔ firi afe October afe 1963 kosii Januray afe 1964 mu.  Se Soafoa ɔhwe Akwahosan so no, odii Ghana ananmusifo anim kɔɔ nyhiamu bi a wɔyɛ faa akwahosan ne ahonidie a ɛkɔɔ so wɔ Alexandria, United Arab Republic (UAR) wɔ January, afe 1964 mu. ɔsan nso dii ananmusifo anim wɔ March afe 1964 mu kɔɔ nhyiamu a wɔyɛe ɛne Wiase Akwahosan Nyhiamu wɔ Geneva.  Wɔ afe 1964 mu no, wɔpaw no sɛ soafo a ɔhwɛ afisɛm so , wɔ afe 1965 mu no, wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ fagudee nnwuma so.. Wɔ June da a etɔ so 11, afe 1965 mu no, wɔsan paw no biom se soafo a ɔhwe Afisem so. ɔsoom wɔ saa asoe yi kosii se wotuu Nkruma aban no gui wɔ afe 1966. Wɔpaw no ɔmanfutufo wɔ Ghana adehyeman a etɔ so 3 no firi 1979 kosii afe 1981.

Nneɛma a n’anegye ho ne Tennis. Wɔpaw no sɛ kandifo wɔ kuo bi ɛde Retired Catholic Workers Association firi afe 1992 kosii se owui.

Owui bre a w’adi mfie 84 wɔ May da a ɛtɔ so 29, afe 2004 mu. Wosiee no July da a ɛtɔ so 3, afe 2004 mu..




#Article 129: Kwaku Boateng (Amanyoni) (461 words)


Kwaku Boateng (1926- May 2006) yɛ kane Ghanani mmaranimfo, amanyɔni, asɛmpatrɛwfo ne soafo a ɔhwɛ asoafo so. 

Opanyin Acheampong ne maame Anima Acheampong a wofiri Old Tafo a ɛwɔ Akyem Aboakwa na wɔ woo Boateng.  Ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Old Tafo Primary School na ɔtoaa so kɔɔ suapɔn sukuu a ɛne Begoro Secondary School. Onyaa akwanya wuraa mfantsip School a ɛwɔ Cape Coast  wɔ afe 1941 na ɔhyɛɛ hɔ kosii afe 1944 bre a woyii no firii hɔ de no kɔɔ Presbyterian Secondary School a ɛwɔ Odumase Krobo, ma no konyaa abodin krataa a ɛne Cambrdge School Certificate. Ɔtoaa so koo sukuu a ɛne Fourah Bay College ,a ɛwɔ Sierra Leone  wɔ afe 1948 nanso ofirii hɔ wɔ afe 1949 mu bɛsen kɔɔ suapɔn a ɛne Kings College London University. Ɔde n’adesua no baa awie wɔ afe 1954 ma no nyaa abodin krataa wɔ mmaranim ho, na wɔfrɛɛ no kaa Abrokyire mmarainimkuo a ɛne English Bar wɔ Gray’s Inn , afe 1956. Wɔfrɛɛ no kaa Ghana mmaranikuo a ɛne Ghana bar no ho wɔ saa afe no ara mu na ohyɛɛ ase wɔ La Chambers se Lɔyani kumaa. Ɔhyɛɛ ɔno anakasa lɔya adwuma ase wɔ afe 1956 na ɔkɔɔ so yɛɛ adwuma sɛ ankorɛnkorɛ kosii sɛ wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani wɔ December saa afe no are mu ma no kogyinaa wɔ Tafo abatoɔ mpɛsoa so.

Na kwaku Boateng yɛ amanyokuo Conventions Peoples Party no mu ni na ɔsoom wɔ asoe pii wɔ Nkruma aban mu.  Na ɔyɛ soafo a ɔhwɛ nkitahodie so na wɔ afe 1961 mu no, ɔbɛyɛɛ soafo a ɔhwɛ afisɛm so. Na ɔyɛ Soafo a ɔhwɛ nhomasua so wɔ Nkruma aban mu wo afe 1964.

Wɔ February afe 1966 mu bre a abantuguo a National Liberation Council ne kofabae no bae no, ɔne afoforo a wɔsoom wɔ Nkruma aban ase no dwane firii ɔman no mu. ɔne N’abusuafo kɔɔ United Kingdom.

Bre a ɔyɛ soafo a ɔhwɛ nhomasua so no, obue adwumakuo bi ɛne Bible House a adwuma no asoe ne Bible Society of Ghana wɔ Nkuruma din mu wɔ afe 1965.  Na ɔyɛ sikasohwɛfo wɔ Bible Society of Ghan kosii sɛ owui. ɛde kɔ n’amanyɔsɛm aweie no, Boateng bɛyɛɛ asɛmpakafo.

Paul Boateng a oyɛ Brtish amanyoni, a ɔyɛ mmarahyɛ baguani ma Brent South firi afe 1987 kosii 2005 yɛ ne ba. Kwaku Boateng yere, Owura yere Eleanor Boateng a ɔyɛ Scottish. Ne nua barima Andrew Boateng wɔ New York, Francis Boateng a ɔyɛ polisi wɔ Los Angelis. Wɔ afe 1950 mu no, 1950 mu no, Kwaku Boateng ne abeawaa bi woo aberimaa a ne din de Isaac Boateng.

Kwaku Boateng wuu wo May da a edikan afe 2006 wɔ beae bi a ɛne Paul’s home a ɛwɔ Cape Town, South Africa bre a w’adi mfie 80




#Article 130: J. H. Allassani (502 words)


Joseph Henry Alhasani yɛ kane nhomasua mu kunini ne amanyɔni. ɔyɛ kane ɔman suafo ne ne mmarahyɛ baguani wɔ Ghana adehyeman a edikan no mu. ɔyɛ Soafo a ɔhwɛ akwahosan so a odikan wɔ Ghana adeyeman a edikan no mu.

Wɔ woo Alhasan wɔ afe 1906 mu wɔ kuro a ene Gumo a ɛwɔ Kumburungu mansin no mu, ɛne kuro a ɛde Tamale no yɛ bɛye miles 6 wɔ Atifi Mantam no mu wɔ Ghana, a na kane no ɛhyɛ ɔman a ɛne Togoland ase bre a United Kingdom di so no. ɔhyɛɛ nhomasua ase wɔ Catholic School a ɛwɔ Tamale, Elmina, Sunyani na ɔde kowie wɔ St. peter’s School a ɛwɔ Kumasi. ɔtoaa so kɔɔ aban akyerɛkyerɛfoɔ ntetee sukuu wɔ afe 1924 na owie nyaa abodin krataa wɔ afe 1926.

Alhassan hyɛɛ ade kyerɛ ase wɔ afe sukuu a ɛde St. Peter’s Roman Catholic School wɔ afe 1927 mu. ɔkyerɛɛ ade wɔ hɔ bɛyɛ mfie 22 mienu. Wɔ afe 1949 mu no, ɔde ade kyerɛ adwumaa no too hɔ na ɔkɔ hyɛɛ adwuma a ɛne ɔkyerefo maa kuo a ɛne Dagomba Native Administration.Wɔ saa afe no ara mu no, wɔpaw no kɔɔ Atifi mansin no mmarahyɛ kuo no mu na wɔ afe 1951 no, wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Dagomba Apue wɔ amnyɔkuo Conventions Peopples Party din mu. ɔhyee adwuma ase wo afe 1951. Wɔ April da edikan wɔ afe 1951, wɔpaw no se Soafo abediakyire wɔ asoe a ɛhwɛ mpuntuo so na wɔ June da a ɛtɔ so 20, afe 1954 mu no, wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ nhomasua so ma no hyɛɛ adwuma no ase wɔ June da a ɛtɔ so 21 wɔ saa afe no ara mu. Wɔ mfie 1955 ne 1956 mu no, ɔde anobaebae kɔdaa aman nkabom kuo United Nations sɛ ɛsɛ wode Northern Togoland no ka Gold Coast ho ma no beye oman baako. Wɔpaw no se soafo a ɔhwe Akwahosan so wɔ June  afe 1956 Kosii September afe 1959 bre a wɔpaw no sɛ Ghana aban ananmusifo a ɔwɔ Guinea.Okuraa saa dibea no kosii sɛ wɔpaw no sɛ ɔkwankyerɛfo maa kuo a ɛhwɛ nkurase Adansie so wɔ Julne da a ɛtɔ so 30, afe 1960 mu; ɔhyɛɛ adwuma no ase wɔ Ghana adehyeman afofieda a ɛyɛ July da a edikan, afe 1960 mu. Okuraa saa dibea no kosii January da edikan bre a wopaw no sɛ ɔkwankyerɛfo ma Ghana adwumakuo a ɛde State Paint Corporation.  Okuraa saa dibea kosii February, afe 1966 bre a wotuu Nkruma aban gui no. Wɔ n’abre so sɛ aban adwumayeni no, ɔsoom wɔ akuo ahorɔw pii so a emu bi ne Central Tender Board, Ezru committee ne Committee on Transport Wɔ atifi mantam mu.  Wɔ aban a ene National Liberation Council bre so no, wobuu no fɔ sɛ w’aka ntamhunu wɔ kuo a ɛde Justice Apaloo's Commission de no too afiase bosome miensa se onkoye adwumaden.

Alhasan waree Susana Adani ma ɔne no woo mmɔfra du mienu. Ɔyɛ obi a ɔpɛ nnwom tie paa.




#Article 131: Joseph Essilfie Hagan (221 words)


Joseph Essilfie Hagan yɛ Ghanani Amanyɔni. ɔsoom sɛ Soafo a ɔhwɛ Atɔe Mantam ne Mfinfin Mantam. Ɔsan nso soom sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Abura Asebu abatoɔ mpɛsoa so.

Wɔ woo no wɔ afe 1912. Ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Nyakrom Methodist School na ɔtoaa so kɔɔ St. Nicholas Grammar School (sesei eye Adisadel College) a ɛwɔ Cape Coast.

Bre owiee ntoaso sukuu no, hagan nyaa adwuma sɛ sotɔɔ so hwɛfo wɔ adwumakuo a ne din de Union Trading Company (U T C) firi afe 1937 kosii afe 1950.  Hagan de ne ho kɔdɔɔm Town Council a ɛwɔ Cape Coast na ɔbɛyɛɛ Conventions People Party amanyɔkuo no mu ni wɔ afe 1949. Wɔ afe 1951 mu no, wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani, na ɔyɛ aban adwuma so hwɛfo abediakyire. Wɔ too aba yi no biom wɔ afe 1954 ne 1956. Wɔ saa afe no ara mu (1956) , wɔpaw no sɛ Soafo abediakyire ma asoe a ɔhwɛ nkurase ne nkuro nketewa amamuo so. Wɔ afe 1957 mu no, wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ Atɔe Mantam no so, ma no soom wɔ saa dibea no kosii afe 1960 bre a wɔpaw no sɛ mfinfin Mantam Soafo. Wɔ afe 1965 mu no, wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ Apue Mantam na okuraa saa dibea yi kosii sɛ wotuu Nkruma Aban gui.




#Article 132: Andrews Kwabla Puplampu (291 words)


Andrews Kwabla Puplampu yɛ kane mmaranimfo, amanyɔni ne nhomasua mu okunini.  ɔyɛ kane mmarahyebaguani a ogyina hɔ ma Ada abatoɔ mpɛsoa so firi afe 1956 kosii afe 1966. Firi afe 1960 kosii 1965 mu no, na ɔyɛ Soafo abediakyire a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so, na firi 1965 kosii afe 1966 mu no, na ɔyɛ Soafo a ɔhwɛ nsase so. Ansa na ɔbɛhyɛ amanyɔsɛm ase no, na ɔye ɔkyerɛkyerɛfo.

Wɔ woo Puplampu wɔ November da a ɛtɔ so 11, afe 1919 wɔ Gold Coast. ɔkɔɔ ntoaso sukuu a ne din de Presbyterian Secondary School a ɛwɔ Krobo Odumasi (Sesei wofre no Prebyterian Boys Senior High School, Legon)

Wɔ afe 1944 mu no, Puplampu nyaa adwuma sɛ ɔkyerɛkyewrɛfo wɔ sukuu a ɛene Presbyterian Primary School a ɛwɔ Big Ada. Wɔ saa afe no ara mu no, ɔkɔ kaa akyerɛkyerɛfo a wɔn wɔ Royal Collegiate School wɔ Nkran. Wɔ April afe 1954 mu no, ɔbɛyɛ nkrataasohwɛfo wɔ aban adwuma mu nanso, ɔde n’adwuma no too hɔ wɔ December afe 1950 mu. Otuu kwan kɔɔ United Kingdom wɔ afe 1951 kosuaa mmaranim , na ɔsan n’akyi wɔ afe 1954 behyee mmaranim adwuma ase wɔ afe 1954  wɔ Nkran.

Wɔ afe 1944 mu no, Puplampu nyaa adwuma sɛ ɔkyerɛkyewrɛfo wɔ sukuu a ɛene Presbyterian Primary School a ɛwɔ Big Ada. Wɔ saa afe no ara mu no, ɔkɔ kaa akyerɛkyerɛfo a wɔn wɔ Royal Collegiate School wɔ Nkran. Wɔ April afe 1954 mu no, ɔbɛyɛ nkrataasohwɛfo wɔ aban adwuma mu nanso, ɔde n’adwuma no too hɔ wɔ December afe 1950 mu. Otuu kwan kɔɔ United Kingdom wɔ afe 1951 kosuaa mmaranim , na ɔsan n’akyi wɔ afe 1954 behyee mmaranim adwuma ase wɔ afe 1954  wɔ Nkran.

Owui wɔ November da a ɛtɔ 3, afe  1984.




#Article 133: Victor Owusu (491 words)


Victor Owusu (December 26, afe 1923 – December 16, afe 2000) yɛ kane Ghanani amanyɔni ne mmaranimfo. Ɔsoom ɔman mmaranimfo, Soafo ɔwhɛ atɛntrenee ne Soafo a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so mprenu. Na yɛ okandifo ma amanyɔkuo a enni aban mu wɔ Ghana adeyeman a edi kan no m firi afe 1979 kosii afe 1981

Wɔ woo Owusu wɔ December da a ɛɔ 26, afe 1923 wo Agona a ɛwɔ Asante Mantam mu. Owusua yɛ obi a wɔ nimdeɛ wɔ ɛkonomis mu ana afei, okosuaa mmaranim.  Na ɔka akukudam a na wodi akotene wɔ National Liberation Movement a wotoo wɔn so aba wɔ Gold Coast abatoɔ no mu. Wɔ Ghana adehyeman a edikan no mu no, Kwame Nkrumah aban de mmara a ɛne Prevention Detention Act Act ( 1958) de no too afiase.  Woyii no wɔ February da a ɛtɔ so 24, afe 1966 bre abantuguo a amanyokuo National Liberation Council de bae. Wɔpaw no sɛ Aban Loya panyin ne Soafo a ɔhwɛ atɛntreene so wɔ NLC aban ase.

Victor Owusu kɔɔ Achimota School wɔ  afe 1937 kosii afe 1945. Wɔ saa bre no, na n'atipenfo ne K. B Asante ne Joe Reindof. ɔtoaa so kɔɔ United Kingdom kosuaa Ekonomis wɔ suapɔn a ɛne University of Nothingham na afe, mmaranim wo University of London wɔ afe 1946 mu. wɔfrɛɛ no kaa abrokyire mmaranimfo kuo a ɛne English bar no wɔ lincoln’s Inn wɔ afe 1952.

Na ɔyɛ amanyɔkuo Progressive Party amanyɔkuo a edii nkunim wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 1969 mu. Dr. Kofi Abrefa Busia paw no sɛ Soafo a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so mprenu wɔ Ghana adeyeman a ɛtɔ mienu no mu.  Nea edikan no wɔ afe 1969 mu na nea ɛtɔ so mienu no wɔ afe afe 1969 ne 1971 nta.  Wɔ ne mienunu no nyinaa mu no, osii Partrick Dankwa Anin a ɔno nso soom mprenu no anan mu. Ghana adehyeman a ɛtɔ mienu no baa awie wɔ Janury da ɛtɔ so 13 afe 1972 mu bre a Gneral (Kane Colonel) I. K Acheampon tuu aba no gui no.

Owusu yɛ okwankyerɛfo ne wɔn a wɔtew amanyɔkuo Popular Front Party wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so miensa no mu. ɔtoo so mienue maa Dr. Hilla Liman a ogyinaa wɔ amanyɔkuo People’s National Party (PNP) dii nkunim wɔ afe 1979 abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu,  onyaa mma no mu nkyekyɛ mu 38% wo abatoɔ a wɔtoo no mprenu no mu. Wɔ abatoɔ no akyi no, amanyɔkuo PFP ne ɔperatia amnyokouo afofor kaa bom yɛ amanyɔkuo baaka a ɛne All Peoples Party (APP) a na owusu di anim. Wɔ braa amanyɔkuo AFP ne amanyɔkuo ahorow wɔ December da ɛtɔ 31, afe 1981 bre a Proviusional National Defence Council a nea odi anim ne Flt. Lt. Jerry Rawlings tuu aban no gui.

Firi afe 1991 kosii sɛ owui no, Victor Owusu Putney, London, UK. Owui wɔ London wɔ December da a ɛtɔ so 16, afe 2000. Owaree Agnes Owusu.




#Article 134: Frimpong Manso (Actor) (121 words)


Frimpong Manso (1931 – 2020 , mfie 89) a wɔ san nso frɛ no ɔsɔfo Dadzie yɛ Kane Ghanani siniyifo ne siniyɛfo a oyii sini bi a ɛbɛyɛɛ TV so dwumadie firi afe 1970 kosii afe 1983, na okura a edin a ɛne ɔsɔfo Dadzie wɔ sini no mu.

Na ɔka siniyifo adikanfo wɔ TV so ɔye kyerɛ dwumadie a w’ato din ɔsɔfo Dadzie a nea ɔkyerɛw no din ne S.K Oppong Drama group, akyire, wɔ sesaa edin no yee no ɔsɔfo Dazie Drama group . Wɔn a ɔne wɔn yɛɛ ɔyɛkyerɛ no bi din ne Supper O .D, Kingsley Kofi Kyeremanteng (Ajos) , Bea Kisi, Akora Badu , S.K oppong . Na ɔyekyere no ye ade woyi wɔ GTV so.




#Article 135: Patrick Dankwa Anin (182 words)


Patrick Dankwa Anin ( 27 July 1928 – 24 October 1999) yɛ Kane amanɔne Soafo wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so mienu no mu. Owuu wɔ afe 1999.

Na ɔyɛ soafo a wodikan paw no sɛ amanɔne Soafo wɔ amanyɔkuo Progress Party aban a na Dr. Kofi Abrefia Busia yɛ manpanyin wo Ghana. ɔsoom sɛ soafo bosome kakraa bi na woyii no de Victor Owusu besii n’anan mu. Wɔ san nso paw no kɔɔ dibea no ara bio wɔ saa afe no ara mu maa no  dii mfie mienu wo ho. 

Anin kaa kuo a ɛmu nnipa yɛ nnum a aban paw wɔn ma wɔhwɛhwɛɛ ketɛasehyɛ ne prɔwee bi a ɛkɔɔ so mu wɔ afe 1970. 

ɔsan nso soom sɛ Asemdibea kunini ɔtemmufo firi afe 1980 bre a manpanyin Limann paw no.  Owuu wɔ October da a ɛtɔ so 24, afe 1999.

Owui wɔ October da a ɛtɔ so 24, afe 1999

Anin, Patrick Dankwa (1991). The role of the judiciary in the promotion and protection of human rights : the Gambian experience. African Journal of International and Comparative Law. 3 (4): 771–784.




#Article 136: Francis Edward Techie-Menson (423 words)


Francis Edward Techie-Menson yɛ kane Ghanani amanyɔni. ɔsoom sɛ soafo abediakyire, okwankyerɛfo ma Ghana Housing Corporation, mmarahyɛ baguani, ne ɔman soafo wɔ Ghana adeyeman a edikan no mu.  ɔyɛ kane mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Denkyira abatoɔ mpesoa so firi afe 1954 kosii afe 1965 mu ne mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Edna-Eguafo abatoɔ mpesoa firi afe 1965 kosii afe 1966. ɔsan nso soom sɛ Ghana soafo a ɔhwɛ afipam so firi afe 1965 kosii 1966.

Wɔ woo Techie-Mensah wɔ August da ɛtɔ so , afe 1910 wɔ Elmina a ɛwɔ Mfinfin Mantam mu wɔ Ghana ( kane Gold Coast).  Onyaa abodin krataa wɔ mfirinwuma mu wɔ suapɔn a ɛne City and Guilds of London Institute. ɔsan nso nyaa abodin krataa a ɛne Competence in Works (Trade Unionism) and Leader firi suapon a ɛne University of Wisconsin-Madison. ɔkyerɛ ade mmere kakraa bi akyi no, ɔtoaa na’desua so kɔɔ Government Technical School (ɛnnɛ Ghana Senior High Technical School, Takoradi) wɔ March, afe 1931 mu maa no wie wɔ April afe 1934.

Techie-Menson hyɛɛ adwuma ase sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Catholic School a ɛwɔ Bekwai. ɔkyerɛɛ ade afe baako no, ɔtoaa n’adesua so wɔ Government Technical School ma no kosuaa ade mfie miensa, na ɔkɔyɛɛ adwuma sɛ obi a osiesie tetefon wɔ adwumakuo a ɛne Department of Posts and Telegraph wo Nkran , wɔ May da a ɛtɔ so 8, afe 1934. Wɔ January da ɛtɔ so afe 1939 mu no, wɔ pagyaa ne dibea no mu sɛ ɔhwɛfo abediakyire na wɔ afe 1953 mu bre a ɔda so yɛ ɔhwɛfo no, wɔpaw no sɛ okandifo wo adwumakuo a ɛne Gold Coast Trade Union Congress (GCTUC).  Okuraa saa dibea no kosii sɛ ɔde n’adwuma no too hɔ wɔ June da a ɛtɔ so 30, afe 1954.

Wɔ June afe 1954 mu no, wɔpaw Techie-Menson sɛ mmarahyɛ baguani a wɔ Denkyira abatoɔ mpesoa so wɔ amanyɔkuo Conventions People Party (CPP) din mu. Bre ɔsoom wɔ mmarahyɛ bagua mu no, wɔpaw no sɛ Soafo abediakyire a ɔhwɛ ahobammɔ so wɔ afe 1958 mu. ɔsoom wɔ saa dibea yi kosii sɛ wɔyii no firii so wɔ April da a edikan, afe 1961 mu. Wɔ February afe 1963 mu no, ɔbɛyɛɛ titenani ma kuo a ɛhwɛ Adansie so. Wɔ saa afe no ara mu no, ɔbɛyɛɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Edina-Eguafo Abatoɔ mpesoa. Teshie-Mensah kuraa dibea yi kosii February da a ɛtɔ 24, afe 1966 bre a wotuu Nkruma Aban gui.

Techie-Menson obi a na’ni gye nnwomtoɔ ho ne agodie wɔ bre a ɔnyɛ hwee no.




#Article 137: Kojo Yankah (455 words)


Kojo Acquah Yankah (wɔ woo no Agust da a ɛtɔ so 16, afe 1945) yɛ kane mmarahyɛ baguani wɔ Ghana. ɔsoom se ɔman Soafo a wɔ Rawlings aban ase. ɔno ne Suapɔn a ne din de African University College of Communuication kofabae ne kane koowaa krataa mu samufo ma nsɛmkyerɛw adwumakuo Daily Graphic a ɛyɛ nsɛma homa a ɛkɔ mmeae pii wo Ghana.

Wɔ woo Kojo Yankah wɔ Agona Duakwa wɔ Agona Apuei mansin a ɛwɔ mfinfin mantam no mu wɔ Ghana.  Onyaa mfiase nhomasua ase wɔ sukuu ahorɔw pii mu wɔ mfinfin mantam.  Ɔkɔɔ Adisadel College a ɛyɛ ntoaso sukuu. Ɔkɔ yɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo mfie kakra ansa na ɔtoaa so kɔɔ University of Ghana ma no konyaa abodin krataa a ene B.A wɔ brɔfo kasa mu.

Owie suapɔn no, Kojo Yankson kyerɛɛ ade wɔ Adisadel College mfie mienu. ɔne aban adwumakuo ahorɔw yɛ adwuma a wɔn mu bi asoe ɛwhɛ nkitohdie so ne Social Security and National Insurance Trust. Wɔ afe 1982 mu, bre a amanyɔkuo Proviional National Defence Council aban no bae akyi no, wopaw kane koowaa krataa mu samufo ma nsɛmkyerɛw adwumakuo Daily Graphic a ɛyɛ nsɛma homa a ɛko mmeae pii wɔ Ghana. Wɔpaw no akyiri sɛ okwankyerɛfo a ɔda nsɛmkyerɛfo sukuu a ɛne Ghana Institue of Journalism.. Wɔ afe 2001 mu, ɔtee Suapɔn a ne din de African Institue of Journalism and Communication. Saa Suapɔn no na w’asesa ne din abɛyɛ African University of Communication na wogye wɔn tumi firi Suapɔn a ɛne University of Ghan ne wɔn tumi krataa firi adwumakuo a ɛne National Accreditation Board wɔ March afe 2004.

Bre ɔsan n’akyi baa amanyɔsɛm mo no, Yankson kɔpree mmarahyɛ bagua no wɔ amanyokuo National Democratic Congress din mu ma no di nkunim wɔ abatoɔa ekɔɔ so wɔ afe 1992 mu, ɔbɛyɛɛ mmarahye baguani a ogyina hɔ ma Agona Atɔe Mantam mu. Okuraa mmarahye begua agua no me wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 1966 no mu ne mprenu no so. Wɔ bre a Rawlings aban no baa ne mprenu soɔ no, wodikan paw no sɛ Soafo a ɔhwɛ MfinfiN Mantam so. Akyiri, woyi no kɔɔ Asante Mantam mu, dibea a okuraa mu kosii bosome 11 anasa na woyii no kɔɔ asoe a ɛne Ghana Development Planing Commutee sɛ ɔman soafo.. Eyi ma no de n’adwuma no too ho

Kojo Yanka waree Susan Roseline Esi Thompson, ɔkyerekyerefo a ɔkyere Home Economics wɔ afe 1977. Owui wɔ July da ɛtɔ so 30, afe 2001 mu esiane home mu yaree a onyae. Ɔsan nso waree Ekua Essandoh a w’anya ne baabi kɔ.

Ne nuabarima ne Kwesi Yanka a ɔyɛ Soafo a ɔhwɛ Suapɔn ho nsɛm so wɔ Nanan Akuffo Addo a ɔyɛ amanyɔkuo New Patriotic Party no mu ni Aban ase.




#Article 138: Thomas Dominic Baffoe (521 words)


Thomas Dominic Bafffoe yɛ kane Ghanani nsɛmkyerɛwni ne anmanyɔni. Na ɔyɛ koowaa krataa mu samufo ma nsɛmkyerɛw adwumakuo a ɛde Ghanaian Time firi afe 1964 kosii afe 1965. Ɔsan nso soom sɛ okandifo maa nsɛmkyerɛwfo kuo a ɛne Ghana JournalistsAssociation wo afe 1964 mu. Firi afe 1965 kosi afe 1966 mu no, na ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ogyina ho ma Gomoa –Assin abatoɔ mpɛsoa so.

Wɔ woo Baffoie wɔ afe 1930 mu wɔ Mankessim a ɛwɔ Mfinfin mantam mu Ghana (nkane Gold Coast). ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Tarkwa Catholic school firi afe 1939 kosii afe 1941 ne Obuasi Methodist and Catholic schools firi afe 1942 kosii afe 1946 ma no nyaa abodin krataa a ɛne Middle School Leaving Certificate . ɔno akyi no, Baffoe suaa ade wɔ fie na ɔfaa so kosuaa nsɛmkyerɛw adwuma. 

Baffoe hyɛɛ adwuma ase wɔ adwumakuo a ɛne Ashanti Times wo obuasi bre a owie sukuu no wɔ afe 1947 se nsesmkyerewni adwumayefo boafo. Wɔ afe 1949 mu no, ɔde ne ho kɔdɔɔm Jonathan Kwesi Lamptey adwumakuo a ɛne Gold Coast Leader wɔ Sekondi. Ofirii ho de ne ho kɔdɔɔm adwumakuo foforo a ɛne Takoradie press a ne wura ne Saki Scheck wo afe 1950 na ofirii ho saa afe no mu kɔɔ Kumasi kɔyɛɛ adwuma sɛ koowaa krataa mu samufo abediakyire wo nsɛmkyerɛw adwumakuo a ɛne Ashanti Sentinel. Wɔ afe 1951 awie no mu no, onyaa adwuma se nsɛmkyerɛwni panyin wɔ adwumakuo a ɛne Daily Graphic. wɔ afe 1952 mu no, Baffoe san n’akyi kɔɔ Ashanti Times sɛ koowaa krataa mu samufo Panyin. Okuraa saa dwumadie no kosii afe 1955 bre a onyaa adwuma se koowaa krataa mu samufo panyin maa nsɛmkyerɛw adwumakuo a ɛyɛ Indiafo de.

Baffoe soom sɛ aban adwumayeni firi afe 1958 kosii afe 1960 ma no bɛyɛɛ koowaa krataa mu samufo ma adwumakuo a ɛne Ghanaian Worker a ɛyɛ Trades Union Congress dea. Wɔpaw no sɛ koowaa krataa mu samufo ma nsɛmkyerɛw adwumakuo a ɛne Ghanaian Times wɔ April afe 1960 na wɔyii no adi nawotwe mienu akyi wɔ afe 1961.Wɔ saa afe no mu no, amanyɔkuo Conventions Peoples Party paw no sɛ kuo a ɛne Central Committee no mu ni na ɛno maa no bɛyɛɛ obi a osua koraa a w’abɛyɛ kuo mu ni saa bre no. Wɔ afe 1964 mu no, ɔbɛyɛɛ koowaa krataa mu samufo ma nsɛmkyerɛw adwumakuo a ɛne Ghanaian times kosii 1965.Wɔ saa afe no mu, wɔpaw no sɛ okandifo maa nsɛmkyerɛwfo kuo a ɛne Ghana Journalist Association. Wɔ afe 1965 mu no, ɔsan n’akye koyee samfo adwuma no bio.  Okuraa saa dibea no mu kosii February da a ɛtɔ so afe 1966 bre a wotuu Nkrumah aban gui. Wɔ afe 1965 mu no, wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguni a ogyina ho ma Gomoa-Asin mpɛsooa so.  Okuraa saa dibea no mu kosii sɛ abantugu no bae. ɔbɛyɛɛ Ghanaian Times adwumakuo no mu mpanyinfo no mu baako.

Baffoe waree awuara Josephine Ashorkor Vejisu a sesei ɔyɛ Owurayere Josephien Baffoe wɔ June da a ɛto 18, afe 1960 mu. Owurayere kura mmɔfra mienu ansa na ɔne no waree. Owui wɔ Wukuada February da ɛtɔ so 14, afe 2005 mu




#Article 139: Isaac Abraham Amihere (456 words)


Isaac Abraham Amihere yɛ Kane Ghanani amanyɔni. Ɔyɛ kane mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Axim abatoɔ mpesoa so firi afe 1965 kosii afe 1966. Ansa na ɔhyɛ amanyosɛm ase no, na ɔyɛ ɔhwɛsofo ma adwumkuo a ɛne Guinea pea.

Wɔ woo Amihere wo March da a ɛtɔ 30 afe 1915 mu a na n’awofo yɛ Theophilus Amihere ne Ama Suamhwɛ wo Axim a ɛwɔ Atɔe Mantam wɔ Ghana (kane Gold Coast). ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Half Assini Methodist School na ɔtoaa so kɔɔ Saltpond English Church sukuu ma no wie wɔ afe 1933 mu. Akyire, osuaa akyerɛw, nkrataa kora ne Brɔfo wɔ fie.

Amiher hyɛɛ ase yɛ adwuma wɔ U.A.C wɔ afe 1937. Ɔyɛɛ Adwuma wɔ adwumakuo no kosii July, afe 1953 mu. Wɔ August afe 1953 mu no ɔbɛyɛɛ ɔhwɛsofo maa adwumakuo bi a ɛtɔ kookoo. Wɔpaw wɔ December da a ɛtɔ nnan afe 1956 mu sɛ adwuma no mu panyin ananmusini na okuraa saa dibea kosi sɛ wɔgyee n’adwuma no fiiri ne nsam bre a adwuma no gui no. Onyaa adwuma sɛ ɔkandifo wɔ adwukuo a ene Nedco Ltd kosii afe 1958 bre a ode ne dibea no too hɔ kofaa dibea a eye adwuma so hwefo wɔ adwumakuo a ɛde Guinea Press. Wɔ afe 1958 mu no, wɔ bɔɔ n’abaso maa ne dibea no kɔɔ adwuma no panyin abediakyire na mfie bi akyi no, ɔbeyee ɔkwankyerɛfo aabediakyire

Wɔ afe 1958 mu no, Amihere bɛyɛɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ Axim abatoɔ mpɛsoa so. Ansa na afe 1956 no, na wɔfrɛ saa mpɛsoa no Atɔe Nzema Axim mpɛsoa. Ɔkɔɔ so yɛɛ mmarahyɛ baguani a ogyina ho ma Axim kosii February afe 1966 bre a wotuu Nkruma aban gui.                                                                                                                                                                                                                                                                                     

Amihere waree awura Adwoa wɔ afe 1954 mu nanso awaree no gui wɔ afe 1956. Wɔ saa afe no mu no, ɔwaree Victorial Baddoo na saa awaree no nso gui. Akyire ɔwaree Madames Yawson ne Margaret Asare.




#Article 140: Joseph Ampah Kojo Essel (394 words)


Joseph Ampah Kojo Esse yɛ kane Ghana mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Dompim abatoɔ mpɛsoa so firi afe 1965 kosii afe 1966 mu. 

Wɔ woo Essel wɔ afe 1921 mu wɔ Sefwi Bekwai a ɛwɔ Atɔe Mantam mu wɔ Ghana (Kane Gold Coast). Ɔkɔɔ sukuu wɔ aban sukuu a ɛwɔ Sefwi-Wiaso maa no nyaa abodin krataa a ɛne san 7 (Standard Seven) wɔ afe 1937 mu.  ɔtoaa so kɔɔ Wesley College a ɛwɔ Kumasi wɔ afe 1938 mu nanso woyii no kɔɔ Adisadel College wɔ saa afe no ara mu. N’asetana wɔ Adisadel College no baa awie bre a nea na ɔhwɛ ne so no wui.

Essel hyɛɛ n’adwuma ase wɔ adwumakuo a ɛne Gold Coast Asraafo sɛ hyɛn siesiefo wɔ asiesiebea wɔ afe 1942 mu wɔ Nkran. ɔne asraafo yɛ adwumu kosii afe 1946. Wɔ afe akyiri no, onyaa adwuma sɛ afidie dwomfo wɔ adwumakuo a ɛne C.F.AO wɔ Kumasi. Wɔ saa afe no me, ogyae afidie dwomfo adwuma no too hɔ kɔyɛɛ kookoo tɔ adwuma ase. Obenyaa adansedie krataa kookoo dwadini ananmusini firii Opanyin Adofoasa wo Ntroso a ɛwɔ Bone ne Ahafo Mantam mu, wɔ kookoo bre so wɔ afe 1947 kosii1948. Wɔ afe 1949 mu no, ogyae saa adwuma no na ɔhyɛɛ ase tontɔn nneɛma bodwabodwa. Bre a ɔyɛ bodwabodwa no, ɔde ne ho hyɛɛ kookoo kuayɛ mu wɔ afe 1950 wɔ Ahiam, akura a ɛwɔ Sefwi-bekwai.

Wɔ Junuary afe 1955 mu no, wɔpaw no mansin kyerɛwfo wɔ adwumakuo a ɛne United Ghana Farmers Council. ɔsan nso soom sɛ kuo so kyerɛwfo ne ɔkandifo abediakyire wɔ Atɔe Mantam mu ansa na wɔpaw no sɛ mansin soafo wɔ Bibiani wɔ afe 1959. Akyire, ɔbɛyɛɛ Mantam mu kyerɛwfo maa amanyɔkuo Conventions People’s Party. Wɔ afe 1962 ne June afe 1965, wɔ paw no sɛ mmarhyɛ baguani a ogyina hɔ ma Dompim abatoɔ mpɛsoa so. Okuraa dibea mienu no mu kosii February afe 1966 bre a wotuu Nkruma aban gui.

Essel waree awura Abena Kunadu a wɔ san nso frɛ no Mary Acquah wɔ afe 1949 mu nanso, awareɛ gui afe 1955. ɔne no woo mmɔfra miensa. Wɔ afe 1950 mu no, ɔwaree awura Yaa Wiredua ma ɔne no nso woo mmɔfra miensa. N’awaree a ɛtɔ so mienu no nso gui wɔ afe 1958. N’aware a ɛtɔ so miensa ne ɔne Theresa Yaa Mensah wɔ afe 1954. ɔne no nso wɔ mmɔfra miensa.




#Article 141: National Convention Party (Ghana) (199 words)


Nationa Convention Party (Ghana) yɛ Amanyokuo a ɛwɔ Ghana a na ɛwɔ ho firi afe 1992 kosi January afe 1996.

Wɔ hyehyɛɛ amanyɔkuo no afe 1992 bre a woyii bra a wɔbraa amanyɔkuo dwumadie ahorɔw wɔ asrafo Provisional National Defense Council (PNDC) aban ase no. ɔkandfo a odikan wɔ amanyɔkuo no mu din de Kow Nkansah Arka

NCP amanyokuo no kɔɔ afe 1992 batoɔ no mu bre a ɔne amanyɔkuo a ɛne National Democratic Congress a wɔn kandifo din de Jerry John Rawlings, ne Every Ghanaian Living Everywhere (EGLE) kaa wɔn ho boomu.  Nkabom no maa woyii okandifo baako a obɛpre manpanyin agua , woyii Jerry John Rawlings sɛ wɔn kandifo, ne abediakyire baako, Ekow Arkaah wo November da ɛtɔ 3, afe 1992 mu. Wodii nkunim wo abatoo no mu bre a wonyaa mma no mu nkyekyemu 58% na eyi maa wɔbɛyɛɛ Omanpanyin ne mapanyin abediakyire a wodikan wɔ Ghana adehyeman a eto nnan no mu.

Wɔ December da ɛtɔ so 29 afe 1992 mmarahyɛ bagua abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu, amanyɔkuo NCP nyaa mu 8 firii 200 mu, na eyi maa no bɛyɛɛ amanyɔkuo a ɛtɔ so meinu a ne mmarahyɛ bagufo dɔɔso wɔ mmarahyɛ bagua mu.




#Article 142: Boahene Yeboah-Afari (660 words)


Kwame Boahene Yeboah-Afari (wɔ woo no November da a ɛtɔ so 13 afe 1920- owui wɔ May da etɔ 22 afe 1996) yɛ kane adekyerɛfo ne amanyɔni. Ɔsoom sɛ saofo wɔ asoe ahorɔw pii wɔ Ghana adehyeman a edikan no mu , na ɔsoom sɛ kuadwuma soafo a odikan ne Bono ne Ahafo Mnatam mu Soafo a odikan. Ɔsan nso soom sɛ mmarahye baguani a ogyina hɔ ma Sunyani Apuei abatoɔ mpesoa so.

Wɔ woo Yeboah-Afari wɔ November da ɛtɔ 13,afe 1920 mu a n’awofo ne Nana Yeboa-Afari II a ɔyɛ Dormaa dehyɛɛ. Ɔkɔɔ ntoa sukuu wɔ Abuakwa State College ma no wie wɔ afe 1974 mu.

Bre a owie ntoaso sukuu no, ɔosan n’akyi kɔɔ Bono ne Ahafo Mantam mu kɔboa maa wɔ san pagyaa ntoaso sukuu a ɛne Dormaa senior High (kane Dormaa State College) a agu no sii ne nanso biom wɔ Dormaa, Sukuu no hyehyefo ne Owuare Oppong ne owura Yeboah a wɔn nyinaa firi Dormaa. Sukuu no hyehyɛfo no paw no sɛ ɔkwankyerɛfo wɔ sukuu no mu bre a ɔkwnakyerɛfo no a odikan no de n’adwuma too hɔ esiane sɛ na British aban no mansin ananmusini   de Ahunahuna aba ne so nti, aban no ananmusini a ɔwɔ mansin no mu sii so dua sɛ enni aban no nhyehyɛ mu sɛ wobesi saa suapɔn no. Yeboah-Afari hyɛɛ sukuu no ase biom wɔ January da a ɛtɔ 8, afe 1948 mu, na ɔde asuafo miensa na ehyee ase. Ɔsoom se ɔkwankyerefo, adekyerefo, sikasohwefo ne ɔsomafo.

Ɔne Dr Kwame nkruma a na saa bre no ɔyɛ ɔkyerɛwfo ma amanyokuo United Gold Coast Conventions no benyaa ayɔnkofa a ɛmu yɛ den bre a wohyehyɛɛ amnyokuo no asoe a ɛwɔ Dormaa na wɔyee no ɔkyerɛwfo no. Saab bre no, na Dr. Kwame Nkruma ahyehyɛ sukuu a ɛne Ghana National College wɔ Kumasi ɛmfa ho sɛ na abrofo aban no ne no nnye adwen no, Yeboa Afari hyiaa bre a na ɔwɔ Kumasi no ne twetwee nkomo faa ohaw a no ɔfa mu wɔ ne sukuu no mu, ɔka kyere no  sɛ ebeyeyie a anka Nkrumah nsɔ sukuu no mu na ɔnyɛ no sɛnea ɔyɛɛ Ghana National College no .

Yeboah-Afari yɛ kane nkabom kuo a ɛne Brong Kyempem Federation (BKF) a akyire wɔsesaa no yɛɛ no Brong Kyempem Council no mu ni; na kuo no bae ne sɛ wode bɛboa Bono man mpontuo. Ɔbehyɛɛ Nana Agyemang Badu I a na ɔyɛ Dormaa manhene no anan mu bre a otuu kwan kɔɔ United Kingdom sɛ ɔkɔ toaa n’adesua so wɔ University no. Wɔ afe 1951 mu no, wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Sunyani Apui mpɛsoa so wɔ amanyɔkuo Conventions People’s Party din mu.Mfie nnum akyi no, wɔpaw no Kwadwuma so Soafo a odikan wɔ, eyi ma no bɛyɛɛ Soafo a osua koraa (mfie 35) Nkruma aban mu.

Wɔ Sepotember afe 1956 mu no, wɔpaw no sɛ soafo a ɔhwɛ nkitahodie ne nwuma so. Wɔ ne bre so wɔ aban mu no, ɔboaa ma wɔhyehyɛɛ nwumakuo a ɛne kane Ghana Aiways Corperation ne State Transport Corperation (STC). Ɔyɛɛ Soafo a onni asoe wɔ afe 1957 mu.Wɔ june afe 1958 mu no, wɔpaw no soafo abediakyire wɔ Ashanti Atɔe mantam mu, wɔ saa afe no ara mu bre wɔtee Bono ne Ahafo mantam no , wɔpaw no sɛ Mantam no mu Soafo. Sɛ soafo a ɔwɔ Bono ne Ahafo Mantam no mu, ɔboaa ma wɔhyehyɛɛ ntoaso sukuu a ɛne Sunyani secondary school no. Ne bre so na wɔpaw fakoo a ɛsɛ sɛ Sunyani wiemhyɛnbea ne asraafo asoe no si. Ɔsoom Bono ne Ahaofo mantam no mu soafo kosii afe 1959 bre wode Stephen Wille Yeboah bɛhyɛɛ n’anan mu. Wɔ June da ɛtɔ so 29 afe 1962 mu no, wɔde no too afiase bebro bosome 12 na eyi ma no yɛɛ den sɛ ɔbɛpre Sunyane Atɔe abatoɔ mpɛsoa mmarahyɛ bagua agua no.

Ghanani Nsemkyereni Ajoa Yeboah-Afari yɛ ne ba. Owuu wɔ may da a ɛtɔ so 22, afe 1966.




#Article 143: Wa Naa's Ahenfie (208 words)


Wa Naa's Ahenfie yɛ Wala  fuo Ohene fie a, wɔn na wɔ dƆƆso wɔ Wa a ɛwɔ Upper West Region,Gana.Ahenfie no wɔ kuro no mfimfim a ɛyɛ abusua no nyinaa,ahenfie adwumayɛfuo,ne ahenfie nipa tittre wɔ hɔ.Ɛye bia a amanie ne amamrɛ ne mfasodeɛ ma amanmofuo.

Ahenfie no hwƐɛ tete Sudanese nƐtea dan no.Dan no sie no yɛ  Moorish dan sie ne Sahel-Sudan.

ɛdan a na ɛte sei nyinaa aanka wɔ Upper West region ,esan sɛ na adansei fuo nnim nimdieƐ ne asasewosuoƆ .

Abakɔsem kyerɛ sɛ Wa fuo firi Sudan atoyƐ mantel wɔ Africa.Na won taa hwƐ moa so a wɔ bɛtenaa bia a won wɔ ɛnɛ no.Wɔn sii Ohene a na wɔfrƐ no Wa Naa a ɛbɛ yɛɛ din.

Wɔgyidi sɛ ɛdan no dea na ɛyɛ nɛtea bricks ne dua a ɛsɛ Y de kuraa dan no suro a atɛkyƐ wɔ 19th Century.

Wɔsii dan no sɛ wo b3 bɔ won ho ban ɛfiri atamfo nsamu.ɔhɔ nso bɛyƐƐ bia a na wɔ sie wɔn ahenfo.

In 2009,  World Monuments Fund  Ghana Museums and Monuments Board ka bomu dwenee sɛ sea wɔ bɛ hon ban sɛ ɛnsei. Wo gyituum sɛ Ɛyɛ bia a ɛka abackɔ honsem ne sɛdeɛ wɔ siesie ahenfie no .   Wɔ wie wɔ afe 2012.




#Article 144: C. T. Nylander (464 words)


Clarkson Thomas Nylander yɛ kane Ghanani nhomsua mu kunini, ɔman ananmusini ne amanyɔni. ɔsoom sɛ ɔman soafo ne mmarahyɛ baguani wɔ Ghana adehyeman a edikan no mu. Na ɔyɛ Soafo a ɔwhɛ Nhomasua ne Ahobammɔ so. Na ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Dangbe-shai abatoɔ mpɛsoa na akyire, Ga Akurase mpɛsoa so. Osii Ghana ananmu wɔ dwumadie ahorɔw a ɛkɔɔ so wɔ amanɔne fiiri afe 1961 kosii 1969 mu.

Wɔ woo Nylanda wɔ afe 1905 mu wɔ Gold Coast. He ohyɛɛ sukuu ase wɔ Accra Methodist School ne Aban sukuu ahorɔw mu wɔ Kumasi. ɔtoa so kɔɔ aban akyerɛkyerɛfo ntetee sukuu wɔ Nkran, na ɔne ɔbi a wodii kan tetee no sɛ okyerɛkyerɛni wɔ afe 1925.

Nylander hyɛɛ adekyerɛ ase wɔ Achimota School firi afe 1926 kosii afe 1953. Wɔpaw no sɛ ɔkwankyerɛfo abediakyere wɔ nhomasoa asoeɛ wɔ afe 1952. Nylander gyae ade kyerɛ na ɔde n’ani sii amanyɔsɛm so. Wɔ afe 1954 mu no, wɔpaw no sɛ mmarahyɛ babguani a ogyina hɔ ma Dangbe-Shai abatoɔ mpɛsoa so wɔ amanyokuo Conventions People’s Party din mu. Wɔsan too aba yi no biom wɔ afe 1956, saa bre yi de sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Ga Nkurase abatoɔ mpɛsoa so. ɔsoom wɔ saa dibea no kosii afe 1961 bre a wɔpaw no amanɔne nnwumadie mu. Wɔ afe 1956 mu no, wɔpaw no sɛ Soafo a ɔwhɛ afiesɛm so abediakyire na wɔ saa afe no ara mu no, wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ Nhomasua so. ɔsoom wɔ saa dibea no mfie mienu na wɔ afe 1959 mu no, wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ ahobammɔ so . Wɔ abtoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Ghana adeyeman a ɛtɔ so mienu no mu no, ogyina ma wɔtoo aba yi no sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Ablekuma abatoɔ mpesoa so wɔ amanyɔkuo National Alliance of Liberals. ɔsoom wɔ saa dibea kosii afe 1972 bre a wotuu Busia aban no gui.

Wɔpaw no sɛ Ghana aban ananmusifo a ɔwɔ Canada wɔ afe 1961. ɔsoom wɔ saa dibea no mfie miɛnsa. Wɔ afe 1964 mu no, wɔpaw no sɛ aban ananmusifo a ɔwɔ Yugoslavia. ɔsoom wɔ saa dibea no kosii afe 1966 bre wotuu Nkruma aban gui. ɔtoaa amanɔne nnwuma no so ma no kɔsoom sɛ aban ananmusifo a ɔwɔ Liberia firi afe 1966 kosii afe 1969 bre a NLC aban no dane tumi de hyɛɛ aban a ɛnhyɛ asraafo ase

ɔwaree Florence Nylander wɔ January afe 1931. ɔne no woo mmɔfra miɛnsa. Ne ba ne Ladi Nylander a ɔsoom wɔ amanyɔkuo conventions People’s Party no mu firi afe 2004 kosii afe 2011. Ne foforo ne owura yere Doris Naa Lamiley Asherker Decker a w’anya ne baabi kɔ, na ɔyɛ kane kwankyerɛfo ma adwumakuo a ɛne Ghana Library Board. Nneɛma a n’ani gye ho ne nnwomtoɔ




#Article 145: Edward Akufo-Addo (457 words)


Edward Akufo-Addo (wɔ woo no June da ɛtɔ so 26 afe, 1906- owui wɔ july da ɛtɔ so 17, afe 1979) yɛ Ghanani amanyɔni ne mmaranimfo. Na ɔka kuo a ɛmufo yɛ nsia a w’ato din ‘’Big Six|” a wɔyɛ akandifo ma amnyɔkuo a ene United Gold Coast Conventions (UGCC) Ghana hyehyɔfo no mu baako a wɔperee maa Ghana nyaa fahodie. ɔbɛyɛɛ Ghana mmaranimfo Panyin (firi afe 1966 – 1970) na akyire, sɛ Manpanyin (afe 1970 – 1972) wɔ Ghana. Ne ba ne Ghana manpanyin Nana Addo Akufo- Addo.

Wɔ woo Akuffo-Addo wɔ June da ɛtɔ so 26, afe 1906 wɔ Dodowa a ɛwɔ Nkran Mantam no mu a n’awofo ne William Martin Addo-danquah ne Theodora Amuafi. N’awofo no mienu nyinaa firi Ghana Apuei fam a ɛne Akropong. ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Presbyterian Primary and Middle Schools wɔ Akropong. Wɔ afe 1929 mu no, ɔkɔɔ Achimota College beae a onyaa nwomanimfo abasobɔ de kɔɔ St. Pters College, Oxford; okosuaa nkontabuo, amanyɔsɛm ne ne Nyansapɛ. Owie sukuu no ma no nyaa abodin krtaa wɔ Nyansapɛ ne Amanyɔsɛm mu wɔ afe 1933.

Wɔfrɛɛ Akuffo-Addo kaa abrokyire mmaranimfo kuo a ɛne Middle Temple Bar, a ɛwɔ London, Uk no wɔ afe 1940 mu na ɔsan n’akyi baa Ghana a kane wɔfrɛ no Gold Cost no bɛyɛɛ ankorɛankorɛ mmaranim adwuma wo Nkran

Wɔ afe 1947 mu no, ɔbekaa amanyɔkuo United Gold Coast Conventions (UGCC) hyehyɛfo ho ne kuo a wɔfrɛ no ‘’Big six’’ (Afoforo ne Ebenezer Ako-Adjei, Joeseph Boakye Dankwa, Kwame Nkrumah, Emmanuel Obetsebi Lamptey ne William Ofori-Atta) no mu baako a wode no too afiase wɔ Nkran basabasaye a ɛkoɔɔ so wɔ afe 1948 no akyi.

Ghana nyaa fahode akyi no (1962 - 64) , Akuffo-Addo yɛɛ otemmufo wɔ asɛndibea kunini atɛnmmufo miɛnsa no mu baako a wɔtena awudisɛm a ɛfa Tawia Adamafio, Ako Adjei ne afoforo miɛnsa asɛm so, na asɛm no fa Kulungugu Topae a ɛtoe a ank wɔde bekum manpanyin Kwame Nkruma, na eyi ma woyii ɔne attɛmufo miensa adi esiane sɛ wɔkae sɛ nnipa a wɔde kwaadu bɔɔ won no mu  bi yɛ nea wɔnni fɔ.

Firi afe 1966 kosi 1970 mu no, National Liberation Council (NLC) aban no wɔpaw no sɛ atɛmmufo panyin na afei nso, sɛ titenani ma kuo a ɛhwɛ ma wɔ kyerɛw ɔmanmmra (nea wɔkyerɛw Kwasafoman amanmmra no). ɔsan nso yɛɛ titenani maa NLC amanyɔkuo no wɔ saa bre no ara mu.

Firi August da a ɛtɔ 31 afe 1970 kosii sɛ wotuu n’aban gui wɔ January da a ɛtɔ 13, afe 1972 mu no, na Akuffo-Addo yɛ manpanyin wɔ Ghana wɔ Ghana adeyeman a ɛtɔ so mienu. Dr. Kofi Abrefa Busia nan a okura tumi no ankasaa. Wɔ July da ɛtɔ so 17, afe 1979 mu no, Akuffo – Addo wui.




#Article 146: Adeline Akufo-Addo (253 words)


Adleine Sylvia Eugenia Ama Yeboakua Akuu-Addo (Nana Yeboakua Ofori-Atta December da ɛtɔ so 17 afe 1917 – March da ɛtɔ so 21, afe 2004) yɛ kane manpanyin yere wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so mienu no mu, a na ne kunu ne Edward Akuffo-Addo na ne ba nso ne Ghana manpanyin Nana Akuffo- Addo.

Owui wɔ ayarasabea a ɛyɛ Korlebu Teaching Hospital a ɛwɔ nkran wɔ March da a ɛto so 21, afe 2004 mu bre a na w’adi mfie 86.

Na n’wofo de Nana Sir Ofori Atta I a ɔyɛ ɔmahene wɔ Akyem Abuakwa, ne Agnes Akosua Dodua a ofiri Abomosu, na ɔyɛ abɔntendɔmhene (ɔbaahemaa a i Ofori Panyin fie wɔ kyebi). Ne saa nti, na wɔde edin Nana Yeboakua Ofori-Atta too no.

Ne nuabea panyin ne Susan Ofori-Atta a ɔyɛ ɔbaa dɔkita a ɔdikan wɔ Gold Coast. Adelien Akuffo Addo nuabarima panyin ne William ofori-Atta a na ɔyɛ amanyɔni ne mmaranimfo wɔ Gold Coast, kane amanɔne Soafo ne amanyɔkuo United Gold Coast Conventions (UGCC) no hyehyɛfo no mu baako, ɔsan nso yɛ nnipa nsia a wɔperemaa Ghana nyaa fahodie a yɛfrɛ wɔn “”Big six no mu baako’’,atuatewkuo a British aban no kyeree wɔn wɔ 1948 basabasaye a ɛkɔɔ so Nkran, aprepre a ɛhyɛɛ Ghana fahodie ase wɔ afe 1957. Ne nuabarima ne Kofi Asante Ofori-Atta a ɔyɛ kane soafo a ɔhwɛ nkurow nketewa amammuo so wɔ amanyokuo Conventions People’s Party aban a Kwame Nkruma yɛ manpanyin ne titetenani ma Ghana mmarahyɛ baguani.                 

ɛ




#Article 147: Bakatue Afahyɛ (476 words)


Bakatue Afahye yɛ afahyɛ a ahenfo ne wɔn nkorɔofo a wɔn wɔ Elmina a ɛwɔ Mfinfin mantam no di. Afahyɛ no hyɛɛ ase wɔ tete bɛyɛ afe 1847 mu, na wodi saa afehyɛ yi wɔ Benada a edikan wɔ bosome a ɛtɔ so nson mu wɔ afe biara.

.Abrɔfo a wɔne Dutch no adikan aka afehyɛ no ho asɛm ato hɔ anyɛ yie koraa bɛyɛ afe 1847 na wɔ amaneɛbɔ bi a okandifo Cornelis Nagtglass kaa wɔ afe 1860 mu no, ɔkaa ho asɛm. Afashyɛ no yɛ nea wɔde hyɛ bre a wɔde yi nsuomnam wɔ Elmina ase. Edin ‘’Bakatue’’ yɛ nea wonyaa firi Fante Kasa a n’asekyerɛ ne ‘’Baka a wɔtwe mu nsuo’’. Afahyɛ no yɛ nea wɔde de kae bre a abrɔfo a na wodi Gold Coast so, a na wɔyɛ Porteguess no de Elmina sii hɔ. Wɔ san nso fa afahyɛ no so da wɔn abosom no ase sɛ w’ama wɔn afe pa ma wotumi yii nsumnam pii.

Elmina ahenfo no ayi Dwoada ne Benada a edikan wɔ bosome Kitawonsa bosome no mu asi hɔ a wɔde hyɛ fa no.

Amammerɛ ne amaneɛ ahorɔw a ɛho hia nyina yɛ ade a wɔyɛ no wɔ saa da yi.

ɛne nsutɔbre a esi wɔ afe biara mu no hyia wɔ Ghana. Benada yɛ da a w’apaw esiane ne sɛ wɔgyedi sɛ saa da no yɛ nsuo mu bosom no da. Ne saa nti, Elmina ne apopofo a wɔn wɔ Ghana mpoano nyinaa yɛ nea wɔnko po da Benada, wɔde saa da no hyɛ abosom no anuonyam. Wɔ afahyɛ da no, ɔmahene ne ahenfo a wɔhyɛ n’ase ne Elmina man no nyinaa bomu yɛ aduane krokrɔn a ɛne kosua ne bayerɛ a wɔde afra ngo kokɔɔ de koma Nana Brenya, a ɔyɛ nsuo bosom no, na wogu nsa de srɛ asomdwoe. Wɔ afahyɛ no da a ɛyɛ anɔpa no, Elmina adehyeɛ abusua no nyinaa   a nkonwa soafo nso ka ho, to santene fa kuro no mu; ahenfo a wofiri nkuro akeseɛ mu no yɛ nea wɔtenatena wɔn apakan a w’asiesie ho kama no mu. Sɛ wonante fa kuro no mu wie na ahenfo a w’apaw won ne nnipa titeriw a w’aba afahyɛ no ase de wɔn nsɛm bɛto dwa wie a, ɔmanhene no bɛto n’asau no ato Brenya Baka no mu mprensa. Eno akyi no, wɔde pae mu ka de bra a w’abra nsumnamyie, twenebɔ, ayiyɛ ne nneɛma a ɛte saa no ba n’awiee wɔ Elmina man no mu, nea edi eyi akyi ne mmaa a wɔhyɛ kente na wɔbɔ afahyɛ no abɔtire soronko betwi kodoɔ wɔ Baka no so. Adehyeɛ santene, nwomato, twenebɔ ne asaw a ɛde kɔ ɔman hene fie no de afehyɛ no ba awie. Nusumnam a wonyaa no afahyɛ bre no nyina yɛ nea wɔde bɔ afɔre ma abosom no de da wɔn ase. Wɔde da no ba awie wɔ adwabɔ




#Article 148: Homowo (344 words)


Homowo yɛ otwa bre afahyɛ a wɔn a wodi no yɛ nnipa wɛyɛ Ga-Adangbefo a wofiri Ghana. Afahyɛ no hyɛɛ ase wɔ Kotonimma bosome no mu, na nea wodikan yɛ ne nnuane a wodua (aburo ne bayerɛ) bre nsutɔbre no ahyɛ ase. Wɔ afahyɛ no ase no, wodi asa bi w’ato din Kpanlogo.Nnipa a wɔ yɛ Ga foɔ no di Homowo afahyɛ no de kae ɛkɔm bi a esii wɔ tete Ghana abakɔsɛm mu no.

Asɛmfua Homowo (Homo-ɛkɔm, wɔ-Ehuro) betumi akyerɛ ehuro a wohuro ɛkɔm wɔ Ga kasa mu. Homowo amammerɛ no hyɛɛ ase wɔ bre bi a ɛkɔm a ano yɛ den sii wɔ Nkran Mantam no mu a ɛyɛ beae a Ga nkorɔfo no wɔ no esiane osutɔbre a ɛboa ma wɔn nnuane gyina no antɔ nti. Bre a nsuo baa wɔ ne bere mu akyire no, Ga nkurɔfo no yɛ nea wɔn ani gyee na ɛno na ɛkɔfaa afahyɛ a ɛde Homowo no bae. Homowo yɛ afahyɛ a wodi no wɔ Ga nsase nyinaa so, na ne mpɛnpɛnso keseɛ no yɛ nea ɛkɔ so wɔ Gamashie. Afahyɛ no hyɛɛ ase wɔ bre a wodua aburo a wɔde bɛyɛ aduane soronko a ɛne kpokpoi anaa kpekple afehyɛ da no. Sɛ saa bre no duru so a, ɛyɛ adea  wɔbra twenebɔ anaa dede yɛ esiane sɛ wɔgyedi sɛ dede no yɛ nea ebetumi ama nnobae a w’adua nnyin. Aduane no yɛ nea wɔde abɛnkwa na edi, na afei wɔde bi petepete kuro no mu. Mmuasuko no ti ahorɔw na edi sa dwumadie no. Abusuakuo ti biara pete aduane bi gu wɔn mmuasua fie. Wodi afahyɛ no bre a wɔde nwomtoɔ, twene ne nsakubo, asa ne osebɔ to santene fa kuro no mu. Edu saa bre yi a, wosii akwan ahorɔw wɔ kuro no mu na ama w’atumi adi afahyɛ no yiyie. Enfa ho sɛ afahyɛ no yɛ Ga fo dee no, ɛyɛ ade wɔgye aforo a wofi kasa ahorɔw nyina atoo wɔ afehyɛ no ase.

Nkuro ahorɔw bi a wodi Homowo no ne La, Teshie Nungua, Osu, Ga – Mashie, Tema, Ningo, Prampram.




#Article 149: Aboakyere Afahyɛ (622 words)


Aboakyer Afahye yɛ ɔwansane kyere afahyɛ a nnipa a wofiri Winneba a ewɔ Mfinfin Mantam a ɛwɔ Ghana no di.

TAsɛmfua Aboakyer no gyina ho ne ahayɔ a wɔde kyere wuramunam wɔ Mfantefo Kasa a wɔn a wɔka no firi Mfinfin Mantam mu. Wodi saa afahyɛ yi de kae atukɔtena a Simpafo (nnipa a wɔn wɔ winneba no ammere din) no yɛei. Wotuu firii Afrika apuei kuro a ne din de Timbuktu Atifi-Atɔe fam a ɛyɛ tete Sudane aheman na ɛbaa Mfinmfin Mantam mpoano wɔ Ghana. Akwantuo no yɛ nea anuanom mmarima mienu na edii anim. Nnipa no gye di sɛ onyame bi, a wɔfrɛ no Otu na ɔboa wɔn ho ban wɔ wɔn akwantuo no mu a bɔne biara anto wɔn, aseda a wɔpɛ sɛ wɔde ma no nti, wɔkɔɔ bisaa ɔkɔmfo a ɔda bosom no ano a na ɔyɛ ntamgyinafo ma bosom no ne nnipa no, aforebɔ ko ɛsɔ n’ani. Anwnawasɛm ne sɛ, bosom no afɔre a kae sɛ ohia no yɛ nnipa a ofori adehyeɛ abusuakuo no mu mogya. 

Wɔde adesrɛde too bosom no anim sɛ ɔnsesa n’aforebɔ no anyɛ saa, adehyeɛ abusua no ase betɔre. Bosom no sesaa nea ɔkae no ma afei ɔkaa sɛ wɔnfa ɔkra a ne bu afu yiye mmera sɛ aforebɔde, sɛ wɔde ba, ɛsɛ wotwa ne ti wɔ bosom no so na ɛsɛ sɛ wɔyɛ eyi afe biara. Ansana afehyɛ no befiri ase no, nnipa no sesaa bosom atenae kɔɔ babi wɔfre ho Penkye. Bre a wɔyee saa wie no, wɔsesaa bosom no din yɛɛ no Penkye Otu, a ɛkyerɛ ne fie korakora. Nnipa no hyɛɛ ase hwehwɛɛ ɔkra a ne bo afuw no na ama w’atumi adi afahyɛ no. Nnipa pii wuwui wɔ bre a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkeyere ɔkra a ne bo afuw no na wɔde no aba Penkyi bre a onwui. 

Ansana afehyɛ no befiri ase no, nnipa no sesaa bosom atenae kɔɔ babi wɔfrɛ ho Penkye. Bre a wɔyɛɛ saa wie no, wɔsesaa bosom no din yɛɛ no Penkye Otu, a ɛkyerɛ ne fie korakora. Nnipa no hyɛɛ ase hwehwɛɛ ɔkra a ne bo afuw no na ama w’atumi adi afahyɛ no. Nnipa pii wuwui wɔ bre a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkeyere ɔkra a ne bo afuw no na wɔde no aba Penkyi bre a onwui. Nnipa no san de adesrɛde a ɛtɔ so mienu kɔtoo penkyi Otu anim sɛ ɔnsesa n’adwen wɔ aboa no ho. Adesrɛde no ma no sesaa n’adwen pene so sɛ ɔbɛgye ɔwansane a wanyin.Ahayɔ kuo meinu a wɔn ne Tuafo (kuo a edi kan) ne Dentsifo (kuo a ɛtɔ mienu) de sii wɔn ani so sɛ firi saa da no, wɔbekyere ɔwansane a onwui abre nnipa no dwabɔ no ase. Saa afahyɛ yɛ nea wodi no kotonima bosme no mu na ɛyɛ adwabo kesee wɔ Ghana.

Simpafo no yɛ nea wɔde wɔn ano aka abokɔsem yi akyere wɔn nkyiri mma denam nwomtoɔ, anansesɛm bre a ɔsram no apae ne asafonwom so. Saa abakɔsem yi ka kɔɔ so kosii sɛ abrɔfo a wofiri Europe no baa mpoano a ɛwɔ Gold Coast na wɔkyerɛw wo brofo kasa no. Nwomanimfo hyɛɛ ase kyere Fante Kasa no ase kɔɔ brofo kasa mu.

Wodi afahyɛ no wɔ memeneda a edikan wɔ kotonima bosome no mu. Wɔ da edikan no mu no, Asafo akuo mienu no de wɔn ho hyɛ ahayɔ no mu. Kuo a ebediakan akyere ɔwansane a onwui wɔ kwae a wahyɛda agyae ato hɔ ama saa adeyɛ no, de aboa no bre ahenfo no ne nnipa no wɔ adwabɔ no ase. Wobɔ wɔn abaso sɛ wɔyɛ akokodurofo. Wɔde ɔwansane no bɔ afɔree ne eyi na ɛhyɛɛ afahyɛ no ase. Wɔfa afahyɛ no srɛ akwankyerɛ ne nnɔbae twabre papa fririi abosom no hɔ ma afe a edi wɔn anim no.




#Article 150: Solomon Sampah (207 words)


Solomon Sampa Nii Otokonor Sampa anaa Solomon Sampa (ogyefo da a ɛtɔ so 14, afe 1945 – ɔpepɔn da a ɛtɔ so 24, afe 2016) wɔ san nso frɛ no edin a ahorɔw a ɛne Pap Solo, Paa Solo, Quench Walahi yɛ kane Ghanani oyekyerɛni a nea wɔde kae no paa ne ɔyɛkyerɛ a ɔyɛe de bɔɔ dawuru maa tɔfe a ne din de Original Hacks.

Wɔ woo no wɔ James town, British Accra. Na ɔyɛ nnwomtoni ne asawdifo a ɔne agofomma a wɔn din de Slim Traditional Band na edii nsawosoɔ nea wɔfre no Anansekromain ka ho wɔ agodi adwumakuo bi a w’ato din National Flkloric adwumakuo.

Na ɔyɛ yɛkyereni a ɔka ɔman yɛkeyerɛ kuo a wɔtee wɔ afe 1960 mu na wɔn din de National Drama kuo no ho, na afe ɔka kuo foforo a ɛne Abibigromma kuo na ɛho na ɔde n’adwuma baa awie. Na ɔyɛ obi a ɔbɔ atwene a w’ato din Congas ne nsankuo ahorɔw maa kuo a wɔn din de Amartey Hedzoleh agofomma a wɔbɔɔ King Ampah nnwom a ɛne Kukurantumi; Road to Accra’ a ɛye sini a wɔyɛɛ no wɔ afe 1983 mu, ɔsan so yɛ kane yiyedie so hwɛfo ma siniyɛfo kuo a w’ato din Ghana Actor’s Gild (GAG).




#Article 151: Kundum Afahyɛ (595 words)


Kundum Afahye yɛ afahyɛ a Ahantafo anaa Nzemafo a wɔn wɔ Atɔe Mantam a ɛwɔ Ghana no di. Wɔhyɛ saa fa yi de wɔn anyame ase wɔ otwa bre.

Wɔgyedi sɛ wodii Aafhyɛ no nea edkina wɔ afeha a ɛtɔ so 16 no mu. Oniko a ɔkaa afahyɛ no ho asɛm nea edikan no ne Bossman a ɔyɛ Dutchni a ɔhwehwɛ nneɛma mu; otuu kwan baa Gold Coast wɔ afeha a ɛtɔ so 17 no mu na ɛhɔ na onyaa akwanya hu afahyɛ no

Sɛnea abakɔsɛm a w’aka ato hɔ ne ammere ahorɔw kyerɛ no, afahyɛ no hyɛɛ ase bre a ɔbɔmmɔfo a ne din de Akpoley kɔɔ ahayɔ na ɔkɔhyiaa mmoatia a na wɔredi asa wɔ kanko. ɔhwɛɛ wɔn wie no, ɔkɔɔ fie maa no kɔkyerɛɛ ne kuro mufo no sɛnea wodi asa no. Asa no yɛ nea wɔde pam ahonhom bɔne firi nkuro ne nkurase.  Wɔ afahyɛ no bre so, nnipa wofiri axim ne ne mmɔptam hɔ yɛ nea wodi saa asa no. ɛyɛ nea efiri Ahanta a ɛwɔ Atɔe Mantam mu wɔ Ghana.

Kundum afahyɛ no yɛ otwabre ne ɔsom afahyɛ. Wɔhyɛ afahyɛ no ase bre a abɛdua soronko bi abre

Wɔ kane no, na wodi afahyɛ no nawɔtwe nnan nonso esiane abɛɛfo nti, w’ate nna no so ayɛ no nna nwɔtwe. Nkuro a wɔka bom yɛ Ahantaman no nyinaa di afahyɛ wɔ nna sronko so. Nkuro no nyinaa si gyinae wɔ kwasiada ko a wɔpɛ sɛ wɔ hyɛ wɔn afahyɛ no ase. Afahyɛ no wɔ fa ahorɔw miɛnsa;

Afahye no gu ahorow miensa;

Nnipa wɔde wɔn hyɛ afahyɛ no mu no yɛ nea wɔhyɛ ntadeɛ soronko, mpaboa ne nkatanim. Nwomtofo no soa atwene ahorɔw no kɔ abosonnan nnum a ɛwɔ nkuro no akyi nyinaa mu, ɛno na ɛhyɛ afahyɛ no ase. Wɔ abosonnan no mu no, wogu nsa de srɛɛ yiyiedie de ma ɔman no

Wɔ bre a na wɔde nawɔtwe nnan di afahyɛ no, atwenebɔfo no de nawɔtwe miɛnsa kɔ so sua atwenebɔ ahorow de twɛn nawɔtwe nnan soɔ no. Dwoada a ɛyɛ nawɔtwe nnan ne nea ɛtwa toɔ no, twenebɔ ne asa biara nkɔ so. Amammerɛ gya a wɔsɔ wɔ Kundum afahyɛ ase no yɛ nea wɔsɔ wɔ ɔmanhene fie kosi sɛ afahyɛ no bɛba awie. Ogya no yɛ nea wɔde noa afahyɛ no nnuane ahorɔw no

Wɔ benada no, woku nkokɔo anaa mpɔnkye de yi apayɛ wɔ nkonwadan no mu. Nkonwadan no krɔkrɔnbea a wɔ kora ahenfo a w’awuwu no nyina nkonwa ahorɔw. Amammerɛ a ɛkɔ so wɔ nkownadan no mu no yɛ nea nnipa kuo kakra bi na edi saa dwuma no. Akyire koraa no, ammerea ɛkɔ so adwabo mu no yɛ nea wɔ de hyɛhyeso wɔ Ahenfie ho. Nwomto hyɛ ase wɔ Benada ne wukuada, ɔmanhene no nso de ne hɔ hyɛ afahyɛ no mu paa. ɔtena n’apakan mu ma ne manfo de nnwomtoɔ ne asa di n’akyi.

Anwumere biara, nnipa didi bom akuo kuo kosi kwasida a etwa toɔ no. Nnuane no nyinaa yɛ ne mmaa no ka bom nua wɔ Kundu gya a w’asɔ no so a mmaa mpanyinfo gyina nkyɛ de akwankyerɛ ma. Nawɔtwe a aka no yɛ nea wɔde sa kundum amammerɛ asa no. Asa no bi wɔ ha a ɛyɛ mmaa asa, mmaraima no nso wɔ wɔn asa na, asa foforo wɔ nso a obiara tumi sa bi. Wɔ de asa no kowie wɔ abankɛse a ɛwɔ Axim no adiho. Afahyɛ no botea ne sɛ wɔde pam ahohomfi ne nnipa bɔne nyina firi kuro no mu na ɔsan fa afahye nɔ so srɛ nnepa ma afe a ɛda wɔn anim no




#Article 152: Kakube Afahye (109 words)


Kakube Festival yɛafahyɛ a Nandɔmfo a wɔn wɔ Atifi-toe Manatam a ɛwɔ Ghana no di. Wodi saa afahyɛ yi de da wɔn anyame ase wɔ ahobanbɔ ne akwankyerɛ a ɔde ama wɔ saa afe no mu a ɛfa wɔn kuayɔ ho, na wɔ san nso de afye kyere sɛ kuayɔ bre no aba n’awie wɔ saa afe no mu. Afahyɛ nso yɛ bre a Nandɔmfo de hyɛ wɔn nuadɔ kuo mu kena, afei nso, wɔde wɔn amammere ahorɔw adi.

Wodi afahyɛ no de da wɔn mmuasua abosom no ase, na afei wɔde adesrɛ to wɔn a nim wɔ ahobanbɔ ne akwankyerɛ wɔ kuayɔ afe a wobesi mu no ho




#Article 153: Kakube Afahyɛ (109 words)


Kakube Festival yɛafahyɛ a Nandɔmfo a wɔn wɔ Atifi-toe Manatam a ɛwɔ Ghana no di. Wodi saa afahyɛ yi de da wɔn anyame ase wɔ ahobanbɔ ne akwankyerɛ a ɔde ama wɔ saa afe no mu a ɛfa wɔn kuayɔ ho, na wɔ san nso de afye kyere sɛ kuayɔ bre no aba n’awie wɔ saa afe no mu. Afahyɛ nso yɛ bre a Nandɔmfo de hyɛ wɔn nuadɔ kuo mu kena, afei nso, wɔde wɔn amammere ahorɔw adi.

Wodi afahyɛ no de da wɔn mmuasua abosom no ase, na afei wɔde adesrɛ to wɔn a nim wɔ ahobanbɔ ne akwankyerɛ wɔ kuayɔ afe a wobesi mu no ho




#Article 154: Isaac Kobina Abban (387 words)


Isaac Kobina Donkor Abban (1933- April da ɛtɔ so 21, afe 2001) yɛ Kane Ghanaman ɔttɛmufo kandifo firi afe 1995 kosii afe 2001. ɔne nea ɔtɔ so 9 wɔ Ghana abakɔsɛm mu a okuraa saa dibea firi bre a Ghana nyaa fahodie.

Wɔ woo Aban wɔ afe 1933 wɔ Agona Nkum a ɛwɔ mfinfin Mantam mu, ɔkɔɔ ntoaso sukuu a ne din Mfantsipim school firi afe 1948 kosii afe 1951. Otuu kwan kɔɔ United Kingdom kosuaa mmaranim wɔ Suapɔn a ɛne University of Nothingham

Wɔfrɛɛ no kan amnɔne mmeranimfokuo a ɛde English Bar no wɔ June da ɛtɔ so 24, afe 1958 mu. ɔsan n’aky baa Ghana wɔ afe 1955 bɛhyɛɛ ankoreankore mmaranim nwuma ase kosii sɛ wɔfrɛ no kaa Ghana mmaranimfo a woda asɛmdibea a ɛne High Court no wo May, afe 1970.

Wɔ frɛɛ Abban kaa Ghana mmaranim kuo a ɛne Ghana Bar no wɔ April da a ɛtɔ 18, afe 1959 mu. Bre a ɔwɔ hɔ sɛ otɛmmufo wɔ asɛmdibea High Court no, wɔpaw no sɛ ɔkandifo maa kuo a ɛhwɛ abatoɔ so. ɔno na ɔhwɛɛ aba a ntawantawa baa ho a ɛne Union Government’ (UNIGOVE) wɔ March da ɛtɔ so 30, afe 1978 mu wɔ Sepreme Millitary Council (SMC) bre so. Bre a abtoɔ no kɔ so no, ɔde ne ho kosie esiane ne sɛ na osuro see asraafo aban betumi de ne nkwa ato aisane mu. Nea nti a ɛte saa ne sɛ, bre a abatoɔ ɛne UNIGOV rekɔso no, asrafo aban a ɛne SMC aban yɛɛ n’adwen sɛ obewia aba no mu nanso w’ampene. Nea osii n’anan mu a ne din de Kingsley Nyinah no naa ɔhwɛɛ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ 1979 a Dr. Liman dii nkonim bɛyɛɛ manpanyin.

Otuu kwan kɔɔ Seychelles na wɔpaw no sɛ attemufo kandifo firi afe 1990 kosii afe 1993. ɔsan n’akyi baa Ghana no, ɔsan de ne ho kɔdɔɔm Ghana attemukuo no na wɔpaw sɛ otemmufo wɔ Ghana asɛmdibea kunini. Wɔ February da a ɛtɔ so 22 February, afe 1995 mu no, Jerry John Rawlings paw no sɛ Ghana Attemukuo Kandifo..

Justice Abban yɛ sɛ ɔde ne dwumadie bɛto ho wɔ May da a edikan wɔ afe 2001 mu essiane ne yareɛ nti. Owui wɔ nna kakra bi akyi wɔ April da a ɛtɔ so 21, afe 2001 wɔ Ghana bre a w’adi 67.




#Article 155: Kobina Arku Korsah (236 words)


Sir Korbina Arku Korsah (April da a ɛtɔ so 3 afe 1894 – January afe 1967) yɛ atemukuo Kandifo a odikan wɔ Ghana (kane Gold Coast) wo afe 1956 mu.

Ne ho nsem

Wɔ woo Korsah wɔo Saltpond na ɔkɔɔ sukuu wɔ Mfantsipim School, Fouray Bay College (BA wɔ afe 1942), Durham University ne London University (LLB, 1919).

Wɔ afe 1942 mu no, Nana Sir Ofori Atta ne Sir Arku Korsah ne Ghanafo a wodikan wɔ kane British aban no mu kandifo wɔ Gold Coast a ne din de Sir Allan Burns paw wɔn kɔɔ mmarahyɛ baguakuo mu. Korsah ka nnipkuo 20 a wɔboa ma wɔhyehyɛɛ adwumakuo a ɛde Ghana Academy of Art and Science wo afe 1959 mu. Wɔ Kulungugu topae a ɛtoe a na wɔ pɛ sɛ wɔde ku Kwame Nkrumah wɔ afe 1962 mu no, Sir Arku Korsah na ɔyɛɛ otemmufo a ɔhwɛɛ saa nsɛm no so bre a wɔde nnipa nnum a wɔbɔɔ wɔn kwaadu no kɔɔ asenni no. Wɔ atɛmmuo no akyi no, nnipa miensa wɔ nnipa nnum no mu yɛ nea wodii bem. Eyi anyɛ Nkrumah aban no dɛ. Nkrumah gyee dibea a ɛne Attemukuo Kandifo no firi ne nsam wɔ afe 1963 a ɛnfa mmara kwan so

Ne mma no mu baako, Roger a na ɔyɛ asɛndibea a ɛne High court wɔ Ghana no tuu firii Ghana kɔɔ Zimbabwe ma no kɔyɛɛ otemmufo wɔ asɛndibea kunini. Owui wɔFebruary 2017




#Article 156: Kobina Sekyi (376 words)


William Esuman – Gwira Sekyi a wɔ san nso frɛ no Kobina Sekyi (November da edikan, afe 1892, Cape Coast – June 20, afe 1956).  Yɛ kane ɔman mmaranimfo, amanyɔni ne ɔkyerɛwfo wɔ Gold Coast.

Sekyi awofo ne John Gldstone Sackey a na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo panyin wɔ Wesleyan School a ɛwɔ Cape Coast, a ɔno nso awɔfo ne ɔhene Kofi Sakyi, ɔhenpɔn wo Cape Coast ne Wilhemina Pitersena wosan nso frɛ no Amba paaba, ne maame ne Willem Essuman Pietersen (c.1844 – 1914) a ɔyɛ ankoreankore adwumayɛni wɔ Elmina-Cape Coast ne kane ɔkandifo ma kuo a ɛne Aborigines’ Rights Protection Society (ARPS), a ɔkandifo a ɔbaa wɔ nakyi din ne Henry Van Hien a ɔye Sekyi wofase. ɔno na Sekyi dii n’adeɛ.

Sekyi kɔɔ sukuu wɔ Mfantsipim School na osuaa abɔde nyansapɛ mu wɔ suapɔn a ɛne University of London, bre a ne nana barima de no kɔɔ Bretain. Na ne botae ne sɛ ɔbɛyɛ mfiridwuma dwomfo te sɛ ne wɔfa a ɔne J.B Essuman – Gwira yɛe no, nanso na n’awofo yɛ nea wɔpɛ sɛ ɔyɛ mmaranimfo nti saa adwuma no na ɔde ne ho hyɛɛ mu. Wɔfrɛɛ no kaa amanɔne mmaranimkuo a ɛne English Bar wɔ Inner Temple wɔ afe 1918. Sekyi bɛyɛɛ mmaranim fo Gold Coast. ɔyɛ kane kandifo ma adwumakuo a ne din de Aborigines’ Rights Protection Society, kuo Ntional Congress of British West Africa mu ni, ne kuo a ne din de Coussey Committee a wɔhwɛɛ amanmara nsesae. ɔwaree Lilly Anna Cleaned a n’awofo yɛ John Peter Clean ne Elizabeth Vroom. Kobina Sekyi wui wɔ Cape Coast wɔ june da a ɛtɔ so 20, afe 1956.

Sekyi anika nhoma a w’ato din The Blinkards (1915) ka sɛnea ayɛ asre sɛm sɛnea nimpakuo bi agye nneyɛe a abrɔfo amammue de bae no to mu. Nhoma a ɔkyerɛw a w’ato din The Angloga – Fante yɛ nhoma a edikan a wɔkyerɛw no wɔ Brofo Kasa mu wɔ Cape Coast. Wonim no sɛ nhomanimfo a odiikan kɔɔ asɛmdibea a ofuraa ntoma sɛ mmaranimfo. Sɛ Afrikani no, ode sii ne bo sɛ ɛnyɛ ade ɔbehyɛ abrɔfo ntadeɛ biom

Wonim no sɛ nhomanimfo a odiikan kɔɔ asɛmdibea a ofuraa ntoma sɛ mmaranimfo. Sɛ Afrikani no, ode sii ne bo sɛ ɛnyɛ ade ɔbehyɛ abrɔfo ntadeɛ biom




#Article 157: Damba Afahyɛ (231 words)


Damba afahye yɛ afahyɛ a ahenfo ne wɔn nkorɔfo a wɔn wɔ Atifi mantam mu, Savana Mantam mu, Atifi Apei ne Atifi Atɔe Mnatam mu wɔ Ghan no di. Edin Damba no yɛ Dagbani kasa, Damma wɔ Mamprusi kasa mu ne Jingbenti wɔ Waali kasa mu. Wodi afahyɛ no wɔ Dagomba nnabupono a ɛne Damba no mu, saa da yi ne nkramofo bosome a ɛne Rabia al-Awwal hyia. Damba afahyɛ no yɛ nea wɔde kae krɔnkrɔnni Muhammad awoɔ ne ne dintoɔ, Nanso nneyɛe ne amammerɛ a wɔyɛ wɔ afahyɛ no ase nyinaa kyerɛ sɛ afahyɛ no fa ahenfo anuonyamhyɛ, na mmom nnyɛ Nkramosom mu nsɛm ho. Afahyɛ no gu ahorɔw miɛnsa a ɛne Somo Damba, Naa Damba ne Bielkulsi Damba. 

TAfahye no hyɛ ase wɔ bosome a ɛne Damba no da a ɛtɔ so du no mu, na nea eikan a wɔyɛ no ne ‘Somo’ Damba, Nea edi hɔ no ne ‘’Naa’’ Damba a egyina hɔ ma ahenfo no na ɛno kɔ so wɔ bosome no da a ɛtɔ so 17 no mu. Nea ɛtwa toɔ a ɛyɛ afahyɛ no mpɔnpɔn so no ne ‘’bielkulsi’’ na ɛno kɔ so wɔ bosome a ɛtɔ so 18 wɔ Damba bosome no mu. Wɔ afahyɛ no bre so, wɔ bɔ mpae ma wɔn nananom nsamanfo, wɔ bɔ twene di asa na afei nso, abusuafo ne nnafo sra wɔn ho wɔn ho na wɔyɛ adɔe




#Article 158: Ignatius Baffour-Awuah (241 words)


 
Ignatius Baffour-Awua (wɔ woo no August da ɛtɔ so 24, afe 1966 wɔ okyerekrom) yɛ Ghanani amanyɔni ne Soafo a ɔhwɛ Nwum ne nwumansɛm so.

ɔde ne ho dɔɔm amanyɔkuo New Patriotic Party na ɔyɛ kane mmarahyɛ baguani ne kane aban kraakye a ogyina hɔ wɔ Sunyain Mansin no mu wɔ Kofour aban mu.  ɔbeyee Soafo abediakyiire ma Bono ne Ahafo Mantam mu na akyire, wɔpaw no sɛ Soafo wɔ Bono ne Ahafo Mantam no mu wɔ Kofour Aban mu.  Ogyinaa ma wɔtoo aba yii no sɛ mmarahyɛ baguane a ogyina hɔ ma Sunyani Atɔe wɔ afe 2008 mu. N’amanyɔkuo a ɛne New Patriotic Party no dii nkuguo wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ 2008 mu no. Wɔtoo aba yi no biom wɔ afe 2012 ne 2016 abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu ma ɔda so ara yɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma saa mpɛsoa no. ɔsoom sɛ mmrahyɛ baguakuo no mu dom kumaa no ano boaboafo abediakyire firi afe 2013 kosii 2017

Wɔ afe 2017 mu no, manpanyin Nana Akuffo – Addo pɔw Baffour Awua kaa nnipa kuo dunkron ho se n’asoafo so mpanyifo. Wɔde edin no kɔdɔɔm mmarahyɛ baguakuo no maa mmarahyɛ bagukuo no titenani a ɔne R.t Hon. Prof Mike Oquaye de edin no too dwa. Sɛ asoafo so soafo no, Baffour ka wɔn a wɔbɛn manpanyin no paa na wɔboa ma wɔye nyhehye efa ɔman ne ho.

Baffour – Awua yɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra miensa.




#Article 159: George Mireku Duker (223 words)


George Mireku Duker (wɔ woo no May da ɛtɔ so 19, afe 1975) yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ baguani wɔ Mmarahye baguakuo a etɔ so 7 wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu a ogyina hɔ ma Tarkwa-Nsuaem abatoɔ mpɛsoa so a ɛwɔ Ghana, wɔ Amanyɔkuo New Patriotic Party din mu.

Nea edikan a ɔkɔɔ mmarahyɛ bagua mu no wɔ afe 2016 wɔ amanyɔkuo New Patriotic Party din mu. ɔyɛ obi ɔtwee mma no mu bebree maa amanyɔkuo New Patriotic Party wɔTarkwa-Nsuaem abatoɔ mpɛsoa a ɛwɔ Atoe Mantam no mu wɔ Ghana.

Wɔ woo no Kotonimma da a ɛtɔ so 9, afe 1975 mu. Duker sua ade wɔ nkontabuo mu wɔ Suapɔn a ɛne University of Education, Winneba – Kumasi Suapɔn mu ma no nyaa abodin krataa a ɛne B. ED, ɔtoaa so kosuaa fangoo ho nneema wɔ suapɔn a ɛne University of Polymouth – UK.

Ansa no ɔbɛyɛ mmarahyɛ baguani no, ɔsoom sɛ ɔkyerɛkyerɛfo firi afe1998 kosii 2006 maa adwumakuo a ɛne Ghana Education Service. ɔsan nso soom sɛ boafo soronko maa asoe a ɛhwɛ nkuro ne nkurase amammuo so firi afe 2007 kosii afe 2008 mu. ɔyɛɛ adwuma sɛ aban kraakyeni wɔ John Agyekum Kuffour ase wɔ afe 2008 mu. Na Duker yɛ ɔkwankyerɛfo maa adwumakuo a ɛne Integregated Social Development Centre (ISODEC) firii afe 2011 kosii afe 2012.




#Article 160: Charles de Graft Dickson (272 words)


Charles de Graft Dickson yɛ kane Ghanani nhomasa mu kunini ne amnyɔni. ɔsoom sɛ ɔman soafo ne mmarahyɛ baguani wɔ Ghana adehyeman a edikan no mu. Ansa na ɔde ne ho bɛhyɛ amanyɔsɛm mu no, na ɔyɛ ɔkandifo ma bɔɔl bɔ kuo a ne din de Asante Kotoko S.C.

Wɔ woo Charlse de Graft-Dicksoon wɔ November da ɛtɔ so 14, afe 1913 mu wɔ Konogo Odumase a ɛwɔ Asante mantam no mu. ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ St. Peter’s Primary School a ɛwɔ Kumasi na ɔtoaa so kɔɔ Prince Wales Collge a ɛnnɛ wɔfrɛ no Achimota School no, ɛhɔ na onyaa ne ntoaso sukuu no.

Charlse hye adekeyerɛ ase wɔ st. Mary’s School wɔ Konongo firi afe 1934 kosii afe 1937.  ɔde mfie nsia kɔyɛɛ adwuma wɔ konogo agudietubea. ɔde ne ho kɔdɔɔm adwumakuo a ɛne C. F. A. O. na akyire yi, ɔbɛyɛɛ ɔkwankyerɛfo wɔ afe 1944 mu.  Wɔ afe 1949 mu no, wɔpaw no sɛ ɔkwankyerɛfo a ɔda bɔɔl bɔ kuo Asante Kotoko S.C ano a okuraa saa dibea no kosii afe 1953 mu. ɔka nnipa mienu a wɔpaw wɔn sɛ ananmusifo kɔɔ Puerto Rico wɔ bre a wɔreda ɔmanpanyin Luis Munoz Marin adi no. wɔ July da a ɛtɔ so 23 afe 1956 mu mu no, wɔpaw no sɛ Soafo abediakyire wɔ asoe a ɛhwɛ Nhomsua. Wɔ afe 1957 mu no, wɔpaw no se Soafoa ɔhwe Asante Mantam mu. Wɔ afe 1960 mu no, wɔpaw no sɛ Soafoa ɔhwɛ ahobanbɔ so. ɔkuraa saa dibea yi kosii afe 1961

Nneɛma a nani gye no ne dadepɔnkɔ ka ne afikyifuo mu adwumayɛ. Owui wɔ November da a ɛtɔ so 19, afe 1997.




#Article 161: William Kwabena Aduhene (387 words)


William Kwaben Aduhene yɛ kane Ghanani nhomasa mu kunini ne amnyɔni. ɔye Kane mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Sefwi Wiaso abatoɔ mpɛsoa so firi afe 1956 kosii afe 1965 mu. Wɔ afe 1965 mu no, ɔbɛyɛɛ mmarhye baguani a ogyina hɔ ma Wassaw –Akropong abatoɔ mpɛsoa so. Bre ɔwɔ mmarahyɛ bagua mu no, okuraa dibea ahorɔw pii; na ɔyɛ soafo abediakyire ma ɔman soafo a ɔhwɛ ma aban nyehyɛe kɔ so mmarahyɛ bagua mu, wɔpaw no akyire sɛ soafo abediakyire a ɔhwɛ ahobanbɔ so, na ɔsoom sɛ otitenani maa adwumakuo a ɛne State Diamond Corperations. Ansa na ɔde ne ho bɛhyɛɛ amanyosɛm mu no, na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ Sefwi Wiawso

Wɔ woo Aduhene wɔ August da a ɛtɔ so 8, afe 1927 wɔ Aboduam wɔ Sefwi – Wiawso mansin a ewɔ Atɔe Mantam mu wɔ Ghana.  ɔhyee nhomsua ase wɔ Sefwi Wiawso Aban sukuu firi afe 1937 kosii afe 1944 ma no nyaa abodin krataa a ene Standard Seven Middle Leaving Certitificate. ɔtoaa so kɔɔ St. Augustiens College wo afe 1946 mu kosuaa ade sɛ ɔkyerɛkyerɛfni.  Owie adekyerɛ ntetee sukuu no wɔ afe 1949 ma no nyaa abodin krataa wɔ adekyerɛ mueceived his teanhers' certificate A and qualified as a teacher in 1949.

Aduhene hyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Sefwi – Wiawso Local Council School a ɛwɔ Dabunso wɔ afe 1950 mu. Ogyaa adekyerɛ adwuma no too hɔ de ne ho kɔhyɛɛ amanyɔsɛm mu wɔ afe 1956. Wɔ afe 1956 mu no, ogyina ma wɔtoo aba wɔ ne so sɛ mmarahyɛ begauani a ogyina hɔ ma Sefwi – Wiawso abatoɔ mpɛsoa wɔ amanyɔkuo Convntions Peoples Party din mu. Okuraa saa dibea no mu kosii afe 1965 bre a ɔbeye mmarahye baguani ma Wassaw – Akropong abatoɔ mpesoa so. Okuraa saa dibea no mu kosii afe 1966 bre a wotuu Nkruma ban no gui. Bre ɔwɔ mmarahyɛ bagua mu no, okuraa dibea ahorɔw pii; na ɔye soafo abediakyire ma ɔman soafo a ɔhwe ma aban nyehye kɔ so mmarahyɛ bagua mu, wɔpaw no sɛ akyire sɛ soafo abediakyire a ɔhwɛ ahobanbɔ so. Ansa na 1966 abantuguo no bɛba no, na ɔyɛ otitenani maa adwumakuo a ɛne State Diamond Corperations

Aduhene waree wɔ afe 1951 mu nanso, awareɛ no gui wɔ afe 1952 mu a na ɔwɔ abɔfra baako. Wɔ afe 1959 mu no, ɔwaree Awura Jane Ghartey.




#Article 162: Baba Ayagiba (127 words)


Baba Ayagba yɛ kane Ghanani amanyɔni wɔ Ghana adehyeman a edikan no mu. ɔsoom sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Bawku Abatoɔ mpɛsoa so firi afe 1956 kosii afe 1966 bre wotuu Nkruma Aban gui.  ɔne Adam Amandi a ɔyɛ kane mmarahyɛ baguani a firi afe 1954 kosii afe 1956 mu wo amanyɔkuo Northern Peoples Party din mu no na esi akan wɔ Bawku Abatoɔ no mu.

Ansa na ɔbɛyɛ mmarahyɛ baguani no, Ayagba yɛ adwuma sɛ aban adwumayɛni. Osuaa ade wɔ beaɛ a ɛne Agriculture Institute a ɛwɔ Zuarungu. Owie wɔ afe 1950 mu ma no nyaa abodin, wɔpaw no sɛ Kuayo Abediakyire wɔ asoe a ɛhwɛ Kuayɔ so. Okuraa saa dibea no mu kosii sɛ ɔkɔɔ mmarahyɛ bagua mu wɔ July, afe 1956 mu.




#Article 163: Tubrow Kapeon Yentu (119 words)


Tubrow Kapeon Yentua yɛ kane Ghanani amanyɔni. ɔyɛ kane mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Frafra atɔe mpɛsoa so firi afe 1954 mu kosii afe 1965 ne mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Nabdam mpɛsoa so firi afe 1965 kosii afe 1966 mu.

Yentu yɛ kane amanyɔkuo Northern People’s Party(NPP) no mu ni, na eyi maa no bɛyɛɛ amanyɔkuo Unite Party (UP) no mu ni esian sɛ amanyɔkuo nyinaa gye sɛ Conventions People kaa bom ma wɔ bɛyɛɛ amanyɔkuo baako a ne din de United Party wɔ afe 1957. Nanso, ɔne Mumuni Bawumia ne Mahama Tampuri gyaee amanyɔkuo no hɔ de wɔn ho kɔdɔɔm amanyɔkuo a na edi adeɛ saa bre no; Conventions Peopels Party wɔ afe 1958 mu.




#Article 164: Akantigsi Afoko (422 words)


Akantigs Afoko yɛ kane Ghanani nhomasua mu kunini ne amanyɔni. ɔyɛ kane mmarahyɛ baguania a ogyina hɔ ma Atifi mantam firi afe 1951 kosii afe 1954. Wɔ afe 1954 mu no, wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Builsa abatoɔ Mpɛsoa so, wɔpaw no nea ɛtɔ so mienu wɔ afe 1956 na okuraa saa dibea no kusii afe 1965. Wɔ afe 1965 mu no, ɔbɛyɛɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Sandema abatoɔ mpɛsoa so. Okuaraa saa dibea kosii sɛ wotuu Nkrumah aban no wɔ afe 1966 mu. Ansa na Afoko de ne hɔ bɛhyɛ amanyɔsɛm mu no, na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛni a ɔkyerɛ ade wɔ Fumbisi, kuro a ɛwɔ Bulsia mansin no mu wo Ghana.

Wɔ wo Afoko wɔ afe 1923 mu kuro a ɛne Sandema a ɛwɔ Atifi mantam mu wɔ Gold Coast (ɛnnɛ ɛyɛ Atifi atɔe manatam wɔ Ghana). ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ afe 1936 mu wɔ Sandema na owie mfitiase sukuu wɔ afe 1940 mu. Wɔ afe 1941 mu no, ɔtoaa ne sukuu no so wɔ Tamale Middle School na owie afe 1944 mu. ɔtoa so kɔɔ adekyerɛ ntetee sukuu a ɛne Government Teacher Training College fri afe 1945 kosii 1946 ma no nyaa abodin krataa a ɛne Certificate B. ɔkyerɛɛ ade afe baako wɔ Fumbisi (kurow a ɛwɔ Builsa mansin no mu) no, ɔtoaa so kɔɔ Government Teacher Training College wɔ afe 1949 na onyaa abodin krataa a ɛne Certificate A wɔ afe 1950 mu.

Na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛni a ɔda sukuu a ɛne Fumbisi Day School firi afe 1947 kosii afe 1948. Wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Atifi fam wɔ afe 1951. Wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so afe 1954 mu no, wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ Builsa abatoɔ mpɛsoa wɔ amnyɔkuo Conventions People Party din mu. Wopaw no biom wo afe 1956 abatoo no no mu wo CPP din muse mmerahye baguani a ogyina hɔ mu Builsa. Wɔ July afe 1957 mu no, Afoko gyaa ne nnema guu hɔ de ne ho kɔdɔɔm a amanyɔkuo foforo a ɛne Northern Peoples Party. ɔsan n’akye baa amanyɔkuo CPP biom wɔ March da a ɛtɔ 12, afe 1958 mu. Ogyinaa hɔ sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Builsa abatoɔ mpɛsoa so kosii afe 1965. Wɔ afe 1965 mu no, ɔbɛyɛɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Sandema abatoɔ mpɛsoa so. Okuraa dibea kosii sɛ wotuu Nkrumah aban gui wo afe 1966.

Afoko yɛ kane titenani ma amanyɔkuo New Patriotic Party, Paul Afoko no wɔfa. Nneɛma a ɔde gyegye n’ani ne kuayo.




#Article 165: Edward Ago-Ackam (278 words)


Edward Ago-Ackam yɛ kane Ghanani amnyɔni. ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Dangbe- Shaie abatoɔ so firi afe 1956 kosii afe 1965 mu. ɔbɛyɛɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Dangbe mpɛsoa so wɔ February, afe 1966.

Wɔ woo Ago-Ackam wɔ November da ɛtɔ so 30, afe 1899 wɔ Ningo a ɛwɔ Nkran Mantam no wɔ Ghan (ɛnnɛ Ghana) Osuaa ade wɔ Wesleyan Mission School wɔ Kpong

AAgo-Ackam yɛ kane nhomaso hwɛfo ne sotɔ sohwɛfo wɔ adwumakuo a ɛne F and A Swanzy A, E.T.C ne U.A.C firi afe 1921 kosii afe 1948. ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ adwumakuo a ɛne A.G Leventis and Company Limited firi afe 1949 kosii 1956. Wo afe 1950 mu no, oyɛ okandifo abediakyire ma amanyɔkuo Conventions People’s Party na wɔ afe 1956 mu, wɔpaw no sɛ otitenani wɔ Ningo adwentoatoa kuo ano. Okuraa saa dibea yi mu kosii afe 1956 bre a amanyɔkuo CPP paw no sɛ ɔnkosi Clarkson Thomas Nylander a ogyiinaa hɔ sɛ mmarahyɛ baguani a wɔ Dangbe-Shai abtoɔ mpɛsoa so firi afe 1954 kosii afe 1956 no anan mu. Firi 1956 de ko no, Nylander gyina hɔ maa Ga nkurase abatoɔ mpesoa so . Ago – Ackam dii nkunim wɔ abatoɔ no mu ma no bɛyɛɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Ningo – Shai abatoɔ mpɛsoa so firi afe 1956 kosii afe 1965. Wɔ afe 1965 mu no, wɔkyɛɛ mpɛsoa no mu yɛɛ no Dangbe ne Shai abatoɔ mpɛsoa so. Ago – Ackam bɛyɛɛ mmarhyɛ baguani a ogyina hɔ Dangbe abatoɔ mpɛsoa firi afe 1965 mu kosii Febraury afe 1966 bre a wotuu Nkruma aban no gui.

Ago – Ackam nneɛma a n’ani gye ho ne akekan ne afikyifo.




#Article 166: Kwabena Kwakye Anti (213 words)


Kwabena Kwakye Anti yɛ kane Suapɔn mu ɛkyerɛkyerɛfo ne amnyɔni. ɔyɛ kane ɔman Soafoa wɔ Ghana adeyeman a ɛtɔ so mienu no mu.

Wɔ woo Kwabena wɔ November da ɛtɔ 23, afe 1923 wɔ Akim Awisa a ɛbɛn Akim Oda wɔ Apue Mantam no mu wɔ Ghana.

ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Awisa Presbyterian School ne Saltpond English Church Mission School, beae a owie n’ahyɛase sukuu wɔ afe 1937. ɔkɔɔ ntoaso sukuu wɔ Mfantsipim School firi afe 1939 kosii afe 1943 ne Achimota School firi afe 1945 kosii afe 1946. Wɔ afe 1950 mu no, ɔde ne ho kɔhyɛɛ Suapɔn a ɛne University of Leeds ase ma no wie wɔ afe 1954 mu. Wɔ afe 1959 mo no, ɔtoaa so kɔɔ suapɔn a ɛne University of Colorado na no wie wɔ afe 1960.

ɔkyerɛɛ ade wɔ Kumasi Univerisity of Science and Technology firi afe 1954 kosii afe 1959. ɔsan n’akyi bae no, ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ adwumakuo a ɛne Development Secreteriat na onyaa nkɔanim ma wɔmaa ne dibea sɛ ɔkwankyerɛfo wɔ wɔn asoe baako

Wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Brim-Anafo firi 1969 kosi afe 1972 mu. Wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ Nkuro ne nkurase amammuo so firi afe 1969 kosii afe 1971

Na ɔyɛ ɔwarefo a ne mma yɛ nnan.




#Article 167: Rosamond Asiamah Nkansah (270 words)


Rosemond Asiamah Nkansah (PW/1 wɔ woo no Januray afe 1930) yɛ obaa odikan wɔ Ghana abakosɛm mu a wɔpaw no sɛ Opolosin baa wo Apolisifo adwumkuo a ɛne Ghana Police Service wɔ Gold Coast.

Na okura abodin krataa a ɛne Senior Cambridge ne akyerɛkyerɛfo abodin krataa a ɛne Certificate A.

Wɔ faa no kaa apolisfo adwumakuo a ɛde Gold Coast Police force wɔ Semtember da edikan, afe 1952 bre a na w’adi mfie 22. Wodikan faa no ansa na wɔfaa mmaa aforo 11. Saa bre na mmaa apolisifo nni ho kwna sɛ wɔ ware anaa wɔ wo mma, nea ɔbɛyɛ eyi no mu biara no, wɔ hyɛ ma no ma no de n’adwuma no to hɔ. Ansa na ɔde n’adwuma bɛto hɔ opolisini no, ɔkyerɛw adesrɛde krataa kɔmaa aban a na ɔwɔ so no sɛ ɛsɛ wɔma kwan ma apolisifo mmaa ware na wɔ wo, na afei nso ɛsɛ wɔsan fa wɔn a wɔde wɔn nwuma too hɔ kɔ waree anaa sɛ wɔ kɔ woe no biom.

ɔde n’adwuma too hɔ wɔ May da ɛtɔ so 16, afe 1958 mu. Bre a ɔde n’adwuma too hɔ no, ɔkyerɛɛ ade wɔ St. John’s Grammar School firii afe 1961 kosii afe 1964 sɛ ɔbenfo ɔkyerɛkyerɛfo esiane abodin krataa a onyae ansa no ɔrekɔ akɔ yɛ apolisi adwuma no. wɔ afe 1965 mu no, ɔde afe baako kɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkwankyerɛfo wɔ adwumakuo a ɛne Ghana Broadcasting Corporation.

ɔkɔɔ ahomegye mu wɔ afe 1999 na ɔde n’ane sii nhoma kyerɛw so. ɔsan nso kyerɛɛ nsɛm bi a ɛwɔ ne nhoma a w’akyerɛw (Octagon) no ase kɔɔ amnɔne ne ɔman no kasa ahorɔw mu.




#Article 168: Tawia Adamafio (190 words)


Tawia Adamafio (ne din a wɔde woo no ne Joseph Tawia Adams) yɛ kane Soafo wɔ Nkrumah aban mu wɔ Ghana adeyeman a edikan.

Na Adamafio yɛ amanyɔkuo Conventions People’s Party ne na onyinii bɛyɛɛ ɔkyerɛwfo wɔ afe 1960 mu, Kwame nkruma wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ nkitohodie ne amanɛebɔ so. Na okuraa dibea a ɛne Soafo a ɔhwe manpanyin asɔe so saa bre koro no ara mu. Na saa dibea yɛ nea tumi wɔ mu paa saa bre no mu.

Adamafio ka wɔn akwame Nkrumah ne wɔn hwɛ bo mu a wɔde wɔn kogyina asenni no mu baako, de fa Topae a ɛtoe wɔ Kulungugu, ne boate ne sɛ na anka wɔ pɛ sɛ woku Kwame Nkrumah. Adamafio dii nkunim wɔ asenni a edikan no mu nanso odii fɔ wɔ attemuo a ɛtɔ so mienu a wɔn a wodii asɛm no yɛ atɛmmufo kuo foforo a aban no hyehyɛe. Attɛnmmufo a wɔtenaa asɛm no so ne Kobina Arku korsah, wɔ bre a Ghana mmaranimfo kuo kwankyerɛfo ne asɛndibea kunini attɛmmufo William Van Lare ne Edward Akuffo-Addo a ɔbeyɛɛ mmaranimfo kuo kwankyerɛfo ne Ghana manpyin akyire no bre so.




#Article 169: Matilda Amissah-Arthur (151 words)


Matilda Nana Manye Amissah-Arthur (née Borsah ) served as the Second Lady of Ghana from 2012 to 2017. She was married to the Vice President of Ghana, Kwesi Amissah-Arthur. She has been installed as a queen mother of Logba-Adzakoe in 2016, with the stool name of Unandze Afan Eshi (Mamaga Afeamenyo I).  Her father was the Director of Social Welfare and instrumental in founding Osu Children’s Home, an orphanage as well as the Borstal Institute for juvenile delinquents in the country.

Owura yere Amissah-Arthur ye nhomakorabea hwesofo. Odii akotene wɔ nimdea a wɔde ma wɔ akyerew ne akekan mu, abɛfɛoro nhoma akorae nneama nwuma ahorɔw pii wɔ Ghana a ebi ne sɛ ɔboaa nsuomunamtonfo a wɔn wɔ Efutu. Ne papa a na ɔyɛ ɔkwankyerɛfo a ɔda adwumakuo a ɛde Social Welafare Ghana no mponto nnwuma a ɔyɛɛ no nyaa Owura yere Amissah-Arthur so nkɛntenso 

Mrs. Amissah-Arthur attended Mfantsiman Girls' Secondary School.




#Article 170: Komla Agbeli Gbedemah (737 words)


Komla Agbeli Gbedemah (June da ɛtɔ so 17, afe 1913 – Jully da a ɛtɔ so 11, afe 1998) yɛ kane Ghanani amnanyɔni ne Soafoa a ɔhwɛ sikasɛm wɔ Nkrumah aban ase wɔ Ghana firi afe 1954 mu kosii afe 1961 mu. Edin a wɔde frɛ no paa ne Afro Gbede. Komla fiiri kiro a wɔ frɛ no Anyako a ɛwɔ Frao Mantam no mu wɔ Ghana.

Wɔ woo Komla wɔ June da a ɛtɔ so 17, afe 1913 mu wɔ Warri a ɛwɔ Nigeria man mu a n’awofo no yɛ Ewe fo. ɔkɔɔ ntoaso sukuu wɔ Adisadel College a ɛwɔ Cape Coast  firi afe 1925 kosii afe 1929 mu ne Achimota College firi afe 1929  kosii afe 1933.

ɔhyɛɛ adwuma ase sɛ ɔkyerɛkyerɛfo sɛ ntoaso sukuu mu ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Akuapem a ɛwɔ Apue Mantam mu wɔ Ghana. Wɔ afe 1939 mu no, ɔbɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔkyerɛ abɔdeɛ mu nyansapɛ wɔ Accra Academy a ɛwɔ James town. ɔde nnuatɔn ne adɔkɔdɔkɔdetɔn kaa adekyere no . Wɔ afe 1943 mu no, ɔde keyerɛ wɔ Accra Academy no too hɔ na ɔde ne hoo hyɛɛ nnuatɔn mu ne bere nyinaa.

Na Gbedemah yɛ amanyɔkuo a ɛne United Gold Coast Conventions no mu ni. ɔne Dr. Kwame Nkruma gyae amanyokuo no ho kɔhyehyɛɛ amanyɔkuo Conventions Peoples Party (CPP) . Gbedema yɛ otitriw wɔ amanykɔuo CPP mu esiane nimdeɛ a ɔwɔ wɔ anoboaboa mu no nti. ɔno na ɔboa Nkrumah ma wɔpaw no sɛ mmarahye baguani wo Febraury da ɛtɔ so 8, afe 1951 mu wɔ mmarahye baguakuo abatoɔ a ɛkɔɔ so no. ɔno na ɔyɛɛ osatuo maa Nkruma bre a na abrɔfo aban a ɛtɔ so no de no too afise no. Nkrumah dii Nkunim Accra Central mpesoa no so. Eyi maa woyii Nkrumah firii afiase wɔ February da a ɛtɔ so 12, afe 1951 na wofrɛɛ na ma no hyehyɛɛ aban. Amaneɛbo bi kyerɛ sɛ, Gbedemah ne nea odikan hyiaa Nkrumah bre a woyii no firi afiase a ɛne James Fort no.

Wɔpaw Gbedemah ma no kɔɔ mmarahye bagua mu, na ɔbɛyɛɛ Ghana Soafo a odikan wɔ asoe a ɛwhɛ Akwahosan ne Nwuma so wɔ Nkrumah aban mu . Wɔ afe 1954 mu no, ɔbɛyɛɛ Soafo a ɔhwɛ sikasɛm so, dibea a odii mfie 7. Odii akotene wɔ mmoa a na United sate aban de maa wɔ Akosombo Dam no si ho bre a na wɔnpe sɛ wɔboa no. Mmerebi akyi bre a ɔne Nkrumah anyɔnkofa no mu asei no, Nkrumah tee ne dibea no so baa Soafo a ɔhwɛ Akwahosan so wɔ May, afe 1961. Na US fo keka sɛ na Gbedemah pe se otu Nkrumah aban gu. Wɔkyere sɛ ɔkai sɛ ‘’ ɔbɛyɛ me yaw sɛ anka mɛyɛ saa nanso, ɔman no abre wɔ Nkrumah Ahantan, nhwehweanim ne n’abufusɛm no’’. Nkrumah hyɛɛ Gbedemah sɛ onfa n’adwuma nto ho wɔ September afe 1961. 

Gbedemah twaa ne ho asu saa afe no mu esiane sɛ na ɔne Nkrumah ayɔnkofa no asei koraa ma ɔkekaa faa Nkrumah ho sɛ ɔnhwe ɔman no sika so yiyie. Wɔkae sɛ ɔde ne ho kaa nwura esiane sɛ na w’ate sɛ wɔpɛ sɛ wɔ kyere no to afiase. Bre a ɔwɔ asutwa no mu no, na ɔne US aban no da so are di nkitaho fa Akosombo Dam no ho. 

Gbedemah tee kuo a ɛne National Alliance of Liberals ma wɔ kɔɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 1966 no mu. Efene wɔde kɔɔ abatoɔ no mu ne ‘’ Ka no den, m’anigye ho sɛ me yɛ Bibini’’, wonyaa firi nnwom a James Brown toe mu. Wo abatoɔ no akyi no, wɔbraa Gbedema firii mmarahyɛ bagua no mu. Na NLC de akɔdan Asɛndibea Kunini no ama w’agye atom sɛ ɛsɛ wɔbra amnyɔkuo CPP mu nnipa a wɔde soboɔ abɔ wɔn wɔ sikadie bi a kɔɔɔ so no mu mfie 10. Eyi na ɛmaa no kɔɔ ahomegye wɔ amnyɔsɛm mu.

Wo United States no, wonim wɔ nsɛm bi a esii October da ɛtɔ 10, afe 1957 mu, U.S manpayin Dwight D. Eisenhower de kyɛwpa maa Gbedemah bre adidibea a ɛde Howard John’s a ɛwɔ Dover Delaware,  adwuamyɛni bi anhwɛ no no. Gbedemah ka kyeree agyumayeni no sɛ ‘’Wɔn a wogu ha nyinaa ba fɔm sen me, nanso wodidi san nom wɔ ha , nanso yɛ deɛ, yentumi. Wobetumi afa nsesea no ne anka nsouo nanso, eyi nka ha.’’ Eyi maa wo too nsa frɛɛ Gbedemah kodidii anɔpa duane wɔ manpanyin tenabea a ɛne white House.




#Article 171: Benjamin Kojo Afandoh (253 words)


Benjamin Kojo Afandoh a wɔ san nso frɛ no Agya Ntow yɛ kane Ghanani Siniyifo, agorodi kyerɛwfo ne nwom kyerɛwfo a w’aye sini ahodoɔ pii.

Ofiri kuro a ne din de Ajumako Asasan a ɛwɔ mfinfin Mantam mu, na na ɔyɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra nsɔn, na n’ani gye bɔɔl bɔ ho.

Na Agya Ntow ye ɔkyerɛkyerɛfo wɔ afe 1957 mu nanso, ogyae adekyerɛ no too hɔ ma no kodii n’atenka akyi. Agya Ntow hyɛɛ siniyi ase wɔ afe 1956 mu, na ɔyɛ obi a ne ho yɛ sere, nan a ɔka ne kuro mu kasa a ɛyɛ Fante no korogen. Na ɔye ɔkandifo ma kuo a ɛde Abibiman Concert Party Kuo no, na wɔ bɔɔ aporo hyia ɔman no, na kuo no de wɔn ho abata adwumakuo a ede Art Centre a na ede nhyehye ahodoɔ ma kuo no.

ɔde ne ho kɔdɔɔm Abibiman kuo no bre a ofirii kuo a ede Workers Brigade Drama Group , faako a onyaa akwanya yii a na oye Siniyifo titriw wo mu no, na sini no din de Sika Sunsum a na ɛyɛ sini ahodoo a w’ayi no mu nea eye papa paa. ɔne n’adamfo a ne din de Yaw Bortey (Apache) na eye ne kyefa no na saa sini no na emaa onyaa edin a ene Agya Ntow no.

ɔde ne ho kɔdɔɔm kuo a ede Edikanfo Concert Party a na wɔhyehyee no mfie nnan akyi, na kuo kwankyerefo din ne David Dontoh. ɔhyehyee nnwoma a na kuo no to wɔ agoprama so no.




#Article 172: Gavivina Tamakloe (160 words)


Gavivina Tamakloe yɛ kane Ghanani Siniyifo a w’ayɛ sini ahodoɔ bebree. Wonim fa ne kyɛfa a ɔyɛɛ wɔ Ghana TV so dwumadie a w’ato din Taxi Driver a na edin a okura wɔ sini no mu ne ‘’Pastor Gbetoreme’’. Ofiri kuro a ne din de Wuti, a ewɔ Keta mansin no mu wɔ Frao Mantam no mu.

Osuaa agodi ne siniyi ho nsɛm ne Brofo kasa wɔ Suapɔn a ɛde University of Ghan, Legon. Na ɔtoaa so kɔɔ amanɔne suapɔn a ɛde University of Oslo, a ɛwɔ Norway.

Gavivina hyɛɛ siniyi ase adehwɛpono so siniyifo wɔ afe 1986 mu na ɔde ne ho kɔdɔɔm agodikuo a wɔn din de ‘’Talents Theatre Company’’ a na adwumakuo a ne din de National Mobilasation Program a ne kwankyerɛfo din de Owura Kofi Portophi no wɔ ku kyɛfa. Edenam eyi so no, one afoforo pii te sɛ David Dontoh, Anima Missa, Kofi Dovlo ne pii a wote agodipono so dwumadie ase no ayɛ pii.




#Article 173: Reginald Reynolds Amponsah (336 words)


Reginald Reynold Amponsah (wɔ woo no December da a ɛtɔ so 30, afe 1919 – Owui wɔ June da a ɛtɔ so 3, afe 2009) yɛ okukudwinnifo ne ne amnyɔni wɔ Ghana.  Na ɔyɛ ɔman soafo wɔ Busia aban ase.

Amponsa wie ntoaso sukuu wɔ Achimota wɔ afe 1942 mu. Na ɔyɛ asuafo no kandifo wɔ ne bre so.  Ne mfefoɔ no bi ne Victor Owusu, K.B Asante ne Silas Dodu. Onyaa adesua abasobɔ ma no kosuaa okukudwinni wɔ Suapɔn a ɛde Stoke on Trent a ɛwɔ United Kingdom..

Na Amponsah ye amanyɔkuo a na enni aban mu, a ne din de unity party no mu ni wɔ Ghana adehyeman a edikan no mu. Wɔ Nkrumah aban no ase no, wɔbɔɔ no soboɔ sɛ w’abɔ trimupɔ bɔne sɛ obetu Conventions People Party aban no agu a nea wɔka ne no ho no din ne Victor Owusu, William Ofori Atta, Dzenkle Dzewu. Dzoe Appia ne Major Awhaitey. Bre a BBC totoo n’ano fa kyere a wɔkyeree no ho  wɔ afe 1958 mu noBritishni Polosini bi baa me nkyɛn bɛkaa sɛ ‘’M’akyer ɛ wɔ’’…ɔtwee tuo na ɔkaa sɛ ‘’Bra ha anye saa a , m’ɛpae woti’’

Wɔde no too afiase a w’anni nasɛm denam amanmara a ɛde Preventeive Detention Act. Ɔdaa afiase firi afe 1958 mu kosii sɛ abantuguo bae wɔ February da ɛtɔ so 24, afe 1966 a ɛmaa Nkrumah aban no baa awie

Kofi Abrefa paw no sɛ Soafo a ɔhwɛ Nsase, fagude, Kwae ne kwaebrɛnto so wɔ n’amanyɔkuo Progress Party aban no mu. Wɔpaw no akyire sɛ Soafo a ɔhwɛ Nhomasua so na ɔde nyehyɛe too akwan mu maa nhomasua ahyɛase wɔ Ghana.

Na Amponsah yɛ ɔkwankyerɛfo ma kane adwumakuo a wɔfrɛ no Ghana Airways no wɔ afe 1960 mu.

Wɔ woo Amponsah wɔ Daaman a ɛben Asante Manpong wɔ Sekyerɛ Atɔe mansin no mu wɔ Asante mantam mu wɔ Ghana.  Na ɔyɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra nnan. Wosie no wɔ September da ɛtɔ so 3, afe 2009 mu wo Adudwan a ɛbɛn Asante Manpong




#Article 174: Ambrose Dery (222 words)


Ambros Dery (Wɔ woo no afe 1956) yɛ Ghanani amanyɔni, ɔyɛ Soafoa a ɔhwɛ Afisɛm ne mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Nandom abatoɔ mpɛsoa so.  Odii nkunim wɔ afe 2016 abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu wɔ New Patriotic Party din mu.

Dery yɛ mmarinimfo a ɔkɔɔ suapɛn a ɛde University of Ghana wɔ afe 1977 bre a owie ntoaso sukuu a ɛde Navrongo Secondary School, na onyaa abɔdin krataa wɔ mmaranim mu a ɛde (LL. B) na wofrɛɛ no kaa Ghana mmaranimfo kuo a ɛde Ghana Bar no ho wo afe 1982.Ansa na ɔbeko mmarhye bagua mu wɔ afe 2008 mu no, Wɔpaw Dery se Aban mmaranimfo abediakyire wo afe 2003 mu. ɔsan nSo soom sɛ Soafo mprenu; sɛ Soafo a ɔhwɛ Atifi Atɔe Mantam mu firi afe 2004 kosi 2006 ne Soafoa a ɔhwɛ Atɛntrene so firi afe 2006 kosii 2007. Dery soom sɛ ɔkandifo ma dɔm kumaa wɔ mmarahyɛ bagua a ɛtɔ no nnum no mu wɔ Ghana. Dey dii nkunim wɔ Nandom mmarahyɛ bagua abatoɔ no mu, na afei Lara-Nandom abatoɔ mpɛsoa so wɔ 2008 mu nanso, ɔhweree agua no maa Benjanmin Kumbour wɔ afe 2012 abatoo no mu. Soom sɛ ɔkwnakyerɛfo maa kuo a ne din de Water Aid Partner Round Table (1993 - 2003 )

Ambrose yɛ Catholicni na ɔyɛ ɔwerefo a ɔwɔ ba baako




#Article 175: Imoru Egala (189 words)


Alhaji Imoru Egala (5 December 1916 – 2 April 1981) yɛ Kane Ghanani amanyɔni ne nhomsua mu kunini. Okuraa dibea ahodoɔ wɔ kane Gold Coast ne bre a Ghana nyaa fahodie akyi wo aban mu. Ɔyɛ kane Soafo a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so firi afe 1960 kosii afe 1961 wɔ Ghana adehyeman a edikan no ase.

Onyaa dibea wɔ Nkrumah amanyɔkuo a ɛde Convesntions peoples Party aban mu, a emu bi ne Soafo a ɔhwɛ Amanɔne nsem so ne Soafo a ɔhwe amanebɔ so..

Egala yɛ amanyɔkuo People’s National Party a edii nkonim wɔ afe 1979 manpanyin ne mmarahyɛ bagua abtoɔ no mu hyehyɛfo no m baako. Na ɔyɛ ɔkagyinamdifo ma Dr. Hilla Limann a ɔbɛyɛɛ manpanyin wɔ Ghana adeyeman a ɛtɔ miɛnsa no mu, nea nti a ɛte saa ne sɛ na saa bre no, w’abra no mfie 12 wo Ghana amanyosem mu

Egala wui wɔ April da ɛtɔ 2 afe 1981 mu wɔ New York, United States.

Imoru Egala waree Hajia Memuna. Ne ba baa din de Hajia Ramatu Aliu Mahama a ne kune ne kane manpanyin abediakyire wɔ Ghana (firi 2001 – 2009), Alhaji Aliu Mahama




#Article 176: Joseph W.S. de Graft-Johnson (224 words)


Dr. Joseph William Swain de Graft-Johnson (6 October 1933 – 22 April 1999) ye Ghanani mfididwumayɛfoɔ, Nhomsua mu kunini ne amnyoni. Ɔyɛ kane Ghan manpanyin abediakyire firi 1979 kosii afe 1981.

De Graft-Johnson yɛ adwuma se mfididwumayɛfoɔ wɔ Ghana. Na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Kwame Nkrumah university of Science and Technology wɔ Kumasi, na akyire ɔbɛyɛ ɔkwankyerɛfo. Ɔka wɔn wɔhyehyɛɛ mfididwumayɛfoɔkuo a ɛde Ghana Institution of Engineers (GhIE),  na ɔyɛ ɔkwankyerɛfo firi 1977 kosii afe 1978.

Wɔ asraafo aban a ɛne Supreme Military Council bre so no, Na ɔka wɔn a wɔ ko tia asraafo aban no eseane na ɔyɛ ɔkwankyerefo ma GhIE, kuo ahodoɔ a wɔokasa tia asraafo aban no mu baako. Ohyiaa ɔtaa pii esiane saa nsem yi inti. De Graft-Johnson de ne ho kɔdɔɔm amanyɔkuo a ɛde People’s National Party (PNP) wɔ afe 1979 mu bre a wɔhyehyɛɛ wie no. Eyi sii bre a woyii bra a National Redemption Council braa amanyɔkuo nwumakuo ahodoɔ wɔ afe 1972 mu.  PNP amanyɔkuo no dii nkunim wɔ abatoɔ no mu na ɔbeyɛɛ manpanyin abediakyire a odikan wɔ Ghana, wɔ Liman aban mu. Wotuu aban no gui wɔ December da ɛtɔ so 31, afe 1981. Otuu kɔɔ London, England wɔ abantuguo no akyi.

De Graft – Johnson died wui wɔ 22 April, afe 1999 wɔ London bre a w’adi mfie 65. Wosie no wɔ Cape Coast.




#Article 177: Isaac Chinebuah (201 words)


Dr. Isaac K. Chinebuah (7 October 1929 – 8 June 2006) ye Kane nhomasua mu kunin ne Soafo a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so wɔ amanyɔkuo People’s National Party amanbuo mu Ghana adehyeman a ɛtɔ so miɛnsa no mu.

Dr. Chienbuah yɛ kane kwankyerefo wɔ Achimota School firii 1963 kosii afe 1966 ne kane okyerekyereni wɔ Institute of African Studiies a ɛwɔ Suapɔn a ɛde University of Ghana, Legon. Ɔyɛ kane Soafo a ɔwhɛ nhomasua ne amaneɛbɔ so wɔ Dr. Kwame Nkruma amanyɔkuo Conventions Peoples Party aban no mu Ghana adehyeman a edikan

Dr. Chinebuah bɛyɛɛ mmarahyɛ baguani a ogyna ho ma nzema Apuei (ɛnnɛ Ellembelle) abatoɔ mpɛsoa so wɔ afe 1979 abatoɔ no akyi. Wɔ paw no sɛ aban soafo a ɔhwɛ amanɔne nsɛm so wɔ Dr. Hilla Liman amanyokuo PNP aban no mu wɔ Ghana adehyeman a etɔ so miensa no mu, firi afe 1979 kosii December afe 1981, bre a wotuu Liman aban no gui.  Ɔbɛyɛɛ Dr. Hilla Limann abediakyire bre ɔperee manpanyin gua no wɔ afe 1992 batoɔ no no

Owui bre a w’adi mfie 78 wɔ June da a ɛtɔ so 8, afe 2006 mu. Na ɔyɛ ɔwarefo ne yere din de Jane Chinebua. ɔwoo mmɔfra nwɔtwe




#Article 178: Kwame Sanaa-Poku Jantuah (360 words)


Kwame Sanaa-Poku Jantuah (21 December 1922 – 3 February 2011), ne din ankasa ne John Ernest Kwame Antoa Onyina Jantuah yɛ kane Ghanani amnyɔni, mmarahyɛ baguani, mmaranimfo ne ɔman ananmusini. Ɔyɛ Okyikafoɔ wɔ Kwame Nkrumah aban mu mpanyinfo a ɔpaw wɔn wɔ Gold Coast ansa na wonyaa fahodie no.

Wɔ woo Jantua wɔ Kejetia, borɔno a ɛwɔ Kumasi, wɔ Asante Mantam mu a na ɛyɛ Kane Gold Coast, (ɛnnɛ G            hana). Wɔbɔɔ no asu wɔ May da a ɛtɔ so 19, afe 1934 mu no, womaa no Kristo din a ɛne John ne Ernest wɔ St. Peter’s Chatholic Asɔre wɔ Kumasi. Wɔ afe 1963 mu no, ɔkɔgyee ntete wɔ St. Peter’s Theresa’s Junior Seminary wɔ Asissano a ɛbɛn Elmina.  Ɔkɔɔ St. Augustine college firi afe 1943 kosii afe 1944. Ɔtoaa so kɔɔ United Kingdom Enonmise wɔ Suapɔn a ɛde University of Oxford (Plater College) Asanteman Akagyinamu a ne hyehyɛfo ne kane Sante hene Otumfuo Sir Osei Tutu Agyeman Prempeh II. Gyantua kɔɔ sapɔn a ɛne College of Law wɔ afe 1964 na onyaa abɔdin krataa a ɛne LL.B ne BL wo afe 1966 mu. Wɔfrɛɛ no kaa amanɔne mmaranimkuo a ɛne Lincoln’s Inn na akyire, Ghana bar.

Na edin a wɔde frɛ no kane no ne John Ernest Jantua kosii sɛ wɔ December da a ɛtɔ 21, afe 1962 mu no, ɔseseaa ne din kɔɔ Kwame Sanaa-Poku Jantuah. Ɔka Ghanafo dodoɔ a wonyaa abasobɔ wɔ July da a ɛtɔ so nsia , afe 2007 mu wɔ Nkran.

Ɔsoom sɛ Ghana ananmusini a ɔwɔ United Kingdom no anananmusini wɔ afe 1950 mu, ɔyɛ Ghana ananmusini a odikan wɔ France man mu ne Ghana ananmusini a ɔwɔ German Democratic Republic wɔ afe 1980 mu bre a na PND yɛ aban no. ɔsan nso soom sɛ Ghana ananmusini a ɔwɔ Brazil wɔ Nkrumah bre so.

Jantua soom sɛ Nkrumah aban no mu mapnyinfo no mu baako wɔ Ghana adehyeman a edikan no mu na afe, se Soafo a ɔhwe afisem so wɔ Limann aban mu

Jantuah wui bre a yarewa bi bɔɔ no wɔ February da ɛtɔ so 3, afe 2011 mu bre a na w’adi mfie 88.




#Article 179: Paul Tagoe (522 words)


Paul Nii Teiko Tagoe yɛ kane Ghanani amnyoni. Ɔsoom sɛ ɔman Soafo ne mmarahyɛ baguani wɔ Ghana adehyeman. Ɔyɛ kane Soafo ɔhwɛ Nkran Mantam no mu so, mmrahyɛkuo me kyerɛwfo a odikan ne mmarhyɛ baguani a ogyina ho ma Ga Nkurase abatoɔ mpesoa so.

Wɔ woo Tagoe wɔ January da a ɛtɔ 6, afe 1914 mu wɔ Nkran. Ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Methodist School a ɛwo Kofiridua. Akyire, ofirii hɔ kɔɔ Bisho School a ɛwɔ Nkran. Ɔtoaa so kɔɔ Government School ne Christ Church Grammar School. Ɔkɔɔ ntoaso sukuu a ɛne Accra Academy..

Owie ntoaso sukuu no, Tagoe nyaaa adwuma wɔ O’Reilly nhomsuabea. Ɔde mfie kakra bi kyeree ade na ogyae kɔyɛɛ adwuma foforo wɔ nnufaribea. Ɔyɛɛ adwuma no mfie kakra bi na ogyae adwuma no too hɔ de ne ho kɔhyee asrafo nwuma mu. Wɔde no kaa kuo a ɛne Royal Pay Corpse. ɔyɛɛ adwuma wɔ asraafo adwuma no mu kosii afe 1947 mu bre a woguu kuo a na ɔwɔ mu no. wɔ afe 1948 mu no, Tagoe de no ho kɔkaa adwumakuo a ene Cocoa Marketing Board (amanone dea). Wɔ afe 1952 mu no, Tagoe kɔyɛɛ adwuma wɔ adwumakuo a wɔtɔ kookoo mu.  Ɔyɛɛ adwuma mfie miensa akyi no, wɔmaa ne dibea so yɛɛ no Mantam mu ɔhwɛfo. Wɔ afe 1956 mu no, adwumakuo no gui no Paul Tagoe hweree n’adwuma. Wɔ afe 1960 mu no, onyaa adwuma wɔ adwumakuo a ɛne Ghana Supply Commission sɛ ɔhwɛfo a ɔda dwadie ano, na okuaaa saa dibea kosii afe 1963.

Bre a akasaksa kɔɔ so amanyɔkuo mu wɔ afe 1940 mu no, Tagoe kɔdɔɔm amanyɔkuo Conventions People’s Party (CPP) na wɔpaw no sɛ ɔkyerɛwfo ma Nkran nkorabata.  Wɔ afe 1952 mu no, onyaa adwuma sɛ ankore ɔkyerɛwfo maa kane Soafoa ɔhwɛ adwadie so. Ɔyɛɛ saa adwuma yi bosome 10 ansana ɔde ne ho kɔdɔɔm adwumakuo a wodi kookoo ho dwumadie no. akyire, onyaa adwuma se ankore ɔkyerɛwfo maa kane Soafoa a ɔhwɛ Apue Mantam mu a ne din de Emmanuel Humphrey Tettey Korbe. Bosome du akyi no, ɔbɛyɛɛ dɔm anoboaboafo abediakyire maa amnyɔkuo a ɛne CPP. Wɔ afe 1963 mu bre a Tawia Adamfio hwere mmarahyɛ agua no denam owuo ho soboɔ a wɔde bɔɔ no, Tagoe sii n’anan mu se mmarahyɛ baguani a ogyina homa Nkran Nkurase abatoɔ mpɛsoa so. Wɔ August afe 1964 mu no, wɔpaw no sɛ Soafo a ɔwhɛ Nkran Mantam no so (Soafo soronko a ɔhwɛ Nkran nkurase). Wɔ afe 1965 mu no, wɔpaw no see mmarahye bagua mu kyerewfo a odi kan. Ɔsoom wɔ saa dibea yi kosii afe 1966 bre awotuu Nkrumah Aban gui.

Tagoe waree Matilda Quacoo a na ɔyɛ nsuomunamtonfo wɔ afe 1939 mu nanso, awaree no gui wɔ afe 1957 mu a na wɔn awo mmɔfra nnan. ɔwaree ne mprɛnaso; Afua Amartey wɔ afe 1939 na saa awareɛ yin so gui wɔ afe 1959 mu bre a ɔne no woo mmɔfra mienu. Wɔ afe 1960 mu no, ɔwaree ɔkyerekyerefo e dwadinibaa a ne din de Patience Omolora Davies. Ɔne no woo mmɔfra 7 na ɔne no tenae kosii se Patience wui wɔ afe 1989 mu. Tagoe wui wɔ mfie mienu akyi.




#Article 180: Stephen Willie Yeboah (287 words)


Stephen Willie Yeboah Yɛ kane Ghanani amnyoni. Ɔsoom sɛ Soafoa a ɔhwɛ Bono ne Ahafo Mantam mu, Asante Mantam mu ne Atɔe Mantam mu. Ɔsan nso soom sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Sunyani Atoe mpɛsoa so na akyire, Dormaa abatoɔ mpɛsoa so.

Wɔ woo Stephen wɔ October da ɛtɔ 26 afe 1928 wɔ Dormaa Akwamu a ɛwɔ Bono ne Ahafo Mantam no mu.  Ɔhyɛɛ Nhomasoa ase wɔ Dormaa Ahenkuro a ɛwɔ Bono ne Ahafo Mantam mu ne Bewai a ɛwɔ Asante Mantam no mu. Onyaa abɔdin krataa a ɛne San 7 no, Otoaa so kɔɔ sukuu a ɛne Elthanus Commercial Academy a ɛwɔ Saltpond. Osuaa nkontabuo, akyerɛw, ne nhomakora ho nimdeɛ mfie mienu

Wɔ afe 1950 mu no, Stephen kɔ yɛɛ adwuma wɔ sukuu a ɔkɔe no mu (Elthanus Commercial Academy) na ɔyee adwuma wɔ ho mfie mienu. Ofiri ho no, ɔkɔ kyerɛɛ ade wɔ sukuu a ɛne Dormaa Ahenkuro Commercial Secondary School. Wɔ afe 1953 mu no, ɔde n’adwuma too hɔ ma no de ho kɔdɔɔm ahwefo a wɔda adwumakuo a wɔtɔ kookoo no.

Wo afe 1954 mu no, Stephen kogyinaa ma wɔtoo ne so aba se mmarahye baguani wɔ Sunyani Atoe mpesoa so.  Ɔyee mmarahye baguani kosii afe 1966 mu bre a wotuu Nkrumah aban gui. Wɔ May da etɔ so 22, afe 1957 mu no, wɔpaw no se Soafo Abediakyire wɔ asoe a ehwe kuayɔ so. Wɔ June da edikan wɔ afe 1959 mu no, wɔpaw no se Soafo a ɔhwe Bono ne Ahafo Mantam mu na wɔ October afe 1963 mu no, wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ Asante Mantam mu. Ɔsoom wɔ saa dibea yi kosii afe 1965 mu bre a wɔpaw no Soafo a ɔhwɛ Atɔe Mantam no mu. 




#Article 181: Joe Reindorf (226 words)


Joe Reindorf (1924 – 1996) yɛ kane Ghanaini abakosɛmkyerɛwfo, mmaranimfo ne amanyɔni. Osoom se aban mmaranimfo panyin ne Soafo a ohwe atentrene so.

ɔkɔɔ sukuu wɔ Achimota School a na ne mfɛfo ne K. B Asante, Victor Owusu ne R.R Amponsah. Na ɔye abakɔsɛm nhwehɛmu suane wɔ Suapɔn a ɛne Cambridge University wɔ afe 1951 mu, owie wɔ afe 1956 mu ma no nyaa abodin krataa wɔ mmaranim mu wɔ bre koro no ara mu

Wɔfrɛɛ no kaa amanɔne mmaranimkuo a ɛde English Bar wo afe 1954 mu. ɔsan n’akyi baa bre a ɔde n’adesua baa awie no, ɔhyɛɛ ankoreankore mmaranim adwumakuo mu. Wɔ afe 1962 mu no, ode ne ho kɔdan Suapɔn a ene University of Ghana se ɔkyerekyerɛwfo wo abakɔsɛm ho. ɔde saa adwuma no too hɔ ma no san n’akyi kɔɔ ankoreankore mmaranim adwuma no mu wo afe 1966. Na ɔyɛ ɔkwankyerɛfo ma mmarnimfo kuo a ɛne Ghana Bar Association firi 197 kosii afe 1971.

Bre a adehyeman a ɛtɔ miensah no hyɛɛ ase wɔ afe 1979 mu no, wɔpaw no sɛ ɔman mmaranimfo ne Soafo a ɔhwɛ atɛntenenee so wɔ Limann aban mu. ɔde n’adwuma no too bre a woyii no kɔɔ asoe a ɛhwɛ Nkuro ne nkurase amammuo so wɔ afe 1981. N’abediakyire a ne din Archibald Lartey Djabatey sii n’anan mu

Owui wɔ afe 1996 bre a w’adi mfi 72




#Article 182: Michael Paul Ansah (454 words)


Michael Paul Ansah (Born 31 October, 1928) yɛ Ghanani amanyɔni a ɔsoom wɔ Ghana adehyeman a edikan no ne nea ɛtɔ so miensa no mu. ɔsoom sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Akwamu abatoɔ mpɛsoa so firi afe 1965 mu kosii afe 1966 mu na fae, sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Frao Mnatam mpɛsoa so firei afe 1979 kosi afe 1981 mu. ɔsoom sɛ Soafo a ɔhwɛ Akwahosan so firi afe 1979 kosii afe 1981 ne Soafo a ɔhwɛ Mfirinwuma, abɔdeɛ mu nyansapɛ ne abɛɛforo so firi August firi afe 1981 kosi December, afe 1981.

Wɔ woo Ansah wɔ October da a ɛtɔ so 31, afe 1928 wɔ Anum, kuro a ɛwɔ Apuei Mantam.  ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Manpong – Akwapim Middle School ne Begoro Middle School firi afe 1941 kosii afe 1942 ne afe 1942 kosii afe 1944. ɔkɔɔ ntoaso sukuu wɔ Presbyterian Secondary School (enne Presbyterian Boys Senior High School) wɔ afe 1945 ma no wiee wɔ afe 1949.  Ɔtoaa so kɔɔ akyerɛkyerɛfo ntete sukuu a ɛwɔ Akropong (ɛnne Presbyterian College of Education, Akropong) ma no nyaa abɔdin krataa a ɛne Certificate ‘’A’’. ɔkyerɛɛ ade mfie kakra bi akyi no, ɔtoaa n’adesua so wɔ Suapɔn a ɛde University of Ghana, Legon ma no nyaa abodin krataa wɔ afe 1959 mu. Ɔsan nso suaa amanyɔsɛm ho ade wɔ Suapɔn a ɛne Institute of African Studies, University of Ghana ma no wiee wɔ afe 1965 mu. Ɔyɛ ɔkwankyerɛfo a odikan ne kuo a ɛde Student Historical Association wɔ University of Ghana, ɔsan nso yɛ ɔhyehyɛfo ne ɔkyerɛwfo ma Akwamu Youth League 1958 ( sesee Akwamu Students Union)

Ansah hyɛɛ adwuma ase sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Presbyterian Secondary School a ewɔ Odumase Krobo kosii sɛ woyii no kɔɔ suapɔn a ɛne Institute of Art and Culture wɔ June 30, afe 1962 mu. Wɔ afe 1965 mu no, wɔpaw no sɛɛ ɔkwankyerefo wɔ O’Relly Secondary School.

Wɔ June afe 1965 mu no, wɔpaw Ansah se mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Akwamu abatoɔ mpɛsoa so. Ɔsoom wɔ saa dibea no mu kosii February afe 1966 bre a wotuu Nkrumah aban gui.

Wɔ September afe 1979 mu no bre a adeyeman a ɛtɔ so miensah no hyɛɛ ase no, wɔpaw no mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Frao abatoɔ mpɛsoa so wɔ amanyɔkuo Peoples National Party din mu.  Wɔ saa afe koro no ara mu no, wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ Akwahosan so ma no koraa saa dibea no kosii sɛ woyii no kɔɔ asoe ehwe Mfirinwuma, abɔde mu nyansape ne abɛɛforo wɔ afe 1981. ɔsoom wɔ saa dibea no kosii sɛ Armed Forces Council tuu Liman Aban gui wɔ December afe 1981.

Nneɛma a n’ani gye ho ne afikyifuo, Tennis bɔ ne nnwom




#Article 183: Kwabena Adjei (200 words)


Dr. Kwabena Adjei (1943-2019) yɛ kane mmarahyɛ baguani a ogyina ho ma Biakoyɛ abatoɔ mpesoa so a ɛwɔ Oti Mantam no mu wɔ Ghana ne kane titenani ma amanyokuo National Democratic Congress.

Wo Kwabena Adjei wɔ March da ɛtɔ so 9, afe 1943 wɔ Nkonya a ɛwɔ Oti Mantam mu.

Ɔkɔɔ sukuu wɔ University of Ghana ma no nyaa abɔdin krataa a ɛne Ba (Hons) wɔ afe 1970 mu. Wɔ afe 1973 kosii afe 1978 mu no, onyaa abɔdin krataa a ɛne PhD (Nhwehwemu ne Nkontabuo) firi sukuu a ɛne University of Strathclyde ne University of Ghana.

Ɔka kuo a wɔhyehyee amanyɔkuo a ɛne National Democratic Congress no ho.

Na ɔye mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Biakoyɛ abatoɔ mpɛsoa so firi afe 1993 kosii afe 2004.

Ɔsoom sɛ Soafo a ɔhwɛ Nsasae ne Kwae, Nnuane ne kuayɔ ne soafo a ɔhwɛ aban nwuma so wɔ mmarahye bagua mu wɔ J.J Rawlings aban mu

Wɔpaw no sɛ titenani maa amanyɔkuo National Democratic Congress din mu wɔ afe 2005, na Obed Asamoah na odii n’adeɛ.

Na ɔyɛ nhomasua mu kunini

ɔkyere abɔdeɛ mu nyansapɛ wɔ suapɔn a ɛne University of Ghana, University of Cape Coast ne University of University of Maiduguri.




#Article 184: 1844 Apam no (370 words)


Afe 1844 Bohyɛ no yɛ asomdwoe ntease ho bɔhye a nkrataaa da hɔ, a kane British Aban ne Ahenfo a wɔn wɔ Ghana Anafoɔ fam de hyehyee so. Wɔde nsanho too saa nkrataa yi so wɔ Fomena a ɛwɔ Adansi, eyi maa Britishfo no hokwan sɛ wɔde mmara a wɔhyehyɛɛ wɔ Abibiman Asendibea no ye adwuma.

Ntawantawadie bi sii wɔ Asantefo ne Mfantefo ntam. Saa ntawantawdie na emaa British abrɔfo tumidie wɔ Gold Coast no mu trew.

British Aban no braa se ɛnse sɛ wɔtrɛw Britishfo hyee mu, senea ɛbɛyɛ a Mclean tumidie no bɛka abankɛse no ase nkoaa. Na temanmufo wodi wɔn so no gye di se bibiara ebekɔ so no ye nea efeiri British abrofo no ho gye se nneama bɔne a ebutimi de ɔsɛe aba.  Ahenfo nwɔtwe na ɛde won nsa hyehyee nkrataa a wode besi Maclean kwan no ase nea edikan. Saa ahenfo no ne Denkyira, Cape Coast ne Assin. Akyire ahenfo afoforo a won dodoɔ yɛ dubaako no de wɔn nsa hyehyee nkraa no ase a wɔn mu bi ne ɔhene a ofiri Dixcove, Wasa, Gomoa, James Town ne Nkran.

Womaa Dr. R .R Madden ho kwan sɛ ɔbɛhwɛ na ɔde nneɛma ahodoɔ a Mclean ye wɔ Gold Coast no ato dwa. Abodinkyere ahodoɔ pii kɔɔ so afe 1844 mu esiane se amaneebɔ efa Mclean ho no ye nea enso ani. Nnisoo aban asɔe no annye hwee anfa Abodinkyere ahodoɔ a wɔde mae no esaine sɛ na ɛyɛ nsɛm a ɛkɔ tia Mclean. Wɔ Abɔdinkyere foro a ɛbae no akyi no, aban nam mmara a wɔhyehyee no wɔ afe 1843 a ɛde Foreign jurisdictions Act trɛw wɔn ahyee mu beae a ɛnka British ahyɛ ho. Nsɛm ɛwɔ maransɛm apam baa British ne amanɔnefo a nsɛm no af wɔn ho no mu. Commander W.H. Hill a na ɔyɛ aban no animusifo no naa ɔhwɛɛ maa saa apam yi kɔɔ so.  ɔne Mfantefo yaa ntease yɛ apam wɔ March da ɛtɔ 6, afe 1844 mu.  Wɔbɛfree saa pama yi ‘’Apam a ɛa Mpoano Aheman ho wɔ 1844.

Ahenman wɔne Akyem, kotoku, Wassaw, ne Agonafo nso de wɔn nsa hyehyɛɛ apam no ase wɔ afe 1849. Aheman a wɔde wɔn hyehyɛɛ nkrataa no ase de yɛɛ adwuma no




#Article 185: Northern People's Party (130 words)


Northern People's Party (N PP) yɛ kane amanyɔkuo a ɛwɔ Gold Coast a wɔn botae ne sɛ ɛbɛbɔ nhyehyɛe a ɛwɔ Atifi Mantam no ho ban.

Na amanyokuo NPP no akandifo no ne Simon Diedong Dombo, Omanhne a ɔwɔ Duori a ɛwɔ Atifi Mantam mu. Wɔhyehyɛɛ amanyɔkuo no wɔ afe 1954 mu na amanyɔkuo no kɔpree wɔ abtoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 1954 ne 1956 abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu. Wɔ November afe 1957 mu no, wɔne ne amnyɔkuo afofofro a wonni aban mu kaa wɔn ho boomu hyehyɛɛ amanyɔkuo foforo a ɛde United Party de tiaa amanyɔkuo a ɛde Conventions People’s Party.

Wɔn a wɔhyehyɛɛ amanyɔkuo no din ne Mumuni Bawumia, J.A Briamah, Tolon Naa, Yaakubu Tali, Adam Amandi, Naa Abeifaa Karbo, Imoru Salifu ne C.K Tedam.




#Article 186: Simon Diedong Dombo (130 words)


Ɔsoom mmarahye baguani ne mmarahye bagua mu kandifo wɔ Ghana adehyeman a edikan no u. Sɔ Dour-Na no, wonnim no sɔ ɔne ɔhenpɔn a odikan wɔ Atifi Mnatam mu wɔ Ghana a ne nhomsua kɔ anim. ɔyɛ amanyɔkuo Northern Peoples Party no hyehyefo no mu baako. Saa amanyɔkuo yi de ne ho kɔdɔɔm United party Amanyɔkuo no. Wɔ adehyeman a ɛtɔ so mienu no mu no no mu no, na ɔyɛ amanyɔkuo Progress Party a na ɛyɛ aban no mu ni.  Na ɔyɛ Soafo a ɔhwɛ Akwahosan so, na afei soafo a ɔhwɛ Afisɛm so wɔ Busia aban mu. Na ɔwɔ mmɔfra bebro 30

Asraafo kuo a ɛne Supreme Military Council braa no sɛ onni ho kwan sɛ ɔbegyina ama w’ato aba wɔ no wɔ afe 1979 abatoɔ no mu.




#Article 187: Anthony Seibu Alec Abban (318 words)


Anthony Seibu Alec Abban yɛ kane nhomasua mu kunini, ɔye kane mmarahye baguani wɔ adehyeman a ɛtɔ so mienu no mu. Ɔdikan soom sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Ajumako-Asikuma abatoɔ mpesoa so firi 1954 kosii afe 1965.  Wɔ afe 1965 mu no, wokyee mpɛsoa no mu mienu ma no bɛyɛɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Ajumako abatoɔ mpɛsoa so. Ɔsoom sɛ soafo abediakyire wo asoe pii mu wɔ adehyeman a edikan no mu. Wɔ adehyeman a ɛtɔ so miensah no mu no, na ɔyɛ amanyɔkuo Poeples National Party, Amanyɔkuo a edii nkunim wɔ afe 1979 abatoɔ no mu.  Wɔtetee no se ɔkyerɛkyerɛfo. Ansa na ɔbɛhyɛ amanyosɛm ase no, ɔkyerɛɛ ade wɔ sukuu ahodoɔ mu wɔ Gold Coast.

Wɔ woo Abban wɔ June da ɛtɔ so 4, afe 1928. Ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Ajumako Mthodist School. Ɔtoaa so kɔɔ Mfantsipim School maa no nyaa twa nsɔhwɛ a ɛde London Matriculation Examination wɔ afe 1948 mu. Ɔkɔɔ Wesly College a ɛwɔ Kumasi, na ɛhɔ na onyaa abodin krataa wɔ adekyerɛ mu a ɛne Teachers Certificate A.

Ansa na ɔbɛhyɛ amanyosɛm ase no, ɔkyerɛ ade Winneba ne Odoben a wɔn nyinaa wo Mfinfin Mantam mu wɔ Ghana. Wɔ afe 1954 mu no, wɔpaw Aban kɔɔ mmarahyɛ bagua mu wɔ Ajumako Asikuma din mu. Bre a ɔwɔ mmarahye bagua mu no, ɔsoom se soafo abediakyire wɔ asoe ahodoɔ mu a ɛmu bi ne asoe a ɛhwɛ mfirinnwuma ne asoe a ɛhwɛ kuayɔ so. Wɔ afe 1965, ɔbɛyɛ mmarahyɛ baguani aogyina ho Ajumako abatoɔ mpɛsoa so bre a wokyee ne mpɛsoa no mu. Ɔsoom wɔ saa dibea yi kosii afe 1966 bre a wotuu Nkrumah aban gui.

Wɔ adehyeman a ɛtɔ so miɛnsa no mu no, Abban de ne ho kodɔɔm amanyɔkuo a ɛne People’s National Party na na ɔyɛ wɔn a wɔgye nhyehyɛ di wɔ amanyɔkuo no mu baako.

Abban wui wɔ October da ɛtɔ so 2, afe 1985




#Article 188: Kingsley Asiam (215 words)


Kingsley Asiam yɛ kane Ghanani amnyoni wɔ Ghana adehyeman edikan no mu. Na ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ogyina ho ma Akuapem Atifi abatoo mpɛsoa so firi afe 1954 kosii afe 1965 na afei, mmarahyɛ baguani ɔgyina hɔ ma Akropong abatoɔ mpɛsoa so firi afe 1965 kosii afe 1966 mu. Ansa na obyɛye nnarahyɛ baguani no, na one adwumakuo a ɛde Coacoa Purchasing Company na ɛyɛ adwuma.

Wɔ wɔɔ Asiam wɔ afe 1921 mu. Ɔkɔɔ sukuu wɔ esde Accra Methodist School.

Asiam hyee adwuma se kookoo kɔntraagyeni ansa na ɔde ne ho kɔdɔɔm manyɔkuo Conventions People Party wɔ afe 1949 mu. Wɔ afe 1951 mu no, ɔbɛyɛɛ titenani maa amanyɔkuo no asoe a ɛwɔ Apeu mantam no mu, na aky’re se amanyɔkuo no mu akandifo no mu baako. Wɔ saa bre koro no ara mu no, na one adwumakuo a ɛde Coacoa Purchasing Company no da sɔ yɛ adwuma. wɔ afe 1954 mu no, wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Akwapim Atifi abatoɔ mpɛsoa so. Wɔ san nso paw no nea ɛtɔ so mienu wɔ afe 1956 mu biom na okuraa saa dibea no kosii afe 1965 bre a ɔbɛyɛɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Akropong abatoɔ mpesoa. Ɔsoom wɔ saa dibea yi kosii afe 1966 bre a wotuu Nkrumah aban gui.




#Article 189: William Atia Amoro (212 words)


William Atia Amoro yɛ kane Ghanani amnyɔni wɔ Ghana adehyeman edikan no mu. Na ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Bongo abatoɔ mpɛsoa firi afe 1956 kosii afe 1966 mu. Bre a ɔwɔ mmarahyɛ bagua mu no, wɔpaw no sɛ soafo abediakyiere wɔ asoe a ɛhwɛ Nhomasua so ne asoe a ɛhwɛ afisɛm so.

.

Wɔ wɔɔ Amoro wɔ afe 1929 mu wɔ Bongo a ɛwɔ Atifi Apue Mantam mu wɔ Ghana (Kane Gold coast). Ɔkɔɔ sukuu wɔ Tamale aban Sukuu na akyire, Tamale aban akyerɛkyerɛfo ntetee sukuu.

Amoro hyɛɛ ade kyerɛɛ ase wɔ afe 1951 mu wɔ Nangodi Day School. ɔkyerɛɛ ade kosii afe 1954 mu bre a wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina ho ma Bongo abatoo mpesoa so. Wɔ san paw no ne mprenu soo wɔ afe 1956 mu ma no kɔɔ so gyina hɔ sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ Bongo abatoɔ mpɛsoa so kosii afe 1966 bre a wotuu Nkrumah aban no gui. Wɔ November afe 1957 mu no, wopaw no se soafo abaedakyire wɔ asoe a ɛwhɛ Nhomasua so na wɔ July afe 1959 mu no, ɔbɛyɛɛ soafo a ɔwhɛ afisɛm so abediakyire. ɔsoom wɔ saa dibea yi kosii afe 1961 mu

Nnneɛma a n’ani gye ho ne nnwom tie, afikyifuo nhwiren ho nnwuma




#Article 190: Jonathan Kwesi Lamptey (220 words)


Jonathan Kwesi Lamptey (n’awoda 10 May 1909, wonnim da owui) yɛ kane Ghanani amanyɔni. Na oyɛ okukudam wɔ amanyɔkuo CPP mu a kyire ɔde ne ho kɔdɔɔm amanyɔkuo a wonni aban mu, odii dwuma ahodoɔ wɔ aban a edi dwuma wɔ adehyeman ɛtɔ so mienu no mu.

Wɔ woo no Sekondi. Ɔkɔɔ sukuu wɔ ne mpɔtam mu, na ɔkɔɔ mfatsipim School ma no wie wɔ afe 1931. Ɔtoaa so kɔɔ Suapɔn a ɛne Exeter University ne university of London.

Ohyee adwuma se abɔdeɛ mu nyansapɛ adekyerefo wɔ Fijai Secondary School a ɛwɔ Sekondi. Ɔbɛyɛɛ amanyɔkuo CPP no titenani abediakyire wɔ afe 1950 na wɔ afe 1951 mu no wɔpaw no mmarahyɛ abagua kuo a ɛwɔ sekondi na ɔbɛyɛɛ soafo a ɔhwɛ sikasɛm so ɔyɛ kumaa. Bre abantuguo no bae wɔ afe 1966 mu no, wɔpaw no sɛ titenani wɔ adwumakuo ɛyɛ fagudie ho adwuma a ɛde State Gold Mines. Wɔ Ghana adehyeman no mu no, ɔsoom sɛ manpanyin abediakyire na afei ɔsoom sɛ Soafo a ɔhwɛ Ahobanbɔ so firi afe 1969 mu kosi afe 1971 mu, na afe soafo a ohwɛ mmarahyɛ bagua nsɛm so firi afe 1971 kosii 1972 bre SMC. tuu Busia aban no gui. Wɔ abantuguo a ɛbaa wɔ afe 1972 no akyi no, ɔtwee ne ho firi amanayɔmsem ho de no kɔhyɛɛ mmaranim adwuma mu Sekonde.




#Article 191: Abeiku Nana Acquah (100 words)


Abeiku Nana Acquah yɛ Ghanani siniyifo a edin a wɔde nim paa ne ‘’Killer’’, a ɛyɛ edin a ɔde dii dwuma wɔ sini bi ɛbɛyɛɛ TV so dwumadie w’ato din Things We Do For Life. W’ayɛ sini ahodoɔ pii wo Ghana a emu bi ne Scent of Danger ne A Stinge In A Tail

Abeiku Nana Acquah ka TV so dwumadie sini a w’at din Police Officer ne Things We Do For Love.Abeiku Nana Acquah hyee sisniyi ase bre a na osua a w’adi mfie dunsian (16) na wɔka ne ho asɛm sɛ Ghana siniyifo a w’akye wo siniyi mu.




#Article 192: Ignatius Kutu Acheampong (523 words)


Ignatius Kutu Acheampong (23 September 1931 – 16 June 1979) yɛ kane manpanyin a odi asraafo aban anim wɔ Ghana, na odii ade firi Junuary da ɛtɔ so 13 afe 1972 kosii July da ɛtɔ so 5, afe 1978 mu bre a wɔde abantuguo tuu no gui. Akyire wɔbɔɔ no tuo kuu no.

Wɔ wɔɔ Acheampɔn wɔ Asante mantam a na n’awofo yɛ Cotholicfo. Ɔkɔɔ Raman Catholicfo sukuu a ɛwɔ Trabuom ne St. Peters sukuu a (ɛno nso yɛ Catholicfo dee) wɔ Kumasi, a ne nyinaa wɔ Asante Mantam mu wɔ Ghana. Ɔtoaa so kɔɔ sukuu a ɛde Central Commerce College a ɛwɔ Agona Swedru wo Mfinfin Mnatam mu wo Ghana. Wɔ faa no wɔ Ghana asraafo adwuma mu wɔ afe 1959 na oka Un banbɔfo a wɔkɔɔ Congo bre a nsɛmnsɛm sii.

Acheampong tuu kabi ma me nka bi amanbuo an ɛyɛ Progress Party a wɔn kandifo ne Dr. Kofi Busia no gui a wanhwie mmogya angu wɔ January da ɛtɔ so 13, afe 1972 mu. ɔbɛyɛɛ manpanyin ne ɔkandifo maa National Redemption Council a akyire wɔdanee no yɛɛ Supreme Miltary Council wɔ October da ɛtɔ so 9, afe 1975 mu, wɔpagyaa Acheampong firi ne dibea a ɛne Colonel no mu kɔɔ General na wɔyɛɛ yɛ ɔkandifo.

Nsɛm titriw, abakɔsɛm ne nyehyɛe ahodoɔ a ɛkɔɔ so wɔ Acheapong bre so no bi ne nsesae fa ɛhyɛn a wɔka wɔ benkum so, a ɛne ‘’operation Keep Right’’ ‘Operations Feed yourself’ (a ɛyɛ nhyehyɛe wɔyɛɛ sɛnea ɛbɛboa oman no ama atumi de wɔn ho wɔn ho so kuayo mu) ‘’National Construction’ (nhyehyei woyeei na aboa ma nnwuma ahodoɔ ne nsano nnwuma), mpontuo nnwuma wɔyɛɛ wɔ nkuro akɛsee mu ne asiesie a wosiesie agoprama ahodoɔ so ma no bɛyɛɛ nea ɛyɛ nea ɛfata

Atetesɛm ahodoo pii kɔɔ so maa wɔde soboɔ bɔɔ no sɛ ɔyɛ obi ɔhyɛɛ kɛtɛasehyɛ ne porɔeɛ ho nkuran. 

Bosome kakraa bi akyi bre a Acheampon bɛyɛɛ manpanyin no, kane manpanyin a ɔde Kwame Nkrumah wui wɔ April da a ɛtɔ so 27 wɔ afe 1972 mu bre a na ɔwɔ obi man so. Saabre no na aban ahodoɔ abesen kɔ wɔ ɔman no mu wo Nkrumah abantuguo no akyi, Acheampong maa ho kwan maa wɔde Nkrumah funu san bae ma wosiee no wɔ July da ɛtɔ so 9, afe 1972 wɔ ne kuro a wɔ woo no mu, Nkrroful a ɛwɔ Ghana.

Acheampong dii fo wɔ asraafo asɛndi maa wɔkɔkuu no kaa General Edward Kwaku Utuka ho wɔ afe June 16 afe 1979 mu, nna du akyi bre a wokuu kane akandifo mienu a wɔne Akwasi Afrifa ne Fred Akuffo, ne asraafo manpyinfo a wɔne Joy Amedume, George Boakye, Roger Joseph Felli ne Robert Kotei, eyi baa wɔ June 4 asraaso nsemnsem bi a esii  a emaa Flight Lieutenant Jerry Rawlings ne the AFRC a no woye asraafo nkumaa no  nyaa tumi no akyi. AFRC de Ghana baa aban a enni asraafo ase wɔ Sepetember afe 1979.

Acheampon waree Faustina Acheampong. Ne nana yɛ bɔɔl bɔ ni a wo America a ɔde Charie Peprah. Ne nana foro ne Yakini Acheampong a osi akan ma bɔɔl bɔ kuo a ɛne Fulham FC.




#Article 193: Lawrence Okai (249 words)


Lieutenant General Lawrence Aboagye Okai (1934-2017) yɛ kane Ghanani ɔsraafo. Ɔyɛ kane kane kandifo ma asraafo kuo wɔ Ghana Armed Forces. Ɔsan nso wɔ Supreme Military Council (SMC) aban a General Acheampong di anim no ase.

Lawrence Okai tuu ne no mae wɔ Gold Coast asreaafodom kuo a ɛne Royal West African Frontier.  Wɔpaw no kɔmaa no ntetee sɛ osraani Royal Military Academy Sandhurst (RMAS) a ɛwɔ United Kingdom na wɔdaa no adi wɔ December a ɛtɔ so 16, afe 1955 mu. Wɔ afe 1958 mu no, ɔbɛyɛɛ asraafo kan no mu baako wɔ Ghana Regiment bre a Gold Coast nyaa ne ho fahodie.

Okai soom wɔ Ghana asraafodɔm no mu no nanim koduu baabi a womaa ne dibea so firi 2nd Lieutenant  kɔɔ Major General.

Wɔpaw Gneral sɛ Ghana asraafo a ɛne Ghana Armed Forces no nyinaa sodifo , akyiri wɔpagya ne dibia no mu yɛ noo abanbɔfokuo no kandifo firi December afe 1974 kosii November afe 1976 mu.

Bre a National Redemption Council nsa kaa tumi no, wɔhyehyɛɛ aban a ɛne Supreme Military Council aban. Wɔn a wɔhyehyɛɛ aban no ne mpanyinfo a wɔn wɔ asraafodɔm kuo no mu, na General Okae bɛyɛɛ asraafo aban no mu ni. Okuraa saa dibea no mu kosii se ɔde n’adwuma too hɔ sɛ osraani wɔ November, afe 1976 maa Lieutenant General Fred Akuffo besii n’anan mu wo dibea ahodoɔ mienu no mu.

IBre a ɔwɔ ahomegyee mu no, ɔbɛyɛɛ kane asraafo kuo no kandifo, na akyire ɔsoom sɛ wɔn titenani.




#Article 194: Joy Amedume (174 words)


Rear Admiral Joy Kobla Amedume soom sɛ ɛpo so ɔsraani. Na ɔyɛ kandifo ma Ghana ɛpo so asraafo a wɔn din de Ghana Navy firi June afe 1977 kosii June afe 1979. Wɔpaw no kɔɔ saa dibea yi mprenu a nea edikan no firi May 1972 josii January afe 1973 na nea ɛtɔ so mienu no firi 1977 kosii afe 1979.

Wɔkyeree no wɔ  June afe 1979 mu bre asraafo nkumaa de abantuguo baa wɔ June 4 afe 1979 de yii Flight Lieutenant J J Rawlings a na ɔde afiase denam soboɔ a wɔde bɔɔ no sɛ ɔbɔɔ ne tirim po sɛ obetu aban agu May 15, afe 1979. Asraafo no hyehyɛɛ kuo a ɛne Armed Forces Revulotionary Council na wɔ yɛɛ J Rawlings wɔn kandifo. Wɔ AFRC asraafo aban no ase no, wɔde asraafo mapnyifo 8 ne kane ɔman mapnyinfo mienu ne Rear Admiral Joy Amedume koo asraafo asɛnni na akyiere, wɔkuu wɔn wo June da ɛtɔ so 26, afe 1979 mu.Wɔ afe 2001 mu no, wogyaa wɔn afunu mu maa wɔn abusuafo. 




#Article 195: Kofi Badu (374 words)


Kofi Badu yɛ kane Ghanani amanyɔni ne nsɛmkyerɛfo. ɔsoom sɛ mmarahyɛ baguani wɔ adehyeman a edikan no mu ne Soafo wɔ  Supreme Military Council (SMC) aban mu , afei wɔ  Armed Forces Revolutionary Council (AFRC) mu. Sɛ nsɛmkyerɛwni no ɔyɛɛ adwuma sɛ kowaa nkrataa mu saamufo wɔ kowaa nkrataa ahodoɔ pii.

Na Budu yɛ adwuma sɛ kowaa nkrataa mu saamufo maa kowaa nkrataa ahodoɔ pii awon mu bi ne Cape Coast Daily Mail ne Daily Gazette. ɔboaa T.D Baffoe sɛ otintimfo maa adwumakuo ɛne Trade UNION Congress na akyire, ɔbɛyɛɛ kowaa krataa mu saamufo Ghanaian Times, bre a na T.D Baffoe yɛ kowaa krataa mu saamufo panyin. Wɔ June afe 1965 mu no, ɔbɛyɛɛ mmarahyɛ baguni a ogyina ho ma Manso abatoɔ mpesoa so wɔ amanyɔkuo Conventions people’s Party din mu.  Ɔkɔɔ so yɛ adwuma wo mmarahyɛ bagua mu kosii afe 1966 bre wotuu Nkrumah aban gui. Bre a wotuu Nkrumah aban no gui akyi no, obɛyɛɛ kowaa krataa mu saamufo maa adwumakuo a ɛde Evening Standard a ne wura ne Komla Agbeli Gbedemah

Wɔ afe 1966 abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu no, ogyinaa wɔ ne mpesoa so wɔ amanyokuo National Alliance Liberals nanso, Stephen Nuamah a na ogyina wɔ amanyɔkuo Progress Party no dii nkunim wɔ ne so, ɔde mma no mu 7,812  na edii nkunim bre ɔno nyaa mma no mu 2,292. Wɔ adehyeman a ɛtɔ so mienu no mu no, ɔyɛɛ adwuma sɛ kowaa krataa mu saamufo wɔ ɔno ankasaa adwumakuo a ɛne Spokesman.

Wotuu Busia aban no akyi no, wɔpaw no sɛ ɔkasamafo ma kuo a ɛne National Redemption Counil (NRC). Wɔ afe 1978 mfiase no,aban a na edi adeɛ , Supreme Military Council  (a akane ɛde NRC from 1972 until 1975 ) paw no sɛ ɔkandifo a ɔhwɛ asoe a ɛne ‘’Consumer Affairs‘’ . Wɔ afe 1979 mu no, ɔbɛyɛɛ soafo a ɔhwɛ Agodie ne nkurase amambuo so. Okuraa saa dibea no kosii afe 1979 bre a wotuu SMC no gui. 

Wɔ Armed Forces Revolutionary Council (AFRC) aban ase no, woyii no kɔɔ asoe a ɛhwɛ nnuane ho nsɛm wɔ june afe 1979 mu. Ɔsoom wɔ saa dibea yi mu kosii Sepetember 1979 bre asraafo aban dane maa aban a enhye asraafo ase. Budu bɛyɛɛ titenani maa nsɛmkyerɛwkuo.




#Article 196: Joshua Hamidu (153 words)


Lieutenant General Joshua Mahamadu Hamidu (wɔ woo no 1936) yɛ kane asraafo Panyin ne Supreme Miliatery Council aban no mu.  Ansa na wobepaw no no, na ɔyɛ Ghana ananmusini a ɔwɔ Zambia. Wɔpaw no ɔman ahobammɔ fotufo wɔ kane manpnyin Kufour aban no mu wɔ afe 2001. Na ɔyɛ titenani am adwumakuo nnubɔne ho nsɛm so a ɛde Narcotic Control Board wɔ Ghana. Ɔwɔ abaguakuo ahorɔw so wɔ sika korabea kunini ɛne Bank of Ghana no so. Wɔ afe 2005 mu no, na ɔyɛ Ghana ananmusini a ɔwɔ Negeria. 

Ɛyɛ ade a afoforo de wɔn nsa kyerɛkyerɛ Joshua Hamidu so sɛ ɔka wɔn a wokuu kane manhene a ofori Dagbon a ne din de Yakubu Andani II wɔ afe 2002 mu. Abguakuo a ɛde Wuaku abaguakuo a wohyehyɛɛ sɛ wɔde hwehwɛ nea ɛmaa saa asiane no sii no yɛ nea wanhu mfomso biara wɔ ne ho, ma nti wogyaa no ma no koe.




#Article 197: Rebecca Naa Dedei Aryeetey (376 words)


Rebecca Naa Dedei Aryetey (1923 – June da a ɛtɔ so 22, afe 1961) edin foforo a wɔde frɛ no ne Ashikishan yɛ kane Ghanani dwadini baa, amanyɔnsɛm mu nkankorɔ prefo ne mmaa ho yiyiedi prefo. Wonim yiyie denam esam a ne ɔtɔn wɔ Nkran no. ɔne ɔbaa a ne mfoni da Ghana dwetesika a ɛne 50 pesewas no so

Wɔ woo Rebecca Naa Dedei wɔ afe 1923 mu wɔ Osu a onyinii wɔ James Town a ɛwɔ Nkran. Ne maame firi Ga Asere na ne papa nso firi Osu.

Bre a owie n’ahyɛase sukuu no, Naa Dei de ne hɔ hyɛɛ esam tɔn adwuma mu. ɔbɛyɛɛ ɔdefo ne obi a ɔwɔ nketenso denam esam adwuma no so , na eyi maa no benyaa a edin a ɛne ‘Ashikishan’’ a nea ɛkeyerɛ wo Ga kasa mu ne esam. Na wonim no se obi ɔde ne sika boa kane CPP amanyɔkuo no na na ɛyɛ ade a ɔboaboa CPP mmaa apreaprefo no ano wɔ ne fie a ɛwɔ Kokomlemlemle no. Sɛ amanyɔkuo CPP nkankoro prefo no, ɔyɛɛ osatuo san nso de ne sika boa Nkrumah ne amanyɔkuo CPP na odii akotene wɔ apreapre a ɛboaa Ghana nyaa ne fohodie. Ɔde sika puduo boa Nkrumah ma no dii nkunim wɔ Ashiedu Keteke mmarahyɛ baguakuo abatoɔ no mu na ɛno na ɛmaa no nyaa kwan bɛyɛɛ aban asoafo kandifo a odikan wɔ Ghana.

Bo a ne one Nkrumah bɔɔ pampee no ma no nyaa atamfo wɔ amanyɔkuo ahorɔw a enni aban mu no ho na nsɛm keka kyerɛ sɛ ɛka ho bi na no ɔhweree ne nkwa ntɛm. Owui akwnhyiawuo bre a ɔkɔɔ CCP dwumadie bi wɔ Ho wɔ June da a ɛtɔ so 22, afe 1961 mu bre a na w’adi mfie 38. Wɔkeka sɛ amanyɔsɛm ne mmaa ho nkankoro prefo no wui bre a obi de awuduro guu tii mu ma no nomee bre a ɔwɔ dwumadie no ase no. 

Boos atenten a ɛtoa so mienu a Harry Sawyer de baa Nkran no yɛ nea wɔde ne din ‘’Auntie Dedei’’ too so, wɔ de ne mfoni too ɔman no stampo so na fei, wɔ de ne mfoni nso too Ghana sika dwetɛ a ɛne 50 peswas no , eyi nyinaa yɛ nea wɔ de hyɛ no anuonyam.




#Article 198: Georgina Nkrumah Aboah (195 words)


Georgina Nkrumah Aboah (wɔ woo no June daa ɛtɔ so 2. Afe 1959) yɛ Ghana mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Asikuma-Odoben- Brakwa a ɛwɔ mfinfin mantam mu.

Georgina yɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra mienu. Ɔyɛ Kristoni (Metodisini)

Wɔwoo Geogina wɔ june da a ɛtɔ so 2, afe 1959 mu wɔ Breman – Brakwa wɔ Mfinfin Mantam mu

Onyaa abɔdin krataa a ɛne Diploma no wɔ Suapɔn a ɛne University of Ghana firi afe 1990 kosii afe 1992 mu.

Ɔtoa so kɔɔ Suapɔn a ɛne Univeristy of Education, Winneba kosuaa ade faa sɛnea wɔ hwɛ nhomsua so firi afe 2000 kosii afe 2008 mu. Ɔtoaa n’adesua no so kosuaa sɛnea wɔde aftuo ma a ɛne Gigidance and Counselling no firi afe 2008 kosii afe 2010.

Ɔyɛ amanyɔkuo National Democratic Party no mu ni.

Na ɔka abaguakuo a ɛhwɛ Nnwuma so, mma ne mmɔfra so ne akwahosan so. 

Ɔyɛ nhomsua mu kunini. Na ɔyɛ ɔhwɛfo a ɔda Ntoaso sukuu so wɔ Tema Mansin no mu wɔ adwumakuo a ɛne Ghana education Service no. Na ɔyɛ aban krakye a ɔwɔ Asikuma – Odoben – Brakwa firi April da ɛtɔ so 30 afe 2009 kosii January 2013 mu.




#Article 199: Susana Adam (181 words)


Susana Adam yɛ kane Ghanani amnyoni a ɔsoom sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Mamprusi Atɔe fam abatoɔ mpɛsoa so firi afe 1997 kosii afe 2001.

Ogyina pree Mamprusi atɔe fam mmarahyɛ bagua abatoɔ no wɔ amanyɔkuo National Democratic Congress din mu wo abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 1996 no mu, ma no ɛmma no mu dodoɔ 23,021 a egyina ho ma oha mu nkyekyɛmu 63% de dii nkunim.  Ɔhweree n’agua no wɔ mmarahyɛ bagua abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 2000 mu no maa Issifu Asumah a ogyinaa wɔ amanyɔkuo People’s National Conventions Party (PNC) din mu. Onyaa mma no mu 12, 735 a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu (37.3%) ma Asumah nso nyaa 18,907 a egyina hɔ ma (55.4%) Wɔ afe 2004 mu no, ɛmfa ho sɛ NDC amnyɔkuo no mu fo dodoɔ no ara gyee no too mu no, Alidu Iddrisu Zakari nan a ogyinaa wɔ amanyɔkuo no din mu wɔ mpɛsoa a foforo a ɛne Walewale atɔe no mu. Zakari dii Issifu so nkunim de gye agua no wɔ afe 2004 abatoɔ no mu.




#Article 200: Grace Addo (221 words)


Grace Addo (wɔ woo no December da a ɛtɔ 24, afe 1960) yɛ kane Ghanani amnyɔni. Na ɔyɛ mmarahyɛ baguani wɔ mmarahyɛ bagua a ɛtɔ nsia no mu wɔ Ghan adehyeman a ɛtɔ nnan no mu.  Na ɔye mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Manso-Nkwanta mpesoa so na ɔyɛ amanyɔkuo New Patriotic Party no mu ni.

Wɔ woo Addo wɔ dcember da ɛtɔ so 24, afe 1960 mu wɔ Asarekrom a ɛwɔ Asante Mantam mu. Okura nkontabuo abɔdin krataa firi suapɔn a ɛne University of Education, Winneba.

Ansa na ɔbɛyɛ Ghana mmarahyɛ bagua no mu no wɔ afe 2012 mu no, na ɔyɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ Ejuraman Anglican School.

Addo yɛ kane mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Manso-Nkwanta abatoɔ mpɛsoa so wɔ amanyɔkuo New Partriotic Part din mu. Wɔ afe 2012 mu no, ogyinaa ma wɔtoo ne so aba ma no dii nkunim. Onyaa mma no mu 29, 500 a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 77.03% ma no dii nkunim wɔ aforo a ɔne wɔn sii akan no, wɔn de ne Alex Kwame Bonsu, Seth Amakye ne Rita Fosua. Wɔ afe 2016 mu no, odii nkuguo wɔ amanyɔkuo New Partriotic Party mmarahyɛ bagua abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu, eyi nti w’antumi angyina wɔ 2016 ɔman abatoɔ no mu.

Addo ye Kristoni. Ɔyɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra miɛnsa.




#Article 201: Cecilia Gyan Amoah (359 words)


Cicilia Gyan Amoah (wɔ woo no October da a ɛtɔ so 26, afe 1947) yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ baguni a ogyina hɔ maa Asutifi Atɔe abatoɔ mpɛsoa so firi afe 2000 mu kosii afe 2005, ɔyɛ kane aban ananmusini a na ɔwɔ Cuba ne Barbados. Ɔsan peree mmarahyɛ bagua aba no wɔ Asutifi Atɔe mpɛsoa, faako a ne kunu a w’anya ne baabi ko no dikan gyinae de pree mmarahyɛ bagua agua no.

Odii Nkunim wɔ Asutifi Atɔe mpesoa so mmarahyɛ bagua abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 2000 mu no wɔ amanyokuo New Partriotic Party (N PP) din mu, na nea ɔte so no ne Alhaji Collins Dauda a na ogyina wɔ amanyɔkuo National Democratic Congress (N D C) din mu.

Amoah yɛ kane mmarahyɛ baguani a ogyina ho ma Asutifi Atɔe abatoɔ mpɛsoa so firi January afe 2001 kosii Jnauray da a edikan, afe 2005 mu. Eyi bae bre a na ne kunu a na ogyinaa wɔ saa mpesoa no so no wui wo afe 2000 mu. Odii nkuguo wɔ afe 2004 mu bre a ɔne Thomas Broni a ɔyɛ Suafo a ɔwhɛ afisɛm so abediakyire sii akan wɔ amanyokuo abatoɔ mu no. ɔbɛyɛɛ ɔbaa mmarahyɛ baguani wɔ amanyɔkuo NPP mu a wɔtoo aba de yii no firii so.

Ɔsan nso soom sɛ aban ananmusini a ɔwɔ Cuba, na akyire sɛ aban ananmusini a ɔwɔ Barbados. Wɔ June da a etɔ 13, afe 2015 mu no, Amoah dii nkunim wɔ amnyɔkuo abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu maa no nyaa akwanya sɛ obesi mmarahyɛ bagua abatoɔ akan wɔ 2016 mu no wɔ n’amanyɔkuo NPP din mu. Nanso, ne kunu a wanya ne baabi kɔ no abusuani baako (ne wɔfase) ampene so sɛ ɔbɛkɔ so asi akan, ne anti ete saa ne se na ose Collins Dauda a ɔne no kosi akan yɛ obi a ne tirim wo sum. Amoa de suboɔ bɔɔ ɔperetiafo amnyɔkuo no wɔde ahunaahuna ne ɛba ɔne ne nkrorofo so, ɔbɔɔ no soboɔ sɛ w’asoma nnipa bɔnefo bi wonnim wɔn ama w’abeposa NPP nnipa a na wɔhwɛ abatoɔ no so, na saa nnipa bɔnefo seisei nneɛma pii a emu bi kar ne dadepɔnko.




#Article 202: Gifty Twum Ampofo (286 words)


Gift Twuma Ampofo (wɔ woo no June da a ɛtɔ so 11, afe 1960 ) ye Ghanani amanyɔni ne amnyɔkuo New Partriotic Party mmarhye baguani. Ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Abuakwa atif fam mpɛsoa so wɔ mfinfin mantam mu wɔ Ghana. Amposfo yɛ Soafo a ɔhwɛ bobeasu, ne mmɔfra so abediakyire so wɔ Ghana.

Wɔ woo Twuma Ampofo wɔ June da ɛtɔ so 11, afe 1967 mu wɔ Kukurantumi a ɛwɔ mfinfin mantam no mu wɔ Ghana. Ɔkɔɔ usapɔn a ɛne University of Cpae Coast ma no nyaa abɔdin krataa wɔ Biology wo afe 1999. ɔtoa n’adesua no so ma nyaa abɔdin krataa foforo a ɛne MBA. Ɔsan nso kura abɔdin krataa a ɛne BSc. a onyaa firii Suapɔn a ɛne University of Ghana

Na Ampofo yɛ ɔkyerekyerɛni a ɔkyerɛɛ Science wɔ sukuua ɛne Akosombo International School ansa na ɔbɛyɛ mmarahyɛ baguani. Sesei, ɔyɛ soafo abediakyire a ɔhwɛ nhomasua a ɛfa nsano adwuma ntete ho

Wɔ afe 2015 mu no, osii abatoɔ akan ma no dii nkunim wɔ amnyɔkuo New Partriotic Party abatoɔ mu ma no nyaa akwanya sɛ ɔbepere mmarahyɛ bagua agua no wɔ Abuakwa Atifi Mpɛsoa so a ɛwɔ mfinfin mantam mu wɔ Ghana. Odii nkunim wo mmarahyɛ baguakuo abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 2016 no mu. Nnipa mienu a ɔne wɔn sii akan no wɔ 2016 abatoo no mu no ne Victor Emmanuel Smith a na ogyina wo amanyokuo National Democratic Congress din mu, ne Partrick Adjei Dankwa a ogyinaa sɛ kwnatekoro. Ampofo dii nkunim wo abatoo no mu bre a onyaa mma no mu 17,838 firii mma dodo 30,281 a egyina ho ma oha mu nkyekyɛmu 59.23.

ɔyɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra miensa, ɔyɛ kristoni a ɔsom wɔ Methodist




#Article 203: Beatrice Bernice Boateng (189 words)


Beatrice Bernice Boateng yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ baguani wɔ mmarahyɛ baguoa ɛtɔ so 5 no wɔ Ghana adehyeman 4 no mu.  Ɔyɛ mmarahyɛ baguane a ogyina hɔ ma New Juabeng Atɔe fam abatoɔ mpɛsoa so a ɛwɔ Mfinfin mantam mu wɔ Ghana.

Wɔ woo Boateng wɔ August da ɛtɔ so 19, 1960afe 1951 mu wɔ Koforidua wɔ mfinfin mantam mu wo Ghana. Ɔkɔɔ suapɔn a ɛne University of Edingburgh, Scotland wɔ afe 2001 ma no nyaa abɔdin krataa a ɛfa nhomasua ho

Ɔyɛ nhomsua mu kunini na na ɔyɛ Nkran Mansin no mu ɔhwɛfo wɔ Presbifo sukuu ahodoɔ a no mu.

Wɔpaw no sɛ mmarahyɛ baguani nea edikan wɔ amanyɔkuo NPP din mu wɔ December, afe 2008 abatoɔ no mu wɔ New Juaben Atɔe abatoɔ mpɛsoa so. Beatrice nyaa mma no mu 34, 409 a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 61.3 firii mma ne dodoɔ yɛ 56,102 no mu. Odii nkuguo wɔ n’amanyɔkuo abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 2012 no ma anti wantumi ampre mmarahyɛ bagua agua wɔn afe 2012 abatoɔ no mu.

Ɔyɛ ɔbaa kunafo a okura mmɔfra miensa. Ɔyɛ Kristoni a ɔsoom wɔ Presby




#Article 204: Abrah Comfort Rosemond (115 words)


Abrah Comfort Rosemond (July 16, afe 1960) yɛ Ghanani baa mmarahyɛ baguani. Ɔyɛ kane mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Weija Gbawe abatoɔ mpɛsoa so. 

Okoura abɔdin krataa a ɛne MPhil (akwnakyerɛ ne afutoma) a onyaa firii suapɔn a ɛne University of Cape Coast wɔ 2002.

Wɔ tetee Comfort sɛ nhomasua mu kunini na wɔpaw no sɛ ɔkwankyerɛfo a ɔhwɛ nhomsua so wɔ Kwaebibrem mansin no mu wɔ adwumakuo a ɛne GES no mu.  Odii nkunim wɔ afe 2012 abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu ma no bɛyɛɛ mmarahye baguani, onyaa mma no mu 32,286 a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛm 53.59% wɔ dodoɔ no mu.

Comfort Rosemond yɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra mienu




#Article 205: Susanna Al-Hassan (389 words)


Susanna Al-Hassan anaa Susan Alhassan (27 November  1927 – 17 January 1997) yɛ Ghanani Nwoma kyerɛwfo ne amanyɔni, a wɔ afe 1961 mu no, ɔbɛyɛɛ Ghanani baa odikan a wɔpaw no sɛ Soafo. Ɔyɛ ɔbaa a odikan wɔ abibremu a wɔpaw no se baasomfo anaa aban asoafoɔ mpanyimfoɔ no mu baako na ɔbɛyɛɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Atifi Mantam abatoɔ mpɛsoa so fiiri afe 1960 kosii afe 1966. Ɔsan nso yɛ obi w’akyerew nhomaa ahodoɔ pii.

Wɔ woo Al-Hassan wɔ Tamale na ɔkɔɔ sukuu wɔ Achimota School. Firi afe 1955 kosii afe 1960 mu na ɔye ɔkwankyerɛfo ma ntoaso sukuu  a ene Bolgatanga Girls School. Ne mma ne kane GTV so nsemkanfo a ne din de Selma Ramatu Alhassan a akyire ɔsesaa ne yɛɛ no Selma Valcourt ne owura Victor Alhassan a ɔyɛ adwuma wɔ adwumakuo a ɛde Sky Petroleum.

Sɛ obi a onyaa mmara a w’ato din 1960 Representation of the People’s (Women Members) no mu kyefa no, Al-Hassan san kɔɔ mmarahye bagua mu se mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Atifi Mantam abatoɔ mpɛsoa a obiara ne no ampere hɔ wɔ June afe 1963 mu. Okuraa soaf dibia ahodoɔ pii a emu bi yea nea mmere tia mu deɛ, afoforo nso yɛ nea ɛyɛ bre tenten. Firi afe 1961 kosi afe 1963 mu no, na ɔyɛ Soafo a ɔhwɛ Nhomasua so no abediakyire wɔ Nkrumah aban mu.  Firi afe 1963 kosi afe 1969 mu no, na afei afe 1965 mu no, na ɔyɛ Soafo a ɔhwɛ nsemnsɛm so. Wɔ saa bre no ara mu wɔ afe 1965 mu no, Nkrumah paw no sɛ soafo nnipa nsɛm ne mpɔta mpontuo so.

Wɔ ko a wɔko tia tuutuubra wɔ Ghana atifi fam wɔ afe 1960 mu no, CPP aban no yɛ ɔsatuo ahodoɔ de keyerɛkyerɛ ɔmanfo no, wɔkyerɛkyerɛ wɔn sɛ tuutuubra yɛ nea ɔtanfo, ne tia a etia mmara. Wɔnam anamontuo no kyerɛkyerɛ wɔn a wɔ mfe akɔ anim no nea wɔn nhomasua nko akyi papa bia no. Al-hassan kae sɛ nea ema saa ɔhaw yi ba no yɛ hia a ahia amanfoɔ no ne nna ho akɔnnɔ a ahyɛ nnɛmafo mma, ne titirew mmaa nkumaa a wotu akwan kɔ Tamale kɔ pɛ nnwuma naa sukuu no.

Al-Hassan wui wɔ January da a ɛtɔ so 17, afe 1997 mu. Wɔ afe 2007 wodii ne nna 50 nkaeda. 




#Article 206: Nii Okaidja Adamafio (154 words)


Nii Okaija Adamafio 1960 yɛ Ghanani kane amanyɔni. Ɔyɛ kane Soafo a ɔhwɛ Afisɛm so wɔ Rawlings aban ase firi afe 1997 kosii afe 2001. Ɔyɛ mmarahyɛ baguani a odikan a ogyina hɔ ma odododiodoo abatoɔ mpɛsoa so firi afe 1992 kosii afe 1997.

Ɔyɛ Amanyokuo National Democratic Congress (N D C) no mu ni, Adamafio nyaa nkoanim koduu Otitenani abediakyire wo amanyɔkuɔ National Democratic Congress din mu. Wɔ afe 1996 abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu no , onyaa mma no mu 29,142 a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 35.4%. wɔ afe 2000 abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu no, onyaa mma no mu 24,181 a egyina hɔ ma pha mu nkyekyɔmu 43.9% na emu no hweree agua no maa Reginal Nii Bi Ayibonte. 

Wɔ February 2006 mu no, ɔtwee ne ho firii N D C ho. Wɔ afe 2008 mu no, ɔbɛyɛɛ otitenani abediakyire wɔ amanyɔkuo Democratic Freedom Party (DFP) mu.




#Article 207: Clara Napaga Tia Sulemana (106 words)


Clara Napaga Tia Sulemana (wɔ woo no afe 1987) yɛ Ghanani baa amanyɔni ne manpanyin Nana Akuffo-Addo aban no mu adwumayɛfo. Ne papa ne Alhaji Tia a ɔka won a wɔhyehyɛɛ amanyɔkuo New Partriotic Party wɔ Ghana.

Sullemana kɔɔ suapɔn a ɛne University of Development Studies ma no nyaa abɔdin wɔ amanyɔsɛm ne abakɔsɛm mu

Bre a owie ne Suapɔn adesua no, ɔhyɛɛ amanyɔsɛm ase maa no ɔbɛyɛɛ Osatuo mu boafo maa amanyɔkuo New Patriotic Party. Akyire wɔpaw no sɛ manpanyin adwumayɛfo bre a amanyɔkuo no dii nkunim wɔ afe 2016 abatoɔ no mu. Sulemana ka ayaresabea a ɛne Tamale Teching Hospital no abedwakuo no ho.pital.




#Article 208: Gifty Eugenia Kusi (231 words)


Gifty Eugenia Kusi (wɔ woo no ogyefo da ɛtɔ so 11, afe 1958 mu) yɛ Ghanani amanyɔni. Na ɔyɛ mmarhyɛbaguani wɔ mmarahyɛbedwa a ɛtɔ nnan wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ nnan no mu, a na ogyina hɔ ma Tarkwa-Nsuaem abatoɔ mpɛsoa so fiiri afe 2001 kosii afe 2017 mu. ɔsan nso yɛ panyin wɔ Suapɔn University of Ghana ayaresabea a ɛde University of Ghana Medical School no a nkorabata a ɛyɛ nhwehwɛmu.

Kusi firi Nsuaem -Tarkwa a ɛwɔ Atoe Mantam mu wɔ Ghana 

Kusi Kura abodin kunini wo nyansapɛ mu a onyaa firi Suapɔn a ɛde University of Ghana hɔ wɔ afe1999.

Kusi yɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra nnan. ɔyɛ Kristoni a ɔsoom wɔ Pentecost asɔre

Kusi hyɛɛ amanyosɛm ase firi afe 2001, bre a ogyinae ma wɔ too aba yi no sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ maTarkwa – Nsaem abatoɔ mpɛsoa so wɔ amanyɔkuo New Patriotic Party (N P P) din mu. Sesei ɔyɛ mmarhyɛ badwani a ogyina hɔ ma Tarkwa – Nsuaem. ɔsan nso ka amnyɔkuo New Patriotic Paty abadwakuo a ɛhwɛ asotweɛ so, oka kuo ɛhwɛ nnwumasɛm so wɔ mmarahye badwam, kuo a ɛhwɛ bɔbeasu ne mmɔfra nsɛm wɔ mmarahyɛ badwam ne mmarahyɛ badwam kuo a ɛhwɛ akwahosan nsɛm so. ɔyɛ Atɔe Mantam soafo abediakyire.

Na ɔyɛ panyin wo Suapɔn University of Ghana ayaresabea a ɛde University of Ghana Medical School no a nkorabata a ɛyɛ nhwehwɛmu.




#Article 209: Gladys Nortey Ashitey (213 words)


Gladys Nortey Ashitey (wɔ woo no November da etɔ so 21, afe 1955) yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛbadwani wɔ mmarahyɛbedwa a ɛtɔ so nnan wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu, a na ogyina hɔ ma Ledzokuku abatoɔ mpɛsoa so wɔ Nkran Mantam mu wɔ Ghana. 

Wɔ woo Ashitey wɔ Ledzokuku a ɛwɔ Nkran Mantam mu a ɛwɔ Ghana wɔ November a ɛtɔ so 21, afe 1955. ɔkoo suapɔn a ɛne American University of the Caribbean ma no nyaa abodin krataa wɔ nnuroyɛ mu. ɔsan nso kɔɔ Suapɔn a ɛne University of Ghana konyaa nimdeɛ ne abɔdin wɔ nnuroyɛ mu.

Wodikan paw Ahitey sɛ mmarahyɛ badwani wɔ amanyɔkuo New Patriotic Party din mu wɔ December 2004 abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu sɛ mmarhyɛ badwani a ogyinaa hɔ ma Ledzokuku abatoɔ mpɛsoa so wɔ Nkran Mantam mu wɔ Ghana.Onyaa mma a ne dodoɔ yɛ 76,674 no mu 33,039 a egyina hɔ ma ɔha mu nkykyɛmu 43.10%. Nii Nortey Dua a ogyinaa wɔ amanyokuo National Democratic Congress din mu no dii ne so nkunim wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 2008 no mu. Eyi maa no som penkro sɛ mmarahyɛ badwani.arian.

Ashittey yɛ ɔyaresafoɔ ne kane mmarahyɛ badwani a ogyina hɔ ma Lezdokuku abatoɔ mpɛsoa so wɔ Nkran Mantam wɔ  Ghana




#Article 210: Brigitte Dzogbenuku (150 words)


Dzogbenuku koo ntoaso sukuu wɔ Wesley Girls High sukuu a ɛwɔ Cape Coast. ɔtoaa so kɔɔ suapɔn a ne University of Ghana ma no nyaa abɔdin krataa wɔ nneɛmafoɔ kasa mu

Dzogbenuku koo ntoaso sukuu wɔ Wesley Girls High sukuu a ɛwɔ Cape Coast. ɔtoaa so kɔɔ suapɔn a ne University of Ghana ma no nyaa abɔdin krataa wɔ nneɛmafoɔ kasa mu.

Dzogbenuku yɛ obi a ɔkyerɛw nsɛm ma nsɛmkyerɛw adwumakuo a ɛde Graphic Communication Group Limited, ɔkyerɛw wɔ nkoraba a ɛne Graphic Mirror na ne nsɛm no ti ne Manners matter. ɔyɛ kane kwnakyerɛfo ma adwumakuo a ɛde Aviation Social Center. ɔsan nso yɛɛ adwuma wɔ adwumakuo a ɛde Ashanti Goldfields Corporation na afe SC Johnson Wax Ghana.

Dzogbenuku dii nkunim wɔ dwumadie bi w’ato din Miss Ghana no wɔ afe 1991 mu. ɔsan nso nyaa abasobode a w’ato din Fortune/Goldman Sachs Women's Leadership Award Wɔ afe 2008 mu




#Article 211: Obuobia Darko-Opoku (150 words)


Obuobia Darko-Opoku yɛ Ghanani amanyɔni, nsemkyerɛwni ne ɔboafo. Wɔ afe 2012 ne 2016 abatoɔ a ɛkɔɔ so no mu no, ɔkɔpree mmarahyɛ badwam no maa no dii nkuguo wɔ ne mienu no mu. Wɔ afe 2019 mu no, amanyɔkuo National Democratic Congress paw no sɛ amnayɔkuo no kasamafo abediakyire. ɔyɛ ɔhohogyefoɔ wɔ TV so dwumadie a w’ato din pause for three minutes a ɛyɛ dwumadie a wɔde aftotuo ma wɔ so, wɔpaw saa dwumadie wɔ abasobɔ dwumadie bi w’ato din L.E.A. D series award wo afe 2017. ɔyɛ kane kwankyerɛfo ma adwumakuo a ɛne Ghana Free Zones Board.

Darko – Opoku hyehyɛɛ kuo a ɛde Obuobia Foudation, adwumakuo ɛmpɛ mfasoo a ne boate ne sɛ ɔde mmoa bema mmaa ne wɔn a wɔ wɔ ne mpɛsoa so. Denam ne kuo no so no, w’ayɛ adɔe wɔ Nkramofoɔ borɔno ahodoɔ, Weija Gbawe abatoɔ mpɛsoa no ne Ga Atɔe Mansin no mu.




#Article 212: Gibson Dokyi Ampaw (261 words)


Gibson Dokyi Ampaw yɛ kane mmaranimfo ne Ghanani amanyɔni. ɔyɛ kane ɔman soafo wɔ adehyeman a ɛtɔ so mienu no mu.

Wɔ woo no wɔ Sepetember da ɛtɔ so 26, afe 1929 wɔ kukurantumi a ɛwɔ East Akim mansin no, wo Mfinfin mantam mu. ɔkɔɔ ntoaso sukuu wɔ Abuakwa State College, Kibi. ɔtoaa so kɔɔ Fouray Bay College wɔ Sierra Leon ne University of London, a ɛwɔ London, ɛhɔ na onyaa ɔfrɛ firii amanɔne mmaranimfo kuo a ɛne Lincoln’s Inn.

Ampaw hyɛɛ ne nnwuma ase sɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ kane sukuu a ɔkɔe, Abuakwa State College. Akyire, wɔpaw no sɛ ɔkyerɛwfo ma Akyem Abuakaw State Council, na ɔsan so kyerɛɛ ade wɔ sukuu a ɛne Wilberforce Memorial. ɔyɛɛ mmaranim adwuma mfie dubaako. Ansa na ɔde ne ho bɛhyɛ amanyɔsɛm mu no, na ɔka ahwɛfo abadwakuo a ɛhwɛ sika korabea a ɛne Ghana Commercial Bank; na ɔka sika korabea no abadwakuo a ɛkɔɔ Lome, Togo Lome, kɔyɛɛ nhwehwɛ mu wɔ ɔkwan a wɔbɛfa so abue nkorabata wɔ hɔ. ɔsan nso yɛɛ adwuma sɛ ɔhwɛfo wo nnwuma ahodoɔ pii mu a emu bi ne Trans – Africa Engineering ne Motor Industry (Ghana) Ltd., Susco Diamond Company, Accra Water Distillery Company ne Industrila Agencies.

Firi afe 1969 kosii afe 1972 mu no, Ampaw bɛyɛɛ mmarahyɛ badawni a ogyina hɔ ma Abuakwa mpɛsoa so. Wɔpaw no sɛ Soafo a ɔhwɛ akwahosan so wɔ afe 1969 mu na ɔsoom sɛ wɔ saa dibea no kosii afe 1971.

Na ɔyɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra dubaako. Nneɛma a ɔde gyegye n’ani ne Nwom, nantee, bɔɔl bɔ ne Volle bɔɔl




#Article 213: William Godson Bruce-Konuah (317 words)


Dr. William Godson Bruce – Konuah (May da ɛtɔ so 14, afe 1932 – October da ɛtɔ so 2, afe 2002) yɛ kane Ghanani oduroyɛfo, amanyɔsɛm ne Soafo wɔ adehyeman a ɛtɔ so mienu no mu

Wɔ woo no wɔ May da ɛtɔ so 1932 mu. Na ne papa ne Dr. Kofi George Konua, CBE, a ɔyɛ nhomasua mu kunini. ɔhyɛɛ Sukuu ase wɔ Accra Government boys Sukuu firi afe 1936 kosii afe 1945 na ɔtoaa so kɔɔ ntoaso sukuu a ɛne Accra Academy firi afe 1946 kosii afe 1951. Wɔ afe 1955 mu no, ɔtoaa so kɔɔ Suapɔn a ɛne Norwood College, London ma no nyaa abɔdin krataa wɔ afe 1957 mu, ne suapɔn a ɛne University of Liverpool firi afe 1958 kosii afe 1963 ma no nyaa abɔdin krataa wo nnuroye mu (Mb Chb).

Bre a owie ntoaso sukuu no, ɔkɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkyerɛkyerɛni wɔ kane sukuu a ɔkɔe a ɛde Accra Academy firi afe 1953 kosii afe 1955 mu. ɔsan n’akyi baa Ghana bre a owiee ne nhomasua wɔ Liverpool Suapɔn no maa no kɔyɛɛ adwuma wɔ asoeɛ a ɛhwɛ Akwahosan so sɛ aduroyɛfo wɔ Korlebu na akyire sɛ aduroyɛfo panyin a ɔda Tema Mansin ne Tema Ayaresabea, ɔyɛɛ adwuma wɔ saa dibea yi kosii afe 1969 bre a ɔde n’adwuma too hɔ ma ɔde ne ho kɔhyɛɛ amnyɔsɛm mu. ɔhyɛɛ ase yɛɛ adwuma sɛ ankorɛankorɛ aduroyɛfo.  Osii Ghana anan mu (asoe a ɛhwɛ akwahosanso) wɔ dwumadie amansan akwahosan kuo a ɛne World Health Organisation yɛ faa sɛnea wosi nsamanwa kwan.

Wɔ afe 1969 mu no, wɔpaw no sɛ mmarahyɛ badwani a ogyina hɔ ma Tema abatoɔ a mpɛsoa so. Wɔsan nso paw no sɛ Soafo a ɔhwɛ Adansie so wɔ September bosome no mu wɔ afe 1969, ɔsoom wɔ saa dibea kosii January afe 1972 bre a General I.K Acheampong kuo a ɛne Supreme Military Council (Ghana) no tuu Busia aban no gui




#Article 214: Kwame Baah (191 words)


Colonel Kwame R. M. Baah  (May da a edkan, afe 1938 – April da ɛtɔ so 8, afe 1997) yɛ kane osraani ne amanyɔni. ɔyɛ kane amanone Soafo firi afe 1972 ne afe 1975.

Wɔpw Kwame Baah sɛ Soafoa ɔhwɛ amanɔne nsɛm so bre a wotuu Dr. Abrefa Busia aban no gui akyi wɔ January da ɛtɔ so 13, afe 1972 mu. Saa adeyɔ yi maa kuo a ɛne National Redemption council besii amanyɔkuo Progressive Peoples Party anan mu. Geneal Ignatius Kutu Acheampon paw no saa bre no sɛ Soafo a ɔhwɛ amanone nsem so wɔafe 1972, dibea a okuraa mu kosii afe 1975.

Wɔ ɔman nkabom abadwakuo a ɛtenaa ase wɔ Nkran man mu wɔ afe 204 no, Captain kodua ka kyerɛ abadwakuo no sɛ na Colonel Kwame Baah ne afoforo ka ekuo a ɛto so miensa a anka ɛsɛ sɛ woku wɔn wɔ Armed Forces Revolutionary Council bre so. Eyi amma so. Nea obesii n’anan mu sɛ amanɔne soafo a ne din de Col.Roger Feli no yɛ nea wokuu no kaa asraafo nnum ho wɔ June da a ɛto so 16, afe 1979 mu.           




#Article 215: Benjamin Kofi Asamoah (252 words)


Benjamin Kofi Asamoah    yɛ Ghanani amanyɔni wɔ adehyeman a edikan no mu. Na ɔyɛ mmarahyɛ badwani a ogyina hɔ ma Abetifi abatoɔ mpɛsoa so firi afe 1965 kosii afe 1966. Ansa na ɔbɛkɔ mmarahyɛ badwa mu no, na ɔyɛ ɔkwankyerɛfo ma Kwawu mansin ne New Juaben mansin no. ɔsan so soom sɛ ɔkyerɛwfo maa amnyɔkuo Conventions People’s Party (CPP) wɔ Apuei Mantam no mu.

Wɔ woo Asamoah wɔ March da ɛtɔ so 30, afe 1917 wɔ Abetifi, kuro a ɛwɔ Apuei Mantam mu. ɔkɔɔ sukuu wɔ Juaso aban ntoaso sukuu

Asamoah hyɛɛ ase sɛ drɔbani a ɔka fidie a wɔde yɛ mmframa ho adwuma firi afe 1935 koii afe afe 1940 mu. Ɔde ne ho kɔdɔɔm polisifo adwuma wɔ afe 194 1 mu na ɔyɛɛ adwuma sɛ polisini kumaa firi afe 1941 kosii afe 1946 mu. Wɔ afe 1948 mu no, ɔbɛyɛɛ titenani a odikan wɔ kwahu mansin no mu maa amanyokuo a ɛde United Gold Coast Conventions nanso, ɔde ne ho kɔdɔɔm amanyɔkuo a ɛde Conventions People’s Party (CPP) wɔ afe 1950 mu. Wɔ July da a edikan afe 1959 mu no, wɔpaw no sɛ kwahu mansin no soafo na December da a edikan wɔ afe 1960 mu no, woyii no kɔɔ New Juaben Mansin no mu sɛ Soafo. Wɔ afe 1965 mu no, wɔpaw no sɛ mmarahyɛ badwani a ogyina hɔ ma Abetifi abatoɔ mpɛsoa so. Okuraa saa dibea yi mu kosii afe 1966 bre a wotuu Nkrumah aban gui.

Nneɛma a ɔde gyegye n’ani ne kuayɔ ne ahayɔ




#Article 216: Kwame Anyimadu-Antwi (256 words)


Kwame Anyimadau-Antwi (wɔ woo no April da a ɛtɔ 12, afe 1962) ye Ghana amanyɔni. Ɔyɛ mmarahyɛ badwani a ogyina hɔ ma Asante- Akim abatoɔ mpɛsoa wɔ Asante Mantam, okuraa dibea no kosii afe 2009. Okura abɔdin krataa wɔ mmaranim mu na ɔyɛ amanyɔkuo New Partriotic Party mu ni.

Anyimadu-Antwi kɔɔ suapɔn a ɛde KNUST ma no nyaa abaɔdin krataa wɔ nsaase ho nsɛm mu. Otoaa soo kɔɔ suapɔn a ɛde GIMPA konyaa nimdeɛ wɔ sɛnea wɔhwɛ nnwuma so na ɔsan nso wɔ abɔdin krataa a onyaa firii suapɔn a ene University of Ghana hɔ. Ɔkɔɔ mmaranimfo ntete sukuu a ɛde Ghana School of Law. Ɔsan nso kuraa abɔdin krataa a w’ato din MGh IS a onyaa firii suapɔn a ede Ghana Institute of Saveyors.

Wɔ woo Anyimadu wɔ April da a ɛtɔ 12, afe 1962 mu. Ofiri kuro a ne din de Patriensa a ɛwɔ Asante mantam mu

Ɔye nhomsua mu kunini. Ɔyɛ adwuma wɔ adwumakuo a ɛhwɛ nsase ho nsɛm so firi afe 1981 kosii afe 1991. Ɔyɛɛ adwuma sɛ ɔkwankyerɛfo abediakyire wɔ Ghana nsiakyibaa adwumakuo a ɛde Insurance Company Of Ghana, nanso ɛnnɛ ɔyɛ adwuma sɛ ɔkwankyerɛfo ma adansie adwumako bi.

Ɔyɛ amnyɔkuo New Patriotic Party no mu ni . Na ɔyɛ mmarahyɛ baguani ma Asante –Akim mfinfin abatoɔ mpɛsoa so wɔ Asante Mantam wɔ Ghana. Odii ɔperetiafo amanyɔkuo no wɔ afe 2016 abaatoɔ a ɛkɔɔ so nu mu, na ɔde mma no ɔha mu nkyekyɛmu 75.9% na edii nkunim.

Ɔyɛ ɛwarefo a ɔwɔ mmɔfra nnan. Ɔyɛ Kristoni a ɔsoom wɔ Presbytherian asɔre




#Article 217: Adusei Kwasi (176 words)


Adusei Kwasi (wɔ woo no October da ɛtɔ so 20, afe 1976 mu) yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ baguani wɔ mmarahye bakuo a ɛtɔ 6, wɔ Ghana adeyeman nnan no mu.

Wɔ woo kwasi wɔ October da a ɛtɔ so 20, afe 1976 mu wɔ kuro a ede Tatale a ewɔ Atifi Mantam no mu wɔ Ghana 

Ɔkɔɔ suapɔn a ɛne Sunyani Ploytechnic (enne wofre no Tame Technical University) ma no nyaa abɔdin krataa a ɛde high National Diploma (H N D) wo anyinam nkanea nsɛm ho wɔ afe 2010.

Ɔye nhomasua mu nimdeefo. Ɔye ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra meinsa.

KKwase gyina ho se mmarahye baguani ma Ahafo Ano Atifi mpesoa so Asante Mantam wɔ Ghana. Onyaa mma no mu ɔha mu nkyekyemu 50.02% wɔ amnyɔkuo National Democratic Congress din mu. ɔhyee n’adwuma ase mmarahye baguani wɔ January da a etɔ so 7, afe 2013 bre a wɔde afe 2013 abatoɔ no baa awie , mmarahye abgua a na ehɔ no baa  n’awie wɔ January 6 na foforo no hyee ase wo January 7, afe 2017.




#Article 218: Kwadwo Baah Agyemang (296 words)


Kwadwo Baah Agyemang (wɔ woo no January da ɛtɔ so 24, afe 1975) ye Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ baguani wɔ mmarahye baguakuoa etɔ so nsia wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan mu, a ogyina hɔ ma Asante Akim Atifi abatoɔ mpɛsoa so wɔ amanyɔkuo New Patriotic Party (N P P) din mu.

Agyemang ye Kristoni a ɔsoom wɔ Asɔre a ɛde Ressurection Power Living Bread Christian Centre. Ɔye ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra mienu.

Wɔ woo Agyemang wɔ January da ɛtɔ so 24, afe 1975 mu. Ofiri kuro a ede Agogo a ewɔ Asante Mantam mu wɔ Ghana. Ɔkɔɔ suapɔn a ede Regent University and Technology a ɛwɔ Nkran ma no nyaa abodin krataa wo adwadie mu wo afe 2012. ɔsan nso kɔɔ Suapɔn a ɛene University of Ghana ma no nyaa abɔdin Krataa a ɛne Diploma wɔ afe 2007 mu. Okura abɔdin krataa foforo a onyaa firii UNITAR a ewɔ Switziland na ne farebae ne Aman Nkabom kuo UN. Okuraa abɔdin krataa a onya firi adesua kuo a ɛne Chartered Institute of Marketing wo United Kingdom ne adeton dawurobɔ ho abɔdin krataa. Kwadwo kura abodin krataa a ɛne MBA a onyaa firii suapɔn a ede Ghana institute of Pablic Administration (GIMPA)

Agyemang ye amanyɔkuo New partriotic Party (N P P) no mu n. Wɔ afe 2012 mu no, ɔkɔpree Asante Akim Atif mmarahye agua no wɔ mmarahyɛ baguakuo a ɛtɔ nsia no mu maa no de mma no mu 14,966 a egyina ho ma ɔha mu nkyekyemu 43.64% dii nkunim. Wɔ afe 2016 mu no, w’ankɔpre mmarahye bagua no biom maa n’ananmusini, Andy Kwame Appiah – Kubi a amanyokuo New Patriotic Party no mu foɔ paw no kogyinae wɔ abatoɔ no mu.

Sesei, kwadwo yɛ titenani ma agodie abadwakuo a ɛne National Sports Authority no.




#Article 219: Kojo Appiah-Kubi (256 words)


Kojo Appiah – Kubi (wɔ woo no June da ɛtɔ so 15, afe 1956) ye Ghanani amanyɔni ne mmarahye baguani wɔ mmarahye bagua a etɔ so nsɔn wɔ Ghana adehyeman a etɔ nnan no mu a ogyina hɔ ma Atwima Kwawoma Abatoɔ mpesoa so wɔ Asante manatam na ogyina wɔ amanyɔkuo New Patriotic Party din mu.

Wɔ woo no June da ɛtɔ so 15, afe 1956. Onyaa abɔdin krataa a ene PhD firii suapɔn a ɛne University of Mainz a ɛwɔ Geramany no wɔ afe 1994 na osuaa ade faa ekɔnomise ne senea wɔhwɛ nnwuma so.

Wɔ woo no June da ɛtɔ so 15, afe 1956. Onyaa abɔdin krataa a ɛne PhD firii suapɔn a ɛne University of Mainz a ɛwɔ Geramany no wɔ afe 1994 na osuaa ade faa ɛkɔnɔmise ne sɛnea wɔhwɛ nnwuma so.

Appiah- Kubi ye mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Atwima Kanwoma abatoɔ mpɛsoa so wɔ mmarahyebaguakuo a ɛtɔ so nnum no mu wɔ Ghana adeyeman a ɛtɔ so nnan no mu.  Wɔpaw no wɔ amanyɔkuo New Patriotic Part din mu wɔ afe 2008 abatoɔ no mu. Onyaa mma a ne dodoɔ yɛ 39,660 no mu 32,367 a egyina hɔ ma ɔha mu nkyekyɛmu 81.6%. Odii Nkunim wɔ Nanan Kwadwo Appiaha ogyinaa wɔ amanyɔkuo National Democratic Congress din mu ne Acquah Evans Fordjour a ogyinaa wɔ amanyɔkuo Reform Party Democrats din mu.  Saa nnipa yi mi biara nyaa mma no mu ɔha mu nkyekyemu 14.93% ne 3.46%.

Na ɔyɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra nnum. Ɔyɛ Kristoni a odi Catholic amammere akyi.




#Article 220: Kwaku Asante-Boateng (313 words)


Kwaku Asante-Boateng (wɔ woo no April da a ɛtɔ so 27, afe 1961) yɛ Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ baguani a wɔ mmarahyɛ baguakuo a ɛtɔ so nsɔn no mu wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu a ogyina hɔ ma Akim Atɔe apatoɔ mpɛsoa so a ɛwɔ Asante Mantam mu na ogyinae wɔ amanyɔkuo New Patriotic Party (N P P) din.

Asante-Boateng was born on 27 April 1961 in Bompata, Asante Akim of Ghana.

Wɔ woo Asante – Boateng wɔ April da a ɛtɔ so 27, afe 1961 wɔ Bompata, Asante Akim wɔ Ghana.

Asante – Boateng nyaa abɛdin krataa wɔ ɛkɔnomise mu firi Suapɔn a ɛde Kwame Nkrumah University of Science and Technology. Ɔsan nso nyaa abɔdin krataa wɔ sɛnea wɔhwɛ nwuma so wɔ Suapon a ɛde GIMPA.

Okura abɔdin krataa a ɛde MBA a onyaa firii suapɔn a ɛde University of Ghana. Ɔbɛyɛɛ mmaranimfo bre a owiee suapɔn a ɛde Ghana School of Law. Onyaa abɔdin krataa a ɛde MGh diploma firii suapon a ɛde Ghana Institute of Survey.

Asante – Boateng yɛ mmaranimfo ne ɔkwankyerɛfo ma adwumakuo a ɛne Property Solutions and Models, Accra and Real Concepts R. Limited. Na ɔye okwankyerefo abediakyire wɔ adwumakuo wɔ beae a wɔhwɛ nsase ho nsɛm so firi afe 1989 kosii afe 1991. Ɔbɛyɛɛ adwumayɛfo maa ɔkwankyerɛfo abediakyire a ɔwɔ ɔman nsiakyibaa adwumakuo a ɛde State Insurance company of Ghana firi afe 1991 kosii afe 2000. One adwumakuo a ɛde Uniliver Ghana Limited yɛɛ adwuma firi afe 2000 kosii afe 2004. Ɔbɛyɛɛ ɔkwankyerɛfo maa adwumakuo a ɛhwɛ adansie so wɔ afe 2004 mu.

Asante boateng yɛ kane mmarahyɛ baguani a ɔka dɔm kɛse no ho wɔ mmarahyɛbaguakuo a ɛtɔ so nsia wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nna no mu. Wɔpaw no se titenani abediakyire wɔ abadwakuo a ehwe adansie ho nsem so ne abadwakuo a ɛhwɛ mmara nsɛm so wɔ mmarahyebadwam. 




#Article 221: 1965 Ghanaian Mmarahyɛbadwa abatoɔ (191 words)


Mmarahyɛ badwa abatoɔ no kɔɔ so wɔ Ghana wɔ afe 1965 mu. Saa bre no, na ɔman yɛ amanyɔkuo baako man, na amanyɔkuo foforo bia nni ho ka manpanyin Kwame Nkrumah amanyɔkuo Conventions Peoples Party (CPP) ɔde ne hyee abatoɔ no mu.

Esiane mmara nsesae a ɛkɔɔ so afe a atwa mu no nti, amanyɔkuo CPP bɛyɛɛ amanyɔkuo baako pe  a mmara ma no kwan sɛ amanyɔkuo. Na eyi ne mmarahyɛbadwa abatoɔ a edikan wɔ 1956 abatoɔ a na saa bre no ɔman nnyaa fahodie no akyi; Nkunimdie a Nkrumahdii wɔ afe 1960 no mu no yɛ nea wɔhuu no sɛ akwanya foforo a wa’nya afriri ne manfo no ho maa wɔtwee mmarahyɛ kuo mmere kɔɔ anim mfie nnum.

Esiane sɛ na Ghana abɛyɛ amanyɔkuo baako man nti, mmarahyɛ baguafo 198 a wɔpaw wɔn no nyinaa yɛ wɔn a wogyina wɔ amanyɔkuo CPP din a obiara ne wɔn ampere ho.

Nkrumah aban no baa awie wɔ abantuguo a ɛkɔɔ so wɔ February afe 1966 maa amanyɔkuo CPP gui maa wɔtwe ɔmammara no sesɛn. Amanyɔkuodɔm amanyɔsɛm yɛ nea wɔ san di sii wɔ abatoɔ a edi eyi anim wɔ afe 1969 mu.




#Article 222: 1960 Manpanyin abatoɔ (157 words)


Manpanyin Abatoo kɔɔ so nea edikan wɔ Ghana wɔ April da a edikan, afe 1960 mu. Abatoɔ no kɔɔ so bre a na abatoɔ foforo a ɛfa manpanyin Nhyehyɛe no nso rekɔ so no. Nea obedi nkunim no bɛyɛ manpanyin sɛ wɔgye adehyeman ɔmanmmara a na wɔpe se wɔde di dwuma no tom (na wɔgyee tom)

Na dibeaperefo mienu na wɔkɔɔ abatoɔ no mu a wɔn ne

Bre Nkrumah dii Nkunim wo abatoɔ no mu na wɔgyee ɔmanmmara foforo no too mu akyi no, wɔ paa Nkrumah ntoma wɔ July a edikan wɔ afe 1960 mu ma no behyɛɛ William Hare a na ɔyɛ ɔman kandifo anan mu. Wɔde Danquah too afie wɔ mmara a ɛne Preventive Detention Act, nanso odii afe baako wɔ hɔ. Bre woyii no akyi no, wɔpaw no sɛ kandifo maa Ghana mmaranim kuo a ɛne Ghana Bar Association. Wɔ san de no too afiase biom wo afe 1964 maa no wɔ afiase. 




#Article 223: Hawa Yakubu (324 words)


Hawa Yakubu Ogede (Wɔ woo no wɔ March da ɛto so 24, afe 1948, owui March da ɛtɔ 9, afe 2007) yɛ kane Ghanani amnyɔni. Na ɔyɛ mmarahyɛ baguani wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu na na a ɔyɛ soafo a ɔhwɛ nsrahwɛ so.

Wɔ woo Hawa Yakubu wɔ Trakwa a ewɔ Atɔe Mantam mu wɔ Ghana. Ne kuro mu din de Pusiga a ɛwɔ Atifi apuei Mantam.

Hawa Yakubu ye abusuakuo a ɛde Bisa mu ni na oka won a wɔhyehyɛɛ afehyɛ a w’ato Zekula afahyɛ no.

Owui wɔ London a ɛwɔ England bre a onyaa kokoram yaree no.

Wɔ afe 1979, wɔpaw no maa no kogyina wɔ ne manfo anan mu wɔ mmarahyɛ bagua a ɛboa maa wɔkyerɛw Ghana ɔmanmara no wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so miɛnsa. Yakubu guanee kɔɔ London ne Nigeria bre a aban tuguo no baa wɔ afe 1981, maa no tenaa London kosii afe 1991. Wɔ saa afe no mu, Yakubu san n’akyi baa Ghana maa no kɔpree mmarahyɛ bagua no wɔ Bawku mansin no, odii nkunim ɛmfa ho sɛ ɔperee sɛ kwantenkorɔ no. Odii nkuguo akyire wɔ kwan ntease nnim ma noo tuu kwan kɔɔ Cotonou a ɛwɔ Benin kosii afe afe 2000 mu. Wɔ afe 2000 mu no, ɔsan n’akyi baa Ghana maa no begyee agua no biom. Wɔ afe 2001 ne 2002 mu no, manpanyin John Kufour paw no se Soafo a ɔhwe nsrahwe so. Ɔsan nso soom wɔ saa bre koro no ara mu sɛ ananmusifo wɔ Economic Community of West African States (ECOWAS) mmarahyɛ bagua no mu. Yakubu dii nkuguo wɔ afe 2004 mu. Bre a owui wɔ afe 2007 mu no, na amaneɛbɔ kyere sɛ w’anaya kokoram nan a ogye ayaresa wɔ London ne South Africa.

Ogyaa mmɔfra miɛnsa a wɔn ne Derek Ayebo a ɔwoo no wɔ n’awaree a edikan no mu, ne Amanda ne Didi a ɔwoo wɔn wɔ n’awaree a ɛtɔ so miɛnu no mu.




#Article 224: Cletus Avoka (287 words)


Cletus Apul Avoka ye mmaranimfo, Ghanani amanyɔni ne mmarahyɛ baguani wɔ mmarahyɛ baguanui a ogyina hɔ ma Zebella Apuei fam abatoɔ mpɛsoa so a ɛwɔ Atifi Apuie mu wɔ Ghana. Na ɔyɛ kandifo ma dɔm kumaa no wɔ mmarahyɛ bagua mu wɔ ne bre so na afei, na ɔyɛ Soafo a ɔhwɛ Afisem so ne Soafo a ɔhwɛ Nsase ne Kwae so.

Wɔ woo Cletus wɔ November da ɛtɔ so 30 afe 1951 mu. Ofiri kuro a ɛde Teshie a eben Zebilla a ɛwɔ Atifi Apuei Mantam mu. Owiee Sukuu wɔ suapɔn a ɛde University of Ghana ma no nyaa abɔdin krataa a ɛne L.L.B wɔ afe 1976. Ɔsan nso kɔɔ mmaranimfo sukuu a ɛne Ghana School of Law ma no nyaa abodin krataa wɔ mmaranim wɔ afe 1978.

Cletus ye Catholicni na ɔyɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra nnan.

Wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 2012 no akyi no, Benjamin Kumbour besii n’anan mu wɔ mmarahyɛ baguako a ɛtɔ nsia wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no sɛ dɔm kɛse no kandifo. Na ɔyɛ soafo a ɔhwɛ afisɛm so wɔ amanyokuo National Democratic Congress no aban a John Evans Atta Mills ye mu Manpoanyin no mu kosii afe 2010 mu. Soafo adwuma a edikan a onyae no yɛ nea kane manpanyin Jerry Rawlings paw no sɛ Soafoa ohwe Nsase ne Kwae so. ɔye kane mmarahyɛ baguani a ogyina ho ma Bawku Atɔe abatoɔ mpɛsoa so a ɛwɔ Atifi Apuei Mantam mu wɔ Ghana firi afe 1993 kosii afe 2005. Wɔ afe 2018 mmarahyebaguo aba a ekoo so no mu no, osan kɔɔ mmarahyɛ baguam ne mpɛsoa sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Zebilla abatoɔ mpɛsoa so maa no hyɛ n’adwuma ase wɔ Januray 2009.




#Article 225: Ghana Congress Party amanyɔkuo (136 words)


Ghana Congress Party amanyɔ kuo yɛ nea wɔhyɛhyɛɛ no wɔ May, afe 1952 mu a ne farebae ne Kofi Busia a ɔsan nso yɛ ne kandifo.  Wɔn a wɔkabom hyehyɛɛ amanyɔkuo no ne kane amanyɔkuo Convention People’s Party mu fo a w’ate wɔn ho, kane amanyɔkuo United Gold Coast Conventions (UGCC) mu fo a w’ate wɔn ho ne amanyɔkuo a ɛne National Democratic Party a edii nkuguo pɔtɔɔ wɔ afe 1951 abatoɔ no mu, na egui no. Amanyɔkuo hyɛɛ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 1954 no mu, ma wonyaa nkonnwa a ne dodoɔ a ɛyɛ 104 no mu baako. Na amanyɔkuo UGCC no gyina hɔ maa ahenfo ne wɔn a wɔn nhomsua kɔɔ anim

Wɔ abatoɔ a ɛkɔɔ so wɔ afe 1954 no akyi no, Busia ne afoforo de wɔn ho kɔdɔɔm National Liberation Movements.




#Article 226: United Gold Coast Convention amanyɔkuo (385 words)


United Gold Coast Convention (UGCC) yɛ kane amnyɔkuo a na won botae ne sɛ wɔbenya fahodie afiri abrofo aban ho ama Ghana wɔ Wiase nyinaa ko a ɛtɔ so II no akyi. United Gold Coast Convention (UGCC) paw akandifo a wɔn mu baako ne Kwame Nkrumah a na ɔyɛ wɔn kyerɛwfo. Nanso, wɔkyere Kwame Nkrumah too afiase bre a wɔkekaa nsɛm faa n’amambuo ho. Npaepaemu baa UGCC akandifo no mu maa Nkrumah faa ne kwan kɔtee amanyɔkuo a ɛde Conventions People’s Party amanyokuo (CPP) a ne botae ne sɛ ɔde benya fahodie amambuo.

IWɔ 1940 mu no, Afrika adwdifo a wɔn mu bi ne George Alfred Grant (Paa Grant) yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔde sika beboa amanyɔkuo biara a ebetumi aka wɔn asɛm ama wɔn esiane asisie a abrɔfo no de
ba wɔn so n nti. Amanyɔkuo no hyehyɛfoo ne J.B Danquah wɔ August da ɛtɔ so 4, afe 1947 a ahenfo, nhomanimfo ne mmaranimfo ka ne ho, wɔn mu mu bi ne R.A Awoonor – Williams, Robert Samuel Blay, Edward Akuffo – Addo ne Emmanuel Obetsebi Lamptey
Wɔ December da ɛtɔ so 10, afe1947 mu no, Kwame Nkrumah san n’akyi kɔgyee pene sɛ ɔkyerɛwfo maa amanyɔkuo a ɛne UGCC. Kuo a w’ato din ‘’the Big Six’’ no mu ni baako a ɔne Ebenezer Ako – Adjei kanfoo kyeree sɛ wɔn nto nsa mfrɛ Nkrumah a ohiaa no wɔ suapɔn a ɛne Lincoln University. Wɔyɛɛ sɛ Nkrumah akatua bɛyɛ £250 maa Paa Grant tuaa ɛpo so yhɛn a ɛfaa no firii Liverpool baa Ghana. Danquah ne Nkrumah nyaa akasakasa fa ɔkwan a wɔye se wɔbefa so anya fohodie no maa won ntam tetee mfie mienu akyi.  Nkrumah kɔtee amanyɔkuo a ɛne Conventions People’s Party na ɔnam so bɛyɛɛ manpanyin a odiakan wo Ghana. Nkrumah ne n’amanyokuo no mu fo yɛ nyiamu wo Saltpond, kuro a ɛwɔ Mfinfin manatm mu. Amaneɛbɔ kyerɛ sɛ, Nkrumah poo tirimpɔ a ɛne sɛ wɔbɛhwɛ ama nnipa fahodie akɔ nkan no.

Abatoɔ a ɛkɔɔ so afe 1951 no ankɔ yiyie amma UGCC maa wodii nkunim wɔ nkonnwa miɛnsa mu. Wɔ afe a edi hɔ no mu no, UGCC ne amnyɔkuo National Democratic Party no kaa wɔn ho boom maa CPP amanyɔkuo no mu fo a w’ate wɔn ho nso de wɔn h bɔɔ wɔn tee amanyɔkuo a ɛne Ghana Congress Paty.




#Article 227: Emmanuel Obetsebi-Lamptey (562 words)


Emmanuel Odarkwei Obetsebi-Lamptey (April da ɛtɔ so 26, afe 1902 – Janaury da ɛtɔ 29, afe 1963) yɛ kane amanyɔsɛm mu nkankoro prefo a wɔ British amanmuo ase wɔ Gold Coast. Ɔka won a wɔhyehyɛɛ ɔman Ghana na afei nso ɔyɛ amanyɔkuo United Gold Coast Convention (UGCC) ahyehyɛfo ne akandifo a w’ato wɔn din ;’’The Big Six” no mu baako. Ne ba ne amanyɔkuo NPP amanyɔni a ɔde Jake Obetsebi-Lamptey.

Wɔ woo no wɔ April da ɛtɔ so 26, afe 1902 mu wɔ Ga akura a ɛbɛn Ode a ɛyɛ Nkran Borɔno no so. Ne papa din de Jacob Mills-Lamptey a ɔyɛ dwadini, na ne maa din de Victoria Ayeley Tetteh. N’agya ba ne Gottieb Ababio Adom (1904-1979) a na oye nhomsua mu kunini, nsɛmkyerɛwfo, kowaakrata mu saamufo ne Presby Sɔfo a ɔsoom sɛ kowaakrata mu saamufo maa adwumakuo a ɛne Christian Messenger, kowaakrata a ɛyɛ Presbi Asore no dee firi afe 1966 kosii afe 1970.Obetsebi koo sukuu wɔ Accra Wesleyan School, ne Kv. Boys school, ofirii ho kɔɔ Royal School wɔ afe 1921 maa no kowie wo nea yɛfrɛ no elementary, bre a owie no, A. J Ocansey a ɔyɛ adetɔnfo no paw no sɛ ne kywerewfo wɔ Ada, a ɛbɛn Frao nsuo no ano pee. Wɔ afe 1923 mu no, Obetse Lamptey twaa nsohwɛ a ɛne Civil Service no maa no bɛyɛ ɔkyerɛwfo wɔ adwumakuo a ɛne Customs and Excise Department. ɔyɛɛ adwumaa wɔ nkran kosii afe 1930, ne koradi kosii afe 1934 bre a otuu kwan kɔɔ United Kingdom kosuaa mmaranim.

Owie suapɔn maa onyaa mmaranim abɔdin krataa a ɛne LLb, na wɔfrɛɛ no kaa amanɔne mmaranimkuo a ɛde English Bar no kɔɔ Temple in wɔ afe1939. Bre a wiase ko a ɛtɔ so II (1939 – 1945) ahyɛ ase no, na ɔtenaa England yɛɛ adwuma, na ɔde ne ho hyɛɛ asuafo amanyɔsɛm ahorɔw mu, maa wɔtew atua tia abrofo aban no

Emmanuel Obetsi-Lamptey dikan waree Ducthni baa a ne din de Magaretha maa ɔne no woo Jake Obetesbi Lamptey, a ɔyɛ amanyɔkuo New Patriotic Party mu ni, TV so ne Radio so dwumayɛni ne nwuma mu dawurobɔ adwumayɛni.

Obetsi-Lamptey waree nkranni baa a ne din de Augustina Akuorko December da ɛtɔ so 17 afe 1923 – November da ɛtɔ so 14 afe 2019), a ɔyɛ William Charles Coffie ne Irene Odarcore mma ntafoɔ no mu kumaa. ɔka wɔn a wɔhehyɛɛ kuo a ɛde Gold Coast Women’s Assocition na afe na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ sukuu a ɛde Accra Methodist Girls Sukuu firi afe 1947 kosii afe 1953 mu. Wɔ afe 1970 mu .wɔpaw no sɛ Ghana ananmusifo a ɔwɔ Liberia. Wɔ Nkran man mu no, na ɔyɛ adɔe wɔ afaise a mmaa gu. Obetsebi – Lamptey ne Coffie woo mmɔfra mienu a wɔn ne Nah –Ayele ne Nii Lante.

Wɔde ne din ato kwantenpɔn a ɛwo nkran borɔno a ɛde Ring Road no so. Nea wɔde kae Emmanuel paa ne ananmontuo a ɔboa maa ɔne ‘’The Big Six’’ no tui maa Ghana. Sɛ United Gold Coast Convention (UGCC) kandifo no, nsakrae baa mmeae pii mu a ebi ne amanyɔsɛm mu, na oka ho maa wopaa Ghana fohodie ho ntoma wo afe 1957 mu. Wɔde aboɔ adwom ɔne ‘’The Big Six’’ no mfoni wɔ meae ahorɔw wɔ Ghana man mu. Wɔka ne ho nsɛm wɔ abokɔsɛm nhoma ahorɔw mu wɔ Ghana ama nnipa nyinaa ahu nea otumi yɛɛ maa Ghana.




#Article 228: Nana Abu Bonsra (245 words)


Nana Abu Bonsra yɛ Ghanani amanyɔni a ɔsoom sɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Fomena abatoɔ mpɛsoa so.

Wɔ woo Nana wɔ March da ɛtɔ 17 afe 1957 mu. Ofiri kuro a ɛde Dompoase a ɛwɔ Asante Mantam mu wɔ Ghana. Ɔkɔɔ suapɔn a ɛde Kwame Nkrumah University of Science and Technology maa no nyaa abɔdin nkrataa wɔ afe 1981 mu. Ɔtoa n’adesua no so wɔ saa Suapɔn koro no ara mu maa no nyaa abɔdin krataa a ene PhD wɔ afe 1985 mu.

N’adwuma a ɔyɛ ne nkosodwuma hyehyɛfo. Ɔsan nso yɛ adansie mu nimdefo ne nsase ho nsɛmsohwɛfo.

Ɔyɛ amanyɔkuo New Partriotic Party no mu ni. Na ɔyɛ mmarahyɛ baguani a ogyina hɔ ma Fomena batoɔ mpɛsoa so a ɛwɔ Asante Mantam mu wɔ Ghana, wɔ mmarahyɛ baguakuo a ɛtɔ so nnum wɔ Ghana adehyeman a ɛtɔ so nnan no mu. Onyaa mma a ne dodoɔ yɛ 16,650 no mu 11,787 a egyina hɔ ma oha mu nkyekyɛmu 70.8%. Wɔn a odii wɔn so nkunim no ne Samuel Pinkra a ogyinaa wɔ National Democratic Congress amanyɔkuo no din mu, Augustine Kofi Tieku a ogyinaa wɔ amanyɔkuo Democratic People’s Party din mu  ne James Kobina Seotah a ogyina wɔ Convention People’s Party amnyɔkuo no din mu. Wɔn biara nyaa mma no mu ɔha mu nkyekyɛmu 20.60%, 0.46% ne 8.14% wɔ Ghana abatoɔ a ekɔɔ so wɔ afe 2008 no mu wɔ Fomena Abatoɔ mpɛsoa so

Bonsra yɛ Kristoni a ɔsoom wɔ Methodist asɔre.




#Article 229: Elizabeth Adjei (236 words)


Elizabeth Adjei yɛ Ghanani amanaman ananmusifo. Wo ɛbɔ  bosome  afe 2002, wɔpaw no sɛ ɔkwankyerɛfo ma adwumakuo a ɛne Ghana Immigration service, na eyi maa no bɛyɛ obaa a odikan a w’anya saa dibea no. Mprenpren , osom se sɛ Ghana ananmusini a ɔwɔ Spain, okuraa saa dibea fifirii afe 2015 mu.

Wɔ woo Adjei wɔ Ghana. Ɔkɔɔ ntoaso sukuu wɔ Archbishop Porter Girls' Secondary School a ɛwɔ Takoradi ne St. Louis Senior High Sukuu a ɛwɔ Kumasi.  Otoaa so kɔɔ Suapɔn a ɛne Kwame Nkrumah University of Science and Technology (KNUST) maa no nyaa abɔdin krataa. Okura abɔdin krataa foforo a onyaa firii suapɔn a ɛde Cornel University a ɛwɔ New York. Okura adansidie krataa a onyaa firii Suapɔn a ɛde Ghana Institute of Public Administration na afei, abɔdin krataa a ɛfa French Kasa ho a onyaa firii suapon a ɛde University of Benin.

Owie Suapɔn no, Adjei kɔyɛɛ ɔman somfo adwuma wɔ adwumakuo a ɛde Ghana Immigration service, na ɔyɛ adwuma sɛ okwankyerɛfo abediakyire. Wɔfaa no wɔ saa adwuma koro no ara mu wɔ afe 1988 sɛ ɔhwɛfo panyin abediakyire. Wɔ afe 2002 mu no, wɔpaw no sɛ ɔbaa a odikan sɛ ɔkwankyerɛfo a ɔda adwumakuo a ɛde Ghana Imgration Service ano, okuraa dibea yi mu kosii afe 2011

Wɔpaw no sɛ Ghana anamusini a ɔwɔ Spain wɔ afe 2015 mu, dibea a okura de besi nne

Adjei yɛ ɔwarefo a ɔwɔ mmɔfra miensa.




#Article 230: Asuo Tano (126 words)


Tano anaa Asuo Tanoé  yɛ asubonten wɔ Ghana. ɛtene bɛyɛ kilomita 400 firi Techiman a ɛwɔ Ghana de kogu Ehy baka, Tendo baka na afei Aby baka a ɛwɔ Ivory Cost no mu, na efiri hɔ kɔ Atlantic ɛpokɛse no mu. Asubɔnten no yɛ hyɛɛ a ɛda Ghana ne Ivory Coast ntam.

Bonofo gyedie ne atetesɛm kyere sɛ Taakora  a ɛyɛ Bonofo abosom kunini a ɔwɔ asase so no te Nasubonten no tire no ho.

Nkontrofi a  wɔn ase ahyɛ a wɔn din de  (Piliocolobus badius waldronae) no mpanyinfo no yɛ nea wogyedi sɛ wɔ tete nsuo no ne Ehy baka no ntam. wo afe 2008 no mfinfin mu no, adwumakouo a ɛde Unilever wɔn adwene sɛ wobebu nnua a ɛwɔ hɔ no na w'adua mmenua




#Article 231: Ofin Asubɔnten (106 words)


 Ofin Asubonten  yɛ ne a ɛtene fa atifi - atɔe fam wɔ Ghana. ɛtene kofa Tano Ofin kwae brentuo a w'akora no wɔ Atwima Mponua mansin no mu wɔ Ghana .

Ofin asasetam no yɛ bɛyɛ meta 90. Ofin no yɛ nea  ɛwɔ mmɔnka a emu do bɛyɛ meta 12-15, na ebunka faso wɔ saa beae.

Ofin ne Pra Asubonten no yɛ nea ɛto ɛhyɛɛ fa Ghana Asante Mantam ne Mfinfin mantam no mu.  Dunkua-on-Offin ye kuro titriw a ɛwɔ nsuo no so.

Wotu sika kɔkɔɔ wɔ nsuo nkyen mu pee

Nsumnam soronko bi ɛwɔ nsuo no mu bi ne  agboyiensis, adwen soronko bi ehome mframa.




#Article 232: Kalybos (198 words)


Kalybos yɛ siniyɛdin ma Richard Kweku Asante, a ɔyɛ sinitwani na afei ɔyɛ no ankasa adwuma. Sini a ɔde hyɛɛ ne siniyɛ ase afe 2012 mu no ne nsɛmkwaa sini asiniasini a yɛfrɛ no Boys Kasa.

Richard Asante a wɔtaa frɛ no Kalybos no yɛ Ghanani siniyɛni ne nsɛmkwaayini a ɔnam nsɛmkwaasini asiniasini Boys Kasa so ma yɛhunuu no. Afe 2017 mu no ɔne ne yɔnko siniyɛninimpɔn wɔ Boys Kasa sini yi mu, Patricia Opoku Agyeman nyaa Black British Entertainment abasobɔdeɛ wɔ London. Wayɛ siniyɛnimpɔn wɔ Ghana agyeatomu sini bebree mu, a ebi ne Kalybos in China ne Amakye and Dede

Kalybos yɛ Owura Peter Owusu Mensah ne Madam Felicia Owusu ba a wɔwoo no Oforisuo da 27, 1988. Ɔhyɛɛ n’adesua ase wɔ De-youngsters International ne St. Anthony’s Preparatory sukuu a ɛwɔ Accra, na ɔtoaa so kɔsuaa Building Technology wɔ Suhum Secondary Technical School. Ɔwieeɛ no ɔkɔtoaa so wɔ National Film and Television Institute (NAFTI). Kalybos wie nyaa ne sukuupɔn adansekrataa  wɔ Cinematography mu sane nyaa abasobɔdeɛ sɛ NAFTI adesuani a ɔdi mu.  

Wayɛ siniyɛnimpɔn wɔ sini bebree mu a ebi ne:

Conan Without Boarders: Ghana ne Conan O'Brien wɔ 2019 mu no nso na ɔka ho.




#Article 233: Year of Return, Ghana 2019 (324 words)


Year of Return, Ghana 2019 yɛ  Ghana aban ne Adinkra kuo a ɛwɔ Amerika na akabom yɛeɛ, a ne botae ne sɛ ɛbɛhyɛ abibifoɔ a ɛwɔ amanɔne nkuran ama wɔasan aba wɔn nkyi Africa (Ghana titiriw) abɛtena na wɔabɛbuebue nnwuma nso. Ɔmanpanin Nana Akufo-Addo na ɔkɔdaa nadi 2018 wɔ Washington, sɛdeɛ ɛbɛyɛ na amanɔne Abibifoɔ ne Afrikafoɔ bɛnya nkabomu. Afe 2019 nkaeɛ afe ma mfe ahanan a wɔde Afrika nkoa dii kan kɔɔ America asaase so wɔ Jamestown ne Virginia. Dwumadie yi nso kyerɛ yɛn ani a ɛsɔ amanɔne abibifoɔ mɔdemmɔ ne wɔn kankɔ wɔ saa berɛ yi mu. Ghana Tourism Authority ne Ministry of Tourism, Arts and Culture nso ahyehyɛ dwumadie ahodoɔ de rehyɛ Abibifoɔ a yɛnnhinhim suban no kutupa. Afrika Amerikafoɔ bebree nso dii nkɔmɔ faa wɔn Ghana nsra ne wɔn suahunu saa berɛ yi.

Jackson Lee kaa saa dwumadie yi bɔɔ African American History Commission Act a wchyehyɛɛ no Congress afe 2017 mu no ho. Amerika siniyini Michael Jai White bɛsraa Ghana afe 2018 awieɛ hɔnom. Amanɔne Afrkafoɔ a wɔfiri aman aduanan ne akyire mu ka wɔn a wɔba bɛdii Full Circle Festival no bi. Ebinom nso ne

Akwamuhene Odeneho Kwafo Akoto III, Akwamumanhene sii Jai White ɔhene berɛ a ɔbaaɛ no, maa no din Nana Oduapɔn. Ɔhene White akondwadin no aseɛ ne sɛ Dua a ne nhini mu yɛ den nti ɛnsuro mframa. 

Yɛrehwɛ anim sɛ ebeduru afe yi awieɛ no na nsrahwɛfoɔ, atitire, amanaman mu amanyɔfoɔ ne akandifoɔ bɛyɛ ɔpepem 1.5 aba ɔman yi mu ama yɛanya sika bɛyɛ ɔpepepem $1.9 afiri Year of Return dwumadie no mu. Nsrahwɛ fa no nso kɔɔ anim paa kɔsii 18% wɔ Amerikafoɔ, Britainfoɔ, Carribeanfoɔ ne amantitire bi a  wɔbaaɛ. Ɛna yɛnyaa ntomu 45% wɔ nsrahwɛfoɔ a wɔfaa wiemhyɛn gyinabea hɔ afe afe no mu.

Yɛabu no sɛ ankorɛnkorɛ nsrahwɛfoɔ sikayie nso kɔɔ anim ara firii $1,862 wɔ 2017 mu kɔɔ seisei $2,589, a ɛbɛma ɔman sikasɛm wɔ nsrahwɛmu no abɛyɛ ɔpepepem $1.9.                                                                                  




#Article 234: Ablade Glover (402 words)


Ablade Glover (wƆ woo no1934) Ɔyɛ Ghananin mfonyɛni ne kyerɛkyerɛnin. Wayɛ oyikyerɛ wɔ mmeaɛ ahodoɔ mfeɛ pii ama amansan ate no nka, ɛna ɔsan nso ayɛ osuakyerɛnin titire wɔ Afrika Atɔɛ ha. Ne nnwuma wɔ ankorankorɛ ne aban mmeaɛ akɛseɛ pii, a ebi ne Imperial Palace of Japan, UNESCO atenaɛpɔn wɔ Paris Chicago ne O'Hare International Airport. Wanya efie ne amanɔne abasobɔ bebree a ebi ne Ghana ha yi Order of the Volta, ɛna ɔyɛ Life Fellow of the Royal Soceity of Arts, wɔ London. Nkɔsi 1994 no na wayɛ Associate Professor ne Head of Department of Art Education ne Dean wɔ College of Art a ɛwɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology mu.

Yɛwoo no Accra (Nkran) wɔ Gold Coast (a ɛde Ghana nnɛ yi), ɛna ɔnyaa akyerɛkyerɛfoɔ nteteɛ wɔ Kwame Nkrumah University of Science and Technology (1957-58) mu, ansa na onyaa adesuammoa kɔsuaa ntomayɔ wɔ London's School of Art and Design (1959-62). Ɔsan baa Ghana bɛkyerɛɛ adeɛ kakra na ɔsan nyaa adesuammoa a Kwame Nkrumah na ɔde ma no bi de kɔɔ University of New Castle upon Tyne (1964-65) de kosuaa Art Education., Ɛhɔ na ne kyerɛkyerɛni  maa no adwene ma ɔde adwini atere sii brɔsh ananmu yɛɛ ne nnwuma ma no bɛyɛɛ soronko. Glover kɔtoaa nadesua so wɔ Kent State University wɔ Amerika nyaa ne sukuupɔn adesuakrataa a ɛtɔ so mienu. Ofiri hɔ no na ɔkɔɔ Ohio State University kɔnyaa Ph.D. abɔdin (1974). 

Ɔnyaa okunini abɔdin wieɛ na ɔsan baa Ghana na ɔbɛkyerɛɛ adeɛ mfe aduonu wɔ College of Art wɔ Kumasi University mu mfeɛ aduonu yɛɛ Department Head ne College Dean.

ɔkwan

Glover adwumasu akɔyɛ sɛdeɛ edi ahim wɔ kann ne adwenemudeɛ ntɛm, na deɛ ɔtaa yɛ ne mfonin no bi fa nnoɔma te sɛ kurom abɔnten a ɛtrɛ, ɛhyɛn gyinabea, gɛto, edwa a aba, ne Ghana mmaa tebea. Yɛbisaa no deɛ ɛkanyan n'adwuma no, ne mmuaɛ ni: ... wohwɛ a wohunu mmaa pii wɔ me mfoniyɛ mu, na nipa taa abisa me deɛ ɛma me drɔɔ mmaa pii saa? Da a wɔdi kan bisaa me no, me mmuaɛ a mannwen ho po ne sɛ, mmaa ho yɛ fɛ sene mmarima. Ɛno nnyɛ asɛmhia mmuaɛ. Meredwen ho akyire no na epusuu me sɛ wɔn wɔ aniɛden. Afrika mmaa wɔ aniɛden bi, na wɔmfa nsie. Sɛ wɔnam abɔnten so a ɛyɛ fɛ. Wɔn yɛ aniɛdenfoɔ wɔn wɔ akokoduro. Wɔnam a wɔkyerɛ saa nso. Mmarima nnyɛ saa, anaa wɔyɛ?




#Article 235: Abraham Attah (113 words)


Abraham Nii Attah (wƆ woo no July 2001) yɛ Ghananin siniyɛni a ɔte Amerika yɛ sini san sua adeɛ . Ɔyɛ Ga-Damgbenin, nnipa yi wɔ Greater Region a ɛwɔ Ghana mu. Ne sinimu a ɔdii kan yɛɛ bi no ne Beast of No Nation (2015). Ne sinikandie wɔ child soldier, Agu Attah nyaa  Marcello Mastroianni Award for Best Young Actor wɔ 72nd Venice International Film Festival. Wɔyɛɛ no dwumadie bɔfoɔ maa Ghana Free Education Policy no berɛ a na wama yɛde ne mfonini adi kan abɔ ho dawuro.

Afe 2017 mu no, ɔyɛɛ Marvel Studio sini Spider-Man: Homecoming no bi. Wakɔka Shane Carruth sini a ɛtɔ so miɛnsa, The Modern Ocean. no ho.




#Article 236: Vincent Kwabena Damuah (376 words)


Reverend Father Dr. Vincent Kwabena Damuah ( Oforisuo1930 – Ɔsanaa 1992) yɛ  Catholic ɔsɔfoɔ , nyamesɛm nimdefoɔ  ne ɔmanyɔnin wɔ Ghana. Na ɔka Provisional National Defence Council (PNDC) aban no ho, ɔyɛ  kɔfabaaɛ  ma Afrikania Mission asɔre no, a na wɔfrɛ no Ɔsɔfo-kɔmfoɔ Damuah. Dr Damuah nyaa  Ph.D. abɔdin wɔ African Studies mu Ph.D. firii Howard University, afe 1971 mu. Ɔno ne Catholic obibinin sɔfoɔ a odi kan gyaee asɔre san n’akyi baa abosomsom mu na afei nso ɔboa twerɛɛ nwoma maa saa som yi  na ɔtoo ne din EDU. Ɛno nti ɔno na ɔhyɛɛ ekuo a wɔfrɛ no Afrikania Mission a ahyeta wɔ South Africa titiriw no ase; ma no yɛɛ opeemu wɔ Afrika nyamesom fawohodie mu nso.

Rev. Father Damuah yɛɛ Roman Catholic sɔfoɔ firi 1957 kɔsi 1982. Ɔyɛɛ Consultant of Afro-American Affairs pɛn wɔ Pittsburg diocese a ɛwɔ Amerika. Ɔsan baa Ghana 1976. Ne ho a ɔde bataa PNDC nti. Ɔpɛimaa 1982 mu na ɔtee ne som Afrikania Mission, ɔsomkuo a wɔfoa abosomsom so.

Wɔkyeree Rev. Damuah too mu wɔ Nkrumah berɛ so sɛ wabɔ Convention People’s Party (CPP) aban akyi sɛ wɔampam Bishop Reginald Richard Roseveare a na ɔyɛ Accra Anglican bishop kɔ ne kurom.  Archbishop John Kodjo Amissah, a na ɔyɛ Cape Coast Catholic bishop na ɔde n’ano too mu ma wɔgyae Rev Damuah. Armed Forces Revolutionary Council (AFRC) abosome nnan ɔmambuo berɛ wɔ 1979 mu no, na amanfoɔ de wɔn ano sii no so sɛ ɔgye nnipakum a na ɛrekɔso no tomu; wɔ berɛ a na Christan Council of Ghana mpene so. Na amanpanin mmiɛnsa nso ka wɔn a wɔkum wɔn no ho. Na ɔtwerɛɛ biribi sɛyi faa ho:

Ɛnnyɛ  sɛ yɛtan wɔn a yɛreku wɔn no, na yɛdɔ yɛn man dodo. Ɛdeɛn ne akekakeka fa nnipakum ho yi? Megyedi sɛ AFRC wɔ tumi sɛ wɔde kumfɔ bɛyɛ adwuma de apɛ ɔman no yie. Yɛrebɔ anidaso mpaeɛ mmom sɛ wɔn a ɛbɛdi fɔ no rennɔɔso.  Kristo wu asɛndua no so de gyee amansan. Yɛbɔ anidaso mpaeɛ nso sɛ wɔn a ɛsɛ sɛ owu no bɛgye atomu saa na wɔde akokoduro ne  nyamesuro agye Ghana.

Wɔde Rev. Damuah yɛɛ PNDC badwanin Ɔpɛpɔn 2, 1982, ɛmaa Catholic Church no bɔɔ no sensɛneɛ. Ɛrekɔ 1982 awieɛ no ono ara firii ɔmanbuo no mu..




#Article 237: Komfo Anokye (552 words)


Okomfo Anokye (c.1655-c.1717?/c.1719) yɛ Asanteman ɔkɔmfoɔ a ɔdi kan, na yɛnim no nso sɛ obi a ɔboaɛ wɔ Asante mantam 

Ɔwoo Ɔkɔmfo Anokye wɔ Ghana afe 1655 wɔ Akuapeman mu. N'awofoɔ de Ano ne Yaa Anobea a wɔfiri Awukugua a ɛbɔ Okereman nifa. Deɛ edidi soɔ yi kyerɛ deɛ ɛsiiɛ ma ɔnyaa ne din no:

Wɔkyerɛ sɛ, ɔrewo no Awukugua no na ɔkuta akyɛdeɛ firi nananom hɔ; ɔkuta  abaduaba wɔ ne nsa baako mu na baako no nso kuta podua tiatia fufuo bi. Na wamua ne nsamu no dendene paa a obiara ntumi mbue.

Akyire no, Otumfoɔ Osei Tutu II bɛdii saa asɛm yi ho adanseɛ berɛ a ɔkɔsraa Awukugua wɔ afe 2014 mu.

Berɛ a Osei Tutu I dii Kumaseman adeɛ c.1695 berɛmu (yennim berɛ ankasa a ɔde no sii so deɛ, nanso 1695 deɛ na osi so) no na ɔdi Akanman nketewa a ɛhyehyɛ kwaeɛ a atwa Kumasi ho ahyia no anim. Ɛsane sɛ na wɔwɔ ɔkoboa apam bi awɔahyehyɛ no dada. Anokye na ɔbɛyɛɛ Nana fotufoɔ ne ne kɔmfopanin. Tutu ne Anokye nkabɔmu no ma ɔman ntrɛmu a na ahenfo a adi kan de asi wɔn ani so no kɔɔ so. Wɔ ne atanfoɔ ahoɔdenfoɔ te sɛ Akan Dɔmaa wɔ atifi ne Denkyira wɔ anaafo de bɔɔ so dii nkonim.

Asantefoɔ abakɔsɛmu nimdefoɔ taa ka sɛ Asantefoɔ yɛ kane tete Gana man a na wɔdi ntɔkwatumi no asefoɔ. Ɛdin no na Kwame Nkrumah de too nnɛ Ghana no. Asantefoɔ tumi dii Ghana fa kɛse so berɛ a wotumi tuu wɔn asaasewura ahoɔdenfoɔ Denkyira guuɛ no. Ɔkɔmfo Anokye yɛ ɔkɔmfoɔ mapa a wɔboaa ne yɔnko yi ma ne botaɛ sɛ ɔbɛka ne nnipa abɔmu no baa mu. Yɛse Anokye de afena wɔɔ fɔm wɔ Asante mfinimfini hɔ a abrɔfo yɛɛ ho biara de mfidie nyinaa kaa ho, nanso wɔantumi antu mfeɛ 500 ni. [ɛho adanseɛ hia] Asante ka mmeaɛ kakraa bi wɔ Afrika atɔɛ a wɔtumi dii Englesi abrɔfo so nkonim pɛn wɔ ntɔkwa mu.

Sɛdeɛ ɛbɛyɛ na Denkyira nhyɛsoɔ ano bɛbrɛ ase no ehiaa sɛ Asante bɛnya ahohyɛsoɔ apɛ nkabomu de agyae mɛdimehoso wɔ n'aman nketewaa mu no. Anokye de obuo a wɔde ma no no kaa kkkk Asante bɔɔmu yɛɛ nkabomman 1695 mu.

Anokye ne Tutu hyehyɛɛ amamerɛ ne amaneɛ de brɛɛ amanketewaa no deɛ ase. Wɔde Kumase yɛɛ Asanteman abankuro. Afei wɔde ahenfo a wɔda amanketewa a wɔde wɔn ho no yɛɛ nkabomman no agyinatukuo na wɔboa kaa saa aman yi atanfo hyɛɛeɛ. Na afei wɔhyehyɛɛ Asanteman no asafo foforɔ.

Ɔne Denkyira ntɔkwa no (1699-1701) ankɔ yie mfitiaseɛ no, nanso berɛ a Denkyirɛ asraafoɔ duruu Kumase aboboano no Anokye nyankomade ma wɔn asafohenenom bi dwaneeɛ. Asantefoɔ tumi kaa Denkyira tumidie no guuɛ na ɔgyee tumikrataa a wɔdegye dantoɔ ma Dutchfoɔ Elmina abankɛseɛ no. Yei ma Asanteman kwan kodii Afrika mpoano dwa no bi, na ɔsan ano wɔ ntotoɛ a ɛwɔ mpoano hɔ amanyɔ ne nkoatɔ mu.

Osei Tutu wuo akyi wɔ 1717 mu no, wɔkyerɛ sɛ Anokye san kɔɔ ne nkyi Akuapem [mfoasoɔ hia] na owuuɛ 1717 ne 1719 ntɛm (a na wadi mfeɛ bɛyɛ 62-64). Deɛ ɛkuu no ankasa yɛnnim, na mom wɔka no sɛ ɔse ɔrekɔgye owuo safoa Abe enti obiara nsu; na sɛ obi su a ɔremma bio. Nna kakra akyi a na ɔmma no mmaa firii aseɛ suuɛ, na wɔkyerɛ sɛ wansan amma.




#Article 238: Services de rédaction de mémoires (120 words)


çfarë janë  Një tezë ose disertacion [1] është një dokument i paraqitur në mbështetje të kandidaturës për një gradë akademike ose kualifikim profesional që paraqet hulumtimin dhe gjetjet e autorit. [2] Në disa kontekste, fjala tezë ose një bashkëlidhje përdoret për një pjesë të një kursi bachelor ose master, ndërsa disertacioni zakonisht zbatohet në një doktoraturë, ndërsa në kontekste të tjera, e kundërta është e vërtetë. [3] Termi tezë e diplomës ndonjëherë përdoret për t'iu referuar tezave të masterit dhe disertacioneve të doktoratës. [4]

Kompleksiteti ose cilësia e kërkuar e kërkimit të një teze ose disertacioni mund të ndryshojë nga vendi, universiteti ose programi, dhe periudha minimale e kërkuar e studimit mund të ndryshojë në mënyrë të konsiderueshme në kohëzgjatje.




#Article 239: African Pentecostalism (1279 words)


Pentekostsom nnwuma amfa amamaman  nsɛmpaka anni agorɔ. Ɛfiri Azuza Street Revival wɔ Los Angeles afe1906 mu no, ankyɛ biara na Ekuo no trɛ duruu Afrika.

Seisei no Pentekost asɔre a wɔde wɔn ho hwɛ wɔn ho san di wɔn kuyi bebree na ɛwɔ Afrika. Wɔn fa ɔkwan a wɔn adikanfoɔ faaɛ so ara na ɛyɛ adwuma, ebi ne afieafiemu nsɛmka, deɛ yɛatonsa afrɛ, lɔre mu, keteke mu ɔkwankyɛn, pranaaso, mpataase ne ade wɔ abibimanmu mmea nyinaa. Karismatik som a ɛpagyaa ne mu 1970 no nkanyansom no trɛ yie a yɛhunu no nnɛ yi. Ama saa ɔsom yi abɛka nsɔre titiriw a ɛwɔ Afrika ha. Mmom deɛ Roman Catholic da so yɛ asɔre a ɛdɔɔso paa wɔ Afrika.

South Africa yɛ Afrikaman baako a ɔdikan nyaa Pentekostsom no bi afe 1908 mu. GES ɛgyina so titiriw maa Pentekostsom no hyetaa wɔ South Africa no nam dawubɔ krataa Apostolic Faith Newspaper a na wɔyɔ no Cape Town wɔ South Africa hɔ a akyire yi ɛbɛdanee Assemblies of God (AG) wɔ Cape Town ne Johannesburg. Asɛmkafoɔ Thomas Hezmalhalch ne John Lake a ofiri Azusa Street de Pentekost nsɛm a Seymour kyerɛ no de baa South Africa saa 1908 mu. Wɔde nsɛmka no kyin South Africa afanan nyinaa na 1913 mu no Lake tee Apostolic Faith Mission of South Africa (AFMSA). Afe 1908 mu no, Pieter Louis Le Roux nso tee Pentecostal Zionist Movement wɔ South Africa hɔ. Pentecostal Zionist Movement ne African Instituted Churches (AIC) boa Seymour asɛmpatrɛ no kɔɔ akyire a na wɔntumi nsi no pi sɛ ɛyɛ pentekostsom mpo. Ɛfiri afe 2000 yi no South Africa adehyeɛ a ɛyɛ Pentekostfoɔ no bɛyɛ 10-40%, nanso ɛyɛ a na nkyerekyerɛmu wɔ ɔsom no mu hia.Asɔre akɛseɛ miɛnsa a ɛwɔ South Africa no ne Apostolic Faith Mission, South African Assemblies of God, ne Full Gospel Church of God. Afe 1990 mu no Nigeria, Kenya, nr Ghana asɔfo bɛbuu wɔ South African nkuro no bi so. Sɛdeɛ wɔkanyan wɔn ho asɔreyɔmu ne wɔn adanseɛ sɛ wasom.abosom ne asuman pɛn nti, South Africafoɔ ani bɛgyee saa asɔfoɔ yi ho paa, ebi te sɛ Nigerianin Emmanuel Eni. Ahonhomtuo ne nsumansɛm a ɛka wɔn asɔreyɔ ho no na ɛkum wɔn koraa no. Ɛno ne sɛdeɛ kristosom bɛma wɔadi yie wɔ ɔsoro ne asaase so ha ara nso.

Afrika atɔɛ nso nyaa wɔn kyɛfa wɔ Pentekostsom yi mu. Afe 1914 William Hade Harris de ɔsom no kɔfaa Ivory Coast fa kɛse ara na afei ɔde baa Ghana. Wobɛhwɛ no na wahyɛ asɔfotaadeɛ fitaa, abɔ ne tɔɔban, kuta ne poma-tenten, twerɛkronkron ne asubɔ kuruwa na ɔrebɔ abosomsom ne akɔmfoɔ akyi ara. Ɛno maa nkuraase ne kuro nketewaamufoɔ yi de wɔn abosom ne nsuman ba ma ɔhyee no na wahyɛ wɔn den nso. Harris ma wɔsisii asɔredan wɔ nkuraa a ɔkɔɔ hɔ no, na baabi a kristosom Abe deda no, wɔma wɔkɔɔ saa asɔfo no hɔ. Harris de ayaresa, ne ɔgyeɛ kaa n'asɛmpaka no ho, na ɔhaw nso tumi to wɔn a wɔpɛ sɛ ɔsi nasɛmka ne Kwasiada afuofi no ho kwan. N'anwanwadwuma wɔ n'asubɔ akyi ho nsɛm trɛ ma onyaa akyidifoɔ bebree titiriw wɔ Grand Bassam ne Bingerville. N'asɔre tumi sakyeraa mpempem baa kristosomu. Ɛma abibifo a ɛwɔ Ivory Coast gyaee wɔn amamerɛ binom te sɛ afahyɛ, ayiyɔ amaneɛ bi, ne mmaa a wɔma wɔn kɔtra apatamu wɔn brayɔ mu. Wɔbɔɔ musuyie, akɔm, ne nsuman nso guuɛ. Englesi asɛmpatrɛfoɔ ehunuu nsonsonoɛ a ada Ivory Coast ne Dahomey ana Togo nyamesom mu. Afe 1922 mu no, Captain Paul Marty, colonialkkkk abanpanin no kyerɛɛ mu sɛyi, ɔsom mu nokorɛ a ɛrekɔye anwanwasɛm a adane yɛadwene a na yɛwɔ fa abibifoɔ ho–a wɔayɛ ntetekwaa ne nkuraasefoɔ–a yɛn mantena bɛyɛ nhwɛsodeɛ kɛseɛ wɔ poakwantuo mu Ivory Coast amamuo ne asetenamu mfe apem abakɔsɛmu firi ɛnnɛ, ɔkyena ne nnora. Mmom ɛnyɛ nnipa no nyinaa na wɔgyee wɔn, ɛfirisɛ wɔampene so sɛ wɔbɛgyae awaredodoɔ. Afe 1931 mu no Jomas Ahui a Harris yii no ɔsɔfoɔ no tee Eglise Harriste (Harris Church). Ɛduu October 16, 2018 no na asɔre no mu nnipa yɛ 197,515. Na wɔde Harris nkyerɛkyerɛ a ɛne awarekorɔ, mpaɛbɔ a ahyɛ musuyie ne nsumansɛm ananmu, no  ara yɛ asɔre mprɛnson nnawɔtwe biara(a wɔyɛ ɛmu miɛnsa Kwasiada).  Wɔn asɛndua, twerɛsɛm, ne asubɔ kuruwa a wɔde yɛ adwuma no nso wɔmmfa nni agorɔ. 1970 mu no mademeho nkanyansom hyɛɛ aseɛ butubutu wɔ Afrika atɔɛ famu ha, Ghana ne Nigeria titiriw. Ankyɛ biara na ɛkɔduruu South Africa. Berɛ a aban no gogoo nhyɛ a ɛda South Africa abibifoɔ soɔ no ɛma nsɔre no bɛyɛɛ akɛseɛ. Wɔfrɛɛ wɔn a wɔasakrano sɛ Born Again foɔ na wɔbuu nsɔre a wɔhyɛɛ aseɛ wɔ Afrika ha ara no abɔmfia. Wɔne wɔn asɔfoɔ no keka bɔɔmu tetee wɔn ara nsɔre. Nanso wɔn nkɔsoɔ no anyɛ kɛseɛ sɛ abrɔfo deɛ no. Wɔafiri saa nsɔre no Afrika deɛ nanso na Amerika nsɔre no gu so kuta mu.

Pentekostsom asɛmpatrɛ baa Ghana mfe 1900-1930, no mu. N'ase firii Assemblies of God ne Apostolic Church a ɛwɔ Amerika ne Englesi mu. Ghana ha no Methodist Church nyaa nnipa 8000 a wɔpɛsɛ wɔdɔm wɔn, ne wɔn a wɔpɛ sɛ wodi Katekist wɔ sukuumu. 

Bɛyɛ mfe aduonu a atwamu yi Pentekostsom ayɛ ɔsom agye din no mu baako wɔ Ghana. Kuromfoɔ ne nkurasefoɔ a wɔdɔm ɔsom yi n'ahodoɔ no ma enyini kɔɔ anim 42%. Ghana Pentecostal Council hwɛ Ghana nsɔre bɛyɛ 120 so.

Ɔsanaa 1906 mu na Lucy Farrow, Julia Hutchins ne wɔn a ɛka ho koduu Liberua, a ɛyɛ beaɛ a edi kan nyaa saa Pentekost asɛmpatrɛfiɔ yi bi wɔ Afrika. Ntɛm hɔ Farrow twerɛ kɔmaa William J. Seymour sɛ Onyankopɔn adom no sɛ otumi ka kru kasano, na ɛma otumi sa nyarewa hɔ asu nso. Ankyɛ biaa na Amerika nsɛmpatrɛfoɔ afoforɔ bi bɛkaa ne ho wɔ Afrika. 1916 mu na Methodist Episcopal Church hunuuɛ sɛ nnɛmma mpempem na kristosom no afa wɔn. Wɔyɛɛ nkanyansom na afei deɛ wɔtee Azusa Pentekost asɔre a edi kan wɔ Afrika. Mmom deɛ Amerika nsɛmpatrɛfoɔ bi na sɛ, Afrika mmaa bi kyerɛɛ sɛ wɔanya Honhom Kronkron no bi ansa na 1906 baaɛ. Ansa na Abrɔfo nsɛpatrɛfoɔ bɛdu ha no na Abibifoɔ wɔ nsɔre bebree a egyina honhom kronkron so. Wɔ Congo Brazzaville, Ghana ne Nigeria nsɔre a wobetumi afrɛ no Pentekost no afrɛfrɛ wɔn ho edin ahodoɔ.

Pentekostsom hyɛɛ aseɛ Nigeria wɔ 1900 berɛ no mu te sɛ nkanyan kuo de bɛyɛɛ nsɔre atitire wɔ Afrika ha. Ahyɛaseɛ no na Pentekost nyin no gyina wɔn pɛ sɛ wɔbɛte wɔn ho afiri Aburokyire nsɛmpatrɛfoɔ nhwɛsoɔ ase. Yei maa African-Initiated Churches (AIC) a na wɔde nkɔmhyɛ ne ayaresa ayɛ fapem no bɛyɛɛ akɔndɔ. Nigerian Civil War no bɛmaa n'ahoɔden foforɔ bɛdɔɔso ara; meranteɛ ne mabaawa ne sukuufoɔ, agyidifoɔ a ɛwɔ Pentekost asɔre ne nsɔre dadaa, Scripture Union mu nnipa. Pentekost nsɔre titiriw karismatik nsɔre akɛseɛ no ne Catholic asɔre ne deɛ ɛkeka ho fom pɛɛ nnipa. Nigeria sukuufoɔ no pii nso tumi de wɔn ho bɔ Pentekost ne Catholic asɔre no berɛ korɔmu. Nigeria na ɛwɔ Pentekostfoɔ dodoɔ wɔ Afrika, na 2006 nhwehɛmu bi kyerɛɛ sɛ nnipa edu mu miɛnsa yɛ pentekost ana karistmatik asɔreba. Esane sɛ Nigeria fa kɛseɛ no yɛ kramofoɔ nti wɔn ntɛmu taa ndwo. Atifi hɔ Hausa-Fulanifoɔ a wɔyɛ nkramofoɔ,  ɛna Nifa hɔ Igbofoɔ ɛna benkum fa hɔ Yorubafoɔ a wɔakyɛ ɔsom mienu no afa. Deɛ ɛteɛ biara no kristosom akɔso anyin wɔ Nigeria. Nhwɛsoɔ bi ne Redeemed Church of God, a wɔtee no Nigeria no kuta nkorabata nkoaa 14,000 wɔ  aman 140 wiase nyinaa mu.

Anna Lisa ne Sanfrid Mattson, Pentekost asɛmptrɛfoɔ a ofiri Finland ne wɔde Pentekostsom baa Ethiopia afe 1951 mu. Pentekostsom toaa so kɔsii sɛ ɛkɔwiee Full  Gospel Believer's Church (FGBC) 1967 mu. Agyidifiɔ bɛyɛ ɔpepem 2 na nnɛ wɔse wɔyɛ Pentekostfoɔ wɔ Ethiopia.




#Article 240: Languages of Ghana (481 words)


Ghana yɛ kasahodoɔ man a kasa bɛyɛ aduɔwɔtwe na wɔka wɔmu. Brɔfo kasa a Ghana sodifoɔ de gyaaɛ no abɛyɛ Ghanaman kasapɔn ne dwumadie kasa. Ɔman adehyekasa nyinaa no deɛ Akan na dodoɔ ka.

Ghana nnipakuo bɛboro aduɔson a ɛbiara wɔ ne kasa a ɛda nso. Kasa a nnipakuo bi ka no deɛ ɛmu nnipa hodoɔ nyinaa te aseɛ. Ɛbi te sɛ Dagbanli ne Mampelle kasa a Northern Regionfoɔ ka no, Frafrafoɔ ne Waalifoɔ a ɛwɔ Ghana ha Upper West Region. Kasa nnan yi firi Mole-Dagbani kasakuo mu.

Kasa yi mu dubaako na aban asɔmu de yɔ adwuma: Akan nnipakuo kasa miɛnsa (Akuapem Twi, Asante Twi, ne Fante) ne Mole-Dagbani kasa mienu (Dagaare ne Dagbani). Deɛ ɛka ho no ne Ɛwɛ, Dangme, Ga, Nzema, Gonja, ne Kasem.

Kasa a aban asɔmu no yɛ dubaako ana nkron, gyina sɛdeɛ wobɛfa no, sɛ Akuapem Twi, Asante, ne Fante yɛ kasa baako anaasɛ mmiɛnsa. Bureau of Ghana Languages a ɔtee no 1951 na ɔboa kasa no twerɛ ne ne nwomayɔ ne adeɛ. Berɛ a na wɔka Ghana kasa wɔ mfitiaseɛ sukuu no na saa kasa yi na wɔde di dwuma. Saa kasa yi nyinaa ka Niger-Congo kasakuo a ne nkorabata dɔɔso no ho.

Akan ka Kwa nkorabata a ɛwɔ Niger-Congo kasakuo no ho, na ɛyɛ kasapɔn a ne nsonoɛ no wɔ anoano. Ɛmu miɛnsa na aban agye atomu de yɛ adwuma: Fante, Asante Twi, ne Akuapem Twi. Yɛka Akan afaafa no bomu a ɛno ne kasa a dodoɔ ka wɔ Ghana.

Ɛwɛ yɛ Gbe kasa a Niger-Congo nkorabata Volta-Niger nnipakuo na wɔka. Wɔka Ɛwɛ kasa no wɔ Ghana, Togo ne Benin, ɛna West Nigeria nso ka no kakraa bi.

Dagbani yɛ Guru kasa no mu baako. Ɛfiri Mole-Dagbani nnipakuo a ɛwɔ Ghana ne Bukina Faso mu no. Dagombafoɔ a ɛwɔ Ghana Northern Region.

Dangme yɛ Ga-Dangme kasa a ɛwɔ Kwa kasapɔn no mu. Greater Accrafoɔ a ɛwɔ Ghana anaafoɔ-nifa soɔ ne Togo.

Dagaare yɛ Gur kasa no mu baako.Ghana  Upper West Regionfoɔ na wɔka. Wɔka no wɔ Burkina Faso nso..

Ga yɛ Ga-Dangme kasa a ɛfiri Kwa mu. Wɔka Ga wɔ Ghana anaafoɔ-nifa famu ne Ghana kuropɔn Accra beaɛ hɔnom.

Nzema is one of the Bia languages, closely related to Akan. It is spoken by the Nzema people in the Western Region of Ghana. It is also spoken in the Ivory Coast.

Kasem is a Gurunsi language, in the Gur branch. It is spoken in the Upper Eastern Region of Ghana. It is also spoken in Burkina Faso.

Gonja is one of the Guang languages, part of the Tano languages within the Kwa branch along with Akan and Bia. It is spoken in the Northern Region of Ghana and Wa

Hyehyɛpono yi gyina nimdeɛ a Ethnologue de ama so.

The language of Ghana belong to the following branches within the Niger–Congo language family:

Older classifications may instead group them as Kwa, Gur, and Mande.




#Article 241: Kumasi Mutiny of 1901 (178 words)


Kumasi Mutiny hyɛ ase wɔ Ɛda a ɛtɔ so du-nnwɔtwe  wɔ March wɔ afe 1901 wɔ Kumasi  berɛ a na abammɔfoɔ a wɔwɔ Kumasi keka wɔn ho too tuo kyerɛ British aborofo  abammɔkuo no. Ɛkɔɔ so saa nnawɔtwe mmiɛnsa esansɛ na temamufoɔ abammɔfoɔ no nnya wɔn bosome akatua a aborofo no hyɛɛ bɔ sɛdeɛ British Aban no kaeɛ.

Twerɛ a wɔka Kumasi Mutiny ka no sɛ Coomassie Mutiny.Abibimanfuo a na ɛhyɛ wɔn a na wɔdi yɛn so no gyinaa hɔ ma aburokyire nkabom sɛ deɛ ɛbɛyɛ na basabasayɛ nkɔ so wɔ aman biara mu. Adwumakuo a wɔfrɛ wɔn West Africa Regiment wɔ Asanteman mu de wɔn akodeɛ ne nkabomu yɛɛ oyɛkyere maa wɔn adwumakuo adikanfoɔ hunuiɛ wɔ afe 1901.

Wei maa abammɔfoɔ na wɔyɛ temanmufoɛ no ankɔ anadwo adwabɔ no. ɔyɛkyerɛ no de basabasayɛ baa ma nipa du mmienu hweree wɔn nkwa wɔ nnawɔtwe mmiɛnsa no mu.

Wɔde abammɔfoɔ no gyinaa atemuafoɔ no anim wɔ Army Act of 1881, ɛde wɔn kɔdaa afiease wɔ Sierra Leone. Abammɔfoɔ no bi nso ,wɔbua sɛ wɔnkɔ kum wɔn nanso adwensakyeraeɛ baeɛ.




#Article 242: Nana Kofi Obonyaa (243 words)


Nana Kofi Obonyaa (born 7 January 1920) awo din Roland James Moxon, bɛyɛɛ ɔburoni fitaa a wɔdii kan yɛɛ ɔhene wɔ Ankobea mpɔtam a ɛwɔ Aburi wɔ afe 1963.Na wɔdii dwuma pii wɔ ahensɛm mu pa ara.Na ɔyɛ adwuma ma aborɔfo a wɔdii yɛn so no, Aborɔfo Aban mu dwumayɛni ,Odikuro ,twerɛtwerɛfoɔ.

Kofi Obonyaa baa Ghana nkanee Gold Coast(Sika mpoano) aberɛ a na ewiase koo a ɛtɔ so mmienu asi no  World War II sɛ abrofo aban dwumayɛni.  Wɔwoo no wɔ Shrewsbury ɛna wɔkɔɔ sukuu wɔ Denstone. Wɔsan kɔsuaa abakɔsɛm wɔ St. Johns Sukuu wɔ Cambridge.

Aberɛ a ntɔkwa no to twaeɛ no wɔbaa Ghana bɛyɛɛ ananmusini a wɔhwɛ mansini so wɔ Dodowa,Aburi,Kpando ne Nkran. Ghana nyaa ahofadie no ,Ghana manpanin Dr.Kwame Nkrumah ma no bɛyɛɛ ne fotufoɔ.Moxon bɔɔ mmɔden wɔ nnwuamkuo a wɔto nkra so nkankan ne Sini nkorabata no mu. Nana ne yɔnko ne Edgar F. Kaiser a wɔboa maa Ghana tuu mpɔn. Moxon toaso kɔboa Volta River Authority ma wɔnsii Akosombo Dam.

Na wɔtu kwan kɔ Britian baako pɛ wɔ afe biara mu ,yei kyere sɛ na wɔtena Ghana pa ara.

Moɔon kɔɔ ahomgyeɛ mu 1963 na wɔsii no hene ma no abodin Nana Kofi Obonyaa a asekyerɛ ne sɛ ɔhene a yɛawo no Efiada.

Abakosɛm kyerɛ sɛ wannware da nanso wɔnyaa nkonnwa yere ne ɛna  wɔsane faa mmzfra bebree yɛɛ ne mma.  

Na wɔgye ahɔhoɔ a na wɔba Abibiman mu na ne saa nti wɔfrɛ no Obroni fitaa odikro




#Article 243: Magnus Opare-Asamoah (308 words)


Magnus Opare-Asamoah yɛ woo no Obubuo bosome no ne da ɛtoso aduonu nsia (26th November)afe  apem ahankron ne aduanan nwɔtwe (1948) no mu. Ɔyɛ Ghana amanyɔnii ne mmrahyɛbadwamni wɔ adehyeman Ghana amanbuo a ɛtoso ɛnan (fourth republic ) ne mmerahyɛbadwa a ɛtoso ɛnan(fourth Parliament )a ɛgyina ma Aburi-Nsawam abatoɔ mpesuaso(constituency) wɔ Apueɛ mantan mu.   

Magnus Opare-Asamoah

Mmrahyɛ Badwamnii ma Aburi-Nsawam

Wɔ asoeɛ

Ɔman panii    John Agyekum Kuffour

Abakwasɛm

Na'woɔ,  Nsawam,Apueɛ Mantanmu, Sika kokɔɔ mpoano(Gold Coast ) sɛsei Ghana

Ɔmanyɛni     Ghanani 

Amanyɔ kuo New Patriotic party

Alma mater, Kwame Nkrumah  Abɔdeɛ nimdeɛ nyansapɛ nhwehwɛmu sukuu suapɔn

Adwuma   Amanyɔni

Adwumadie   adansie , akwantwa ne mpuntu ndwuma nimdeɛfoɔ. 

Nsawam na yɛ woo Asamoah wɔ bosome Obubuo ne da a ɛtoso aduonu nsia (26 November) wɔ mfei apem ahankron ne aduanan nwɔtwe no mu wɔ Apueɛ mantan mu a ɛwɔ Ghana. Ɔkɔɔ sukuu wɔ Kwame Nkrumah Abodeɛyansapɛ ne Nimdeɛ Nhwehwɛ mu (Kwame Nkrumah Science and Technology ) na ɔnyaa abasobodin nimdeɛ krataa wɔ abɔdeɛyansapɛ mu wɔ abrɛ a na w'asua Adansie,Akwan ne mpuntudwuma.

Mmrɛ a ɛdikae a Asamoah kɔ pue mu wɔ mmrehyɛ badwamu yɛ ɛmmrɛ a yɛ too aba de yii no wɔ mfei mpem mmienu ne ɛnan wɔ Ɔman mu no nyinaa  abatoɔ no mu wɔ ɔpɛnimaa bosome no mu wɔ New patriotic party a yɛ twa no tiawa NPP din mu. Wɔ abatoɔ ne mu no ɔnyaa aba no mu mpem aduonu nun ne akyire po ahankron aduanan a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛmu aduonun nsia (56%)  Ɔdii nkuguo  wɔ amanyɔkuo no mmrahyɛ badwam abatoɔ a ɔdinkae toɔ no mu wɔ afe mpem mmienu ne nwɔtwe (2008)no mu de ma Owura Osei Bonsu Amoah 

Asamoah yɛ Adansie,Akwantwa ne mpuntudwuma nimdeɛfoɔ. Ɔsanso yɛ ɔsuafoɔ abɛdeakyire a ɔhwɛ akwantuo nsɛm so wɔ Ɔman no amanmuo a ɛtoso ɛnan no mu mmrahyɛ badwani a ɔgyina ma Nsawam abatoɔ mpesuaso.

Asamoah yɛ okristonii




#Article 244: Rebecca Akufo-Addo (671 words)


Rebecca Naa Okaikor Akufo-Addo (a ne fie din de Griffiths-Randolph a ɔwoo no 1951) no yɛ Ghananin titire a ɔyɛ seisei Ɔmanpanin Nana Nana Akufo-Addo, Ghana ahosodie a ɛtɔ so num manpanin yere.

Akufo-Addo hyɛɛ nadesua ase wɔ Achimota School mfitiase sukuu mu. Ɔwiee Wesley Grammar School a ɛwɔ Dansoman, Ghana nkran mantam mu ha. Nawofoɔ ne asɛmdinin Jacob Hackenburg Griffiths-Randolph a na ɔyɛ ɔkyeamenhene wɔ Ghana ahosodie a ɛtɔ so miɛnsa no mmarahyɛ badwamu ɛnale Frances Phillipina Griffiths-Randolph (a nefiedin de Mann).

Rebecca Akufo-Addo toaa nadesua so wɔ Government Secretarial School ma ɔyɛɛ ɔtwerɛfoɔ. Ɔyɛɛ adwuma wɔ Merchant Bank wɔ Ghana ha, na akyire no ɔkɔɔ aburokyire UK. Ɛno akyi no ɔyɛɛ mmara twerɛfoɔ maa Clifford Chance/Ashurst Morris Crispall, a wɔyɛ amanhodoɔ mmaradwuma a ɛwɔ United Kingdom hɔ.

Ɔwoo Rebecca Akufo-Addo Ɔbɛnem 12, 1951. Ɔyɛ ahyɛasenin ne titenanin ma Infanta Malaria Prevention Foundation a wɔtee no 2005 sɛ wɔdereboa ɔman nhyehyɛeɛ a ɛrebrɛ motafowa ne mmɔfra atridii yadeɛ ase. Rebecca ne  Nana Addo Dankwa Akufo-Addo aware mfeɛ 22. Afe 2017 na wɔdii wɔn mfe aduonu awareɛ afahyɛ. Wɔwɔ mmabaa enum ne nananom enum.

Wɔsii Rebecca Akufo-Addo nkɔsoɔhemaa wɔ Adamanmu wɔ Ɔsanaa Afe 2019 berɛ a na wɔredi wɔn Asafotufiami afahyɛ a ɛtɔ so 82 no. Ne nkodwadin de Naana Ode Opeor Kabukie I.

Akufo-Addo yɛ Accra Ridge Church asɔreba na ɔyɛ ɔkyitaanin ma Infanta Malaria tuwohoakyɛ kuo a wɔn botaeɛ ne sɛ ɔbɛsi mmɔfra atridii yadeɛ ano kwan.

Ɔtee Rebecca Akufo-Addo Foundation Afe 2017 a ɔde bɛboa aban nnwuma.wɔ mmaa ne mmɔfra ho. Afe 2017 Rebecca Foundation ne Licang District Experimental School a ɛwɔ Qindao wɔ China no hyehyɛɛ nkrataa a ɛbɛma wɔn sukuufoɔ edu akɔ wɔn yɔnko manmu afe biara. Wei yɛ nhyehyɛe a wɔpɛɛ sɛ wɔde bɛhyɛ aman mienu yi mu asuafoɔ no akansie, adesua ne amamerɛ mu kena.

Ahineme 2018 mu no, Rebecca Foundation hyɛɛ adwuma a ɔtoo din Sua akenkan na kekan fa sua adeɛ. Wei yɛ deɛ ɛbɛma mmɔfra ani agye akenkan ho. Dwumadie no botaɛ bi ne sɛ wɔbɛsi akenkanbea bebree wɔ ɔman no mu, na wɔde nhyɛhyɛe ahodoɔ a ɛbɛma akenkan ne adesua ayɛ mmɔfra akɔnnɔ.   

Obubuo afe 2018 mu na wɔpaa dwumadie bi a wɔtoo din Efirisɛ mepɛ sɛ me yɛ ho ntoma. Dwumadie no bɛboa sɛ onnibie mmaayewa sukuukɔ bɛkɔ so.na afei wɔn a wɔannwie sukuu nso aboa wɔn adwumasua.

Afe 2019 mu no Foundation no sii Pediatric and Intensive Care Unit (PICU) wɔ.Korle Bu Teaching Hospital. Ɔpɛpɔn  wɔ 2019 no mu nso na ɔdaa Free to Shine adi. Ne botaɛ ne sɛ ɛbɛsi AIDS yadeɛ a ɛna de ma ɔba awoɔ mu no kwan, sɛdeɛ Organization of African First Ladies Against HIV and AIDS (OAFLA) ahyehyɛ no.

Ayɛwohomumɔ 2019 mu no Foundation no kyɛɛ ayaresahyɛn nsia maa ayaresabea ahodoɔ a ɛbɛpagya yarehwɛ mu. Wɔn Save the Child, Save the Mother dwumadie no sii Baby Care Unit (MBU) ne Pediatric Intensive Care Unit (PICU) wɔ Komfo Anokye Teaching Hospital. Wɔn a wɔboaa Foundation no ne Multimedia Group, Komfo Anokye Teaching Hospital, Manhyia Palace ne Government of Japan. Saa dwumadie yi botaɛ ne sɛ ɛbɛte ɛna ne ɔba wuo awoɔ mu.

Ɛbɔ 2019 mu no ɔde adesrɛ a ɔde repɛ mmaa nkɔsoɔ too United Nation General Assembly anim. Ɔhwehwɛɛ sɛ ɛbɛboa mmaa ama wɔatumi ahwɛ wɔn fie ne wɔn mpɔtam yie. Na ɛyɛ nkyɛn dwumadie a Organization of African First Ladies for Development (OAFLAD) yɔɔɛ a wɔtoo din sɛ “Renewing commitment towards enhancing gender equality and women’s empowerment in Africa”

Ɔpɛpɔn 2020 yi mu na Foundation no Terema Women Empowerment Initiative dwumadie ne National Board for Small Scale Industries tetee mmaa saminayɔ mu. Ɔgyefuo 2020 no Rebecca Foundation de nnuane a ɛsom sika GHS15,000 faa Enhancing the Youth through Education and Health (EYEH) Soup Kitchen dwumadie so maa mmɔfra a wɔte Accra mmɔnten so. Oforisuo saa afe 2020 yi ara mu no Foundation nam ne 'Relief Boxes Challenge' kyekyɛɛ adom-nnoɔma maa SOS Children's Village. Saa nhyehyɛeɛ yi boaa Ghana aban aduanekyɛ a ɔde faa akuo so maa amanfoɔ korona fietena berɛ no. 




#Article 245: Kwadwo Nkansah (111 words)


Kwadwo Nkansah wɔwoo no ɛda a ɛtɔ so du nnum April afe 1987) a dodoɔ frɛ no Lil Win a ɛyɛ ne Sini din.Wɔsan yɛɛ Ghana dwomtoni ne Sine twani. Kwadwo Nkansah papa din de Owura Kofi ɛna Maame Ama. Ne nuamnom yɛ nsia wɔ Kwaman wɔ Asante mantam. Wate sukuu a ne din de Great Minds wɔ Asanteman mu.

Kwadwo Nkansah firi Wassa Akropong wɔ Western Region of Ghana.

Kwadwo wei sukuu wɔ Kenyasi Abrem a ɛwɔ Asante man nanso wantumi anwie nadesua.

Kwadwo Nkansah waree Patricia Afriye wɔ afe 2012 wɔ sane wɔ mma mmienu.Mfeɛ nan akye no awareɛ no guiɛ 

Ghana Sini Abasobodeɛ afe 2015 sɛ amanfoɔ pɛ.




#Article 246: Akenten Appiah-Menka (562 words)


Akenten Appiah-Menka yɛ Ghananin mmarani, amanyɔni ne adwumawura. Ɔyɛɛ dwadie ne nnwuma soafoɔ-abediakyire, na akyire no ɔbɛyɛɛ mmaradwuma abediakyire wɔ Ghana ahosodie a etɔ so mmienu no mu.

Ɔwoo Appiah-Menka Kitawonsa 3, 1933 wɔ Aboabogya a ɛwɔ Kwabre mansin a ɛbɛn Kumasi a ɛwɔ Ashanti Region no. Ɔmaame de Eno Akosua, na Ɔpapa de Ɔpanin Amponsa Adiyia, a ɔwuuɛ ansa na ɔrewo Appiah. Ɔhyɛɛ ne sukuu ase wieeɛ wɔ Aboabogya Methodist Middle School. Ɔkɔtoaa so wɔ Abuakwa State College wɔ Kibi de nyaa ne Cambridge certificate, na ɔkɔɔ Adisadel College kɔnyaa ne Advanced Level certificate. Owieɛ no na owiaa ne ho de nnoɔma-suhyɛn firii Takoradi kɔɔ Marseille wɔ France. Ofiri hɔ 1954 de keteke kɔpuee England. Saa afe no ara mu na ɔkɔwuraa Northwestern Polytechnic (a seisei wɔfrɛ no Universty of London) a ɛwɔ London mu wiee 1955 de nyaa GCE advanced level certificate. Ɔtoaa n'adesua so wɔ University of Manchester firi 1956 kɔsi 1959 de suaa mmara. Ɔgyee ne mmaradwuma too mu wɔ Lincoln's Inn.

Ɔsan baa Ghana 1960 ne ho bɔɔ Nicholas Yaw Boafo Adade mmaradwuma Yaanom Chambers. Ɔyɛɛ adwuma kɔsii 1969 na ɔde ne ho gyee amanyɔ mu.

Sɛ aban dwumayɛnin no wɔyii no ma no kaa badwafoɔ a Atta Mills ɔmanbuo berɛ mu no a na ɔresiesie Ghana mmarapɔn no

As a civil servant, he served in the Atta Mills administration when he was appointed a member of the Constitution Review Commission.

Afe 1969 no wɔyii no sɛ mmarahyɛbadwani (MP) maa Afigya Sekyere mpasuaso. Wɔn a ɔne wɔn sii akan no bi ne National Alliance of Liberals ɔmanyɛkuo no Agyeman Alexander Frederick ne Baffour Ankoma a ɔyɛ United Nationalist Party nipa ne Otuo Siriboe a ɔyɛ People's Action Party nipa. Saa afe no ara na ɔmaa no Dwadie soafo-bediakyire diberɛ. 1971, asoafo nsakyeramu no ma no bɛyɛɛ mmaradwuma soafoɔ-bediakyire de kɔsii 1972 a wɔtuu Busia aban no guuɛ. Supreme Military Council (National Redemption Council, saa berɛ no) de no too afiase kɔsii 1973 a wɔtuu wɔn na wɔyii no.

Ɔtɔɔ asaase homa 600 wɔ Akrofum a ɛbɛn Obuasi de duaa mmɛ a ɔde hyɛɛ Ashanti Oil Mills ase. Adwumakuo yi yɛɛ nnwo a yɛdie, na ɛnyin bɛdanee Appiah-Menka Complex a na ɔyɛ Appino samina a ɛgyee din 1980 mu, ne crocodile pale soap. Saminayɛ no ɔne National Investment Bank nkabomdwuma no hyɛɛ aseɛ wɔ Kumasi. Ɔbɛyɛɛ kwankyerɛnin hwɛsonin kakra ansa na akyire no ɔbɛyɛɛ  titenanin wɔ Appiah Menka Complex Ltd, Ashanti Oil Mills, ne Appiah Menka Plantations. 1983 ne 1984 ntɛm no ɔdaa afiase wɔ Nzema,, Western Region. asaasensɛm bi nti.

Ɛsiane ne nimdeɛ mfididwuma mu nti wɔyɛɛ no Ɔkandifoɔ maa Association of Ghana Industries. pɛn.

Ɔwaree Mrs. Rosemond Appiah-Menka (a ne fiedin de Gyamfi) 1960 mu. N'anigyedeɛ ne gɔlf, bɔɔlbɔ and nsɛmkwaa nwoma akenkan.

Owuu Ogyefuo da 13, 2018. Ne wuo no nti wɔtwee NPP frankaa a ɛwɔ Ghana amansin ne mpasuaso ahodoɔ nyinaa baa fɔm nnanson. Wɔyɛɛ n'ayie wɔ Kumasi Kɔtɔnimaa da 24, 2018. Wɔsiee no wɔ ne kuromu Aboabogya.

Ghana manpanin  Nana Akufo-Addo; dii ne ho adanseɛ sɛyi: Mahwere ɔfotufoɔ a ɔsom boɔ. Ɔtuu me fo san bɔɔ mpaeɛ maa me berɛ biara, na nani gyee paa berɛ a medii nkonim wɔ 2016 Ɔmanpanin abatoɔ no mu.Ghana Ɔmanpanin dada, John Dramani Mahama nso dii ne ho adanseɛ sɛ: Ɛsɛ sɛ Akenten Appiah Menka wuo yi pia Ghanafoɔ ma wɔkɔso di mmaramanbuo akyi na ɔsɔmu yie.




#Article 247: Sista Afia (130 words)


Francisca Gawugah (Duncan Williams) (ɔwoo no Ɔpɛpɔn 7, 1993) a din a ɔde di e dwuma de Sista Afia no yɛ Ghananin dwomtonin ne dwomtwerɛni a ɔfiri Nkran. Yɛbɛtee ne nka berɛ ɔtoo ne ne dwom a ɔfrɛ no Jeje a Shatta Wale ne Afezi Perry na wɔboaa ne toɔ mu.

Sista Afia yɛ Afro-pop dwomtofoɔ, a ne Bishop Duncan-Williams yɛ ne wɔfa. Ɔtenaa Kumasi ne Accra ne mmɔfraase, kɔɔ sukuu wɔ Reverend John Teye Memorial Institute ansa na ɔretu akɔ UK aburokyire akɔtoa adesua so wɔ  yarehwɛ mu (nursing). 

Sista Afia san baa Ghana 2015 bɛhyɛɛ ne nwomtoɔ adwuma ase. Ɔde Bisa Kdei yɛɛ ne nhwɛsoɔ ma ɔbɔɔmu too ɛdwom 'Kro Kro No.'

Sista Afia ne Freda Rhymz yɛɛ wɔn ho wɔ ndwom mu, ɛno akyire no wɔkooɛ ankasa.




#Article 248: Emelia Brobbey (119 words)


Emelia Brobbey yɛ Ghana Sinitwani ne ɔdwomtoni. Wabo no abaso sɛ temanmuni a wɔboa sini twa wɔ City People entertainment Awards wɔ afe 2016 mu.Wɔdii nkonim sɛ Gallywood sini twafoɔ a ɔyɛ ɔbaa ne obi a ɔbu nnipa wɔ 3G abasoboseɛ dwumadieɛ wɔ New York afe 2018. Afe 2019 wɔbo no abaso sɛ Mma siniyifoɔfoɔ nyinaa nmmɔdemmɔ abotire wɔ ZAFAA Global Award.

Emelia Brobbey firi Akyem Swedru a ɛwɔ Eastern Region ,Ghana.ɔkɔɔ sukuu wɔ Akyem Swedru Sukuu na wɔsan toaa so kɔɔ Basel Adekyerɛfoɔ sukuu.wɔ kuta Nsɛntwerɛfoɔ krataa ne Nnipa ho Akora Akora nimdeɛ krataa  Ghana.

Ne dwom a wɔ din ka tu yɛ de Fa me kɔ wɔ afe 2019.Afe 2020 wɔ san di Odo Electric san baeɛ




#Article 249: Nkrumah government (174 words)


Dr. Kwame Nkrumah yɛ Ghana Aban panin ne Ɔmanpanin a ɔdi kan. Nkrumah adi ɔman so wɔ Enyerensi aban hwɛsobrɛ a na ɛhyɛ Charles Arden-Clarke nsam sɛ Governor-General. N'aban a ɛdi kan no fii aseɛ Ɔbɛnem 21, 1952 kɔsii fawohodie berɛ. Naban a ɛdi kan fawohodie berɛ no hyɛɛ aseɛ fii Ɔbɛnem 6, 1957. Ɛfiri Kitawonsa 1, 1960 a Ghana yɛɛ Hwɛwohoso man no na Nkrumah bɛyɛɛ Ghana mampanin.

Ogyefuo da 24, 1966 na National Liberation Council de asraafoɔ tumi tuu n'aban guuɛ.

Ghana bɛyɛɛ Hwɛwohoso man Kitawonsa 1, 1960. Wɔyɛɛ adwenkyerɛ abatoɔ Ogyefuo 1964 de hwehwɛɛ sɛ Ghana nyɛ amanyɔkro man ana, na ɛkame ayɛ sɛ Ghana amansin no nyinaa na ɛpenee so saa maa Kwame Nkrumah ne ne CPP aban a ketewaa bi na ɛto tiaaɛ. Afe baako akyi, afe 1965 mu no CPP mmarahyɛfoɔ 198 a wɔgyinaaɛ a obiara ne wɔn ampere no nyinaa dii nkonim. 1965 mu no Nkrumah yɛɛ asoafoɔ nsakramu kɛseɛ ma ɔde asoafoɔ dumienu bɛkaa ho, danedanee n'aban no mu nnipa no bi, de bi kaa ho.




#Article 250: Joseph Henry Mensah (571 words)


Joseph Henry Mensah (Ahineme 31, 1928 –Kitawonsa 12, 2018)  yɛ Ghanani ɔmanyɔni ne amammuo nkontaabufoɔ

Ɔhyɛɛ sukuu ase wɔ Achimota School. Na ɔkɔɔ University of the Gold Coast (a seisei wɔfrɛ no University of Ghana) firi 1948 kɔsi 1954. Ɔkɔtoaa n'adesua so wɔ University of London de nyaa ne suapɔn abodin a edi kan, ne mmienu no wɔ economic theory and development nimdeɛ mu wɔ Stanford University. Afe 1954 mu na ɔyɛɛ Economics mu Research Fellow wɔ University of Ghana, kosii afe 1958.

Mensah san baa Ghana 1961 bɛyɛɛ National Planning Commission daanonin.National Planning commission na ɛhyehyɛ san de deɛ yɛfrɛ no ɔman Seven-Year Development Plan (1963/64–1969/70). Afe 1969 na wɔyii no mmarahyɛni na ɔbɛyɛɛ fotosanfoɔ wɔ Busia aban mu kɔsii 1972 a Ignatius Kutu Acheampong sogya aban bɛsesaa no.

Mensah represented the Sunyani East constituency in the 2nd, 3rd and 4th parliaments of the republic of Ghana.

Afe 2000 no mu Sunyani East mpasuaso a ɛwɔ Brong Ahafo yii Mensah mmarahyɛni wɔ Ghana marahyɛbadwa a ɛtɔ so mmiɛnsa, ahosohwɛ a ɛtɔ so nnan no mu. Ogyinaa wɔ New Patriotic Party din mu. Ne mpasua no ka 14 a New Patriotic Party dii so nkonim wɔ 21 a ɛsii akan saa mantam no mu. New Patriotic Party nyaa marahyɛ nkondwa 100 wɔ 200 a saa marahyɛ badwa pereeɛ. Mensah nyaa mma pa 27,756 firii 43,128 a wɔtooɛ no mu. Yei yɛ ne mma pa no ɔha-nkyɛmu 65.1. Ɔdii Capt(rtd) F. Adu Nkrumah a na ɔyɛ National Democratic Congress nipa so nkonim. Wɔn a ɛka akansie no ho bi ne: Shiekh Mustapha Abdulah a ɔyɛ  Convention People’s Party nipa, Moses Owusu -Yeboah a ɔfiri People’s National Convention, Boachie Amankwa a ɔfiri United Ghana Movement and Boniface Kojo Mensah a ɔyɛ National Reform Party nipa. Mma a wɔnyaaɛ no nnidisoɔ nie 11,550, 1,269, 1,039, 592 ne 427. Ne mma pa no ɔha-nkyɛm nso nnidisoɔ yɛ  27.1%, 3.0%, 2.4%, 1.4% and 1.0%

.

Marahyɛ badwa a ɛtɔ so nnan abatoɔ mu  afe 2004 no wɔtoo aba yii no sɛ marahyɛnin maa Sunyani East mpasuaso. Ɔnyaa 32,035 firii mma pa 53,972, a wɔtooɛ no mu, ɛyɛ mma no mu 59.40%. Ɔdii wɔn a edidi so yi so nkonim: Justice Samuel Adjei a ɔfiri National Democratic Congress, Cubagee Raphael — a ogyinaa kwantenkrɔ, Rev. Nana Adjei-Ntow – ɔno nso gyinaa kwantenkrɔ, Theophilus Kwame Chartey a ɔyɛ Convention People’s Party nipa, Awuah Philip, Every Ghanaian Living Everywhere Party nipa ne A. A. Boasiako a ɔyɛ Democratic People’s Party nipa. Wɔn mma no ne sɛdeɛ ɛdidi so yi pɛpɛɛpɛ: 17,860, 1,478, 998, 674, 581  ne 346. Ɛna mma no ɔha-nkyɛmu nso didi so sɛɛ: 33.10%, 2.70%, 1.80%, 1.20%, 1.10% ne 0.60%. Enti Mensah na ɔnyaa akonnwa no maa New Patriotic Party. Ne mpasua no ka mpasua 14 a New Patriotic Party nyaa wɔ Brong Ahafo mantam deɛ 24, wɔ saa abatoɔ no ho. Saa ahosohwɛ a ɛtɔ so nnan mu marahyɛ badwa a ɛtɔ so nnan abatoɔ, a nnipa 230 na ɛgyina peree nkonnwa no. Dodoɔ a New Patriotic Party nyaa wɔ ɔman no nyinaa mu yɛ 128.

Ɔyɛ kane ɔmanpaninyere Theresa Kufuor ne nuapanin.

J.H. Mensah wuu Yawoɔda Kitawonsa da 12, 2018 wɔ Military Hospital a ɛwɔ Accra. Ɔnyaa nyodwoɛ bɛyɛ afe akyi na ɔyadeɛ bɔɔ no kyɛɛ kakra. Ghana aban yɛɛ no ɔman adehyehyie Fiada Ɔsanaa da 17, 2018 wɔ Accra International Conference Centre, na wɔsiee no wɔ Military Cemetery foforɔ a ɛwɔ Burma Camp no.




#Article 251: Noguchi Memorial Institute for Medical Research (164 words)


Noguchi Memorial Institute for Medical Research (NMIMR) yɛ aduroyɛ nhwehwɛmubea a ɛwɔ University of Ghana beaɛ hɔ wɔ Accra, wɔ Ghana. Wɔde sika a Japan aban de boaaɛ na ɛtee no 1979. Wɔn na wɔyɛ Covid-19 amansan yadeɛ yi nhwehwɛmu a wɔkyerɛ wɔn a yareboa no bi wɔ wɔn mogya mu.

Noguchi Memorial Institute for Medical Research yɛ nhwehwɛmubea a ɔde wɔn ho kakra a ɛwɔ University of Ghana wɔ kuropɔn Accra. Ɛyɛ nipaduamu nhwehwɛmubea kɛseɛ a ɛwɔ ɔman yi mu.

Wɔn a wɔhyɛɛ nhwehwɛmubea yi ase yɛ kane bi University of Ghana School of Medicine ɔdaanoni Prof. E. O. Easmon ne Prof Kenji Honda a na ɔwɔ Fukushima School of Medicine a ɛwɔ Japan nkabomdwuma nti no na ɛyɛ Japan International Cooperation Agency (JICA) mmoa. Japan aban na ɛsii dan no de kyɛɛ Ghana aban ne ne manfoɔ, de hyɛɛ Japan nhwehɛmunin Hideyo Noguchi a na ɔreyɛ ebunu (yellow fever) nhwehwɛmu wɔ Ghana, na ɔfaa yadeɛ no so wuuɛ 1928 mu no nkaedeɛ.




#Article 252: Joseph Tsatsu Agbenu (528 words)


Joseph Tsatsu Agbenu

Afram plains mmrahyɛ badwani

Asuaeɛ so

Ɔpɛpɔn 7, 2005-Ɔpɛpɔn 6,2009

Ɔman panii    John Agyekum Kuffour

Abakwasɛm

Ɔbubuo 20,1936(mfei 83)

Awoɔ     Afraid plains Atifi, Apueɛ mantanmu,sika kɔkɔɔ mpoano sɛsɛei Ghana

Ɔmanyɛni   Ghanani

Amanyɔkuo   National Democratic Congress

Adwuma     Amanyɔni 

Dwumadie   mmranimdefɛoɔ.   

Joseph Tsatsu Agbenu

Yɛ woo no Obubuo  bosome no da a ɛtoso aduonu wɔ mfei apem ahankron ne aduasa nsia (20, November 1936) no mu a ɔyɛ Gaananii amanyɔni (Ghanaian politician) ne mmera hyɛ badwamni wɔ adehyeman Gaana mmera hyɛ badwa a ɛtoso nnan  (fourth republic) a ɔgyina hɔ de ma wɔn a wɔn wɔ( Afram plain) atifi fam (North) abatoɔ mpesuaso(constituency ) wɔ Apueɛ mantan mu a ɛwɔ Gaana(Ghana ). 

Yɛ woo Agbenu wɔ Obubuo bosome no ne da a ɛtoso aduonu no wɔ mfei apem ahankron ne aduasa nsia(20th November 1936) no mu wɔ Apueɛ mantan mu, wɔ kuro a yɛ frɛ no Afram Plains.

Abatoɔ a ɛdii nkae de Agbenu kɔ pue mu wɔ mmera hyɛ badwam no yɛ mmerɛ a ɔgyina wɔ National Democratic Congress(NDC) din wɔ mfei mpem mmienu Ɔpɛpɔn bosome no mu.(December 2000) Gaanafoɔ abatoɔ keseɛ a wɔn to wɔ Ɔman no nyinaa mu no sɛ mmera hyɛ badwani ma Afram Plains atifi fa mu abatoɔ mpesuaso. (Afram aplains North constituency ). Amanfoɔ a wɔn too aba no yii no gyaa Joseph Buer Plahar a na ɔfiri New Patriotic Party (NPP) amanyɔ kuo no mu,Albert Quarcoo-Zah a ɔfiri Convention People's Party (CPP) no mu, Amidu Tanko a ɔfiri People's National Convention (PNC) amanyɔkuo no mu, ɛne Emmanuel Yaw a na ɔfiri National Reform Party (NRP)amanyɔkuo no mu.  Wɔ abatoɔ no mu no ɔnyaa aba no mpem dunson ne aduoson mmiensa (17'073) a ɛno yɛ ɔha nkyekyɛmu aduowɔtwe ne akyire pɔ aduasa( 80.30%). Wɔn a ɔne wɔn sii akae anaa wɔn gyina wɔ abatoɔ no mu pree abatoɔ no nso nyaa mpem mmienu aha mmienu ne aduanan (2,240),apem ɔha ne aduasa nnan(1,134), aha nnan ne aduoson nun (475),ne aha mmiensa ne aduanan nkron (349) pɛpɛɛpɛ.Neɛ wɔn nyaa wɔ abatoɔ no mu no gyina hɔ ma ɔha nkyekyɛ mu du ne akyire pɔ aduonum(10.50%),ɔha nkyekyɛ mu nnum ne akyire pɔ aduasa(5.30%),ɔha nkyekyɛ mu mmienu ne akyire pɔ aduonu(2.20%) ɛne ɔha nkyekyɛ mu baako ne akyire pɔ aduosia(1.60%) wɔ abatoɔ a wɔn tooeɛno nyinaa mu. Wɔn sanso too aba yii no biom wɔ mfei mpem mmienu ne nnum abatoɔ no mu wɔ mmerɛ a na w'adi nkae ayi no sɛ nkunimdefoɔ wɔ mfei mpem mmienu ne nnan abatoɔ a wɔn tooeɛ wɔ Gaana afanaa nyinaa abatoɔ no mu (2004 Ghanaian General Elections ) Ɔnyaa anaa ɔtwee aba a wɔn tooeɛ  no mu aba mpem dunwɔtwe ahankron ne num (18,905) frii mpem aduonu nan ahannum ne aduonum nsia (24,556) wɔ aba a ɔyɛ wɔ aba a wɔn tooeɛ no nyinaa mu a ɛgyina hɔ ma ɔha nkyekyɛ mu aduoson nson (77.00%) ɔsomeɛ mprɛ baako pɛ so sɛ mmera hyɛ badwani.

Agbenu yɛ lɔyani anaa mmeranimfoɔ (lawyer) ɛne akane mmera hyɛ badwani de ma Afram Plains Atifi fa mu (North) abatoɔ mpɛsuaso fri mfei mpem mmienu ne num de kɔsi mfei mpem mmienu ne nkron wɔ Apueɛ mantan mu a ɛwɔ Gaana(Ghana)

Agbenu Yɛ Okristoni.




#Article 253: Pandemic (1350 words)


Sɛ yɛ ka sɛ yareɛ bi yɛ pandemic a n’ase kyerɛ ne sɛ, yareɛ no atrɛ kɔ amanaman pii so na yareɛ no nso aka nnipa bebree. Epidemic nso kyerɛ yareɛ a aka nnipa bebree wo mmere tia bi mu wo mantɛm anaa kuro baako mu. Endemic ne pandemic edi nsɛ kakra wo kwan a ɛfa so trɛ. Nanso endemic ɛntrɛ nkɔ nnipa bebree so. Nfato ho ne influenza a ɛtumi pagya ne ho so wo aman bebree mu nanso ɛntrɛ nfa wiase nyinaa mu.

Pandemic ano yɛ den na ɛtwa aman ahyeɛ so kɔ amanaman. Na mmom ɛwose yɛ hyɛ no nso sɛ, pandemic nso yɛ yareɛ a ɛsae. Kokoram yareɛ aku nnipa bebree nanso ɛnyɛ pandemic efisɛ, ɛnsae afoforo.

Yareɛ mu animdefoɔ ahu pandemic suban wo mmere biara mu. Nfoni a ɛda fam no da no adi.

Wɔ gyinapɛn a edi kan no, yareɛ no fi ase daa ne ho adi nan nipa kakra bi pɛ na anya bi.

Wɔ gyinapɛn a ɛtɔ so mmienu no, yareɛ no fi ase sɛ ɛtrɛ wo nnipa kuo bi mu. Wɔ saa mmere yi mu no, yareɛ no ahuoden ma ne mu so wo nnipa no mu.

Wɔ gyinapɛn a ɛtɔ so mmiensa no, yareɛ no ano ba fam koraa na yareɛ no ntrɛ nkɔ nnipa foforo so biom.

Akwan bebree wo ho a aman betumi afa to de akurakura yareɛ yi mu. Wo afe 2005 no, wiase dwuma kuo a ɛhwɛ apomuden so gyee mmra nkrataa a ɛkyerɛ kwan a wonfa so de mmo nnipa ho ban fi yareɛ mu too mu. Biom nso, saa dwuma kuo yi ara san de nhoma a ɛkyerɛ kwan a wonfa so de nso influenza yareɛ mu. Wo de saa nhoma yi baa afe 1999 na wo sakyeraa mu afe 2005 ne 2009. Mprenpren yi, kwan a yɛ de ko Covid-19 yareɛ no firi saa nhoma yi mu.

Nkomo bebree akɔso afa kwan a aman bɛ fa so de asɔ amanfuo ahwɛ, asa amanfuo yareɛ na afei kwan wode won ani bedi amanfuo akyi. Saa kwan yi bɛ boa ama won atumi ate nnipa a woyare na aboa ama won aya ayare hwɛ. Saa kwan pa yi na South Korea ne Singapore faa so. ɛwo mu sɛ na won ayɛ ahoboa esan SARS yareɛ a ɛba won so nfie bi a atwa mu.

Yɛɛ ma kwan ada yɛn ne afoforo ntɛm yɛ amansan apomuden nsɛm mu nhyehyɛe a ɛboa ma yɛ de te yareɛ no amirika so. ɛboa ma yɛ te nnipa a wo yare fi nnipa a wonni yareɛ no bi.

Mpanyinfoɔ no mu baako a ɔwɔ dwuma kuo a ɛhwɛ wiase apomuden a wofrɛ no Dr Michael J Ryan wo nsɛm kyerɛfoɔ nkitahodie so a oyɛɛ no wɔ obenim bosome afe 2019, kaa sɛ yɛɛ ma kwan ada yɛn ne afoforo ntɛm yɛ mmere tiaa kwan a yɛ betumi de abrɛ yareɛ no amirika ase na yɛn nfa ohaw bebree nto yen ayaresabea so. Osan tii mu biom sɛ yɛɛ ma kwan ada yɛn ne afoforo ntɛm no nkoaa ntumi ntu yareɛ no ase korakora.

Wo afe 2018 mu no na nnipa bɛ yɛ 37.9 million na na aya HIV mmoawa yareɛ no wo wiase nyinaa. Saa afe no mu ara, nnipa bɛ yɛ 770,000 na ɛfirii mu wo yareɛ yi ho. Mprenpren yi, yareɛ yi ate atese paa wo abibiman krom sen kuro biaa so. Na wo su su sɛ nnipa foforo a onya yareɛ yi bi yɛ oha nkyekyɛ mu aduosia baako.

Corona yareɛ mmoawa yɛ mmoawa abusua kuo kakraka a wode yareɛ pii ɛba. Pɛpun ne yareɛ nom bi te sɛ Middle East Respiratory Syndrome (MERS-CoV) and Severe Acute  Respiratory Syndrome (SARS-CoV) yɛ yareɛ saa mmoawa yi tumi de ba. Mmoawa no bi na ɛde coronavirus ɛba. Saa mmoawa yi tumi fi mmoa mu ba nnipa mu. Nhwehwɛ mu kyerɛ sɛ, SARS-CoV fi mmoa bi a wone  okra anaa agyinamoa bɔ abusua na ɛtrɛ baa nnipa mu. MERS-CoV nso fi afunumu na ɛtrɛ baa nnipa mu. Corona mmoawa yi bebree wo mmoa mu a ɛnya ntrɛ mmaa nnipa mu.

Corona mmoawa foforo koraa da ne ho adi wo Wuhan, a eyɛ kuro wɔ China man mu wɔ ɔpenimaa bosome mu afe 2019. Wɔn a won aya yareɛ no bi ya ɔhaw wɔ won ahwrawa ne won homee mu. John Hopkins suapon da no adi sɛ aman bɛyɛ oha mmienu (200) na corona mmoawa yareɛ no ada ne ho adi wo ho. Aman a yareɛ no ano yɛ den wo ho no bi ne United States, China, Europe ne Iran.  Wo obenim bosome da a ɛtɔ so du-baako afe 2020 mu no, dwuma kuo a ɛhwɛ wiase apomuden ho daa no adi sɛ yareɛ yi tumi sae nnipa bebree. Wo Oforisuo da a ɛtɔ so aduonu-mmiensa, afe 2020 mu no na nnipa bɛ yɛ 2.63 million na aya yareɛ wo wiase nyinaa mu. Won a wonfiri mu bɛyɛ 184,249 na won a won ho atɔ won no nso bɛyɛ 722,055.

Atiridii yareɛ tumi te atese wo abibi man, America ne Asia man mu. Afe biara mu no, nnipa bɛyɛ 350 million kosi 500 million na etumi nya yareɛ no. ɔhaw a ɛwɔ atiridii ho ne sɛ eduru mmere bi a, ɛho aduro no ntumi nko atiridii mmoawa no. Artemisinins nkoa na etumi ku atiridii mmoawa no.

Kane no, na atiridii adore aburokyi man mu nanso nne mmere yi mu n’ase atu koraa wo saa man no mu. Abakosem kyerɛ sɛ, atiridii ka ho na Roman aman buo baa awieyɛ. Atiridii mmoawa no anni no yiye koraa wɔ mmrofo a woba abibiman mu tete mmere mu no.

Nnipa bɛyɛ 500 million na Spanish flu nyaa won. Yareɛ no kum nnipa firi 20million kosi 100 million. Yareɛ no kuu mmofra ne mpanyinfoɔ paa sene mmeranteɛ ne mmabaawa. Yareɛ yi kuu nnipa pii wo wiase nyiina ntɔkwa keseɛ edi kan no.Na esan nso kuu nnipa pii wo nnaawotwe aduonu-nnum ntɛm sen senea HIV yareɛ kuu nnipa wo afe aduonu-nnum ntɛm. Tebea a na ɛwɔ oko ano no te sɛ ɔbrɛ, ɛkom ne nneɛma a ɛkeka ho no maa yareɛ no tu atese ntɛm. Akwantufoɔ ne asraafoɔ akoneaba die maa yareɛ no trɛɛ yɛ kɔɔ aman pii so.

Yareɛ mmoawa bi wɔ ho a, wotumi sore tia n’ano aduro. Saa mmoawa a ɛte saa yi ma yareɛ bi tumi san ma ne mu ho so wo nnipa mu. Nfatoho ne a nsaman-wa a etumi sore tia nnuro bi. Saa tebea yi yɛ asɛm hia ma apomuden mu adwumayɛfoɔ. Afe biara mu no nsaman-wa a aduro ntumi no ma ne mu so wo wiase mu. Wiase apomuden dwuma kuo kyerɛ sɛ nnipa bɛyɛ 50 million na enya nsaman wa yi a aduro ntumi no. Nsaman wa yi a ne suban te saa no da ne ho adi wo abibiman mu wo afe 2006 na eno akyi no, edaa ne ho adi wo aman aduonan-nkron mu. USA ka saa aman no ho.

Bɛ yɛ mfie a aduonu a atwa mu yi, yareɛ mmoawa bi te sɛ Staphylococcus aureus, Serratia marcescens ne Enterococcus anya ahuoden a etumi ma won sore tia nnuro bi te sɛ vancomycin, aminoglycosides ne cephalosporins.

Viral hemorrhagic fevers yɛ yareɛ a ɛyɛ hu. Yareɛ a ɛwɔ saa abusua kuo yi mu bi ne Ebola virus disease, Lassa fever, Rift Valley fever, Marburg virus disease ne Bolivian hemorrhagic fever. Saa yareɛ yi bɛ tumi asae nnipa bebree na atrɛ akɔ aman pii so. Nnipa a wonya yareɛ yi bi wu ntɛm. ɛsane sɛɛ mmere a ɛda mmere a onipa bi be nya bi ne mmere a odi bɛ firi mu no sua nti won a woyɛ adwuma wo ayaresabea no tumi te saa yarefoɔ yi fi nnipa a wonyare ne ho. Wei boa ma yareɛ mmoawa no nterɛ nko nnipa foforo so.

Zika virus da ne ho adi wo afe 2015 mu. Na afe 2016 mu no, ɛmaa ne mu so paa. Eyi maa nnipa bɛ yɛ 1.5million nyaa yareɛ yi bi wo America. Wiase apomuden dwuma kuo tu fo sɛ Zika virus yi ho yɛ hu na ɛbetumi atrɛ afa wiase nyinaa mu.




#Article 254: Ghana Nsaneyareɛ ayaresabea (221 words)


Ghana nsaneyareɛ  ayaresabea yɛ  beae a wosii sɛ  nea ɛbɛyɛ  na Ghana anya mpontuo wɔ ayarehwɛ  ne nwhehwɛmu   de fa nsaneyareɛ  ho, wosii beae wɔ bre a yareɛ  a ɛde Covid-19 yii ne ti wɔ ɔman Ghana mu no. Ghana Covid-19 ankorɛankorɛ  sikafutuo ne Ghana bammɔfo a ɛne Ghana Armed Forces na ɛkaa wɔn ti boo mu sii sa beae yi a ɛwɔ Nkran atɔe fam ayarasabea. Kane Ga East Ayarasabea no nso yɛ  nea wosiesie mu kama de dane no nsayareɛhwɛbea wɔ Shai Osudoku mpɛsoa so a ɛwɔ Dodowa. Eyi ne Shai Osudoku ayarehwɛbea na ɛbɔ hyeɛ . ɔmanpanyin Nana Addo Dankwa koo ho nsrahwɛ  wɔ Octber da  a ɛtɔ so 30, afe 2020 mu.

Ghana nsaneyareɛ ayarehwɛbea yɛ ɔmanpanyin abediakyire a ne din Dr Mahamudu Bawumia na obue ano wɔ July da a ɛtɔ so 20, afe 2020. ɔde too dwa sɛ wɔde US$7.5 ɔpepem  na esii beae no. Wosii no sɛ Ghana beae a anya nkoanim wɔ nsaneyareɛ ayarehwɛ mu.

Dr. Mahamudu Bawumia de too dwa sɛ, Saa beae a ɛwɔ ayaresa mpa ahodoɔ 100 no yɛ nea nnipa 536 na wosii, wɔyɛɛ adwuma nnɔnhwere 24 da biara kosi sɛ wowie adwuma no. Wɔn wɔ bre wɔn mogya ani de adwumaden sii saa beae botae ne sɛ wɔbɛboa aban no ama no atumi ako atia COVID-19 wɔ Ghana.




#Article 255: John Mahama (204 words)


John Mahama yɛ Ghanani amanyoni. Na ɔyɛ Ɔmanpanin wɔ Ghana ɛfiri afe 2013 kɔ si afe 2017. Ɔsoom sɛ mmarahyɛ badwani nso wɔ Ghana mmarahyɛ badwa mmienu , mmiɛnsa, ɛne ɛnan adehyeman a ɔto so ɛnan a ɛfiri afe 1997 kɔ si afe 2009.

Mahama firi Bole a ɛwɔ Atifi atɔyɛ mantem ,Ghana. Ɔhyɛ sukuu ase wɔ Achimota mmɔfra Sukuu a ɛwɔ Nkran, Ghana. Ɔkɔe Ghana Ntoaso Sukuu a ɛwɔ Tamale, Ghana. Ɔkɔee Ghana Sukuupɔn nso a wɔfrɛ no Legon kɔ sua Abakɔsɛm. Ɔwiee wɔ afe 1981.

Ɔde ne ho dɔmee National Democratic Congress (NDC). Na ɔyɛ mmarahyɛ badwani wɔ Ghana mmarahyɛ badwa mmienu , mmiɛnsa , ɛne ɛnan adehyeman a ɔto so ɛnan a ɛfiri afe 1997 kɔ si afe 2009

Na ɔyɛ Ɔmanpanin ne abadiakyiri wɔ Ghana ɛfiri afe 2009 kɔ si afe 2012 ɛmmerɛ a na John Evans Atta Mills ɛyɛ Ɔmanpanin. Ɔbɛ yɛ Ɔmampanin ɛmmerɛ John Evans Atta Mills ɛda ne benkum so afi 2012. Ɔno akyiri ɔbɛ yɛ Ɔmampanin wɔ Ghana ɛfiri afe 2013 kɔ si afe 2017.

Ne hokafo yɛ Lordina Mahama. Na ne papa nso ne Emmanuel Adama Mahama nso a na ɔyɛ kane Ghanani amanyoni a ɔsoom sɛ mmarahyɛ badwani wɔ Ghana adehyeman a edi kan.




#Article 256: Abibifoɔ akwantuo kɔ Europa (1419 words)


Afrika akwantufoɔ a wɔwɔ Europa yɛ wɔn a wɔte Europa mprempren nanso wɔwoo wɔn wɔ Afrika.

Wɔwoo Roma Ɔhempɔn Septimius Severus wɔ Afrika Atifi, kurow a sesei ɛde Libia. Wɔ Roman tumidie bere so no, Afrika atififoɔ no tuu kɔɔ kwan kɔ Britania.Wohunu Britania mmranteɛ nsia bi a na wokura din a yɛntaa mfa to a na wɔyɛ Y-Chromosome haplogroup a na wɔn nkyi fi Afrika Sahara Anafo fam wɔ bɛyɛ afeha 16 anaa akyi.

Ɛfi afe 1960 no, Morocco, Algeria, ne Tunisia na na ɛyɛ aman a akwantufoɔ fa so tu kwan firi Afrika kɔ Europa, na afeha 20 awieeɛ no, na atukɔtenafoɔ pii na na wɔn nkyi firi saa aman yi so. Wɔ 1973 Fangoo ho nsɛnnennen a ɛbaeɛ no, akwantuo nhyehyɛe ho asɛm yɛɛ den wɔ Europa aman no mu.

Na ɛnyɛ n'atirimpɔw a na ɛtaa n'akyi ne sɛ Afrika Atifi akwantuo bɛbrɛase na mmom, ɛbɛhyɛ atukɔtenafoɔ no nkuran na na woayɛ nhyehyɛe na akwantufoɔ ne wɔn mmusua atena hɔ afebɔɔ. Akwantufoɔ dodow no ara firi Magreb tu kwan kɔ France, Netherlands, Belgium ne Gyaaman. Spain ne Italy bɛkaa Europa aman a na Magreb akwantufoɔ no taa kɔ hɔ paa denam adwumayɛfoɔ dodow a na wohia wɔ saa aman yi mu wɔ afe 1980 no fa a ɛtwa toɔ no mu.

Spain ne Italy de mmara ne akwantufoɔ ho nhyehyɛe ne nkrataasɛm ma Maghreb akwantufoɔ no wɔ afe 1990 mfiase no, denam akwantufoɔ a wɔfa kwati kwan so tu kwan a na ɛredɔɔso wɔ Mediteranea Po no so. Ɛfi afe 2000, kwati kwan so akwantuo trɛw kɔɔ Afrika Sahara Anafo aman no.

Wɔ 2000-2005 ntam no, nnipa dodow bɛyɛ 440,000 na wofiri Afrika tuu kwan, dodow no ara kɔɔ Europa. Kwankyerɛfo ma International Migration Institute wɔ Oxford Sukuupɔn, Hein de Haas ma baguam ɔkasa bi a na ɛfa Abibifoɔ akwantuo kɔ Europa de kyerɛkyerɛ mu sɛ, ɛyɛ akwantuo a, atukɔfo no dodow no fa kwati kwan so tu kwan esiane ohiaa anaa basabasayɛ nti. ɔtoaa so sɛ, kwati kwan akwantufoɔ no mu pii yɛ nea wosua nhoma, na afei wobɛsan atumi atua wɔn Europa akwantuo no nyinaa a. ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ nea ama akwantuo fi afrikaa kɔ Europa no akɔ soro no yɛ atukɔfo adwumayɛfo a wohia wɔn ma woayɛ nwuma nketekete mu anaa nwuma a ɛba fam.

Akwantufoɔ no dodow no ara wɔ wɔn botae nti wɔde retu akwan. ɔde kaa ho sɛ, Daworobɔkuo ne nipa dodow no ara bu obi a ofa po so tu kwan, wɔn a wɔkura nsrahwɛ akwantuo krataa, woakyinkyim wɔn nkrataasɛm ahodow anaa anaa wɔfaa Spain nkurow Ceuta ne Melilla. ɔde kaa ho bio sɛ, atukɔfo dodow no ara fa kwan pa so tu akwan de nanso wotena Europa boro bere anaa mfe dodow a wode ama wɔn no. Saa ara na akwantuo ho nimdefo Stephen Castles nso kaa sɛ ɛmfa ho ne dawurobɔkuo no ani a ayɛ krakra wɔ Abibifoɔ akwantuo kɔ Europa no, nipa dodow no ankasa sua- ɛmfa ho sɛ Europa akwantuo ho akontaabu ankasa biara nni hɔ.

Organization for Economic Co-Operation and Development (OECD), de too gua sɛ, atukɔfo a wofi Afrika kɔ aman a wodi yiye no sua sen akwantu kɔ wiase afanaa nyinaa. BBC bɔɔ amaneɛ wɔ afe 2007 sɛ, International Organization for Migration bu akonta sɛ bibifoɔ bɛyɛ mpempem 4.6 na wɔte Europa nanso Migration Policy Institute bu akonta sɛ nnipa bɛyɛ mpempem 7 - mpempem 8 ntam na wɔde kwati kwan te Europa a wɔyɛ Abibifoɔ.

￼

Rescued migrants, October 2013

Kwati kwan a Abibifoɔ fa so kɔ Europa no kyɛre biribi. Nnipa a wɔfiri Afrika aman a wonyaa nkɔsoɔ no de wɔn nkwa to asiane mu fa kwati kwan biara so tu kwan sɛ worekɔ Europa akɔpɛ yiedie. Wɔ Afrika aman ahorow bi mu no, titiriw ne Morocco, Mauritania ne Libia no, nnipa a wɔde wɔn fa sum ase kɔ Europa aman mu no yɛ nea sika pii wom sen nnubɔne ho gua a wɔdi no sum ase. Amaneɛbɔ de ba sɛ ahyɛmma anaa ɔkorow na kwati kwan so akwantufoɔ no taa de te Mediteranea Po no kɔ Europa, ebinom no nso fa Spain nsaase Ceuta ne Melilla. Kwati kwan so atukɔfo yi de wɔn nkwa to asiane kɛse mu, ebinom pira na afoforo mpo wu, bere a wɔrefa kwan bɔne so retu kwan akɔ Europa, wɔn nso a wɔn nsa aka guankɔbea a wɔkɔ srɛ no nso no, wɔsan de wɔn ba Afrika.

Libia ne beaeɛ pɔtee pa ara a, kwati kwan so akwantufoɔ no taa fa hɔ kɔ Europa.

Wɔ Ahinime (October) 2013 ne Ahinime 2014 ntam no, Italy aban no de nhyehyɛe bi a wɔtoo din Operahyɛn Mate Nostrum, wim ne po so nhyehyɛe ne dwumadie a na wɔde bɛbrɛ kwati kwan so akwantuo kɔ Europa aman mu, na wɔde gye akwantufoɔ a wɔhyia hyɛman anaa po so asiane anaa akwanhyia wɔ Lampedusa Mpoano. Na ɛho abɛhia sɛ Italy po so asraafo fo no dodow na wɔde wɔn di saa dwuma yi nti, Italy aban no twaa nhyehyɛe no mu. Nhyehyɛe foforo, Operahyɛn Titron, a ɛhyɛ Europa Nkabomkuo (EU) asoeɛ a wɔhwɛ ɔhyeɛ so, Frontex, nsa na wɔde sii anam mu. Europa aman binom te sɛ Britania agye saa nhyehyɛe no antom esiane sɛ na wɔsusuw sɛ saa nhyehyɛe te sɛ Mare Nostrum ne Triton na ɛbɛhyɛ kwati kwan ho akwantuo nkuran.

Wɔ afe 2014 mu no, kwati kwan atukɔfo 170,000 na wɔfaa po so kɔɔ Italy (na ɛboro nnipa 42,925 a wɔkɔɔ afe 2013 mu), atukɔfo 141,484 na wɔfaa Libia tu kwan no. Na wɔn mu dodow no firi Asiria, Afrika Atifi Apueɛ ne Afrika atɔeɛ.

Asɛm yi san bɛgyee ntini wɔ wiase afanan nyinaa bere a akwantufoɔ po so nhyɛn no guu nsuo no mu, na bɛkaa ɔhaw a ɛrekɔso so wɔ Mediteranea Po so akwantuo ho amaneɛbɔ wɔ afe 2015 mu. Wiase nyinaa kuw a wɔhwɛ Akwantusɛm (International Organization for Migration) akontabuo kyerɛ sɛ afe 2015 mfiase ne Oforisuo (April) mfimfini ntam no, akwantufoɔ 21,000 na wɔkɔ duu Italy mpoano, akwantufoɔ 900 nso na wɔ wuwuiɛ wɔ Mediteranea Po no so. Wɔn a wɔkasa tia Europa Kwati Kwan Akwantuo nhyehyɛe no kyerɛ sɛ, Operahyɛn Mare Nostrum a wɔtwaa mu no ammu akwantufoɔ no abam, na Titron a wɔde siw anam no na aboa de po so akwanhyia ne owuo no dodow no akɔ soro.

Europa Nkabomkuo (EU) no nni akwantuo ho nhyehyɛe baako a wɔn nyinaa de redi dwuma a ɛwɔ hɔ ma atukɔfo a wofiri aman a wonyaa nkɔsoɔ no. Aman bi te sɛ Spain ne Mɔlta de ato EU no anim sɛ wɔnhwɛ nkabom na wɔnyɛ biribi mfa akwan a akwantufoɔ fa so ba Europa no. Spain nso ayɛ mmra kwan so akwantuo ho nhyehyɛe ne akwan Abibifoɔ betumi ato hɔ ama Abibifoɔ, na wɔfa adwumayɛfoɔ fii aman binom te sɛ Senegal. Europa aman binom te France, wɔ ɔmanpanyin Nicolas Sarkozy, tumidie bere so no, de nhyehyɛe a wɔde bɛbrɛ no ase, na mpo wɔsan hyɛɛ Abibifoɔ atukɔfo fo sɛ wɔnsan nkɔ Afrika. al.

Woreda ayamyɛ adi akyɛn France no, Spain nso, Baguakuw a wɔhwɛ aman ntam nkitaho ne abusuabɔ (Council on Foreign Relations) ne Abibiman yɛɛ apam na wɔmmoa wɔn na wɔmma atukɔtenafoɔ no nsane mmra Afrika.

De Haas ka sɛ, akwantuo ho nhyehyɛe a emu yɛ den biara antumi nni tebea no ho dwuma efisɛ ɛnyɛ hwee mfa hia a Europa aman no hia adwumayɛfoɔ dodow no ho asɛm biara. Dirk Kohnert ka sɛ, EU akwantuo ho nhyehyɛe de ani kɔɔ ahobanbɔ ne wɔn ahyeɛ a woretotom no.

Ɔgye di sɛ, EU boa ma sikasɛm mu mpuntuo kɔ soro wɔ Afrika atɔeɛ fam no bɛbrɛ kwati kwan akwantuo no ase. Stephen Castles ka sɛ, ɛsono akwantuo ho nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ ma nkurow a wɔdi yie na ɛyɛ sen akwantuo ho nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ ma Abibifoɔ. Nteaseɛ nhyɛda nni nsusueɛ a wokura sɛ, sɛ wɔboa sikasɛm mu mpuntuo wɔ wiase no Anafo fam a , ɛno na ɛbɛbrɛ akwantuo yi no ase a wɔfa Atifi kɔ no ase. Julien Brachet ka sɛ ɛmfa sɛ akwantufo wɔfiri Afrika Sahara Anafo fam no sua no, Europa akwantuo ho nhyehyɛe a wɔde asi hɔ wɔ Afrika Atifi ne Afrika Atɔeɛ no mu biara nni hɔ a, ɛtumi abrɛ akwantuo kɔ Europa no ase, na mmom no ɛboa akwantufoɔ no fa sum se kɔ Europa..

Aman ankasa a Afrika Sahara Atifi atukɔfo a wɔte Europa aman mu no fi

Aman pɔtee a wɔwoo Afrika Sahara Atifi atukɔtenafoɔ wɔ Europa Nkabomkuo, Norway ne Switzerland wɔ afe 2017 mu, wɔ apem mu. Source: Pew Research Center




#Total Article count: 256
#Total Word count: 84247